Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 2/15 kr. 3-4
  • Paradise Anaa Sumina—Nea Ɛwɔ He Na Wopɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Paradise Anaa Sumina—Nea Ɛwɔ He Na Wopɛ?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Enni “Paradise” Nkutoo
  • Nea Ɛnyɛ Hu Kɛse nanso Ɛhyɛ Abufuw Yiye
  • Adwuma Kɛse Ben Ara Ni!
  • Di Daakye Asase a Ɛso Tew no ho Ahurusi!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Adwene ne Koma a Wɔma Emu Tew
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Paradise—Biribi a Wɔde Adwene Bu Ara Kwa?
    Nyan!—1987
  • So Paradise Ankasa Bi Bɛba Da Bi?
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 2/15 kr. 3-4

Paradise Anaa Sumina​—Nea Ɛwɔ He Na Wopɛ?

NÁ OBIARA nni hɔ a ɔrenhu onii ko a ɔyɛ: Europani nsrahwɛfo bi a ohia ɔhome na ɔpɛ sɛ ɔto awia a ɛrebɔ wɔ supɔw bi a ɛte sɛ paradise so. Bere a ɔtraa anhwea siw akɛseakɛse a ɛwɔ mpoano hɔ no, ɔde ahwɛyiye nantew faa nwura a ɛne ntumpan, nkankyee, rɔba bag, nkratata a wɔde kyekyere tɔfe ne chewing gum ho, atesɛm nkrataa ne nsɛmma nhoma a woatow agugu hɔ no mu. Na eda adi pefee sɛ ne bo afuw, na na ontumi nhu sɛ eyi ne paradise a watu kwan aba hɔ no.

So woanya osuahu a ɛte saa ara pɛn? Dɛn nti na nkurɔfo nya adwene sɛ wɔbɛkɔ akodi akwamma wɔ mmeae bi a ɛte sɛ paradise, nanso sɛ wodu hɔ a, ɛte sɛ nea wɔn ahonim nhaw wɔn sɛ wobɛdan hɔnom sumina so ankasa?

Enni “Paradise” Nkutoo

Ɛnyɛ “mmeae a ɛhɔnom te sɛ paradise” a nsrahwɛfo pii kɔ hɔ no nkutoo na wobu wɔn ani gu nneɛma a ɛyɛ fɛ ne ahotew so pefee. Efĩ a ɛkame ayɛ sɛ a ɛwɔ baabiara no haw nnɛyi adesemma abusua no. Nnwuma pii nam nwura nkaribo tɔn pii a wɔyɛ so ma efĩ pii ba. Nwura a awuduru wom a wonni ho dwuma yiye ne fam ngo a akwanhyia ma ehwie gu reyɛ asɛe yɛn asase no mmeaemmeae pii, na ɛmma nneɛma a nkwa wom ntumi ntra hɔ.

Akodi nso de efĩ ba. Wiase no de ehu hwɛe bere 1991 Persian Gulf ɔko no de biribi foforo kaa ho. Iraq asraafo dɔm hyɛɛ da de ogya too fam ngo abura bɛyɛ 600 mu, na sɛnea Europafo atesɛm krataa bi kaa ho asɛm no, wɔdan Kuwait “adiyisɛm mu hell ho anisoadehu.” Germanfo nsɛmma nhoma Geo kaa ogyaframa no ho asɛm sɛ “nneɛma a atwa yɛn ho ahyia mu asiane a ɛsen biara a onipa ma aba pɛn.”

Ɔko no baa awiei no, wofii ase yɛɛ adwuma a wɔde bɛma hɔnom atew. Wɔde asram pii na ɛyɛɛ adwumaden de dunnum fam ngo abura a na ɛredɛw no nkutoo. World Health Organization bɔɔ amanneɛ sɛ efĩ a adɔɔso wɔ Kuwait no bɛma nnipa a wowuwu wɔ hɔ no anya nkɔanim ɔha biara mu nkyem 10.

Nea Ɛnyɛ Hu Kɛse nanso Ɛhyɛ Abufuw Yiye

Yɛwɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔsɛe no kɛse biara ho nhwɛso nketewaa mpempem pii wɔ hɔ. Ebia nnipa a wɔtow nwura gu mmɔnten so ne adan ho “mfoniniyɛfo” yɛ wɔn a wɔma efi ba a wɔn ho nyɛ hu kɛse de, nanso wɔboa ma okyinsoromma a ɛne asase no ntumi nyɛ paradise.

Wɔ mmeae bi no, wɔakurukyerɛw adan pii ho ma ɔmamma no adan “nneɛma a wɔakurukyerɛw wɔ adan ho no ho anifuraefo,” wonhu bio. Ɛwɔ keteke a ɛnam asase ase, adan ne telefon adan ho. Ɛnyɛ aban tiafi nkutoo ho na wɔkurukyerɛw nneɛma agu.

Adangow ne adan a nnipa nte mu ayɛ nkuropɔn bi mu ma. Afie ne adiwo a ɛhɔ ntew ama mmeae a aban nnipa adan wɔ fɛ asɛe. Kar ahorow a asɛe, mfiri a wɔatow agu, ne nwura ayɛ mfuw a anka emu betumi ayɛ anigye mu ma.

Mmeae bi no, ɛte sɛ nea nnipa no ho a ayɛ fi no nhaw wɔn. Ɛnyɛ sɛ ebia ntadehyɛ ne ahosiesie basaa a wɔde nantenantew no ye ma wɔn nko, na mmom ɛyɛ nea aba so mpo. Wobu wɔn a wɔkyerɛ ahotew ho anisɔ no sɛ wɔye ntetekwaa.

Adwuma Kɛse Ben Ara Ni!

Hwɛ efĩ a wɔbɛma afi hɔ adwuma kɛse a ebehia na wɔadan yɛn fie a ɛne asase no so mpoano, kwae ahorow, ne mmepɔw ma ayɛ paradise ahorow a wɔayɛ ho mfonini a ɛwɔ nsrahwɛfo nsɛmma nhoma a ɛyɛ fɛ akyi​—sɛ yanka nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ nkuropɔn, nkurow ne mfuw ne nnipa ankasa ho asɛm mpo a!

Nsrahwefo a wɔadi kan aka ne ho asɛm no ani gyei bere a ohui sɛ adwumayɛfo a wɔprapra fĩ nenam beae hɔ akyiri yi wɔ da no mu resesaw nwura pii no. Nanso, wogyaw gyirase a abobɔ, ntumpan ntuano, nkankyee a nnuan wom ano, ne sigaret asinasin pii guu hɔ. Enti bere a wosiesiee hɔ wiei mpo no, na adanse a ɛsɛ da so ara wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ asase no ani sɛ sumina kɛse sen paradise.

Asase so nyinaa a wobɛtew na okyinsoromma a ɛne Asase no annan wiase nyinaa sumina no bɛhwehwɛ sɛ woyi efĩ a ɛte sɛɛ a aka no nyinaa fi hɔ. So anidaso bi wɔ hɔ sɛ wobeyi efĩ a ɛte sɛɛ afi hɔ? Sɛ saa a, ɔkwan bɛn so? Hena na ɔbɛyɛ? Bere bɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena