Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 63
  • Ɔhene Salomo Nyansafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔhene Salomo Nyansafo
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔyɛɛ Nhwɛso Pa Anaa Nhwɛso Bɔne?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Wɔsii Asɔrefie Maa Yehowa
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Salomo Si Asɔredan
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Momma Yennye Yesu Ntom Sɛ Dawid Ɔkɛseɛ Ne Solomon Ɔkɛseɛ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 63
Ɔhene Salomo te n’ahengua so

ASƐM 63

Ɔhene Salomo Nyansafo

NA SALOMO nnya nnii mfe aduonu bere a obedii hene. Na ɔdɔ Yehowa, na odii afotu pa a n’agya Dawid de maa no no akyi. Yehowa ani gyee Salomo ho, enti da koro anadwo ɔka kyerɛɛ no ɔdae mu sɛ: ‘Salomo, dɛn na wobɛpɛ sɛ mede ma wo?’

Ɛnna Salomo buae sɛ: ‘Yehowa me Nyankopɔn, meyɛ abofra, na minnim ɔman so hwɛ. Enti ma me nyansa na memfa nni wo man so yiye.’

Yehowa ani sɔɔ nea Salomo bisae no. Enti ɔkae sɛ: ‘Esiane sɛ woabisa nyansa na ɛnyɛ nkwa tenten anaa ahonyade nti, mɛma wo nyansa pii asen obiara a watra ase pɛn. Na mɛma wo nea woammisa no nso, ahonyade ne anuonyam.’

Eyi akyi bere tiaa bi no mmea baanu de asɛm bi a emu yɛ den baa Salomo anim. Wɔn mu biako kae sɛ: ‘Me ne ɔbea yi te fie biako. Mewoo ɔbabanin, na nnanu akyi no ɔno nso woo ɔbabanin. Na da koro anadwo ne ba no wui. Nanso bere a mada no, ɔde ne ba a wawu no bɛtoo me nkyɛn, na ɔfaa me ba no. Bere a mesɔree no mehwɛɛ abofra a wawu no na mihui sɛ ɛnyɛ me ba no.’

Ɛnna ɔbea biako no kae sɛ: ‘Dabi! Me ba no ne nea onwui no, nea wawu no yɛ ne dea!’ Ɔbea a odi kan no buae sɛ: ‘Dabi! Wo ba no na wawu no, na nea onwui no yɛ me dea!’ Mmea no kɔɔ so gyee akyinnye. Dɛn na Salomo bɛyɛ?

Ɔsomae sɛ wɔnkɔfa nkrante mmra, na bere a wɔde bae no, ɔkae sɛ: ‘Kyɛ abofra a onwui no mu abien, na fa ɔfã ma mmea no mu biara.’

Mmea mmienu ne ɔbarima bi gyina Salomo anim. Ɔbarima no kura abofra bi ne sekan

Nea ɔba no yɛ ne de ankasa no teɛɛm sɛ: ‘Dabi! Mepa wo kyɛw, munnkum abofra no. Momfa mma no!’ Nanso ɔbea biako no kae sɛ: ‘Mommfa mma yɛn mu biara, monkyɛ mu.’

Afei Salomo kasae: ‘Munnkum abofra no. Momfa mma ɔbea a odi kan no. Ɔno ne abofra no nã ankasa.’ Salomo huu eyi efisɛ na abofra no nã ankasa dɔ abofra no araa ma na ɔpene so sɛ wɔde bɛma ɔbea biako no na wɔankum no. Bere a nkurɔfo no hui sɛnea Salomo dii asɛm no, wɔn ani gyei sɛ wɔanya ɔhene nyansafo a ɔte saa.

Salomo ahenni no mu no Onyankopɔn hyiraa ɔman no ma asase no sow awi ne atoko, bobe ne borɔdɔma ne nnuan afoforo pii. Nkurɔfo no nyaa ntade pa na wonyaa adan pa traa mu. Obiara nyaa nnepa pii.

1 Ahene 3:3-28; 4:29-34.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena