Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 64
  • Salomo Si Asɔredan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Salomo Si Asɔredan
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔsii Asɔrefie Maa Yehowa
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Ɔyɛɛ Nhwɛso Pa Anaa Nhwɛso Bɔne?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Ɔhene Salomo Nyansafo
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Momma Yennye Yesu Ntom Sɛ Dawid Ɔkɛseɛ Ne Solomon Ɔkɛseɛ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 64
Salomo rebɔ Yehowa Nyankopɔn mpae wɔ asɔrefie foforo no mu

ASƐM 64

Salomo Si Asɔredan

ANSA na Dawid rewu no, ɔde Yehowa asɔredan a wobesi no nsusuwso a Onyankopɔn de mae no maa Salomo. N’ahenni afe a ɛto so anan no mu no, Salomo fii asɔredan no si ase, na ɔde mfe ason ne fã wiei. Nnipa ɔpedudu pii yɛɛ asɔredan no ho adwuma, na egyee sika pii. Efisɛ wɔde sika kɔkɔɔ ne dwetɛ pii dii dwuma wɔ mu.

Ná asɔredan no wɔ afã atitiriw abien, sɛnea na ntamadan no wɔ no. Nanso na afã yi kɛse yɛ ntamadan no mu de no mmɔho. Salomo ma wɔde apam adaka no kosii piam, na wɔde nneɛma afoforo a na ɛwɔ ntamadan no mu no sisii asa so hɔ.

Bere a wowiee asɔrefi no si no, afahyɛ kɛse kɔɔ so. Salomo kotow asɔredan no anim bɔɔ mpae, sɛnea wutumi hu wɔ mfonini no mu no. Salomo ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: ‘Ɔsoro mpo ntumi nkora wo, na afei asɔredan yi. Nanso, O me Nyankopɔn, mesrɛ wo, sɛ wo nkurɔfo de wɔn ani kyerɛ ha bɔ mpae a, tie wɔn.’

Bere a Salomo wiee ne mpaebɔ no, ogya fi soro bae. Ɛbɛhyew mmoa afɔre a wɔasiesie no. Na hann bi a efi Yehowa nkyɛn baa asɔredan no mu. Eyi kyerɛ sɛ na Yehowa retie, na n’ani asɔ asɔrefi no ne Salomo mpaebɔ no. Afei asɔredan no bɛyɛɛ baabi a nkurɔfo ba bɛsom, ɛnyɛ ntamadan no.

Ɔhene Salomo ani afi; ne yerenom no mu baako resom bosom, na Salomo gyina ne nkyɛn

Salomo dii tumi nyansa mu bere tenten, na ɔman no ani gyei. Nanso Salomo warewaree mmea pii a wofi aman afoforo so a wɔnsom Yehowa. Wutumi hu wɔn mu biako a ɔresom ohoni no anim no anaa? Awiei koraa no Salomo yerenom nyaa no ma ɔno nso som anyame afoforo. Wunim nea ɛbae bere a Salomo yɛɛ eyi no? Afei na ɔne nkurɔfo nni no ayamye so. Ne tirim bɛyɛɛ den, na na nkurɔfo ani nnye bio.

Eyi maa Yehowa bo fuw Salomo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Megye ahenni no afi wo nsam de ama onipa foforo. Merenyɛ eyi wo bere so, na mmom wo ba ahenni mu. Nanso merennye ahemman no mu nnipa nyinaa mfi wo ba nsam.’ Ma yɛnhwɛ sɛnea eyi bae.

1 Beresosɛm 28:9-21; 29:1-9; 1 Ahene 5:1-18; 2 Beresosɛm 6:12-42; 7:1-5; 1 Ahene 11:9-13.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena