Di Daakye Asase a Ɛso Tew no ho Ahurusi!
HWƐ sɛnea yɛn ani betumi agye sɛ Yehowa, nhyehyɛe pa ne ahotew Nyankopɔn, no bɛma ne mfitiase atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma asase no adan wiase nyinaa paradise no abam! (Yesaia 11:6-9) Ɔhyɛ bɔ sɛ: “M’asɛm a efi m’anom . . . rensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.” ‘Onyankopɔn ntumi nni atoro,’ enti eyi nyɛ nsɛnhunu.—Yesaia 55:11; Hebrifo 6:18.
Yɛn koma betumi atɔ yɛn yam sɛ Yehowa befi ɔdɔ mu de ne ho agye mu ansa na nnipa ayɛ nneɛma fĩ a wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye!—Adiyisɛm 11:18.
Yehowa beyi wɔn a wɔyɛ nneɛma fĩ a wɔnkyerɛ ahonu ne nnipa a wɔde atuatew bu ne nnyinasosɛm ahorow a ɛfa nhyehyɛe pa ne ahotew so no afi hɔ. Ɔmma obiara kwan sɛ ɔnsɛe Paradise a wama asan aba no.—Mmebusɛm 2:20-22.
Wɔ Yesu Kristo akwankyerɛ ase wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase no, wobɛkyerɛ adesamma sɛnea wobeyi nneɛma a ɛde efĩ ba biara a aka no afi hɔ. Saa bere no—ɛnyɛ mprempren —na ɛbɛyɛ bere a ɛyɛ Onyankopɔn nkoa nyinaa asɛyɛde sɛ wɔde wɔn ho hyɛ ankorankoro ne kuw nhyehyɛe ahorow a ɛbɛboa ma wɔatew asase so nyinaa wɔ ɔkwan a ebi mmae da so no mu nnamyɛ so.—Fa toto Hesekiel 39: 8-16 ho.
Wɔn a wobenya nkwa wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne no awiei no de ahofama ne anigye koro no ara a wɔde nyaa nnɛ honhom fam ahotew adwuma no mu kyɛfa no bɛboa honam fam ahotew adwuma yi.—Dwom 110:3.
Asase a wɔatew so bɛba, nɛ efĩ a wobeyi afi hɔ adwuma kɛse a ɛsen biara a Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ no bedi anim aba. Wobeyi efĩ ho biribiara a aka afi hɔ. Yɛrenhu sɛ wɔakuru kyerɛw nneɛma ho wɔ baabiara. Yɛrenhu sɛ wɔatow ntumpan, nkankyee, rɔba bag, krataa a wɔde kyekyerɛ tɔfe ne chewing-gum ho, atesɛm nkrataa ne nsɛmma nhoma agu mpoano biara anaa baabi a ɛte sɛ paradise basabasa.
Di daakye asase a woatew so no ho ahurusi!
[Mfonini wɔ kratafa 7]
So wode wo ho bɛhyɛ asase no so nyinaa a wɔbɛma atew daakye no mu?