Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 6/8 kr. 5-8
  • Ano Aduru a Ɛfata a Wɔhwehwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ano Aduru a Ɛfata a Wɔhwehwɛ
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma a Ɛsɛe Mframa a Wɔbɛtew So
  • Mmirikatu a Wɔbɛtew So
  • Sakre a Wɔde Bedi Dwuma
  • Kar Foforo a Wɔreyɛ
  • Ɔhaw no Fã Bi Kɛkɛ
  • Ɔkwampa no a Wobehu
    Nyan!—1996
  • Wiase a Kar Nni Mu?
    Nyan!—1996
  • Oo, sɛ Minya Mframa Pa A!
    Nyan!—1996
  • Nneɛma A Atwa Yɛn Ho Ahyia Ho Ban A Yɛbɔ—Aba Bɛn na Asow?
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 6/8 kr. 5-8

Ano Aduru a Ɛfata a Wɔhwehwɛ

ƐNYƐ kar nkutoo na ɛresɛe mframa. Nkurɔfo a wɔtete wɔn ankasa afie mu, mfiridwuma ahorow, ne mfiri a ɛma anyinam ahoɔden nso sɛe mframa. Nanso, kyɛfa a kar nya wɔ wiase no mframa a wɔsɛe no mu no dɔɔso.

Nokwarem no, 5000 Days to Save the Planet ka no akokoduru so sɛ: “Sɛ yɛrebu adesɛe yi nyinaa—titiriw adesɛe a carbon dioxide de aba yɛn wim tebea so no—ho akontaa a, ɛnde ebia anka wɔrenyɛ kar da.” Ne nyinaa akyi no, egye tom sɛ: “Nanso, ɛno yɛ ade a nnwumakuw a wɔyɛ kar, anaa nnwuma a wɔyɛ akwan, anaa aban nnwumakuw, anaa nokwarem no, ɔmanfo, a wɔn asetra gyina kar foro so kɛse, no nyɛɛ ahoboa sɛ wobesusuw ho.”

So ɛnsɛ sɛ mfiridwuma ho nimdeɛ a ɛde onipa kɔ ɔsram so no tumi yɛ kar a ɛnsɛe mframa? Ne ka nyɛ den sɛ ne yɛ, enti enkosi sɛ wobedi akwanside ahorow a ɛmma wontumi nyɛ kar a ɛnsɛe mframa so no, wɔbɛkɔ so ara ahwehwɛ akwampa foforo a wɔbɛfa so asiw ano.

Nneɛma a Ɛsɛe Mframa a Wɔbɛtew So

Wɔ 1960 mfe mu no, United States hyɛɛ mmara bi a na ɛhwehwɛ sɛ wɔde nnwinnade bi a ebesiw efĩ a kar puw gu a ɛsɛe mframa no ano hyehyɛ kar ho. Efi saa bere no, aman foforo ne nniso ahorow ayɛ saa ara.

Mprempren, wɔde adwinnade bi a ɛsɔn mframa so a wɔfrɛ no catalytic converters, a ɛhwehwɛ sɛ wɔde fango a sumpii nni mu gu mu na edi dwuma kɛse sɔn efĩ a ɛsɛe mframa no so. Wɔ 1976 ne 1980 mfe no mu no, bere a karkafo pii fii ase de fango a sumpii nni mu dii dwuma no, sumpii dodow a ɛwɔ Amerikafo mogya mu so tewee nkyem abiɛsa biara mu biako. Ná ɛyɛ asɛmpa, efisɛ sumpii pii betumi aka hon nkwaadɔm no na ama tumi a wɔde sua ade so atew. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, bere a sumpii so atew kɛse wɔ aman pii a anya nkɔso mu no, yɛrentumi nka sɛ ɛte saa ara wɔ aman a ennyaa nkɔso kɛse no mu.

Dwuma a catalytic converters di no ma abotɔyam, nanso asɛm da so wɔ dwuma a wɔde di no ho. Esiane sumpii a wɔmfa mfra mu bio a ɛmaa adwinnade a ɛsɔn mframa so ahoɔden so tewee nti, hydrocarbon dodow a ɛwɔ pɛtro mu no sesae. Eyi ama epuw nnuru bi a ɛde kokoram ba, te sɛ benzene ne toluene, a adwinnade a ɛsɔn mframa so ntew dodow a ɛkɔ mframa mu no so.

Bio nso, ɛhwehwɛ sɛ wɔde aduru bi a wɔfrɛ no platinum gu catalytic converters mu. Sɛnea Ɔbenfo Iain Thornton a ɔwɔ Imperial College a ɛwɔ Britain, kyerɛ no, ɔhaw a ɛde aba no biako ne platinum pii a ekogu kwankyɛn futuru mu. Ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ “ebetumi aba sɛ platinum a anan bɛkɔ nnuan mu.”

Ɛmfa ho nkonim biara a “catalytic converters adi wɔ Amerika Kusuu fam, Japan, South Korea, ne Europa aman pii mu” no, 5000 Days to Save the Planet gye tom nokwarem sɛ, “kar a adɔɔso pii wɔ wiase no asɛe mframa pa koraa.”

Mmirikatu a Wɔbɛtew So

Ɔkwan foforo a wobetumi afa so atew mframa a kar sɛe no so ne sɛ wɔbɛka kar bɔkɔɔ. Nanso wɔ United States no, amantam bi amia mmirika a wotu mu nnansa yi. Wɔ Germany, a wonim yiye sɛ ɛhɔ lɔre akwan so mmirikatu ho mmara nni mũ no, mmirikatu ho anohyeto a wɔde bɛma no nkosi hwee. Ɛda adi sɛ nnwumakuw a ɛyɛ kar, a ɔkwan a wɔfa so tɔn kar kɛse ne sɛ wobetumi ayɛ kar a ɛwɔ ahoɔden a etumi de mmirika pɔtee twa kwan tenten bɛboro kilomita 150 dɔnhwerew biako no, sɔre tia nhyehyɛe no, saa ara na karkafo dodow no ara sɔre tia. Nanso, ɛte sɛ nea Germanfo dodow no ara renya ɔpɛ sɛ wobegye mmirikatu ho anohyeto no atom seesei, ɛnyɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a ɛresɛe nko nti, na mmom ahobammɔ nso nti.

Wɔ aman bi mu no, wɔhwehwɛ sɛ karkafo bɛtew mmirikatu so bere a mframasɛe no du baabi a ɛmfata—anaasɛ ebia wobegyae ka koraa. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ 1995 mu daa no adi sɛ, sɛ owia mu ahoɔden a ɛsɛe ade kɔ soro dodo a, Germanfo ɔha biara mu 80 bɛpene anohyeto a wɔde ba mmirikatu so no so. Nkuropɔn a ɛwɔ wiase nyinaa no fa kɛse no ara, te sɛ Athens ne Rome, ayɛ nhyehyɛe a wɔde bɛtew karka so wɔ tebea horow bi mu. Afoforo resusuw ho sɛ wɔbɛyɛ saa ara.

Sakre a Wɔde Bedi Dwuma

Nea ɛbɛyɛ na wɔatew kar dodow so no, nkurow bi atwa bo pɔtee bi ama bɔs akwantu. Afoforo nso ma karkafo a wotua sika wɔ baabi a wɔde wɔn kar no si ho foro bɔs kwa. Nkurow foforo nso agyaw akwan ama bɔs ne taksi ahorow kɛkɛ na ama akwantu ho nhyehyɛe a ɛtete saa yi akɔ so ntɛmntɛm.

Wɔkaa ɔkwan foforo bi a wɔnam so reko atia ɔhaw no ho asɛm nnansa yi wɔ The European mu sɛ: “Esiane sɛ ɔsatu a wɔyɛe wɔ Netherlands wɔ 1960 mfe no awiei akanyan Denmarkfo a wɔyɛ nsi no nti, wɔayɛ nhyehyɛe a wɔnam so bɛtew mframasɛe ne kar nkyereso so denam hyɛ a wɔhyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔntra sakre so sen sɛ wɔbɛfa kar no so.” Wɔde sakre sisi mmeae mmeae wɔ Copenhagen mmɔnten so nyinaa. Sika kakraa bi a wode bɛto afiri mu ma wo nsa ka sakre. Sɛ akyiri yi wode sakre no san kosi baabi a ɛfata a, wo nsa betumi aka wo sika no. Bere na ɛbɛkyerɛ sɛ ebia mfaso bɛba saa nhyehyɛe yi so na nkurɔfo pii akyerɛ ho anigye anaa.

Nea ɛbɛyɛ na wɔahyɛ nkurɔfo nkuran ma wɔde sakre adi dwuma sen kar no, wɔ German nkuropɔn bi mu no, wɔma sakrekafo kwan ma wɔfa akwan a ɛnsɛ sɛ kar bɔ nsianho wɔ so so ma wɔne kar bɔ nsianho! Esiane sɛ akwan biara a wotwa kodi dwuma wɔ nkuropɔn nyinaa mu abiɛsa mu biako ne ne nkuraase de bɛboro abiɛsa mu biako nnu kilomita 3 nti, ɔmamfo no mu dodow no ara betumi anantew anaa wɔatra sakre so atwa kwan yi mu dodow no ara. Eyi bɛboa ma wɔatew mframasɛe so; bere koro no ara no, sakrekafo benya apɔw mu teɛteɛ a ɛho hia.

Kar Foforo a Wɔreyɛ

Wogu so ara reyɛ kar foforo a ɛrensɛe mframa. Wɔayɛ anyinam ahoɔden kar a batere na ɛma ɛkɔ, nanso entu mmirika kɛse, na entumi nyɛ adwuma nkyɛ. Saa ara na kar a ɛde owia ahoɔden yɛ adwuma no nso te.

Ɔkwan foforo a wɔrehwehwɛ mu ne aduru bi a wɔfrɛ no hydrogen a wɔde bedi dwuma sɛ pɛtro. Ɛkame ayɛ sɛ hydrogen dɛw a ɛmfa fĩ biara mma, nanso ɛho ka no ma wɔtwentwɛn wɔn nan ase.

Bere a U.S. mampanyin Clinton hui sɛ ehia sɛ wɔyɛ kar foforo no, ɔbɔɔ amanneɛ wɔ 1993 mu sɛ, aban no ne U.S. nnwumakuw a wɔyɛ kar no bɛyɛ biako ayɛ kar foforo ama daakye. Ɔkae sɛ: “Yɛrebɛbɔ mmɔden ayɛ mfiridwuma mu ade kɛse bi a yɛn man yi mmɔɔ mmɔden sɛ ɛbɛyɛ pɛn.” Sɛ́ wobetumi “ayɛ kar a edi mũ na ɛyɛ pɛ a eye ma abɔde a nkwa wom ama afeha a ɛto so 21 no,” a ɔkaa ho asɛm no, yɛ nea yentumi nhu. Nhyehyɛe ahorow hwehwɛ sɛ wɔyɛ kar foforo bi wɔ mfe du mu—nanso, wɔbɛbɔ ho ka kɛse.

Nnwumakuw bi a wɔyɛ kar reyɛ kar a ɛde fango ne anyinam ahoɔden nyinaa bedi dwuma ho adwuma. Wɔayɛ anyinam ahoɔden kar bi wɔ Germany dedaw—a ne bo yɛ den—sɛ foforo a etumi tu mmirika kilomita 100 wɔ anibu akron mu kɔ soro kodu kilomita 180. Nanso sɛ etwa kilomita 200 a, batere a ɛda mu no ahoɔden sa, na egyina kosi sɛ anyɛ yiye koraa no, wɔde nnɔnhwerew abiɛsa bɛma batere no anya ahoɔden bio. Wogu so ara reyɛ ɛho nhwehwɛmu, na wɔrehwɛ kwan sɛ nkɔso foforo bɛba.

Ɔhaw no Fã Bi Kɛkɛ

Sɛnea ɛbɛyɛ a wobeyi awuduru a ɛsɛe mframa afi hɔ no yɛ ɔhaw no fã bi kɛkɛ. Dede a Kar yɛ nso sɛe ade, biribi a obiara a ɔte ɔkwan a kar fa so kɛse ho nim no yiye. Esiane sɛ dede a kar kɔ so yɛ tumi haw akwahosan nti, eyi nso yɛ ɔhaw no fã titiriw bi a ehia sɛ wodi ho dwuma.

Wɔn a wɔdɔ abɔde no nso bɛka sɛ akwan akɛse a ɛyɛ hu ne nnwumayɛbea kuntann a ɛmma wonhu baabi ne dawurubɔ apon a esisi kwankyɛn asɛe nkuraase fɛ a ɛyɛ no. Nanso bere a kar redɔɔso no, saa ara na ɛho hia sɛ wɔpae akwan pii.

Kar ahorow bi wɔ hɔ a, bere a wɔn wuranom de ayɛ adwuma de asɛe mframa mfe bi akyi no, ɛkɔ so ara yɛ wura “wɔ wɔn wu akyi” mpo. Kar ahorow a ɛyɛ tan abɛyɛ ɔhaw araa ma ɛho abehia sɛ wɔhyɛ mmara wɔ mmeae bi de siw gugu a wɔde gugu basabasa wɔ nkuraase no ano. So wɔbɛyɛ kar a ɛfata, nea wɔde nneɛma a wotumi de yɛ ade foforo bi ayɛ, da? Wonhu kar a ɛte saa no bio.

Atesɛm krataa bi kae nnansa yi sɛ: “Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛm haw Germanfo dodow no ara kɛse,” na ɛde ka ho sɛ, “nanso wɔn mu kakraa bi na wɔyɛ ho ade sɛnea ɛsɛ.” Wɔka sɛ aban panyin bi kae sɛ: “Obiara nsusuw sɛ mfomso no fi no, saa ara na obiara mpɛ sɛ wɔde ho asodi to ne so.” Yiw, ɛyɛ den sɛ wobedi ɔhaw ahorow ho dwuma wɔ wiase a nnipa a wɔyɛ “ahopɛfo” ne “apamsɛefo” ayɛ mu ma yi mu.—2 Timoteo 3:1-3.

Nanso, wɔda so ara rehwehwɛ akwampa a wɔbɛfa so anya ano aduru. So wobetumi anya ɔkwampa a wɔbɛfa so adi mframasɛe ne kar ho dwuma da bi?

[Kratafa 7 mfonini]

So aban kar a yɛbɛforo, nhyehyɛe a nnipakuw bi bɛyɛ de emuni biara kar atu kwan mmiako mmiako, anaa sakre so a yɛbɛtra betumi ama mframasɛe so atew?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena