Wiase a Kar Nni Mu?
WUBETUMI ayɛ wiase bi a kar nni mu ho mfonini wɔ w’adwenem? Anaa wubetumi aka abɔrehude bi a asesã nkurɔfo asetra ne wɔn nneyɛe sɛ ɛno? Sɛ kar nni hɔ a, yɛrennya ahɔhodan, adidibea, ne agodibea a wotumi de kar kɔ hɔ. Nea ehia titiriw no, sɛ bɔs, taksi, kar, anaa lɔre nni hɔ a, anka wobɛyɛ dɛn akɔ adwuma? wobɛyɛ dɛn akɔ sukuu? Anka akuafo ne wɔn a wɔyɛ aguade bɛyɛ dɛn de wɔn nneɛma akɔ gua so?
The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “U.S. nnwuma asia biara mu biako yɛ kar, wɔkyekyɛ, wosiesie, anaa wɔde di dwuma,” na ɛde ka ho sɛ: “Sika a nnwumakuw a wɔyɛ kar tɔn nya yɛ bɛboro ɔman no nnwuma akɛse nyinaa de nkyem anum mu biako ne bɛboro akonkosifo nyinaa de mu nkyem anan mu biako. Wɔ aman foforo mu no, ɛte sɛ nea eyi nnu saa, nanso Japan ne Europa atɔe fam aman no rebɛn dodow a U.S. nsa ka no ho ntɛmntɛm.”
Nanso, nnipa bi ka sɛ wiase bi a kar nnim bɛyɛ beae a eye kyɛn so. Nneɛma titiriw abien nti na wɔka eyi.
Kar Nkyereso a Ɛwɔ Wiase Nyinaa
Sɛ wode bere tenten atwa wo ho wɔ mmɔnten so apɛ baabi a wode kar besi da a, enhia sɛ obi ka kyerɛ wo sɛ sɛ kar ye mpo a, pii a yebenya wɔ beae a nnipa dɔɔso no nye. Anaasɛ sɛ kar nkyereso a ɛyɛ hu kɛse ato wo da a, wunim sɛnea ɛhaw adwene sɛ wobɛka kar a wɔyɛe sɛ ɛnkɔ nanso biribi ahyɛ no ma egyina faako no mfinimfini.
Wɔ 1950 mu no, na United States nkutoo ne ɔman a emu nnipa 4 biara mu 1 wɔ kar. Ebeduu 1974 no, na Belgium, France, Germany, Great Britain, Italy, Netherlands, ne Sweden adu saa dodow no ho. Nanso saa bere no, na kar dodow a U.S. wɔ no anya nkɔanim araa ma nnipa 2 biara mu 1 wɔ kar. Ɛnnɛ, nnipa 2 biara mu 1 wɔ kar wɔ Germany ne Luxembourg. Ɛkame ayɛ sɛ ɛte saa ara wɔ Belgium, Great Britain, Italy, ne Netherlands.
Nkuropɔn mu dodow no ara—ɛmfa ho wiase no mu baabi a wɔwɔ—rebɛyɛ mmeae a kar dɔɔso sen biara. Sɛ nhwɛso no, bere a India nyaa ahofadi wɔ 1947 mu no, na kar ne lɔre 11,000 na ɛwɔ n’ahenkurow, New Delhi, mu. Ebeduu 1993 no, na aboro 2,200,000! Ɛyɛ nkɔanim kɛse—nanso sɛnea Time nsɛmma nhoma kyerɛ no, “wɔhwɛ kwan sɛ ebedu afeha yi awiei no, na ayɛ mmɔho.”
Bere koro no ara no, wɔ Europa Apuei fam a kar dodow a ɛwɔ hɔ bɛyɛ Europa Atɔe fam de mu nkyem anan mu biako pɛ no, wɔn a wobetumi atɔ kar bɛyɛ ɔpepem 400 na ɛwɔ hɔ. Wɔ mfe kakraa mu no, tebea a ɛwɔ China, a ebesi nnɛ yenim sɛ wɔwɔ sakre ɔpepem 400 no bɛsesã. Sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ wɔ 1994 no, “aban no reyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma kar a wɔyɛ no anya nkɔanim ntɛmntɛm,” na ebedu afeha yi awiei no, na afi ɔpepem 1.3 akɔ ɔpepem 3 afe biara.
Mframa a Ɛresɛe Ho Asiane
The Daily Telegraph a wɔyɛɛ no October 28, 1994, no kae sɛ: “Britain mframa pa nyinaa asa.” Ebia eyi yɛ asɛm a wɔagugu mu, nanso ɛyɛ nokwasɛm a ebetumi ahaw afoforo. Ɔbenfo Stuart Penkett a ɔwɔ East Anglia Sukuupɔn mu no bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Kar resesã sɛnea yɛn wim mframa te ankasa koraa.”
Nhoma, 5000 Days to Save the Planet ka sɛ, mframa bɔne bi a wɔfrɛ no carbon monoxide a adɔɔso no “mma nipadua no nnya oxygen, na ɛsɛe ɔkwan a nipadua no fa so te asɛm ase na esusuw nneɛma ho, ɛbrɛ nkate horow ase, na ɛde nkotɔ ba.” Na Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no ka sɛ: “Wɔn a wɔte Europa ne Amerika Kusuu fam nkuropɔn mu nyinaa mu bɛyɛ fã na wɔhome carbon monoxide pii sɛnea ɛnsɛ.”
Wobu akontaa sɛ wɔ mmeae bi no, kar wusiw kum nnipa pii afe biara—ka ɛka dɔla ɔpepepem pii a wɔbɔ wɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔsɛe no no ho. Wɔ July 1995 mu no, television so amanneɛbɔ bi kae sɛ Britaniafo bɛyɛ 11,000 na mframa a kar sɛe no ma wowuwu afe biara.
Wɔ 1995 mu no, wɔyɛɛ Amanaman Nkabom Wim Tebea Ho Nhyiam no wɔ Berlin. Ananmusifo a wofi aman 116 so penee so sɛ ehia sɛ wɔyɛ ho biribi. Nanso nea edii nnipa pii huammɔ no, wotuu dwumadi a na ɛne sɛ wɔde botae atitiriw bi besisi hɔ na wɔahyɛ mmara a edi mũ anaa wɔayɛ nhyehyɛe pɔtee bi no hyɛɛ da.
Sɛ yesusuw nea 5000 Days to Save the Planet nhoma no kae wɔ 1990 mu no ho a, ɛda adi sɛ ebia adesɛe yi kwan ara na yɛbɛhwɛ. Ɛdaa no adi sɛ, “sɛnea amammui ne sikasɛm te wɔ nnɛyi aman a wɔyɛ mfiridwuma mu na ɛkyerɛ sɛ wɔbɛpene akwan bi a wɔbɛfa so asiw nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔresɛe no ano bere a entwitware ɔman mu dwumadi ahorow ananmu nkutoo.”
Enti, Time bɔɔ kɔkɔ nnansa yi sɛ “nokwasɛm a ɛyɛ sɛ carbon dioxide ne mframa foforo a ɛma asase so yɛ hyew ayɛ pii wɔ wim no de nkakrankakra bɛma wiase ayɛ hyew. Sɛnea nyansahufo pii kyerɛ no, nea ebetumi afi mu aba ne ɔpɛ, nsukyenee a ɛnan, po a eyiri, po a eyiri fa mpoano nsase, ahum a ano yɛ den ne wim tebea foforo a ɛsɛe nneɛma.”
Aniberesɛm a mframa a wɔresɛe no yɛ no hwehwɛ sɛ wɔyɛ ho biribi. Nanso dɛn?