Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es18 kr. 88-97
  • September

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • September
  • Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2018
  • Nsɛmti Nketewa
  • Memeneda, September 1
  • Kwasida, September 2
  • Dwoda, September 3
  • Benada, September 4
  • Wukuda, September 5
  • Yawda, September 6
  • Fida, September 7
  • Memeneda, September 8
  • Kwasida, September 9
  • Dwoda, September 10
  • Benada, September 11
  • Wukuda, September 12
  • Yawda, September 13
  • Fida, September 14
  • Memeneda, September 15
  • Kwasida, September 16
  • Dwoda, September 17
  • Benada, September 18
  • Wukuda, September 19
  • Yawda, September 20
  • Fida, September 21
  • Memeneda, September 22
  • Kwasida, September 23
  • Dwoda, September 24
  • Benada, September 25
  • Wukuda, September 26
  • Yawda, September 27
  • Fida, September 28
  • Memeneda, September 29
  • Kwasida, September 30
Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2018
es18 kr. 88-97

September

Memeneda, September 1

Momma boasetɔ nwie n’adwuma.​—Yak. 1:4.

Sɛnea Bible kyerɛ no, sɛ yegyina ɔhaw anaa sɔhwɛ bi a emu yɛ den ano a, ɛno ara nkyerɛ sɛ yɛwɔ boasetɔ. Boasetɔ kyerɛ adwene a yenya wɔ sɔhwɛ ho ne sɛnea yɛte nka nso. Ɛboa ma yenya akokoduru, yedi nokware, na yenya abotare. Nhoma bi ka sɛ boasetɔ yɛ su a ɛma yenya anidaso a emu yɛ den, ɛmma yɛmpa abaw ntɛm wɔ sɔhwɛ mu. Sɛ sɔhwɛ no te sɛ dɛn koraa a, boasetɔ ma yegyina pintinn a yenhinhim. Ɛmma yɛmfa yɛn adwene nkɔ ɔhaw ne amanehunu a yɛrefa mu no so, na mmom yɛde yɛn adwene si botae no so. Ɔdɔ na ɛkanyan yɛn ma yenya boasetɔ. (1 Kor. 13:4, 7) Wɔ nneɛma bɛn mu? Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa nti, ɔhaw biara a ɔma ho kwan no, yetumi gyina ano. (Luka 22:41, 42) Ɔdɔ nti yenya yɛn nuanom sintɔ ho koma. (1 Pet. 4:8) Sɛ yɛdɔ yɛn kunu anaa yɛn yere a, ‘ahohiahia’ a awarefo a wɔwɔ anigye mpo fa mu no, yebegyina ano. Wei bɛma yɛn aware asɔ.​—1 Kor. 7:28. w16.04 2:3, 4

Kwasida, September 2

Wɔkɔɔ so tuu wɔn ho sii hɔ, na wɔboom kyɛɛ nneɛma, [anaa wɔkɔɔ so hyiaam].​—Aso. 2:42.

Bere a Roma aban ne Yudafo nyamesom akannifo retaa tete Kristofo mpo no, wɔkɔɔ so hyiaam. Ɛwom, na ɛyɛ den sɛ wɔbɛkɔ nhyiam de, nanso wɔyɛɛ nea wobetumi biara kɔe. Ɛnnɛ nso, Yehowa asomfo ani sɔ asafo nhyiam paa, na wɔkɔ a wɔn ani gye. George Gangas de bɛboro mfe 22 somee sɛ Akwankyerɛ Kuw no muni. Ɔkae sɛ: “Me de, ade baako a ɛma m’ani gye na ɛhyɛ me nkuran paa ne sɛ me ne me nuanom behyiam.” Ɔde kaa ho sɛ: “Me koma so ade paa ne sɛ mɛkɔ asafo nhyiam.” Sɛ wokɔ asafo nhyiam kɔsom Yehowa a, wo nso wote nka saa? Sɛ saa a, kɔ so yɛ nea wubetumi biara ne wo nuanom nhyiam. Sɛ ɛyɛ den mpo a, mia w’ani kɔ. Ma Yehowa nhu sɛ wote nka sɛ Ɔhene Dawid. Ɔkae sɛ: “Yehowa, medɔ wo fie tena.”​—Dw. 26:8. w16.04 3:16-18

Dwoda, September 3

Di kan ne wo nua no nkosiesie mo ntam.​—Mat. 5:24.

Fa no sɛ woahu anaa woate sɛ asɛm bi a wokae anaa biribi a woyɛe ahaw onua bi. Sɛ ɛba saa a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Wo ne wo nua no nkɔkasa. Mma wo werɛ mmfi nea enti a worekɔ ne nkyɛn no. Ɛnyɛ sɛ worekɔkyerɛ no sɛ ɔno nso di fɔ wɔ asɛm no mu, na mmom wo botae ne sɛ worekogye wo mfomso atom na moasiesie mo ntam. Ade a ɛho hia yɛn paa ne sɛ yɛbɛma asomdwoe atena yɛne yɛn nuanom Kristofo ntam. Momma yɛnhwɛ Abraham ne ne wɔfase Lot. Ná wɔn baanu nyinaa wɔ nyɛmmoa pii. Enti na mmoa no kyere so wɔ asase a wodidi so no so. Wei maa akasakasa baa Abraham mmoahwɛfo ne Lot mmoahwɛfo ntam. Esiane sɛ na Abraham pɛ sɛ otwa akasakasa no so nti, ɔmaa Lot dii kan paw baabi a ɔne n’abusua bɛtena. (Gen. 13:1, 2, 5-9) Abraham yɛɛ nhwɛso pa paa! Ɔhwehwɛɛ asomdwoe; wanyɛ nea ɛbɛma ne ho atɔ no. Ayamye a Abraham daa no adi no ma ɔhweree biribi anaa? Dabida. Bere a Abraham ne Lot tetew mu akyi bere tiaa bi no, Yehowa hyɛɛ Abraham bɔ sɛ obehyira no paa. (Gen. 13:14-17) Dɛn na yesua fi asɛm yi mu? Sɛ yesiesie yɛne afoforo ntam nsɛmnsɛm wɔ ɔdɔ mu na sɛ yɛhwere biribi mpo a, Onyankopɔn behyira yɛn. w16.05 1:11, 12

Benada, September 4

Monkɔ so nhu Yehowa apɛde.​—Efe. 5:17.

Yehowa ama yɛn ahyɛde ahorow pɔtee bi wɔ Bible mu. Sɛ nhwɛso no, Yehowa bara aguamammɔ, abosonsom, korɔnbɔ, ne asabow. (1 Kor. 6:9, 10) Onyankopɔn Ba Yesu Kristo ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.” (Mat. 28:19, 20) Hwɛ sɛnea Onyankopɔn mmara ne n’ahyɛde bɔ yɛn ho ban! Sɛ yedi saa ahyɛde yi so a ɛma yehu sɛ yɛn so wɔ mfaso kɛse, ɛma yenya apɔwmuden, na yenya anigye pii wɔ yɛn abusua mu. Nea ɛsen ne nyinaa no, sɛ yedi Yehowa ahyɛde so a, yɛma n’ani gye na ohyira yɛn pii. N’ahyɛde no bi ne asɛnka adwuma a yɛyɛ no. w16.05 3:1

Wukuda, September 5

Munnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforo.​—Rom. 12:2.

Sɛ yɛma Onyankopɔn honhom kronkron kyerɛ yɛn kwan a, Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛahu nea ɔpɛ, na ɛbɛma yɛanya n’adwene. Ɛbɛma yɛn nsusuwii, yɛn kasa, ne yɛn nneyɛe asɔ Onyankopɔn ani. (Luka 11:13; Gal. 5:22, 23) Ɛno mpo no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na mmerɛwyɛ bi a ɛwɔ yɛn ho anyi yɛn. (Mmeb. 4:23) Sɛ wopɛ sɛ wunya Yehowa suban no bi na sɛ ɛmma ntɛm a, kae sɛ egye bere. Ɛmma prɛko pɛ; ɛyɛ nkakrankakra. Sɛ yɛpɛ sɛ Bible kɔ so boa yɛn ma yɛn abrabɔ yɛ papa a, ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase. Ahyɛase no, ebia ɛho behia sɛ yɛhyɛ yɛn ho so na ama yɛatumi ayɛ nea Kyerɛwnsɛm no ka sɛ yɛnyɛ. Bere rekɔ so no, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yebenya Yehowa Nyankopɔn adwene na yɛayɛ nea ɔpɛ.​—Dw. 37:31; Mmeb. 23:12; Gal. 5:16, 17. w16.05 4:14, 16

Yawda, September 6

N’ani gye Yehowa mmara ho, na ɔkenkan ne mmara dwinnwen ho awia ne anadwo.​—Dw. 1:2.

Ɛnnɛ, Yehowa nam n’Asɛm, ne honhom kronkron, ne Kristofo asafo no so titiriw na ɛrenwene yɛn. Dɛn na yebetumi ayɛ ama Onyankopɔn Asɛm no anwene yɛn? Ɛne sɛ yɛbɛtɔ yɛn bo ase akenkan, adwinnwen ho, na yɛasrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛmfa nyɛ adwuma. Dawid kae sɛ: “Sɛ mekae wo me kɛtɛ so anadwo dasum a, midwinnwen wo ho.” (Dw. 63:6) Ɔsan kae sɛ: “Mehyira Yehowa a wama me afotu no. Anadwo na m’asaabo teɛ me so.” (Dw. 16:7) Sɛ Onyankopɔn tu Dawid fo, na afotu no ano yɛ hyew mpo a, na Dawid ma esian kɔ ne koma mu tɔnn ma esiesie n’adwene. (2 Sam. 12:1-13) Hwɛ sɛnea Dawid ayɛ ahobrɛase ne osetie ho nhwɛso pa ama yɛn! So wudwinnwen Onyankopɔn Asɛm ho ma esian kɔ wo komam tɔnn? Wohwɛ a, ehia sɛ woyɛ bi ka ho?​—Dw. 1:3. w16.06 1:11

Fida, September 7

Mpere wo ho mfa abufuw.​—Ɔsɛnk. 7:9.

Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ bɛyɛ mfe 6,000 ni na yɛn nyinaa bɛyɛɛ abɔnefo. Saa asɛm no sii wɔ Eden turom. Nnipa a yɛnyɛ pɛ de, mfomso mpa yɛn ho. Enti, ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛhwehwɛ pii afi yɛn nuanom Kristofo hɔ. Ɛyɛ anigye paa sɛ yɛka Onyankopɔn nkurɔfo ho wɔ awiei bere yi mu. Enti ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn nuanom mfomso sɛe saa anigye no. Nea enye koraa ne sɛ yɛbɛma afoforo mfomso ato yɛn hintidua na yɛafi Yehowa ahyehyɛde no mu. Ɛba saa a, yentumi nyɛ Onyankopɔn apɛde. Afei, nkwa a yebenya wɔ Onyankopɔn wiase foforo mu no nso bɛbɔ yɛn. Nea ɛbɛyɛ na yɛakɔ so anya anigye na yɛakura yɛn anidaso mu pintinn no, ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi Yehowa bɔhyɛ a ɛma awerɛkyekye yi da. Ɔka sɛ: “Merebɔ ɔsoro foforo ne asase foforo; na wɔrenkae kan nneɛma no bio, na ɛremma komam bio.” (Yes. 65:17; 2 Pet. 3:13) Ɛno nti, ɛnsɛ sɛ wudi afoforo mfomso akyi ma nhyira a ɛte saa bɔ wo. w16.06 4:13, 14

Memeneda, September 8

Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro.​—Deut. 6:4.

Asɛmfua “koro” kyerɛ sɛ Onyankopɔn atirimpɔw bam bere nyinaa. Yehowa Nyankopɔn adwene si no pi, na ɔyɛ Onyankopɔn a yebetumi de yɛn ho ato no so. Odi n’asɛm so bere nyinaa, ɔnsakra, na ɔyɛ ɔnokwafo. Yehowa hyɛɛ Abraham bɔ sɛ ɔde Bɔhyɛ Asase no bɛma n’asefo, na Yehowa yɛɛ anwonwade akɛse maa saa bɔhyɛ no baa mu. Mfe 430 twaam ansa na bɔhyɛ no reba mu de, nanso Yehowa atirimpɔw ansesa. (Gen. 12:1, 2, 7; Ex. 12:40, 41) Mfe pii akyi, bere a Yehowa reka sɛ Israelfo yɛ n’adansefo no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me ara mene no. Wɔnnwenee Onyankopɔn bi m’anim, na m’akyi nso, obi nni hɔ.” Yehowa sii so dua sɛ ɔnsakra. Ɔkae sɛ: “Mete sɛnea mete bere nyinaa.” (Yes. 43:10, 13; 44:6; 48:12) Onyankopɔn nsakra, na ɔyɛ ɔnokwafo. Ɛyɛ hokwan kɛse paa na Israelfo nyae de som Onyankopɔn a ɔte sei! Ɛnnɛ, yɛn nso yɛanya hokwan a ɛte saa.​—Mal. 3:6; Yak. 1:17. w16.06 3:6, 7

Kwasida, September 9

Monkɔ so nhwɛ, monkɔ so nwɛn, efisɛ munnim bere a wɔahyɛ no.​—Mar. 13:33.

Ɛnnɛ, aman dodow no ara wɔ “awɛmfo” ne mfiri akɛse a wɔde wɛn wɔn ahye so. Wɔhwɛ sɛ nnipa bi nwiawia wɔn ho mma wɔn man mu anaa atamfo bi mmɛsɛe wɔn asomdwoe. Nanso asiane a saa “awɛmfo” yi tumi hu araa ne nea aman a wɔyɛ wɔn atamfo anaa nnipa bi de ba wɔn so no. Wonnim mpo sɛ Onyankopɔn soro Ahenni bi wɔ hɔ a Yesu Kristo na odi so. Afei nso, wonnim sɛ wɔnam saa Ahenni no so na ebebu amanaman nyinaa atɛn. (Yes. 9:6, 7; 56:10; Dan. 2:44) Nanso sɛ yɛma yɛn ani da hɔ, na yɛwɛn wɔ Onyankopɔn som mu a, bere biara a saa atemmu no bɛba no, na yɛasiesie yɛn ho. (Dw. 130:6) Dodow a yɛrebɛn wiase awiei no, dodow no ara na ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛwɛn. Sɛ yɛankɔ so anwɛn a, hwɛ asɛm a ɛbɛto yɛn! w16.07 2:2, 9, 10

Dwoda, September 10

Dom a [Onyankopɔn dom] me no anyɛ kwa.​—1 Kor. 15:10.

Esiane sɛ Paulo de ɔtaa baa Kristofo so nti, na onim yiye paa sɛ ɔmfata sɛ Onyankopɔn da mmɔborɔhunu kɛse a ɛte saa adi kyerɛ no. Aka kakra ama Paulo awu no, ɔkyerɛw ne yɔnko dwumayɛni Timoteo sɛ: “Meda yɛn Awurade Kristo Yesu a ɔhyɛɛ me den no ase, efisɛ wabu me ɔnokwafo de me ahyɛ ɔsom adwuma bi mu.” (1 Tim. 1:12-14) Dɛn ne saa ɔsom adwuma no? Paulo kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Efeso asafo mu mpanyimfo no sɛ: “Me kra ho nhia me pii sɛ wie a mewie me mmirikatu ne ɔsom adwuma a minya fii Awurade Yesu hɔ sɛ minni Onyankopɔn adom ho asɛmpa no ho adanse fefeefe no.” (Aso. 20:24) Esiane nsi a Paulo de yɛɛ ne som adwuma no nti, wayɛ nhwɛso pa ama Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ. Nea ɔyɛe no kyerɛ sɛ adom a Onyankopɔn de dom no no “anyɛ kwa.” w16.07 4:1-3

Benada, September 11

Mede ntoboase bɛtwɛn.​—Mika 7:7.

Yehowa boa n’asomfo anokwafo bere nyinaa. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, Yehowa ma n’asomfo twɛn ansa na wɔn nsa aka ɔsom hokwan bi a wɔrehwehwɛ. Saa ara na ɛtɔ da a, ɛho behia sɛ yɛtwɛn ansa na tebea bi a yɛwom asesa. Yehowa hyɛɛ Abraham bɔ sɛ ɔbɛwo ɔbabarima. Nanso, na ɛsɛ sɛ onya Yehowa mu gyidi na ɔtɔ ne bo ase twɛn. (Heb. 6:12-15) Ɛwom sɛ Abraham twɛnee mfe pii ansa na ɔrewo Isak de, nanso Abraham abam ammu, na Yehowa nso anni no huammɔ. (Gen. 15:3, 4; 21:5) Sɛ woretwɛn biribi na ɛmma ntɛm a, ɛhaw adwene paa. (Mmeb. 13:12) Sɛ nneɛma bi ankɔ so sɛnea na yɛhwɛ kwan a, ebetumi ama yɛn abam abu. Sɛ́ anka ebia yebedwen ho pii no, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛyɛ nneɛma bi a ɛbɛma yɛn ho akokwaw na ama yɛafata sɛ wɔma yɛn asɛyɛde ahorow. Sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no na yedwinnwen ho a, yebetumi anya nyansa, nhumu, nimdeɛ, adwempa, adwenemtew, na aboa yɛn ma yɛasusuw nneɛma ho yiye. Da biara da, yehyia nsɛnnennen. Ebi fa anigyede, ntadehyɛ ne ahosiesie, sikasɛm ntotoe, ne sɛnea yɛne afoforo bɛtena ho. Sɛ yɛde nea yesua fi Bible mu no yɛ adwuma a, yebetumi asisi gyinae a ɛsɔ Yehowa ani. w16.08 3:9-11

Wukuda, September 12

Onyankopɔn na . . . ɔreyɛ mo mu adwuma.​—Filip. 2:13.

Yehowa boaa Israelfo no ma wodii Amalekfo ne Etiopiafo no so nkonim, na ɔhyɛɛ Nehemia ne wɔn a wɔka ne ho no den ma wowiee ɔfasu a na wɔresan atow no. Saa ara na Onyankopɔn bɛhyɛ yɛn nso den ama yɛatumi agyina ɔsɔretia, asɛmpa no a nkurɔfo ntie, ne yɛn dadwen ano pintinn ma yɛakɔ so ayɛ asɛmpaka adwuma no. (1 Pet. 5:10) Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛyɛ anwonwade ama yɛn. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn fam de. Yɛn fam de a yɛbɛyɛ no bi ne sɛ, yɛbɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no daa. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛkɔ asafo nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe biara no bi. Ansa na yɛbɛkɔ no, ɛsɛ sɛ yedi kan sua nneɛma a yebesusuw ho wɔ hɔ no. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn ankasa sua ade, na yɛyɛ abusua som de siesie yɛn adwene ne yɛn koma. Ehia nso sɛ yɛbɔ mpae daa de yɛn ho to Yehowa so. Weinom yɛ akwan a Yehowa fa so hyɛ yɛn den na ɔhyɛ yɛn nkuran. Enti ɛnsɛ sɛ yɛma nneɛma ne nnwuma foforo biara twitware mu da. Sɛ wuhu sɛ wo nsam agow wɔ saa nneɛma yi biara mu a, bɔ Onyankopɔn mpae ma ɔmmoa wo. Afei wubehu sɛnea ne honhom ‘bɛyɛ wo mu adwuma na ama woanya ɔpɛ no na woayɛ nso.’ w16.09 1:12

Yawda, September 13

Esiane sɛ aguamammɔ abu so nti, ɔbarima biara nnya n’ankasa ne yere, na ɔbea biara nnya n’ankasa ne kunu.​—1 Kor. 7:2.

Ɔsomafo Paulo kamfoo sigyadi, nanso ɔkaa ɛnnɛ asɛm no. Paulo de kaa ho sɛ: “Sɛ wontumi nhyɛ wɔn ho so a, wɔnware, na eye sɛ wɔbɛware sen sɛ akɔnnɔ bɛhyɛ wɔn so.” Sɛ obi ware a, etumi boa no ma akɔnnɔ nhyɛ ne so, na ankɔba sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ boasipem anaa ɔbrasɛe mu. Afei nso, ɛsɛ sɛ obi susuw mfe a wadi ho yiye efisɛ ɔsomafo no kae sɛ: “Sɛ obi dwen sɛ nea ɔreyɛ wɔ ne baabunyɛ ho mfata, na sɛ onii no nyɛ abofra bio a, ma ɔnyɛ nea ɔpɛ, sɛ saa na ɛsɛ sɛ ɛba a; ɔnyɛɛ bɔne. Ɔnware.” (1 Kor. 7:9, 36; 1 Tim. 4:1-3) Nna ho akɔnnɔ hyɛ nnipa pii so wɔ wɔn mmabunbere mu. Nanso, ɛnsɛ sɛ wei ma afoforo ka kyerɛ obi sɛ ɔnware. Ebia na onii no ho nkokwawee sɛnea ɛsɛ a obetumi adi aware mu asɛyɛde ho dwuma. w16.08 1:17

Fida, September 14

Ade nyinaa mu yɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn asomfo.​—2 Kor. 6:4.

“Nea etua aniwa” na nnipa pii gyina so hu yɛn nipaban. (1 Sam. 16:7) Esiane sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo nti, sɛ yɛresiesie yɛn ho a, ɛnyɛ nea ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn nko ara ne ntade a yɛn ani gye ho ne nea yɛhyɛ a yɛn ho bɛtɔ yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛma nnyinasosɛm a yɛasua afi Onyankopɔn Asɛm no mu no ka yɛn ma yɛkwati ntade a ɛkyekyere yɛn papee, nea ɛma yɛn ho gu hɔ, anaa nea ɛkanyan nna ho akɔnnɔ. Wei kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a ɛbɛma afoforo ahu yɛn adagyaw. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a sɛ afoforo hu yɛn a, ɛbɛma wɔn ho ayeraw wɔn anaa ɛbɛma wɔayi wɔn ani ato baabi. Sɛ yɛn ho tew, yɛhyɛ ntade a ɛyɛ kama, na yesiesie yɛn ho yiye a, nkurɔfo benya obu ama yɛn, na ebetumi ama wɔn ani agye Onyankopɔn a yɛsom no no ho. Afei nso, sɛ yɛhyɛ ntade a ɛfata a, ɛbɛma afoforo abu yɛn ahyehyɛde no. Na ebetumi ama wɔatie nkwagye asɛm a yɛka no. w16.09 3:5, 6

Memeneda, September 15

‘Monyɛ nnipa a wɔte asɛm ase, na monnwo koraa mma nnipa nyinaa.’​—Tito 3:2.

Mpere wo ho nsusuw sɛ wunim nea afoforo gye di dedaw. Ebinom ka sɛ wogye adannandi di, nanso wɔte nka sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Ɛyɛ wɔn sɛ Onyankopɔn nam adannandi so na ɛbɔɔ nneɛma a nkwa wom. Afoforo nso ka sɛ, nea enti a wogye adannandi di ne sɛ, sɛ ɛnyɛ nokware a anka wɔrenkyerɛkyerɛ wɔ sukuu mu. Ebinom nso koraa de, nea ama wonnye nni bio sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ne sɛ, nyamesom adi wɔn huammɔ. Ɛno nti, sɛ wo ne obi resusuw nea ɛyɛe a nkwa bae ho a, ɛbɛyɛ papa sɛ wudi kan bisa no nsɛm kakra. Bisa no ma ɔnkyerɛ wo nea ogye di. Sɛ woma ohu sɛ wowɔ ntease na woyɛ aso tie no a, ebia ɔno nso betie wo. Sɛ obi kasa tia wo esiane sɛ wugye di sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ade nti a, wubetumi abisa no sɛ, sɛ Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ a, ɛnde ɛyɛɛ dɛn na nkwa bae? Sɛ ɛyɛ nokware sɛ nkwa fi adannandi mu a, ɛnde na ɛsɛ sɛ abɔde a edi kan a nkwa wom no tumi yɛ ne sɛso bebree. Adufra ho ɔbenfo bi kae sɛ: “Sɛ woyɛ nhwehwɛmu fa abɔde ketewa koraa a nkwa wom ho a, wubehu sɛ ɛyɛ nwonwa paa.” w16.09 4:12, 13

Kwasida, September 16

Wɔanhwehwɛ ogye, na ama wɔanya owusɔre a eye kyɛn so.​—Heb. 11:35.

Ɛwom sɛ yentumi nkyerɛ wɔn a na wɔn ho asɛm wɔ Paulo adwenem de, nanso wosiw ebinom te sɛ Nabot ne Sakaria abo kum wɔn. Onyankopɔn asɛm a wotiei ne n’apɛde a wɔyɛe nti na wokum wɔn. (1 Ahe. 21:3, 15; 2 Be. 24:20, 21) Ɛda adi pefee sɛ, na hokwan wɔ hɔ sɛ Daniel ne ne mfɛfo no begyae wɔn mũdi mu na ‘wɔahwehwɛ’ ogye, nanso wɔanyɛ saa. Mmom, esiane sɛ na wogye di sɛ Onyankopɔn wɔ tumi nti, sɛ yɛbɛka a, ‘wosiw agyata ano,’ na ‘wodwudwoo ogya ano.’ (Heb. 11:33, 34; Dan. 3:16-18, 20, 28; 6:13, 16, 21-23) Adiyifo te sɛ Mikaia ne Yeremia gyidi nti ‘wonyaa sɔhwɛ denam fɛwdi ne afiasenna so.’ Afoforo te sɛ Elia nso kyinkyin “sare so ne mmepɔw so ne abodan ne asase so abɔn mu.” Esiane sɛ na wɔn nyinaa wɔ ‘awerɛhyem a wɔde retwɛn biribi a wɔn ani da so’ nti, wokuraa wɔn mũdi mu.​—Heb. 11:1, 36-38; 1 Ahe. 18:13; 22:24-27; Yer. 20:1, 2; 28:10, 11; 32:2. w16.10 3:10, 11

Dwoda, September 17

Mumfi ahobrɛase mu mmu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.​—Filip. 2:3.

Sɛ yehu sɛ ahɔho a womfi yɛn man mu aba yɛn Ahenni Asa so a, ɛsɛ sɛ yɛtew yɛn anim kyia wɔn. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛreda ayamye adi akyerɛ wɔn. Ebia yɛahyɛ no nsow sɛ ɛtɔ da a, ahɔho a wɔatu aba yɛn man mu foforo no fɛre ade na wɔmpɛ sɛ wɔbɛka akɔ afoforo ho. Ebia ntetee a wonyae anaa sɛnea nkurɔfo mfa wɔn nyɛ hwee nti, wɔte nka sɛ wɔmfata sɛ wɔne nnipa a wofi aman foforo so anaa ɛsono wɔn honam ani hwɛbea no bɛbɔ. Enti ɛsɛ sɛ yedi kan tew yɛn anim kyerɛ wɔn, na yɛma wohu sɛ yedwen wɔn ho. Sɛ wowɔ JW Language app no bi wɔ mo kasa mu a, ebetumi aboa wo ama woahu sɛnea wode wɔn a wɔaba wo man mu foforo no kasa bekyia wɔn. (Filip. 2:4) Ebia ɛyɛ wo den sɛ wo ne wɔn a ɛsono wɔn amammerɛ bɛbɔ nkɔmmɔ. Nea ɛbɛboa wo ama woatumi abɛn nnipa a wɔte saa ne sɛ wubedi kan aka wo ho asɛm kakra akyerɛ wɔn. Ɛrenkyɛ koraa wubehu sɛ, sɛɛ na mo adwene hyia wɔ nneɛma pii ho sen sɛnea na wususuw. Afei nso, wubehu sɛ sɛɛ amammerɛ biara wɔ nea eye wɔ ho ne nea enye wɔ ho. w16.10 1:13, 14

Benada, September 18

Yɛate . . . sɛ aguamammɔ rekɔ so wɔ mo mu, aguamammɔ a enni amanaman mufo mpo mu.​—1 Kor. 5:1.

Sɛ yetie akwankyerɛ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no a, yebetumi aboa ama asafo no ho atew wɔ honhom fam. Ma yensusuw biribi a ɛkɔɔ so wɔ tete Korinto ho nhwɛ. Ná Paulo ayere ne ho aka asɛmpa no wɔ saa kurow no mu, na na ɔdɔ ne mfɛfo “akronkronfo” a wɔwɔ hɔ no. (1 Kor. 1:1, 2) Enti wo de hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ na ɛhaw Paulo bere a ɛho behiae sɛ ɔka aguamammɔ bi a na Korinto asafo no ahwɛ ma ɛrekɔ so ho asɛm no! Paulo ka kyerɛɛ asafo no mu mpanyimfo sɛ, wɔmfa ɔbarima a ne bra asɛe no nhyɛ Satan nsa, kyerɛ sɛ, wontu no mfi asafo no mu. Ná ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo no yi “mmɔkaw” no gu sɛnea ɛbɛyɛ a asafo no ho bɛtew. (1 Kor. 5:5-7, 12) Sɛ mpanyimfo no tu obi a wayɛ bɔne na onnuu ne ho fi asafo no mu na yegye wɔn gyinaesi no tom a, yɛboa ma asafo no ho tew, na ebia ɛbɛka onii no ma wanu ne ho na wasrɛ Yehowa hɔ bɔne fafiri. w16.11 2:14

Wukuda, September 19

Sɛ mowɔ nkuranhyɛsɛm bi ma nnipa yi a, monka.​—Aso. 13:15.

Sɛ yɛhyɛ afoforo nkuran a, ebetumi aboa wɔn paa. Aberante bi a wɔfrɛ no Rubén ka sɛ: “Mfe pii ni na mate nka sɛ me so nni mfaso biara. Nanso, bere bi me ne asafo mu panyin bi kɔɔ asɛnka. Ɔpanyin no hui sɛ na nneɛma nkɔ yiye mma me saa da no. Mekaa nea ɛrehaw me no kyerɛɛ no, na ɔyɛɛ aso tiee me. Ɔtwee m’adwene sii nneɛma pa a mereyɛ so. Ɔsan nso twee m’adwene sii asɛm a Yesu kae sɛ, yɛn mu biara som bo sen nkasanoma bebree no so. Bere biara a mɛkae saa kyerɛwsɛm no, ɛka me koma paa. Nkɔmmɔ a ɔpanyin no ne me bɔe no boaa me yiye.” (Mat. 10:31) Sɛ Bible ka sɛ ehia sɛ yɛhyɛ afoforo nkuran daa a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa. Ɔsomafo Paulo kyerɛw Hebrifo Kristofo no sɛ: “Monkɔ so ntutu mo ho mo ho fo [anaa, monkɔ so nhyehyɛ mo ho nkuran] da biara, . . . na bɔne nnaadaa nti, mo mu biara ansen ne kɔn.” (Heb. 3:13) Sɛ obi ahyɛ wo nkuran ama wo koma atɔ wo yam pɛn a, ɛnde wunim mfaso a ɛwɔ afotu a ɛka sɛ yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran no so paa. w16.11 1:2, 3

Yawda, September 20

Mmarima bɛsɔre akasa akyinkyim nsɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.​—Aso. 20:30.

Afe 313 Y.B. mu no, Roma Ɔhempɔn Constantine a ɔyɛ ɔbosonsonni no gyee “Kristosom” toom wɔ mmara mu. Constantine ne asɔfo no yɛɛ nhyiam bi a wɔtoo din Nicaea Nhyiam no. Nhyiam no akyi no, Constantine hyɛe sɛ wontwa ɔsɔfo Arius asu, efisɛ Arius annye antom sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn. Akyiri yi, wɔbɛfrɛɛ Kristosom a na ɛho agu fĩ no Katolek Asɔre. Ɔhempɔn Theodosius I (afe 379-395 Y.B.) nniso ase no, Roma Ahemman no gyee Katolek Asɔre no toom sɛ ɔman no som. Abakɔsɛm akyerɛwfo ka sɛ Romafo a na wɔyɛ abosonsomfo no bɛyɛɛ “Kristofo” wɔ afeha a ɛto so nnan no mu. Nanso nokware a ɛwom ne sɛ, saa bere no, na Kristosom a awae no de ne ho abɔ Roma Ahemman no mu abosonsom akuw ho ma wɔabɛyɛ Babilon Kɛse no mufo. Ne nyinaa mu no, na Kristofo a wɔasra wɔn kakraa bi a wɔte sɛ awi wɔ hɔ a na wɔreyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn.​—Mat. 13:24, 25, 37-39. w16.11 4:8, 9

Fida, September 21

Montow mo dadwen nyinaa ngu [Yehowa] so, efisɛ odwen mo ho.​—1 Pet. 5:7.

Yɛte ahokyere bere mu paa. Satan Ɔbonsam bo afuw denneennen, na ‘ɔnenam sɛ gyata a ɔrebobom apɛ obi amene no.’ (1 Pet. 5:8; Adi. 12:17) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛtɔ da a, dadwen hyɛ yɛn a yɛsom Onyankopɔn mpo so. Dadwen hyɛɛ Yehowa asomfo a wɔtenaa ase bere bi a atwam a na wɔmfa wɔn som nni agorɔ no so. Ɔhene Dawid mpo ‘kra dii aperepere,’ anaa dadwen hyɛɛ ne so. (Dw. 13:2) Kae nso sɛ, “asafo no nyinaa ho adwennwen” hyɛɛ ɔsomafo Paulo so. (2 Kor. 11:28) Sɛ dadwen hyɛ yɛn so a, dɛn na yebetumi ayɛ? Tete no, yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no boaa n’asomfo. Ɛnnɛ nso, sɛ yɛkɔ ahohia mu anaa dadwen bi bɛtɔ yɛn so a, ɔma yenya ahotɔ pii. Ɔkwan bɛn so? Nea edi kan, yebetumi ayi yɛn yam abɔ mpae. Nea ɛto so mmienu, yebetumi akenkan Onyankopɔn Asɛm no na yɛadwinnwen ho. Nea ɛto so mmiɛnsa, yebetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn honhom kronkron. Nea etwa to, yebetumi aka yɛn komam asɛm akyerɛ obi a yɛwɔ ne mu ahotoso. w16.12 3:1, 2

Memeneda, September 22

Saa nneɛma no awiei yɛ owu.​—Rom. 6:21.

Yehowa nkurɔfo atwe wɔn ho afi ‘aba a na wɔsow’ ansa na wɔrebehu Onyankopɔn, adɔ no, na wɔasom no no ho. Kan no, ebia na wɔyɛ “nneɛma a seesei ɛyɛ [wɔn] aniwu.” Ná saa nneɛma no de wɔn bɛkɔ owu mu. (Rom. 6:21) Nanso wɔsakrae. Saa na na Korintofo a Paulo kyerɛw wɔn no mu pii te. Ná wɔn mu binom yɛ abosonsomfo, awaresɛefo, mmarima a wɔne mmarima da, akorɔmfo, asabofo, ne nea ɛtete saa. Nanso, ‘woguaree wɔn kama,’ na ‘wɔtew wɔn ho.’ (1 Kor. 6:9-11) Ɛbɛyɛ sɛ saa na na ebinom a na wɔwɔ Roma asafo no mu nso te. Onyankopɔn de honhom kaa Paulo ma ɔkyerɛw wɔn sɛ: “Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ mode mo akwaa ma bɔne sɛ amumɔyɛ akode, na mmom momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ wɔn a wɔanyan afi awufo mu, na momfa mo akwaa mma Onyankopɔn sɛ trenee akode.” (Rom. 6:13) Ná Paulo gye di paa sɛ saa anuanom no betumi ama wɔn ho akɔ so atew wɔ honhom fam, na ama wɔakɔ so anya Onyankopɔn adom so mfaso. w16.12 1:13

Kwasida, September 23

Fa wo ho to Yehowa so.​—Dw. 37:3.

Yehowa bɔɔ nnipa no, ɔde nneɛma bi dom yɛn. Wama yɛn adwene, enti ɔhaw bi ba yɛn akwan mu a, yetumi yɛ biribi de twitwa yɛn ho. Adwene koro yi ara nti, yetumi susuw nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ daakye ho. (Mmeb. 2:11) Ɛnyɛ ɛno nko, wasan ama yɛn tumi a ɛma yɛyɛ nea yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛyɛ no. Wei nti, yetumi yɛ nneɛma pa a yɛde asisi yɛn ani so no. (Filip. 2:13) Yɛreka nneɛma a Onyankopɔn de adom yɛn a, yɛrentumi ntwa yɛn ahonim nnya; ɛno na ɛma yehu sɛ wei yɛ papa anaa wei yɛ bɔne. Sɛ yɛrekɔyɛ bɔne bi a, etumi bɔ yɛn kɔkɔ. Sɛ yɛyɛ bɔne nso a, etumi teɛ yɛn so. (Rom. 2:15) Yehowa nam Bible so tu yɛn fo mpɛn pii sɛ, nneɛma a ɔde adom yɛn no, yɛmfa nyɛ adwuma yiye. Sɛ yɛhwɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu sei a, ɛka sɛ: “Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba.” Ebi nso ne sɛ: “Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ.” (Mmeb. 21:5; Ɔsɛnk. 9:10) Yɛhwɛ Hela Kyerɛwnsɛm no mu nso a, ɛka sɛ: “Mpɛn dodow a yɛwɔ bere a ɛfata no, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye.” Foforo nso ne sɛ: “Sɛnea akyɛde a obiara nsa aka te no, momfa nsonsom mo ho.” (Gal. 6:10; 1 Pet. 4:10) Yɛhwɛ kyerɛwnsɛm yi nyinaa a, yehu sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara, na yɛatumi aboa yɛn ho ne nnipa foforo. w17.01 1:1, 2

Dwoda, September 24

Eyinom too wɔn sɛ sɛnnahɔ, na wɔakyerɛw de rebɔ yɛn a wiase nhyehyɛe yi awiei ato yɛn no kɔkɔ.​—1 Kor. 10:11.

Adam ne Hawa asoɔden nti, wɔde bɔne ne owu na agyaw wɔn asefo nyinaa. Nanso ahofadi a Onyankopɔn de ama nnipa no deɛ, wannye amfi yɛn nsam. Yɛhwɛ sɛnea ɔne Israelfo no dii a, yehu no saa. Yehowa faa ne somfo Mose so ka kyerɛɛ ɔman no sɛ, wɔpɛ a ɔde wɔn bɛyɛ n’agyapade titiriw. (Ex. 19:3-6) Dɛn na wɔyɛɛ wɔ ho? Wofi wɔn pɛ mu penee so sɛ Onyankopɔn mfa wɔn nyɛ ne man na ɔmfa ne din nto wɔn so. Wɔn nyinaa de nokoro kaa sɛ: “Nea Yehowa aka nyinaa, yɛbɛyɛ.” (Ex. 19:8) Nanso ɔman no amfa wɔn ahofadi no anni dwuma yiye; ankyɛ koraa na wobuu wɔn bɔhyɛ so. Momma yensua biribi mfi saa asɛm yi mu, na yenso ahofadi a yɛwɔ no mu yiye. Yebetumi ayɛ saa a, gye sɛ yɛbata Yehowa ho na yedi ne mmara so. w17.01 2:9

Benada, September 25

‘Brɛ wo ho ase ne wo Nyankopɔn nnantew.’​—Mika 6:8.

Bere a Ɔhene Yeroboam di ade wɔ Israel no, da bi Yehowa somaa odiyifo bi fii Yuda sɛ ɔnkɔka atemmusɛm bi a ano yɛ den nkyerɛ no. Nea ɛbae ne sɛ, na Israel hene no awae afi nokware som ho. Ná odiyifo yi brɛ ne ho ase, enti ɔkɔkaa Onyankopɔn atemmusɛm no pɛpɛɛpɛ. Ɔhene no bo fuw no, nanso Yehowa twitwa gyee no. (1 Ahe. 13:1-10) Bere a odiyifo no resan akɔ ne kurom no, ohyiaa akwakoraa bi a ofi Betel. Akwakoraa no ka kyerɛɛ no sɛ ɔyɛ Yehowa diyifo. Ná Yehowa aka akyerɛ ne diyifo a ofi Yuda no sɛ ɔkɔ Israel a, ‘mma onnidi, na ɔnnom nsu wɔ hɔ. Ɔkwan a ɔbɛfa so akɔ no, mma ɔnsan mfa so mma.’ Nanso odiyifo akwakoraa no daadaa no. Yehowa ani annye asoɔden a ɔyɛe no ho. Enti bere a ɔresan akɔ ne kurom no, gyata bi tow hyɛɛ no so kum no. (1 Ahe. 13:11-24) Odiyifo a ɔbrɛ ne ho ase sei deɛ, dɛn nti na ɔyɛɛ ahantan kodii akwakoraa daadaafo yi akyi? Bible no anka. Ebetumi aba sɛ ne werɛ fii koraa sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔ so ‘brɛ ne ho ase ne Onyankopɔn nantew.’ w17.01 4:1-3

Wukuda, September 26

Makasa, na mɛma aba mu; mabɔ me tirim, na mɛyɛ.​—Yes. 46:11.

Bible mu asɛm a edi kan no yɛ tiawa, nanso emu dɔ. Ɛka sɛ: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.” (Gen. 1:1) Nokwasɛm ne sɛ, yenni nneɛma pii a Onyankopɔn abɔ no ho nimdeɛ ahe biara. Nneɛma a Onyankopɔn abɔ no bi ne ewim, hann, ne tumi a ɛtwe ade ba fam (anaa gravity). Nneɛma a ɛwɔ amansan yi mu kakraa bi na yɛahu. (Ɔsɛnk. 3:11) Nanso, Yehowa ama yɛahu atirimpɔw a ɔwɔ ma asase ne adesamma. Ɛne sɛ, Onyankopɔn bɔɔ asase sɛ ɛnyɛ fie a ahomeka wom mma mmarima ne mmea a ɔbɔɔ wɔn wɔ ne suban so no. (Gen. 1:26) Ná saa mmarima ne mmea yi bɛyɛ Yehowa mma, na Yehowa nso ayɛ wɔn Agya. Sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Genesis ti mmiɛnsa no, akwanside bi baa Yehowa atirimpɔw no ho. (Gen. 3:1-7) Nanso, na ɛnyɛ akwanside a wɔrentumi nyɛ ho hwee. Obiara nni hɔ a obetumi asiw Yehowa kwan. (Yes. 46:10; 55:11) Enti yebetumi anya awerɛhyem sɛ atirimpɔw a na Yehowa wɔ fi mfiase no bɛbam wɔ bere a wahyɛ mu! w17.02 1:1, 2

Yawda, September 27

Na nea ɔde ne honhom kronkron hyɛɛ [Mose] mu no wɔ he?​—Yes. 63:11.

Honhom kronkron yɛ tumi a aniwa nhu. Ɛnde, ɛyɛɛ dɛn na Israelfo no hui sɛ ɛreyɛ adwuma wɔ Mose so? Honhom kronkron boaa Mose ma ɔyɛɛ anwonwade pii. Ɛno na ɛboaa no ma otumi maa Farao huu Onyankopɔn din. (Ex. 7:1-3) Honhom kronkron san boaa Mose ma onyaa suban pa te sɛ ɔdɔ, odwo, ne abotare. Saa suban ahorow yi na ɛboaa Mose ma otumi dii Israelfo no anim. Ná adanse no da adi pefee: Ɛne sɛ, Yehowa na ɔpaw Mose sɛ onni Ne nkurɔfo anim. Akyiri yi, Yehowa honhom kronkron maa mmarima foforo a Yehowa paw wɔn no nyaa tumi ma wodii ne nkurɔfo anim. Bible ka sɛ: “Nyansa honhom yɛɛ Nun ba Yosua ma.” (Deut. 34:9, Akuapem Twi Bible) Ɛsan ka sɛ: “Yehowa honhom beduraa Gideon ho.” (Atem. 6:34) Afei nso, “Yehowa honhom sii Dawid so.” (1 Sam. 16:13) Saa mmarima yi nyinaa de wɔn ho too Onyankopɔn honhom so ma ɛboaa wɔn. Onyankopɔn honhom no ma wonyaa tumi de yɛɛ nneɛma a na anka wɔn ankasa rentumi mfa wɔn ahoɔden nyɛ.​—Yos. 11:16, 17; Atem. 7:7, 22; 1 Sam. 17:37, 50. w17.02 3:3-5

Fida, September 28

Yɛnyɛ mo gyidi so atumfoɔ, na mmom yɛyɛ mfɛfo adwumayɛfo a yɛboa ma mo ani gye, efisɛ mo gyidi na ama mugyina hɔ.​—2 Kor. 1:24.

Paulo daa no adi sɛ na obu hokwan a ne nuanom wɔ sɛ wɔn ankasa sisi wɔn gyinae no. Saa a ɔyɛe no yɛ nhwɛso pa ma yɛn. Ɛnnɛ, sɛ asafo mu mpanyimfo de afotu rema wɔ nneɛma bi a ankorankoro na ehia sɛ wosisi ho gyinae ho a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no di Paulo nhwɛso no akyi. Asafo mu mpanyimfo ani gye ho sɛ wɔne nguan no besusuw Bible mu nsɛm ho. Nanso, mpanyimfo no hwɛ yiye sɛ wɔrensi gyinae mma wɔn nuanom mmarima ne mmea. Mmom, wɔma wɔn ankasa sisi wɔn gyinae. Ntease wom sɛ mpanyimfo no yɛ saa efisɛ gyinae a ankorankoro besisi no, wɔn ankasa na wobegyina nea ebefi mu aba no ano. Asuade titiriw bi ni. Ɛne sɛ, yebetumi ama yɛn ani akũ afoforo ho, na yɛatwe wɔn adwene asi Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm anaa afotu bi so. Nanso, obiara wɔ hokwan ne asɛyɛde sɛ osisi n’ankasa gyinae. Sɛ wosisi gyinae nyansam a, wonya so mfaso. Ɛda adi pefee sɛ, ɛnsɛ sɛ yenya adwene da sɛ yɛwɔ tumi sɛ yesisi gyinae ma yɛn nuanom mmarima ne mmea. w17.03 2:11

Memeneda, September 29

Monyɛ osetie mma wɔn a wodi mo anim no na mommrɛ mo ho ase mma wɔn.​—Heb. 13:17.

Akoa nokwafo no abɔ Ahenni ho asɛmpa no ho dawuru denneennen, na wayɛ nea obetumi biara de atrɛw mu. Wei ma yehu sɛ, wɔwɔ gyidi a emu yɛ den. Nguan foforo a wɔreboa wɔn a wɔasra wɔn no ma wɔayɛ saa adwuma titiriw no, woka wɔn ho anaa? Sɛ saa a, ɛnde w’ani begye paa sɛ wobɛte sɛ wo Kannifo Yesu reka sɛ: “Bere dodow a moyɛ maa me nuanom nkumaa yi mu biako no, moayɛ ama me.” (Mat. 25:34-40) Bere a Yesu san kɔɔ soro no, wannyaw n’akyidifo no hɔ kwa. (Mat. 28:20) Ná onim paa sɛ, bere a ɔwɔ asase so no, honhom kronkron, abɔfo, ne Onyankopɔn Asɛm no na ɛboaa no ma otumi dii Onyankopɔn nkurɔfo anim. Ɛno nti, mmoa koro no ara na ɔde ama akoa nokwafo a ɔwɔ hɔ nnɛ no. Akwankyerɛ Kuw no ‘di Oguammaa no akyi baabiara a ɔkɔ.’ (Adi. 14:4) Ɛno nti, sɛ yetie wɔn akwankyerɛ a, na yɛretie yɛn Kannifo Yesu. Ɛrenkyɛ, Yesu bɛkyerɛ yɛn kwan akɔ daa nkwa mu. (Adi. 7:14-17) Ɔkannifo a ɔyɛ onipa biara nni hɔ a obetumi ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛyɛ saa ama yɛn! w17.02 4:17-19

Kwasida, September 30

Fa wo kwan hyɛ Yehowa nsa, na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ.​—Dw. 37:5.

Sɛ yehyia ɔhaw ahorow bi a yɛn ani so no ɛyɛ yɛn sɛ ɛsõ kyɛn yɛn a, ebia ɛrenyɛ den sɛ yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so. Nanso, dɛn na yɛyɛ wɔ nsɛm nketenkete a yehyia wɔ yɛn asetenam da biara da no ho? Ɛyɛ a yɛde yɛn ho to nnipa nyansa so, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛfa yɛn ankasa kwan so atoto nneɛma anaa? Anaasɛ ɛyɛ a yɛhwehwɛ Bible nnyinasosɛm, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde bɛyɛ adwuma? Sɛ yɛyɛ saa a, na ɛkyerɛ sɛ Yehowa kwan na yɛfa so siesie ɔhaw ahorow a yehyia. Nhwɛso bi ni. Ebia w’abusuafo bɛsɔre atia wo sɛ wɔremma wonkɔ asafo nhyiam anaa ɔmansin nhyiam bi. Enti wobɔ Yehowa mpae sɛ ɔnkyerɛ wo kwan na ɔmmoa wo mma wunhu ɔkwampa a wobɛfa so adi ɔhaw no ho dwuma. Anaa yɛmfa no sɛ w’adwuma afi wo nsa, na ɛyɛ den sɛ wubenya adwuma foforo ayɛ. Sɛ wo ne adwumawura bi a obetumi afa wo wɔ n’adwumam reka adwuma ho asɛm a, wobɛka akyerɛ no sɛ wobɛkɔ asafo nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe no mu no daa? Sɛnea ɔhaw no te biara, ɛyɛ papa sɛ yetie odwontofo no asɛm a ɔkae no. Ɛno na ɛyɛ ɛnnɛ asɛm no. w17.03 4:6

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena