December
Memeneda, December 1
Momfa gyidi nnyina hɔ pintinn ne no nni asi, bere a munim sɛ amanehunu koro no ara na wɔde ba mo nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa so no.—1 Pet. 5:9.
Ɔsomafo Petro kyerɛw saa asɛm yi de hyɛɛ Kristofo nkuran sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi agyina sɔhwɛ pii a Satan de ba wɔn so no ano. “Wɔn a wɔagyina mu no” asetenam nsɛm betumi aboa ma yɛahu sɛnea yebedi nokware wɔ sɔhwɛ mu. Afei nso, ɛbɛma yɛanya awerɛhyem sɛ yebetumi adi nkonim, na ama yɛakae sɛ, sɛ yedi nokware a, Yehowa behyira yɛn. (Yak. 5:11) Ɛyɛ a nkurɔfo sɔre tia wo denneennen anaa wɔtaa wo? Woyɛ asafo mu panyin anaa ɔmansin sohwɛfo? Dwumadi pii a egu wo so nti wote nka sɛ wutwa wo ho a entwa? Sɛ saa a, ɛnde hwɛ Paulo sua no. Nkurɔfo yɛɛ Paulo ayayade, na daa na asafo ahorow no ho asɛm haw no. (2 Kor. 11:23-29) Ne nyinaa mu no, Paulo ampa abaw, na nea ɔfaa mu no hyɛɛ afoforo gyidi den. (2 Kor. 1:6) Sɛ woda boasetɔ adi a, ɛbɛboa afoforo na sɛ wɔn nso hyia sɔhwɛ a, wɔatumi agyina mu. w16.04 2:11, 14
Kwasida, December 2
Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, . . . monkyerɛkyerɛ wɔn.—Mat. 28:19, 20.
Sɛ nkurɔfo ne yɛn yɛ adwene oo, wɔsɔre tia yɛn denneennen oo, obiara nim sɛ Yehowa Adansefo ka asɛmpa no. Ebia woahyia nnipa bi wɔ asɛnka mu ama wɔaka sɛ wɔmpɛ yɛn nkyerɛkyerɛ, nanso wɔka sɛ adwuma no de, ɛno ara na yɛreyɛ no. Yenim sɛ Yesu ka too hɔ sɛ n’akyidifo bɛka Ahenni ho asɛmpa no wɔ asase so nyinaa. (Mat. 24:14) Asɔre pii kyerɛ sɛ wɔn nso reka Asɛmpa no bi. Nanso mpɛn pii no, wobɛhwɛ na wɔredi wɔn ankasa ho adanse anaa wɔreka nea wɔkyerɛ sɛ Awurade ayɛ ama wɔn. Anyɛ saa nso a, na wɔreyɛ asɔre wɔ asɔredan mu, television so, anaa Intanɛt so. Ebinom nso de, adɔe a wɔyɛ nkurɔfo anaa nea wɔatumi ayɛ wɔ ayaresa ne nhomasua mu no, ɛno na wɔka ho asɛm. Sɛ yɛhwɛ adwuma a Yesu kae sɛ n’akyidifo nyɛ no a, wohwɛ a, ɛno na wɔreyɛ yi? w16.05 2:1, 2
Dwoda, December 3
Mede asɛm no dan Kaesare!—Aso. 25:11.
Onyankopɔn Ahenni fii ase dii tumi afe 1914, na nnipa nniso abɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no tamfo. Ɛrenkyɛ koraa, Ahenni yi beyi nnipa nniso nyinaa afi hɔ. (Dw. 2:2, 7-9) Onyankopɔn ama wiase atumfoɔ kwan sɛ wonni tumi efisɛ wɔboa ma yenya asomdwoe kakra. Wei ma yetumi ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. (Rom. 13:3, 4) Onyankopɔn ka kyerɛ yɛn mpo sɛ yɛmmɔ mpae mma atumfoɔ na yɛanya asomdwoe de asom no. (1 Tim. 2:1, 2) Sɛ nnipa bi ne yɛn anni no yiye a, yɛde yɛn asɛm kɔdan atumfoɔ no. Saa na Paulo yɛe. Ɛwom, Bible ma yehu sɛ Satan na odi wiase no so, nanso ɛnka wɔ baabiara sɛ obiara a ɔredi tumi wɔ aban mu no, Satan na ɔde no reyɛ adwuma. (Luka 4:5, 6) Ɛno nti, ɛnsɛ sɛ yɛma obiara nya adwene sɛ sɛ obi wɔ dibea wɔ aban mu a, na Ɔbonsam de no reyɛ adwuma. Bible ka sɛ ɛnsɛ sɛ yedidi obiara atɛm.—Tito 3:1, 2. w16.04 4:5, 6
Benada, December 4
Monkɔ so nhu Yehowa apɛde.—Efe. 5:17.
Ebia wubebisa sɛ, ‘Sɛ yenni ahyɛde pɔtee a Bible aka afa asɛm bi ho a, yɛbɛyɛ dɛn ahu nea ɛsɔ Yehowa ani?’ Sɛ Bible ankyerɛ mmara pɔtee bi a ɛsɛ sɛ yedi so a, yɛbɛyɛ dɛn ahu nea ɛsɔ Onyankopɔn ani? Ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae na yɛma ne honhom no kyerɛ yɛn kwan. Ɛyɛɛ dɛn na Yesu huu nea n’Agya pɛ sɛ ɔno Yesu yɛ? Mprenu na Yesu dii kan bɔɔ mpae ansa na ɔrefa anwonwakwan so ama nnipadɔm bi aduan. (Mat. 14:17-20; 15:34-37) Nanso bere a ɔkɔm de ɔno ankasa na Ɔbonsam sɔɔ no hwɛe wɔ sare no so sɛ ɔmma abo nnan paanoo no, wanyɛ. (Mat. 4:2-4) Ná Yesu nim n’Agya adwene, enti ohui sɛ ɛnsɛ sɛ ɔma abo dan paanoo. Yesu hui sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn apɛde ne sɛ ɔde tumi a Onyankopɔn de ama no no bɛyɛ nea ɔno ara pɛ. Yesu anyɛ saa, na ɛno ma yehu sɛ na ɔma Yehowa kyerɛ no kwan. Afei nso, na ɔwɔ gyidi sɛ Yehowa betumi ama ne nsa aka n’ano aduan. w16.05 3:7, 8
Wukuda, December 5
Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu, na eye.—2 Tim. 3:16.
Bible no afã bi wɔ hɔ a mfiase no wɔkyerɛw maa ankorankoro anaa nnipakuw bi. Ɛno nti, sɛ yɛrebɛkenkan Onyankopɔn Asɛm a, ɛyɛ papa sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ adwempa ne nyansa. Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya ntease a Yehowa pɛ sɛ yɛn nsa ka no. (Esra 7:10; Yak. 1:5) Sɛ worekenkan Bible na wudu baabi a, twɛn kakra na bisa wo ho nsɛm a edidi so yi: ‘Dɛn na saa asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho? Mɛyɛ dɛn de saa asɛm yi abɔ me bra? Mɛyɛ dɛn de aboa afoforo?’ Sɛ yesusuw nsɛmmisa a ɛte saa ho a, sɛnea ɛte biara, yebenya Bible akenkan so mfaso pii. Nhwɛso bi ni. Wo de, susuw Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde a ɛma mmarima bi fata sɛ Kristofo asafo mu mpanyimfo no ho hwɛ. (1 Tim. 3:2-7) Esiane sɛ yɛn mu dodow no ara nyɛ asafo mu mpanyimfo nti, anhwɛ a yɛbɛka sɛ asɛm no mfa yɛn ho papa. Nanso yɛn nyinaa betumi anya saa ahwehwɛde no so mfaso wɔ akwan pii so. w16.05 5:7, 8
Yawda, December 6
Hwɛ! Sɛnea dɔte te wɔ ɔnwemfo nsam no, saa ara na mo nso mote wɔ me nsam.—Yer. 18:6.
Yudafo a wɔde wɔn kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon no, woduu hɔ ara pɛ na wohui sɛ ahoni ahyɛ kurow no mu ma. Wohui sɛ ahonhommɔne de Babilonfo no ayɛ nkoa. Nanso Yudafo anokwafo te sɛ Daniel ne ne nnamfo baasa no de, wɔanyɛ nea Babilonfo kae sɛ wɔnyɛ no. (Dan. 1:6, 8, 12; 3:16-18) Ná Daniel ne ne nnamfo baasa no awe ahinam so sɛ Yehowa, wɔn Nwemfo no, nkutoo na wɔbɛsom no. Wotumi yɛɛ saa nso! Ɛkame ayɛ sɛ Daniel tenaa Babilon ne nkwa nna nyinaa; nanso Onyankopɔn bɔfo bi kae sɛ Daniel yɛ ‘ɔbarima a wɔpɛ n’asɛm paa.’ (Dan. 10:11, 19) Tete no, sɛ ɔnwemfo pɛ sɛ ɔde dɔte nwene biribi te sɛ ayowa a, na ɔbobɔ adaka de dɔte no gu mu. Afei, omiamia so araa kosi sɛ ayowa no bɛyɛ te sɛ adaka no sɛso pɛpɛɛpɛ. Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ gye tom sɛ Yehowa ne Amansan Hene. Ɔno na ɔwɔ tumi sɛ ɔnwene nnipa ne aman nyinaa. (Yer. 18:6) Onyankopɔn wɔ tumi nso sɛ ɔnwene yɛn mu biara. Nanso, ogye tom sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yɛyɛ nea yɛpɛ, na ɔpɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu tie no. w16.06 2:1, 2
Fida, December 7
Mommma sikanibere mmma mo asetena mu.—Heb. 13:5.
Satan nam aguadi a ɛrekɔ so wɔ ne wiase yi mu so daadaa yɛn. Ɔma yenya adwene sɛ, sɛ yɛn ani begye wɔ asetena mu a, gye sɛ yenya nneɛma pii. Satan aben wɔ sɛnea ɔde “aniwa akɔnnɔ” daadaa nnipa mu. (1 Yoh. 2:15-17; Gen. 3:6; Mmeb. 27:20) Ɛnnɛ, wɔbɔ biribiara bi ho dawuru wɔ wiase. Ebi ye paa na mfaso wɔ so, na ebi nso wɔ hɔ a, mfaso biara nni so. Woatɔ biribi a wunhia pɛn? Ebia wuhui sɛ wɔrebɔ ho dawuru anaa w’ani bɔɔ so wɔ sotɔɔ bi mu. Akyiri yi, wuhui sɛ worenhia ade a wotɔe no wɔ w’asetenam da anaa? Nneɛma a ɛho nhia saa betumi akɔfa ɔhaw ne dadwen abɛto yɛn so. Ebetumi asum yɛn afiri na agye yɛn bere a yɛde sua Bible ne nea yɛde sua ade ansa na yɛakɔ asafo nhyiam. Saa ara nso na ebetumi ama yɛn asɛnkakɔ ayɛ basaa. Momma yɛnkae sɛ, ɔsomafo Yohane bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam.” w16.07 1:3, 4
Memeneda, December 8
Sɛnea “anyame” pii wɔ hɔ no . . , yɛn de, Onyankopɔn biako na yɛwɔ.—1 Kor. 8:5, 6.
Asomafo no bere so no, na Yudafo, Helafo, Romafo, ne aman foforo sofo na ɛwɔ Kristofo asafo no mu. Ná ɛsono obiara ne n’amammerɛ, ne som, ne nea ɔpɛ. Ɛno nti, ɛyɛɛ den maa wɔn mu binom sɛ wobegye ɔsom foforo a wɔabam no atom. Saa ara nso na na ɛyɛ den ma ebinom sɛ, wɔn nneyɛe dedaw no, wobegyae akyi di koraa. Ɔsomafo Paulo hui sɛ ɛfata sɛ ɔkae Kristofo no sɛ wɔn Nyankopɔn yɛ baako, na ɔne Yehowa. Ɛnnɛ, dɛn na ɛrekɔ so wɔ Kristofo asafo no mu? Odiyifo Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ “nna a edi akyiri no mu no,” nnipa a wofi aman nyinaa mu bɛba Yehowa nokware som mu. Wɔbɛka sɛ: ‘Yehowa bɛkyerɛ yɛn n’akwan na yɛanantew n’atempɔn so.’ (Yes. 2:2, 3) Yɛn ani agye paa sɛ yɛahu sɛ saa nkɔmhyɛ no rebam! Nea ɛde aba ne sɛ, asafo pii mu no, yɛwɔ anuanom a ɛsono mmusua a wofi mu, wɔn amammerɛ, ne wɔn kasa. Nanso wɔn nyinaa abom de baakoyɛ reyi Yehowa ayɛ. w16.06 3:15, 16
Kwasida, December 9
Wanyan yɛne no na ɔde yɛn abom atena ɔsoro atenae wɔ Kristo Yesu mu.—Efe. 2:6.
Bere a Kristofo a wɔasra wɔn no ne Kristo te nhengua so wɔ soro redi ade no, ɛbɛyɛ den sɛ yɛde yɛn adwene bebu nneɛma akɛse a Yehowa bɛyɛ ama wɔn no. (Luka 22:28-30; Filip. 3:20, 21; 1 Yoh. 3:2) Wɔn na wɔbɛyɛ “Yerusalem foforo” anaa Kristo ayeforo no. (Adi. 3:12; 17:14; 21:2, 9, 10) Wɔbɛka Yesu ho ama ‘wɔasa amanaman no yare,’ na wɔama nnipa a bɔne ne owu de wɔn ayɛ nkoa no anya ahofadi, na wɔde wɔn akɔ pɛyɛ mu. (Adi. 22:1, 2, 17) Yehowa benyan nnipa afi “Adamoa” mu, na ɛno bɛyɛ ayamye kɛse baako a ɔbɛda no adi wɔ asase so. (Hiob 14:13-15; Yoh. 5:28, 29) Wobenyan mmarima ne mmea anokwafo a wowui ansa na Kristo de ne nkwa rebɔ afɔre no. “Nguan foforo” a wobedi nokware akosi owu mu wɔ nna a edi akyiri yi mu no nso, wobenyan wɔn aba nkwa mu. Wɔn nyinaa bɛkɔ so asom Yehowa.—Yoh. 10:16. w16.07 4:13-15
Dwoda, December 10
Bere a ɛte sɛɛ mu na moada regye mo ahome!—Mar. 14:41.
Sɛ obi wɔ adwempa a, ɛno ara nkyerɛ sɛ “ɔrewɛn” wɔ honhom fam. Ansa na asuafo mmiɛnsa no rededa wɔ Getsemane turom hɔ no, na Yesu adi kan aka akyerɛ wɔn sɛ wɔnkɔ so mmɔ Yehowa mpae. (Luka 21:36) Enti yɛn nso, sɛ yebetumi akɔ so awɛn wɔ Onyankopɔn som mu a, ehia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛbɔ mpae. (1 Pet. 4:7) Esiane sɛ Yesu kae sɛ awiei no bɛba wɔ ‘dɔn a yɛn ani nna so mu’ nti, ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ yɛtɔ nko wɔ honhom fam. Satan ne ne wiase no de afɛfɛde ne nneɛma a mfaso nni so daadaa yɛn, nanso ɛnsɛ sɛ yekodi akyi. (Mat. 24:44) Yehowa ne Kristo nam Bible no so ma yehu nneɛma a wɔbɛma yɛn nsa aka nnansa yi ara. Bio nso, wɔama yɛahu sɛnea yebetumi akɔ so awɛn. Enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hyɛ yɛn gyidi den, yɛbɛn Yehowa, na yɛde Ahenni nneɛma di kan wɔ yɛn asetena mu. Afei, ehia sɛ yehu bere a yɛwom. Saa ara nso na nsɛm a ɛresisi wɔ wiase no, ɛsɛ sɛ yɛte ase na ama yɛasiesie yɛn ho ama nea ɛreba no. (Adi. 22:20) Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya yɛn ti adidi mu! w16.07 2:15-17
Benada, December 11
Monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora.—Kol. 3:13.
Sɛ aware bɛkɔ yiye a, ɛsɛ sɛ awarefo no mu biara bu n’ani gu ne yɔnko mfomso so. Ɛsɛ sɛ ‘wɔkɔ so nya wɔn ho abotare na wɔde firifiri wɔn ho korakora.’ Ɛnyɛ dɛn ara a, wɔn mu baako bɛfom ne yɔnko. Nanso sɛ ɛba saa a, wonya hokwan sua biribi fi saa mfomso no mu. Ɛboa wɔn ma wɔde bɔne firifiri wɔn ho, na wɔma ɔdɔ yɛ n’adwuma sɛ “koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.” (Kol. 3:14) Bio nso, “ɔdɔ wɔ abodwokyɛre na ne yam ye. . . . Ɛmfa bɔne nhyɛ ne mu.” (1 Kor. 13:4, 5) Sɛ mente-me-ho-ase bi yi ne ti a, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ siesie no ntɛm ara. Ehia sɛ Kristofo a wɔyɛ awarefo siesie wɔn ntam nsɛmnsɛm biara ansa na wɔakɔda. (Efe. 4:26, 27) Egye ahobrɛase ne akokoduru na ama awarefo atumi afi wɔn komam aka sɛ, “Mepa wo kyɛw, ná minnim sɛ nea meyɛe no bɛhaw wo saa.” Nanso, sɛ awarefo nya akokoduru ka a, etumi ma asɛm de n’asɛm kɔ, na ɛma wotumi ka bɛn wɔn ho paa. w16.08 2:6
Wukuda, December 12
Akwankyerɛ pa na mede bɛma mo.—Mmeb. 4:2.
Ahenni ho asɛmpaka adwuma no ne adwuma titiriw a Yesu yɛe. Nanso, ogyee bere tetee ebinom ma wɔbɛyɛɛ ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo. (Mat. 10:5-7) Filipo nso, na ɔyɛ ɔsɛmpakafo a onni adagyew koraa. Nanso, ɔboaa ne mmabaa baanan no ma wotumi kyerɛkyerɛɛ nokware a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu yiye kyerɛɛ nkurɔfo. (Aso. 21:8, 9) Ehia sɛ yɛn nso yɛtete afoforo nnɛ. Adɛn ntia? Nnipa a wɔretie asɛmpa no wɔ wiase nyinaa no redɔɔso. Wɔn a wɔyɛ foforo na wonnya mmɔɔ asu no, ɛsɛ sɛ wohu nea enti a ehia sɛ wɔn ankasa gye bere sua Bible no. Ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma wɔka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo na wɔkyerɛkyerɛ wɔn nokware no. Yɛn asafo ahorow mu nso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ anuanom mmarima nkuran ma wɔyere wɔn ho fata sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛpaw wɔn sɛ asafo mu asomfo ne mpanyimfo. Kristofo a wɔn ho akokwaw betumi de “akwankyerɛ pa” ama wɔn a wɔyɛ foforo no ama wɔanya honhom fam nkɔso. w16.08 4:1, 2
Yawda, December 13
Nsa a emu agow no, monhyɛ no den; nkotodwe a ahodwow no, mummia mu.—Yes. 35:3.
Sɛ yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea bom yɛ ɔsom adwuma no a, ɛboa ma yɛyɛ baako. Ɛsan ma yenya nnamfo pa. Afei, gyidi a yɛne yɛn nuanom nyinaa wɔ sɛ Onyankopɔn Ahenni de nhyira bɛbrɛ yɛn no, ɛhyɛ mu den. Sɛ yɛhyɛ afoforo nsam den a, ɛboa wɔn ma sɛ wohyia nsɛm a etu koma a, wotumi gyina ano. Saa ara na etumi boa wɔn ma wokura anidaso a wɔwɔ sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye no mu pintinn. (Yes. 35:4) Afei nso, sɛ yɛboa afoforo saa a, ɛma yɛkɔ so de yɛn adwene si Yehowa som so. Na nneɛma pa a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no, ɛma yegye di paa sɛ ɛbɛba. Nokwasɛm ne sɛ, yɛn ankasa nso, ɛhyɛ yɛn nsam den. Yɛahu sɛ tete no, Yehowa boaa n’asomfo anokwafo, na ɔbɔɔ wɔn ho ban mpɛn pii. Ɛsɛ sɛ wei hyɛ ne mu gyidi ne ahotoso a yɛwɔ no mu den nnɛ. Sɛ wokɔ ahokyere anaa ɔhaw mu a, “mma wo nsam nngow”! (Sef. 3:16) Mmom, bɔ Yehowa mpae. Ma ne nsa a ɛyɛ den no nhyɛ wo den, na ama woanya nhyira a Ahenni no de bɛba no bi.—Dw. 73:23, 24. w16.09 1:16-18
Fida, December 14
Ade biara ne adwuma biara wɔ ne bere.—Ɔsɛnk. 3:17.
Sɛ Onyankopɔn asomfo resi atade a wɔbɛhyɛ ho gyinae a, wɔkae ɛnnɛ asɛm no. Ewim tebea anaa ewim nsakrae betumi ama yɛahu atade a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ. Saa ara na baabi a yɛwɔ nso betumi akyerɛ atade a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ. Nanso, ewim nsakrae nsesa Yehowa gyinapɛn. (Mal. 3:6) Mmeae a ewim yɛ hyew no, egye mmɔdenbɔ paa na ama yɛn ani ada hɔ na yɛahyɛ ntade a ɛfata na nidi wom. Enti, sɛ yɛanhyɛ ntade a ɛkyekyere yɛn papee anaa ɛyɛ hodwoo na ɛma yɛn ho gu hɔ a, yɛn nuanom mmarima ne mmea ani bɛsɔ. (Hiob 31:1) Afei nso, sɛ yɛregye yɛn ahome wɔ mpoano anaa yɛreboro nsu a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a ɛfata. (Mmeb. 11:2, 20) Sɛ mpo ntade a nnipa a wɔnyɛ Yehowa asomfo hyɛ de boro nsu no ma wɔn ho gu hɔ a, yɛn Yehowa asomfo de, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a ɛbɛhyɛ yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ ɔkronkronni a yɛdɔ no no anuonyam. w16.09 3:11, 12
Memeneda, December 15
Muse meyɛ hena?—Mat. 16:15.
Ná Yesu nsuro sɛ obebisa n’akyidifo no adwene wɔ nea wogye di ho. Suasua ne nhwɛso no. Ɛyɛ papa paa sɛ wo ne wo mma bɛbɔ nkɔmmɔ bere a wo ne wɔn abom reyɛ ade. Sɛ woyɛ saa a, ebetumi ama wɔaka wɔn komam nsɛm akyerɛ wo a wonsuro. Sɛ wo ba nte nkyerɛkyerɛ bi ase a, bɔ mmɔden sɛ worenteɛteɛ no anaasɛ woremma wo bo mfuw no. Nya abotare na boa no ma onsusuw asɛm no ho. Ɛyɛ papa sɛ wo ba befi ne komam abisa nsɛm. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, odwinnwen nneɛma ho, na ɔpɛ sɛ ɔte ase. Bere a Yesu dii mfe 12 no, obisaa nsɛm a emu yɛ duru. (Luka 2:46) Hu wo mma yiye. Hu wɔn adwene, nea ɛwɔ wɔn komam, ne nea ɛhaw wɔn. Nyɛ w’adwene da sɛ esiane sɛ wɔne wo kɔ Kristofo nhyiam ne asɛnka nti, wɔwɔ gyidi. Mommɔ Yehowa som ho nkɔmmɔ bere a moabom reyɛ ade. Wo ne wo mma mmom mmɔ mpae, na wo nko ara nso bɔ bi ma wɔn. Bɔ mmɔden sɛ wubehu biribiara a ɛresɔ wɔn gyidi ahwɛ, na boa wɔn ma wontumi nnyina ano. w16.09 5:3-5
Kwasida, December 16
Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade.—Mat. 5:3.
Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo mpempem pii ayere wɔn ho reboa ama anisoadehu a ɛka sɛ wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ “aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa” no aba mu. (Adi. 14:6) Woka wɔn a wɔresua kasa foforo no ho anaa? Woyɛ ɔsɛmpatrɛwfo, anaa woresom wɔ ɔman bi a wohia mmoa so, anaa woafi ase rekɔ asafo nhyiam wɔ asafo bi a ɛwɔ wo man mu a wɔka kasa foforo mu? Onyankopɔn asomfo de, ɛsɛ sɛ yɛma yɛne Yehowa abusuabɔ ho hia yɛn. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ yɛn abusuafo nso ne Yehowa ntam yɛ papa. Ɛtɔ da a, esiane sɛ yenni adagyew nti, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yebegye bere asua ade yiye. Nanso, wɔn a wɔresom wɔ aman foforo so no de, wɔsan hyia nsɛnnennen foforo ka ho. Kasa foforo a wɔn a wɔresom wɔ aman foforo so no resua da nkyɛn a, ɛsɛ sɛ daa wosua honhom fam nneɛma a emu dɔ nso.—1 Kor. 2:10. w16.10 2:1-3
Dwoda, December 17
Wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa bewu nkrante ano.—Mat. 26:52.
Ɛwom sɛ wɔretaa Yehowa Adansefo denneennen de, nanso wokura wɔn anidaso mu pintinn. Nhwɛso bi ni. Wɔde yɛn nuanom mmarima ne mmea pii agu afiase wɔ Eritrea, Singapore, ne South Korea. Mpɛn pii no, nea enti a wɔyɛ wɔn saa ne sɛ wodi Yesu asɛm a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ yɛtwe nkrante no so. Yehowa nkurɔfo dodow no ara nhyiaa ɔtaa a emu yɛ den da. Wɔn gyidi ho sɔhwɛ a wɔahyia gu ahorow. Ebinom adi ohia buruburoo anaa wɔahu amane wɔ ɔmanko anaa atoyerɛnkyɛm mu. Afoforo nso ayɛ wɔn ade te sɛ Mose ne tete agyanom binom. Wɔagyae wiase nneɛma anaa edin a wobegye akyi di. Wɔayere wɔn ho paa sɛ wɔremma wiase ahonyade ne pɛsɛmenkominya ntwetwe wɔn adwene. Dɛn na ɛboa wɔn ma wotumi yɛ saa? Ɛyɛ Yehowa ho dɔ ne Yehowa bɔhyɛ ahorow mu gyidi a wɔwɔ. Wogye di paa sɛ Yehowa behyira n’asomfo anokwafo ama wɔanya daa nkwa wɔ wiase foforo a trenee te mu no mu. Saa ara na obeyi asisisɛm nyinaa nso afi hɔ.—Dw. 37:5, 7, 9, 29. w16.10 3:15, 16
Benada, December 18
Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu; ogye wɔn a wɔn honhom abotow.—Dw. 34:18.
Bere a na ehu aka Yeremia na n’abam abu no, Yehowa hyɛɛ odiyifo nokwafo no den ma onyaa akokoduru. (Yer. 1:6-10) Afei susuw odiyifo Daniel a na ne mfe akɔ anim no nso ho hwɛ. Bere bi, Onyankopɔn somaa ɔbɔfo ma ɔkɔhyɛɛ Daniel den. Ɔbɔfo no frɛɛ Daniel ‘ɔbarima a wɔpɛ n’asɛm paa,’ kyerɛ sɛ, obi a ɔsom bo paa. Akyinnye biara nni ho sɛ, saa asɛm no hyɛɛ Daniel den paa! (Dan. 10:8, 11, 18, 19) Wo nso ɛ? Wubetumi ahyɛ adawurubɔfo, akwampaefo, ne anuanom mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim a wɔn ahoɔden so atew no nkuran anaa? Ná anka Onyankopɔn betumi afa no sɛ ɔne Yesu, ne Ba a ɔdɔ no no, ayɛ adwuma mfe pii wɔ soro, enti ɛho nhia sɛ ɔkamfo no anaa ɔhyɛ no nkuran bere a ɔbaa asase so no. Mmom no, Yesu tee mprenu sɛ n’Agya fi soro reka sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no na magye no atom.” (Mat. 3:17; 17:5) Enti Onyankopɔn kamfoo Yesu, na ɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔrebɔ ne ho mmɔden. Ade rebɛkye ma Yesu awu a na ne ho yeraw no no, Yehowa somaa ɔbɔfo ma ɔkɔhyɛɛ no den.—Luka 22:43. w16.11 1:7, 8
Wukuda, December 19
Mpere wo ho mfa abufuw.—Ɔsɛnk. 7:9.
Sɛ yɛte nka sɛ obi abu yɛn animtiaa anaasɛ ɔne yɛn anni no yiye a, ɛyɛ den sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho so. Sɛ obi ne yɛn anni no yiye esiane abusua a yefi mu, yɛn honam ani hwɛbea, anaa sɛnea yɛn nipadua te nti a, ebetumi ahaw yɛn. Nanso, sɛ onipa no yɛ yɛn nua Kristoni a, ebetumi ayɛ yɛn yaw paa! Enti eye paa sɛ yebetie Bible afotu na yɛahyɛ yɛn ho so mmom sen sɛ yɛbɛpere yɛn ho afa abufuw! (Mmeb. 16:32) Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bɔ mmɔden sɛ yɛremma yɛn bo mfuw ntɛmntɛm, na mmom yɛde bɔne befiri. Yehowa ne Yesu nyinaa bu afoforo bɔne a yɛde befiri wɔn no sɛ ɛyɛ ade a ɛho hia paa. (Mat. 6:14, 15) Ɛyɛ wo den sɛ wode afoforo mfomso befiri wɔn anaa? Anaasɛ wuhu sɛ ehia sɛ wotɔ wo bo ase wɔ nneɛma ho? Nnipa a wɔnhyɛ wɔn ho so no taa fa abufuw. Enti ɛyɛ a na afoforo mpɛ sɛ wɔbɛn wɔn. Asafo no mufo binom betumi asuasua onipa a ne bo taa fuw ntɛmntɛm no subammɔne no.—Lev. 19:17, 18. w16.11 3:4-6
Yawda, December 20
Twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ?—2 Kor. 6:14.
Nokware a ɛwɔ Bible mu no ho sukɔm a ɛde Charles Taze Russell ne ne mfɛfo kakraa bi a na wɔka ne ho no ma wofii ase de nkakrankakra suaa Bible no bɛyɛ afe 1870 mu. Mfiase no, na Onua Russell pɛ sɛ ohu ɔsom a ne nkyerɛkyerɛ yɛ nokware. Ɔtɔɔ ne bo ase de ɔsom ahorow pii nkyerɛkyerɛ totoo nea Bible ka ho. Ná ɔsom ahorow a wɔnyɛ Kristofo mpo ka ho. Ankyɛ na ohui sɛ ɔsom ahorow no mu biara nni hɔ a wodi Onyankopɔn Asɛm no so pɛpɛɛpɛ. Bere bi, Russell ne asɔfo a wɔwɔ ne mpɔtam hɔ yɛɛ nhyiam bi. Ná Russell hwɛ kwan sɛ asɔfo no begye nokware a ɛwɔ Bible mu a ɔne ne mfɛfo no ahu no atom na wɔde akyerɛkyerɛ wɔn asɔremma. Nanso, asɔfo no ani annye ho. Bible Asuafo no huu paa sɛ, wɔrentumi ne nnipa a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so atena atoro som mu no mmɔ mu nsom. w16.11 4:14
Fida, December 21
Momfa mo akwaa nyɛ nkoa mma trenee nkɔ ahotew mu.—Rom. 6:19.
Asɛm no ne sɛ, yɛn ani a yɛbɛma asɔ Onyankopɔn adom no kɔ akyiri sen awaresɛe, asabow, anaa bɔne afoforo a na ebinom yɛ wɔ Korinto no nko ara a yɛbɛkwati. (1 Kor. 6:9-11) Sɛ yegye Onyankopɔn adom tom a, ɛnyɛ aguamammɔ nko ara na yɛbɛkwati, na mmom yɛbɛko atia biribiara a ɛbɛma yɛde anigyede a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ agyigye yɛn ani. Sɛ yɛde yɛn akwaa yɛ nkoa ma trenee a, ɛnyɛ asabow nko na yɛbɛkwati, na mmom, yɛrennom nsã araa nkosi sɛ ɛbɛba yɛn ani so. Gye sɛ yɛyere yɛn ho paa ansa na yɛatumi ako atia nneyɛe bɔne a ɛtete saa. Nanso, ɛyɛ ɔko a yebetumi adi mu nkonim. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛbɛkwati bɔne a emu yɛ duru ne bɔne nketenkete nyinaa. Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, ɛtɔ mmere bi a, yebetumi afom. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ko tia bɔne biara sɛnea Paulo nso yɛe no. Ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Mommma bɔne nnkɔ so nnni hene wɔ mo nipadua a ebewu no so, na munntie n’akɔnnɔ.”—Rom. 6:12; 7:18-20. w16.12 1:16, 19-21
Memeneda, December 22
Honhom no aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahosodi.—Gal. 5:22, 23.
Yesu hyɛɛ bɔ sɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no de honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no. (Luka 11:10-13) Honhom aba no, anaa tumi a Onyankopɔn de yɛ adwuma no ma yenya suban pa a ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn wɔ no bi. (Kol. 3:10) Sɛ wosow saa honhom aba no a, wo ne afoforo ntam bɛyɛ kama. Enti wubehu sɛ tebea ahorow pii a anka ebetumi agyaw wo adwinnwen remma w’akwan mu koraa. Nokwasɛm ne sɛ, ebehia sɛ wunya ahobrɛase na ama wode wo ho ahyɛ “Onyankopɔn nsa a tumi wom” no ase na ‘woatow wo dadwen nyinaa agu no so.’ (1 Pet. 5:6, 7) Nanso, sɛ wobrɛ wo ho ase a, wobɛyɛ nneɛma a ɛbɛma woanya Onyankopɔn anim dom ne ne mmoa. (Mika 6:8) Wunya hu nneɛma a wubetumi ayɛ ne nea wuntumi nyɛ a, wode wo ho bɛto Onyankopɔn so, na adwinnwen renhyɛ wo so. w16.12 3:7, 12
Kwasida, December 23
‘Ná Noa yɛ trenee sɛnkafo.’—2 Pet. 2:5.
Ná Noa yɛ “trenee sɛnkafo.” Adwuma a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔmmɔ nkurɔfo kɔkɔ no, ɔyɛɛ no pɛpɛɛpɛ. Yebetumi aka sɛ ɛka ho bi na Noa gyidi yɛɛ den saa. Ɛnyɛ asɛnka adwuma nko ara na Noa yɛe. Adaka a Onyankopɔn kaa sɛ ɔnyɛ no nso, ɔde n’adwene ne n’ahoɔden nyinaa na ɛyɛe. (Heb. 11:7) Yɛn nso, yesuasua Noa, enti ‘yɛyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu.’ (1 Kor. 15:58) Yɛn nuanom bi boa ma wosisi Ahenni Asa ne Nhyiam Asa. Ebinom nso tu wɔn ho ma yɛ adwuma wɔ ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ase, na ebi nso kɔ Betel anaa baabi a wɔkyerɛ kasa ase kɔboa. Nea ɛsen ne nyinaa no, yɛyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu, efisɛ ɛno paa na ɛhyɛ yɛn anidaso mu den. Anokwa, asɛnka adwuma no hyɛ yɛn den. Ɛmma yɛmpa abaw wɔ nkwa ho mmirika a yɛretu no mu.—1 Kor. 9:24. w17.01 1:8, 9
Dwoda, December 24
Obiara bɛsoa n’ankasa adesoa.—Gal. 6:5.
Biribi wɔ hɔ a yɛrentumi mfa yɛn ahofadi no nyɛ; ɛnsɛ sɛ yesi gyinae ma obiara. Ɛsɛ sɛ yɛma obiara kwan ma osi n’ankasa gyinae. Adɛn ntia? Esiane sɛ Onyankopɔn de obiara pɛ ama no nti, ɛrentumi mma da sɛ Kristofo mmienu adwene behyia wɔ biribi ho bere nyinaa. Sɛ yɛba abrabɔ mu anaa Onyankopɔn som mu a, saa na ɛte. Sɛ yegye tom sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni biara “soa n’ankasa adesoa” a, yɛbɛma kwan ama Kristoni biara de ahofadi a Onyankopɔn de ama no no ayɛ adwuma. Yɛbɛma kwan ama Kristoni biara de ahofadi a ɔwɔ no ayɛ adwuma asisi gyinae wɔ nneɛma nketenkete ho mpo ho. (1 Kor. 10:32, 33) Yehowa de obiara pɛ ama no, na ama yɛanya ahofadi ankasa. (2 Kor. 3:17) Yɛn ani gye akyɛde yi ho efisɛ ɛma yetumi sisi gyinae ma Yehowa hu sɛ yɛdɔ no. Ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛ akyɛde kɛse yi ho anisɔ na yɛde ahyɛ Onyankopɔn anuonyam. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu ma sɛnea obiara de n’ahofadi no bɛyɛ adwuma. w17.01 2:15, 17, 18
Benada, December 25
Memmɔ me tirim nyɛ biribiara; na sɛnea Agya no kyerɛɛ me no, ɛno ara na meka.—Yoh. 8:28.
Sɛ yɛanhoahoa yɛn ho anaa yɛantwe nkurɔfo adwene amma yɛn so a, ɛma nkurɔfo bu yɛn. Wei nti ehia sɛ yɛda “honhom a ɛyɛ komm na edwo” adi. (1 Pet. 3:3, 4; Yer. 9:23, 24) Sɛ yɛmmrɛ yɛn ho ase a, yɛn kasa ne yɛn nneyɛe beyi yɛn ama. Ebia yɛbɛyɛ biribi ama nkurɔfo ahu sɛ yɛwɔ ɔsom hokwan bi, yenim nsɛm bi a wonnim, anaa yɛne asafo mu mpanyimfo wɔ adamfofa titiriw bi. Ebi nso a, yɛne anuanom bi abom ayɛ adwuma bi, nanso sɛnea yɛbɛka ho asɛm no, ɛbɛyɛ te sɛ nea yɛn nko ara na yɛyɛe. Yesu atwa sa pa ato hɔ ama yɛn. Nsɛm a ɔkae no, ɔfaa pii fii Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Ɔyɛɛ saa de kyerɛe sɛ ɔwɔ ahobrɛase. Ná ɔpɛ sɛ n’atiefo hu sɛ ne nsɛm no fi Yehowa hɔ na ɛnyɛ ne nyansa anaa ne nimdeɛ na na ɔde kasa. w17.01 4:12
Wukuda, December 26
Papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no de, nni bi, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.—Gen. 2:17.
Ná ɛnyɛ den koraa sɛ Adam ne Hawa bɛte saa mmara yi ase. Saa ara nso na na ɛsodi nyɛ den, efisɛ na aduan pii abu so wɔ hɔ a wobetumi adi bi. Satan Ɔbonsam nam ɔwɔ so daadaa Hawa ma Hawa yɛɛ n’Agya Yehowa so asoɔden. (Gen. 3:1-5; Adi. 12:9) Satan maa asɛm bi a na ɛnyɛ asɛm biara no bɛyɛɛ asɛm. Satan kae sɛ, Onyankopɔn aka sɛ ɛnsɛ sɛ Adam ne Hawa di ‘turo no mu dua biara so aba.’ Ɛte sɛ nea na Satan reka sɛ: ‘Wokyerɛ sɛ muntumi nyɛ nea mopɛ?’ Afei, ɔhyɛɛ da dii atoro sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu.” Ɛno akyi no, Satan yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛma Hawa agye adi sɛ enhia sɛ otie Onyankopɔn asɛm. Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no mo ani bebue.” Ná Satan repɛ akyerɛ sɛ, nea enti a Yehowa mpɛ sɛ Adam ne Hawa di dua no aba no bi ne sɛ, sɛ wodi bi a, wɔn adwenem bebue. Satan toaa so dii atoro hyɛɛ Hawa bɔ sɛ: ‘Mobɛyɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.’ w17.02 1:8, 9
Yawda, December 27
‘Yehowa wo Nyankopɔn beyi odiyifo te sɛ me afi wo nuanom mu ama wo; ɔno na muntie no.’—Deut. 18:15.
Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ Onii no bɛyɛ “kannifo ne ɔsahene.” (Yes. 55:4) Yehowa de ne honhom kaa Daniel nso ma ɔkyerɛw “Mesia, Ɔkannifo no” a na ɔreba no ho asɛm. (Dan. 9:25) Awiei koraa no, Yesu Kristo ankasa kae sɛ ɔno ne Onyankopɔn nkurɔfo “Kannifo” no. (Mat. 23:10) Yesu asuafo no fii wɔn pɛ mu dii n’akyi, na wɔka sii so dua sɛ Yesu ne nea Yehowa apaw no no. (Yoh. 6:68, 69) Dɛn na ɛmaa asuafo no gye dii? Bere a Osuboni Yohane rebɔ Yesu asu no, Yohane hui sɛ “ɔsoro abue, na honhom no resian aba [Yesu] so te sɛ aborɔnoma.” (Mar. 1:10-12) Yesu asase so som adwuma no nyinaa mu no, Onyankopɔn honhom kronkron maa Yesu nyaa tumi de yɛɛ anwonwade, na ɛma ɔkasae sɛ obi a Onyankopɔn ama no tumi. (Aso. 10:38) Afei nso, honhom kronkron maa Yesu nyaa suban pa te sɛ ɔdɔ, anigye, ne gyidi a ɛyɛ den. (Yoh. 15:9; Heb. 12:2) Ɔkannifo foforo biara nni hɔ a Onyankopɔn honhom yɛɛ adwuma wɔ ne so kɛse te sɛ Yesu. Ɛda adi pefee sɛ, Yehowa na ɔpaw Yesu sɛ Ɔkannifo. w17.02 3:15, 16
Fida, December 28
‘Monkae wɔn a wodi mo anim no.’—Heb. 13:7.
Asomafo no fii ase dii Kristofo asafo no anim wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. Saa bere no, “Petro ne dubiako no sɔre gyinae,” na wɔkaa nokwasɛm a egye nkwa kyerɛɛ nnipadɔm bi a na wɔn mu bi yɛ Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo. (Aso. 2:14, 15) Wɔn mu pii bɛyɛɛ gyidifo. Ɛno akyi no, wɔn a wɔbɛyɛɛ Kristofo no ‘kɔɔ so tuu wɔn ho sii hɔ maa asomafo no nkyerɛkyerɛ.’ (Aso. 2:42) Asomafo no na na wɔhwɛ asafo no sikasɛm so. (Aso. 4:34, 35) Wɔn ara nso na wɔmaa Onyankopɔn nkurɔfo no nyaa wɔn honhom fam ahiade. Wɔkae sɛ: “Yebetu yɛn ho asi hɔ ama mpaebɔ ne Onyankopɔn asɛm no nkyerɛkyerɛ.” (Aso. 6:4) Afei nso, wɔsomaa Kristofo a wɔn ho akokwaw kɔɔ nsasesin foforo mu ma wɔkɔtrɛw asɛmpaka adwuma no mu. (Aso. 8:14, 15) Akyiri yi, wɔde asafo no mu mpanyimfo foforo a wɔasra wɔn bɛkaa asomafo no ho ma wɔn nyinaa hwɛɛ asafo ahorow no so. Saa kuw yi na wɔde akwankyerɛ maa asafo ahorow no nyinaa.—Aso. 15:2. w17.02 4:4
Memeneda, December 29
‘Momfa nea ɛsɛ obiara mma no, nidi mma nea nidi a ɛte saa sɛ no.’—Rom. 13:7.
Nnipa a wɔtɔ sin dodow no ara suasua Satan wiase no su denneennen. Ɛno nti, sɛ́ anka nkurɔfo de nidi ne obu a ɛfata bɛma mmarima ne mmea binom no, wɔtaa kotokotow wɔn te sɛ nea wɔresom wɔn mmom. Nidi a nnipa de ma nyamesom ne amanyɔsɛm mu akannifo, wɔn a wɔagye din wɔ agokansi mu, wɔn a wɔagye din wɔ anigyede mu, ne nnipa foforo a wɔagye din no, ɛtɔ da a wɔma wɔn a wɔte saa no ba bɛyɛ sɛ anyame bi mpo. Wei ama mpanyin ne mmofra nyinaa hwɛ wɔn suasua wɔn. Wotumi suasua sɛnea wɔkasa anaa sɛnea wɔyɛ wɔn ade, wɔn ntadehyɛ, anaa wɔn abrabɔ. Nidi a wɔde ma nnipa ho adwene a ɛmfata saa no, nokware Kristofo twe wɔn ho fi ho. Kristo nko ara ne onipa a ɔtenaa ase a yebetumi aka sɛ ɛfata paa sɛ yesuasua no. (1 Pet. 2:21) Sɛ yɛde nidi a ɛtra so ma nnipa a, Onyankopɔn ani rennye ho. Ɛsɛ sɛ yɛma nokwasɛm a edi hɔ yi tena yɛn adwenem: “Wɔn nyinaa ayɛ bɔne na wonnu Onyankopɔn anuonyam ho.” (Rom. 3:23) Nokwarem no, onipa biara nni hɔ a ɛfata sɛ yedi no ni araa ma ɛyɛ sɛ nea yɛresom no. w17.03 1:6-8
Kwasida, December 30
Asa koma dii mũ wɔ Yehowa ho ne nna nyinaa.—1 Ahe. 15:14.
Yɛn mu biara betumi ahwehwɛ ne komam ahwɛ sɛ wayi ne yam resom Onyankopɔn anaa. Bisa wo ho sɛ, ‘Masi me bo sɛ mɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani, megyina nokware som akyi, na mabɔ Yehowa nkurɔfo ho ban afi biribiara a ebetumi ama wɔn bra asɛe ho anaa?’ Sɛ nhwɛso no, sɛ wotu obi a ɔbɛn wo fi asafo no mu a, dɛn na wobɛyɛ? Wubenya akokoduru atwe wo ho afi saa nipa no ho a worenkɔ so ne no mmɔ bio anaa? Dɛn na wo koma bɛka wo ama woayɛ? Sɛ wuhyia ɔsɔretia ahorow bi a emu bi mpo te sɛ nea ɛboro wo so, na wode wo ho to Onyankopɔn so koraa a, na woreda no adi sɛ wo koma di mũ te sɛ Asa. Esiane sɛ woyɛ Yehowa Dansefo nti, ebia nkurɔfo bedi wo ho fɛw anaa wɔbɛserew wo wɔ sukuu mu. Ebia wobɛsrɛ kwan wɔ adwumam nna bi, na wode saa bere no akɔ nhyiam anaa wode ayɛ nneɛma foforo a ɛfa Onyankopɔn som ho. Anaasɛ bere a wode pɔn adwuma no so a, wontaa nka adwumam nyɛ adwuma (anaa overtime). Wei betumi ama wo mfɛfo adwumayɛfo adidi wo atɛm. Ɛba saa a, bɔ Onyankopɔn mpae sɛnea Asa yɛe no. (2 Be. 14:11) Kɔ so ara yɛ nneɛma a wunim sɛ ɛteɛ na nyansa wom no. Kae sɛ, Onyankopɔn hyɛɛ Asa den, na ɔboaa no. Enti wo nso, ɔbɛhyɛ wo den. w17.03 3:6-8
Dwoda, December 31
Obiara a ɔpere ne ho de, ohia na ebehia no.—Mmeb. 21:5.
Onyankopɔn Asɛm no tu yɛn fo sɛ, sɛ yɛresisi gyinae a ɛho hia a, ɛnsɛ sɛ yɛpere yɛn ho. Sɛ yɛrebesi gyinae bi, na yɛtɔ yɛn bo ase susuw biribiara a ɛfa gyinae a yɛrebesi no ho yiye a, ɛda adi sɛ ɛbɛma yɛatumi asi gyinae pa. (1 Tes. 5:21) Sɛ abusua ti bi rebesi gyinae a, ɛsɛ sɛ ogye bere hwehwɛ Kyerɛwnsɛm no ne Kristofo nhoma mu. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ osusuw abusua no mufo adwenkyerɛ ho ansa na wasi gyinae no. Kae sɛ, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ ontie ne yere. (Gen. 21:9-12) Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo nso gye bere yɛ nhwehwɛmu. Sɛ asafo mu mpanyimfo hu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ gyinae bi a wɔasi dedaw ho a, wonsuro sɛ sɛ wɔyɛ saa a, afoforo bebu wɔn animtiaa. Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ ntease na wɔbrɛ wɔn ho ase yɛ krado sɛ wɔbɛsakra wɔn nsusuwii ne gyinae a wɔasi bere biara a ɛho behia sɛ wɔyɛ saa no. Ɛyɛ papa sɛ yɛn nyinaa nso yɛ saa. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma asomdwoe atena asafo no mu, na biribiara akɔ so pɛpɛɛpɛ.—Aso. 6:1-4. w17.03 2:16