Wosiw Efĩ Ano—Prɛko Pɛ!
“WƆRENTUMI nkwati sɛnea asɛm no te ankasa sɛ ahobammɔ nni nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no mu koraa sen sɛnea wɔtaa susuw no.” Sɛ na saa nsɛm yi yɛ nokware wɔ 1970 mu bere a ɔkyerɛwfo G. R. Taylor a wɔtɔ ne nhoma ahorow kɛse no kyerɛwee no a, hwɛ sɛnea ɛte saa kɛse nnɛ! Hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ adesamma betumi adi akwanside ahorow a esisi kwan mu wɔ ano aduru a ɛtra hɔ daa a wobenya wɔ efĩ ho no so rehuan. Nea ɛda adi sɛ ɛyɛ nokware ne sɛ nnipa hia ɔsoro mmoa.
Bere a Onyankopɔn bɔɔ adesamma no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ asase no so. (Genesis 1:28; 2:15) Mmom no, wɔ anibiannaso ne ahantan mu no, wɔagu ho fĩ. Nanso Ɔbɔadeɛ no ahyɛ bɔ sɛ ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔasɛe asase no.’ Bere a Onyankopɔn Ahenni nniso no asɛe wɔn a wogu asase no ho fĩ afi hɔ no, wobetumi ayi nneɛma a ɛde fĩ ba no afi hɔ.—Adiyisɛm 11:18.
Yesaia 11:9 rekyerɛ ɔkwan a wɔnam so bɛyɛ eyi no, ese: “Wɔrennyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na [Yehowa] hu bɛyɛ asase ma.” Akyinnye biara nni ho sɛ Ɔbɔadeɛ no bɛkyerɛkyerɛ adesamma asase no ne emu biribiara a atwa wɔn ho ahyia no ho biribiara a wohia sɛ wohu no sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ ɛso ahwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ a wobekwati bɔne biara a wɔbɛyɛ no anaa sɛe a wɔbɛsɛe no.
Onyankopɔn bɛsan de adesamma aba pɛyɛ tebea a wɔbɔɔ adesamma a wodi kan no wom no mu. Adwene a ɛyɛ pɛ a nokware nimdeɛ ahyɛ no ma na atemmu a ɛyɛ pɛ kyerɛ no kwan no rennyɛ nea adesamma mfomsodi wɔ so tumi. Wobeyi anibiannaso ne honam mmerɛwyɛ afoforo a yenim mprempren no nyinaa afi hɔ. Ɔsoro ahobammɔ beyi adebɔ mu asiane biara afi hɔ. Wobedi mfitiasede ahorow nyinaa mpo so pɛpɛɛpɛ.—Fa toto Marko 4:39 ho.
“[Yehowa] hu” ne afoforo ho a wosusuw de Onyankopɔn abɔde ho obu ne anisɔ a ebesiw ankorankoro kwan na wɔampɛ sɛ wobegu nneɛma ho fĩ ho suro bɛhyɛ adesamma mu. Nokwarem no, ama wɔanya nnipa a wɔte saa, nnipa a wɔayi “nipasu dedaw no ne ne nneyɛe” agu na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔde Kristofo nnyinasosɛm ahorow bɛtra ase dedaw. Sɛ nhwɛso no, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” Anaasɛ “Mommma sikanibere mma mo abrabɔ mu.” Foforo: “Obiara nnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, na mmom ɔnhwehwɛ nea ɛyɛ ne yɔnko de.”—Kolosefo 3:9, 10; Marko 12:31; Hebrifo 13:5; 1 Korintofo 10:24.
Wɔasiw Owudifo Otirimɔdenfo no Kwan!
Ɛde besi saa bere yi no yɛmmɔɔ onii titiriw a ɔma efĩ kɔ so no din. Ɔyɛ owudifo bi a aniwa ntumi nhu no, Onyankopɔn tamfo kɛse Satan Ɔbonsam. (Yohane 8:44; Hebrifo 2:14) Satan adwene a akyea no tumi susuw akwan ahorow a ɔbɛfa so agu Onyankopɔn anim ase na wasɛe Onyankopɔn abɔde ho yiye. Asase a wɔasɛe no na ɛso ayɛ fĩ nhyɛ Ɔbɔadeɛ a ɔyɛe sɛ ɛso ntew fɛfɛɛfɛ no anuonyam biara; na saa ara na adesamma a wɔbɔɔ wɔn Onyankopɔn suban so a wɔma kwan ma Ɔbonsam daadaa wɔn ma wɔyɛ nea ɔpɛ no nyɛ. (Efesofo 2:2) Mpɛn dodow a Satan da so te ase no, ɔko a wɔde tia efĩ no rentumi nni nkonim. Nanso twɛn!
Onyankopɔn bɔhyɛ ne sɛ: “Na mihuu ɔbɔfo bi a ofi soro resian . . . na ɔkyeree ɔtweaseɛ, ɔwɔ dedaw a ɔne Ɔbonsam no, kyekyeree no mfirihyia apem . . . na wankɔdaadaa amanaman no bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du.” (Adiyisɛm 20:1-3) Saa ɔbɔfo no ne Awurade Yesu Kristo a ɔbɛkyekyere Satan na ɔnam so ayi ne nkɛntɛnso afi amansan yi mu mfirihyia apem ma enti wayi ade titiriw a esiw wiase a efi nnim a wobenya kwan no afi hɔ no.
Wɔ Kristo Mfirihyia Apem Adedi bere no mu no. Asase okyinsoromma no benya bere a ɛdɔɔso a ɛde bɛde ne ho afi nea efi ayɛ no no mu. Onyankopɔn Ahenni no betumi ayɛ nea wɔasɛe no dedaw no biara yiye wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so. Wɔ bere no mu no, esiane sɛnea efĩ di awu kɛse no nti, ebia ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛbɔ yɛn ho ban afi nea ɛde ba no ho sɛnea yebetumi biara. Nokwarem no, akwan horow a wɔbɛfa so ayɛ eyi no sua, na ɛyɛ den sɛ wobetie Tom Lehrer afotu a wagugu mu yi: ‘Nnom nsu na nhome mframa.’ Nanso wobetumi afa akwan afoforo so. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 12 no mu.)
Bere a yɛfa akwan ahorow a ɛte saa so no, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ nea efĩ de ba no ho ahobammɔ a ɛsen biara ne sɛ yɛde yɛn ho bɛto Onyankopɔn Ahenni no so. Ɛno nkutoo na ebetumi anya asɛnnennen no ano aduru daa. Wɔ afe a etwaam no mu no, Yehowa Adansefo ne nnipa a wɔpɛ sɛ wosua Onyankopɔn ahwehwɛde ma asetra wɔ wiase foforo a efi nnim ho no yɛɛ dapɛn dapɛn Bible adesua bɛboro ɔpepem abiɛsa. So wobɛpɛ sɛ wunya mfaso fi saa ɔsom a wontua ho hwee yi mu anaa?
Anigye bɛn ara na ɛyɛ sɛɛ yi sɛ yehu sɛ ɔko a yɛde tia efĩ—owudifo otirimɔdenfo—no bɛba awiei nnansa yi ara. Saa ara na apere a yedi sɛ yebegyina efĩ awudi ano no nso te! Wobesiw efĩ ne onii a ɔde ba titiriw, Satan Ɔbonsam a wɔn baanu nyinaa yɛ awudifo no ano koraa—prɛko pɛ!
[Kratafa 12 adaka]
W’ankasa ho Ban a Wobɛbɔ wɔ Efi Ho
◼ Hwɛ w’akwahosan yiye, taa teɛteɛ w’apɔw mu na home sɛnea ɛfata
◼ Kwati sigaretnom, asabow ne nnubɔne, anaa su afoforo a ɛma nipadua no ahobammɔ nneɛma yɛ mmerɛw no
◼ Mma owia nhye wo ntra so
◼ Sɛ asiane wɔ hɔ sɛ wɔasɛe nsu a ɛwɔ mo mpɔtam hɔ no a fa ade a wɔde sɔn nsu so di dwuma
◼ Sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara no kwati nnuan a wɔde nnuru duae
◼ Kwati nnuru a wɔnom no basabasa esiane sɛ ɛkame ayɛ sɛ nnuru nyinaa wɔ biribi a enye nti
◼ Boa mmara ahorow a wɔayɛ de resiw efĩ ano no
[Kratafa 13 mfoni]
◼ Biribiara nni ho a ɛbɛyɛ nnaadaa wɔ Onyankopɔn wiase foforo fɛfɛ a efĩ nnim no ho