Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es18 kr. 108-118
  • November

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • November
  • Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2018
  • Nsɛmti Nketewa
  • Yawda, November 1
  • Fida, November 2
  • Memeneda, November 3
  • Kwasida, November 4
  • Dwoda, November 5
  • Benada, November 6
  • Wukuda, November 7
  • Yawda, November 8
  • Fida, November 9
  • Memeneda, November 10
  • Kwasida, November 11
  • Dwoda, November 12
  • Benada, November 13
  • Wukuda, November 14
  • Yawda, November 15
  • Fida, November 16
  • Memeneda, November 17
  • Kwasida, November 18
  • Dwoda, November 19
  • Benada, November 20
  • Wukuda, November 21
  • Yawda, November 22
  • Fida, November 23
  • Memeneda, November 24
  • Kwasida, November 25
  • Dwoda, November 26
  • Benada, November 27
  • Wukuda, November 28
  • Yawda, November 29
  • Fida, November 30
Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2018
es18 kr. 108-118

November

Yawda, November 1

Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm abua nea otwa me mpoa.​—Mmeb. 27:11.

Satan kyerɛe sɛ, sɛ nneɛma kɔ yiye ma nnipa a, ɛnna wɔsom Onyankopɔn. (Hiob 2:4, 5) Efi bere a Satan kaa saa asɛm no, wasesa anaa? Dabi, ɔnsesae! Ɛno akyi mfe pii no, wɔtow Satan fii soro baa asase so. Saa bere no nyinaa na ɔda so ara retoto Onyankopɔn asomfo anokwafo ano. (Adi. 12:10) Yɛrekasa yi, Satan da so ara kyerɛ sɛ, sɛ nneɛma kɔ yiye ma nnipa a, ɛnna wɔsom Onyankopɔn. Ne yam a, anka yɛaka akyerɛ Onyankopɔn sɛ yɛmpɛ sɛ odi yɛn so, na yɛrensom no bio. Sɛ wuhyia sɔhwɛ na worehu amane a, kae sɛ biribi rekɔ so a wuntumi mfa w’ani nhu. Satan ne n’adaemone gyina ɔfã baako. Wɔrehwɛ nea wobɛyɛ, na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ wuntumi mfa kɔtɔ nyɛ nkwan anaa w’abam bebu. Nanso kae sɛ, Yehowa, yɛn hene Yesu Kristo, wɔn a wɔasra wɔn a wɔasɔre afi awufo mu, ne abɔfo mpempem pii nso gyina ɔfã foforo. Wɔn nso hu ɔhaw a worefa mu, nanso wɔrebɔ gye wo so! Wɔn ani gye sɛ wohu sɛ woremia w’ani afa sɔhwɛ no mu, na woredi Yehowa nokware. Afei wote sɛ Yehowa reka ɛnnɛ asɛm no akyerɛ wo. w16.04 2:8, 9

Fida, November 2

Fa onipa biako anaa baanu ka wo ho.​—Mat. 18:16.

Sɛ adansefo no boa mo ma mutumi siesie asɛm no a, “woanya wo nua.” Ansa na wode asɛm bi bɛkɔ akɔto mpanyimfo anim no, hwɛ sɛ woabɔ mmɔden mpɛn pii sɛ wobɛboa nea wayɛ bɔne no. Sɛ anuanom resiesie wɔn ntam akasakasa a, ɛntaa mma sɛ wobetu anammɔn mmiɛnsa a Yesu kaa ho asɛm wɔ Mateo 18:15-17 no nyinaa. Wei ye paa. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, yetumi siesie yɛn ntam nsɛmnsɛm ma enkodu baabi a ɛho behia sɛ wotu ɔbɔnefo a wannu ne ho no fi asafo no mu. Mpɛn pii no, ɔbɔnefo no gye ne mfomso tom na osiesie n’akwan. Ebia nea obi ayɛ no bɔne no behu sɛ ɛho nhia sɛ ɔtwe asɛm no mu, na ebia ɔbɛyɛ n’adwene sɛ ɔde bɛkyɛ. Sɛnea ɛte biara no, asɛm a Yesu kae no kyerɛ sɛ, sɛ akasakasa sɔre anuanom ntam a, ɛnsɛ sɛ asafo no pere ne ho de ne ho kogye mu. Sɛ mpanyimfo no de wɔn ho begye asɛm bi mu a, gye sɛ wɔahu sɛ wɔn a asɛm no fa wɔn ho no atu anammɔn mmienu a edi kan no. Anaa gye sɛ nea ɔrebɔ ne yɔnko sobo no de asɛm no ho adanse a edi mũ ama. w16.05 1:15, 16

Memeneda, November 3

Wɔnyɛ wiase no fã.​—Yoh. 17:16.

Esiane sɛ yennyina nnipa nniso akyi nti, sɛ yɛka kyerɛ nkurɔfo sɛ Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi ayi adesamma haw nyinaa afi hɔ a, yɛn ahonim nhaw yɛn. Atoro som mufo de wɔn ho hyehyɛ amanyɔsɛm mu, na wei paapae nnipa mu. Nanso yɛn de, yɛnyɛ amanyɔsɛm, enti yɛne yɛn nuanom a wɔwɔ wiase baabiara ayɛ baako. (1 Pet. 2:17) Dodow a yɛrebɛn Satan nhyehyɛe no awiei no, dodow no ara na ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛrennyina ɔfã biara akyi. Nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ ada wɔn ho adi sɛ “wontumi ne wɔn nyɛ apam” na “wɔyɛ asobrakye.” Mpaapaemu a ɛwɔ wɔn mu no bɛkɔ so ayɛ kɛse. (2 Tim. 3:3, 4) Nea yɛreka yi ato yɛn nuanom binom esiane aban ahorow a wɔsesaa wɔn prɛko pɛ wɔ wɔn man mu nti. Ɛno nti seesei na ehia sɛ yɛda yɛn ho so. Sɛ yɛyɛ saa na tebea a emu yɛ den sɔre mpo a, yɛrennyina ɔfã biara akyi. w16.04 4:3, 4

Kwasida, November 4

Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.​—Gal. 6:7.

Nnipa binom adwene yɛ wɔn sɛ wobetumi ayɛ nea wɔpɛ biara. Nanso sɛ yɛpɛ sɛ yesisi gyinae a ɛsɔ Yehowa ani a, ehia sɛ yesusuw n’Asɛm Bible no ho, na yɛde emu mmara ne nnyinasosɛm bɔ yɛn bra. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a, ne mmara a ɛfa mogya ho no, ɛsɛ sɛ yedi so. (Gen. 9:4; Aso. 15:28, 29) Yɛbɔ Yehowa mpae a, ɔbɛboa yɛn ma yɛagyina Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ne emu mmara so asisi gyinae. Gyinae a yesi no bi wɔ hɔ a, emu yɛ duru, na ebetumi aka yɛn som paa. Gyinae biara a yebesi no, ebetumi ama yɛne Yehowa ntam ayɛ papa anaa asɛe. Sɛ yesi gyinae pa a, ɛbɛma yɛne Onyankopɔn abusuabɔ mu ayɛ den, nanso sɛ yesi gyinae bɔne a, ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam. Afei nso, sɛ yɛansi gyinae pa a, ebetumi ahaw afoforo anaa ato wɔn hintidua mpo, na ebetumi asɛe wɔn gyidi. Bio nso, ebetumi asɛe baakoyɛ a ɛwɔ asafo no mu no. Nokwasɛm ne sɛ, gyinae a yesisi no ka yɛne afoforo.​—Rom. 14:19. w16.05 3:4, 5

Dwoda, November 5

Me Yehowa, mene wo Nyankopɔn, nea ɔkyerɛ wo ade a eye ma wo.​—Yes. 48:17.

Yehowa ani sɔ sɛ yɛtɔ ‘bere a yebenya biara’ de kenkan Bible na yɛde sua ade. (Efe. 5:15, 16) Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ bere nyinaa na yebetumi adi honhom fam aduan a yɛn nsa ka no nyinaa pɛpɛɛpɛ. Nanso asiane bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ho. Ɛyɛ asiane bɛn? Anhwɛ a, yebetumi anya adwene sɛ honhom fam aduan bi remmoa yɛn. Adwene a ɛte saa betumi ama yɛahwere mfaso a ɛwɔ so. Sɛ ɛba sɛ nsɛm a Bible no fã bi ka mfa yɛn ho a, dɛn na yɛbɛyɛ? Anaa nsɛm a ɛwɔ Bible ho nhoma bi mu no, ɛnyɛ yɛn titiriw nti na wɔkyerɛwee nso ɛ? So yɛbɛkenkan nsɛm a ɛte saa biarabiara anaa yɛrenkenkan koraa? Sɛ yɛyɛ saa a, nsɛm bi a ɛso wɔ mfaso paa no, yebetumi ahwere. Ɛnsɛ sɛ yɛtoto honhom fam aduan a yɛn nsa ka no biara ase. Adɛn ntia? Efisɛ ne nyinaa fi Onyankopɔn hɔ. w16.05 5:5, 6

Benada, November 6

Sɛ obi di mfomso ansa na n’ani aba ne ho so a, mo a moyɛ Kristofo a mo ho akokwaw no, mommɔ mmɔden nnye onipa a ɔte saa no nsi yiye odwo honhom mu.​—Gal. 6:1.

Yehowa nam Kristofo asafo no ne emu mpanyimfo so na ɛnwene yɛn mu biara. Nhwɛso bi ni. Sɛ asafo mu mpanyimfo hu sɛ yɛwɔ mmerɛwyɛ bi a, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa yɛn. Nanso wɔmfa wɔn ankasa nyansa na ɛyɛ saa. Mmom, wɔbɔ Onyankopɔn mpae hwehwɛ nhumu ne nyansa. Bere a yɛn ho asɛm wɔ wɔn tirim no, wɔntew ntena; wɔyɛ nhwehwɛmu wɔ Bible ne Bible ho nhoma mu. Wei ma wonya nsɛm a wɔde bɛboa yɛn. Ɔkwan a Onyankopɔn fa so nwene yɛn no, sɛ yɛte ase a, ebetumi aboa yɛn ma yɛne yɛn nuanom Kristofo atena yiye. Saa ara nso na ɛbɛboa yɛn ma yɛada suban pa adi akyerɛ nkurɔfo a wɔte yɛn asasesin mu ne yɛn Bible asuafo. Onyankopɔn nnhyɛ nkurɔfo sɛ wɔnsakra, na mmom, ɔma wohu abrabɔ ne nneyɛe a n’ani gye ho. Ɔhwɛ kwan sɛ wɔn ankasa bɛsesa wɔn abrabɔ anaasɛ wobefi wɔn pɛ mu ayɛ nsakrae. w16.06 1:13, 14

Wukuda, November 7

Wo de, nneɛma akɛse na worehwehwɛ. Gyae hwehwɛ.​—Yer. 45:5.

Ɔsomafo Yohane bɔɔ kɔkɔ sɛ, sɛ obi dɔ nneɛma a ɛwɔ wiase a, ɛnde na “Agya no dɔ nni ne mu.” Nneɛma a ɛwɔ wiase a na ɔreka ho asɛm no ne “ɔhonam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetena mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho.” (1 Yoh. 2:15, 16) Wei kyerɛ sɛ, ehia sɛ yɛhwehwɛ yɛn koma mu bere nyinaa. Ehia sɛ yɛyɛ saa de hwɛ sɛ wiase anigyede, fekubɔ, anaa ntadehyɛ ne ahosiesie a ɛmfata retwetwe yɛn anaa. Sɛ obi kɔ sukuu kɔ akyiri de hwehwɛ “nneɛma akɛse” a, ɛno nso betumi akyerɛ sɛ ɔdɔ wiase no. Yegyina wiase foforo no aboboano pɛɛ. Enti hwɛ sɛnea ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi asɛm a ɛka koma a Mose kae wɔ Deuteronomium 6:4 no! Sɛ yɛte ase sɛ “Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro,” na yegye di paa a, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara asom ɔno nkutoo. Na yɛbɛsom no wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so.​—Heb. 12:28, 29. w16.06 3:14

Yawda, November 8

‘Monkɔ so nhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni, na wɔde saa nneɛma yi bɛka mo ho.’​—Luka 12:31.

Wɔtaa ka sɛ onipa ahiade yɛ kakraa bi, na nea ɔpɛ de, enni ano. Ɛte sɛ nea nnipa pii ntumi nhu nsonsonoe a ɛwɔ nneɛma a wohia ne nea wɔpɛ mu. Ɛnde, nsonsonoe bɛn na ɛwom? “Ahiade” yɛ biribi a ɛsɛ sɛ wunya, efisɛ woanya a, worentumi ntena nkwa mu. Aduan, ntade, ne baabi a obi de ne ti bɛto yɛ nneɛma a yehia wɔ asetena mu. Biribi a “yɛpɛ” nyɛ ade a yɛannya a yɛrentumi ntena nkwa mu, nanso yenya a, yɛn ani begye. Nneɛma a nnipa pɛ gu ahorow. Enti baabi a obi te na ɛbɛkyerɛ nea ɔpɛ. Aman a wonnyaa nkɔso pii so no, ebia nea obi pɛ ara ne sɛ obenya sika atɔ fon, moto, anaa asase ketewa bi. Sɛ obi te ɔman a edi yiye mu a, ebia ɛbɛyɛ no sɛ ɔntɔ ntade a ne bo yɛ den, ofie kɛse, anaa kar a ne bo yɛ den. Sɛnea ɛte biara, asiane wom paa sɛ yɛbɛma adedodowpɛ asum yɛn afiri ama yɛahwehwɛ nneɛma pii. Sɛ onipa no wɔ sika a ɔde bɛtɔ oo, sɛ onni bi oo, asiane wɔ ne nyinaa mu.​—Heb. 13:5. w16.07 1:1-3

Fida, November 9

Monnyɛ nhyehyɛe nnto hɔ mmma honam akɔnnɔ.​—Rom. 13:14.

Nneɛma a ɛwɔ wiase agye nnipa pii adwene araa ma ‘wonnim wɔn honhom mu ahiade.’ (Mat. 5:3) Wiase afɛfɛde a ɛkanyan “ɔhonam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ” no, ɛno na wodi akyi denneennen. (1 Yoh. 2:16) Onyankopɔn honhom na yɛpɛ sɛ ɛkyerɛ yɛn kwan, na ɛnyɛ wiase honhom. Yehowa nam ne honhom so ama yɛahu nsɛm a ɛrebesisi. (1 Kor. 2:12) Nanso, ɛnyɛ den koraa sɛ obi beyi n’adwene afi Onyankopɔn som so. Sɛ yegyaagyae yɛn ho a, asetena mu nneɛma nketenkete mpo betumi ama yɛagyae Yehowa som. (Luka 21:34, 35) Sɛ ebinom hu sɛ yɛrewɛn a, wobetumi adi yɛn ho fɛw, nanso ɛnsɛ sɛ ɛno ma yɛte tena. (2 Pet. 3:3-7) Mmom, ɛsɛ sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo kɔ asafo nhyiam daa, efisɛ ɛhɔ na Onyankopɔn honhom wɔ. w16.07 2:13, 14

Memeneda, November 10

O mpaebɔ Tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa bɛba. . . . Yɛn mmarato de, wo na wobɛkata so.​—Dw. 65:2, 3.

Nnipa bebree bɔ mpae efisɛ ɛma wɔn ho dwo wɔn, nanso wonnye nni ankasa sɛ Onyankopɔn tie wɔn mpaebɔ. Ehia sɛ wohu sɛ Yehowa yɛ “mpaebɔ Tiefo.” Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛ mubisa biribiara me din mu a, mɛyɛ.” (Yoh. 14:14) Ɛda adi sɛ, asɛmfua “biribiara” no kyerɛ biribiara a ɛne Yehowa apɛde hyia. Yohane maa yɛn awerɛhyem sɛ: “Ahotoso a yɛwɔ wɔ ne mu ne sɛ biribiara a yebisa sɛnea n’apɛde te no, otie yɛn.” (1 Yoh. 5:14) Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ama wɔahu sɛ mpaebɔ yɛ ɔkwan a eye sen biara a yɛnam so kɔ Yehowa “adom ahengua” no anim! Enti ɛsɛ sɛ yɛboa nkurɔfo ma wohu sɛ mpaebɔ nyɛ biribi a ɛma yɛn ho dwo yɛn bere tiaa bi mu kɛkɛ. (Heb. 4:16) Momma yɛnkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wonhu sɛnea wɔbɛbɔ mpae ɔkwampa so. Bio nso, momma yɛmmoa wɔn mma wɔmmɔ Onii a ɔfata no mpae, na wɔmmɔ nneɛma pa ho mpae. Sɛ yɛboa wɔn saa a, wobetumi abɛn Yehowa, na sɛ wɔkɔ ahokyere mu a, wɔanya awerɛkyekye.​—Dw. 4:1; 145:18. w16.07 4:11, 12

Kwasida, November 11

W’anokwafo behyira wo. Wɔbɛka w’ahenni anuonyam ho asɛm, na wɔbɛka wo kɛseyɛ nso akyerɛ, na ama nnipa mma ahu . . . w’ahenni anuonyam hyerɛn.​—Dw. 145:10-12.

Asɛm a ɛda Yehowa Adansefo anokwafo nyinaa koma so na Dawid kae no. Na sɛ yare anaa onyin ama wuntumi nyɛ asɛnka adwuma no pii nso ɛ? Mma wo werɛ mfi sɛ, sɛ woka asɛmpa no kyerɛ ayarehwɛfo anaa nnuruyɛfo a, na worehyɛ yɛn Nyankopɔn a ne yam ye no anuonyam. Sɛ wo gyidi nti wɔde wo to afiase, na woka nokware no ho asɛm kyerɛ afoforo sɛnea wubetumi a, woma Yehowa koma tɔ ne yam. (Mmeb. 27:11) Sɛ wowɔ abusua bi a emufo nni ɔsom baako mu, na wokɔ so som Onyankopɔn yiye a, wo nso woma Yehowa koma tɔ ne yam. (1 Pet. 3:1-4) Sɛ wowɔ tebea a emu yɛ den mu mpo a, wubetumi ayi Yehowa ayɛ na woanya nkɔso wɔ honhom fam. Sɛ woka nokware a ɛsom bo a efi Onyankopɔn hɔ no ho asɛm kyerɛ nnipa a wonni anidaso a, Yehowa behyira wo. w16.08 3:19, 20

Dwoda, November 12

Momma ɔyerenom mmrɛ wɔn ho ase mma wɔn ankasa wɔn kununom te sɛ nea wɔreyɛ ama Awurade, efisɛ okunu yɛ ne yere ti, sɛnea Kristo nso yɛ asafo no ti no.​—Efe. 5:22, 23.

Tiyɛ ho nhyehyɛe yi nkyerɛ sɛ okunu ho hia sen ne yere. Mmom, ɛboa ɔyere no ma odi n’asɛyɛde a ɛno nti Onyankopɔn bɔɔ no no ho dwuma. Onyankopɔn kae sɛ: “Enye sɛ onipa no [Adam] nko bɛtena. Merebɛyɛ ɔboafo ama no, ɔhokafo a ɔfata no.” (Gen. 2:18) Sɛnea Kristo a ɔyɛ “asafo no ti” di asafo no so ɔdɔ mu no, saa ara na ɛsɛ sɛ okunu a ɔyɛ Kristoni di ne yere so wɔ ɔdɔ mu. Ɔyɛ saa a, ɛma ne yere koma tɔ ne yam, na n’ani gye. Ɛboa ɔyere no nso ma ɔda obu adi, ɔboa ne kunu, na ɔbrɛ ne ho ase ma no. Ɛsɛ sɛ Yesu akyidifo suasua no na wɔdodɔ wɔn ho sɛnea ɔdɔɔ wɔn no. (Yoh. 13:34, 35; 15:12, 13; Efe. 5:25) Ɛno nti, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ awarefo dɔ mu yɛ den paa. Sɛ ɛho behia sɛ wɔn mu biara wu ma ne yɔnko mpo a, ɛsɛ sɛ wotumi yɛ saa. w16.08 2:3, 4

Benada, November 13

Asɛm a wɔka wɔ bere a ɛsɛ mu de, O hwɛ sɛnea eye!​—Mmeb. 15:23.

Sɛ woka nsɛm a ɛhyɛ den kyerɛ afoforo a, ebetumi aka wɔn koma paa. Ebetumi aboa wɔn ama wɔayere wɔn ho asom Yehowa. Hu sɛ, sɛ woma wo nsa so wɔ asafo nhyiam ase na woma mmuae a ɛhyɛ nkuran a, ebetumi ahyɛ afoforo den paa. Yehowa boaa Nehemia ne wɔn a wɔka ne ho no ma wɔhyɛɛ wɔn nsam den, na wɔde nnafua 52 pɛ too Yerusalem afasu no wiei! (Neh. 2:18; 6:15, 16) Ɛnyɛ sɛ Nehemia hwɛ ma wɔtow Yerusalem ɔfasu no kɛkɛ, na mmom ɔno ankasa yɛɛ adwuma no bi. (Neh. 5:16) Saa ara na asafo mu mpanyimfo pii a wɔwɔ ɔdɔ atumi asuasua Nehemia. Wɔboa ma wosisi adan a wɔde yɛ Onyankopɔn som adwuma. Afei nso wɔne wɔn nuanom siesie wɔn Ahenni Asa so, na wɔboa ma wɔhwɛ so yiye. Sɛ asafo mu mpanyimfo ne wɔn mfɛfo adawurubɔfo kɔ asɛnka na wɔsrasra wɔn nuanom a, na wɔn nso rehyɛ wɔn a wɔn koma atu na wɔn nsam agow no den.​—Yes. 35:3, 4. w16.09 1:15, 16

Wukuda, November 14

‘Ɔdɔ nyɛ ade a ɛnsɛ, ɛnhwehwɛ nea n’ankasa hia.’​—1 Kor. 13:4, 5.

Onyankopɔn nkurɔfo bɔ mmɔden de Bible mu afotu a edi hɔ yi yɛ adwuma. Ɛka sɛ: ‘Enti, munkum mo nipadua akwaa a ɛwɔ asase so no wɔ aguamammɔ, afide, nna ho akɔnnɔ, ne nkate bɔne ho.’ (Kol. 3:2, 5) Yɛmpɛ sɛ yɛbɛma ayɛ den ama yɛn mfɛfo asomfo sɛ wɔde saa afotu no bɛyɛ adwuma. Ebia anuanom mmarima ne mmea a wɔatwe wɔn ho afi aguamammɔ ho no da so ara reko tia akɔnnɔ bɔne. (1 Kor. 6:9, 10) Yɛpɛ sɛ ɔko no mu yɛ den ma wɔn anaa? Sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea hyiam a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a ɛbɛboa ama abrabɔ a ɛho tew akɔ so atena asafo no mu. Yɛwɔ hokwan sɛ yɛpaw atade a yɛpɛ sɛ yɛhyɛ. Nanso, yɛn nyinaa wɔ asɛyɛde sɛ yɛhyɛ ntade a ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama afoforo sɛ wɔbɛkɔ so ama wɔn ho atew, na wɔakɔ so ama wɔn nsusuwii, wɔn kasa, ne wɔn abrabɔ ho atew wɔ Onyankopɔn anim.​—1 Pet. 1:15, 16. w16.09 3:9, 10

Yawda, November 15

Mmerante ne mmaabun . . . Momma wonyi Yehowa din ayɛ.​—Dw. 148:12, 13.

Awarefo bi a wɔwɔ France kae sɛ: “Yegye Yehowa di, nanso ɛno nkyerɛ sɛ yɛn mma nso begye no adi.” Wɔkae sɛ: “Gyidi nyɛ ade a wɔde wo yɛn. Nkakrankakra na yɛn mma de nya gyidi.” Onua bi a ɔyɛ Australiani kyerɛwee sɛ: “Adwuma a ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ den sen biara a wobɛyɛ wɔ w’asetenam ne sɛ wobɛboa wo ba ma wanya gyidi wɔ ne komam. . . . Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ woama asɛm bi a wo ba bisaa wo ho mmuae ma wate ase. Nanso akyiri yi, wobɛhwɛ na wasan abisa wo asɛm koro no ara! Sɛ wo ba bisa wo asɛm bi na woma no mmuae na ɔka sɛ wate ase nnɛ a, ɛnkyerɛ sɛ ɔkyena obegye mmuae koro no ara atom. Nneɛma bi wɔ hɔ a, ɛho behia sɛ wokyerɛkyerɛ mu kyerɛ no mpɛn pii.” Sɛ woyɛ ɔwofo a, ɛyɛ a wote nka sɛ worentumi nkyerɛkyerɛ wo mma anaa wuntumi ntete wɔn mma wɔmmɛyɛ mmarima ne mmea a wɔwɔ gyidi? Nokwasɛm ne sɛ, sɛ ɛkaa yɛn ankasa nyansa a, anka yɛn mu biara rentumi nyɛ saa adwuma no! (Yer. 10:23) Nanso, sɛ yɛma Onyankopɔn kyerɛ yɛn kwan a, yebetumi ayɛ. w16.09 5:1, 2

Fida, November 16

Mfa yiyeyɛ nkame wɔn a ɛsɛ wɔn.​—Mmeb. 3:27.

Ɛnyɛ mmerɛw mma wɔn a wɔatu akɔtena obi man so no sɛ wobesua ɔman a wɔakɔ so no mu asetena. Rut yɛɛ wei ho nhwɛso pa. Nea edi kan, ɔsrɛɛ kwan ansa na ɔresesaw nnɔbae no ase. Saa a ɔyɛe no kyerɛ sɛ, na obu ɔman a wakɔ mu no amammerɛ. (Rut 2:7) Wannya adwene sɛ esiane sɛ ɔyɛ ɔhɔho nti obetumi akɔsesa nnɔbae ase a ɔremmisa hokwan ansa. Nea ɛto so mmienu ne sɛ, bere biara a obi yɛɛ biribi pa maa no no, ɔkyerɛɛ ho anisɔ. (Rut 2:13) Sɛ wɔn a wɔatu akɔtena obi man so no da suban pa a ɛte saa adi a, ɛbɛma ɔmanfo no abu wɔn, na saa ara na wɔn mfɛfo gyidifo nso bebu wɔn. Ɛyɛ yɛn anigye paa sɛ Yehowa adom nnipa a wofi mmaa nyinaa ama wɔanya hokwan ate asɛmpa no. Bere a saa nnipa yi wɔ wɔn man mu no, ebia wɔannya hokwan ne Yehowa nkurɔfo ansua Bible anaa wɔne wɔn ankɔ asafo nhyiam. Enti seesei a wɔanya hokwan ne yɛn hyiam som no, munnye nni sɛ ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma wɔn ani ka? w16.10 1:17-19

Memeneda, November 17

Anigye a na ɛda n’anim nti, ohuu asɛndua ho amane.​—Heb. 12:2.

Onyankopɔn asomfo ɔpepem pii resuasua nhwɛso a Yesu yɛe no wɔ yɛn bere yi so. Wɔmma wɔn werɛ mmfi anidaso a wɔwɔ no, na wɔmma sɔhwɛ ahorow nso nnsɛe wɔn gyidi. Momma yɛnhwɛ Rudolf Graichen a wɔwoo no wɔ Germany wɔ afe 1925 no. Ne werɛ amfi Bible mu nsɛm ho mfonini bi a na ɛtetare wɔn dan mu no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mfonini no baako yɛ pataku ne oguammaa, ɔsebɔ ne abirekyi ba, nantwi ba ne gyata a wɔn nyinaa te faako wɔ asomdwoe mu, na abarimaa ketewaa bi na na ɔreka wɔn. . . . Me werɛ amfi mfonini ahorow a ɛte saa no da.” (Yes. 11:6-9) Rudolf hyiaa ɔtaa a emu yɛ den mfe pii. Nasi Gestapo anaa sum ase polisifo dii kan taa no, na akyiri yi East Germany Komunis Stasi anaa sum ase polisifo nso taa no. Nanso, ɔkɔɔ so kuraa gyidi a na ɔwɔ sɛ asase bɛdan paradise no mu pintinn. Rudolf hyiaa sɔhwɛ foforo a emu yɛ den nso. Yare bi a ɛte sɛ atiridiinini kum ne maame wɔ Ravensbrück nneduaban mu. Ne papa nso gyidi bɛyɛɛ mmerɛw ma ɔkyerɛe sɛ ɔnyɛ Yehowa Dansefo bio. w16.10 3:12-14

Kwasida, November 18

‘Bere a mugyee Onyankopɔn asɛm no, mugyee no sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ankasa.’​—1 Tes. 2:13.

Yehowa asomfo wɔ obu kɛse ma Onyankopɔn Asɛm Bible no. Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, ɛtɔ da a ehia sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm no tu yɛn fo. Ɛba saa a, dɛn na yɛbɛyɛ? Momma yensusuw Kristofo mmea baanu a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so, Euodia ne Sintike, ho nhwɛ. Nsɛnnennen bi sɔree wɔ saa anuanom mmea baanu a na wɔasra wɔn no ntam. Ná asɛm a aba Euodia ne Sintike ntam no betumi asɛe asafo mũ no nyinaa asomdwoe. Bible nka nea asɛm no kowiei, nanso ɛbɛyɛ sɛ anuanom mmea yi tiee afotu a ɔsomafo Paulo fi ɔdɔ mu de maa wɔn no. (Filip. 4:2, 3) Ɛnnɛ nso, nsɛm a ɛte saa tumi sisi wɔ Yehowa nkurɔfo mu. Wobɛhwɛ no, na akɔfa wati-me ne waka-me aba asafo no mu. Nanso, sɛ yetie afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu a, yebetumi asɔw ɔhaw a ɛte saa ano anaa yɛatu ase koraa. Sɛ yɛwɔ obu kɛse ma Yehowa Asɛm no a, yɛde akwankyerɛ a ɛwom bɛyɛ adwuma.​—Dw. 27:11. w16.11 3:1-3

Dwoda, November 19

W’aba mu abu ahohia da mu anaa? W’ahoɔden so bɛtew.​—Mmeb. 24:10.

Yɛn nyinaa hia nkuranhyɛ. Ne titiriw no, yɛn mmofraberem paa na ehia sɛ wɔhyɛ yɛn nkuran. Ɔkyerɛkyerɛfo bi a wɔfrɛ no Timothy Evans ka sɛ: “Mmofra . . . hia nkuranhyɛ sɛnea afifide hia nsu no.” Ɔtoaa so sɛ: “Sɛ wohyɛ abofra nkuran a, ɛma ohu sɛ mfaso wɔ ne so, na ne ho hia.” Nanso, yɛte mmere a emu yɛ den mu. Nnipa yɛ pɛsɛmenkominya, na wonni tema. Enti nkuranhyɛ ho ayɛ nã. (2 Tim. 3:1-5) Satan Ɔbonsam pɛ sɛ obu yɛn abam. Onim sɛ, sɛ yɛn abam bu a, ebetumi ama yɛne Yehowa ntam asɛe, na ahaw yɛn wɔ akwan foforo so nso. Satan bɔɔ ɔtreneeni Hiob sobo, na ɔde ɔhaw ahorow baa no so sɛnea ɛbɛyɛ a Hiob abam bebu. Nanso, saa pɔw bɔne no ankosi hwee. (Hiob 2:3; 22:3; 27:5) Sɛ yɛhyɛ yɛn abusuafo ne asafo no mufo nkuran a, yebetumi ako atia Ɔbonsam nnwuma. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma anigye ne abotɔyam aba yɛn afie ne yɛn Ahenni Asa so. w16.11 1:4, 6

Benada, November 20

[Onyankopɔn frɛɛ] mo fii sum mu baa ne hann nwonwaso mu.​—1 Pet. 2:9.

Aka kakra ma afeha a ɛto so 16 afi ase no, mmarima akokodurufo kakraa bi sii wɔn bo sɛ wɔbɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm no ase akɔ kasa ahorow a nnipa dodow no ara ka mu. Bere a nkurɔfo nsa kaa Bible no, wɔkenkanee. Na wofii ase bisabisaa nsɛm te sɛ: ‘Ɛhe na ahodwiragya wɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu? Bible no fã bɛn na wɔakyerɛw sɛ, ɛsɛ sɛ wotua sika ansa na wɔayɛ awufo som ama obi a wawu? Ɛhe nso na wɔakyerɛw sɛ ɛsɛ sɛ yenya popenom ne asɔfo mpanyimfo?’ Saa nsɛm yi a nkurɔfo bisabisae no hyɛɛ asɔre no abufuw. Ná wɔn adwene ne sɛ, ɔmanfo no nni hokwan sɛ wobisabisa asɔre mpanyimfo no nsɛm a ɛte saa! Ɛno nti, asɔre no ko tiaa ɔmanfo no. Mmarima ne mmea a wɔannye asɔre no nkyerɛkyerɛ antom no, wɔbɔɔ wɔn sobo sɛ wɔyɛ atuatewfo, na wobuu wɔn kumfɔ. Asɔre no buu wɔn a wɔannye wɔn atoro nkyerɛkyerɛ no antom no kumfɔ, na Aban no kunkum wɔn. Ná asɔre no botae ne sɛ, ɛbɛma nkurɔfo agyae Bible akenkan sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmisabisa wɔn nsɛm. Ɛmaa nnipa pii gyaee Bible akenkan, na wɔammisabisa wɔn nsɛm bio. Nanso, akokodurufo kakraa bi amma Babilon Kɛse no anhunahuna wɔn. Ná wɔaka Onyankopɔn Asɛm no ahwɛ, na na wɔpɛ sɛ wohu mu nsɛm pii! w16.11 4:13

Wukuda, November 21

Ɔdansefo nokwafo renni atoro.​—Mmeb. 14:5.

Nokwaredi yɛ su titiriw a ɛsɛ sɛ Kristoni biara da no adi. (Efe. 4:25) Satan yɛ “atoro agya.” Atorodi na ɛmaa Anania ne ne yere hweree wɔn nkwa. Yɛmpɛ sɛ yesuasua wɔn a wɔte saa, enti yenni atoro. (Yoh. 8:44; Aso. 5:1-11) Nanso, ɛhɔ ara na yɛn nokwaredi kɔsõ anaa? Nea ɛwom ne sɛ, sɛ yɛn ani sɔ adom a Onyankopɔn de adom yɛn no paa a, yebedi nokware wɔ biribiara mu. Sɛ obi di atoro a, ɛkyerɛ sɛ waka asɛm bi a ɛnyɛ nokware. Nanso, Yehowa mpɛ sɛ ne nkurɔfo ka nokware kɛkɛ. Ɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛsen saa. Ɔka kyerɛɛ tete Israelfo no sɛ: “Monyɛ kronkron, efisɛ me Yehowa mo Nyankopɔn, meyɛ kronkron.” Afei ɔkyerɛɛ wɔn nneɛma a wɔyɛ a ɛbɛma wɔayɛ kronkron. Nea Onyankopɔn kae no bi ne sɛ: “Mommmɔ korɔn, monnnaadaa obiara, na munntwa mo yɔnko nkontompo.” (Lev. 19:2, 11) Awerɛhosɛm ne sɛ, obi a wasi ne bo sɛ ɔrenni atoro da betumi adaadaa afoforo, na watwa wɔn nkontompo. w16.12 1:17, 18

Yawda, November 22

Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma ne mo adwene nsusuwii ho ban denam Kristo Yesu so.​—Filip. 4:7.

Sɛ yɛhwɛ Onyankopɔn Asɛm no mu a, yebehu awerɛkyekye nsɛm a Yesu kae wom. Nsɛm a ɔkae ne ne nkyerɛkyerɛ maa wɔn a wotiee no no nyaa ɔhome anaa wɔn bo tɔɔ wɔn yam. Nnipadɔm pii kɔɔ Yesu nkyɛn, efisɛ ne nsɛm no maa nkurɔfo a wɔn koma atu bo tɔɔ wɔn yam, ɛhyɛɛ wɔn a wɔabrɛ den, na ɛmaa wɔn a wɔn abam abu nyaa awerɛkyekye. (Mat. 11:28-30) Yesu susuw afoforo honhom fam ne honam fam ahiade ho, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran kyekyee wɔn werɛ. (Mar. 6:30-32) Yesu hyɛɛ n’asomafo a na ɔne wɔn nam no bɔ sɛ ɔbɛboa wɔn, na ɔbɛboa yɛn nso nnɛ. Enhia sɛ obi kɔ baabi a Yesu wɔ ansa na watumi aboa no. Yesu redi hene wɔ soro, nanso ɔda so ara nya tema ma afoforo. Enti sɛ adwinnwen bi bɛtɔ wo so a, obetumi afi mmɔborɔhunu mu “atwitwa agye” wo, na ‘waboa wo bere a ɛsɛ mu.’ Nokwasɛm ne sɛ, Yesu betumi aboa wo ama woagyina ahohia ano, na obetumi nso ama woanya anidaso ne akokoduru.​—Heb. 2:17, 18; 4:16. w16.12 3:4, 6

Fida, November 23

Ɔhonam nyinaa awiei abedu m’anim.​—Gen. 6:13.

Noa tenaa wiase a “na amumɔyɛ” ne brabɔne ahyɛ mu mã mu. (Gen. 6:4, 9-12) Ɛwom, Noa dii Yehowa nokware na ɔkaa atemmusɛm kyerɛɛ nnipa a ɔne wɔn te no, nanso na ɔrentumi nhyɛ wɔn sɛ wontie. Saa ara nso na na ɔrentumi mma Nsuyiri no mma ntɛm. Enti na ɛsɛ sɛ onya Yehowa mu ahotoso sɛ ne bere so a, obedi ne bɔhyɛ so asɛe abɔnefo nyinaa. (Gen. 6:17) Yɛn nso, yɛte wiase a nnipa abɔnefo atwa yɛn ho ahyia mu. Nanso yenim sɛ Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛsɛe wɔn nyinaa. (1 Yoh. 2:17) Seesei, yɛrentumi nhyɛ nkurɔfo sɛ wontie “Ahenni ho asɛmpa” a yɛreka no. Na yɛrentumi nyɛ biribiara mma “ahohiahia kɛse” no mma ntɛm. (Mat. 24:14, 21) Yɛn nso, yehia gyidi kɛse te sɛ Noa. Afei ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn mu ahotoso sɛ ɔbɛkeka ne ho nnansa yi ara! (Dw. 37:10, 11) Yɛwɔ awerɛhyem paa sɛ Yehowa bere so a, da koro mpo mpa ho; ɔbɛsɛe wiase bɔne yi.​—Hab. 2:3. w17.01 1:5-7

Memeneda, November 24

Me Yehowa, mene . . . nea ɔkyerɛ wo ade a eye ma wo, nea ogya wo fa ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so no so.​—Yes. 48:17.

Ɛnnɛ, nnipa pii mfa ahofadi a wɔwɔ nyɛ adepa na mmom wɔde pira nnipa foforo. Anokwa, nea Bible kae no ara na abam no, “nna a edi akyiri” mu no, nnipa bɛyɛ “bonniayɛfo.” (2 Tim. 3:1, 2) Momma yɛnyere yɛn ho na yɛammu ahofadi a Yehowa de ama yɛn no adewa anaa yɛamfa anyɛ adebɔne. Ɛnde dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛamfa ahofadi a Onyankopɔn de ama yɛn no anyɛ adebɔne? Yɛn nyinaa Onyankopɔn de yɛn pɛ ama yɛn. Enti yɛwɔ hokwan sɛ yɛpaw nnamfo a yɛpɛ, yɛhyɛ atade anaa yesiesie yɛn ho sɛnea yɛpɛ, na saa ara nso na yebetumi apaw anigyede biara a yɛpɛ. Nanso sɛ yɛtena ase ma yɛn honam akɔnnɔ anaa yedi aniwude a wiase no hyɛ ho nkuran akyi a, yɛde yɛn ahofadi no bɛyɛ “bɔne nkataanim.” (1 Pet. 2:16) Sɛ́ anka yɛde yɛn ahofadi no ‘bɛyɛ nnyinasode ama ɔhonam’ no, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sisi gyinae a ɛbɛboa yɛn ama yɛatie afotu yi: ‘Monyɛ nneɛma nyinaa mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.’​—Gal. 5:13; 1 Kor. 10:31. w17.01 2:12-14

Kwasida, November 25

Metee asɛm yi ara pɛ, . . . mekɔɔ so dii mmuada bɔɔ mpae wɔ ɔsoro Nyankopɔn anim.​—Neh. 1:4.

Yɛn nso, sɛ ɔsom hokwan a yɛwɔ sesa a, nea Nehemia yɛe no betumi aboa yɛn ama yɛakɔ so abrɛ yɛn ho ase, na yɛrennye yɛn ho nni dodo. Sɛ asafo mu panyin bi asom akyɛ a, anhwɛ a ɔde ne ho bɛto ne suahu so ayɛ nneɛma wɔ asafo no mu a onni kan mmɔ Yehowa mpae. Anuanom bi nso wɔ hɔ a, ebia wobesi gyinae bi ansa na wɔabɔ ho mpae. Yɛhwɛ a wei kyerɛ ahobrɛase? Enti sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, bere nyinaa yɛbɛkae sɛ yehia Onyankopɔn akwankyerɛ. Afei yebegye Onyankopɔn nhyehyɛe nyinaa atom. Sɛ yɛwɔ ɔsom hokwan bi a, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛkɔ yɛn tirim. Tebea biara mu, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so brɛ yɛn ho ase na yɛde yɛn ho to Yehowa so. (Mmeb. 3:5, 6) Yɛn nyinaa yɛ Onyankopɔn asomfo, enti yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne yɛn abusua ne asafo no mufo nyinaa de baakoyɛ bɛsom Yehowa. Yɛremma dibea anaa hokwan bi a yebenya nnye yɛn adwene.​—1 Tim. 3:15. w17.01 4:7, 8

Dwoda, November 26

Asase de, ɔde ama nnipa mma.​—Dw. 115:16.

Mfiase no, na Yehowa atirimpɔw ne sɛ ɔbɛma adesamma atena asase so daa. (Gen. 1:28; Dw. 37:29) Yehowa fi ayamye mu maa Adam ne Hawa akyɛde ahorow a ɛsom bo a na ɛbɛma wɔn ani agye wɔ asetena mu. (Yak. 1:17) Yehowa maa wɔn hokwan a na ɛma wotumi paw nea wɔpɛ, wotumi dwinnwen nneɛma ho, wotumi da ɔdɔ adi kyerɛ afoforo, na wɔfa nnamfo nso. Ɔbɔadeɛ no ne Adam kasae, na ɔkyerɛɛ no ɔkwan a ɔbɛfa so ayɛ osetie. Ɔsan kyerɛɛ Adam ɔkwan a ɔbɛfa so ahwɛ ne ho ne ɔkwan a ɔbɛfa so ahwɛ mmoa ne asase no so. (Gen. 2:15-17, 19, 20) Yehowa bɔɔ Adam ne Hawa wɔ ɔkwan bi so a na ɛma wotumi te aduan dɛ, wotumi sɔ biribi mu na wɔte nka, wotumi hu ade, wotumi te nnyigyei, na wotumi te ade hua nso. Paradise fie a na wɔte mu no, na ɛhɔ yɛ fɛ, na na nneɛma pa pii nso wɔ hɔ. Enti na wobetumi agye wɔn ani paa wɔ hɔ. Ná nnipa baanu a wodi kan no betumi anya adwuma a abotɔyam wom ayɛ, asua nneɛma foforo, na wɔayɛ nneɛma pa pii nso. Bere a Yehowa bɔɔ Adam ne Hawa no, ɔmaa wɔn tumi a wɔde bɛwo mma a wɔyɛ pɛ. Ná asase ne ɛso nneɛma nyinaa bɛyɛ wɔne wɔn asefo dea daa. w17.02 1:6, 7

Benada, November 27

‘Ɔnhwɛ mmara no so nkyerɛw bi wɔ nhoma mu mfa, na onni mmara yi mu nsɛm nyinaa so.’​—Deut. 17:18, 19.

Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm no kyerɛɛ mmarima a wodii Onyankopɔn nkurɔfo anim no kwan? Momma yɛnhwɛ Ɔhene Yosia. Bere a wohuu nhoma bi a na Mose Mmara no wom no, Yosia kyerɛwfo fii ase kenkan kyerɛɛ no. Onyankopɔn Asɛm no kyerɛɛ Yosia kwan ma ofii ase ko tiaa abosonsom denneennen. Afei nso, ɔyɛɛ nhyehyɛe ma wodii Twam afahyɛ kɛse bi a na wonnii bi saa da. (2 Ahe. 22:11; 23:1-23) Esiane sɛ Onyankopɔn Asɛm no kyerɛɛ Yosia ne akannifo foforo a na wodi nokware no kwan nti, wofii wɔn pɛ mu yɛɛ nsakrae wɔ akwankyerɛ a wɔde maa Onyankopɔn nkurɔfo no mu, na wɔkyerɛkyerɛɛ mu pefee kyerɛɛ wɔn. Saa nsakrae no maa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no tumi yɛɛ Yehowa apɛde. Nanso, ɛnyɛ ahene a wodii Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no so no nyinaa na wɔde Onyankopɔn akwankyerɛ yɛɛ adwuma. Akannifo no bi nso wɔ hɔ a, Yehowa teɛɛ wɔn so anaasɛ oyii wɔn fii hɔ de afoforo sii wɔn ananmu. (1 Sam. 13:13, 14) Yehowa bere a ɛsɛ mu no, ɔpaw obi a na obetumi adi ne nkurɔfo anim yiye asen mmarima a na ɔde wɔn ayɛ adwuma no nyinaa. w17.02 3:11, 12, 14

Wukuda, November 28

‘Woama onipa aba fam kakra asen wɔn a wɔsɛ Onyankopɔn, na wode anuonyam ne nidi abɔ no abotiri.’​—Dw. 8:5.

Wɔbɔɔ nnipa wɔ “Onyankopɔn suban so.” (Gen. 1:27) Enti wɔn mu dodow no ara da Onyankopɔn su ahorow no bi adi kodu baabi. Nnipa tumi da ɔdɔ, ayamye, ne ayamhyehye adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho. Bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa no, ɔmaa wɔn ahonim. Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a ahonim no ntumi nyɛ adwuma yiye, nanso mpɛn pii no, nnipa fi awosu mu tumi hu sɛ biribi yɛ papa anaasɛ ɛyɛ bɔne, ɛyɛ nokware anaasɛ ɛyɛ atoro, ɛfata anaasɛ ɛmfata. (Rom. 2:14, 15) Nnipa dodow no ara ani gye nneɛma a ɛho tew na ɛyɛ fɛ ho. Wɔn mu dodow no ara pɛ sɛ wɔne afoforo tena asomdwoe mu. Sɛ wonim oo, sɛ wonnim oo, wɔda Yehowa anuonyam adi kodu baabi. Ɛno nti, ɛfata sɛ yɛde nidi ne obu ma nnipa nyinaa. Nanso ehia sɛ yehu nidi a ɛfata sɛ yɛde ma afoforo ne baabi a ɛsɛ sɛ yedi wɔn ni kodu. w17.03 1:5, 6

Yawda, November 29

‘Onyankopɔn sesaa n’adwene wɔ ɔhaw a ɔkae sɛ ɔde bɛba wɔn so no ho, na wanyɛ wɔn hwee.’​—Yona 3:10.

Onyankopɔn nyɛ n’ade sɛnea nnipa pii yɛ no. Ɔno de, ɛnyɛ sɛ ne bo fuwii ara pɛ na wasi gyinae. Bere a Yehowa hui sɛ Niniwefo no anu wɔn ho na wɔatwe wɔn ho afi wɔn akwammɔne no ho no, ɔno nso sesaa n’adwene wɔ nea ɔkae sɛ ɔde bɛba wɔn so no ho. Ɔnam saa a ɔyɛe no so daa no adi sɛ ɔwɔ ntease, ahobrɛase, ne ayamhyehye nso. Ɛtɔ da a, ɛho behia sɛ yɛsan susuw gyinae bi a yɛasi dedaw ho. Ebetumi aba sɛ sɛnea na nneɛma te bere a na yɛresi gyinae no asesa. Yehowa sakraa gyinae ahorow a osisii mu bere a nneɛma sesae no. (1 Ahe. 21:20, 21, 27-29; 2 Ahe. 20:1-5) Anaasɛ ebia yebenya nsɛm foforo bi a ɛbɛma ɛho abehia paa sɛ yɛsakra gyinae bi a yɛasi mu. Wɔkaa Saul banana Mefiboset ho nsɛm bi a ɛnyɛ nokware kyerɛɛ Ɔhene Dawid. Nanso akyiri yi, bere a Dawid huu nokware a ɛwɔ asɛm no mu no, ɔsakraa gyinae a na wasi no mu.​—2 Sam. 16:3, 4; 19:24-29. w17.03 2:14, 15

Fida, November 30

Momma nnipa nyinaa nhu mo ntease.​—Filip. 4:5.

Sɛ asɛm bi sɔre a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Bible nnyinasosɛm ahorow a ɛfa ho na yɛde yɛ adwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so. Nhwɛso bi ni. Onuawa bi nim sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔka asɛmpa no. (Aso. 4:20) Nanso, yɛmfa no sɛ da bi a ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ asɛnka no, ne kunu a ɔnyɛ Yehowa Dansefo no kae sɛ mma ɔnkɔ asɛnka saa da no. Onuawa no kunu kae sɛ, ɔne ne yere no boom yɛɛ ade akyɛ, na saa da no de ɔpɛ sɛ ɔne no bom yɛ biribi. Ebia onuawa no besusuw Bible mu nsɛm bi a ebetumi aboa no ama wasi gyinae pa ho. Bible mu nsɛm a ebia obesusuw ho no bi ne nea ɛfa Onyankopɔn a yebetie no ho ne ahyɛde a ɛne sɛ yɛnyɛ asuafo no. (Mat. 28:19, 20; Aso. 5:29) Nanso, ehia sɛ ɔsan susuw ahobrɛase a ɛsɛ sɛ ɔyere da no adi kyerɛ ne kunu ne ntease a ɛsɛ sɛ ɔda no adi nso ho. (Efe. 5:22-24) Onuawa no betumi abisa ne ho sɛ, ne kunu no resɔre atia no sɛ ɔremma ɔnkɔ asɛnka koraa, anaasɛ saa da no nko ara na ne kunu no reka sɛ ɔnyɛ biribi foforo? Bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yebenya ahonim pa na yɛayɛ nea Onyankopɔn pɛ no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ ade amma antra so. w17.03 4:17

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena