Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 8/8 kr. 26-27
  • So Wo Som Ye Ma Onyankopɔn Sɛnea Ɛsɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wo Som Ye Ma Onyankopɔn Sɛnea Ɛsɛ?
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Anyame” Pii ne “Awurade” Pii
  • “Onyankopɔn Biako, Agya No”
  • Aba a Wɔsow Kyerɛ Nokware Som
  • Nsɛm ne Nneyɛe
  • Wonyaa Mmuae No
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wususuw Ɔsom Afoforo Ho?
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Wo Som Fa Ho Ankasa
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Ɔsom a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • So Wobɛyɛ Ɔdansefo ama Nokware Nyankopɔn No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 8/8 kr. 26-27

Bible No Adwene

So Wo Som Ye Ma Onyankopɔn Sɛnea Ɛsɛ?

FREDERICK Ɔkɛse a ofi Prussia hoahoaa ne ho wɔ nyamesom ho koma a wɔwɔ wɔ ne man mu no ho sɛ: “Obiara betumi agye ne ho nkwa wɔ n’ankasa kwan so wɔ ha.” Mprempren, wɔ mfeha abien akyi no, Germanfo fa ne nsɛm no ka te sɛ nea ɛyɛ Nsamana Nhoma Kronkron bi de kyerɛ sɛ ɔsom nyinaa yɛ akwan a ɛsonsonoe ara kɛkɛ a wɔnam so kɔ Onyankopɔn koro no ara nkyɛn.

Wɔka sɛ, ‘Anyɛ yiye koraa no, Onyankopɔn biako pɛ na ɔwɔ hɔ, ɛnte saa?’ Nanso sɛ saa a, dɛn nti na akwan horow yi a wɔkyerɛ sɛ ɛkɔ Onyankopɔn koro no ara nkyɛn no kyerɛkyerɛ nneɛma a ɛne ne ho bɔ abira fa ne ho saa? Ɔkwan bɛn so na eyi ne yɛ a ɔnyɛ “sakasakayɛ Nyankopɔn, na mmom asomdwoe Nyankopɔn” no hyia?​—1 Korintofo 14:33.

“Anyame” Pii ne “Awurade” Pii

Ampa, Kristoni ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Yenim sɛ . . . Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ obiako no ara.” Nanso hyɛ ne nkyerɛkyerɛmu no nsow: “Sɛ nso ɔsoro oo, asase so oo, ade a wɔfrɛ wɔn anyame wɔ hɔ sɛ anyame pii ne awurade pii wɔ hɔ no a, yɛn de, Onyankopɔn biako pɛ na yɛwɔ, agya no.” (1 Korintofo 8:4-6) Ɛda adi sɛ, nea Paulo rekyerɛ ne sɛ ebinom som anyame a wonni hɔ. Nanso Onyankopɔn biako pɛ na Kristofo bu no sɛ ɔfata ɔsom, nea ne “din de [Yehowa]” no.​—Dwom 83:18.

“Onyankopɔn Biako, Agya No”

Ɔdesani agya a n’ani gye ne mma yiyedi ho a ɔpɛ sɛ ɔbɔ wɔn ho ban fi asiane ho no de akwankyerɛ ne nnyinasosɛm ahorow ma wɔn ma wodi akyi. Bere a ofi ɔdɔ mu susuw wɔn ankorankoro ahiade ne wɔn sintɔ ahorow ho no, akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛpɛ sɛ wɔn nyinaa yɛ osetie ma gyinapɛn koro no ara.

Bere a adesamma ɔsoro agya no bu onipa biara sɛ ɔyɛ soronko no, ɔhwehwɛ sɛ n’abɔde nyinaa di mmara koro no ara so na wɔtra ase sɛnea nnyinasosɛm koro no ara te. Nnyinasosɛm ahorow yi nyɛ nea ɛsonsono fi onipa biako so kɔ ɔfoforo so anaasɛ efi ɔman biako so kɔ foforo so. Anyɛ yiye koraa no, sɛ ɛyɛ bɔne sɛ Katolekni betu yafunu agu a, so ɛnyɛ bɔne biara mma Protestant asɔre a wogow nneɛma mu muni? Anaasɛ sɛ ɛyɛ bɔne ma Amerikani a ɔpɛ mfitiasesɛm sɛ ɔnom mmosa a, so ɛnyɛ bɔne biara mma Europa Katolekni a ɔnom beer anaa nsa a wɔde ka aduan ho anaa?

Aba a Wɔsow Kyerɛ Nokware Som

Bere a Israel kesee fam mmusua du ahemman no hwee ase wɔ Asiria anim wɔ afeha a ɛtɔ so awotwe A.Y.B. mu no akyi no, wɔde nnipa fi Asiria ahenni no mmeae afoforo bɛtraa Samaria. Saa ɔmanfo afoforo yi kɔɔ so ‘yɛɛ wɔn kan nneyɛe no ara.’ Nanso so na saa ɔsom ahorow yi yɛ akwan a ɛsonsonoe a wɔnam so kɔ nokware Nyankopɔn Yehowa no nkyɛn? Dabi, efisɛ kyerɛwsɛm no ka no fann sɛ: “Wonsuro [Yehowa] na nso wonni ahyɛde ne atemmude ne mmara . . . no so.”​—2 Ahene 17:34.

Wɔ ntease mu no, ɛrentumi mma sɛ Onyankopɔn ani bɛsɔ ɔsom ahorow a ebu ani gu Onyankopɔn mmara horow so no. Nnyinasosɛm a Yesu kae no ka eyi ho: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” Sɛ ɔsom bi mufo nsow saa aba a wɔde hu nokware som yi a, ɛbɛyɛ dɛn na ebetumi aba sɛ ɛyɛ ‘Onyankopɔn a ɔne dɔ’ no de?​—Yohane 13:35; 1 Yohane 4:8.

Ɛsɛ sɛ ɔsom a ɛyɛ nokware Nyankopɔn biako no de ampa no tumi ma emufo yɛ te sɛ ɔno: wɔwɔ ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, odwo, na wonya anidahɔ. (Galatifo 5:22, 23) Ɛsɛ sɛ ɛma emufo nya gyidi a emu yɛ den a wokura ne gyinapɛn ahorow mu wɔ nneyɛe ne abrabɔ mu. Yesu de dua yɛɛ nhwɛso na ɔkae sɛ: “Wɔn aba na mode behu wɔn.” ‘Wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn apɛde nkutoo na wɔbɛhyɛn Onyankopɔn ahenni no mu.’ Sɛ ɔsom bi mufo sow aba bɔne a, dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ eye?​—Mateo 7:16-23.

Bisa wo ho sɛ: Ɔsom pii kyerɛkyerɛ sɛ ɛyɛ bɔne sɛ wubedi awu, nanso dɛn na emufo no yɛ wɔ ɔko bere mu? Pii kyerɛkyerɛ sɛ aware yɛ nhyehyɛe kronn, nanso kyerɛwtohɔ bɛn na emufo wɔ wɔ awaregu ne ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim ne wɔ aware akyi no ho?

Nsɛm ne Nneyɛe

Wɔ 1982 mu no nyansahu mu ɔbenfo bi a ɔwɔ Europa Apuei Fam sukuupɔn bi mu kae wɔ bere a ɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo mu biako no akyi sɛ: “Mahu sɛ nyamesom ahyehyɛde biako pɛ na ɛwɔ asase so a etumi de ahofadi a wɔsɔw ano ahye to hɔ. Ade biako a migye dii kɛse wɔ me ne Yehowa Adansefo adesua no mu ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ saa ahyehyɛde no wɔ ahoɔden a ɛde hwehwɛ sɛ emufo no bɛtra ase wɔ saa ahye yi mu no.”

So ɔsom afoforo betumi aka saa ara? Sɛ nhwɛso no, wɔ Paapa John Paul II 1986 Buronya nkrasɛm no mu no, ɔkae sɛ wonnyae ɔtan, na ɔkae sɛ “ɔdɔ nkutoo na ebetumi asakra yɛn okyinsoromma yi ani.” Nanso Katolek asɔre no atumi adi eyi ho dwuma wɔ n’ankasa nkurɔfo mu akodu he? Na sɛ ɔsom nyinaa yɛ akwan a ɛsonsonoe a ɛkɔ “asomdwoe Nyankopɔn” no nkyɛn a, dɛn nti na asomdwoe nni emufo no ntam saa?​—Filipifo 4:9.

Wonyaa Mmuae No

Kurt nyamesom no buu n’abawmu efisɛ “ɛte sɛ nea ɛpenee biribiara so na ebuu ani guu Onyankopɔn Asɛm no a wobesua no anibere so no so.” Dieter ho dwiriw no sɛ ohui sɛ ne sɔfo nnye Bible no mpo nni. Günter tee nka sɛ “ɛsɛ sɛ Onyankopɔn a wɔbɛsom no no gye pii sen asɛnka a wobetie ne nnwom a wɔbɛto.” Mprempren wɔn baasa nyinaa nya abotɔyam wɔ Bible ntetee nhyehyɛe a emu dɔ a Yehowa Adansefo yɛ no mu.

Mma wiase nsusuwii nnaadaa wo mma wunnye nni sɛ ‘obiara betumi agye ne ho nkwa wɔ n’ankasa kwan so.’ Bible no sua bɛboa wo ma woasua pii afa Yehowa, nokware Nyankopɔn koro no ne ne Ba, Yesu Kristo no ho. Ɛde wo bɛkɔ nokware som koro pɛ a ɛyɛ Ne de na ɛfata no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena