Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 4/8 kr. 5-8
  • Dɛn Nti na Asɔre no Nkɛntɛnso Rebrɛ Ase?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Asɔre no Nkɛntɛnso Rebrɛ Ase?
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ehu Nyɛ Ade Titiriw Bio
  • Tumidi Ho a Aba Asɛm
  • Asɔre ne Ɔman—Ayɔnkofo a Wɔtetew Mu
  • So Asɔfo De Nea Wɔkyerɛkyerɛ no Di Dwuma?
  • Oku a Ɛda Asɔfo ne Asɔremma Ntam
  • Nkyerɛkyerɛ a Wontumi Nte Ase
  • Asɔre No​—Nsakrae ne Adwenem Basaayɛ
    Nyan!—1993
  • Gyidifo no Wɔ He?
    Nyan!—1996
  • Bible Anaasɛ Atetesɛm?—Asɛnnennen Ma Katolekfo Koma Pafo
    Nyan!—1986
  • Asɔre a Ɛresakra wɔ France
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 4/8 kr. 5-8

Dɛn Nti na Asɔre no Nkɛntɛnso Rebrɛ Ase?

“Stoani biara yɛ Stoani; nanso hefa na Kristoni wɔ wɔ Kristoman mu?”

RALPH WALDO EMERSON, AFEHA A ƐTO SO 19 MU AMERIKANI SƐNKYERƐWFO NE ANWENSƐM KYERƐWFO.

ƐNA kumaa bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Meyɛ Katolekni—nanso memfa mmɔ me bra.” Abofra bi de ka ho sɛ: “Ná nyamesom mfa me ho.” Wɔn nsɛm no te sɛ nnɛɛmmafo a wɔwɔ Europa dodow no ara de. Ɛwom sɛ wɔn awofo—anaa ebetumi ayɛ wɔn nananom—da so ara yɛ asɔrekɔfo de, nanso nyamesom gyidi ntumi nkaa wɔne wɔn awofo mmoo mu.

Dɛn nti na wɔapow nyamesom nneyɛe a na Europafo awo ntoatoaso pii nni ho agoru no?

Ehu Nyɛ Ade Titiriw Bio

Mfehaha pii na hellgya ne ahodwiragya ho hu anya Europafo pii so nkɛntɛnso. Nsɛm a eyi hu ne asɔredan mu mfonini a ɛyɛ hu a ɛkyerɛ hellgya a ennum da, maa asɔremma begye dii sɛ, ahofama a edi mu a wɔbɛda no adi wɔ asɔrekɔ mu nkutoo na ebetumi agye wɔn afi mmusu mu. Catechism of the Catholic Church de ka ho bio sɛ “Asɔre no hyɛ gyidifo ‘sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ Gyidikasɛm Kronkron mu Kwasida ne afahyɛ nna.’”a Wɔ nkurow nketewa mu no, na nnipa nkɛntɛnso no yɛ kɛse—na wɔhwɛ kwan sɛ obiara bɛkɔ asɔre Kwasida.

Nanso mmere asesa. Seesei nkurɔfo te nka sɛ wɔwɔ hokwan sɛ wɔyɛ nea wɔpɛ. Ehu nyɛ ade titiriw bio. Wɔde hell ato nkyɛn nkakrankakra, efisɛ Europa Katolekfo pii nnye nni bio mpo.

Nokwarem no, wommu “bɔne” a ɛne sɛ obi toto Kwasida Mass mu no aniberesɛm kɛse bio. Tirso Vaquero a ɔyɛ Katolek sɔfo wɔ Madrid, Spain, gye tom sɛ: “Sɛ Kristoni [Katolekni] bi amma Mass Kwasida a, yefi komam di ho yaw efisɛ wahwere bere a anka ɔne Onyankopɔn ne ne nuanom benya nkitahodi yi, na ɛnyɛ sɛ wayɛ bɔne bi. Ɛno ho nhia biara.”

Enti ehu nkanyan ahofama bio. Na abrabɔ fam nkɛntɛnso a asɔre no ne emu mpanyimfo wɔ no nso ɛ—so wobetumi anya wɔn nguankuw no nokwaredi so tumi?

Tumidi Ho a Aba Asɛm

Nyamesom mu hu a afi hɔ no ne asɔre no abrabɔ gyinapɛn a akɔ fam yiye no ahyia. Italy abakɔsɛm kyerɛwfo Giordano Bruno Guerri nwiinwii sɛ: “Yɛanya . . . abrabɔ gyinapɛn ho akyerɛkyerɛfo pii ne abrabɔ pa ho akyerɛkyerɛfo kakraa bi.” Wiase nyinaa ako abien a ɛyɛɛ Kristoman pasaa no maa akanni pa a enni hɔ yi bɛdaa adi. Na Europa asɔre ahorow no antumi anyɛ hwee amfa ansiw gyidifo a wɔde wɔn ho hyɛɛ mogyahwiegu no mu no kwan. Nea enye koraa no, asɔre no de ne ho kɔhyɛɛ akodi no mu denneennen—wɔ afanu nyinaa.

Abakɔsɛm kyerɛwfo Paul Johnson ka sɛ: “Wiase Ko a Edi Kan, a na ɛyɛ Kristofo asɔre mu akuw ntam ko, no fii awerɛhow ne aniwu bere bi ase wɔ Kristosom mu. Wiase Ko a Ɛto So Abien no de Kristofo gyidi too asiane kɛse mu sen nea Edi Kan no. Ɛmaa tumi biara a enni asɔre ahorow a ɛwɔ Germany a ɛhɔ na Ɔsesɛw no fii ase mu no, ne sɛnea Pope Tumidifo no yɛ ahufo ne pɛsɛmenkominyafo no bɛdaa adi.”

Nhyehyɛe a Vatican ne Hitler Nasi nniso no ne Mussolini Fasist aban yɛe wɔ Italy ne Franco wɔ Spain no nso sɛee asɔre no nkɛntɛnso wɔ abrabɔ so no. Awiei koraa no, amansɛm mu kyɛfa a nyamesom nyae a anhwɛ yiye no ma ɛhweree nidi a na ɛwɔ no.

Asɔre ne Ɔman—Ayɔnkofo a Wɔtetew Mu

Wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no, Europafo aman dodow no ara atetew ayɔnkofa a ɛda Asɔre ne Ɔman ntam no mu afei. Nokwarem no, Europa man kɛse biara mmu Roma Katolek sɛ ɔman asɔre seesei.

Ɛwom sɛ asɔre ahorow a agye din no bi wɔ hɔ a ɔman no boa wɔn sika fam de, nanso wɔahwere wɔn amammui nkɛntɛnso a na kan no wɔwɔ no. Ɛnyɛ asɔfo nyinaa na apene nokwasɛm foforo yi so. Spania Jesuitni a wagye din, José María Díez-Alegría gye di sɛ “[Katolek] asɔre mpanyimfo no—wɔn mu pii a wofi nokwaredi mu—susuw sɛ wɔrentumi nyɛ wɔn asɔfodwuma no a nnipa ‘tumidi’ bi ntaa akyi.”

Nanso saa “nnipa ‘tumidi’” yi agu. Spain a ɛde besi 1975 no na ɛyɛ “Katolek man” aban no, yɛ tebea yi ho nhwɛso. Wɔ nnansa yi mfe mu no, Spania asɔre mpanyimfo ne Sohyialist aban no akɔ so anya ntawntawdi wɔ sika a wɔde hwɛ asɔre no mu. Ɔsɔfopanyin a ɔwɔ Teruel, Spain, nwiinwii kyerɛɛ n’asɔrefo nnansa yi ara sɛ ɔte nka sɛ “ɔrehyia ɔtaa sɛ Katolekni” efisɛ Spain aban no mmoa asɔre no wɔ sika fam sɛnea ɛsɛ.

Spania asɔfo mpanyimfo no bɔɔ amanneɛ wɔ 1990 mu sɛ na “ahonim ne abrabɔ pa ho asɛnnennen” renya Spaniafo asetra so nkɛntɛnso. Hena na wonunuu no wɔ “abrabɔ pa ho asɛnnennen” yi ho? Asɔfo mpanyimfo no kyerɛe sɛ ade titiriw a ama aba saa ne “adwene ntanta a amanyɔfo [Spania aban no] hyɛɛ ho nkuran mpɛn pii no.” Ɛte sɛ nea asɔfo mpanyimfo no hwɛ kwan sɛ aban no bɛhyɛ Katolek asɔre no adwenkyerɛ ho nkuran na aboa wɔ sika fam nso.

So Asɔfo De Nea Wɔkyerɛkyerɛ no Di Dwuma?

Katolek Asɔre no sika a wɔwɔ ma ɛboro so no ma asɔfo a wɔyɛ adwuma wɔ faako a asɔre ahorow no nni sika no ani wu bere nyinaa. Ná ɛyɛ aniwu kɛse mpo bere a wɔde Vatican Sikakorabea no fraa nea Time nsɛmma nhoma no frɛɛ no “Italy sikasɛm mu aniwusɛm a ɛsen biara wɔ ɔko no akyi mu no.” Wɔ 1987 mu no, Italia atemmufo maa nkurɔfo krataa sɛ wɔnkɔkyere ɔsɔfopɔn bi ne Vatican sikakorabea mpanyimfo foforo baanu. Nanso esiane dibea a ɛkorɔn soronko a na Vatican wɔ no nti, asɔfo a wɔbɔɔ wɔn sobo no faa wɔn ho dii. Vatican Sikakorabea no kaa no denneennen sɛ wɔnyɛɛ bɔne biara, nanso wɔantumi ampopa adwene a ɛne sɛ na asɔre no mfa nea ɛka no nni dwuma no.—Fa toto Mateo 23:3 ho.

Nna mu ɔbrasɛe a wɔabɔ ho amanneɛ kɛse no asɛe asɛm no koraa. Wɔ May 1992 mu no, Ireland sɔfo panyin bi a wonim no yiye sɛ ɔhyɛ sigyadi ho nkuran srɛɛ n’asɔremma sɛ “wɔmfa ne mfomso nkyɛ no” na “wɔmmɔ mpae mma no.” Wɔhyɛɛ no ma ogyaee asɔfodi bere a akyiri yi ɛbɛdaa adi sɛ ɔyɛ abarimaa bi a wadi mfe 17 agya, na ɔde asɔre sika na ahwɛ no sukuu no. Ɔsram a edi ɛno anim no, Katolek sɔfo bi ne ne “hokafo” ne wɔn mma baanu baa Germanfo television so. Ɔkae sɛ ɔpɛ sɛ ɔne nkurɔfo “bɔ nkɔmmɔ” wɔ sum ase ɔbrasɛe a asɔfo pii de wɔn ho ahyem no ho.

Aniwusɛm no gyaw biribi a wontumi mpopa mfi hɔ. Wɔ ne nhoma Gli italiani sotto la Chiesa (Italifo Wɔ Asɔre no Tumi Ase) mu no, abakɔsɛm kyerɛwfo Guerri gye tom sɛ “mfehaha pii ni a Asɔre no asɛe Italifo ahonim.” Ɔka sɛ, nea afi mu aba biako ne “asɔfo ho a wɔde hyehyɛ amansɛm mu a nkurɔfo ani nnye ho a ɛrenya nkɔanim mpo wɔ gyidifo mu.” Ebia Katolekfo a wɔn bo afuw bɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ wobisa wɔn asɔfo no asɛm koro no ara a ɔsomafo Paulo bisaa Romafo no: “Sɛ nhwɛso no, wokasa tia adewia, nanso w’ankasa wohwɛ hu sɛ wudi nokware? Wokasa tia awaresɛe, nanso wohwɛ hu sɛ wo ho tew?”—Romafo 2:21, 22, Phillips.

Oku a Ɛda Asɔfo ne Asɔremma Ntam

Ade a ɛnna adi papa nanso ɛyɛ ɔhaw a ɛsɛe ade ne oku a ɛda asɔfo ne asɔremma ntam no. Ɛte sɛ nea asɔfo nkrataa ahorow a efi asɔfo mpanyimfo nkyɛn no hyɛ asɔremma no abufuw sen sɛ anka ɛde akwankyerɛ bɛma wɔn. Wɔ Spania nhwehwɛmu bi mu no, wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha mu 28 pɛ na “wogyee asɔfo mpanyimfo no nsɛm toom.” Dodow a ɛte saa ara “amfa anyɛ hwee,” na ɔha mu 18 kae sɛ, “wɔnte nea [asɔfo mpanyimfo no] reka ho asɛm no ase.” Ɔsɔfopɔn Ubeda a ofi Majorca, Spain, gye toom sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛn asɔfo nso gye tom sɛ yɛka ho bi na wɔrepow Kristosom no—ade a ɛyɛ nokwasɛm.”

Kyerɛwnsɛm mu asɛm a wɔmfa nni dwuma pefee no nso ma asɔremma no tew wɔn ho. Sɛnea Catholic Herald kyerɛ no, “asɔfo pii [a wɔwɔ Franse no] apaw sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ amansɛm mu na ama wɔn ho aba ‘mfaso,’” ɛmfa ho mpo sɛ wɔn asɔrefo no dodow no ara bɛpɛ sɛ wɔde wɔn ani si honhom mu nneɛma so no. Italia sɔfo ne nnipa fekubɔ ho nimdefo, Silvano Burgalassi gye tom sɛ: “Gyama yɛn nhwɛso bɔne nti na [mmofra] atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho no. Yɛde nneɛma mu a wogyae siesie, nyamesom, ne aguadi, pɛsɛmenkominya ne efi ho ‘dudo’ ama wɔn.” Nea ɛnyɛ nwonwa no, asɔfo rehwere wɔn nidi wɔ ɔmamfo anim. “Meyɛ Katolekni, nanso minnye asɔfo no nni,” yɛ asɛm a wɔtaa te fi Spaniafo Katolekfo anom.

Ɛyɛ Katolekfo binom den sɛ wɔbɛka wɔn kokoam asɛm akyerɛ wɔn asɔfo, na afoforo nso adwene mu yɛ wɔn naa wɔ asɔre nkyerɛkyerɛ ho—titiriw nkyerɛkyerɛ a wosusuw sɛ ntease nnim anaa wontumi mfa nyɛ adwuma no.

Nkyerɛkyerɛ a Wontumi Nte Ase

Ɛho nhwɛso pefee ne Katolek nkyerɛkyerɛ titiriw a ɛfa hell ho no. Catechism of the Catholic Church no ka sɛ: “Asɔre no nkyerɛkyerɛ si wɔ a hell wɔ hɔ ne tra a ɛtra hɔ daa so dua.” Nanso, nhwehwɛmu ahorow a wɔayɛ no nnansa yi kyerɛ sɛ Franse Katolekfo nkyekyem anan mu biako ne wɔn mfɛfo Spaniafo no nkyekyem abiɛsa mu biako na wogye di sɛ hell wɔ hɔ.

Saa pɛpɛɛpɛ na sɛ ɛba abrabɔ pa ho nsɛm mu a, Europafo dan wɔn ho “Kristofo a wɔyɛ nea wɔpɛ.” Luther akyidini bi a ofi Sweden a wɔfrɛ no Mimmi gye di sɛ abrabɔ mu nsɛm te sɛ mpena mma wo no “yɛ nea ɛsɛ sɛ wogyaw ma obiara si ho gyinae fa.” Franse Katolekfo pii ne no bɛyɛ adwene. Sɛ wɔresi gyinae a ɛho hia wɔ asetra mu a, ɔha mu 80 ka sɛ wobedi nea wɔn ahonim kyerɛ wɔn akyi sen asɔre no de.

Bere bi a atwam no, na asɔre no tumi betumi abrɛ ɔwaefo biara nne ase. Sɛnea Vatican hu tebea no, nsakrae kakraa bi na aba. Catechism no ka denneennen sɛ “awiei koraa no, Asɔre no na ɛbɛkyerɛ nea wɔnyɛ wɔ nsɛm a wɔaka afa sɛnea wɔkyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm ase ho no ho.” Nanso katabaako nniso kwan so a wɔfa di nsɛm ho dwuma no nni akyitaafo biara. Spania ɔbenfo wɔ amanyɔ ho adesua mu, Antonio Elorza, nwiinwii sɛ: “Tumidi ho akyinnyegye rekɔ so a wontumi nsiw ano. Asɔre no ani gye ho sɛ ɛbɛto abantenten a ɛwɔ ɔfasu afa na atew n’atetesɛm ho ɛmfa ho nea abakɔsɛm ayɛ.” Wɔ “abantenten a ɛwɔ ɔfasu” akyi no, asɔre no nkɛntɛnso ne ne tumi kɔ so brɛ ase.

Honhom mu ɔporɔw akyi no, asetra mu nneɛma nso yɛ ade titiriw a ɛno nso de nyamesom mu anibiannaso aba. Adetɔ bebrebe de anigyede ne nneɛma a wɔde gye ahome pii ba—Europafo dodow no ara wɔ ho akɔnnɔ ne akade. Sɛ wɔde toto ho a, ɛte sɛ nea asɔrekɔ yɛ ade a ɛyɛ anihaw a wɔyɛ no Kwasida anɔpa. Bio nso, sɛnea wɔyɛ asɔre no ntumi nni nkurɔfo honhom fam ahiade ho dwuma.

Ɛnyɛ nea ebetumi ayɛ yiye sɛ tete som no betumi anya ne nkɛntɛnso wɔ Europa nguankuw no so bio. So nyamesom yɛ tumi a ne bere atwam—a ase bɛtɔre ɔkwan biara so?

[Ase hɔ asɛm]

a Wotintim Catechism of the Catholic Church nea edi kan wɔ 1992 mu, na n’atirimpɔw ne sɛ ɛbɛyɛ asɔre nkyerɛkyerɛ nhoma a wogye tom ma Katolekfo a wɔwɔ wiase nyinaa. Wɔ ne nnianim nsɛm mu no, Pope John Paul II kaa ho asɛm sɛ “nkyerɛkyerɛ nhoma a edi mu na ɛyɛ nokware a ɛbɛkyerɛkyerɛ katolekfo nkyerɛkyerɛ mu.” Bere a etwa to a woyii Katolekfo nyinaa nkyerɛkyerɛ nhoma a ɛte saa adi ne 1566 mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

Ɔsom a wɔsom ahomegye no abunkam Kristoman fã titiriw so

[Kratafa 7 mfonini]

Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wɔpaw sɛ wɔbɛkɔ asɔre anaasɛ wɔbɛto owia a, Europafo dodow no ara ntwentwɛn wɔn nan ase koraa sɛ wɔbɛkɔ mpoano

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena