“Ɔyare a Ɛma Nantwi Bɔ Dam”
◼ “Ɔyare a ɛma nantwi bɔ dam” a eyii ne ti wɔ Britain no ama mmoayɛn ho nokwasɛm bi a akyɛ ada adi. Wɔama mmoa agyae nhabamma a ɛyɛ wɔn aduan ankasa no we ma wɔrewe nam denam mmoa foforo ho nneɛma a wɔde ma wɔn so. Wɔtaa de mogya a akyene, nnompe a wɔayam, ne mogyanam, anaa mmoa aduan a wɔde ayamde a wɔayam, akyi berɛmo, amemene, ne mmoa mu nkwaa foforo te sɛ akitegya, dwɛɛdwɛɛwa, ne asaabo ayɛ, ma wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensɛe nneɛma pii, wɔn mfaso bɛdɔɔso, na mmoa no anyin ntɛmntɛm. Oduruyɛfo Harash Narang, abenfo a wodii kan de yare no ho kɔkɔbɔ mae no biako, ka sɛ ebedu bere a nantwi bi bedi asram asia no, na wɔama no aduan a wɔde mmoa foforo ho nneɛma ayɛ kilogram 12. Bere a ɔreka mmoa akumii bi a ɔkɔe ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Me ho dwiriw me. Nokwarem no, na wɔde anantwi yɛ aduan ma anantwi. Misusuw sɛ ɛyɛ mmoa a wɔwe wɔn yɔnko mmoa.”
◼ Papa a ɛwɔ asɛm no mu ne sɛ, Britainni bi a ɔyɛn mmoa anya ɔkwan bi a ɔfa so de anantwi a wɔanyinyin a ontumi ntɔn wɔn nnya mu mfaso esiane “ɔyare a ɛma nantwi bɔ dam” ho hu nti no di dwuma. Sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ wɔ Newsweek mu no, ɔde wɔn redi dwuma sɛ amanneɛbɔ apon. Ɔde amanneɛbɔ nsɛm bobɔ n’anantwi ho de wɔn kɔ adidi wɔ kwantempɔn bi a ɛso nni adagyew nkyɛn, na ogye bɛyɛ $40 wɔ nantwi biara ho dapɛn biara. Mmoayɛnfo no kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛpɛ akwan foforo a yɛbɛfa so anya sika. Ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛ ɔkwampa a yɛfa so te ɛka a yɛbɔ wɔ wɔn ho no.”