Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • pe ti 5 kr. 47-56
  • So Bible No Fi Onyankopɔn Hɔ Ampa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Bible No Fi Onyankopɔn Hɔ Ampa?
  • Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NHOMA BIARA NNI HƆ A ƐTE SƐ BIBLE
  • ƆKWAN A WƆFAA SO KYERƐW BIBLE NO
  • BIBLE NO A WƆBƐMA OBIARA ANYA BI
  • SO WOASESÃ BIBLE NO
  • SO BIBLE NO YƐ NOKWARE AMPA?
  • Bible Yɛ Nhoma Bɛn?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nokware Nkyerɛkyerɛ a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Yehowa, Onyankopɔn a Ɔne Nnipa Kasa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Bible No​—Adɛn Nti na Yɛwɔ Ahorow Pii Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
pe ti 5 kr. 47-56

Ti 5

So Bible No Fi Onyankopɔn Hɔ Ampa?

1. Dɛn nti na ntease wom sɛ yebegye adi sɛ Onyankopɔn bɛka ne ho asɛm akyerɛ yɛn?

SO YEHOWA NYANKOPƆN de nsɛm a ɛfa ne ho ama yɛn? So waka nea wayɛ ne nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ho asɛm akyerɛ yɛn? Agya a ɔdɔ ne mma ka nneɛma pii kyerɛ wɔn. Na nea yɛahu no da no adi sɛ Yehowa yɛ agya a ɔwɔ ɔdɔ.

2. (a) Dɛn ne ɔkwan pa a Yehowa bɛfa so aka ne ho asɛm akyerɛ yɛn? (b) Nsemmisa bɛn na eyi de ba?

2 Ɔkwan bɛn so na Yehowa betumi de nsɛm ama nnipa a wɔtete mmeae horow pii wɔ asase so wɔ mmere horow mu? Ɔkwan a eye ne sɛ ɔbɛma wɔakyerɛw nhoma na wahwɛ ma nnipa nyinaa nsa aka. So Bible no yɛ nhoma a ɛte saa a efi Nyankopɔn hɔ? Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ ebia ɛte saa?

NHOMA BIARA NNI HƆ A ƐTE SƐ BIBLE

3. Dɛn ne ade biako a ɛma Bible no yɛ nhoma a ɛda nsow kɛse?

3 Sɛ Bible no fi Onyankopɔn hɔ ampa a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ ɛbɛyɛ nhoma a ɛda nsow sen nhoma biara a wɔakyerɛw pɛn. So ɛte saa? Yiw, na esiane nneɛma pii nti. Nea edi kan no, akyɛ paa; worenhwɛ kwan sɛ bere tiaa bi a atwam ni na wɔbɛkyerɛw Onyankopɔn Asɛm ma adesamma nyinaa no, ɛnte saa? Wofii ne kyerɛw ase bɛyɛ mfe 3,500 a atwam ni wɔ Hebri kasa mu. Afei, bɛboro mfe 2,200 a atwam ni no, wofii ase kyerɛɛ ase kɔɔ kasa afoforo mu. Ɛnnɛ, ɛkame ayɛ sɛ obiara a ɔwɔ asase so betumi akenkan Bible no wɔ n’ankasa ne kasa mu.

4. Sɛ wɔde Bible dodow a wɔatintim no toto nhoma afoforo a agye din ho a ɛte dɛn?

4 Afei nso, nhoma foforo biara nni hɔ a ɛbɛn Bible no wɔ dodow a wɔayɛ mu. Sɛ wɔyɛ nhoma bi na wotumi de mpem dodow bi mema a, wotumi ka ho asɛm sɛ “wɔtɔɔ no kɛse.” Nanso afe biara wotintim Bible no ɔpepem pii. Na mfehaha a atwam no mu no wɔayɛ ɔpepepem pii! Baabiara nni asase so a wuntumi nhu Bible wɔ hɔ, sɛ atew ne ho sɛ dɛn ara a. So ɛnyɛ eyi na wobɛhwɛ kwan wɔ nhoma a efi Nyankopɔn hɔ no fam anaa?

5. Mmɔden bɛn na wɔabɔ sɛ wɔbɛsɛe Bible no?

5 Nea ɛma Bible no a wɔakyekyɛ no bebree no yɛ nwonwa kɛse ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ atamfo abɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe no no. Nanso so ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Ɔbonsam adwumayɛmafo bɛsɔre atia nhoma a efi Onyankopɔn hɔ anaa? Eyi aba. Bere bi a atwam no na Bible a wɔhyew yɛ ade a wɔtaa yɛ, na mpɛn pii no wokunkum wɔn a wɔkyeree wɔn sɛ wɔrekenkan Bible no.

6. (a) Nsemmisa a ɛho hia bɛn na Bible no bua? (b) Ɛhe na akyerɛwfo no kyerɛ sɛ wonyaa wɔn nsɛm no fii?

6 Wobɛhwɛ kwan sɛ nhoma a efi Nyankopɔn hɔ bɛka nsɛm a ɛho hia a yɛn nyinaa bɛpɛ sɛ yɛte. ‘Ɛhe na nkwa fi bae?’ ‘Dɛn nti na yɛwɔ ha?’ ‘Dɛn na ɛbɛba daakye?’ yɛ nsemmisa ahorow a ebua no binom. Na ɛka no pefee sɛ nsɛm a ɛwɔ mu no fi Yehowa Nyankopɔn hɔ. Bible kyerɛwfo biako kae sɛ: “[Yehowa] honhom nam me so kasa, na n’asɛm wɔ me tɛkrɛma so.” (2 Samuel 23:2) Ɔfoforo nso kyerɛwee sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu.” (2 Timoteo 3:16) Esiane sɛ Bible no ka no pefee sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm nti, so ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛhwehwɛ mu ahwɛ sɛ ɛte saa anaa?

ƆKWAN A WƆFAA SO KYERƐW BIBLE NO

7. (a) Henanom na wɔkyerɛw Bible no? (b) Ɛnde, dɛn nti na wobetumi aka sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm?

7 Ebia wubebisa sɛ: ‘Ɛbɛyɛ dɛn na Bible no ayɛ nea efi Nyankopɔn hɔ bere a nnipa na wɔkyerɛwee?’ Ampa, nnipa bɛyɛ 40 nyaa Bible no kyerɛw mu kyɛfa. Saa mmarima yi na wɔkyerɛw Bible no ankasa, gye Mmara Nsɛm Du a Onyankopɔn ankasa nam ne honhom kronkron no so kyerɛw guu abopon so no. (Exodus 31:18) Nanso, eyi nkyerɛ sɛ nea wɔkyerɛwee no nyɛ Onyankopɔn Asɛm. Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Onyankopɔn nnipa kronkron no, sɛnea honhom kronkron de wɔn rekɔ no na wɔkasae.” (2 Petro 1:21) Yiw, sɛnea Onyankopɔn de ne honhom kronkron a ano yɛ den no bɔɔ ɔsoro, asase ne nneɛma a nkwa wom nyinaa no, saa nso na ɔde kyerɛɛ Bible no kyerɛw kwan.

8, 9. Nnɛyi nhwɛso bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛate sɛnea Onyankopɔn ma wɔkyerɛw Bible no ase?

8 Eyi kyerɛ sɛ Bible no wɔ ɔkyerɛwfo biako pɛ, Yehowa Nyankopɔn. Ɔmaa nnipa kyerɛw nsɛm no sɛnea adwumawura ma ne kyerɛwfo kyerɛw krataa no. Ɔkyerɛwfo no kyerɛw krataa no, nanso adwumawura no adwene ne ne nsusuwii na ɛwɔ krataa no mu. Enti ɛyɛ adwumawura no krataa, ɛnyɛ ɔkyerɛwfo no de, saa ara na Bible no yɛ Onyankopɔn nhoma, ɛnyɛ nnipa a ɔnam wɔn so kyerɛwee no nhoma.

9 Esiane sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ adwene no nti, anyɛ no den sɛ ɔde nsɛm a ɔpɛ sɛ wɔkyerɛw no bɛhyɛ ne nkoa adwene mu. Ɛnnɛ mpo, onipa betumi atra ne fie na ɔnam radio anaa TV so ate nsɛm a efi akyirikyiri. Mfonini ne nne ahorow no nam ɔhonam fam mmara horow a Onyankopɔn ahyehyɛ so fi akyirikyiri ba. Enti, ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛte ase sɛ na Yehowa betumi afi akyirikyiri faako a ɔwɔ wɔ soro hɔ akyerɛ nnipa kwan ma wɔakyerɛw nsɛm a ɔpɛe sɛ adesamma abusua no te.

10. (a) Nhoma horow ahe na ɛka bom yɛ Bible no, na bere tenten bɛn na wɔde kyerɛw ne nyinaa? (b) Asɛmti titiriw bɛn na ɛda adi wɔ Bible no mu nyinaa?

10 Nea efi mu aba ne Nhoma a ɛyɛ nwonwa. Nokwarem no, nhoma nketewa 66 na ɛbom yɛ Bible no. Hela asɛmfua biblia, a emu na asɛm “Bible” no fi no kyerɛ “nhoma nketewa.” Wɔkyerɛw nhoma ahorow anaa nkrataa ahorow yi wɔ mfe 1,600 mu, efi 1513 A.Y.B. besi 98 Y.B. Nanso, esiane sɛ ɛwɔ Ɔkyerɛwfo biako pɛ nti, Bible mu nhoma horow yi ne wɔn ho wɔn ho hyia. Asɛmti koro no ara da adi wɔ ne nyinaa mu, a ɛne sɛ Yehowa Nyankopɔn nam n’ahenni no so bɛsan de trenee tebea horow aba. Nhoma a edi kan, Genesis, ka sɛnea paradise fie no yerae esiane atua a wɔtew tiaa Onyankopɔn nti, na nhoma a edi akyiri, Adiyisɛm, ka sɛnea wɔbɛma asase asan ayɛ paradise bio denam Onyankopɔn nniso so ho asɛm.​—Genesis 3:19, 23; Adiyisɛm 12:10; 21:3, 4.

11. (a) Kasa horow bɛn na wɔde kyerɛw Bible no? (b) Wɔakyɛ Bible no mu afã atitiriw abien bɛn, nanso dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛne ne ho hyia?

11 Wɔkyerɛw Bible mu nhoma 39 a edi kan no wɔ Hebri kasa mu titiriw, na wɔkyerɛw kakraa bi wɔ Aram kasa mu. Wɔkyerɛw nhoma 27 a edi akyiri no wɔ Hela kasa mu, kasa a na nnipa dodow no ara ka bere a Yesu ne n’akyidifo Kristofo no wɔ asase so no. Wɔfrɛ Bible no afã atitiriw abien no “Hebri Kyerɛwnsɛm” ne “Hela Kyerɛwnsɛm” ma ɛfata. Nea ɛda adi sɛ ɛne ne ho hyia no, Hela Kyerɛwnsɛm no fa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu asɛm ka bɛboro mpɛn 365, na ɛtwe adwene kɔ so bɛyɛ mpɛn 375 nso.

BIBLE NO A WƆBƐMA OBIARA ANYA BI

12. Dɛn nti na Yehowa ma wɔyɛɛ Bible no pii?

12 Sɛ mfitiase nkyerɛwee ahorow no nkutoo na ɛwɔ hɔ a, anka ɛbɛyɛ dɛn na obiara atumi akenkan Onyankopɔn Asɛm no? Anka wɔrentumi. Enti Yehowa yɛɛ nhyehyɛe ma wɔyɛɛ mfitiase Hebri nkyerɛwee no bebree. (Deuteronomium 17:18) Sɛ nhwɛso no, wɔfrɛ ɔbarima Esra sɛ “ɔkyerɛwfo a wakokwaw Mose mmara a [Yehowa] Israel Nyankopɔn de mae no mu.” (Esra 7:6) Afei nso, wɔyɛɛ Hela Kyerɛwnsɛm no mpempem pii.

13. (a) Ná dɛn na ɛho hia na nnipa pii atumi akenkan Bible no? (b) Bere bɛn na wɔyɛɛ Bible nkyerɛase a edi kan no?

13 Wutumi kenkan Hebri anaa Hela? Sɛ ɛnte saa a, wuntumi nkenkan tete Bible a wɔde nsa kyerɛwee, a ebinom da so wɔ hɔ besi nnɛ no. Enti, sɛnea ɛbɛyɛ na woatumi akenkan Bible no, na ɛho hia sɛ obi de nsɛm no ba ɔkasa a wunim mu. Saa nkyerɛase a wɔyɛ fi kasa biako mu kɔ foforo mu no ama atumi ayɛ yiye sɛ nnipa pii bɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no. Sɛ nhwɛso no, bɛyɛ mfe 300 ansa na Yesu reba asase so no, Hela bɛyɛɛ ɔkasa a nnipa dodow no ara fii ase kae. Enti wɔkyerɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no ase kɔɔ Hela kasa mu, wofii ase 280 A.Y.B. Wɔfrɛɛ saa nkyerɛase a wodii kan yɛe yi “Septuagint.”

14. (a) Dɛn nti na asɔre mpanyimfo bi ko tiaa Bible no ase a wɔbɛkyerɛ? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ saa nnipa yi dii nkogu?

14 Akyiri yi, Latin bɛyɛɛ ɔkasa a nnipa pii ka, enti wɔkyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Latin mu. Nanso bere a mfehaha no twaam no, nnipa a wɔka Latin no bɛyɛɛ kakraa bi. Nnipa pii fii ase kaa kasa afoforo, te sɛ Arabik, Franse, Spanish, Portuguese, Italian, German ne Engiresi. Bere tenten bi no Katolek asɔre mpanyimfo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔremma wɔnkyerɛ Bible no ase nkɔ kasa a amanfo dodow no ara ka no mu. Na mpo wɔde nnipa a na wɔwɔ Bible no bi no fam dua ho hyew wɔn. Wɔyɛɛ eyi efisɛ Bible no maa wɔn atoro nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe bɔne no daa adi. Nanso bere bi akyi no, saa asɔre mpanyimfo yi dii nkogu, na wofii ase kyerɛɛ Bible no ase kɔɔ kasa horow pii mu na wɔde pii memae. Ɛnnɛ, wotumi kenkan Bible no nyinaa anaa ne fã bi wɔ kasa horow bɛboro 1,700 mu!

15. Dɛn nti na eye sɛ yɛanya Bible nkyerɛase ahorow foforo?

15 Mfe no twaam no wɔyɛɛ Bible nkyerɛase horow wɔ kasa koro no ara mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ Engiresi kasa mu nkutoo no yɛwɔ Bible nkyerɛase horow pii. Dɛn ntia? So anka biako pɛ rennɔɔso? Wiɛ, bere a mfe no rekɔ no ɔkasa sesã kɛse. Enti sɛ wode Bible nkyerɛase horow a akyɛ no toto foforo a wɔayeyɛ no ho a, wubehu nsakrae wɔ kasa no mu. Bere a ɛkame ayɛ sɛ wɔn nyinaa da adwene koro no ara adi bere nyinaa no, wubehu sɛ nkyerɛase a wɔatintim no mfe kakraa yi mu no asete taa yɛ mmerɛw. Enti yebetumi ada Bible nkyerɛase ahorow foforo no ho ase, efisɛ ɛma yenya Onyankopɔn Asɛm no wɔ kasa a obiara ka wɔ bere no mu a asete nyɛ den no mu.

SO WOASESÃ BIBLE NO

16. Dɛn nti na ebinom gye di sɛ wɔasakra Bible no?

16 Nanso ebia wubebisa sɛ: ‘Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ nsɛm a Bible akyerɛwfo nya fii Onyankopɔn hɔ no ara na ɛwɔ yɛn Bible ahorow no mu nnɛ?’ Bere a wɔakyerɛw na wɔasan akyerɛw Bible mu nhoma horow no wɔ mfehaha ne mfe mpempem no mpo mu no, so mfomso ahorow bi mmaa mu? Yiw, nanso wɔahu mfomso ahorow yi asiesie wɔ nnɛyi Bible nkyerɛase horow mu. Ɛnnɛ asɛm no te sɛ nea Onyankopɔn de maa wɔn a wodii kan kyerɛwee no. Eyi ho adanse bɛn na ɛwɔ hɔ?

17. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ wɔnsakraa Bible no?

17 Afe 1947 ne 1955 ntam hɔ no wohuu nea wɔfrɛ no Dead Sea Scrolls (Nhoma mmobɔwee ahorow a wohui wɔ Ɛpo a Awu no ano) no. Ná Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nhoma horow bi ka tete nhoma mmobɔwee ahorow yi ho. Wɔyɛɛ no efi mfe 100 kosi 200 ansa na wɔrewo Yesu. Ná nhoma mmobɔwee ahorow no mu biako yɛ Yesaia nhoma no bi. Ansa na wɔrehu eyi no na Yesaia nhoma a ɛwɔ Hebri kasa mu a akyɛ sen biara a ɛwɔ hɔ no yɛ nea wɔyɛɛ no Yesu awo akyi bɛyɛ mfe 1,000. Bere a wɔde Yesaia nhoma horow abien yi totoo ho no na nsonoe nketenkete bi pɛ na ɛwɔ mu, na na dodow no ara yɛ nsonoe nketenkete wɔ sɛnea wɔkyerɛw nsɛmfua ahorow mu! Eyi kyerɛ sɛ bɛyɛ mfe 1,000 a wɔakyerɛw mfuamfua pii no, nsakrae titiriw biara mmae!

18. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔnam asiesie mfomso biara a wɔn a wɔhwɛɛ so kyerɛw bi yɛe no? (b) Dɛn na yebetumi aka wɔ pɛpɛɛpɛ a Hela Kyerɛwnsɛm no yɛ no ho?

18 Tete Hebri Kyerɛwnsɛm no afã horow mfuamfua bɛboro 1,700 wɔ hɔ. Ɛdenam tete nkyerɛwee ahorow pii yi a wɔde toto ho no so no, wotumi hu mfomso nketenkete biara a akyerɛwfo yɛe no siesie. Afei nso, Hela Kyerɛwnsɛm no nkyerɛwee a akyɛ yiye no mpempem pii nso wɔ hɔ, na ebinom mpo bɛn Yesu ne n’asomafo no bere so pɛɛ. Enti, sɛnea Owura Frederic Kenyon kae no: “Afei de ade a edi akyiri a na wogyina so gye akyinnye sɛ ebia yɛn nsa aka Kyerɛwnsɛm no sɛnea na ɛte bere a wɔkyerɛwee no afi hɔ.”​—The Bible and Archaeology, nkratafa 288, 289.

19. (a) Dɛn ne mmɔden a wɔabɔ sɛ wɔde bi bɛka Bible no ho no ho nhwɛso bi? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ 1 Yohane 5:7 (sɛnea ɛte wɔ King James Version no mu no) nni Bible no mu?

19 Eyi nkyerɛ sɛ wɔmmɔɔ mmɔden da sɛ wɔbɛsakra Onyankopɔn Asɛm no. Wɔayɛ saa. Nhwɛso biako a ɛda nsow ne 1 Yohane 5:7. Wɔ King James Version a wɔyɛɛ no 1611 no mu no ɛkenkan sɛ: “Baasa na edi adanse ɔsoro, Agya no, Asɛm no, ne Honhom Kronkron no: na baasa yi yɛ biako.” Nanso saa asɛm yi mpue wɔ tete Bible nkyerɛwee ahorow no biara mu. Obi a na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Baasakoro nkyerɛkyerɛ no anya nnyinaso na ɔde kaa ho. Esiane sɛ ɛda adi sɛ saa asɛm yi nyɛ Onyankopɔn Asɛm no fã nti, wɔasiesie na empue wɔ Bible ahorow foforo a wɔayeyɛ no mu.

20. Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ wɔakora Bible no so sɛnea na ɛte fi mfiase no?

20 Enti obiara a ɔka sɛ ɛnyɛ nsɛm a wɔkyerɛw fii mfiase no ara na ɛwɔ Bible no mu no nnim nokwasɛm no. Yehowa Nyankopɔn ahwɛ ma wɔabɔ n’Asɛm no ho ban, ɛnyɛ mfomso a na wɔn a wɔhwɛɛ mfitiase de no so kyerɛw bi bɛyɛ ho nko, na mmom wɔ mmɔden a afoforo abɔ sɛ wɔde bi bɛka ho no nso ho. Onyankopɔn hyɛ bɔ wɔ Bible no ankasa mu sɛ ɔbɛma n’Asɛm no atra hɔ sɛnea na ɛte fi mfiase no ama yɛn nnɛ.​—Dwom 12:6, 7; Daniel 12:4; 1 Petro 1:24, 25; Adiyisɛm 22:18, 19.

SO BIBLE NO YƐ NOKWARE AMPA?

21. Yesu buu Onyankopɔn Asɛm dɛn?

21 Yesu Kristo ka kyerɛɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu sɛ: “W’asɛm yɛ nokware.” (Yohane 17:17) Nanso so nokwasɛm ahorow no di eyi ho adanse? Sɛ yɛhwehwɛ Bible no mu yiye a, so yehu sɛ ɛne nokware no ampa? Wɔn a wosua abakɔsɛm a wɔasua Bible no ho taa dwiriw wɔn wɔ sɛnea nea ɛka biara yɛ pɛpɛɛpɛ no ho. Edin ne nsɛm ahorow wɔ Bible mu a wotumi di ho adanse. Susuw nhwɛso ahorow bi ho.

22-25. Dɛn ne nhwɛso kakraa bi a ɛkyerɛ sɛ nokware abakɔsɛm na ɛwɔ Bible no mu?

22 Hwɛ mfonini ahorow ne nkyerɛwee a ɛwɔ asɔredan fasu yi ho wɔ Karnak, Misraim, no. Ɛka nkonim a Farao Sisak dii wɔ Yuda ahemman no so wɔ Salomo ba Rehabeam ahenni bere no mu no ho asɛm. Bible ka ade koro no ara ho asɛm.​—1 Ahene 14:25, 26.

23 Hwɛ Moabfo Abopon no nso. Wotumi hu ɔbopon no ankasa wɔ Louvre Museum wɔ Paris, France. Nkyerɛwee no ka atua a Moab hene Mesa tew tiaa Israel no ho asɛm. Wɔka eyi ho asɛm nso wɔ Bible mu.​—2 Ahene 1:1; 3:4-27.

24 Siloam tare ne suka a ne tenten yɛ anammɔn 1,749 a na ɛwɔ Yerusalem no wɔ ha wɔ nifa fam nohɔ. Nnipa pii a wɔakɔsra Yerusalem nnɛ yi afa saa nsuka yi mu. Wɔ a ɛwɔ hɔ no di adanse bio sɛ Bible no yɛ nokware. Ɔkwan bɛn so? Efisɛ Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ Ɔhene Hesekia ma wotuu nsuka yi bɛboro mfe 2,500 a atwam ni na ama wɔanya nsu bere a atamfo aba wɔn so.​—2 Ahene 20:20; 2 Beresosɛm 32:2-4, 30.

25 Wɔ British Museum (baabi a wɔde tete nneɛma sie wɔ Engiresi Aburokyiri) no, obi a ɔkɔsra hɔ betumi ahu Nabonido Beresosɛm a ne mfonini na wuhu wɔ ase ha no. Ɛka tete Babilon asehwe ho asɛm, sɛnea Bible yɛ no. (Daniel 5:30, 31) Nanso Bible se na Belsasar na ɔyɛ Babilon hene. Na Nabonido Beresosɛm no mmɔ Belsasar din mpo. Nokwarem no, bere bi a atwam no tete nkyerɛwee a wonim nyinaa kae sɛ na Nabonido ne Babilon hene a odi akyiri. Enti ebinom a wɔkae sɛ Bible no nyɛ nokware no kyerɛe sɛ Belsasar antra ase da, ne sɛ nea Bible ka no yɛ mfomso. Nanso mfe kakra a atwam yi mu no wɔahu tete nkyerɛwee ahorow a ɛkyerɛ sɛ Belsasar yɛ Nabonido ba, ne sɛ ɔne n’agya nyinaa boom dii hene saa bere no! Yiw, Bible no yɛ nokware ampa, sɛnea nhwɛso horow pii di ho adanse no.

26. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ nea Bible ka no yɛ pɛpɛɛpɛ wɔ abɔde ho nyansahu mu?

26 Nanso ɛnyɛ nokware abakɔsɛm nkutoo na ɛwɔ Bible mu. Biribiara a ɛka no yɛ nokware. Sɛ ɛka biribi a ɛfa adebɔ ho a, ɛyɛ pɛpɛɛpɛ. Nhwɛso abien pɛ ni: Wɔ tete hɔ no na nkurɔfo gye di sɛ asase yi si biribi a aniwa hu so, sɛ ɛso obi, te sɛ ɔbran ɔhoɔdenfo bi. Nanso nea ɛne adebɔ ho nyansahu hyia pɛpɛɛpɛ no, Bible no bɔ amanneɛ sɛ Onyankopɔn de “asase sɛn nea biribi nni.” (Hiob 26:7) Na sɛ́ anka ɛbɛka sɛ asase yɛ tɛtrɛɛ, sɛnea bere a atwam no na nnipa pii gye di no, Bible se Onyankopɔn “te asase kontonkron so.”​—Yesaia 40:22.

27. (a) Dɛn ne adanse a emu yɛ den sen biara a ɛkyerɛ sɛ Bible no fi Nyankopɔn? (b) Nneɛma bɛn na Hebri Kyerɛwnsɛm no ka siei nokwarem wɔ Onyankopɔn Ba no ho?

27 Nanso adanse a ɛsen biara a ɛkyerɛ sɛ Bible no fi Nyankopɔn hɔ ampa ne nea ɛbɛba daakye ho asɛm pɛpɛɛpɛ a ɛka no. Nhoma a nnipa akyerɛw biara nni hɔ a ɛyɛ abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ ansa na asɛm no asi; nanso Bible no yɛ saa. Nokware nkɔmhyɛ a ɛtete sɛɛ, yiw, abakɔsɛm ankasa a wodi kan kyerɛw ansa na nsɛm no asisi, ahyɛ no ma. Eyinom mu binom a ɛda nsow kɛse no fa asase so a na Onyankopɔn Ba no bɛba ho. Hebri Kyerɛwnsɛm no dii kan hyɛɛ nkɔm mfehaha pii sɛ wɔbɛwo nea Wɔahyɛ Ne Ho Bɔ no wɔ Betlehem, sɛ ɔbaabun na ɛbɛwo no, sɛ wobeyi no ama agye nnwetɛbona 30, sɛ wɔbɛkan no aka nnebɔneyɛfo ho, sɛ wɔremmu ne dompe biara mu, sɛ wɔbɛbɔ n’atade so ntonto, ne afoforo pii.​—Mika 5:2; Mateo 2:3-9; Yesaia 7:14; Mateo 1:22, 23; Sakaria 11:12, 13; Mateo 27:3-5; Yesaia 53:12; Luka 22:37, 52; 23:32, 33; Dwom 34:20; Yohane 19:36; Dwom 22:18; Mateo 27:35.

28. (a) Dɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Bible mu nkɔmhyɛ ahorow a ennya nnyaa mmamu no bɛbam? (b) Dɛn na Bible no a wobɛkɔ so asua no bɛma woahu?

28 Sɛnea wɔkae wɔ nhoma yi ti a edi kan no mu no, Bible no hyɛ nkɔm sɛ ɛrenkyɛ na nneɛma nhyehyɛe dedaw yi aba awiei na trenee nhyehyɛe foforo abesi ananmu. (Mateo 24:3-14; 2 Petro 3:7, 13) So yebetumi de yɛn ho ato nkɔmhyɛ ahorow a afei na ebenya mmamu no so anaa? Wiɛ, sɛ obi kaa nokware kyerɛɛ wo mpɛn ɔha a, so mpofirim ara wubefi ase agye biribi foforo a ɔka kyerɛ wo ho kyim anaa? Sɛ wunhui da sɛ wadi mfomso a, so afei wubefi ase agye no kyim? Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ nea ntease nni mu! Saa pɛpɛɛpɛ na hwee nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ yegye biribiara a Onyankopɔn hyɛ ho bɔ wɔ Bible mu no ho kyim. Yebetumi agye nea ɔka atom! (Tito 1:2) Ɛdenam Bible no a wobɛkɔ so asua so no, wo nso wubehu nokwasɛm ahorow a ɛbɛma woahu no yiye sɛ Bible no fi Nyankopɔn ampa.

[Kratafa 49 mfoni]

Onyankopɔn nam nnipa so kyerɛw Bible no sɛnea adwumawura nam ɔkyerɛwfo so kyerɛw krataa no

[Kratafa 50 mfoni]

Nyamesom akwankyerɛfo bi bɔɔ mmɔden sɛ wɔremma ɔmanfo nsa nka Bible no, na mpo wɔde wɔn a wɔwɔ bi fam dua ho hyew wɔn

[Kratafa 52, 53 mfoni]

Yesaia Nhoma Mmobɔwee a Wohui wɔ Ɛpo a Awu no Mu

[Kratafa 54, 55 mfoni]

Asɔredan fasua wɔ Karnak, Misraim

[Kratafa 55 mfoni]

Moabfo Abopon

[Kratafa 55 mfoni]

Nabonido Beresosɛm

[Kratafa 55 mfoni]

Hesekia Suka no Ano Kwan ne Siloam Ɔtare No

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena