Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es18 kr. 98-108
  • October

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • October
  • Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2018
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dwoda, October 1
  • Benada, October 2
  • Wukuda, October 3
  • Yawda, October 4
  • Fida, October 5
  • Memeneda, October 6
  • Kwasida, October 7
  • Dwoda, October 8
  • Benada, October 9
  • Wukuda, October 10
  • Yawda, October 11
  • Fida, October 12
  • Memeneda, October 13
  • Kwasida, October 14
  • Dwoda, October 15
  • Benada, October 16
  • Wukuda, October 17
  • Yawda, October 18
  • Fida, October 19
  • Memeneda, October 20
  • Kwasida, October 21
  • Dwoda, October 22
  • Benada, October 23
  • Wukuda, October 24
  • Yawda, October 25
  • Fida, October 26
  • Memeneda, October 27
  • Kwasida, October 28
  • Dwoda, October 29
  • Benada, October 30
  • Wukuda, October 31
Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2018
es18 kr. 98-108

October

Dwoda, October 1

Ɔbɛyɛ wɔn a wosuro no apɛde ama wɔn, na obetie wɔn sufrɛ na wagye wɔn.​—Dw. 145:19.

Yehowa yɛ “Onyankopɔn a ɔma boasetɔ ne awerɛkyekye.” (Rom. 15:5) Ɔno nkutoo na onim yɛn tebea, nea yɛrefa mu, ne yɛn asetena mu nsɛm nyinaa. Ɔno na onim ade pɔtee a ebetumi aboa yɛn ma yɛanya boasetɔ. Sɛ yɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn nhyɛ yɛn den mma yennya boasetɔ a, yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ watie? Sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yennyina sɔhwɛ ano a, ɔhyɛ yɛn bɔ sɛ ‘ɔbɛma kwan abɛda ho.’ (1 Kor. 10:13) Ɔyɛ no sɛn? Ɛtɔ da a, oyi sɔhwɛ no fi hɔ. Nanso mpɛn pii no, ɔhyɛ yɛn den ma yenya ‘boasetɔ kosi ase na yɛde anigye nya abodwokyɛre.’ (Kol. 1:11) Yehowa nim sɛnea yɛte paa; adwenem, ne biribiara mu. Enti biribiara a ɛbɛma ayɛ den sɛ yebedi nokware akosi ase no, ɔremma kwan mma ɛmma yɛn so. w16.04 2:5, 6

Benada, October 2

Ɛnde muntua Kaesare de mma Kaesare, na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.​—Mat. 22:21.

Onyankopɔn Asɛm no ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yetie wiase atumfoɔ, nanso ɛka sɛ ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn bere nyinaa. (Aso. 5:29; Tito 3:1) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Yesu kaa nnyinasosɛm bi a ɛbɛboa yɛn ma yɛahu onii a ɛsɛ sɛ yetie no sɛnea ɛnnɛ asɛm no ka no. Sɛ yedi aban mmara so, na yedi aban mpanyimfo ni, na yetua yɛn tow a, ɛkyerɛ sɛ yɛde ‘Kaesare de rema Kaesare.’ (Rom. 13:7) Nanso sɛ aban ka sɛ yɛnyɛ biribi a Onyankopɔn mpene so a, yɛka no nidi mu kyerɛ wɔn sɛ yɛrentumi nyɛ. Yennyina ɔfã biara akyi wɔ amanyɔsɛm mu. (Yes. 2:4) Yehowa ama kwan sɛ aban nni tumi, enti yɛnsɔre ntia wɔn. Afei nso, nneyɛe biara a ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn man anaa yɛn man yɛ papa sen afoforo de no, yɛmfa yɛn ho nhyɛ mu. (Rom. 13:1, 2) Yɛnyɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛsesa aban anaa yɛbɛkyerɛ amanyɔfo nea wɔnyɛ. Bio nso, sɛ nkurɔfo reto aba ayi aban mpanyimfo a, yɛntow bi, na yennyina sɛ wɔntow aba mma yɛn. w16.04 4:1, 2

Wukuda, October 3

Bu no sɛ amanaman muni.​—Mat. 18:17.

Akasakasa a ɛsɔre wɔ Kristofo ntam no, emu dodow no ara na wɔn a asɛm no fa wɔn ho no betumi asiesie wɔ kokoam, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa. Nanso Yesu kae sɛ, nsɛm bi wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ asafo no ba mu. (Mat. 18:15-17) Sɛ onua a wafom ne yɔnko no antie ne nua no asɛm, wantie adansefo no ne asafo no a, dɛn na wɔbɛyɛ no? Wobebu no sɛ “amanaman muni anaa towgyeni.” Sɛ ɛyɛ ɛnnɛ a, yɛbɛka sɛ, ɛsɛ sɛ wotu no. Aniberesɛm a ɛwɔ saa gyinae a wosi yi mu kyerɛ sɛ “bɔne” a ɔyɛe no nyɛ akasakasa biara kwa. Mmom no, (1) na ɛyɛ bɔne a anka ankorankoro betumi asiesie, nanso (2) na ɛyɛ bɔne a emu yɛ duru a sɛ wɔanhwɛ ansiesie a wobetumi atu obi wɔ ho. Bɔne a yɛreka ho asɛm yi bi ne amimdi anaa ntwatoso a ebetumi asɛe obi din. Bɔne a ɛte saa nko ara na yebetumi atu anammɔn mmiɛnsa a Yesu kaa ho asɛm wɔ Mateo 18:15-17 no. w16.05 1:14

Yawda, October 4

Monkɔ so nhu Yehowa apɛde.​—Efe. 5:17.

Nneɛma bi wɔ hɔ a, yenni ho ahyɛde pɔtee wɔ Bible mu. Ebi ne sɛ, Kyerɛwnsɛm no nka ntade a ɛfata sɛ Kristofo hyɛ ho nsɛm pii. Wei ma yehu sɛ Yehowa wɔ nyansa paa. Wiase baabiara no, ntade a nkurɔfo hyɛ ne wɔn amammerɛ gu ahorow. Saa ara nso na ɛwom ara a ntade a yɛhyɛ ne yɛn amammerɛ tumi sesa. Sɛ Bible kyerɛɛ ntade pɔtee a ɛfata sɛ yɛhyɛ ne sɛnea ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho a, anka seesei ne bere atwam. Ɛno nti na Onyankopɔn Asɛm nhyehyɛ mmara pii wɔ nneɛma bi ho no. Ɛnkyerɛ adwuma pɔtee a ɛfata sɛ Kristoni yɛ, ayaresa a ɛfata sɛ ogye, ne nneɛma a ɛyɛ papa sɛ ɔde gyigye n’ani. Sɛ Bible nhyɛɛ da nhyɛɛ mmara biara mfaa gyinae a yɛresi ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛba saa a, ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛhwehwɛ asɛm no mu yiye. Ɛnsɛ sɛ yegyina nneɛma a yɛn ani gye ho kɛkɛ so sisi gyinae. Mmom biribi a Yehowa pɛ na ogye tom no, ɛno na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ ho sisi gyinae.​—Dw. 37:5. w16.05 3:2, 6

Fida, October 5

Moannye no sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ankasa.​—1 Tes. 2:13.

Ɛyɛ ampa, yɛn mu biara wɔ Bible no fã a n’ani gye ho paa. Ebinom ani gye Nsɛmpa no ho, efisɛ emu na Yesu ma yehu Yehowa su yiye. (Yoh. 14:9) Afoforo nso pɛ Bible no afã a ɛyɛ nkɔmhyɛ te sɛ Adiyisɛm nhoma no, efisɛ Adiyisɛm nhoma no ma yehu “nneɛma a etwa sɛ ɛba ntɛm.” (Adi. 1:1) Yɛn mu hena na Nnwom nhoma no nkyekyee ne werɛ da, na yɛn mu hena na onnyaa asuade bi mfii Mmebusɛm nhoma no mu pɛn? Momma yɛnka, Bible yɛ nhoma a eye ma obi biara. Esiane sɛ yɛn ani gye Bible ho nti, Bible ho nhoma a yɛn nsa ka no nso, yɛn ani gye ho. Yɛn ani gye nhoma, nhomawa, nsɛmma nhoma, ne nhoma foforo a Yehowa de ma yɛn no ho. Yenim sɛ honhom fam aduan a Yehowa de ma yɛn no boa yɛn ma yɛn ani da hɔ wɔ Onyankopɔn som mu, ɛma yedidi yiye, na ‘yɛyɛ den wɔ gyidi mu.’​—Tito 2:2. w16.05 5:1-3

Memeneda, October 6

Honhom no aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahosodi. Mmara biara ntia eyinom.​—Gal. 5:22, 23.

Honhom kronkron tumi fa akwan pii so nwene yɛn. Sɛ nhwɛso no, ebetumi ama yɛanya Kristo suban no bi. Kristo suban no bi ne honhom aba no. Ɔdɔ ka honhom aba no ho. Yɛdɔ Onyankopɔn, na yɛpɛ sɛ yetie no na yɛma ɔnwene yɛn, efisɛ yenim sɛ n’ahyɛde nyɛ den. Afei nso, honhom kronkron betumi ahyɛ yɛn den sɛnea ɛbɛyɛ a wiase ne ne suban bɔne no rennya yɛn so tumi. (Efe. 2:2) Bere a ɔsomafo Paulo yɛ aberante no, osuasuaa Yudafo nyamesom akannifo a na wɔyɛ ahantan no paa. Akyiri yi, ɔkae sɛ: “Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti.” (Filip. 4:13) Enti sɛnea Paulo yɛe no, momma yɛnkɔ so nsrɛ honhom kronkron. Sɛ ahobrɛasefo fi wɔn komam bɔ mpae saa a, Yehowa betie.​—Dw. 10:17. w16.06 1:12

Kwasida, October 7

Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi.​—Adi. 4:11.

Sɛ yebetumi aka sɛ Yehowa nko ara ne yɛn Nyankopɔn a, ɛsɛ sɛ yɛsom ɔno nkutoo. Yɛrentumi nsom anyame foforo nka ne ho. Saa ara na ɛnsɛ sɛ yɛde atosɛm anaa ɔsom foforo mu nneyɛe bi frafra ɔsom a yɛde ma no no mu. Ɛsɛ sɛ yehu sɛ Yehowa nyɛ anyame mu nyame kɛkɛ, anaa onyame a ɔkorɔn na ɔwɔ tumi sen anyame a aka nyinaa. Mmom, Yehowa nkutoo na ɔfata sɛ yɛsom no. Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannan yɛn akyi ankyerɛ Yehowa ankɔsom biribi foforo biara. Nneɛma bɛn saa ho asɛm na yɛreka yi? Mmara Nsɛm Du no mu no, Yehowa kaa no pefee sɛ ɛnsɛ sɛ ne nkurɔfo nya anyame foforo ka ne ho. Afei nso, na ɛnsɛ sɛ wɔsom ahoni biara. (Deut. 5:6-10) Ɛnnɛ, abosonsom ayɛ sɛ ɔbosomaketew; edi adannan. Abosonsom no bi wɔ hɔ a, ebetumi ayɛ den sɛ yebehu. Nanso nea Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ no nsesae. Onyankopɔn da so ara yɛ “Yehowa koro.”​—Mar. 12:29. w16.06 3:10, 12

Dwoda, October 8

Sɛ mode nkurɔfo mfomso firi wɔn a, mo soro Agya nso de mo de befiri mo.​—Mat. 6:14.

Petro bisaa Yesu sɛ, sɛ ne nua fom no a, ɔmfa nkyɛ no ‘nkosi mpɛn ason’ anaa? Yesu buae sɛ: “Meka kyerɛ wo sɛ, ɛnyɛ mpɛn ason, na mmom enkosi mpɛn aduɔson ason.” Nea na Yesu rekyerɛ ara ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛde afoforo mfomso befiri wɔn bere nyinaa; ɛno ne adwene a ɛsɛ sɛ yedi kan nya bere a obi afom yɛn. (Mat. 6:15; 18:21, 22) Esiane sɛ yɛn nyinaa tumi di mfomso nti, yɛreka yi, ebia yɛn nso yɛreyɛ nneɛma bi a ɛhaw afoforo. Sɛ yehu sɛ yɛayɛ biribi ma ahaw obi a, Bible ka sɛ yɛnkɔ ne nkyɛn na yɛne no nkosiesie yɛn ntam. (Mat. 5:23, 24) Afoforo de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, yɛn ani gye. Enti ɛsɛ sɛ yɛn nso de afoforo bɔne kyɛ wɔn. (1 Kor. 13:5; Kol. 3:13) Sɛ yɛde afoforo mfomso firi wɔn a, Yehowa nso de yɛn de befiri yɛn. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yedi mfomso a, yɛn Agya a ɔyɛ mmɔborɔhunufo no ne yɛn di no yiye. Enti ɛsɛ sɛ Kristofo suasua Yehowa bere a afoforo afom wɔn.​—Dw. 103:12-14. w16.06 4:15, 17

Benada, October 9

M’ani nwu asɛmpa no ho; nokwarem no, ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔde gye obiara a ɔwɔ gyidi nkwa.​—Rom. 1:16.

Awiei bere yi mu no, wɔde ahyɛ Yehowa nkurɔfo nsa sɛ wɔnka ‘Ahenni ho asɛmpa no wɔ asase nyinaa so mfa nni amanaman nyinaa adanse.’ (Mat. 24:14) Asɛm a yɛka no, ɛno ara ne “Onyankopɔn adom ho asɛmpa” no. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, nhyira a yɛhwɛ kwan sɛ yebenya wɔ Ahenni no ase no, Yehowa nam Kristo so na ɛbɛma yɛn nsa aka. (Acts 20:24; Efe. 1:3) Yɛn mu biara mmisa ne ho sɛ, misuasua Paulo de nsi ne ahokeka ka asɛmpa no de kyerɛ sɛ m’ani sɔ adom a Yehowa de adom me no anaa? (Rom. 1:14, 15) Yɛn a yɛyɛ abɔnefo no nya Yehowa adom so mfaso wɔ akwan pii so. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara ma nnipa nyinaa hu ɔkwan a Yehowa nam so reda n’adɔe adi. Afei nso, ehia sɛ yɛma wohu nea wɔn ankasa yɛ a ɛbɛma wɔanya so mfaso. w16.07 4:4, 5

Wukuda, October 10

Munsiesie mo ho, efisɛ dɔn a munsusuw saa mu na onipa Ba no reba.​—Luka 12:40.

Aka bere tiaa bi ama wɔakum Yesu no, ɔbɔɔ n’asuafo no kɔkɔ mprɛnsa wɔ “wiase yi sodifo” no ho. (Yoh. 12:31; 14:30; 16:11) Ná Yesu nim sɛ Ɔbonsam bɛma nnipa adwene aduru sum. Ná ɛno bɛma wɔabu wɔn ani agu Onyankopɔn nkɔmhyɛ a ɛfa daakye ho no so. (Sef. 1:14) Satan nam wiase atoro som ahemman no so afura nkurɔfo adwene ani. Sɛ wo ne afoforo rebɔ nkɔmmɔ a, dɛn na wuhu? Nneɛma nhyehyɛe yi rekɔ n’awiei, na biribiara kyerɛ sɛ Kristo redi Onyankopɔn Ahenni no so tumi. Nanso, wunhu sɛ Ɔbonsam “afura wɔn a wonnye nni no adwene ani” ama wonhu adanse no anaa? (2 Kor. 4:3-6) Mpɛn pii no, sɛ yɛka kyerɛ wɔn sɛ wiase yi rebɛsɛe a, nkurɔfo nyɛ ho hwee. Sɛ woka asɛmpa no na nkurɔfo antie a, mma w’abam mmu, kɔ so ara wɛn. Wunim nea ɛfata sɛ woyɛ. w16.07 2:11, 12

Yawda, October 11

Sɛ́ ankorankoro no, mo mu biara nnɔ ne yere sɛ ne ho; na ɔyere de, onnya obu kɛse mma ne kunu.​—Efe. 5:33.

Sɛ ayeforo a wasiesie ne ho fɛfɛɛfɛ kopue ne kunu anim wɔ wɔn ayeforohyia da a, wɔn ani gye paa. Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no na ɔhyehyɛɛ aware, na ɔpɛ sɛ awarefo ani gye na wɔn aware sɔ. Ɛno nti, Onyankopɔn Asɛm no de afotu pa ma awarefo. (Mmeb. 18:22) Nanso, Kyerɛwnsɛm no ka no pefee sɛ nnipa a wɔtɔ sin de, sɛ wɔware a, wɔn “ho behiahia wɔn ɔhonam mu.” (1 Kor. 7:28) Ɛnde, dɛn na awarefo bɛyɛ na ama ahohiahia a ɛte saa so atew? Na dɛn na ɛbɛma Kristofo aware asɔ? Bible ma yehu sɛ ɔdɔ ho hia. Onuadɔ (Hela, phi·liʹa) ho hia wɔ aware mu. Ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ (eʹros) ma awarefo ani gye, na abusua mu dɔ (stor·geʹ) nso ho hia bere a mmofra aba aware no mu. Nanso, ɛyɛ ɔdɔ a egyina nnyinasosɛm so (a·gaʹpe) na ɛma aware sɔ. w16.08 2:1, 2

Fida, October 12

Ma w’ani mmra wo ho ne wo nkyerɛkyerɛ so bere nyinaa.​—1 Tim. 4:16.

Ná Timoteo yɛ Ahenni sɛmpakafo a ne ho akokwaw. Nanso, sɛ na n’asɛnka adwuma betu mpɔn a, gye sɛ ‘ɔma n’ani ba’ ne nkyerɛkyerɛ so “bere nyinaa.” Ná ɛnsɛ sɛ ɔyɛ n’adwene sɛ, sɛ ɔka asɛmpa no sɛnea ɔyɛ no daa no a, nkurɔfo betie. Sɛ na asɛmpa a Timoteo ka no bɛkɔ so aka nkurɔfo koma a, na ɛsɛ sɛ ɔma ne nkyerɛkyerɛ no fa wɔn ahiade ho. Yɛn nso, yɛyɛ Ahenni adawurubɔfo, enti sɛ yɛreka asɛmpa no a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ara. Sɛ yɛkɔ afie afie asɛnka a, yɛntaa nto nkurɔfo wɔ fie. Mmeae bi wɔ hɔ a, wɔato afasu atwa afie bi ho, na awɛmfo tete apon ano. Ɛno nti yentumi nkɔka asɛmpa no wɔ hɔ. Sɛ afie a ɛte saa wɔ w’asasesin mu a, adɛn nti na womfa akwan foforo so nka asɛmpa no? Baguam adansedi yɛ ɔkwampa a yɛfa so trɛw asɛmpa no mu. Adansefo pii redi adanse wɔ baguam, na ɛresow aba. Woyi bere bi si hɔ de kɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ keteke ne bɔs gyinabea, gua so, mmeae a nkurɔfo tena gye wɔn ahome, ne mmɔnten so. w16.08 3:14-16

Memeneda, October 13

Monhyɛ nsa a emu agow ne nkotodwe a ahodwow den.​—Heb. 12:12.

Yehowa ama yɛn anuanom mmarima ne mmea a wodwen yɛn ho wɔ wiase nyinaa. Saa anuanom no betumi ahyɛ yɛn nkuran. (Heb. 12:12, 13) Nnipa pii nyaa honhom fam denhyɛ a ɛte saa wɔ asomafo no bere so. Saa ara na ɛte nnɛ. Dɛn na yebetumi ayɛ? Dwinnwen sɛnea Aaron ne Hur susoo Mose nsa mu bere a na ɔko bi rekɔ so no ho hwɛ. (Ex. 17:8-13) Yebetumi ahwehwɛ akwan bi a yɛbɛfa so aso afoforo mu na yɛaboa wɔn. Henanom na ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn? Wɔn a nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ mu haw reteetee wɔn, wɔn a yare ama wontumi nyɛ hwee, wɔn a abusuafo resɔre tia wɔn, wɔn a wɔayɛ ankonam, ne wɔn a wɔn dɔfo bi awu. Mmofra a afoforo repiapia wɔn ama wɔakɔyɛ bɔne nso, yebetumi ahyɛ wɔn den. Mmofra bi nso wɔ hɔ a afoforo rehyɛ wɔn nkuran sɛ wonsua nhoma nkɔ akyiri, wɔnyere wɔn ho mpɛ sika, anaa wɔmpɛ adwuma pa bi nyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a “wobedi yiye” wɔ wiase bɔne yi mu. Wɔn nso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ wɔn den. (1 Tes. 3:1-3; 5:11, 14) Wowɔ Ahenni Asa so oo, asɛnka mu oo, wo ne afoforo reto nsa adidi oo, anaa wo ne wɔn rebɔ nkɔmmɔ wɔ fon so oo, yɛ biribi a ɛbɛma wɔahu sɛ wudwen wɔn ho paa. w16.09 1:13, 14

Kwasida, October 14

Monyɛ ne nyinaa mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.​—1 Kor. 10:31.

Yɛn Nyankopɔn Yehowa yɛ kronkron, na yɛpɛ sɛ yɛhyɛ no anuonyam na yɛma asɛmpa a yɛka no ho ba nyam. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a ɛfata. Saa ara na yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea ne afei nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu nso nti, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a ɛfata. (Rom. 13:8-10) Bere a ehia paa sɛ yɛhwɛ yɛn ntadehyɛ yiye ne bere a yɛrekɔ asafo nhyiam, bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma, anaa bere a yɛreyɛ Kristofo nnwuma foforo. Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ ‘nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn.’ (1 Tim. 2:10) Nokwasɛm ne sɛ, ntade bi a ɛfata wɔ baabi no, ebia ɛremfata wɔ baabi foforo. Enti, Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase baabiara hwɛ amammerɛ a ɛwɔ baabi a wɔte no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhyɛ ntade a ɛbɛhaw ɛhɔfo no. Sɛ yɛkɔ amansin ne amantam nhyiam a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a ɛfata. Ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ ntade huhuuhu a aba so. Sɛ yɛhyɛ ntade a ɛfata a, yebetumi de anigye ada yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo. Na sɛ yenya hokwan bi sɛ yebedi adanse a, yɛde anigye ne ahokeka na ɛbɛyɛ saa. w16.09 3:7, 8

Dwoda, October 15

Ofie biara obi na osi, na nea ɔyɛɛ nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.​—Heb. 3:4.

Ntease wɔ mfatoho a Paulo de mae no mu, na ɛka koma paa! Nokwasɛm ne sɛ, egye obi a onim nyansa na watumi ayɛ nneɛma a ɛboro adwene ne ntease so saa. Sɛ wo ne obi a n’adwenem yɛ no nãã wɔ Bible ho rebɔ nkɔmmɔ a, wubetumi afa akwan a yɛasusuw ho yi so. Bɔ mmɔden sɛ wubehu nea onii no gye di ankasa, ne nsɛm a n’ani begye ho. (Mmeb. 18:13) Sɛ n’ani gye nyansahu ho a, wubetumi ama no nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ nyansahu ho asɛm biara a Bible ka no yɛ nokware. Ebia ɛbɛma wakɔ so atie wo. Ebinom nso wɔ hɔ a, sɛ woma wohu sɛ Bible yɛ nhoma a emu nkɔmhyɛ nyinaa bam pɛpɛɛpɛ na emu abakɔsɛm nyinaa yɛ nokware a, ebia ɛbɛka wɔn koma. Anaasɛ wubetumi atwe n’adwene asi Bible nnyinasosɛm bi a ɛma yehu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra so. Ebi ne nea ɛwɔ Bepɔw so Asɛnka no mu no. Mma wo werɛ mmfi nea enti a wo ne nkurɔfo bɔ nkɔmmɔ no. Yɛpɛ sɛ Bible mu asɛm ka wɔn koma, na ɛnyɛ sɛ yɛne wɔn begye akyinnye. Enti yɛ otiefo pa. Fi wo komam bisa nsɛm, na kasa odwo ne nidi mu, titiriw bere a wo ne mpanyimfo rekasa no. Woyɛ saa a, ebia wobetie wo. w16.09 4:14-16

Benada, October 16

Munnye mo ho mo ho.​—Rom. 15:7.

Sɛ wopɛ sɛ afoforo a wɔaba asafo no mu a wofi ɔman foforo so no koma tɔ wɔn yam a, bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ me na makɔ ɔman foforo bi so a, dɛn na wɔyɛ ma me a anka m’ani begye paa?’ (Mat. 7:12) Nya wɔn a wɔresua ɔman foforo so asetena no ho abotare. Ahyɛase no, ebia yɛrente wɔn nneyɛe ne sɛnea wosusuw nneɛma ho ase yiye. Nanso, sɛ́ anka yɛbɛhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ wɔn ade te sɛ yɛn ara no, adɛn nti na yennye wɔn ntom sɛnea wɔte no ara? Sɛ yesua wɔn man ne wɔn amammerɛ ho ade a, ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛne wɔn bɛbɔ. Sɛ yɛreyɛ abusua som a, yebetumi de bere no bi ayɛ ahɔho a wɔwɔ yɛn asafo ne yɛn asasesin mu no amammerɛ ho nhwehwɛmu. Ade foforo nso a ebetumi ama yɛabɛn wɔn a ɛsono wɔn amammerɛ paa ne sɛ yɛbɛto nsa afrɛ wɔn aba yɛn fie na yɛne wɔn ato nsa adidi. Yehowa ‘abue ɔpon a ɛkɔ gyidi mu ama amanaman no.’ Enti yɛn nso, so yɛrentumi mmue yɛn apon mma ahɔho a “yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidi mu no”?​—Aso. 14:27; Gal. 6:10; Hiob 31:32. w16.10 1:15, 16

Wukuda, October 17

‘Munsusuw nea ogyinaa pintinn wɔ nnebɔneyɛfo ntuatuaano mu no ho yiye.’​—Heb. 12:3.

Bere a Paulo kaa mmarima ne mmea gyidifo bi ho asɛm wiei no, ɔtwee adwene sii nea ɔyɛɛ gyidi ho nhwɛso a ɛsen biara no so. Ɔno ne yɛn Awurade Yesu Kristo. Hebrifo 12:2 ka sɛ: “Anigye a na ɛda n’anim nti, ohuu asɛndua ho amane, buu n’ani guu aniwu so, na wakɔtena Onyankopɔn ahengua no nifa.” Nokwasɛm ne sɛ, gyidi a Yesu daa no adi bere a ohyiaa sɔhwɛ a emu yɛ den sen biara no, ɛsɛ sɛ ‘yesusuw ho yiye.’ Tete Kristofo a wɔn gyidi nti wokunkum wɔn no kuraa wɔn mũdi mu kosii ase sɛnea Yesu yɛe no. Wɔn mu baako ne osuani Antipa. (Adi. 2:13) Saa tete Kristofo no anya wɔn akatua dedaw. Wɔanyan wɔn afi awufo mu ma wɔkɔ soro. Wɔn wusɔre no sen “owusɔre a eye kyɛn so” a na gyidifo a wɔtenaa ase tete no hwɛ kwan no. (Heb. 11:35) Bere a wɔde Ahenni no sii hɔ wɔ afe 1914 akyi no, wonyanee anokwafo a wɔasra wɔn a na wɔadeda wɔ owu mu no nyinaa ma wɔkɔɔ soro kɔkaa Yesu ho ma wɔne no redi adesamma so hene.​—Adi. 20:4. w16.10 3:12

Yawda, October 18

Monkɔ so ntutu mo ho mo ho fo [anaa, monkɔ so nhyehyɛ mo ho nkuran] da biara.​—Heb. 3:13.

Ebinom awofo anhyɛ wɔn nkuran da, enti ama wɔn nso nkamfo wɔn mma. Adwumayɛfo pii wɔ hɔ a, obiara nkamfo wɔn, enti wonwiinwii sɛ obiara nhyɛ wɔn nkuran wɔ adwuma mu. Sɛ yɛhyɛ obi nkuran a, mpɛn pii no nea ɛkyerɛ ne sɛ, onii no ayɛ adepa bi na yɛrekamfo no. Afei nso, sɛ yɛma afoforo hu sɛ wɔwɔ suban pa anaasɛ ‘yɛkyekye akra a wɔahaw werɛ’ a, na yɛrehyɛ wɔn nkuran. (1 Tes. 5:14) Nea Hela asɛmfua a wɔtaa kyerɛ ase “nkuranhyɛ” kyerɛ paa ne sɛ “wobɛka akɔ afoforo ho.” Esiane sɛ yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea bom som nti, yɛtaa nya hokwan hyɛ wɔn nkuran. (Ɔsɛnk. 4:9, 10) Yenya hokwan a ɛfata saa a, ɛyɛ a yɛma afoforo hu nea enti a yɛdɔ wɔn na wɔn ho hia yɛn no anaa? Ansa na yɛbɛma saa asɛm no ho mmuae no, ɛbɛyɛ papa sɛ yesusuw Bible mu bɛ yi ho. Ɛka sɛ: “Asɛm a wɔka wɔ bere a ɛsɛ mu de, O hwɛ sɛnea eye!”​—Mmeb. 15:23. w16.11 1:3-5

Fida, October 19

Hwɛ! Oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena biakoyɛ mu!​—Dw. 133:1.

Onyankopɔn kaa tebea a ne nkurɔfo bɛkɔ mu daakye ho asɛm too hɔ sɛ: “Mɛka wɔn abom te sɛ nguankuw a wɔwɔ nguannan mu.” (Mika 2:12) Afei nso, Yehowa nam odiyifo Sefania so ka too hɔ sɛ: “Mɛdan aman no ano ma wɔaka kasa kronn [a ɛne nokware a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no], na wɔn nyinaa bɛbɔ Yehowa din na wɔde mmati koro [anaa baakoyɛ] asom no.” (Sef. 3:9) Ɛyɛ yɛn anigye paa sɛ yɛanya hokwan resom Yehowa wɔ baakoyɛ mu! Nsɛm a yɛasusuw ho no ama yɛahu sɛ, Onyankopɔn Asɛm no a ɔnam ne honhom so ma wɔkyerɛwee no boa maa ahotew, asomdwoe, ne baakoyɛ kɔɔ so tenaa Kristofo asafo a na ɛwɔ Korinto ne mmeae foforo wɔ asomafo no bere so no mu. (1 Kor. 1:10; Efe. 4:11-13; 1 Pet. 3:8) Ɛnnɛ, wɔreka Onyankopɔn atirimpɔw a ɛyɛ anigye no ho asɛm wɔ wiase baabiara. Ne nyinaa fi Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ n’ahyehyɛde no mu a wɔde baakoyɛ reka asɛmpa no. w16.11 2:16, 18

Memeneda, October 20

‘Mo de, moyɛ “adehye asɔfokuw, ɔman kronkron, nnipa a wɔde wɔn ayɛ agyapade soronko, sɛ monka” nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu no “nneyɛe pa nkyerɛ.”’​—1 Pet. 2:9.

Kristo wu akyi mfeha kakra bi no, na nnipa pii tumi kenkan Bible wɔ Hela anaa Latin kasa mu. Enti na wobetumi de nea Onyankopɔn Asɛm no kyerɛkyerɛ atoto asɔre no nkyerɛkyerɛ ho. Wɔn mu binom kenkan Bible no hui sɛ, asɔre no nkyerɛkyerɛ ne Bible nkyerɛkyerɛ nhyia, enti wɔannye asɔre no nkyerɛkyerɛ anni. Nanso saa bere no, na ɛyɛ hu sɛ obi bɛka sɛ onnye asɔre no nkyerɛkyerɛ nni, na na wobetumi akum onii no mpo. Bere bi akyi no, nnipa dodow no ara gyaee kasa a wɔde kyerɛw Bible no ka, na asɔre no sɔre gyinae sɛ wɔremma wɔnkyerɛ Onyankopɔn Asɛm no ase nkɔ kasa a nnipa dodow no ara ka mu. Ná wɔtwe obiara a onnye asɔre no nkyerɛkyerɛ nni no aso denneennen. Sɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔasra wɔn no pɛ sɛ wohyiam a, na gye sɛ wohyiam sɛ akuw nketewa. Ebinom mpo de, na wontumi nhyiam koraa. Ná “adehye asɔfokuw” a wɔasra wɔn no nni nhyehyɛe pa a wɔde som. Babilon Kɛse no hyɛɛ nkurɔfo so denneennen! w16.11 4:8, 10, 11

Kwasida, October 21

Wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn ahenni.​—1 Kor. 6:9.

Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ bɔne a emu yɛ duru a na ebinom a wɔwɔ Korinto yɛ no. Sɛ yɛankwati bɔne a ɛte saa a, yɛrentumi nka sɛ yɛagye Onyankopɔn adom atom, na afei ‘bɔne nni yɛn so tumi’ bio. Nanso, so yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛkwati bɔne ahorow a ebinom bu no sɛ emu nyɛ duru de akyerɛ sɛ ‘yefi koma mu reyɛ osetie’ anaa? (Rom. 6:14, 17) Susuw ɔsomafo Paulo ho hwɛ. Bɔne a emu yɛ duru a wɔaka ho asɛm wɔ 1 Korintofo 6:9-11 no, yebetumi aka sɛ na Paulo nyɛ bi. Nanso, ɔkae sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo. Ɔkyerɛwee sɛ: “Meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me ahyɛ bɔne ase. Na nea meyɛ no, minnim. Efisɛ nea mepɛ no, ɛnyɛ ɛno na meyɛ; na mmom nea mikyi na meyɛ.” (Rom. 7:14, 15) Ɛno ma yehu sɛ, nneɛma foforo bi wɔ hɔ a na Paulo bu no sɛ ɛyɛ bɔne, na na ɔreko atia saa bɔne ahorow no nso. (Rom. 7:21-23) Momma yensuasua ɔsomafo Paulo na yɛnyere yɛn ho ‘mfi koma mu nyɛ osetie.’ w16.12 1:15, 16

Dwoda, October 22

Dan w’adesoa to Yehowa so, na obeso wo mu.​—Dw. 55:22.

Sɛ wuhyia tebea bi a ɛma wo ho yeraw wo, ɛma ehu ka wo, anaa egyaw wo adwinnwen a, ka wo koma mu asɛm kyerɛ wo soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no. Sɛ wuhyia ɔhaw bi na woyɛ nea wubetumi biara wɔ ho wie a, fi wo komam bɔ mpae, na ɛno mmom bɛboa wo sen sɛ wubedwinnwen ho pii. (Dw. 94:18, 19) Sɛnea wɔada no adi wɔ Filipifo 4:6, 7 no, sɛ yeyi yɛn yam na yefi yɛn komam de nkotɔsrɛ kɔ Yehowa anim daa a, obetumi ayɛ yɛn abisade no ho biribi ama yɛn. Dɛn na ɔbɛyɛ? Ɔbɛma yɛanya abotɔyam, na ama yɛatumi ayi yɛn adwene afi ɔhaw a yɛrefa mu no so na yɛayi ɔhaw no afi yɛn koma mu nso. Nnipa pii betumi agyina osuahu a wɔn ankasa anya so na wɔaka asi no pi sɛ saa asɛm no yɛ nokware. Bere a ehu ne dadwen bɛtɔɔ nkurɔfo a wɔte saa so no, Onyankopɔn boaa wɔn ma wonyaa asomdwoe a ɛboro nnipa ntease so. Wo nso wubetumi anya osuahu a ɛte saa. “Onyankopɔn asomdwoe” betumi aboa wo ama woadi ɔhaw biara a wubehyia so. Wubetumi anya awerɛhyem paa wɔ Yehowa bɔhyɛ yi mu. Ɔka sɛ: “Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den. Mɛboa wo.”​—Yes. 41:10. w16.12 3:3, 4

Benada, October 23

Gyidi nti bere a Mose nyinii no, wampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babea ba.​—Heb. 11:24.

Mose dan n’akyi kyerɛɛ nneɛma pa a na ɛwɔ Egypt no, na “ɔpawee sɛ ɔbɛma wɔatan ɔne Onyankopɔn nkurɔfo ani mmom sen sɛ obenya bɔne mu anigye bere tiaa bi.” (Heb. 11:25, 26) Momma yensuasua tetefo yi a wodii nokware te sɛ Mose no gyidi na yɛmfa ahofadi a Onyankopɔn de ama yɛn no nyɛ n’apɛde. Ɛwom obiara nyae a, na anka obi asi ne gyinae nyinaa ama no. Nanso sɛ yɛyɛ saa a, ɛremma yennya ahofadi a Onyankopɔn de ama yɛn no so mfaso biara. Yebehu ɛso mfaso kɛse no wɔ Deuteronomium 30:19, 20. Nkyekyɛm 19 ka nea Onyankopɔn de sii Israelfo no anim. Nkyekyɛm 20 ma yehu sɛ Yehowa maa wɔn nea wobegyina so ada nea ɛwɔ wɔn komam adi akyerɛ no. Yɛn nso yɛpɛ a, yɛbɛsom Yehowa anaa yɛrensom no. Biribiara nni hɔ a ɛkyɛn sɛ yebegyina ahofadi a Onyankopɔn de ama yɛn no so akyerɛ sɛ yɛdɔ no, na yɛpɛ sɛ yedi no ni na yɛhyɛ no anuonyam! w17.01 2:10, 11

Wukuda, October 24

Fa wo ho to Yehowa so na yɛ papa . . . na di nokware.​—Dw. 37:3.

Nneɛma a Yehowa de adom yɛn no, ɔpɛ sɛ yɛde yɛ adwuma yiye. Adɛn ntia? Efisɛ ɔdɔ yɛn, na onim sɛ sɛ yɛde saa nneɛma no yɛ adwuma a, yɛn ho bɛtɔ yɛn. Yehowa nim paa nso sɛ yɛyɛ nnipa, enti ɛnyɛ biribiara na yebetumi ayɛ. Yɛfa biribi te sɛ sintɔ, bɔne, ne owu a, biribiara nni hɔ a yebetumi ayɛ wɔ ho; Yehowa nko ara na obetumi ayi afi hɔ. Bio, Onyankopɔn de obiara pɛ ama no, enti ɛnyɛ biribiara na yebetumi asi ho gyinae ama nkurɔfo. (1 Ahe. 8:46) Afei sɛ yɛwɔ nimdeɛ anaa asetena mu suahu sɛ dɛn mpo a, yɛde yɛn ho toto Yehowa ho a, yɛte sɛ nkwadaa, yennu baabiara. (Yes. 55:9) Biribiara mu, ehia sɛ yɛma Yehowa kyerɛ yɛn kwan, na yenya awerɛhyem sɛ ɔbɛboa yɛn, na nea yɛn ahoɔden rentumi nyɛ nso obeso yɛn mu. Nanso ɛno nkyerɛ sɛ yɛbɛbobɔ yɛn nsa agu yɛn bo. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de di yɛn haw ho dwuma, na yɛboa nkurɔfo. Nea yɛreka akosi ara ne sɛ, ɛsɛ sɛ ‘yɛde yɛn ho to Yehowa so na yɛyɛ papa’; ehia sɛ ‘yedi Yehowa nokware.’ w17.01 1:2-4

Yawda, October 25

Wo ne me ntwa nkɔ, na mɛma wo aduan me nkyɛn wɔ Yerusalem.​—2 Sam. 19:33.

Barsilai ankɔ. Adɛn ntia? Ná wanyin, enti ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adesoa ma no. Ɔka kyerɛɛ Ɔhene Dawid sɛ ɔmfa Kimham mmom nkɔ. (2 Sam. 19:31-37) Ahobrɛase nti, Barsilai sii gyinae pa. Ɛnyɛ sɛ na ɔte nka sɛ ɔrentumi nyɛ adwuma a Dawid de rema no no anaasɛ ɛyɛ no sɛ wabɔ akwakoraa nti bere aso sɛ ogye n’ahome. Nea ɛwom ara ne sɛ, ogye toom sɛ wanyin, na ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ enti ɛnsɛ sɛ ɔkɔfa adesoa a ontumi soa. (Gal. 6:4, 5) Sɛ yɛde yɛn adwene si dibea anaa edin a yebegye so a, yɛbɛyɛ ahantan. Afei yɛne yɛn nuanom besi akan, na awiei koraa no, yɛn nsa besi fam. (Gal. 5:26) Nanso sɛ yɛwɔ ahobrɛase a, yɛne yɛn nuanom nyinaa de baakoyɛ bɛyɛ adwuma de ahyɛ Nyankopɔn anuonyam. Afei nso, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara aboa afoforo.​—1 Kor. 10:31. w17.01 4:5, 6

Fida, October 26

Onyankopɔn huu biribiara a wayɛ, na na eye paa.​—Gen. 1:31.

Yehowa yɛ Ɔbɔadeɛ a ne ho yɛ nwonwa. Biribiara a wabɔ di mũ paa. (Yer. 10:12) Sɛ yɛhwɛ nneɛma a Yehowa abɔ a, yehu sɛ ofi ɔdɔ mu atoto ahye anaa wakyerɛ nneɛma a abɔde biara betumi ayɛ. Ɔyɛɛ abɔde mu mmara ne abrabɔ ho mmara sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara bɛkɔ so fɛfɛɛfɛ. (Dw. 19:7-9) Enti nneɛma a ɛwɔ amansan yi mu biara wɔ dwuma a edi, na ɛyɛ adwuma a Onyankopɔn de ama no sɛ ɛnyɛ. Yehowa na ɔkyerɛ sɛnea nneɛma a wabɔ no bɛbom ayɛ adwuma. Nhwɛso bi ni. Tumi a ɛtwe nneɛma ba fam no ma mframa twa yɛn asase yi ho hyia bere nyinaa. Ɛno ara nso na ɛma ɛpo ne asorɔkye huru kutukutu anaa ɛma ɛbɔ brɛoo. Ne nyinaa boa ma nneɛma a nkwa wom tumi tena asase so. Nnipa ne abɔde a aka nyinaa nso yɛ nneɛma a Yehowa kyerɛ sɛ wɔnyɛ wɔ mmeae a ɔde ama wɔn anaa ɔde wɔn asisi. Sɛnea abɔde mu nneɛma yɛ wɔn adwuma pɛpɛɛpɛ no ma yehu pefee sɛ Onyankopɔn wɔ atirimpɔw ma asase ne adesamma. Sɛ yɛkɔ asɛnka a, yebetumi aka Onii a ɔyɛɛ nhyehyɛe ma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo anaa?​—Adi. 4:11. w17.02 1:4, 5

Memeneda, October 27

Mose . . . na Onyankopɔn nam ɔbɔfo . . . so somaa no sɛ sodifo ne ogyefo.​—Aso. 7:35.

Yosua na obesii Mose ananmu. “Yehowa safohene no” hyɛɛ Yosua den ma odii Onyankopɔn nkurɔfo anim ne Kanaanfo kɔkoe. (Yos. 5:13-15; 6:2, 21) Akyiri yi, wɔ Ɔhene Hesekia bere so no, Asiria asraafo pii yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtow ahyɛ Yerusalem so. Nanso anadwo koro pɛ, ‘Yehowa bɔfo fi kokunkum Asiriafo mpem ɔha aduɔwɔtwe anum.’ (2 Ahe. 19:35) Nokwasɛm ne sɛ, sintɔ nni abɔfo ho, nanso mmarima a abɔfo no boaa wɔn no de, na sintɔ wɔ wɔn ho. Bere bi, Mose anyɛ Yehowa kronkron. (Num. 20:12) Yosua nso anhwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ ansa na ɔne Gibeonfo reyɛ apam. (Yos. 9:14, 15) Saa ara na bere bi nso, Hesekia “koma maa ne ho so.” (2 Be. 32:25, 26) Nanso, saa mmarima yi sintɔ nyinaa akyi no, na Yehowa hwehwɛ sɛ Israelfo no di wɔn akwankyerɛ akyi. Yehowa nam n’abɔfo a wɔwɔ tumi sen nnipa so boaa saa mmarima no. Ɛda adi pefee sɛ, Yehowa na na ɔredi ne nkurɔfo anim. w17.02 3:7-9

Kwasida, October 28

Nhyira ne nidi ne anuonyam ne ahoɔden nka Nea ɔte ahengua no so no ne Oguammaa no daa.​—Adi. 5:13.

Sɛ yedi obi ni a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, yɛn ani kũ onii no ho na yebu no. Nokwarem no, onipa a ɔfata sɛ yɛma yɛn ani kũ ne ho na yɛde obu a ɛte saa ma no no, ɛyɛ a yɛhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ obi a wayɛ biribi anaasɛ okura dibea titiriw bi. Enti, yebetumi abisa sɛ, Hena na ɛfata sɛ yedi no ni, na adɛn nti na ɛfata sɛ yɛde nidi a ɛte saa ma no? Adiyisɛm 5:13 ma yehu sɛ, ɛfata paa sɛ yɛde nidi ma “nea ɔte ahengua no so no . . . ne Oguammaa no.” Adiyisɛm ti 4 ma yehu ade baako nti a ɛfata sɛ yedi Yehowa ni. Honhom abɔde a wɔwɔ soro no maa wɔn nne so yii Yehowa, ‘nea ɔte ase daa daa no’ ayɛ. Wɔkae sɛ: “Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛwowɔ hɔ na wobɔe.”​—Adi. 4:9-11. w17.03 1:1, 2

Dwoda, October 29

Nea ɔde ne ho to n’ankasa koma so yɛ ɔkwasea.​—Mmeb. 28:26.

Nkurɔfo taa ka sɛ: Yɛ nea wo koma pɛ. Nanso, ɛyɛ hu paa sɛ yɛbɛyɛ saa. Afei nso, ɔkwan bi so no, ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia. Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ, sɛ yɛresisi gyinae a, ɛnsɛ sɛ yedi yɛn koma a ɛtɔ sin no akyi anaa yegyina yɛn nkate so kɛkɛ yɛ saa. Nsɛm bi a esisii a Bible ka ho asɛm ma yehu awerɛhosɛm a ɛwom sɛ yebedi yɛn koma akyi asisi gyinae. Ɔhaw a ɛwom paa ne sɛ, nnipa a yɛtɔ sin de, yɛn “koma yɛ okontomponi sen ade nyinaa na ne ho yɛ ahometew.” (Yer. 3:17; 13:10; 17:9; 1 Ahe. 11:9) Enti wohwɛ a, sɛ yedi nea yɛn koma pɛ akyi na yɛma yɛn koma kyerɛ yɛn nea ɛfata sɛ yesusuw ho ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ a, dɛn na ebetumi ato yɛn? Sɛ nhwɛso no, sɛ yesisi gyinae bere a yɛn bo afuw a, wohwɛ a, gyinae bɛn paa na yebesi? Sɛ yɛasisi gyinae bere a na yɛn bo afuw pɛn a, ɛnde yenim mmuae no. (Mmeb. 14:17; 29:22) Anaasɛ, sɛ wohwɛ a, yebetumi asisi gyinae pa bere a yɛn abam abu? (Num. 32:6-12; Mmeb. 24:10) Ɛda adi pefee sɛ, sɛ yɛresisi gyinae a ɛho hia na yɛma yɛn koma kyerɛ yɛn nea yɛnyɛ a, ebetumi adaadaa yɛn. w17.03 2:12, 13

Benada, October 30

Mede nokwaredi ne koma mũ anantew w’anim.​—2 Ahe. 20:3.

Esiane sɛ yɛtɔ sin nti, yɛtaa di mfomso. Nanso, anigyesɛm ne sɛ, sɛ yenu yɛn ho na yɛnam Yesu agyede afɔre no so de gyidi kɔ Yehowa anim ahobrɛase mu a, “ɔnhwɛ yɛn bɔne so” ne yɛn nni. (Dw. 103:10) Ne nyinaa mu no, sɛnea Dawid ka kyerɛɛ Solomon no, sɛ Yehowa ani begye ɔsom a yɛde ma no da biara da no ho a, ɛsɛ sɛ yɛde “koma a edi mũ” som no. (1 Be. 28:9) “Koma a edi mũ” a yɛde bɛsom Onyankopɔn no kyerɛ sɛ yebeyi yɛn yam asom no a yɛrennyae da. Sɛ Bible ka “koma” ho asɛm a, ɛtaa kyerɛ sɛnea obi te ankasa wɔ ne mu. Kyerɛ sɛ, nea n’ani gye ho, ne nsusuwii, ne nneyɛe, ne suban, nea otumi yɛ, nea ɛka no ma ɔyɛ biribi, ne botae a ɔde sisi n’ani so. Enti obi a ɔde ne koma nyinaa som Yehowa no nsom Yehowa biarabiara. Yɛn nso ɛ? Ɛwom sɛ yɛyɛ nnipa a yɛtɔ sin de, nanso sɛ yɛkɔ so yi yɛn yam som Onyankopɔn na yɛanyɛ nyaatwom a, na ɛkyerɛ sɛ yɛde koma a edi mũ resom Onyankopɔn.​—2 Be. 19:9. w17.03 3:1, 3

Wukuda, October 31

[Yehowa hu] ɔhobrɛasefo; ɔhantanni de, ohu no wɔ akyirikyiri.​—Dw. 138:6.

Sɛ yɛyɛ adepa bi a, ebetumi aba sɛ ebia na Yehowa ‘regyaw yɛn de asɔ yɛn ahwɛ’ ama nea ɛwɔ yɛn komam ada adi anaa? Nhwɛso bi ni. Ebia onua bi bɔɔ mmɔden suaa ɔkasa bi yiye, ɛnna ɔkɔmaa ɔkasa no kyerɛɛ nnipadɔm bi. Ɛno nti, nnipa pii kamfoo no wɔ ɔkasa a ɔmae no ho. Onua no bɛyɛ n’ade sɛn wɔ nkamfo a wɔde rema no no ho? Sɛ afoforo kamfo yɛn a, ɛyɛ papa sɛ yɛde asɛm a Yesu kae no bɛyɛ adwuma. Yesu kae sɛ: “Sɛ moyɛ nea wɔahyɛ mo nyinaa wie a, monka sɛ, ‘Yɛyɛ nkoa a mfaso nni yɛn so. Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara na yɛayɛ no.’” (Luka 17:10) Yebetumi asua biribi afi Hesekia asɛm no mu. Nea ɛkyerɛ sɛ Hesekia koma maa ne ho so ne sɛ ‘ɔyɛɛ bonniayɛ, yiye a wɔyɛɛ no no ho.’ (2 Be. 32:24-27, 31) Sɛ yedwinnwen nea Onyankopɔn ayɛ ama yɛn ho a, ɛbɛboa yɛn na yɛanna suban bi a Yehowa ani nnye ho adi. Yehowa boa ne nkurɔfo bere nyinaa. Enti yebetumi aka ne ho asɛm de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn. w17.03 4:12-14

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena