Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 7/8 kr. 29-30
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ohia ne Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia
  • Abasamtu Ho Asiane
  • Mfe a Wodi Wɔ Kar Mu Tra Mu
  • Mediterranea Supɔw So Bere
  • Franse Kasa Ho Suro
  • Wɔhwehwɛ Ɔkwan a Wɔbɛfa So Asiw Adanmudegye Ano
  • Ɔsa Ho Anigye a Wɔkyerɛ
  • So Wontumi Nyɛ Adesɛe a Sigaretnom De Ba Ho Hwee?
  • Wɔantumi Anyɛ Ohoni no Anim
  • Asiane A Ɛwɔ Tawanom Mu Ma Wɔn A Wɔnom Ne Wɔn A Wɔnnom
    Nyan!—1987
  • So Ɛsɛ Sɛ Wɔbara Sigaretnom?
    Nyan!—1981
  • Ɔpepem Pii Nkwa Redan Wusiw
    Nyan!—1995
  • So Sigaretnom Bɛkɔ So Atra Ho?
    Nyan!—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 7/8 kr. 29-30

Wiase Nsɛm

Ohia ne Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia

Ɛmfa ho sikasɛm mu nkɔanim a wɔanya no, nnipa bɛboro ɔpepepem 1.3 na sika a wodi da biara no nnu dɔla abien wɔ wiase nyinaa. UN amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ, ɛnyɛ sɛ ohia wɔ hɔ nko, na mmom, ɛreyɛ kɛse. Nnipa bɛboro ɔpepepem biako na sika a wogye nnɛ no sua sen nea na wogye bɛyɛ mfe 20, 30, anaa 40 a atwam no mpo. UNESCO Sources nsɛmma nhoma no ka sɛ, eyi ma wɔsɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia efisɛ “ohia ma wɔsɛe abɔde mu nneɛma ntɛm ara, na ɛma nneɛma so kora ho nhyehyɛe a wɔayɛ bere tenten biara sɛe. Sɛnea wɔrebu nnua mprempren no bɛma kwae a ɛwɔ Caribbean no asã koraa wɔ nea ennu mfe 50 mu . . . Tebea no nye koraa wɔ aman ahorow mu mpo: Philippines kwae a aka no bedi mfe 30, Afghanistan de bedi mfe 16, na Lebanon de adi mfe 15.”

Abasamtu Ho Asiane

The Times a ɛwɔ London no bɔ amanneɛ sɛ, “Nyansahufo . . . ka sɛ abasamtu betumi asɛe koma no kɛse sen sɛ wobɛnom sigaret 20 da koro. Finland mmarima mmasiriwa bɛyɛ 1,000 a wɔde mfe anan yɛɛ wɔn mu nhwehwɛmu no daa no adi sɛ abasamtu maa asiane a ɛne sɛ srade bɛma wɔn ntini akɛse a mogya fa mu asisi anaasɛ ayɛ den no yɛɛ kɛse.” Nhwehwɛmu no daa no adi sɛ obi adwene mu tebea betumi anya n’akwahosan so nkɛntɛnso kɛse. Oduruyɛfo Susan Everson a odii anim ma wɔyɛɛ nhwehwɛmu no kae sɛ: “Nea yɛtaa hu ne sɛ adwene ne nneyɛe ne nkate fam tebea di dwuma titiriw wɔ akwahosan mu. Ɛsɛ sɛ nnuruyɛfo hu sɛ abasamtu nya akwahosan so nkɛntɛnso bɔne, na ɛma yare ho adesoa yɛ kɛse. Ɛsɛ sɛ nkurɔfo hu sɛ sɛ wɔte nka sɛ wɔn anidaso asa na wɔte abasamtu nka a, wɔbɛbɔ mmɔden ahwehwɛ mmoa.”

Mfe a Wodi Wɔ Kar Mu Tra Mu

Wɔn a wɔte Italy nkurow akɛse mu no de bere pii na efi fie kɔ adwuma anaa sukuu san ba fie. Bere tenten bɛn na wodi? Sɛnea Legambiente, Italy nneɛma a atwa yɛn ho ahyia fekuw, no kyerɛ no, wɔn a wɔte Naples no di simma 140 wɔ kar mu da biara. Sɛ wɔfa no sɛ obi nkwa nna yɛ mfe 74 a, ɛnde na emu mfe 7.2 na Naplesni biara bɛhwere wɔ kar mu tra mu. Romani a ɔde simma 135 tu kwan da biara no bɛhwere mfe 6.9. Ɛkame ayɛ sɛ tebea no te saa ara wɔ nkurow foforo mu. La Repubblica atesɛm krataa no bɔ amanneɛ sɛ, nnipa a wɔwɔ Bologna no bɛhwere mfe 5.9, na wɔn a wɔwɔ Milan no bɛhwere mfe 5.3.

Mediterranea Supɔw So Bere

Bere mu nsakrae betumi ayɛ hwanyann wɔ Mediterranea Supɔw so. The New York Times ka sɛ, nhwɛso biako ne Iran, a mfe bi ni no, “sɛ́ anka ɛbɛhyehyɛ ne bere ma asen Greenwich Mean Time de no dɔnhwerew biako sɛnea aman dodow no ara yɛ no no, ahyehyɛ ne bere ma asen Greenwich de no nnɔnhwerew abiɛsa ne fã no. Sɛ nhwɛso no, sɛ wopɛ sɛ wutie Wiase Nsɛm wɔ BBC anɔpa 5:00 a, ɛsɛ sɛ wubue wo radio anɔpa 8:30, na wobɔ mmɔden biara bu w’ani gu Dɔn Kɛse a ɛne wo wɔɔkye so bere nhyia no so.” Na bere a ɔman no amammerɛ ne sɛ ebegyae sɛ ɛbɛma bere akɔ anim dɔnhwerew biako wɔ dapɛn awiei a etwa to wɔ September mu no, afe a etwaam no, Israel yɛɛ nsakrae no wɔ September 13. Ɛyɛ den sɛ wobehu dapɛn awiei nso. Aman a ɛwɔ Persia Po mantam mu no mu dodow no ara de Yawda ne Fida na ɛyɛ dapɛn awiei. Nanso, wɔ Egypt ne aman a ɛbemmɛn hɔ no mu dodow no ara mu no, Fida ne Memeneda na ɛyɛ dapɛn awiei, na Memeneda ne Kwasida na ɛyɛ dapɛn awiei wɔ Lebanon. Times bɔ amanneɛ sɛ: “Sɛ nhwɛso no, ɔkwantufo a ɔpɛ sɛ odu Abu Dhabi Wukuda awia, na ɔtoa so du Beirut Fida anwummere no benya dapɛn awiei anan. Ehia sɛ obi a adwuma adi ne ti yɛ nhyehyɛe ɔkwan foforo so na ama wakodu da hunu.”

Franse Kasa Ho Suro

Paris atesɛm krataa Le Figaro bɔ amanneɛ sɛ, aman a wɔka Franse kasa ananmusifo kɔyɛɛ nnansa nhyiam nnansa yi wɔ Hanoi, Vietnam, de hyɛɛ “aman a wɔka Franse kasa biakoyɛ” ho fã bi. Nnipa bɛboro ɔpepem 100 na wɔka Franse kasa daa. Bere a Franse kasa baa so wɔ afeha a ɛto so 17 mu no, na ɛno ne kasa a wɔde di dwuma wɔ amanaman ntam nkitahodi mu. Atesɛm krataa no ka sɛ: “Wɔ Europa a na emu apaapae no, na Franse kasa na wɔde kyerɛw asomdwoe apam a ɛma akodi ne ntawntawdi ba awiei no.” Nanso, seesei, Franse kasa “repere gyinabea wɔ wiase.” Yebetumi aka sɛ Engiresi a wɔde di nkitaho kɛse no titiriw na ama dwuma a wɔde Franse kasa di akɔ fam no. Nea ɛbɛyɛ na wɔasiw saa kwan yi no, Franse mampanyin hyɛɛ nkuran sɛ wɔmfa Franse kasa no nkɔ kɔmputa so nkitahodi kwan kɛse no so. Nanso, bere a ɔmanyɔfo bi reka suro a ɔwɔ ma Franse kasa daakye ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Ɔmanfo, nsɛm ho amanneɛbɔfo, anaa amanyɔfo ani nnye Franse kasa a wɔde bedi dwuma wɔ wiase nyinaa no ho. Akyinnye biara nni ho sɛ saa anigye a wɔnkyerɛ yi da adi kɛse wɔ France mpo sen aman foforo mu.”

Wɔhwehwɛ Ɔkwan a Wɔbɛfa So Asiw Adanmudegye Ano

Wɔ China no, wɔfrɛ no huilu; wɔfrɛ no kitu kidogo wɔ Kenya. Mexico de asɛm una mordida na edi dwuma; Russia, vzyatka; na wɔfrɛ no baksheesh wɔ Mediterranea Supɔw so. Wɔ aman pii mu no, adanmudegye yɛ asetra kwan, na ɛtɔ mmere bi a ɛno nkutoo ne ɔkwan a wɔfa so di gua, wɔfa so nya nneɛma bi, anaasɛ wɔfa so nya atɛntrenee mpo. Nanso, nnansa yi aman 34 ayɛ apam a wɔde beyi adanmudegye afi amanaman ntam aguadisɛm mu. Aman no ne aman 29 a wɔwɔ Sikasɛm mu Biakoyɛ ne Mpɔntu Ahyehyɛde no mu, a Argentina, Brazil, Bulgaria, Chile, ne Slovakia ka ho. Wɔn nso a wɔreyɛ ade atia dwowtwa ne wiase mu sika ahyehyɛde akɛse no—Wiase Nyinaa Sikakorabea ne Amanaman Ntam Sika Ho Foto. Wɔyɛɛ saa nhyehyɛe yi bere a nhwehwɛmu bi a Wiase Nyinaa Sikakorabea no yɛe no daa no adi sɛ aman 69 mu nnwuma ɔha biara mu 40 na wogye adanmude no. Ahyehyɛde abien no reyɛ nhyehyɛe mprempren atwa sika biara a wɔde ma aman a wobu ani gu dwowtwa so no mu.

Ɔsa Ho Anigye a Wɔkyerɛ

Efi bere tenten na South Africa nkuraasefo awe mopane ɔsa sɛ ade a wonya ahoɔdennuru fi mu. Saa mmoa yi a wofi afofantɔ mu no nya wɔn din no fi mopane dua a ɛyɛ wɔn aduan no mu. Wɔ April ne December mu no, mmea sesa ɔsa no, na bere a wɔayi ne yam nneɛma awie no, wɔnoa na afei wɔhata wɔ awia so. Ahoɔdennuru, srade, ne aduannuru a ɛwom no som bo te sɛ mogyanam ne nsunam de ara pɛ. Nanso, seesei, mopane ɔsa rebɛyɛ aduan a wɔkyerɛ ho anigye kɛse wɔ South Africa adidibea ahorow. Wɔkyerɛ ho anigye wɔ Europa ne United states nso, na eyi ahaw nnipa a wɔte Afrika nkuraase no. Dɛn ntia? The Times a ɛwɔ London ka sɛ: “Bere a wohia no kɛse no, ɔhaw a ɛde ba ne sɛ ebia mmoa no bɛkɔ so atra hɔ anaa. Mopane ase atɔre wɔ Botswana ne Zimbabwe a ɛbemmɛn hɔ no mmeae pii” dedaw.

So Wontumi Nyɛ Adesɛe a Sigaretnom De Ba Ho Hwee?

Nhwehwɛmu bi a wɔayɛ nnansa yi da no adi sɛ sɛ obi nom sigaret a, ne ntini kɛse a mogya fa mu no betumi asɛe koraa. Nhwehwɛmufo bɔɔ amanneɛ wɔ The Journal of the American Medical Association mu sɛ sigaretnom ne ne wusiw a ɛkɔ nkurɔfo a wogyina nkyɛn mu no betumi asɛe ntini kɛse no a wontumi nyɛ ho hwee. Mmarima ne mmea 10,914 a wɔadi fi mfe 45 kosi 65 na wɔyɛɛ wɔn mu nhwehwɛmu. Wɔn a na wɔwɔ saa kuw yi mu ne sigaretnomfo, kan sigaretnomfo, wɔn a wɔnnom sigaret a sigaret wusiw kɔ wɔn mu daa, ne wɔn a wɔnnom sigaret a sigaret wusiw ntaa nkɔ wɔn mu. Nhwehwɛmufo a wɔde nipadua mu nnyigyei yɛ adwuma no susuw kɔn mu ntini kɛse no mu duru. Wɔsan susuw bio mfe abiɛsa akyi.

Sɛnea wɔhwɛɛ kwan no, wɔn a na wɔnom sigaret daa no ntini kɛse yɛɛ den yiye—nnipa a sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a na wɔanom sigaret adaka biako da biara mfe 33 no de mu yɛɛ den ɔha biara mu 50. Kan sigaretnomfo nso ntini mu siw ntɛmntɛm sen wɔn a wɔnnom sigaret no de ɔha biara mu 25—ebinom de mpo siw bere a wogyaee sigaretnom akyi mfe 20 no. Wɔn a wɔnnom sigaret a sigaret wusiw kɔ wɔn mu no ntini yɛɛ den sen wɔn a wusiw nkɔ wɔn mu no ɔha biara mu 20. Sɛnea nhwehwɛmu no kyerɛ no, wobu akontaa sɛ nnipa 30,000 kosi 60,000 a wowuwu wɔ United States nkutoo no yɛ nea wobetumi aka sɛ sigaret wusiw na ekunkum wɔn.

Wɔantumi Anyɛ Ohoni no Anim

Wɔ mfe ason a wɔde siesiee Ohoni bi a ɛwɔ Egypt akyi no, afei wɔatutu ntaaboo a wɔde twaa ho hyiae no. Ahmad al-Haggar a ɔyɛ beae no tete nneɛma akorae kwankyerɛfo no kae sɛ: “Wɔde abo mpem ɔha biako na ɛyɛɛ Ohoni no fi 1990 kosi 1997 mu.” Nanso, ɔde kaa ho sɛ ahwɛyiye a wɔde san yɛɛ ohoni no nyinaa akyi no, wɔantumi anyɛ “akadobo honi kɛse a ne fã yɛ gyata na ne fã yɛ nipa no” anim a asɛe no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena