Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g18 nɔma 2 kr. 4
  • 1 Fa Wo Koma Hyɛ Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1 Fa Wo Koma Hyɛ Mu
  • Nyan!—2018
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ƐKYERƐ
  • NEA ENTI A ƐHO HIA
  • NEA WUBETUMI AYƐ
  • Mma Biribiara Ntete Mo Ntam
    Nyan!—2015
  • Sɛnea Wobɛma W’aware Ayɛ Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nya Ahofama wɔ W’aware Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Wubetumi Abɔ W’aware Ho Ban!
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2018
g18 nɔma 2 kr. 4
Mframa rebɔ, nanso sɛkyɛ no nti hyɛmma no gyina hɔ

Sɛ wode wo koma hyɛ w’aware mu a, ɛbɛyɛ te sɛ nea woreto aware no sɛkyɛ; ɛbɛma aware no agyina wɔ ɔhaw bere mu

AWAREFO

1 Momfa Mo Koma Nhyɛ Mu

NEA ƐKYERƐ

Sɛ okunu ne ɔyere de wɔn koma hyɛ wɔn aware mu a, ɛkyerɛ sɛ wobu aware no sɛ ɛyɛ nkabom a ɛtena hɔ daa, na wei nti wonsuro sɛ aware no begu. Awarefo no mu biara wɔ ahotoso sɛ, sɛ ɛto nea ɛyɛ den mpo a ne hokafo bɛbata ne ho.

Awarefo bi wɔ hɔ a, wosuro nea wɔn abusuafo anaa afoforo bɛka, ɛno nti na wɔte aware no ho. Nanso ne papa mu no, ɛsɛ sɛ wonya ɔdɔ ne obu ma wɔn ho, na aka wɔn ma wɔde wɔn koma ahyɛ aware no mu.

BIBLE MU ASƐM: ‘Okunu mmfi ne yere ho.’​—1 Korintofo 7:11.

“Sɛ wode wo koma hyɛ w’aware mu a, ɛnde wo hokafo fom wo a woremma ɛnhaw wo. Wode bɛkyɛ no ntɛm, na sɛ wo nso wofom a, wobɛpa kyɛw ntɛm. Ɔhaw ba a, wubebu no sɛ akwanside a wubetumi adi so, na ɛnyɛ sɛ wubegyina so agu aware no.”​—Micah.

NEA ENTI A ƐHO HIA

Awarefo a wɔmfaa wɔn koma nhyɛɛ aware mu no, wohyia ɔhaw bi a, anhwɛ a nea wɔbɛka ara ne sɛ, ‘Yɛn mmienu de, anka ɛnsɛ sɛ yɛware.’ Afei wɔbɛhwehwɛ biribi agyina so agyae aware no.

“Nnipa bebree wɔ hɔ a, adwene a wɔde kɔ aware ne sɛ, sɛ nneɛma ankɔ yiye a, wobegyae aware no. Sɛ obi de saa adwene no kɔ aware a, nea ɛkyerɛ ne sɛ aware no mfiase pɛɛ na wamfa ne koma anhyɛ mu.”​—Jean.

NEA WUBETUMI AYƐ

FA WEI SƆ WO HO HWƐ

Sɛ akasakasa sɔre a . . . 

  • Ɛyɛ a wunu wo ho sɛ wowaree wo hokafo no anaa?

  • Ɛyɛ a wudwinnwen ho sɛ, wo yam a anka wo ne obi foforo na ɛte?

  • Ɛyɛ a wokeka nsɛm bi te sɛ, “Megyaa wo,” anaa “Merekɔhwehwɛ obi a ɔdɔ me”?

Sɛ wubuaa nsɛmmisa no mu biara sɛ aane a, ɛnde saa bere yi na ɛsɛ sɛ wode wo koma hyɛ w’aware no mu yiye.

WO NE WO HOKAFO NSUSUW HO

  • Sɛnea mfiase no yɛde yɛn koma hyɛɛ aware no mu no, ɛso atew anaa? Sɛ saa a, adɛn ntia?

  • Dɛn na yebetumi ayɛ seesei na ama yɛatumi de yɛn koma ahyɛ aware no mu kɛse?

NYANSAHYƐ

  • Ɛwom ara a, kyerɛw ɔdɔ nsɛm ma wo hokafo

  • Fa wo hokafo mfoni sisi wo pon so wɔ adwumam fa kyerɛ sɛ wode wo koma ahyɛ aware no mu

  • Da biara a wobɛkɔ adwuma anaa wo ne wo hokafo nni faako no, frɛ no hwɛ sɛnea ne ho te

BIBLE MU ASƐM: “Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.”​—Mateo 19:6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena