Adwene ne Koma a Wɔma Emu Tew
YEHOWA amfa efi anaa basabasayɛ ho akɔnnɔ anhyɛ nnipa mu. Ɔyɛɛ wɔn okyinsoroma fie no ma ayɛ paradise a ahotew, nhyehyɛe pa ne nneɛma a ɛyɛ fɛ wɔ so. Onyankopɔn ammɔ ne tirim sɛ ɛnsɛe nyɛ sumina tantaantan.—Genesis 2: 8, 9.
Nanso, bere a nnipa pow ɔsoro akwankyerɛ akyi no, wofii ase yɛɛ wɔn ankasa wiase nhyehyɛe bi. Esiane sɛ na wonni ɔsoro nyansa ne osuahu nti, ɛma wɔfaa nneɛma a wɔsɔ hwɛ so na esuaa ade. Wiase abakɔsɛm si Bible mu nokware a ese nnipa ankasa ntumi nni wɔn ho so mma ɛnyɛ yiye no so dua; ‘onipa adi onipa so tumi ma adan no bɔne’ mfe mpempem pii. (Ɔsɛnkafo 8:9; Yeremia 10:23) Nnɛyi ɔhaw a ɛne efi ahorow nyinaa no fi nnipa nniso bɔne.
Onyankopɔn Adwene a Wobegye Atom
Nnipa a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani no bɔ mmɔden denneennen sɛ wobedi Ɔbɔadeɛ no gyinapen ahorow a ɛfa ahotew ho no so. Enti, Yehowa Adansefo hyiaa ɔhaw bi bere a wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ amanaman ntam nhyiam bi wɔ Prague, Czechoslovakia, wɔ 1991 mfinimfini no.a Ná nnipa bɛyɛ 75,000 na wɔbɛkɔ, nnipa dɔm a na Strahov Agumadibea betumi afa wɔn a ahokyere nnim. Nanso na wɔmfaa agumadibea no nnii dwuma wɔ mfe anum mu. Na ayɛ basaa, na wim tebea asɛe no. Yehowa Adansefo bɛyɛ 1,500 de nnɔnhwerew bɛboro 65,000 siesiee no na wɔsan kaa ho nnuru. Eduu bere a wɔyɛɛ nhyiam no, na adwuma a wɔyɛ de siesiee hɔnom yi ama agumadibea no ayɛ beae a ɛfata sɛ wɔsom nokware Nyankopɔn, Yehowa, no wɔ hɔ.
Dɛn na ɛkanyan Yehowa Adansefo ma wɔyɛ soronko, bere a anisɔ kakraa bi na wiase no nyinaa kyerɛ wɔ ahotew ne nhyehyɛe pa ho no? Ɛyɛ Bible afotu a ese Kristofo ngu su horow a ɛmfata te sɛ pɛsɛmenkominya, afoforo ho a wonnwen, adifudepɛ ne ɔdɔ a wonni no ase ho anisɔ. Bible no se: “Munyi onipa dedaw no ne ne nneyɛe ngu.” Momfa “onipa foforo a wɔyɛ no foforo kɔ nimdeɛ mu Nea ɔbɔɔ no no suban so” nsi ananmu. Nipasu a ɛpɛ ahotew, nhyehyɛe pa, ne nneɛma a ɛyɛ fɛ no mpɛ su horow a ɛde fĩ ba.—Kolosefo 3:9, 10; 2 Korintofo 7:1; Filipifo 4:8; Tito 2:14.
Nipasu foforo no hwehwɛ sɛ Kristofo ma efi ho asɛm tra wɔn adwenem, na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ nneɛma fĩ anaa wɔde asoɔden bu mmara a nniso horow hyɛ de tia efĩ no so. Ɛboa ma wɔnnsɛe nneɛma, na wɔkwati pɛsɛmenkominya ne anihaw su a ɛma wɔtow nwura gu basabasa no. Esiane sɛ ɛhyɛ obu a wɔbɛkyerɛ ama afoforo agyapade ho nkuran nti, ɛmpene nneɛma ho a wokurukyerɛw sɛ ɔkwan a wɔnam so da wɔn adwene ne wɔn nkate horow adi, sɛ anigyede a mfomso nni ho, anaa mfonini bi. Ɛhwehwɛ sɛ wɔma afie, kar, ntade, ne nipadua ho tew.—Fa toto Yakobo 1:21 ho.
Ɛdefa nnipa a wɔmpɛ sɛ wɔhyɛ nipasu foforo yi ho no, sɛ Onyankopɔn amma wɔn nkwa wɔ ne Paradise a ɛreba no mu a, so wobetumi anunu no? Dabida. Obiara a ɔda so ara wɔ su horow a ɛma ɔyɛ nneɛma fĩ wɔ ne koma anaa n’adwene mu no betumi asɛe paradise tebea fɛfɛ a asan aba okyinnsoroma a ɛne Asase so no, na ama wɔn a wɔpɛ sɛ wɔma ɛtra hɔ no adi awerɛhow. Gyinae a Onyankopɔn asi sɛ ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no’ teɛ na ɔdɔ wom.—Adiyisɛm 11: 18; 21:8.
So Ɛsɛ sɛ Yɛde Yɛn Ho Hyem Nnamyɛ So?
Nanso, so eyi kyerɛ sɛ wɔhwehwɛ sɛ Kristofo ma nhyehyɛe a etia efĩ anaa nea wɔde yi efĩ fi hɔ no nya nkɔso?
Ɛda adi pefee sɛ efi sɛe akwahosan ne ɔmamfo ahobammɔ. Yehowa dwen nneɛma a ɛte sɛɛ ho wɔ ɔkwan a ɛfata so, sɛnea yebetumi ahu afi mmara nsɛm a ɔde maa Israelfo no mu no. (Exodus 21:28-34; Deuteronomium 22:8; 23:12-14) Nanso ɔnhyɛɛ wɔn pɛn da sɛ wɔnyɛ nnipa afoforo asuafo wɔ ɔmanfo ahobammɔ ho nsɛm ho; na wanka ankyerɛ afeha a edi kan no mu Kristofo da sɛ wɔnyɛ saa.
Ɛnnɛ, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛm betumi adan amammui mu akyinnyegye ntɛm ara. Nokwarem no, wɔahyɛ da atew amanyɛkuw ahorow bi a atirimpɔw no ne sɛ wɔde bedi nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho ɔhaw ahorow ho dwuma. Kristoni a ɔma wɔdaadaa no ma ogyina amammui kuw bi afa no nyɛ obi a onnyina afã biara wɔ amammui nsɛm mu bio. Yesu de nnyinasosɛm yi maa n’asuafo: “Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” Kristoni a obu saa ahwehwɛde no so no de ne ho reto asiane a ɛne sɛ ɔrekɔ “wi yi ase atumfo a wobeyi wɔn hɔ” no afã.—Yohane 17:16; 1 Korintofo 2:6.
Yesu ammɔ mmɔden sɛ obedi ne bere so asetra mu ɔhaw ahorow nyinaa ho dwuma; na wanka ankyerɛ n’asuafo nso sɛ wɔnyɛ saa. Ahyɛde a ɔde maa wɔn ne sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu . . ., na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” Ɛnyɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nhyehyɛe ahorow ho ahyɛde na ɔde maa wɔn.—Mateo 28:19, 20.
Kristo rekyerɛkyerɛ ade a ɛsɛ sɛ Kristoni ma edi kan wɔ asetra mu no, ɔkae sɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan.” (Mateo 6:33) Sɛ Yehowa nam ne Mesia Ahenni no so hwɛ ma wodi ne trenee nnyinasosɛm ahorow so wɔ wiase nyinaa a, wobedi nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no ho ɔhaw ahorow ho dwuma korakora ma obiara koma atɔ ne yam.
Enti, Yehowa Adansefo paw gyinabea a ɛkari pɛ. Esiane nea Romafo 13:1-7 ka nti, ɛyɛ ɔhyɛ sɛ wofi ahonim mu di aban mmara a ɛfa nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho no so. Afei nso, Onyankopɔn dɔ a wɔwɔ ma wɔn yɔnko no kanyan wɔn ma wɔkyerɛ obu ma afoforo agyapade—ɔmanfo ne ankorankoro de—denam sɛe a wɔnsɛe no ne nwura a wɔntow ngu basabasa no so. Nanso ɛda adi pefee sɛ wɔnhyɛɛ wɔn sɛ wonni kan wɔ wiase no nhyehyɛe a ɛfa ahotew ho no mu. Wɔde Onyankopɔn Ahenni ho nkrasɛm no ka di kan ma ɛfata, na wonim sɛ eyi ne ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ papa a ɛsen biara a ɛtra hɔ daa.
Honhom Fam Ahotew
Wɔde nea ebefi asase no a tete Israelfo begu ho fĩ denam mogyahwiegu, ahohwi asetra a wɔbɛpaw anaa akronkronne a wobebu no animtiaa so no mu aba ho kɔkɔbɔ maa wɔn mpɛn pii. (Numeri 35:33; Yeremia 3:1, 2; Malaki 1:7, 8) Nea ehia titiriw no, saa honhom fam fĩ yi ho na wobuu wɔn fɔ, na ɛnyɛ efĩ ankasa biara a ebia na wɔadi ho fɔ no nso.b
Enti, honhom fam fĩ na Kristoni a ɔwɔ hɔ nnɛ no bɔ mmɔden titiriw sɛ ɔbɛkwati. Ɔyɛ saa denam ‘nipasu foforo’ a egu efĩ su horow ase fi koma ne adwene mu a ɔhyɛ no so. Yehowa Adansefo ɔpepem anan ne akyi renya honhom fam ahotew mu mfaso, na wonya eyi wɔ wɔn mu wɔ nyamesom, abrabɔ ne honam fam titiriw.—Efesofo 4:22-24.
Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ wɔyɛ honhom fam ahotew adwuma no. Wɔbɛyɛ honam fam ahotew adwuma no wɔ ɛno akyi wɔ asase so nyinaa wɔ bere a ɛsɛ mu, na amma yɛn fie no annan wiase nyinaa sumina denam nneɛma a atwa ho yɛn ahyia a fĩ nnim a ɛfata sɛ enya a wɔbɛma anya no so.—Ɔsɛnkafo 3:1.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ wopɛ Europa Apuei Fam nhyiam horow no ho amannɛebɔ a ɛkɔ akyiri yi a, hwɛ April 8, 1992 Nyan! no mu.
b Ná Israelfo no nim sɛnea wɔnan fagude. Wɔahu amoa a wotuu kɔbere wom no nkae bi, na wɔnanee kɔbere de yɛɛ asɔrefi hɔ nneɛma. (Fa toto 1 Ahene 7:14-46 ho.) Ebetumi aba sɛ ɔkwan a wofaa so nan fagude no ma wɔyɛɛ nneɛma bi a ɛyɛ fĩ te sɛ wusiw, dadebin, ne ebia nneɛma afoforo. Nanso, ebia na Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛma efĩ kakra a wɔyɛe wɔ wɔn mpɔtam hɔ no ho kwan wɔ beae a atew ne ho a nnipa nnɔɔso wɔ hɔ no.