Asetra a Ebinom Sen Afoforo Ho Haw a Yɛbɛbrɛ No Ase
Ɛrenkyɛ Ɔbɔadeɛ no de asetra a obi nsen obi a adesamma hwehwɛ no bɛba. Ɛnkosi saa bere no, yebetumi afa akwan bi so abrɛ ɔhaw a asetra a ebinom sen afoforo de aba yɛne yɛn mmusua so no ase kakra. Sɛnea Nelson Mandela, kan South Africa mampanyin, kae no, “Ɛnyɛ nneɛma a yɛwɔ no na ɛde mpaapaemu ba, na mmom sɛnea yɛde saa nneɛma no di dwuma no.”
ABAKƆSƐM si ne nsɛm no so dua. Mmarima ne mmea pii na wɔamma wɔn pii wɔ awo mu nanso esiane sɛnea wɔde nea wɔwɔ no dii dwuma nti, esii wɔn yiye ma wɔyɛɛ soronko koraa wɔ wɔn mfɛfo a wɔmaa wɔn pii no ho. Ɔkwan foforo so no, nnipa bi wɔ hɔ a wɔmaa wɔn pii wɔ awo mu nanso wɔsɛee nea wɔwɔ no ma wɔamfa anni dwuma ɔkwampa so.
Fa Nea Wowɔ no Di Dwuma Ɔkwampa So!
Yehowa Adansefo ani gye ho yiye sɛ wɔbɛboa nkurɔfo ma wɔanya Onyankopɔn atirimpɔw ho nimdeɛ denam Bible no a wobesua so. Nanso, wonim sɛ ansa na nkurɔfo benya Bible nkyerɛkyerɛ mu mfaso akosi ase no, ɛsɛ sɛ wohu akyerɛw ne akenkan. Ne saa nti, Yehowa Adansefo akyerɛkyerɛ nnipa ɔpedudu pii ma wɔahu akyerɛw ne akenkan, a emu 23,000 (sɛnea na ɛte wɔ 1990 mfe no mfinimfini no) fi Afrika Atɔe fam man biako pɛ mu. Bere a San Francisco Examiner retwe adwene asi asetram nneɛma soronko a Yehowa Adansefo de ma so no, ɛkae sɛ: “Wubetumi abu wɔn sɛ ɔmamma a wɔfata sɛ wosuasua wɔn. Wɔde nsiyɛ tua tow, hwɛ ayarefo, bɔ mmɔden sɛ wobetu akyerɛw ne akenkan a wonnim ase.”
Bio nso, ɛdenam baguam ɔkasa ho ntetee a etu mpɔn so no, Yehowa Adansefo atete nnipa ɔpehaha pii ma wɔabɛyɛ akasafo a wotumi kasa yiye wɔ baguam. Saa nnipa mpempem pii yi mu bi ne wɔn a bere bi na wɔwɔ kasa ho nsɛnnennen no. Susuw ɔbarima bi a ofi South Africa a ɔkyerɛw nea edi so yi ho hwɛ: “Ná me po dodo araa ma na mintumi nkasa wɔ nnipa mu, na mpɛn pii no na mema afoforo na ɛkasa ma me. . . . Bere a mede me ho hyɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu mu na bere dui sɛ mɛkenkan Bible no akyerɛ atiefo kakraa bi no, . . . , mepoo dodo araa ma mantumi anwie dwumadi no wɔ bere ano. Wɔ nhyiam no akyi no, [ɔfotufo] no fi ayamye mu maa me afotu a ɛfata. Ɔde nyansahyɛ mae sɛ metumi akenkan ade akyerɛ me ho denneennen. Meyɛɛ saa, na da biara da no, na mede bere kakra kenkan Bible ne Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma denneennen.” Saa ɔbarima yi nyaa nkɔanim araa ma mprempren ɔma baguam ɔkasa kyerɛ atiefo a wɔn dodow yɛ ɔhaha pii, mpempem pii mpo.
Asetra a Obi Nsen Obi a Wonya Wɔ Anuanom Mu
Ɛdefa nhomasua, akwahosan ho nhyehyɛe, sikasɛm ne nnipa gyinabea wɔ asetra mu ho no, tebea a ɛwɔ Yehowa Adansefo mu no yɛ soronko koraa. Wiase tebea a ɛnyɛ pɛ mu a wɔte nti na ama nsonsonoe a ɛte saa aba wɔn ntam no. Nanso nea ɛne nyamesom akuw foforo bɔ abira no, ɛkame ayɛ sɛ wɔayi mmusua, asetra, ne sikasɛm mu nyiyim afi wɔn mu koraa.
Wɔayɛ eyi denam mmɔden kɛse a wɔbɔ sɛ wɔde nea wɔasua afi Bible mu bedi dwuma no so. Wofi koma nyinaa mu de Bible nnyinasosɛm ahorow te sɛ nea edidi so yi di dwuma: ‘Onyankopɔn nhwɛ ade sɛnea onipa hwɛ no, na onipa hwɛ nea etua aniwa, na Yehowa de, ɔhwɛ komam.’ (1 Samuel 16:7) “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka! Monna nnwen nneɛma a ɛyɛ fɛ nnipa nyinaa anim! Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.”—Romafo 12:17, 18; hwɛ 1 Timoteo 6:17-19; Yakobo 2:5, 9 nso.
Esiane saa Bible nnyinasosɛm yi a ɛde biakoyɛ ba a Yehowa Adansefo di akyi denneennen nti, wɔmma asetra a ebinom sen afoforo a mmusua, asetra, anaa sikasɛm mu nsonsonoe de ba ho kwan wɔ wɔn mu. Sɛ nhwɛso no, ɛnyɛ saa nneɛma yi so na wogyina hu onii ko a ɛsɛ sɛ wɔde ɔsom hokwan ahorow ma no wɔ Kristofo asafo no mu. Honhom fam ahwehwɛde nkutoo so na wogyina de asɛyɛde te sɛ nkyerɛkyerɛ ne ɔhwɛ adwuma no hyɛ obi nsa.—1 Timoteo 3:1-13; Tito 1:5-9.
Wɔ ankorankoro a wɔahu asetra a ebinom sen afoforo ho amanne wɔ wiase a asɛe yi mu no fam no, hwɛ sɛnea ɛyɛ abotɔyam sɛ afoforo bu wɔn sɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ gyinabea koro wɔ wɔn Bɔfo no anim! Martina betumi adi eyi ho adanse. Bere a ne papa gyaw n‘abusua no, wɔtetee no wɔ ɔwofo biako abusua a wodi hia mu. Bere nyinaa na wobu no sɛ nea ɔnka nnipa ho, na onni n’ankasa mu ahotoso, na na ɛyɛ den ma no sɛ ɔne afoforo bɛbɔ. Ɔbɛyɛɛ anibiannaso. Nanso, nneɛma sakrae bere a ofii ase suaa Bible no na ɔbɛyɛɛ Yehowa Ɔdansefo no. Ɔka sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekɔ so di nsusuwii a ɛmfata so, nanso seesei mitumi gyina ɔhaw no ano yiye. Manya obu ama me ho, na mede ahotoso kɛse na ɛkasa. Nokware no ama m’ani ku asɛyɛde ho. Seesei minim sɛ Yehowa dɔ me, ɛne sɛ nkwa som bo.”
Sɛ́ amanaman ntam Kristofo kuw no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ nsase bɛboro 230 so nya asetra a obi nsen obi a nokwarem no, ɛda nsow wɔ nnɛ wiase yi mu no. So nyamesom ahyehyɛde foforo bi betumi aka saa ara, na ɛde nokwasɛm ahorow afoa so?
Nokwarem no, Yehowa Adansefo gye nokwasɛm tom. Wogye tom ntɛm sɛ esiane sɛ wɔnyɛ pɛ nti, wɔrentumi nyi nnipa asetra a ebinom sen afoforo no mfi hɔ sɛnea afoforo a wɔde mfehaha pii abɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ saa—na anyɛ yiye no. Nanso, wodi ahurusi sɛ wɔ wɔn ankasa mu no, wɔabɔ mmɔden kɛse abrɛ ɔhaw a edi awu yi ase. Na esiane Onyankopɔn bɔhyɛ mu gyidi a emu yɛ den a wɔwɔ nti, wɔhwɛ wiase foforo a trenee te mu a asetra a ebinom sen afoforo befi hɔ koraa no kwan.
Yiw, ɛrenkyɛ wɔbɛma nnipa asoɔmmerɛfo nyinaa anya “nidi ne hokwan” koro sɛnea wɔn Bɔfo no pɛe sɛ wonya no mfiase no. Anigyesɛm bɛn ara ni! Na saa bere yi de, ɛbɛbam ankasa!
[Mfonini wɔ kratafa 7
Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wobetu akyerɛw ne akenkan a wonnim ase denam nnipa ɔpedudu pii a wɔkyerɛ wɔn akyerɛw ne akenkan no so
[Kratafa 8 mfonini]
Bible mu nokware boa ma woyi mmusua, asetra, ne sikasɛm mu nyiyim fi hɔ