Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 4/8 kr. 9-11
  • So Nyamesom Awiei Abɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Nyamesom Awiei Abɛn?
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nyamesom Nna a Edi Akyiri?
  • Honhom Mu Kɔm a Wodi Ho Dwuma
  • Nokware Som Ho Hia Sen Bere Biara
  • Yɛn Ho A Yɛbɛde Afi Atoro Som Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Yɛn Ho A Yɛde Bɛhyɛ Ɔsom Kronn Mu Ama Nkwagye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • So Woahu Nokware Som No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • So Ɔsom Biara Ye Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 4/8 kr. 9-11

So Nyamesom Awiei Abɛn?

“Awurade hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.”

YESAIA, AFEHA A ƐTO SO 8 A.Y.B. MU ISRAEL DIYIFO.

HEBRINI diyifo Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ da bi asase sofo nyinaa de biakoyɛ bɛsom Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no. Nanso ɛte sɛ nea akwanhwɛ a ɛte saa mmamu wɔ akyirikyiri sen biara nnɛ.

Afeha yi mfiase sɛ nhwɛso no, Komunist atuatewfo a wɔwɔ Russia susuwii sɛ nyamesom a wobegu no no yɛ ade a ɛho hia a ɛbɛma ɔmamfo ade wɔn ho. Onyankopɔn a wonnye no nni no bɛma ‘adwumayɛfo ade wɔn ho afi tete adwemmɔne ne nnaadaa ho.’ Ebeduu 1939 no, na Stalin atew Ortodoks asɔre dodow a na wɔabue wɔ Soviet Union no so akodu 100, bere a na ɛboro 40,000 ansa na 1917 reba no.

Hitler nso buu nyamesom sɛ akwanside wɔ tumi a edi mu koraa a obenya no ho. Ɔkaa no bere bi sɛ: “Obi betumi ayɛ Kristoni anaa Germanni. Ontumi nyɛ abien no nyinaa.” Ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔde nkakrankakra begu ɔsom biara a ɛmfa ne ho nhyɛ ne tumidi ase no. Ne saa nti, Nasifo no hyehyɛɛ wɔn ankasa nyamesom mpaebɔ, afahyɛ, asubɔ ahorow, ne afunsie mpo. Ná Hitler ne wɔn mesia na na ɔman no nso ne wɔn nyame. Sɛ Hitler pene so a, na wotumi yɛ atirimɔdenne biara a wɔpɛ.

Nyamesom Nna a Edi Akyiri?

Mmɔden a wɔbɔe nyinaa akyi no, Stalin anaa Hitler antumi ammrɛ nyamesom ase. Nanso seesei, ɛte sɛ nea anibiannaso abesi atirimɔden nniso ananmu. Saa nsakrae yi nyɛ Bible asuafo nwonwa. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ “nna a edi akyiri” no, nnipa bɛyɛ “wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.”—2 Timoteo 3:1-4.

So Bible no kyerɛkyerɛ sɛ saa “nna a edi akyiri” a nyamesom mu anibiannaso ahyɛ no agyirae yi bɛkyerɛ nyamesom nyinaa awiei mfiase? Dabi. Sɛ anka ɛbɛhyɛ nyamesom nyinaa awiei ho nkɔm no, Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ atoro som—a wɔato no din sɛnkyerɛnne kwan so sɛ Babilon Kɛse no—na ɛbɛba awiei.a Adiyisɛm nhoma no ka sɛ: “Na ɔbɔfo hoɔdenfo bi maa ɔbo bi a ɛte sɛ owiyammo kɛse so tow kyenee po mu sɛ: sɛnea wɔbɛtow kurow kɛse Babilon akyene hwii ne no, na wɔrenhu bio koraa.”—Adiyisɛm 18:21.

Nanso atoro som a ebefi hɔ no remma nyamesom mfi wiase. Nea ɛne no bɔ abira no, Dwom 22:27 hyɛ nkɔm sɛ: “Asase ano ano sofo nyinaa bɛkae adan aba Awurade nkyɛn, na amanaman mmusuakuw nyinaa abɛkotow n’anim.” Wo de susuw ho hwɛ sɛ bere bi bɛba a “amanaman mmusuakuw nyinaa” bɛbom de biakoyɛ asom nokware Nyankopɔn koro no! Wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase no, saa bɔhyɛ a ɛyɛ anigye yi benya ne mmamu a ɛyɛ anigye. (Mateo 6:10) Sɛ saa bere no du a, nyamesom—nokware som—ho behia yiye. Na seesei nso ɛ?

Honhom Mu Kɔm a Wodi Ho Dwuma

Honhom mu kɔm a abu so wɔ Europa nnɛ no ne tebea a na ɛwɔ hɔ wɔ Roma Ahemman mu wɔ afeha a edi kan mu no di nsɛ. Abakɔsɛm kyerɛwfo, Will Durant, kyerɛ sɛnea afeha a edi kan Kristosom tumi dii wɔn bere so honhom fam ahiade ho dwuma: “Wɔ abosonsom a na ɛregu mu abrabɔ pa ho kɔm mu, wɔ Stoafo anibiannaso ne Epikurofo porɔwee mu, wɔ wiase a atirimɔdenne, aninyanne, nhyɛso, ne nna mu ɔbrasɛe abɔ no yare, wɔ ahemman a na ɛte sɛ nea enhia maninsɛm bio anaa akodi anyame mu no, ɛde ɔbra su foforo a ɛne onuadɔ, ayamye, su pa, ne asomdwoe bae.”

Asɛm koro no ara a tumi wom a Kristofo a wodi kan no kae wɔ Roma Ahemman mu nyinaa no betumi adi abrabɔ pa ne honhom mu kɔm a ɛwɔ nkurɔfo asetram wɔ yɛn bere yi mu no ho dwuma. Na nkurɔfo wɔ hɔ a wotie. Europafo pii nna no adi sɛ wɔyɛ nyamesomfo de, nanso wɔte nka sɛ Onyankopɔn di dwuma titiriw wɔ wɔn asetram. Ɛwom sɛ ebia wɔnkɔ tete asɔre bio de, nanso ebinom adi wɔn honhom fam kɔm no ho dwuma wɔ baabi foforo.

Wɔtetee Juan José, aberantewa bi a ofi Palma de Mallorca, Spain, wɔ Katolekfo sukuu mu, na ɔsomee sɛ afɔrepon ho somfo kosii sɛ odii mfe 13. Ɔne n’abusuafo kɔɔ Mass Kwasida biara, nanso bere a na ɔrebɛn mfe aduonu no, ogyaee asɔrekɔ. Dɛn ntia? Juan José kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ade biako ne sɛ, na Mass kɔ yɛ me anihaw. Na makyere gyidikasɛm no agu me tirim. Na ɛte sɛ nea woti nea mate pɛn mu. Bio nso, na yɛn sɔfo no taa poopoo n’ani kyerɛ yɛn a yɛyɛ afɔrepon ho asomfo no. Na misusuw sɛ enye sɛ ahiafo betua asɔfo ka ma wɔayɛ awufo asɔre ama wɔn.

“Na meda so ara gye Nyankopɔn di, nanso misusuwii sɛ metumi de asɔre no ato nkyɛn asom no wɔ m’ankasa me kwan so. Mebɔɔ mmɔden sɛ me ne me namfonom begye yɛn ani sɛnea metumi biara. Migye di sɛ wubetumi aka sɛ na agodie abɛyɛ ade a edi kan wɔ m’asetra mu.

“Nanso bere a midii mfe 18 no, me ne Yehowa Adansefo fii ase suaa Bible. Dɛn na na wobetumi akyerɛ me a na minhuu wɔ asɔre no mu? Gyidi pɔtee a egyina Bible so sen atetesɛm ne ‘ahintasɛm’ a anka mente ase ara da. Nanso na me gyidi foforo yi hwehwɛ sɛ meyɛ nsakrae akɛse. Sɛ anka mɛsɛe dapɛn awiei biara wɔ apontow ase wɔ disko no, mifii ase kɔɔ afie afie sɛnea ɛbɛyɛ a mɛka me gyidi foforo no ho asɛm akyerɛ m’afipamfo. Me ho a mede hyɛɛ afoforo a wɔboa wɔn mu no ma minyaa atirimpɔw wɔ m’asetra mu. Mayɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa somfo mfe ason a atwam ni.”

Ɛnyɛ wɔn a wonnyinii nko na wɔhwehwɛ sɛ wobedi wɔn nyamesom mu kɔm ho dwuma. Sɛnea Antonia, ɔbea panyin bi a ofi Extremadura wɔ Spain kae no, ɔde ne nkwa nna mu dodow no ara “ahwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan.” Bere a na onnya nnii mfe aduonu no, na ɔkɔ Mass da biara da na awiei koraa no, ɔkɔtraa Katolekfo nkokorafi, efisɛ na ogye di sɛ “sɛ wɔanhu Onyankopɔn wɔ nkokorafi hɔ a, wɔrenhu no baabiara bio.” Nanso mfe abiɛsa akyi no, ofii nkokorafi hɔ, na ɔtee abasamtu ne adehwere nka sen bere biara a atwam.

Akyiri yi koraa, bere a na ɔwɔ ne mfe 50 mu no, ɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “M’ani gyei yiye bere a Adansefo no baa me nkyɛn na wofi m’ankasa me Bible mu buaa me nsɛmmisa no. Efi bere a mebɛyɛɛ Yehowa Adansefo mu biako no, manya atirimpɔw wɔ m’asetra mu. Mewɔ nsɛnnennen de, nanso mitumi di so efisɛ seesei mahu nokware Nyankopɔn no.”

Ɛnyɛ osuahu abien yi nko ara na ɛwɔ hɔ. Bere a wɔpow nyamesom nkɛntɛnso no, nnipa a wɔn dodow renya nkɔanim ne Yehowa Adansefo rebɔ na wɔahu sɛ tra a wɔbɛtra ase ma ɛne wɔn gyidi ahyia na wɔaka ho asɛm akyerɛ afoforo no ma wonya atirimpɔw wɔ wɔn asetra mu.

Nokware Som Ho Hia Sen Bere Biara

Ɛwom sɛ yɛte bere a nnipa pii repow nyamesom mu de, nanso ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ yebebu nyamesom nyinaa sɛ ade a ɛho nhia. Nokwarem no, wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no, nnipa repow amanne hunu ne nkyerɛkyerɛ a atwam a ennyina Kyerɛwnsɛm so, na wɔn ani nnye asɔre a wɔkɔ ma nnipa pii hu no ho. Nokwarem no, Bible no hyɛ nyansa sɛ yɛnkwati nyaatwom som. Ɔsomafo Paulo ka siei sɛ “nna a edi akyiri” mu no, nnipa bi ‘bɛkatere wɔn anim akyerɛ nyamesom pa nanso wɔbɛpa emu ahoɔden.’ Nnipa a wɔte saa de nyamesom kata wɔn anim nanso wɔn nneyɛe yi wɔn ma. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ nyamesom mu nyaatwomyɛ ho? Paulo tuu fo sɛ, “saa nnipa yi, dan wo ho fi wɔn ho.”—2 Timoteo 3:1, 5.

Nanso Paulo san kae sɛ “nyamesom pa sow aba kɛse.” (1 Timoteo 6:6, New English Bible) Na ɛnyɛ ɔsom biara kɛkɛ na Paulo reka ho asɛm. Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase wɔ ha sɛ “nyamesom” no ne eu·seʹbei·a, a ɛkyerɛ “ahofama anaa ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn.” Nokware som, Onyankopɔn ahofama a ɛfata “wɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.”—1 Timoteo 4:8.

Sɛnea osuahu ahorow a ɛwɔ atifi hɔ no kyerɛ no, nokware som betumi ama yɛanya atirimpɔw wɔ yɛn asetra mu na aboa yɛn ma yɛanya ahoɔden de agyina nsɛnnennen ano. Nea ɛsen saa no, nokware som de daakye a enni awiei ho bɔhyɛ a edi mu ma. Mfaso wɔ ɔsom a ɛte saa a wodi akyi so, efisɛ wɔma yɛn awerehyem sɛ awiei koraa no, ‘ɛbɛhyɛ asase so ma.’b (Yesaia 11:9; 1 Timoteo 6:11) Akyinnye biara nni ho sɛ, afei ne bere a nokware som ho hia sen bere biara.

[Ase hɔ nsɛm]

a Bible de tete kurow Babilon di dwuma sɛnkyerɛnne kwan so ma wiase atoro som ahemman, efisɛ saa kurow yi mu na nyamesom adwenhorow a ennyina Kyerɛwnsɛm so pii fi bae. Mfehaha a atwam no mu no, saa Babilonfo nkyerɛkyerɛ yi bɛhyehyɛɛ wiase no mu nyamesom atitiriw no mu.

b Sɛ wopɛ sɛnea wubehu nokware som ho nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ ti 5, “Henanom Som na Onyankopɔn Gye Tom?” wɔ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintim no 1995 mu no mu.

[Kratafa 10 adaka/mfonini]

Adan Abien Bi Ho Asɛm

Nyamesom adan ahyɛ Spain ma, nanso ɛte sɛ nea atenka a bere bi wɔde taa asɔredan ahorow a ne bo yɛ den akyi no atu ayera. Sɛ nhwɛso no, wɔ Mejorada del Campo a ɛwɔ Madrid kurotia no, wɔresi Katolek asɔredan kɛse bi wɔ hɔ. Justo Gallego Martínez a kan no na ɔyɛ Benedictfo kokorani no na ofii adwuma no ase bɛyɛ mfe 20 a atwam ni. Nanso ɔdan no da so ara konkɔn hɔ. Seesei obiakofo a osi dan, Martínez wɔ ne mfe 60 mu, ma enti ɛnyɛ nea ɛda adi sɛ wobewie asɔredan no si. Nanso wɔ kilomita 300 wɔ kesee fam no, asɛm foforo koraa na esii hɔ.

“Gyidi Tutu Mmepɔw” ne edin a ɛhɔnom atesɛm krataa de maa nnanu a wɔde sii Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛwɔ Martos wɔ Jaén, Spain no. Atesɛm krataa no bisae sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na etumi yɛɛ yiye sɛ wɔ mprempren wiase a pɛsɛmenkominya agye nhin wom yi mu no, nkurɔfo a wɔatu wɔn ho ama a wofi [Spain] mmeae mmeae fi wɔn pɛ mu tu kwan kɔ Martos sɛnea ɛbɛyɛ a wobesi ɔdan a ne si atwa foforo biara wɔ kyerɛwtohɔ mu wɔ ne ntɛm, di a edi mu ne nhyehyɛe fam?” Ɛrema asemmisa yi ho mmuae no, asɛm no faa wɔn a wotuu wɔn ho mae no biako asɛm kae sɛ: “Nea asɛm no gyina so ara ne sɛ yɛyɛ nkurɔfo a Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn.”

[Kratafa 10 mfonini ahorow]

Mejorada del Campo

Ahenni Asa wɔ Martos

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena