Asetra a Ebinom Sen Afoforo—So Onyankopɔn na Ɔhyehyɛe?
Ne tiatwa mu no, mmuae no yɛ dabi. Ma yɛnhwɛ nea enti a ɛte saa.
ONYANKOPƆN hyehyɛe sɛ nnipa nyinaa benya hokwan ne asetra mu anigye pɛ. Ɛdefa onipa bɔ ho no, yɛkenkan sɛ: “Onyankopɔn kae sɛ: Momma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛ yɛn sɛso, na wonni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne ntɔteboa ne asase nyinaa ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa so.” Bere a ɔbɔɔ asase so nneɛma wiei no, “Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa.”—Genesis 1:26, 31.
So Onyankopɔn betumi aka ɛnnɛ tebea a ɛyɛ awerɛhow a ebinom sen afoforo no ho asɛm sɛ “eye papa”? Dabida, efisɛ “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Wɔka ne ho asɛm sɛ “ɔnhwɛ nnipa anim” ɛne sɛ “n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.” (Deuteronomium 10:17; 32:4; fa toto Hiob 34:19 ho.) Na ɔsomafo Petro kae sɛ: “Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.”—Asomafo no Nnwuma 10:34, 35.
Sɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ, ɔnhwɛ nnipa anim, obu atɛntrenee, ɔyɛ teefo ne ɔtreneeni a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi abɔ nnipa ma ebinom asen afoforo wɔ anigye a ɛsɛ sɛ wonya mu? Sɛ́ ɔbɛma nnipa ayɛ nyiyim na ebinom asen afoforo no bɛyɛ biribi a ɛne ne nipasu nhyia koraa. Ne nhyehyɛe ne sɛ ‘wɔbɛwo’ nnipa nyinaa ‘pɛ a wɔwɔ nidi ne hokwan koro no ara.’ Nanso, ɛnnɛ ɛda adi sɛ nneɛma nte saa. Dɛn ntia?
Nea Ɛyɛe a Ebinom Sen Afoforo
Bɔ a Onyankopɔn bɔɔ nnipa pɛ no nkyerɛ sɛ ɛyɛ ne nhyehyɛe sɛ wɔn nyinaa nyɛ pɛ wɔ biribiara mu. Ná ebetumi asono wɔn dom akyɛde, nneɛma a wɔn ani gye ho, ne wɔn nipasu. Ná ebetumi asono wɔn dibea ne tumidi nso. Sɛ nhwɛso no, ɔbarima ne ɔbea nyɛ pɛ wɔ nneɛma nyinaa mu, na mmom Onyankopɔn bɔɔ ɔbea sɛ ɔbarima “sɛso boafo.” (Genesis 2:18) Ɛda adi sɛ awofo ne mmofra da nsow wɔ tumidi mu. Nanso, ɛmfa ho saa nsonsonoe yi no, na ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa—mmarima, mmea, ne mmofra—nya hokwan a wɔde bedi nneɛma titiriw a ɛde anigye ba ho dwuma a Onyankopɔn de ama no mu kyɛfa pɛ. Ná ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa nya nidi ne gyinabea koro wɔ Onyankopɔn anim.
Saa ara na wɔmaa Onyankopɔn honhom mu mma a wɔbɔɔ wɔn ansa na wɔrebɔ nnipa no nnwuma ne asɛyɛde a egu ahorow. (Genesis 3:24; 16:7-11; Yesaia 6:6; Yuda 9) Nanso, ɛmfa ho sɛ na ɛsɛ sɛ obiara di nea wɔde ama no ho dwuma no, na wɔn nyinaa betumi anya Onyankopɔn nsiesiei ma nkwa ne anigye no mu kyɛfa pɛ. Wɔnam saayɛ so daa Onyankopɔn su a ɛne sɛ ɔnyɛ nyiyim no adi wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so.
Awerɛhosɛm ne sɛ, honhom mu abɔde biako bo antɔ ne yam wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe a nyiyim nnim no ho. Ɔhwehwɛɛ pii sen nea Onyankopɔn de ama no no, na ɔpɛe sɛ onya gyinabea a ɛkorɔn paa. Ɔnam akɔnnɔ bɔne yi a ɔkɔɔ so dwenee ho no so tew atua tiaa Yehowa, a sɛ́ Ɔbɔadeɛ no, na ɛfata sɛ ne dibea korɔn sen biara no. Akyiri yi, saa Onyankopɔn honhom mu ba tuatewfo yi daadaa nnipa ma wɔhwehwɛɛ pii fii Nyankopɔn hɔ sen nea na Ɔde ama wɔn no. (Genesis 3:1-6; fa toto Yesaia 14:12-14 ho.) Enti, Yehowa nsiesiei a ɔyɛe sɛ nnipa nnya asetra mu anigye no bɛyɛɛ nea ɛnkari pɛ. Saa honhom tuatewfo yi a wɔda no adi wɔ Adiyisɛm 20:2 sɛ ‘Ɔbonsam ne Satan’ no bɛyɛɛ ɔbɔnefo a ɔyɛ maa nnipa binom sen afoforo no.
So Nneɛma Bɛsesa Da Bi?
Ne tiatwa mu no ɛyɛ yiw!
Nanso hena na obetumi de nsakrae a wɔhwehwɛ yi aba? Nnipa akannifo, a akyinnye biara nni ho sɛ ebinom wɔ koma pa no, adi apere mfehaha pii sɛ wɔbɛyɛ saa. Wonnii nkonim ahe biara, na ama nnipa pii ka sɛ wɔrentumi nhwɛ kwan sɛ wobedi asetra a ebinom sen afoforo no ho dwuma da bi. Nanso, wɔayɛ adwene a Onyankopɔn kura no ho kyerɛwtohɔ wɔ Yesaia 55:10, 11 sɛ: “Sɛnea osu ne sukyerɛma fi soro gu fam na ɛnsan nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔw asase ansa ma ɛba aduan na ɛsow aba, na ɛde aba ma ogufo ne aduan ma odifo no, saa ara na m’asɛm a efi m’anom bɛyɛ: ɛrensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.”
Hwɛ awerɛkyekye a ɛyɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn aka sɛ obedi ne mfitiase atirimpɔw a ɛne sɛ adesamma nyinaa benya asetra mu anigye hokwan pɛ ho dwuma no! Sɛ́ nokware Nyankopɔn no, w’ahyɛ ne ho bere a ɔde bedi nea wahyɛ ho bɔ no ho dwuma. Anigyesɛm ne sɛ, ɔwɔ ɔpɛ ne tumi sɛ ɔbɛyɛ saa. Ɔkwan bɛn so na ɔbɛyɛ eyi?
Yehu mmuae no wɔ Ahenni a Yesu Kristo kyerɛɛ n’akyidifo nyinaa sɛ wɔmmɔ ho mpae yi mu: “Yɛn Agya a wowɔ soro . . . w’ahenni mmara, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:9, 10) Yiw, Onyankopɔn Ahenni ne ɔkwan a Yehowa nam so ‘bebubu ahenni horow a ɛwɔ hɔ mprempren no nyinaa ama asã, na ɛno de ebegyina hɔ daa.’—Daniel 2:44.
Wɔ ɔsoro Ahenni no nniso ase no, wobenya adesamma abusua foforo. Ɛdefa eyi ho no, ɔsomafo Yohane kyerɛwee wɔ Bible mu nhoma a etwa to, Adiyisɛm, mu sɛ: “Mihuu ɔsoro foforo ne asase foforo, na kan soro ne kan asase no atwam.” (Adiyisɛm 21:1) Nea ebefi hɔ ne nneɛma bɔne a asetra a ebinom sen afoforo de aba—ohia, yare, anibiannaso, nyiyim, ne adesamma amanehunu foforo—no nyinaa.a
Yehowa Adansefo de bɛboro afeha biako atwe nkurɔfo adwene asi saa Ahenni no so. (Mateo 24:14) Wɔnam nhoma a wotintim ne mmoa a wɔde ma ankorankoro so abɔ mmɔden aboa nkurɔfo ma wɔanya Onyankopɔn atirimpɔw a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu ho nimdeɛ. Nanso, ɛnyɛ asetra a obi nsen obi ne anigye a nnipa benya daakye ho anidaso nko na wɔn nkyerɛkyerɛ adwuma a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa no ama nkurɔfo anya, na mmom ama wɔanya mfaso mprempren ma wɔadi asetra a ebinom sen afoforo ho haw no so. Ma yɛnhwɛ sɛnea ɛte.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ sɛnea ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni bɛma nnipa nyinaa anya asetra a obi nsen obi no ho nkɔmmɔbɔ a ɛkɔ akyiri a, yɛsrɛ wo hwɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii no atiri 10 ne 11.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
Onyankopɔn nhyehyɛe ne sɛ nnipa nyinaa benya asetra ne anigye pɛ