Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 1/1 kr. 31
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkwampa no a Wobehu
    Nyan!—1996
  • Nnipa Bɛtetew Asase Apansam no Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Adwene ne Koma a Wɔma Emu Tew
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Sɛnea Wobegye Asase Afi Ɔsɛe Mu
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 1/1 kr. 31

Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn ne Kristofo asɛyɛde wɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia​—asase, nsu, ne mframa​—no sɛe a wɔbɛbrɛ no ase mu?

Sɛ́ Yehowa Adansefo no, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia mu nsɛnnennen a yɛn asase so fie yi rehyia no haw yɛn yiye. Anisɔ a yɛwɔ sɛ wɔbɔɔ asase no ma ɛso atew, ma ayɛ ofi a adesamma abusua a wɔyɛ pɛ bɛtra so wɔ akwahosan pa mu no sen nnipa pii de. (Genesis 1:31; 2:15-17; Yesaia 45:18) Yɛwɔ Onyankopɔn awerɛhyem nso sɛ ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no.’ (Adiyisɛm 11:18) Enti ɛfata sɛ yɛnam ɔkwan a ɛkari pɛ na ntease wom so bɛbɔ mmɔden sɛ yɛremfa ɔsɛe a onipa resɛe yɛn asase yi bi nka ho ɔkwan a ɛho nhia so. Nanso, hyɛ asɛm “ntease wom” no nsow. Ɛfata wɔ Kyerɛwnsɛm mu nso sɛ yɛbɛhwɛ yiye ma yɛamma nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛm ne nneyeɛ ahorow anhaw yɛn mmoroso.

Nnipa daa asetra mpo de nneɛma fĩ ba. Sɛ nhwɛso no, aduan dua, n‘asiesie, ne ne di taa de nneɛma fĩ ba, ɛwom sɛ dodow no ara yɛ nea mmowa betumi adan no nea ɛnsɛe hwee de. (Nnwom 1:4; Luka 3:17) Ɛda adi sɛ mpataa a wɔahow a Yesu a wɔanyan no no de yɛɛ aduan maa n’asuafo no de owusiw, nsõ, ne mpataa nnompe nkae bae. (Yohane 21 :9-13) Nanso nneɛma a nkwa wom ne nea nkwa nnim nhyehyɛe anaasɛ asase so nneɛma mu kyinhyia ahorow no tumi di eyinom ho dwuma.

Ɛnsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo bu wɔn ani gu nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛm so. Ná Yehowa hwehwɛ sɛ ne tete nkurɔfo hwɛ sɛ wobeyi efĩ afi hɔ, adeyɛ a na ɛho hia wɔ nneɛma a atwa wɔn ho ahyia ne akwahosan ahobammɔ mu. (Deuteronomium 23:9-14) Na esiane sɛ yenim adwene a okura wɔ wɔn a wɔresɛe asase no ho nti, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu nneɛma a yebetumi ayɛ na ama nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no ho atew so. Yebetumi ada eyi adi denam nwura anaa efĩ, titiriw nneɛma a bɔre wom, a yɛbɛtow agu ɔkwan pa so no so. Yefi ahonim pa mu boa mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛma nneɛma a wɔde adi dwuma dedaw so aba mfaso bio no, na sɛ Kaesare hwehwɛ sɛ yɛyɛ saa a, ɛnde na yɛwɔ ntease pii a enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. (Romafo 13: 1,5) Na ankorankoro binom nya abotɔyam fi nneɛma afoforo a wɔyɛ ka ho mu, te sɛ nneɛma a mmoawa tumi dan no nea ɛnsɛe ade a wɔde di dwuma sen sɛ wɔde nea ɛde efĩ a ɛwɔ asase so ne ɛpo mu dedaw no bi bɛka ho no bedi dwuma.

Faako a Kristoni bɛyɛ ade akodu wɔ eyi mu no yɛ n‘ankasa asɛm, gye sɛ mmara hwehwɛ sɛ ɔyɛ ho ade kodu baabi. Atesɛm amanneɛbɔ ma ɛda adi pefee sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ taa hwe afiri a ɛma wɔyɛ nneɛma tra so mu. Yesu afotu no fata ankasa: “Mummmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn . . . Adɛn ma wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua aniwa mu, na wo ankasa aniwa mu mpuran de, wunhu?” (Mateo 7:1, 3) Eyi a ɛbɛtra yɛn adwenem no betumi aboa yɛn ma yɛn werɛ amfi nneɛma afoforo a ɛho hia.

Odiyifo Yeremia kyerɛw sɛ: “[Yehowa], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n‘anammɔn.” (Yeremia 10:23) Nnyinasosɛm yi a adesamma abu wɔn ani agu so no ama wɔrehyia “mmere a emu yɛ den,” sɛnea 2 Timoteo 3:1-5 kae no. Na nea Onyankopɔn ama wɔakyerɛw wɔ Adiyisɛm 11:18 no kyerɛ sɛ mmɔden a nnipa bɛbɔ sɛ wobeyi nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛnnennen atitiriw afi asase no so no renyɛ yiye nkosi ase. Ebia nkɔso bi bɛba wɔ mmeae bi de, nanso sɛ yebenya ano aduru a ɛtra hɔ daa a, ɛhwehwɛ sɛ Onyakopɔn de ne ho gye asɛm no mu.

Eyi nti sɛ́ anka yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma ɔhaw no ano abrɛ ase wɔ aniani no, yɛde yɛn mmɔdenbɔ ne nneɛma a yɛwɔ mo si ano aduru a efi soro no so. Yɛnam saayɛ so di Yesu, a ɔde ne som no fã kɛse’dii nokware no ho adanse’ no nhwɛso akyi. (Yohane 18:37) Sɛ́ anka ɔbɛma wiase no mufo aduan anaasɛ obeyi adesamma haw akɛse​—a efĩ ka ho​—no afi hɔ no, Yesu kyerɛɛ nea ɛyɛ adesamma haw no ano aduru korakora.​—Yohane 6:10-15; 18:36

Bere a ɔdɔ ma yɛn yɔnko nipa ka yɛn ma yɛkwati sɛ yebegu asase no, mframa a atwa yɛn ho ahyia, anaasɛ nsu ho fĩ ɔkwan a enhia so no, yɛkɔ so di nokware no ho adanse. Nea ɛka eyi ho ne sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔde Bible mu nokware adi dwuma, ma enti wɔakwati sɛ wɔde sigaretnom, asãnom mmoroso, anaa nnubɔne bɛsɛe wɔn nipadua. Bere a afoforofo ɔpepem pii abɛyɛ asuafo no, wɔasua ahotew ne afoforo ho a wodwen ho su horow. Enti asɛnka adwuma no aboa ankasa ma nnɛyi fĩ ho asɛnnennen a wohyia wɔ baabiara no so atew. Nanso nea ehia sen biara no, Kristofo asuafo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛsakra wɔn adwene ne wɔn su nnɛ na ama wɔafata ama Paradise asase a ɛso tew a ɛrenkyɛ Onyankopɔn de bɛma ne nokware asomfo no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena