Ɔhaw a Asetra a Ebinom Sen Afoforo De Aba Nnɛ
“Yebu nokware ahorow yi sɛ ɛyɛ turodoo, sɛ wɔbɔɔ nnipa nyinaa pɛ, sɛ wɔn Bɔfo ama wɔn Hokwan bi a wontumi nnye mfi wɔn nsam, na eyinom mu bi ne Nkwa, Ahofadi ne Anigye a Wɔbɛhwehwɛ.”—Ahofadi Mpaemuka, a United States yɛe wɔ 1776 mu.
“Wɔde ahofadi ne hokwan koro na ɛwo nnipa nyinaa.”—Hokwan a Nnipa ne Ɔmamma Wɔ Ho Mpaemuka a France Ɔman Bagua no yɛe wɔ 1789 mu.
“Wɔde ahofadi ne nidi ne hokwan koro na ɛwo nnipa nyinaa.”—Hokwan a Nnipa Nyinaa Wɔ Ho Mpaemuka a Amanaman Nkabom Nhyiam Kɛse no yɛe wɔ 1948 mu.
AKYINNYE biara nni ho. Nnipa nyinaa pɛ sɛ wonya asetra a obi nsen obi. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔakɔ so aka asetra a obi nsen obi ho asɛm bere nyinaa no da no adi sɛ ɛde besi nnɛ no, adesamma nsa nkaa saa asetra no.
So obi betumi aka no paa sɛ mprempren a yɛrekɔ afeha a ɛto so 20 awiei no, nneɛma asesa ayɛ yiye? So nnipa a wɔwɔ United States ne France nyinaa, anaasɛ wɔn a wɔwɔ aman 185 a wɔwɔ Amanaman Nkabom mu no anya hokwan pɛpɛɛpɛ sɛnea wosusuw sɛ wɔde woo wɔn no ankasa?
Ɛwom sɛ asetra a obi nsen obi a nnipa nyinaa benya no yɛ “turodoo” de, nanso ɛrentumi nyɛ yiye sɛ nnipa nyinaa benya hokwan a ɛne “Nkwa, Ahofadi ne Anigye a wɔhwehwɛ” no pɛ. Sɛ nhwɛso no, asetram hokwan pɛ bɛn na yebetumi aka sɛ yɛanya bere a wɔ Afrika no, ɛsɛ sɛ oduruyɛfo biako hwɛ abofra biako ne nnipa foforo 2,569, na wɔ Europa no, ɛsɛ sɛ oduruyɛfo biako hwɛ abofra biako ne nnipa foforo 289 pɛ no? Anaasɛ dɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛn nyinaa wɔ ahofadi ne anigye a wɔhwehwɛ no pɛ bere a wɔ India no, mmarimaa baasa biara mu biako ne mmeawa baasa biara mu baanu nyin bɛyɛ wɔn a wonnim akenkan ne akyerɛw, na wɔ mmeae te sɛ Japan, Germany, ne Great Britain no, ɛkame ayɛ sɛ abofra biara nya nhomasua hokwan no?
So nnipa a wɔwɔ Amerika Mfinimfini fam aman a sɛ wɔkyɛ wɔn sika mu pɛpɛɛpɛ a, obiara benya $1,380 no betumi anya asetram “nidi ne hokwan” koro no ara te sɛ wɔn a wɔwɔ France a sɛ wɔkyɛ wɔn sika mu pɛpɛɛpɛ a, obiara benya $24,990 no? Asetra a obi nsen obi bɛn na abeawa a wɔwo no foforo wɔ Afrika a wɔhwɛ kwan sɛ ne nkwa nna bɛyɛ mfe 56 no wɔ bere a wɔde no toto abeawa a wɔwo no Amerika atifi fam a wɔhwɛ kwan sɛ ne nkwa nna bɛyɛ mfe 79 ho no?
Asetra a ebinom sen afoforo wɔ afã ahorow pii, na emu biara nye. Asetra mu gyinabea, akwahosan hokwan ahorow ne nhomasua yɛ nneɛma a ebinom sen afoforo wom no mu kakraa bi pɛ. Ɛtɔ mmere bi a, amammuisɛm, mmusua anaa nyamesom mu nsonsonoe titiriw na ɛmma nnipa bi nnya nidi ne ahofadi. Ɛmfa ho sɛ wɔka asetra a obi nsen obi ho asɛm bere nyinaa no, yɛte wiase a ebinom sen afoforo mu. Te sɛ amanehunu no—“ade a ɛde ahohia kɛse ba,” sɛnea wɔkyerɛ asɛmfua no ase no—asetra a ebinom sen afoforo abu so wɔ nnipa asetra nyinaa mu. Ɔhaw a ɛde ba a ɛne ohia, yare, anibiannaso, adwuma a wonnya nyɛ ne nyiyim no mu yɛ den yiye.
“Wɔbɔɔ nnipa nyinaa pɛ.” Anigyesɛm bɛn ara ni! Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛhow sɛ sɛnea ɛte ankasa no bɔ asɛm no abira koraa!
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
UN PHOTO 152113/SHELLEY ROTNER