Yɛn Okyinsoromma a Wɔagu ho Fĩ Ho
Our Polluted Planet
Brazil: “Wɔn a wɔte [Cubatão] no frɛ no ‘Owu Bon.’ . . . Nnua ne dɔte no awu na, wɔ dodow a enya nkɔanim mu no, wɔwo mmofra bere a wɔawu anaasɛ wɔrewu. Ade a ɛte ase ne efĩ.”—Latin America Daily Post.
China: “China kusuu fam apuei nkurow akɛse pii mufo [rehu amane] wɔ mframa a wɔsɛe no mu a emu yɛ den araa ma gye sɛ kurow mma a akokwaw wɔn no nkutoo na wotumi nantew mmorɔn so ɛde rekɔ anwummere a wɔn ahurututu ho nhyehyew wɔn na wɔn ani mfi nsu.”—Time.
Denmark: “Onwini ne awɔw bere mu mframa ne ahum a etu fi kusuu fam atɔe pii nkutoo na ebetumi agye Denmark mpoano afi asase so nneɛma ɔsɛe mu. . . . Esiane mframa pa a wonnya [wɔ beae bi no nti], mpataa ne nsuboa rentumi ntra ase.”—Basler Zeitung.
Federal Republic of Germany: “Awuduru afrafra bi a ehwie guu Rhine mu [fii nnuru korabea a ogya toom wɔ baabi a ɛbɛn Basel, Switzerland, mu] no sɛee nneɛma a wɔasiesie wɔ Rhine so mfe 15 mu [ne mpataa tɔn pii]. . . . Sandoz asiane no de asase so nneɛma sɛe a anibere wom aba Rhine so akwansin 170.”—Der Spiegel.
Rusia: “Ná mfiridwuma mu asiane a esii wɔ Chernobyl no . . . yɛ nsakrae bere wɔ nnɛyi anibuei abakɔsɛm mu. Na na ɛyɛ amanehunu a ɛbɛka yɛn kɛse mfehaha pii. . . . Sɛ́ Europafo ɔpepem 570 hyiaa nnebɔne a efi nnuru mu ba, wɔrehyia na wɔbɛkɔ so ahyia mfe 300 wɔ akwan a ɛsonsonoe so no yɛ nea wontumi nhu nea ebefi mu aba no nsie.”—Psychologie Heute.
United States: “Nyansahufo . . . aka nneɛma a ɛhaw adwene afoforo ho asɛm sɛ wɔ atare a nsu a ɛtɔ yerɛdɛdɛ asɛe no akyi no, ama kwae atɔ ape na ebetumi aba sɛ ɛde akwahosan ho nsɛnnennen bɛba adesamma so denam nsu a wɔnom a ɛsɛe no so.”—Maclean’s.