Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • pe ti 7 kr. 69-75
  • Nea Enti A Yɛwɔ Ha

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti A Yɛwɔ Ha
  • Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ADANNANDI ANAA ADEBƆ?
  • SƐNEA ONYANKOPƆN BƆƆ ONIPA
  • NEA ENTI A ONYANKOPƆN DE ONIPA TOO HA
  • NEA ENTI A YENYINYIN NA YEWUWU
  • Yesu Wuo ne Ne Wusɔreɛ​—Nea Ɛbɛtumi Ayɛ Ama Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Wubetumi Agye Adi sɛ Paradise Asase Bi Bɛba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Adam Ne Hawa—Nnipa Ankasa Anaasɛ Anansesɛm Ara Kwa?
    Nyan!—1983
  • Onyankopɔn Bɔɔ Ɔbarima Ne Ɔbea a Wɔdi Kan
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
pe ti 7 kr. 69-75

Ti 7

Nea Enti A Yɛwɔ Ha

1. Dɛn na nnipa a wosusuw nneɛma ho kɔ akyiri ahu?

NNIPA adwene mu ayɛ wɔn naa wɔ nea asetra wɔ asase so kyerɛ no ho bere tenteenten. Wɔahwɛ wim tɛtrɛɛ a nsoromma ahyɛ no ma no. Wɔn ani agye owiatɔe a ɛyɛ fɛ ne wuram nnua ahorow a ɛyɛ fɛ no ho. Nnipa a wodwen ate nka sɛ ɛsɛ sɛ atirimpɔw titiriw bi wɔ hɔ ma eyi nyinaa. Nanso mpɛn pii no wontumi nhu faako a wɔba mu.​—Dwom 8:3, 4.

2. Nsɛm bɛn na nkurɔfo abisa?

2 Asetra mu bere bi no nnipa pii bisa sɛ: So ɛsɛ sɛ yɛtra ase bere tiaa bi, yɛ nea yebetumi wɔ asetra mu, na afei yɛawu anaa? Ɛhe na yɛrekɔ ankasa? So pii wɔ hɔ a yebetumi ahwɛ kwan asen awo, asetra ne owu a ne nyinaa gye bere tiaa bi no anaa? (Hiob 14: 1, 2) Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛate saa asɛm yi ase ne asemmisa yi ho mmuae: ɔkwan bɛn so na yɛnam baa ha?

ADANNANDI ANAA ADEBƆ?

3. Dɛn ne adannandi nkyerɛkyerɛ no?

3 Mmeae horow bi no wɔtaa kyerɛkyerɛ sɛ biribiara a yehu no ankasa na ɛbae, sɛ ɛbae mpofirim ara kwa. Wɔkyerɛ sɛ, mfe ɔpepem pii a atwam no nkwa fii ase, fii mmoa nketewa so kosii sɛ awiei koraa no nnipa bae. Asase so mmeae horow pii no wɔkyerɛkyerɛ adannandi yi sɛ nokwasɛm. Nanso so ɛyɛ nokware sɛ yefi aboa te sɛ kontromfi a ɔtraa ase mfe ɔpepem pii a atwam ni mu anaa? So amansan kɛse yi bae mpofirim ara kwa?

4. Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ “Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase”?

4 Bible no se: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.” (Genesis 1:1) Na nyansahu mu nokwasɛm ahorow gye tom sɛ ɔsoro, ne emu nsoromma ɔpepepem pii no, ne yɛn asase yi nyaa mfiase. Wɔbɔe. Sɛnea nsoromma ne okyinsoromma afoforo no twa wɔn ho di akɔneaba no kɔ so pɛpɛɛpɛ ma wotumi di kan kyerɛ sɛnea wɔn gyinabea bɛyɛ pɛpɛɛpɛ mfe pii. Nsoromma ne okyinsoromma ahorow no nenam amansan yi mu sɛnea nkontaabu nhyehyɛe pa ne nnyinasosɛm ahorow te. Nkontaabu ho ɔbenfo bi a ɔwɔ Cambridge Sukuupɔn mu, P. Dirac, kae wɔ nsɛmma nhoma Scientific American mu sɛ: “Ebia obi betumi akyerɛkyerɛ tebea no mu denam ka a ɔbɛka sɛ Onyankopɔn yɛ nkontaabufo kɛse, na ɔde nkontaabu a emu dɔ dii dwuma wɔ amansan yi hyehyɛ mu no so.”

5. Ɔkwan bɛn so na yɛn honam nipadua kyerɛ sɛ wɔbɔɔ yɛn mmom sen sɛ adannandi mu na yefi bae?

5 Bible se: “Munhu sɛ Yehowa ne Nyankopɔn, ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na ɛnyɛ yɛn ankasa.” (Dwom 100:3, NW) Yɛn desani nipadua no yɛ nwonwa araa ma Bible kyerɛwfo bi ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Meda wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa. . . . Me nnompe anhintaw wo, bere a wɔyɛɛ me ahintawee mu . . . Meyɛ mogya tɔw nko no, w’aniwa huu me, na wo nhoma mu wɔakyerɛw ne nyinaa.” (Dwom 139:14-16) Abofra nyin ne nã yam wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. Newsweek nsɛmma nhoma kae wɔ eyi ho sɛ: “Ne tiaa mu no, ɛyɛ anwonwade.” Na ɔde kaa ho sɛ: “Biribiara nni hɔ a ebetumi akyerɛ bere pɔtee a nyinsɛn fi ase. Nyansahufo biara nni hɔ a obetumi akyerɛ tumi a ɛyɛ nwonwa a efi ase di dwuma ma mogya tɔw no fi ase nya nipadua mu nkwaadɔm ne hon ntini mpempem pii no.”

6. Dɛn nti na ntease wom sɛ yebegye adebɔ adi mmom sen adannandi?

6 Susuw yɛn amansan kɛse yi ho, ne yɛn ankasa nipadua ne ɔkwan a wɔfaa so yɛe a ɛyɛ nwonwa no ho. Ɛsɛ sɛ adwene a emu da hɔ kyerɛ yɛn sɛ saa nneɛma yi amma mpofirim ara kwa, anaasɛ ɛnyɛ ɛno ankasa na ɛbae. Ɛsɛ sɛ wonya Ɔyɛfo, Nea Ɔbɔe. Susuw nneɛma afoforo a atwa yɛn ho ahyia a yehu no ho. Sɛ wowɔ wo fie a, bisa wo ho sɛ: So me pon, kanea, mpa, akongua, afasu, ne ɔdan no ankasa mpo, bae ara kwa? Anaa so na wohia ɔyɛfo? Yiw, ná ɛho hia sɛ nnipa a wonim nyansa yɛ eyinom! Ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi aka sɛ na yɛn amansan a ɛyɛ nwonwa yi ne yɛn ankasa nhia ɔyɛfo? Na sɛ Onyankopɔn na ɔde yɛn baa ha a, akyinnye biara nni ho sɛ biribi nti na ɔyɛɛ saa.

7. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu daa no adi sɛ ogye adebɔ di? (b) Adanse bɛn bio na ɛwɔ hɔ sɛ na Adam yɛ onipa ankasa?

7 Yesu Kristo ankasa kae wɔ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no ho sɛ: “Nea ɔbɔɔ nnipa no, ɔbarima ne ɔbea na ɔyɛɛ wɔn, na ɔkae sɛ: Eyi nti na onipa begyaw agya ne ɛna, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ ɔhonam koro?” (Mateo 19:4, 5) Ɛha no Yesu faa Genesis 1:27 ne 2:24 hɔ asɛm a ɛfa Adam ne Hawa bɔ ho no kae. Ɔnam eyi so daa no adi sɛ Bible mu asɛm yi yɛ nokware. (Yohane 17:17) Afei nso Bible frɛ Henok “nea ɔto Adam so ason.” (Yuda 14) Sɛ na Adam nyɛ onipa ankasa a, anka Bible no renka ne ho asɛm tẽe saa.​—Luka 3:37, 38.

8. Onipa mfiase ho adwene a wokura bɛn na Bible nkyerɛkyerɛ?

8 Ebinom ka sɛ Onyankopɔn nam adannandi so na ɔbɔɔ onipa. Wɔkyerɛ sɛ Onyankopɔn maa kwan ma onipa fi nneɛma ahorow mu bae nkakrankakra, na eduu baabi no na Ɔde ɔkra hyɛɛ ne mu. Nanso adwene a ɛte saa nna adi wɔ Bible mu baabiara. Mmom no, Bible se wɔbɔɔ nnua ne mmoa “sɛnea wɔn su te.” (Genesis 1:11, 21, 24) Na nokwasɛm no da no adi sɛ dua anaa aboa biara nni hɔ a, bere bi akyi no ɛdan yɛ dua anaa aboa foforo. Wubetumi ahu nsɛm afoforo a ɛkyerɛ sɛ yemfi adannandi mu no wɔ nhoma Did Man Get Here by Evolution or by Creation? mu.

SƐNEA ONYANKOPƆN BƆƆ ONIPA

9. (a) Bible no ka onipa bɔ ho asɛm dɛn? (b) Dɛn na ɛbae bere a Onyankopɔn huw “nkwa home” guu onipa hwene mu no?

9 Onyankopɔn de asase yi bi bɔɔ onipa sɛ ɔntra asase no so, sɛnea Bible ka no: “[Yehowa] Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefo.” (Genesis 2:7) Wɔ eyi mu no yetumi hu sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa tẽe. Wɔ adebɔ soronko mu no, Onyankopɔn yɛɛ onipa a odi mu. Bere a Onyankopɔn huw “nkwa home” guu onipa hwene mu no, mframa hyɛɛ onipa ahurututu ma. Nanso ɛyɛɛ nea ɛsen saa. Onyankopɔn nam so maa nkwa baa onipa nipadua mu. Saa nkwa tumi yi kɔ so tra hɔ denam home a yɛhome so.

10. Dɛn ne ɔdesani kra no, na wɔbɔɔ no dɛn?

10 Nanso, hyɛ no nsow sɛ Bible no nka sɛ Onyankopɔn maa onipa ɔkra. Mmom no, ɛka sɛ bere a Onyankopɔn maa onipa fii ase homee no, ‘onipa no bɛyɛɛ ɔkra teasefo.’ Enti na onipa yɛ ɔkra, sɛnea onipa a ɔbɛyɛ oduruyɛfo no yɛ oduruyɛfo no. (1 Korintofo 15:45) “Fam dɔte” a wɔde nwenee honam nipadua no nyɛ ɔkra. Na Bible no nka sɛ “nkwa home” no yɛ ɔkra. Mmom no, Bible da no adi sɛ nneɛma abien yi a wɔka boom no na ɛmaa ‘onipa no bɛyɛɛ ɔkra teasefo.’

11. Bible mu nokwasɛm ahorow a ɛfa ɔdesani kra ho bɛn na ɛda no adi sɛ ɛrentumi nyɛ ade bi a ɛte sɛ sunsuma a etumi fi onipa mu na ɛkɔ so tra ase?

11 Esiane sɛ ɔdesani kra no ne onipa ankasa nti, ɛrentumi nyɛ ade bi a ɛte sɛ sunsuma a ɛhyɛ nipadua no mu anaasɛ etumi fi nipadua no mu. Ne tiaa mu no, Bible no kyerɛkyerɛ sɛ wo kra ne wo. Sɛ nhwɛso no, Bible no ka aduan ankasa a ɔkra no hwehwɛ ho asɛm, sɛ: “Ɛdɔ wo kra kɔn sɛ obedi nam.” (Deuteronomium 12:20) Ɛkyerɛ nso sɛ akra wɔ mogya a ɛnam wɔn ntini mu, efisɛ ɛka sɛ “wohu ahiafo a wodi bem no akra mogya.”​—Yeremia 2:34, Twi Bible Dedaw.

NEA ENTI A ONYANKOPƆN DE ONIPA TOO HA

12. Ná dɛn ne Onyankopɔn atirimpɔw ma nnipa wɔ asase so?

12 Ná ɛnyɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ Adam ne Hawa bewu bere tenten bi akyi na wɔakɔtra baabi foforo. Na ɛsɛ sɛ wɔtra ha hwɛ asase yi ne nneɛma a nkwa wom a ɛwɔ so nyinaa so. Sɛnea Bible ka no: “Onyankopɔn hyiraa wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.” (Genesis 1:28; 2:15) Anka Adam ne Hawa ne mma a wɔbɛwo wɔn no ani betumi agye wɔ asase so daa, na wɔayɛ nneɛma a Onyankopɔn pɛe sɛ wɔyɛ no.

13. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya anigye? (b) Dɛn na ɛbɛma yɛn asetra ayɛ nea ɛfata ankasa?

13 Hyɛ no nsow sɛ “Onyankopɔn hyiraa wɔn.” Odwen ne mma a wɔwɔ asase so no ho ankasa. Enti sɛ́ Agya a ɔwɔ ɔdɔ no ɔde afotu a eye ma wɔn maa wɔn. Anka wɔn ani begye wɔ ɛso di mu. Ná Yesu nim eyi, na enti ɔkae akyiri yi sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm na wodi so!” (Luka 11:28, New World Translation) Yesu dii Onyankopɔn asɛm so. Ɔkae sɛ: “Meyɛ nea ɛsɔ n’ani daa.” (Yohane 8:29) Eyi titiriw nti na yɛwɔ ha. Ɛne sɛ yebenya asetra pa a anigye wom denam yɛn asetra a yɛbɛma ɛne Onyankopɔn apɛde ahyia so. Yehowa a yɛbɛsom no no bɛma yɛn asetra ayɛ nea ɛfata ankasa nnɛ. Saa a yɛbɛyɛ no bɛma yɛatumi atra ase daa wɔ Paradise wɔ asase so.​—Dwom 37:11, 29.

NEA ENTI A YENYINYIN NA YEWUWU

14. Ɛdenam Onyankopɔn ahyɛde so a wɔanni no so no, dɛn na Adam ne Hawa yɛe?

14 Nanso mprempren de yɛn nyinaa nyinyin na yewuwu. Dɛn ntia? Sɛnea yehui wɔ ti a edi eyi anim no mu no, ɛyɛ Adam ne Hawa atuatew no nti. Ná Yehowa de ahyɛde bi ama wɔn a ɛdaa hia a osetie a wɔbɛyɛ ama Onyankopɔn ho hia adi. Ɔka kyerɛɛ Adam sɛ: “Turom ha nnua nyinaa, di bi. Na papa ne bɔne hu dua no de, nni, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Genesis 2:16, 17) Ɛdenam saa dua yi aba a wodii so no, Adam ne Hawa tew atua tiaa Onyankopɔn na wɔpow n’akwankyerɛ. Wɔyɛɛ asoɔden faa nea ɛnyɛ wɔn de. Anka wobetumi atra ase anigye mu daa wɔ paradise a ohia anaa amanehunu biara nni hɔ, nanso afei wɔde bɔne akatua baa wɔn so. Saa akatua yi ne sintɔ ne owu.​—Romafo 6:23.

15. Ɔkwan bɛn so na yenyaa yɛn bɔne fii Adam mu?

15 So wunim sɛnea yenyaa yɛn bɔne fii Adam mu no? Bere a Adam tɔɔ sin no, ɔde saa sintɔ ne owu no maa ne mma nyinaa. (Hiob 14:4; Romafo 5:12) Nea ɛbɛboa wo ma woate tebea no ase no, susuw nea ɛba bere a abodoo-tofo to abodoo wɔ kyɛnsee a ɛho amoa mu no. Abodoo a wɔtoo no kyɛnsee a ɛte saa mu no nyinaa ho bɛtɔ kyim. Adam bɛyɛɛ te sɛ saa kyɛnsee no, na yɛte sɛ abodoo no. Ɔtɔɔ sin bere a ɔtoo Onyankopɔn mmara no. Ná ɛte sɛ nea wadi dɛm. Enti bere a ɔwoo mma no, wɔn nyinaa nyaa bɔne ho sɛnkyerɛnne anaa sintɔ koro no ara.

16, 17. Ɔkwan bɛn so na Yesu anwonwade ahorow no mu biako da no adi sɛ bɔne nti na ɔyare aba adesamma abusua no so?

16 Yɛyare na yɛbɔ nkwakora ne mmerewa nnɛ esiane bɔne a yɛn nyinaa anya afi Adam mu no nti. Anwonwade ahorow a Yesu yɛe no mu biako da eyi adi. Bere a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ ofie a ɔte mu mu no, nnipadɔm kɛse kɔhyɛɛ hɔ ma a na onipa foforo biara ntumi nkɔ ɔdan no mu. Bere a nnipa baanan de ɔbarima bi a wabubu da kɛtɛ so bae no, wohui sɛ wɔrentumi nkɔ ɔdan no mu. Wɔforo kɔɔ ɔdan no atifi, tuu tokuru wɔ mu, na wogyaagyaa kɛtɛ no mu brɛoo besii fam wɔ Yesu nkyɛn a na ɔbarima a wabubu no da so.

17 Bere a Yesu huu gyidi a wɔwɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔbarima a wabubu no sɛ: “Wɔde wo bɔne afiri wo.” Nanso nnipa a na wɔwɔ hɔ no binom ansusuw sɛ Yesu betumi de bɔne afiri. Enti Yesu kae sɛ: “Sɛnea ɛbɛyɛ na mubehu sɛ onipa ba no wɔ tumi asase so sɛ ɔde bɔne firi nti, osee obubuafo no sɛ: Mise wo sɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fi! Na ɔsɔree, na ntɛm ara ɔfaa ne kɛtɛ fii wɔn nyinaa anim kɔe.”​—Marko 2:1-12.

18. Daakye bɛn na Onyankopɔn asomfo betumi ahwɛ kwan?

18 Wo de susuw nea Yesu tumi yi betumi akyerɛ ama yɛn no ho hwɛ! Wɔ Onyankopɔn ahenni nniso no ase no, Kristo betumi de nnipa a wɔdɔ Onyankopɔn na wɔsom no nyinaa bɔne afiri wɔn. Eyi kyerɛ sɛ wobeyi ɛyaw ne nyarewa ahorow nyinaa afi hɔ. Ɛho renhia sɛ obi nyin na owu da! Anidaso a ɛyɛ nwonwa bɛn ara na eyi yɛ ma daakye! Yiw, pii wɔ hɔ a yebetumi ahwɛ kwan ampa asen wo a wɔbɛwo yɛn, ma yɛatra ase bere tiaa bi na afei yɛawu. Ɛdenam Onyankopɔn ho ade a yɛbɛkɔ so asua ne ɛdenam som a yɛbɛsom no so no, yebetumi atra ase daa wɔ Paradise wɔ asase so.

[Kratafa 69 mfoni]

Pii ntumi nte nea asetra kyerɛ ase

[Kratafa 70 mfoni]

So nneɛma yi bae ara kwa, anaasɛ wɔyɛe?

[Kratafa 75 mfoni]

Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa obubuafo a Yesu saa no yare no ho no da no adi sɛ nkurɔfo yare esiane Adam bɔne no nti

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena