Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 112
  • Hyɛn no Bɔ Supɔw Bi So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hyɛn no Bɔ Supɔw Bi So
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bo A Ahofadi Som
    Nyan!—1986
  • Yesu Betumi Abɔ Yɛn Ho Ban
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Yesu Nantew Nsu So
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Paulo Di Asiane Mu Nkonim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 112
Paulo ne wɔn a ɔne wɔn nyaa akwanhyia wɔ po so no abedu Malta mpoano

ASƐM 112

Hyɛn no Bɔ Supɔw Bi So

HWƐ! hyɛn no ho akã! Ɛrebubu kogyoo! Wuhu nnipa a wɔahuruw agu nsu no mu no? Ebinom adu mpoano dedaw. So Paulo na ɔwɔ hɔ no? Ma yɛnhwɛ nea aba no so.

Kae sɛ bɛyɛ mfe abien no na Paulo da afiase wɔ Kaesarea. Na afei wɔde ɔne nneduafo afoforo guu hyɛn mu, a na wɔde wɔn rekɔ Roma. Bere a wotwaa Kreta supɔw no ho no, ahum kɛse bi tui. Ano yɛɛ den araa ma na wontumi nyɛ hwee. Na wontumi nhu owia adekyee, na wonhu nsoromma no nso anadwo. Nna dodow bi akyi no, hyɛn no mufo nyinaa hui sɛ wobewuwu.

Afei Paulo sɔree na ɔkae sɛ: ‘Mo mu biara renwu; hyɛn no nkutoo na ɛbɛbɔ. Efisɛ Onyankopɔn bɔfo baa me nkyɛn anadwo no bɛkae sɛ, “Nsuro, Paulo! Ɛsɛ sɛ wugyina Roma sodifo Kaesare anim. Na Onyankopɔn begye wɔn a wɔka wo ho wɔ hyɛn no mu no nyinaa nkwa.”’

Ahum no fii ase no da a ɛto so 14 anadwo no, hyɛn no mu adwumayɛfo hui sɛ nsu no mu nnɔ pii bio! Esiane sɛ na wosuro sɛ wɔbɛkɔ akɔpem ɔbotan bi nti, wogyinae. Ade kyee no wohuu asase. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔde hyɛn no bɛbɛn mpoano hɔ.

Na bere a wɔrebɛn mpoano no, hyɛn no kɔkaa anhwea mu. Asorɔkye no fii ase sɛ ebu gu so, na hyɛn no fii ase bubui. Ɔsraani panyin a ɔwɔ mu no kae sɛ: ‘Wɔn a wonim aguare nyinaa nni kan mfi hyɛn no mu nkɔ mpoano. Na wɔn a wonnim aguare no nso mmutubutuw ntaboo ne hyɛn no mu nnua asinasin no bi so nni wɔn akyi.’ Wɔyɛɛ saa. Saa kwan yi so no nnipa 276 a na wɔwɔ hyɛn no mu nyinaa nyaa nkwa, sɛnea ɔbɔfo no hyɛɛ bɔ no.

Ná wɔfrɛ supɔw no Malta. Na nnipa a wɔwɔ hɔ no yam ye, na wɔhwɛɛ wɔn a na wɔwɔ hyɛn no mu no. Bere a wim yɛɛ yiye no, wɔde Paulo faa hyɛn foforo kɔɔ Roma.

Asomafo Nnwuma 27:1-44; 28:1-14.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena