Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • T-23 kr. 1-6
  • Yehowa—Ɔne Hena?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa—Ɔne Hena?
  • Yehowa—Ɔne Hena?
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hena ne Ɔbɔadeɛ No?
  • Nea Ne Din Kyerɛ
  • Yehowa Su Ahorow a Eye Kyɛn So
  • Yehowa a Yebehu No no So Mfaso Horow
  • Ne Nyinaa Fi Hena?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Hena Ne Yehowa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Onyankopɔn a Wubehu No
    Asetra a Abotɔyam—Ɔkwan a Yɛbɛfa So Anya
  • Hena Ne Nokware Nyankopɔn No?
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Yehowa—Ɔne Hena?
T-23 kr. 1-6

Yehowa—Ɔne Hena?

BERE a afeha a ɛto so 19 Franseni Henri Mouhot a okyinkyin hwehwɛ sɛnea nsase so te repae kwan afa kwae birentuw mu wɔ Cambodia no, oduu osuka kɛse bi a atwa asɔredan bi ho ahyia ho. Na ɛyɛ Angkor Wat, nyamesom nkaedum a ɛso sen biara wɔ asase so no. Bere a Mouhot ani bɔɔ so ara pɛ no, otumi kae sɛ ɔdan a apopobibiri wɔ ho no yɛ onipa nsaano adwuma. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɔdan a tete nipa bi a ɔte sɛ Michelangelo na osii yi so sen biribiara a Helafo anaa Romafo si de gyaw yɛn.” Ɛwom sɛ na wɔagyaw asi hɔ kwa mfehaha pii de, nanso na ogye di sɛ obi na osii ɔdan kɛse no.

Anigyesɛm ne sɛ nhoma bi a ɛma nyansa a wɔkyerɛw no mfehaha pii ni no da ntease a ɛte saa ara adi sɛ: “Ofi biara, obi na osi, na nea osiesie nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.” (Hebrifo 3:4) Nanso ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Ɛsono ɔdomankoma nnwuma na ɛsono nea onipa yɛ.’ Nanso, ɛnyɛ nyansahufo nyinaa na wogye saa asɛm no tom.

Bere a Michael Behe a ɔyɛ abɔde a nkwa wom mu nnuru ho ɔbenfo abadiakyiri wɔ Lehigh Sukuupɔn a ɛwɔ Pennsylvania, U.S.A. mu no gye toom sɛ “abɔde a ɛte ase mu nnuru wɔ nkwa” akyi no, obisae sɛ: “So wɔnam nyansa so betumi ahyehyɛ abɔde a nkwa wom mu nnuru?” Ɔkɔ so kyerɛ sɛ mprempren nyansahufo nam akwan te sɛ awosu mu nkwaadɔm a wɔhyehyɛ so reyɛ nsakrae atitiriw wɔ abɔde a nkwa wom mu. Yiw, wobetumi “ayɛ” nneɛma a nkwa wom ne nea nkwa nnim nyinaa! Bere a Behe reyɛ nkwammoaa a aniwa ntumi nhu wɔn ho nhwehwɛmu no, ohuu abɔde a wɔn mu nneɛma dɔɔso yiye a ɛwɔ nkwaa ahorow a ɛdan wɔn ho wɔn ho na ama atumi ayɛ adwuma. Asɛm bɛn na ɔkae? “Nea afi mmɔden pii a wɔabɔ de ayɛ nkwammoaa ho nhwehwɛmu yi mu—de ahwehwɛ nkwammoaa mu nneɛma nketenkete mu—aba no da no adi pefee sɛ ‘wɔyɛe!’”

Nanso, hena ne Ɔbɔadeɛ a ɔyɛɛ abɔde a wɔn nneɛma dɔɔso yiye no?

Hena ne Ɔbɔadeɛ No?

Mmuae no wɔ tete nhoma bi a ɛma nyansa a yɛafa aka asɛm dedaw no mu—Bible no. Bible no bua asɛmmisa a ɛfa nea ɔyɛɛ nneɛma nyinaa ho no wɔ ɔkwan a asete nyɛ den koraa na emu da hɔ pefee so wɔ nsɛm a wɔde fii ase no mu sɛ: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.”—Genesis 1:1.

Nanso, bere a Ɔbɔadeɛ no rekyerɛ sɛ ɔda nsow wɔ afoforo a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn ho no, ɔde edin bi a ɛda nsow daa ne ho adi sɛ: “Sɛ Onyankopɔn [Yehowa, “NW”], nea ɔbɔɔ ɔsoro . . . na ɔyerɛw asase ne ne mfifii mu, na ɔde ahome ma ɛso nkurɔfo . . . se ni.” (Yesaia 42:5, 8) Onyankopɔn a ɔyɛɛ amansan no ne mmarima ne mmea a wɔwɔ asase so no din de Yehowa. Nanso hena ne Yehowa? Ɔyɛ Onyankopɔn bɛn? Na dɛn nti na ɛsɛ sɛ wutie no?

Nea Ne Din Kyerɛ

Nea edi kan koraa no, dɛn na Ɔbɔadeɛ no din Yehowa no kyerɛ? Wɔde Hebri nkyerɛwde anan (יהוה) na akyerɛw Onyankopɔn din, na epue bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ Bible no fã a wɔde Hebri kasa kyerɛwee no mu. Wɔkyerɛ sɛ edin yi yɛ Hebri adeyɛ asɛm ha·wahʹ (“ɛbɛyɛ”) a ɛkyerɛ sɛ wɔyɛ biribi wie ma enti ɛkyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Ɔkwan foforo so no, ɛkyerɛ sɛ Yehowa fi nyansam dan ne ho sɛnea ehia biara na ama wama n’atirimpɔw abam. Ɔyɛ Ɔbɔadeɛ, Ɔtemmufo, Ogyefo, Nkwammafo, ne nea ɛkeka ho, na ama wadi ne bɔhyɛ ahorow so. Afei nso, Hebri adeyɛ asɛm no tumi kyerɛ biribi a wɔreyɛ awie. Eyi kyerɛ sɛ Yehowa da so ara yɛ ne ho nea ɔma ne bɔhyɛ ahorow nya mmamu. Yiw, ɔyɛ ɔteasefo Nyankopɔn!

Yehowa Su Ahorow a Eye Kyɛn So

Bible kyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ ne nea odi ne bɔhyɛ ahorow so yi yɛ obi a afoforo ani gye ne ho yiye. Yehowa ankasa daa ne su horow a ɛda nsow no adi na ɔkae sɛ: “[Yehowa, Yehowa, NW], Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii, nea ɔkora adɔeyɛ ma mpem mpem, na ɔde amumɔyɛ ne mmarato ne bɔne firi.” (Exodus 34:6, 7) Wɔda Yehowa adi sɛ adɔe Nyankopɔn. Wobetumi akyerɛ Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no ase nso sɛ “nokware dɔ.” Yehowa de nokwaredi kɔ so yi ɔdɔ adi kyerɛ n’abɔde bere a ɔrema ne daa atirimpɔw anya mmamu no. So worenkyerɛ ɔdɔ a ɛte saa ho anisɔ?

Afei nso, Yehowa bo kyɛ fuw na ɔntwentwɛn ne nan ase sɛ ɔde yɛn mfomso befiri yɛn. Ɛyɛ anigye sɛ yɛbɛbɛn obi a ɔnhwehwɛ yɛn ho mfomso na mmom wayɛ krado sɛ ɔde yɛn bɔne befiri yɛn. Nanso ɛno nkyerɛ sɛ Yehowa pene bɔne so. Ɔkae sɛ: “Me, [Yehowa, NW], medɔ atemmu, mikyi atirimɔden so dwowtwa.” (Yesaia 61:8) Sɛ atɛntrenee Nyankopɔn no, ɔrenkɔ so nnya abɔnefo a wɔsen wɔn kɔn a wɔkɔ so yɛ bɔne no ho koma daa. Enti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ wɔ Yehowa bere a ɛsɛ mu no, obeyi nsisi afi yɛn wiase yi mu.

Egye nyansa na obi ama ɔdɔ ne atɛntrenee akari pɛ. Sɛ Yehowa ne yɛn redi a, ɔma su abien yi kari pɛ wɔ anwonwakwan so. (Romafo 11:33-36) Nokwarem no, yebetumi ahu ne nyansa wɔ baabiara. Abɔde a ɛyɛ nwonwa no di eyi ho adanse.—Dwom 104:24; Mmebusɛm 3:19.

Nanso, nyansa a ɔwɔ no nkutoo nnɔɔso. Sɛ Ɔbɔadeɛ no bɛma nea ɛba n’adwenem anya mmamu a, ɛsɛ sɛ onya tumi a edi mũ nso. Bible da no adi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔte saa: “Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom. Ɔno na obu wɔn dɔm ano yi wɔn adi . . . ne tumi dodow ne n’ahoɔden kɛse nti obiara nka akyiri.” (Yesaia 40:26) Nokwarem no, Yehowa wɔ “tumi dodow” a ɔde bɛma n’apɛde ayɛ hɔ. So su a ɛte saa nka wo mmɛn Yehowa?

Yehowa a Yebehu No no So Mfaso Horow

Yehowa ‘ammɔ asase no hunu,’ na mmom “ɔnwenee sɛ” nnipa a wɔne no wɔ abusuabɔ pa ‘ntra so.’ (Yesaia 45:18; Genesis 1:28) Odwen n’asase so abɔde ho. Ɔmaa adesamma nyaa mfiase a ɛyɛ pɛ wɔ fie bi a ɛte sɛ turo, paradise mu. Nanso, adesamma resɛe no, na Yehowa ani nnye ho koraa. Nanso, sɛnea Yehowa din kyerɛ no, ɔbɛma ne mfitiase atirimpɔw ma adesamma ne asase no anya mmamu koraa. (Dwom 115:16; Adiyisɛm 11:18) Ɔbɛsan de Paradise aba asase so ama wɔn a wɔpɛ sɛ wotie no sɛ ne mma.—Mmebusɛm 8:17; Mateo 5:5.

Bible mu nhoma a etwa to no ka asetra a wubetumi anya wɔ saa Paradise no mu ho asɛm sɛ: “Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:3, 4) Ɛno ne asetra ankasa a Yehowa pɛ sɛ wunya. Agya yamyefo a ɔyɛ bɛn ara ni! So wopɛ sɛ wusua ne ho ade pii ne nea wɔhwehwɛ fi wo hɔ na woatra Paradise?

Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Twi Bible foforo no mu, gye sɛ wɔakyerɛ sɛ efi nkyerɛase foforo bi mu. Faako a NW di asɛm a wɔafa aka akyi no, ɛkyerɛ sɛ efi Engiresi kasa mu New World Translation of the Holy Scriptures no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena