Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 8/8 kr. 23-25
  • Kɛtɛ so Dwensɔ​—Wo Ba a Wobɛboa no ma Wadi So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɛtɛ so Dwensɔ​—Wo Ba a Wobɛboa no ma Wadi So
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma a Ebetumi de Aba
  • Sɛnea Wubedi ho Dwuma
  • Nea Ebetumi Aboa
  • Sɛ Wɔto Wo Ba Mmonnaa A
    Nyan!—1993
  • Mmofra Ahwɛe​—Nea Eye Kyɛn so a Wobɛpaw Ama Wo Ba!
    Nyan!—1988
  • Dɛn Na Awofo Betumi Ayɛ?
    Nyan!—1984
  • Boa Wo Ba ma Onnyina Awerɛhodi Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 8/8 kr. 23-25

Kɛtɛ so Dwensɔ​—Wo Ba a Wobɛboa no ma Wadi So

Sɛ saa ɔhaw yi ka wo anaasɛ ɔdɔfo bi a, wubenya awerɛkyekye sɛ wubehu sɛ ɛnyɛ wo nkutoo ne sɛ wobetumi asa

“ƐSƐEE me bere a merenyin akɔ mpanyin afe so no.” ‘Daa adade ne ntade a wɔde da a afɔw a wɔhoro!’ “Aniwu” ne “basaayɛ!”

Eyinom ne awofo ne mmofra a wɔwɔ kɛtɛ so dwensɔ asɛnnennen a ɛhaw adwene no nyinaa nteɛm. Ɛyɛ ɔhaw a wɔ wɔn a ɛka wɔn no fam no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛka ho asɛm wɔ baguam.

Nanso, kɛtɛ so dwensɔ abu so. Wobu ano sɛ ɛka mmofra ɔpepem anum wɔ United States nkutoo, enti ɛyɛ asɛm a wɔyɛ ho nhwehwɛmu pii. Dɛn na ɛde ba?

“Anadwo dwensɔ” ne din a wɔde ma kɛtɛ so dwensɔ wɔ nnuruyɛ mu. Wɔkyerɛ dwensɔ a wɔmmoapa na ɛba anadwo wɔ mfe bi a sɛnea ɛte no, wɔhwɛ kwan sɛ wobetumi adi anadwo dwensɔ so. Mfe bɛn mu na mmofra pii tumi di eyi so? Nsonsonoe bi wom, nanso mmofra anum biara mu biako dwensɔ nea ɛboro pɛnkoro dapɛn biara bere a wadi mfe 3, 10 biara mu 1 bere a wadi mfe 5, nanso 35 biara mu 1 pɛ bere a wadi mfe 14 no.

Dodow ahorow no kyerɛ sɛ kɛtɛ so dwensɔ asɛnnennen no yɛ nea wodi so nkakrankakra wɔ bere bi mu. Nokwarem no, nhwehwɛmufo bi hui sɛ wɔn a wɔn ho wɔ nhwehwɛmu bi mu no ɔha biara mu 75 gyaee wɔ mfe anum bere bi mu. Ɛtaa ka mmarimaa sen mmeawa, na ɛte sɛ nea ɔhaw no yɛ abusua mu de a ɛka ɔwofo, nuabarima anaa nuabea nso.

Nneɛma a Ebetumi de Aba

Ɛtɔ mmere bi a, ɔyare te sɛ dwensɔ nhyehyɛe mu yare, asikre yare, aduan bi a honam mpɛ, anaasɛ dwensɔtweaa no bo biribi a anyɛ yiye, asaabo, anaasɛ adwene ntini mu yare tumi de kɛtɛ so dwensɔ ba, ɛwom sɛ ɛntaa mma saa de. Sɛ wontumi nni dwensɔ so awiabere nso a, ɛnde na ɛda adi sɛ ɛyɛ yare. Sɛ kɛtɛ so dwensɔ kɔ so araa tra mfe anum anaa asia a, ebia ɛho behia sɛ wɔyɛ nnuruyɛ mu nhwehwɛmu de hu sɛ yare bi wɔ hɔ sɛ ɛba sɛ wɔdwensɔ awia nso ne sɛ sɛ ɛba sɛ kɛtɛ so dwensɔ ba bere bi a wɔagyae no akyi a.

Bere a wɔ bere bi a atwam mu no na wobu anadwo dwensɔ sɛ efi adwenem ade bi a ayɛ basaa no, mprempren nnuruyɛ mu abenfo adwene ahyia sɛ wɔmmoapa na ɛnyɛ adwenem basaayɛ bi ho sɛnkyerɛnne. Wɔ ɔkwan foforo so no, wonnim nea enti a kɛtɛ so dwensɔ ba ɛwom sɛ wɔakyerɛkyerɛ nneɛma pii te sɛ dwensɔtweaa a esua, dwensɔtweaa sodi a ne nyin mma ntɛm, abusua mu ade, ne nna a ɛsɛe de. Abofra bi betumi anya tebea horow yi mu nea ɛboro biako.

Sɛ abofra bi atumi adi kɛtɛ so dwensɔ so asram asia anaa nea ɛboro saa na afei ofi ase bio a, ɛda adi sɛ efi honam mu yare anaasɛ nkate mu basaayɛ bi. Nneɛma te sɛ abofra foforo a wɔwo no, ɛna kunu anaa agya yere foforo, ofie foforo a wotu kɔ mu, anaasɛ biribi foforo a etwitware abusua no mu betumi ama wɔafi kɛtɛ so dwensɔ ase bio. Nanso, sɛ nea ɛtaa ba no, nkate mu basaayɛ te sɛ afodi nkate, sintɔ, obu a wonni ma wɔn ho, ne ɔhaw ba esiane kɛtɛ so dwensɔ no nti.

Sɛnea Wubedi ho Dwuma

Lorraine a ɔdwensɔɔ kɛtɛ so kosii sɛ odii mfe 19 no se: “Nea enye a wubetumi ayɛ ne sɛ wubehunahuna wɔn. Sɛ wohunahuna wo a, ɛyɛ kɛse; ɛnyɛ yiye.” Ɛna bi a ɛka ne babarima Julien a wadi mfe awotwe no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛho nhia sɛ wo bo fuw abofra no.”

Asotwe, aniwu a wɔhyɛ, ne animguase nyɛ nea etumi sa efisɛ abofra no ntumi nyɛ kɛtɛ so dwensɔ no ho hwee. Saa nneyɛe yi ma afobu ne basaayɛ no yɛ kɛse ara kɛkɛ nanso ennya asɛnnennen no so nkɛntɛnso ɔkwan pa biara so. Mmom no, ɛsɛ sɛ awofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtew nkate mu nhyɛso a aba abofra no so no so. Lorraine bɔ kɔkɔ sɛ: “Bɔ mmɔden sɛ wobɛtew basaayɛ no so na nya ntease. Mmɔ mmɔden sɛ wode aniwu bɛka ho asɛm​—abofra no te afodi nka dedaw.”

Nnuruyɛ akwan pii wɔ hɔ nanso emu biara nni hɔ a wobetumi ahyɛ nkɔm sɛ eye ma abofra pɔtee bi. Enti, ebia abusua no behyia akwan horow a wɔbɛsɔ ahwɛ nnidiso nnidiso. Abofra no mfe a wadi nso betumi akyerɛ nnuruyɛ kwan a ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma. Esiane sɛ ɛte sɛ nea kɛtɛ so dwensɔ ankasa gyae nti, awofo binom paw sɛ wɔbɛtwɛn. Bere a honam mu asɛnnennen anaasɛ nkate mu basaayɛ biara nni abofra no ho no, ebia nea eye sen biara no ne sɛ wɔbɛtwɛn. Nokwasɛm no ne sɛ, ebia sɔhwɛ ne nnuruyɛ akwan horow no bɛma abofra no ahaw.

Nanso, kɛtɛ so dwensɔ de adwuma a adɔɔso, nkate mu nhyɛso, ne basaayɛ brɛ wɔn a ɛfa wɔn ho no nyinaa. Wobetumi atew dwumadi ahorow te sɛ nnamfo ne abusuafo a wɔsra wɔn anadwo no so. Lorraine kae sɛ: “Wowɔ asetra mu nsɛnnennen pii a enya wo so nkɛntɛnso.”

Enti, nyansa nni sa a wɔbɛsa no a wogyae koraa no mu. Lorraine hyɛ sɛ: “Nnyae mu. Wɔ bere bi mu no, ebetumi ama woahaw kɛse. Wode nhwɛso bi to hɔ.” Julien maame se: “Ɛba bɛyɛ su.”

Nea Ebetumi Aboa

Ansa na wobefi ɔkwan bi a wɔbɛfa so asa ase no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye hu sɛ saa ayaresa no remmfa ɔhaw no bi mmɛka asɛnnennen a ɛwɔ hɔ dedaw no ho. Abenfo bi te nka sɛ ɛnsɛ sɛ wofi ne sa ase kosi sɛ abofra no bedi efi mfe asia rekɔ awotwe ansa. Mpɛn pii no kɛtɛ so dwensɔ mma abofra no nhaw kosi sɛ obedi saa mfe yi. Nea ɛka ho no, abofra a wanyin yɛ ayaresa no ho ade wɔ ɔkwan pa so.

Nea ebetumi aboa awofo ma wɔagyina ano no bi ne sɛ wɔde rɔba anaasɛ ade a etumi nonom nsu bɛsɛw pikyi no so de abɔ ho ban na wɔama abofra no aboa wɔ nneɛma boro no mu. Nsiase bi a emu yɛ duru a wɔbɛhyɛ aka ntade a wɔde da no ho betumi aboa ama dwensɔ no nyinaa annu mpasotam no mu. Abofra a wanyin betumi anya dɔn bi sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsɔre akɔ aguaree ansa na wadwensɔ kɛtɛ so. Afotu ne nkuranhyɛ nkutoo betumi de nkɔso aba. Abofra no a wɔbɛboa no ma wate asɛnnennen no ase na wɔama ɔde ne ho ahyɛ ne sa no mu ma tumi a wobetumi adi nkonim no yɛ kɛse.

Ɔkwantiaa te sɛ anwummere adidi akyi nsu a wɔnom a wɔtew so (titiriw anonne a caffeine wom, a cola ka ho) , abofra no a wɔbɛhwɛ ahu sɛ wadwensɔ ansa na wada, ne nyan a wonyan no anadwo ma ɔdwensɔ, ne anadwo a ɔnnwensɔ no ho nkamfo betumi atew kɛtɛ so dwensɔ so anaasɛ ayi afi hɔ. Sɛ abofra no yɛ anadwo a ɔnnwensɔ ho kyerɛwtohɔ a, eyi nkutoo betumi ayɛ nkuranhyɛ a ebetumi de nkɔso aba. Afei nso, abofra a wɔtete no ma ɔnnwensɔ ntɛmntɛm awia no aboa.

Ɔkwan a wɔfa so a ɛkɔ anim kɛse ne dwensɔ dɔn nhyehyɛe a wɔde di dwuma no. Ntama bi a ɛmpɛ dwensɔ a wɔde ahyɛ abofra no ase anadwo no a dwensɔ kakraa bi gu so no bɛma dɔn no abɔ na anyan abofra no. Wɔbɔ amanneɛ sɛ saa kwan yi a wɔfa so tu kɛtɛ so dwensɔ ase no nkonim a edi no kɔ soro araa fi ɔha biara mu 60 kosi 90, ɛwom sɛ wɔbɔ asehwe fi ɔha biara mu 10 kosi 45 wɔ wɔn a wɔde asa wɔn de no mu no ho amanneɛ de. Ebia ɛno a wɔbɛsan ayɛ no betumi asa.

Ɛkame ayɛ sɛ saa akwan horow yi nyinaa a wɔka bom na wɔfrɛ no “Kɛtɛ so a Wɔrennwensɔ Ntetee” no ama mmofra a wɔde asa wɔn de no nyinaa agyae kɛtɛ so dwensɔ. Nea enye no, mmofra no mu efi ɔha biara mu 20 kosi 30 hwe ase bere a wɔagyae ne sa no akyi, nanso sɛ wɔsan tĩ mu wɔ saa mmofra yi ho a, ebetumi ama wɔagyae koraa.

Wɔakyerɛ sɛ aduru bi a wɔfrɛ no imipramine tumi tew kɛtɛ so dwensɔ so. Nanso nneɛma bɔne a efi mu ba no abu so na wɔn a wɔsan hwe ase no dodow kɔ soro. Wɔabɔ sɛnea wɔnom ma ɛboro so asiane mu ne owu ho amanneɛ, enti sɛ wode saa kwan yi bedi dwuma a, wotu fo sɛ nya ahwɛyiye. Wɔkamfo kyerɛ sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ nnuruyɛ mu nhwehwɛmu bere a wɔde saa aduru yi redi dwuma no.

Ebinom afa akwan afoforo so de asa. Julien maame kyerɛ sɛ: “Mehyɛ nyansa sɛ wɔnkɔ obi a omiamia apɔw so de sa yare nkyɛn. Mitumi hu nkɔso wɔ me babarima no mu wɔ asram abien ne fã pɛ akyi.” Mpaane nkutoo a wɔde sa kɛtɛ so dwensɔ no ho nhwehwɛmu kyerɛ sɛ etumi di yiye ɔha biara 40 mu. Na nnunsinfo kyerɛ nnua ne nhaban bi a wɔka sɛ etumi tu kɛtɛ so dwensɔ ase. Wɔ mmeae bi no, wɔwɔ ayaresabea ahorow a wosua asɛnnennen no ho ade titiriw.

Wɔ pii fam no, asɛnnennen no fi hɔ ara kɛkɛ anaasɛ wodi so wɔ ne sa akyi. Na sɛnea Lorraine ka no: “Nkurɔfo ho tɔ wɔn kɛse sɛ wohu sɛ obi foforo wɔ hɔ a ɔno nso ahyia ade koro no ara pɛn.” Saa awerɛhyem yi ne ɔkwan a wɔfa so sa a nsa betumi aka no betumi ayɛ ade titiriw a ɛbɛboa wo ba no ma wadi kɛtɛ so dwensɔ asɛnnennen no so.​—Oduruyɛfo bi na ɔkyerɛw mae.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena