Oo, sɛ Minya Mframa Pa A!
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ BRITAIN HƆ
SƐ WOHOME a, wotwe mframa pa kɔ wo mu? Oduruyɛfo bi a wɔfaa n’asɛm kae wɔ The Times a ɛwɔ London mu no ka sɛ nnɛyi mframa a wɔasɛe no no yɛ “ɔtamfo kɛse sen sigaretnom.” Wɔ England ne afei Wales no, mframa a asɛe kunkum nnipa bɛboro 10,000 afe biara. Wɔ wiase nyinaa, ne titiriw wɔ nkurow akɛse mu no, tebea no asɛe koraa.
Pii de wim mframa a asɛe no ho asodi to nnwumakuw a ɛyɛ kar no so. Seesei sɛnea ɛbɛyɛ na wɔama wusiw bɔne so atew no, wɔde biribi a ɛtew mframasɛe so ahyehyɛ kar foforo a efi aman pii mu ba no mu. Kar wusiw mu mframa bɔne a wɔfrɛ no hydrocarbon no dodow a ɛwɔ wim so atew ɔha mu nkyem 12 asen 1970 de no, na mframa a wɔfrɛ no nitrogen oxide ne carbon monoxide nso so ate saa ara. Ɛhaw nkokoaa a wopia wɔn wɔ nkokoaa akentɛngua mu no titiriw, esiane sɛ wɔne nea kar wusiw fi ba no di ntentenso nti. Na wɔn a wɔte kar mu no nso hyia mframa bɔne ho asiane no bi saa ara. Wɔbɔ amanneɛ sɛ tumi a mframa bɔne a ɛwɔ kar mu no nya wɔ wɔn a wɔte mu no so sen wɔn a wɔwɔ abɔnten de so mprɛnsa. Asiane foforo nso wɔ pɛtro pampan tutuw a wotwe kɔ wo mu bere a wode regu wo kar mu no mu.
Amanaman Nkabom no 1993-94 amanneɛbɔ wɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho no ka sɛ wɔ wiase nyinaa seesei no, mframa bɔne a atrɛw ne “Wusiw Bɔne a Ɛsensɛn Wim” no. Ɛte sɛ nea efĩ a ɛwɔ wusiw no mu anaa nneɛma nketenkete bi tumi kɔ ahurututu mu, na etumi de nnuru a ɛsɛe ade kɔ mu.
Nsɛm amanneɛbɔfo ka mframa a ɛsɔn owia ahoɔden so a ɛwɔ wim a ɛso retew no ho nsɛm pii. Wɔ fam no, owia a ɛbɔ no ma nitrogen oxide ne nneɛma foforo a etumi dan tutuw a ɛsɛe mframa no dan owia mu ahoɔden a ɛsɛe nneɛma. Saa tebea yi abu abɔ ho abien wɔ Britain wɔ afeha yi mu. Saa mframa horow yi sɛe aduru a wɔde ka dan ho ne ɔdan ho nneɛma foforo pii, na ɛma yare ka nnua, afifide, ne nnɔbae ahorow, na ɛte sɛ nea ɛma nnipa binom nya ahurututu mu yare. Ɛwom sɛ nneɛma a ɛsɛe mframa a ɛsɔn owia ahoɔden so no wɔ nkurow mu de, nanso nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ wɔn a wɔte nkuraase no na wohu ho amane kɛse. Wɔ nkurow akɛse mu no, nitrogen oxide no nonom owia ahoɔden a mframa a ɛsɔn owia so antumi ansɔn so no, nanso beae a oxide no nnɔɔso no, owia ahoɔden no nya hokwan trɛw kɔ akyiri kɔsɛe nneɛma.
Bio nso, The Times bɔ amanneɛ sɛ nneɛma a ɛsɛe mframa a “ɛwɔ fie no boro abɔnten de so mpɛn 70.” Nneɛma a ɛma mframa mu yɛ huam, kamfa, ne ntade mu ntutuw mpo sɛe mframa. Sigaret wusiw nso de bi ka akwahosan ho asiane a ɛwɔ afie mu no ho.
Ɛnde dɛn na wubetumi ayɛ de abɔ w’abusua ho ban? The Times a ɛwɔ London no de nyansahyɛ ahorow a edidi so yi mae.
• Ntaa mfa wo kar mpue. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wo ne afoforo ntaa mforo kar. Fa ntoboase ka kar. Sɛ kar horow kyere so anaasɛ sɛ wugyina hɔ kyɛ kakra a, dum wo gya no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, bere a wim ayɛ hyew no, fa wo kar no si beae a onwini wɔ na ama tutuw a efi pɛtro mu a ɛsɛe mframa no so atew.
• Paw sɛ wobɛteɛteɛ w’apɔw mu anɔpatutuutu a owia mu ahoɔden a ɛsɛe ade no nyɛɛ den no.
• Bara sigaretnom wɔ fie.
• Buebue wo pia mu mfɛnsere kakra anadwo na ɔhyew annyina ɔdan no mu na ama mframa bɔne apue.
Akyinnye biara nni ho, wo ne me yɛ adwene sɛ: Oo, sɛ minya mframa pa a!