Nneɛma A Atwa Yɛn Ho Ahyia Ho Ban A Yɛbɔ—Aba Bɛn na Asow?
CHERNOBYL, Bhopal, Valdez, Three Mile Island. Ɛda adi sɛ edin te sɛ eyinom ma yɛkae nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho asiane a asi wɔ wiase afã horow no. Saa asiane yi mu biara kae yɛn sɛ asase so nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no da asiane mu.
Tumidi ahorow ne ankorankoro de kɔkɔbɔ ahorow ama. Ebinom ayɛ ade baguam de ada wɔn nsusuwii adi. Engiresini bea bi a ɔhwɛ nhomakorabea so kyekyeree ne ho fam katapila bi ho sɛ ɔrempene mma wonyi kwan mfa kwae frɔmm bi a mmoa wom mu. Aboriginefo mmea baanu a wɔwɔ Australia dii ɔsatu bi anim yɛɛ ade tiaa uranium a wɔpɛ sɛ wotu wɔ ɔman agodibea bi no. Wogyaee ne tu too hɔ kakra. Ɛwom sɛ ɛyɛ adwempa de, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na wogye saa mmɔden a wɔbɔ yi tom. Sɛ nhwɛso no, na hann a ano yɛ den a epue fi nuklea ahoɔden a ɛwɔ po ase ahyɛn a amem mu no ho asɛm haw po so sraani panyin bi a na ɔwɔ Soviet nniso ase no. Bere a ɔde mmeae a eyinom wɔ ho asɛm too gua no, wɔkyeree no.
Ahyehyɛde ahorow nso de nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho asiane ho kɔkɔbɔ rema. Emu bi ne Amanaman Nkabom Nhomasua, Nyansahu, ne Amammerɛ Ahyehyɛde; Amanaman Nkabom no Nhyehyɛe a Ɛhwɛ Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia So; ne Greenpeace ahyehyɛde no. Ebinom wɔ hɔ a, bere a nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho haw ka wɔn adwuma nkutoo na wɔka ho asɛm. Afoforo agye ato wɔn ho so sɛ wɔde nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛm bɛto gua. Wonim Greenpeace ahyehyɛde no yiye sɛ wɔsoma wɔn a wodi akoten wɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛm mu ma wɔkɔ mmeae a ɛho nsɛm asɔre denneennen no ma wɔtwe ɔmanfo adwene si nsɛm te sɛ asase so hyew a ɛreyɛ, afifide ne mmoadoma a wɔn ase retɔre, ne mmoa ne afifide a wɔasakra wɔn mu nkwaadɔm a wɔn ase rehyew so.
Wɔn a wodi akoten no binom ka sɛ “wɔboapa yɛ basabasa de da asiane a wiase mu nneɛma a atwa yɛn ho ahyia wom adi.” Enti, wɔnam akwan te sɛ wɔn ho a wɔkyekyere fam mmeae a wɔpae nnua no apon ho so sɔre tia kwae a atra hɔ mfehaha pii a wɔsɛe no no. Kuw foforo a wodi akoten sɔre tiaa ɔman bi mmara a ɛfa bonsu yi ho denam kaakaamotobi a n’ani soso a wɔhyɛ kɔɔ ɔman no aban nanmusifo dwumadibea de kyerɛe sɛ wɔrehwɛ ɔman no nneyɛe no so.
Nsɛm pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔde adwene si so. Sɛ nhwɛso no, ankorankoro ne ahyehyɛde ahorow de kɔkɔbɔ ahorow a ɛfa nsu a ɛresɛe ho ama ntoatoaso. Nanso, tebea no nyɛɛ yiye koraa. Nnipa ɔpepepem biako na wonnya nsupa nnom. Sɛnea Time nsɛmma nhoma kyerɛ no, “nnipa ɔpepem 3.4 na nyarewa a wonya fi nsu mu kunkum wɔn afe biara.” Mframa a wɔsɛe no nso di awu saa ara. The State of World Population 2001 bɔ amanneɛ sɛ “nnipa bɛyɛ ɔpepem 2.7 kosi ɔpepem 3.0 na mframa a wɔsɛe no kum wɔn afe biara.” Ɛde ka ho sɛ “abɔnten mframa a asɛe pira nnipa boro ɔpepepem 1.1.” Ɛho nhwɛso pɔtee bi ne sɛ, ɛbɔ amanneɛ sɛ “efĩ a ɛwɔ mframa mu no na ɛde ɔhome mu nyarewa a ɛka mmofra a wɔwɔ Europa no bɛyɛ ɔha mu nkyem 10 ba.” Yiw, kɔkɔbɔ ahorow a wɔde ma ne nea wɔayɛ wɔ ho nyinaa akyi no, ɔhaw ahorow a ɛba nneɛma atitiriw a ɛho hia ma nkwa so yi reyɛ kɛse.
Wɔ pii fam no, ɛte sɛ nea tebea no bɔ abira. Wɔka nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛm pii sen bere biara. Ankorankoro ne ahyehyɛde pii na wɔakyerɛ anigye sen bere biara sɛ wɔbɛma yɛn atrae atew. Nniso horow no abuebue dwumadibea ahorow a ɛbɛboa adi ɔhaw ahorow no ho dwuma. Yɛwɔ mfiridwuma mu nimdeɛ pii a yɛde bedi ɔhaw ahorow ho dwuma sen bere biara. Nanso, ɛte sɛ nea nneɛma ntumi nyɛ yiye. Dɛn ntia?
Mmɔden Biara a Wɔbɔ no So Mfaso Sua Sen Emu Haw
Ná mfiridwuma mu nkɔanim botae ne sɛ ɛbɛma yɛn asetra ayɛ mmerɛw. Akwan bi so no atumi ayɛ saa. Nanso, ɛyɛ saa “nkɔanim” yi na ama nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho haw ayɛ kɛse no. Yɛn ani sɔ abɔrehude ne nkɔanim a mfiridwuma ama yɛanya no, nanso nneɛma a wɔyɛ ne dwuma a yɛde di yi taa kowie asase no afã bi a wɔsɛe no mu.
Eyi ho nhwɛso ne kar ahorow. Eyinom ama akwantu ayɛ ntɛm na ayɛ mmerɛw. Nnipa kakraa bi na wɔbɛpɛ sɛ wɔsan de pɔnkɔ ne kar a wɔde pɔnkɔ twe bedi dwuma. Nanso, nnɛyi akwantu nhyehyɛe de ɔhaw ahorow aba. Emu biako ne asase so hyew a ɛreyɛ no. Nnipa resɛe wim nneɛma denam nneɛma a wɔabɔre ahu a epuw mframa tɔn ɔpepem pii bere a wɔde di dwuma no so. Wɔka sɛ saa mframa yi na ɛde ɔhyew ba asase so, a nea efi mu ba ne wim a ɛyɛ hyew no. Wim akɔ so ayɛ hyew wɔ afeha a atwam no mu. U.S. Asoɛe a Ɛbɔ Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia Ho Ban no bɔ amanneɛ sɛ “afeha a ɛto so 20 no mu mfe 10 a wim yɛɛ hyew sen biara no nyinaa sii wɔ afeha no mfe 15 a etwa to no mu.” Nyansahufo bi gye di sɛ wɔ afeha 21 mu no, sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, wim hyew betumi akɔ soro digrii Celsius 1.4 kosi 5.8.
Wɔhwɛ kwan sɛ wim a ɛyɛ hyew no de ɔhaw afoforo bɛba. Sukyerɛma a ɛtɔ wɔ Kusuu fam no so retew. Nsukyenee bi a ne kɛse yɛ kilomita ahinanan 1,250 wɔ Antartic no dwiriw gui wɔ afe 2002 mfiase. Ɛpo betumi ayiri yiye wɔ afeha yi mu. Esiane sɛ asase so nnipa dodow bɛyɛ abiɛsa mu biako te bɛn ɛpo no nti, awiei koraa no eyi betumi ama wɔahwere afie ne mfusase. Ebetumi de nsɛnnennen kɛse abrɛ nkurow a ɛdeda mpoano no nso.
Nyansahufo gye di sɛ wim a ɛyɛ hyew kɛse no bɛma osu atɔ paa, na akɔ so asesa wim tebea koraa. Ebinom gye di sɛ ahum a ano yɛ den te sɛ nea ekum nnipa 90 na ɛsɛee nnua ɔpepem 270 wɔ France wɔ 1999 mu no yɛ nea ebesi daakye no nsusuwso kɛkɛ.Nhwehwɛmufo afoforo te nka sɛ wim nsakrae bɛtrɛw nyarewa te sɛ atiridiinini, dengue, ne ayamtu mu.
Kar ho nhwɛso no kyerɛ sɛnea ebia nyansahu mu nimdeɛ a emu dɔ—abɔrehude a mfaso wɔ so ma nnipa nyinaa, de ɔhaw pii a ɛka asetra afã horow ba. Human Development Report 2001 mu nsɛm no yɛ nokware: “Mfiridwuma mu nkɔanim biara de mfaso horow ne asiane ahorow ba, na emu bi wɔ hɔ a, ɛyɛ mmerɛw sɛ wobehu ho asɛm asie.”
Mpɛn pii no wɔde nyansahu mu nimdeɛ ankasa di nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho haw ho dwuma. Sɛ nhwɛso no, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho animdefo fi bere tenten akasa atia nnuru a wɔde kum mmoawammoawa no. Bere a wɔyɛɛ afifide a wɔasakra mu nkwaadɔm a ɛbɛtew nnuru a wɔde kum mmoawammoawa dwumadi so anaa ɛmma wɔmfa nni dwuma bio no, na ɛte sɛ nea nyansahu mu nimdeɛ ama yɛanya ɔhaw no ano aduru a ɛfata. Nanso, bere a wɔsɔɔ Bt aburow a wɔyɛe sɛ enkum aburow mu mmoawa a wɔmfa aduru nni dwuma no hwɛe no, ɛdaa adi sɛ ebetumi akum gyahene mfofantɔ nso. Enti, ɛtɔ mmere bi a, “ano aduru ahorow” di huammɔ, na etumi de ɔhaw afoforo ba.
So Aban Ahorow no Betumi Aboa?
Esiane sɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a ɛresɛe ho haw no sõ nti, ano aduru a edi mũ a wobenya no bɛhwehwɛ sɛ wiase nniso ahorow no bɛyɛ biako. Wɔ tebea ahorow bi mu no, ɛyɛ nea ɛfata nkamfo sɛ aban ananmusifo de akokoduru a ehia kamfo akyerɛ sɛ wɔnyɛ nsakrae a mfaso wɔ so a ɛbɛboa nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no. Nanso, wontumi nnii nkonim ankasa.
Eyi ho nhwɛso ne amanaman ntam nhyiam a wɔyɛɛ wɔ Japan wɔ 1997 mu no. Aman no gyee kyim, dii anobaabae wɔ nhyehyɛe a ɛfa apam bi a wɔde bɛtew nneɛma a epuw mframa bɔne a ɛde wim ɔhyew ba so no ho. Nea ɛyɛɛ nnipa pii nwonwa no, awiei koraa no, wogye toom. Wɔbɛfrɛɛ apam yi sɛ Kyoto Apam. Wɔkyerɛe sɛ, sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, enkosi afe 2012 no, na aman a wodi yiye te sɛ Europa Aman Nkabom, Japan, United States atew nneɛma a ɛde mframa bɔne ba no so ɔha mu nkyem 5.2. Ná ɛtɔ asom. Nanso, wɔ afe 2001 mfiase no, U.S. aban no daa no adi sɛ ɔretwe ne ho afi Kyoto Apam no ho. Eyi ama nnipa pii ho adwiriw wɔn, esiane sɛ United States a wɔn dodow nnu wiase nnipa dodow mu ɔha mu nkyem 5 de mframa bɔne no mu anan mu nkyem biako ba nti. Bio nso, aban afoforo atwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobegye apam no atom.
Nhwɛso a yɛaka ho asɛm no kyerɛ sɛnea ɛyɛ den ma aban ahorow no sɛ wɔde ano aduru a ɛfata bɛma. Ɛyɛ den sɛ wobenya aban horow no ma wɔayɛ nhyehyɛe, na ɛyɛ den nso sɛ aban ahorow no bɛpene ɔkwan a wɔbɛfa so adi nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛm ho dwuma. Sɛ wɔpene de wɔn nsa hyɛ nhyehyɛe ahorow ase mpo a, afã horow no bi ntumi nni wɔn bɔhyɛ so akyiri yi. Afoforo nso hu sɛ ɛyɛ den sɛ wobedi nhyehyɛe horow no ho dwuma. Wɔ tebea foforo mu no, aban ahorow anaa nnwumakuw te nka sɛ wɔrentumi mfa yɛn atrae a wosiesie no ho ka. Wɔ mmeae ahorow bi no, nea ɛde ba ara ne adifudepɛ, bere a nnwumakuw akɛse no hyɛ aban horow no denneennen sɛ wɔnnyɛ biribiara a ɛbɛma nnwuma akɛse no mfaso a wonya so atew no. Wonim sɛ nnwumakuw akɛse no pɛ sɛ wɔde asase no bedi dwuma sɛnea wobetumi biara anya nea wɔpɛ ɛmfa ho ɔhaw biara a ebefi wɔn nneyɛe no mu aba daakye no.
Nea ama asɛm no asɛe koraa ne sɛ, ɛnyɛ nyansahufo nyinaa na wɔn adwene hyia wɔ sɛnea efĩ bɛsɛe asase akodu no ho. Enti, ebia aban mmarahyɛfo ntumi nhu baabi a ɛsɛ sɛ wosiw mfiridwuma a ɛredɔɔso no ano kodu na ama wɔadi ɔhaw bi a ebinom susuw sɛ ebia ɛbɛyɛ kɛse anaa ɛnyɛ ho dwuma.
Adesamma wɔ tebea a emu yɛ den paa mu. Obiara nim sɛ ɔhaw bi wɔ hɔ na ehia sɛ wɔyɛ ho biribi. Aman ahorow bi rebɔ ho mmɔden paa, nanso yɛ ara na nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho haw ahorow mu reyɛ den wɔ mmeae pii. So wɔahyɛ ato hɔ sɛ asase no bɛyɛ baabi a nnipa ntumi ntra? Ma yɛnhwehwɛ asɛmmisa yi mu wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 23]
DEDE A ETUATUA ASO
Efĩ biako bi wɔ hɔ a wonhu nanso wɔte—dede a etuatua aso. Animdefo ka sɛ ɛsɛ sɛ ɛno nso ho asɛm hia yɛn efisɛ ebetumi ama obi aso asiw, wadwennwen, wanya mogya mmoroso, kɔdaanna, na n’adwumayɛ akɔ fam. Ebia mmofra a wɔkɔ sukuu wɔ beae a dede wɔ no akenkan bɛsɛe.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 23]
KWAE A WƆSƐE NO MA AKISI SƐE NNEƐMA
Bere a akisi sɛee nneɛma kɛse wɔ nkurow 15 a ɛwɔ Samar, Philippines, mu no, aban no de sobo no too kwae a wɔasɛe no so. Kwae a wɔsɛee no no tew mmoa a wɔkyere akisi we ne nnuan a akisi di so. Akisi no tu kɔɔ mmeae a nnipa pii wɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya aduan.
[Mfonini wɔ kratafa 23]
© Michael Harvey/Panos Pictures
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 23]
WURA A EDI AWU PIRA WƆN?
Bere a Michael dii asram abiɛsa ne fã no, kokoram bi a wɔfrɛ no neuroblastoma yɛɛ no. Sɛ ɛno nkutoo ne nea esii a, anka ɛrenyɛ nwonwa pii. Nanso, akyiri yi wohui sɛ kokoram ayɛ mmofra afoforo bɛyɛ 100 a wofi kurow ketewaa koro no ara mu nso. Eyi maa awofo pii bɔɔ hu. Ebinom susuwii sɛ ebia nnwumakuw a wɔyɛ nnuru wɔ saa beae no na ama kokoram ho nsɛm no adɔɔso. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe daa no adi sɛ obi a ɔde kar twe nneɛma funu de nsu a awuduru wom a ɔtwe fii nnwumakuw no biako mu agu ankora mu akosisi beae bi a na anka wɔyɛn nkokɔ, na ɛtɔ mmere bi a wohwie gu hɔ. Nhwehwɛmufo hui sɛ awuduru no asɛe ɛhɔnom abura mu nsu no. Awofo no susuwii sɛ ɛbɛyɛ sɛ eyi na ɛde kokoram brɛ wɔn mma no.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 24]
NNURU A EDI AWU
Bere a Wiase Ko II baa awiei no, wosiw nneɛma a edi awu a emu duru yɛ tɔn 120,000, a emu fã kɛse no ara yɛ phosgene ne sinapi mframa bɔne ano de guu po so ahyɛn mu ma ɛmemee wɔ po so, na ebi koduu Northern Ireland atifi fam atɔe. Russiafo nyansahufo abɔ kɔkɔ sɛ saa nneɛma no betumi asosɔw nnɛ.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 24]
MFRAMA A WƆSƐE NO DI AWU
Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no ka sɛ awuwuawuwu a ɛkɔ so wɔ wiase nyinaa afe biara no mu ɔha biara mu 5 kosi 6 fi mframa a wɔasɛe no. Wɔ Ontario, Canada, nkutoo no, wɔbɔ amanneɛ sɛ ɔmanfo sɛe bɛboro dɔla ɔpepepem 1 afe biara wɔ akwahosan ne adwuma a wɔtotom ho, na mframa a wɔasɛe no na ɛde ne nyinaa ba.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 24]
ƐPO MU MMIRE RESA
Apofofo a wɔwɔ Asia Kesee fam atɔe binom de cyanide gu po mu ma ɛbow mpataa a wɔwom no na ama wɔn yi ayɛ mmerɛw. Awuduru no hohoro fi apataa no ho, ma enti wotumi we. Nanso, awuduru no ka po nsu no mu, na ekunkum po mu mmire no.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 24]
SO ƐSƐ SƐ WOHYƐ NKATAANIM A WƆHYƐ DE YƐ OPREHYƐN?
Asiaweek nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ mframa a asɛe wɔ Asia nkurow mu dodow no ara fi kar wusiw. Kar ne moto engine na mpɛn pii no ɛsɛe mframa kɛse, na ɛde efĩ nketenkete pii ba mframa mu. Eyi de nyarewa pii ba. Nsɛmma nhoma koro no ara bɔ amaneɛ sɛ: “Oduruyɛfo Chang-chuan a ofi Taiwan, a wasua nea efĩ de ba ho ade yiye no ka sɛ, kar wusiw de kokoram ba.” Asiafo binom hyɛ nkataanim a wɔhyɛ de yɛ oprehyɛn de bɔ wɔn ho ban. So saa nkataanim yi boa? Oduruyɛfo Chan ka sɛ: “Saa nkataanim yi ntumi mmoa. Mframa mu fĩ mu dodow no ara na esusua paa ma enti nkataanim kɛkɛ ntumi nsɔn so. Bio nso, . . . mframa tumi fa ho. Enti ɛmma wonnya nokware ahobammɔ.”
[Mfonini wɔ kratafa 23]
Nnua a wɔresan adua de aboa abɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho ban
[Mfonini wɔ kratafa 24]
AFP/Getty Images; atifi benkum so: Published with the permission of The Trustees of the Imperial War Museum, London (IWM H 42208); atifi nifa so: Howard Hall/howardhall.com