Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 6/8 kr. 8-9
  • Ɔkwampa no a Wobehu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwampa no a Wobehu
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kari a Kristofo Bɛkari Pɛ
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Wosiw Efĩ Ano​—Prɛko Pɛ!
    Nyan!—1988
  • Ano Aduru a Ɛfata a Wɔhwehwɛ
    Nyan!—1996
  • Adwene ne Koma a Wɔma Emu Tew
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 6/8 kr. 8-9

Ɔkwampa no a Wobehu

ONYANKOPƆN ASƐM, Bible, ka bere a Onyankopɔn soro nniso bedi adesamma haw ahorow nyinaa, a mprempren mframa a kar sɛe no ka ho, ho dwuma ho asɛm. So saa Mesia Ahenni yi a wɔakyerɛ nnipa pii sɛ wɔmmɔ ho mpae no bɛma wɔanya ɔkwampa denam kar a ɛnsɛe mframa koraa a wɔbɛyɛ so? Anaa wobenya ano aduru a ɛfata denam kar ahorow nyinaa a wobeyi afi asase so so? Esiane sɛ Bible no mfa mmuae pɔtee bi mma yɛn nti, yɛrentumi nyɛ hwee gye twɛn a yɛbɛtwɛn.—Mateo 6:9, 10.

Nanso yebetumi anya awerɛhyem wɔ eyi ho: Onyankopɔn nniso no remma kwan mma efĩ nsɛe fɛ a abɔde yɛ wɔ Paradise foforo a Ahenni no de bɛba no mu.—Yesaia 35:1, 2, 7; 65:17-25.

Esiane sɛ wɔretete wɔn a wotie Onyankopɔn Asɛm no dedaw ama asetra wɔ wiase foforo a efi nni mu mu nti, ɛsɛ sɛ wɔte nka dɛn wɔ kar a wɔde bedi dwuma nnɛ no ho? June 22, 1987, Engiresi Nyan! no kaa asɛm, “Dɛn na Ɛreba Yɛn Kwae So?” ho asɛm. Ɛbɔɔ amanneɛ sɛ nyansahufo bi susuw sɛ efĩ a ɛwɔ kar wusiw mu a ɛsɛe mframa no na ɛrekum kwae. Eyi kaa ɔkenkanfo bi a asɛm no haw no ma ɔkyerɛw Ɔwɛn Aban Asafo no bisae sɛ ebia esiane saa asɛm yi nti ɛbɛyɛ papa sɛ Kristofo bɛka kar anaa. Osusuw sɛ ebia saa a wɔbɛyɛ no bɛkyerɛ obu a wonni ma Yehowa abɔde anaa.

Wobuaa ne krataa no, na emu nsɛm no bi na edi so yi: “Yehowa Adansefo de nokwaredi di nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho mmara a aban mpanyimfo ahyɛ sɛ wɔmfa ntew efĩ so no so. (Romafo 13:1, 7; Tito 3:1) Ade a obi bɛyɛ wɔ nea nniso no hwehwɛ akyi no yɛ n’ankasa gyinaesi. Sɛ obi si gyinae sɛ ɔrenka kar bio a, ɛno yɛ n’ankasa asɛm. Nanso, Nyan! no mu asɛm no kyerɛɛ sɛnea nnipa bi te nka, na ɛkae wɔ kratafa 8 sɛ: ‘Nnipa pii refa akwampa so atew mframasɛe so sɛnea ɛfata biara. Wɔka kar bɔkɔɔ, wontu akwan kɛse, wɔde wɔn ho hyɛ nhyehyɛe a nnipakuw bi yɛ de emuni biara kar tu kwan mmiako mmiako no mu, wɔde fango a sumpii nni mu di dwuma, na wodi mmara a aban no ayɛ a wɔde ko tia mframa a wɔsɛe no so.’”

Kari a Kristofo Bɛkari Pɛ

Saa mmuae yi daa kari a Kristofo bɛkari pɛ adi. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛnyɛ kar nkutoo na ɛsɛe mframa. Wimhyɛn ne keteke—nokwarem no, akwan a wɔnam so tu kwan nnɛyi no mu dodow no ara—yɛ saa. Nanso wɔanyɛ saa akwan a wɔfa so tu kwan yi a na atirimpɔw ne sɛ ɛbɛsɛe mframa ntɛmntɛm. Mframasɛe a ɛde aba no yɛ ɛho haw no bi, ade a na wɔnhwɛ kwan nanso nimdeɛ a ɛnkɔ akyiri ne sintɔ nneyɛe na ama aba saa.

January 1, 1993 Ɔwɛn-Aban no, susuw asɛm yi ho wɔ kratafa 31, na ɛkae sɛ: “Sɛ́ Yehowa Adansefo no, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia mu nsɛnnennen a yɛn asase so fie yi rehyia no haw yɛn yiye. Anisɔ a yɛwɔ sɛ wɔbɔɔ asase no ma ɛso atew, na ayɛ ofie a adesamma abusua a wɔyɛ pɛ bɛtra so wɔ akwahosan pa mu sen nnipa pii de. (Genesis 1:31; 2:15-17; Yesaia 45:18) . . . Enti ɛfata sɛ yɛnam ɔkwan a ɛkari pɛ na ntease wom so bɛbɔ mmɔden sɛ yɛremfa ɔsɛe a onipa resɛe asase yi bi nka ho wɔ ɔkwan a ɛho nhia so. Nanso, hyɛ asɛm “ntease wom” no nsow. . . . Ɛnsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo bu wɔn ani gu nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛm so. Ná Yehowa hwehwɛ sɛ ne tete nkurɔfo hwɛ sɛ wobeyi efĩ afi hɔ, adeyɛ a na ɛho hia wɔ nneɛma a atwa wɔn ho ahyia ne akwahosan ahobammɔ mu. (Deuteronomium 23:9-14) Na esiane sɛ yenim adwene a okura wɔ wɔn a wɔresɛe asase no ho nti, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu nneɛma a yebetumi ayɛ na ama nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no ho atew so. . . . Faako a Kristoni bɛyɛ ade akodu wɔ eyi mu no yɛ n’ankasa asɛm, gye sɛ mmara hwehwɛ sɛ ɔyɛ ho ade kodu baabi. . . . Nnipa a wɔnyɛ pɛ taa hwe afiri a ɛma wɔyɛ nneɛma tra so mu. . . . Mmɔden a nnipa bɛbɔ sɛ wobeyi nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛnnennen atitiriw afi asase so no renyɛ yiye nkosi ase. Ebia nkɔso bi bɛba wɔ mmeae bi de, nanso sɛ yebenya ano aduru a ɛtra hɔ daa a, ɛhwehwɛ sɛ Onyankopɔn de ne ho gye asɛm no mu. Eyi nti sɛ anka yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma ɔhaw no ano abrɛ ase wɔ aniani no, yɛde yɛn mmɔdenbɔ ne nneɛma a yɛwɔ no si ano aduru a efi soro no so.”

Kristofo kari pɛ bere a wodi Bible nnyinasosɛm so, na wɔma ahyɛde a Onyankopɔn de ama wɔn sɛ wɔnka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no wɔ wiase nyinaa no tra wɔn adwenem. (Mateo 24:14) Biribiara nni hɔ a ɛho hia anaa egye ntɛmpɛ sen eyi! Sɛ akwan a wɔnam so tu kwan di nkitaho nnɛ no betumi aboa Kristofo ma wɔadi saa ahyɛde yi ho dwuma a, wɔwɔ ntease koraa sɛ wɔde bedi dwuma. Bere koro no ara no, wɔkwati mframasɛe a ɛmfata anaa enni atirimpɔw biara. Wɔnam saayɛ so nya ahonim pa wɔ onipa ne Nyankopɔn nyinaa anim.

Enti ɛwom sɛ ɛnnɛ, yennim ɔkwan ankasa a wɔnam so bedi mframasɛe ne kar ho nsɛnnennen ho dwuma awiei koraa de, nanso yenim sɛ wobedi ho dwuma. Nokwarem no, ɔkwampa a wɔnam so bedi ho dwuma no abɛn.

[Kratafa 9 adaka]

Mframasɛe a Yɛbɛko Atia

• Sɛ ɛbɛyɛ yiye a nantew anaa ka sakre

• Wo ho a wode bɛhyɛ nhyehyɛe a nnipakuw bi yɛ de emuni biara kar tu kwan mmiako mmiako no mu

• Kar a wubesiesie no daa

• Fango a efĩ nnim a wode begu wo kar mu

• Akwantu a ɛho nhia a wobɛkwati

• Kar a wobɛka a wuntu mmirika kɛse

• Aban kar a wode betu kwan bere a ɛyɛ yiye na ɛfata

• Kar engine a wubedum no bere a wugyina bere tenten a wonyɛ hwee no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena