Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g19 nɔma 1 kr. 3
  • Yɛn Ahobammɔ Ho Aba Asɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛn Ahobammɔ Ho Aba Asɛm
  • Nyan!—2019
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sika Ho Ayɛ Den—Dɛn Na Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Nneɛma A Atwa Yɛn Ho Ahyia Ho Ban A Yɛbɔ—Aba Bɛn na Asow?
    Nyan!—2003
  • Dɛn na Ɛsɛ sɛ Ɛsesa?
    Nyan!—2012
  • Asetra a Ebinom Sen Afoforo—So Onyankopɔn na Ɔhyehyɛe?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2019
g19 nɔma 1 kr. 3

NSƐM A ƐRESISI

Yɛn Ahobammɔ Ho Aba Asɛm

“Yɛanya nkɔanim wɔ mfiridwuma, nyansahu, ne sikasɛm mu sen bere biara a abɛsen kɔ, . . . nanso nnɛ pa ara na wiase amanyɔsɛm, sikasɛm ne asase so nneɛma resɛe koraa.”​—Efi The Global Risks Report 2018, World Economic Forum.

ADƐN NTI NA YƐN DAAKYE NE ASASE YI HO ASƐM HO HIA ANIMDEFO PII SAA? SUSUW ƆHAW A YƐREHYIA NO BI HO HWƐ.

  • Kɔmputa bi a obiara rentumi nwia ne ho nkɔ so

    INTANƐT SO NSƐMMƆNEDI REKƆ SO: Atesɛm krataa bi kaa sɛ: “Intanɛt so kɔ ayɛ hu. Nea enti a ɛte saa ne sɛ nnipa a wɔto mmofra mmonnaa, asisifo, wɔn a wɔkyerɛw nsɛm de hyɛ afoforo abufuw, ne wɔn a wowia wɔn ho kɔ afoforo kɔmputa so adɔɔso wɔ intanɛt so. Ebinom fa intanɛt so di nsɛmmɔne wɔ afoforo din mu. Wei rekɔ so pa ara wɔ wiase nyinaa. . . . Intanɛt tumi ma nkurɔfo da subammɔne a ɛwɔ wɔn mu no adi. Wotumi kata wɔn ani di atirimɔdensɛm.”​—The Australian.

  • Nnipa nsa bebree a ɛregye sika

    AHIAFO DƆƆSO SEN ASIKAFO: Nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no nnansa yi kyerɛ sɛ, wokyɛ wiase nnipa nyinaa mu mmienu na woka ɔfã baako sika bom a, ɛne nnipa nwɔtwe a wɔwɔ sika pa ara no sika yɛ pɛ. Wɔn nhwehwɛmu no ma ɛdaa adi sɛ: “Wiase sikasɛm a asɛe nti, wɔn a wɔwɔ sika no, nya ara na wɔrenya sika, ɛnna ahiafo nso, ohia rekum wɔn. Ahiafo yi mu dodow no ara yɛ mmea.” (Oxfam International) Ebinom suro sɛ, sɛnea wiase sika akodi faako no, ebetumi ama nkurɔfo ayɛ basabasa.

  • Atopae

    AKOKOAKOKO NE ƆTAA ADƆƆSO: Amanneɛbɔ a efi Amanaman Nkabom no asoɛe bi kae wɔ afe 2018 mu sɛ: “Nnipa a akokoakoko anaa ɔtaa ama wɔatu afi wɔn man mu no adɔɔso sen bere biara a abɛsen kɔ. Anibu mmienu biara, ɛkame ayɛ sɛ wɔhyɛ onipa baako ma otu fi ne man mu.” (United Nations Refugee Agency) Wei nti, nnipa bɛboro ɔpepem 68 na wɔatu afi wɔn man mu.

  • Wusiw a wɔrepuw gu mframa mu

    ABƆDE MU NNEƐMA RESƐE: Amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Afifide ne mmoa pii ase rehyew ntɛmntɛm, na mframa ne po a wɔresɛe no nso de nnipa nkwa reto asiane mu.” (The Global Risks Report 2018) Afei wokɔ aman bi so a nkoekoemmoa dodow no ara ase ahyew. Sɛ nnua bɛsow aba a, ɛyɛ nkoekoemmoa yi ara. Enti nyansahufo reka sɛ, anhwɛ a, abɔde mu nneɛma a ɛwɔ yɛn asase yi so nyinaa bɛsɛe koraa. Ɛpo ase nneɛma nso rewuwu. Nyansahufo bu akontaa sɛ mfe 30 a atwam no, nneɛma a ɛwɔ po ase no mu fã awuwu.

Enti yebetumi ayɛ nsakrae a ehia na ama yɛanya wiase a ahotɔ ne ahobammɔ wom anaa? Ebinom te nka sɛ, sɛ yesua ade a, ɛbɛboa ma ayɛ yiye. Nanso yemmisa sɛ, dɛn na ɛsɛ sɛ nnipa sua na ama wɔatumi asesa wɔn adwene ne wɔn nneyɛe? Nsɛm a edidi so wɔ nhoma yi mu no bebua nsɛmmisa yi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena