Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es18 kr. 77-87
  • August

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • August
  • Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2018
  • Nsɛmti Nketewa
  • Wukuda, August 1
  • Yawda, August 2
  • Fida, August 3
  • Memeneda, August 4
  • Kwasida, August 5
  • Dwoda, August 6
  • Benada, August 7
  • Wukuda, August 8
  • Yawda, August 9
  • Fida, August 10
  • Memeneda, August 11
  • Kwasida, August 12
  • Dwoda, August 13
  • Benada, August 14
  • Wukuda, August 15
  • Yawda, August 16
  • Fida, August 17
  • Memeneda, August 18
  • Kwasida, August 19
  • Dwoda, August 20
  • Benada, August 21
  • Wukuda, August 22
  • Yawda, August 23
  • Fida, August 24
  • Memeneda, August 25
  • Kwasida, August 26
  • Dwoda, August 27
  • Benada, August 28
  • Wukuda, August 29
  • Yawda, August 30
  • Fida, August 31
Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2018
es18 kr. 77-87

August

Wukuda, August 1

Momma boasetɔ nwie n’adwuma na moayɛ pɛ adi mũ biribiara mu a hwee nhia mo.​—Yak. 1:4.

Twa ho mfonini sɛ Israelfo ne wɔn atamfo reko. Ɔtemmufo Gideon di wɔn anim, na ɔko no mu ayɛ den. Anadwo mũ no nyinaa Gideon ne ne mmarima tiw Midianfo no ne wɔn aboafo no. Wotwaa kwan bɛyɛ kilomita 32 (akwansin 20)! Ná Israelfo no nim sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ so tiw wɔn. Ne saa nti, Gideon ne ne mmarima no tiw atamfo no kosii sɛ wodii wɔn so nkonim! (Atem. 7:22; 8:4, 10, 28) Yɛn nso yegyina akono, na ɔko no mu ayɛ den. Henanom na yɛne wɔn reko? Ɛyɛ Satan, wiase a yɛte mu yi, ne yɛn ankasa sintɔ. Yɛn mu binom fii ase ne saa atamfo yi koe nyɛ nnɛ. Yehowa aboa yɛn ma yɛadi nkonim pii. Nanso, yennya nnii nkonim nwiei. Ɛtɔ da a, na yɛreyɛ apa abaw mpo. Anaasɛ ebia yɛhwɛɛ kwan sɛ wiase bɔne yi bɛba awiei akyɛ. Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ yebehyia sɔhwɛ ne ɔsɔretia a emu yɛ den wɔ awiei bere yi mu. Nanso, ɔkae sɛ, sɛ yenya boasetɔ a yebedi nkonim.​—Luka 21:19. w16.04 2:1, 2

Yawda, August 2

Wɔkɔɔ so tuu wɔn ho sii hɔ, na wɔboom kyɛɛ nneɛma, [anaa wɔkɔɔ so hyiaam].​—Aso. 2:42.

Yɛkɔ asafo nhyiam a, yesua Bible. Yehowa kyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra. (Yes. 30:20, 21) Sɛ wɔn a wɔnyɛ Yehowa asomfo ba yɛn nhyiam ase a, wohu sɛ Onyankopɔn rekyerɛ yɛn kwan. (1 Kor. 14:23-25) Yehowa ma honhom kronkron kyerɛ yɛn kwan wɔ asafo nhyiam ase, na yehu sɛ ɔno na ɔkyerɛkyerɛ yɛn. Enti sɛ yɛkɔ asafo nhyiam a, yetie Yehowa asɛm, yehu sɛ ɔdɔ yɛn paa, na ɛma yɛbɛn no. Yesu yɛ asafo no Ti. Ɔkae sɛ: “Nea baanu anaa baasa ahyiam me din mu no, na mewɔ wɔn mfinimfini.” (Mat. 18:20) Bible san ka sɛ Yesu ‘nam’ asafo ahorow no “mfinimfini.” (Adi. 1:20–2:1) Ɛda adi sɛ Yehowa ne Yesu ka yɛn ho, na wɔrehyɛ yɛn den wɔ asafo nhyiam ase. Sɛ Yehowa hu sɛ woreyɛ nea wubetumi biara sɛ wobɛbɛn ɔne ne Ba no a, wohwɛ a, ɛbɛka no sɛn? w16.04 3:13, 14

Fida, August 3

Mpere wo ho mfa abufuw.​—Ɔsɛnk. 7:9.

Onuawa bi kyiaa anuanom mmarima baanu bi. Wɔn mu baako anni annye ɔkwan a onuawa no faa so kyiaa wɔn no ho. Bere a ɛkaa anuanom mmarima baanu no, nea asɛm no ahaw no no kasa tiaa onuawa no sɛ, wankyia wɔn yiye. Nanso onua a ɔka ne ho no ma ohui sɛ onuawa no de nokwaredi asom Yehowa mfe 40, na wafa ɔhaw pii mu, enti ogye di sɛ onuawa no nni wɔn ho adwemmɔne biara. Onua a asɛm no ahaw no no dwenee ho kakra, na ɔkae sɛ, “Ampa, nea woreka no yɛ nokware.” Ɛhɔ ara na asɛm de n’asɛm kɔe. Dɛn na yesua fi saa asɛm yi mu? Sɛ obi yɛ biribi ma ɛhaw wo a, wopɛ a na wobɛma wo bo afuw. Sɛ obi wɔ ɔdɔ a, obu n’ani gu bɔne nketenkete so. (Mmeb. 10:12; 1 Pet. 4:8) Sɛ ‘wubu w’ani gu bɔne so’ a, Yehowa bu no sɛ ɛyɛ “anuonyam” ma wo. (Mmeb. 19:11) Enti sɛ obi ne wo anni no yiye anaa obu wo animtiaa a, nea ɛsɛ sɛ wudi kan bisa wo ho ne sɛ: ‘Metumi abu m’ani agu so? Wei yɛ asɛm a ɛsɛ sɛ mesosɔ so anaa?’ w16.05 1:8, 9

Memeneda, August 4

Onyankopɔn na . . . ɔreyɛ mo mu adwuma na ama moanya ɔpɛ no na moayɛ nso.​—Filip. 2:13.

Ɛnnɛ, henanom paa na ɛreka Ahenni ho asɛmpa no? Yebetumi de yɛn nsa asi yɛn bo aka sɛ: “Ɛyɛ Yehowa Adansefo!” Adɛn nti na yebetumi de ahotoso aka saa? Efisɛ yɛn na yɛreka asɛm pɔtee a Yesu kae sɛ yɛnka no. Ɛno ne Ahenni ho asɛmpa no. Nkurɔfo nkyɛn a yɛkɔ no nso kyerɛ sɛ yɛn na yɛreka asɛm no sɛnea Yesu kae sɛ yɛnka no no. Yɛde adwempa na ɛreka asɛmpa no. Yɛnka asɛm no mfa mpɛ sika, na mmom ɔdɔ na ɛma yɛka asɛm no. Yɛaka asɛm no adu akyiri. Yɛde adu nnipa a wɔka kasa nyinaa nkyɛn wɔ aman nyinaa mu. Yɛbɛkɔ so ayɛ saa adwuma yi a yɛrennyae, na yɛbɛka ara akosi sɛ awiei no bɛba. Adwuma a Onyankopɔn nkurɔfo reyɛ nnɛ no yɛ nwonwa paa. Nanso dɛn na ɛma wotumi yɛ weinom nyinaa? Ɔsomafo Paulo maa saa asɛm yi ho mmuae wɔ ɛnnɛ asɛm no mu. Yɛbɔ mpae sɛ yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no nkɔ so nhyɛ yɛn nyinaa den mma yɛnyɛ nea yebetumi biara mfa nwie yɛn som adwuma no.​—2 Tim. 4:5. w16.05 2:17, 18

Kwasida, August 5

Munkyi bɔne, mommata papa ho.​—Rom. 12:9.

Yehowa ama yɛn akyɛde a ɛso bi nni. Sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yebetie Onyankopɔn asɛm na yɛyere yɛn ho yɛ nea ɔpɛ a, yɛma Yehowa hu sɛ yɛdɔ no paa. Afei nso, yɛma ohu sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani na yegyina ne tumidi akyi. Satan aka sɛ Yehowa mfata sɛ odi yɛn so. Enti sɛ yefi yɛn pɛ mu yere yɛn ho gyina yɛn soro Agya no tumidi akyi a, akyinnye biara nni ho sɛ n’ani begye, efisɛ ne yam ye na ɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ paa. (Hiob 2:3-5; Mmeb. 27:11) Nanso sɛ Yehowa yi yɛn mmerɛwyɛ nyinaa fi yɛn so na wamma yɛammrɛ kakra a, dɛn na yɛde bɛkyerɛ sɛ yegyina ne tumidi akyi? Enti Yehowa ka sɛ ‘yɛnyɛ nea yebetumi biara’ mfa nnya suban pa. (2 Pet. 1:5-7; Kol. 3:12) Nsusuwii bɔne a ɛwɔ yɛn adwene ne yɛn komam nyinaa, Yehowa pɛ sɛ yɛyere yɛn ho di so. (Rom. 8:5) Sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden yɛ saa na yehu sɛ Bible da so ara resesa yɛn abrabɔ a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam. w16.05 4:12, 13

Dwoda, August 6

O Yehowa, . . . wone yɛn Nwemfo.​—Yes. 64:8.

Yehowa nim “dɔte” a ɛfata sɛ ɔde yɛ n’adwuma. Bio nso, onim nea ɛsɛ sɛ ɔde dɔte biara yɛ. (Dw. 103:10-14) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa mfa yɛn ntoto obiara ho, efisɛ onim yɛn mu biara mmerɛwyɛ, yɛn sintɔ, ne sɛnea yɛanya nkɔso wɔ ne som mu. Yesu ma yehuu adwene a Yehowa wɔ wɔ n’asomfo a wɔtɔ sin ho. Ná Yesu asomafo no wɔ sintɔ pii. Ná wɔtaa gye akyinnye wɔ nea ɔyɛ wɔn mu kɛse ho. Ne nyinaa mu no, hwɛ sɛnea Yesu yɛɛ n’ade wɔ asomafo no sintɔ ahorow ho. Sɛ na wowɔ hɔ na asomafo no regye akyinnye denneennen a, anka wubebu wɔn sɛ wɔyɛ mmarima a wodwo na wɔbrɛ wɔn ho ase? Nanso Yesu annya wɔn ho adwene a ɛmfata. Ná onim sɛ, sɛ ɔtɔ ne bo ase kasa kyerɛ wɔn na ɔbrɛ ne ho ase ma wɔn a, wɔbɛhwɛ no asuasua no. (Mar. 9:33-37; 10:37, 41-45; Luka 22:24-27) Yesu sɔre fii awufo mu no, wohwiee honhom kronkron guu asomafo no so. Efi saa bere no, asomafo no amfa wɔn adwene ansi dibea anaa din a wobegye so, mmom wɔde wɔn adwene sii adwuma a na Yesu de ama wɔn sɛ wɔnyɛ no so.​—Aso. 5:42. w16.06 1:10

Benada, August 7

Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro.​—Deut. 6:4.

Yehowa nkutoo ne nokware Nyankopɔn no; onyame foforo biara ne no nsɛ. (2 Sam. 7:22) Enti, na Mose rekae Israelfo no sɛ, Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔsom no. Ná ɛnsɛ sɛ Israelfo kodi amanaman a atwa wɔn ho ahyia no akyi. Saa ara nso na na ɛnsɛ sɛ wɔsom wɔn anyame ne wɔn anyamewa no bi. Ná amanaman no gye di sɛ wɔn atoro nyame no wɔ abɔde ahorow bi so tumi. Anyame no bi wɔ hɔ a, na wogye di sɛ wɔwɔ nneɛma pii so tumi. Nhwɛso bi ni. Ná Egyptfo wɔ owia nyame Ra, ewim nyame Nut, asase nyame Geb, Nil nyame Hapi, ne mmoa pii a wɔsom wɔn sɛ anyame. Bere a Yehowa de Ɔhaw Du no bae no, eguu saa atoro anyame no pii anim ase pɔtɔɔ. Ná Kanaanfo nyame titiriw ne Baal. Ɔno na na wogye di sɛ ɔbɔɔ nkwa. Afei nso na wogye di sɛ ɔno ne ewim, osu, ne ahum nyame. Mmeae pii wɔ hɔ a na wogye di sɛ Baal ne nyame a ɔbɔ wɔn ho ban. (Num. 25:3) Enti na ɛsɛ sɛ Israelfo kae sɛ wɔn Nyankopɔn a ɔne “nokware Nyankopɔn” no yɛ “Yehowa koro.”​—Deut. 4:35, 39. w16.06 3:4, 5

Wukuda, August 8

Monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.​—Mat. 28:20.

Yesu nyaa Yehowa ne ne nkurɔfo a wɔtenaa ase tete ne nnɛ no mu ahotoso. Saa ahotoso no fata. Nokwasɛm ne sɛ, nneɛma a Yehowa nam n’asomfo so reyɛ wɔ nna a edi akyiri yi mu no, yɛhwɛ a, ɛyɛ nwonwa paa. Ɛnnɛ, n’asafo a baakoyɛ wom no nko ara na ɛrekyerɛkyerɛ nokware no wɔ wiase nyinaa. Nkurɔfo a wɔn nso kyerɛ sɛ wɔreka asɛmpa no bi no, ɛnyɛ Yehowa na ɔrekyerɛ wɔn kwan. Nkyerɛkyerɛ pa a Onyankopɔn de rema ne nkurɔfo no, Yesaia 65:14 ka ho asɛm kyerɛ yɛn. Ɛka sɛ: “Hwɛ, me nkoa bedi ahurusi, koma pa nti.” Esiane sɛ Yehowa kyerɛ n’asomfo kwan nti, nneɛma pa a wotumi yɛ no ma wɔn ani gye. Nanso, nnipa asetena a ɛresɛe no ama wɔn a wɔwɔ Satan wiase no mu redi awerɛhow. Ehia sɛ yɛkɔ so bata Yehowa ho na yedi n’akwankyerɛ so. w16.06 4:10-12

Yawda, August 9

Monkɔ so nwɛn.​—Mat. 25:13.

Yebetumi asua biribi afi nea ɛkɔɔ so tete no mu, na ama yɛahu sɛnea ehia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ. Saa bere no, na wɔtow afasu atenten twa nkurow akɛse ho hyia. Saa nkurow no baako ne Yerusalem. Afasu no bɔɔ nkurow no mufo ho ban fii wɔn atamfo ho. Afei nso, na nkurɔfo kogyina afasu no so hwɛ nsase a atwa wɔn ho ahyia no. Ná wɔma awɛmfo gyinagyina afasu no so ne apon ano awia ne anadwo. Sɛ asiane bi reba a, na ɛsɛ sɛ wɔbɔ kurow no mufo kɔkɔ. (Yes. 62:6) Ná ɛsɛ sɛ awɛmfo no ma wɔn ani da hɔ na wɔhwɛ yiye na wɔanna, efisɛ na ɛyɛ nkwa ne owu asɛm. (Hes. 33:6) Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kae sɛ, afe 70 Y.B. no, esiane sɛ na awɛmfo a wɔrewɛn Yerusalem ɔfasu apon ano adeda nti, Roma asraafo ko faa Antonia Abankɛse no. Ná abankɛse no bɛn Yerusalem fasu no. Romafo no fi hɔ bɔ wuraa asɔrefie hɔ de ogya kɔtoo mu. Wei na ɛde ahohiahia a ɛsen biara a na ebi mmaa Yerusalem ne Yuda man no so pɛn no baa awiei. w16.07 2:2, 7, 8

Fida, August 10

Monhwɛ mo ho yiye na mmaratofo amfa wɔn nnebɔne no antwe mo ankɔ, na bere a moatim yi moanhwe ase.​—2 Pet. 3:17.

Ɛwom sɛ Yehowa adom ama yɛanya nhyira pii de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ahantan susuw sɛ ɔpene biribiara a yɛyɛ so. Tete Kristofo binom yɛɛ wɔn adwene sɛ ‘wɔbɛdan Onyankopɔn adom de ayɛ anoyi de abu ahohwibra.’ (Yuda 4) Ɛda adi sɛ, saa Kristofo a na wonni nokware no susuwii sɛ wobetumi ayɛ bɔne na wɔahwɛ kwan sɛ Yehowa de bɛkyɛ wɔn. Nea enye koraa no, wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛdaadaa wɔn nuanom ama wɔakɔka wɔn ho wɔ wɔn ahohwibra no mu. Saa ara na ɛnnɛ nso, obiara a ɔreyɛ saa no ‘asopa adom honhom no pasaa.’ (Heb. 10:29) Ɛnnɛ, Satan adaadaa Kristofo binom ama wɔanya adwene sɛ, esiane sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufo nti, wobetumi ayɛ bɔne na wɔafa wɔn ho adi. Nanso, ɛwom sɛ nea Yehowa pɛ ne sɛ ɔde abɔnefo a wɔanu wɔn ho bɔne bɛkyɛ wɔn de, nanso ɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛyere yɛn ho ako atia yɛn mmerɛwyɛ. w16.07 3:16, 17

Memeneda, August 11

Sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔsan ware foforo a, wasɛe aware.​—Mat. 19:9.

Sɛ obi fa mmara kwan so gyae aware, na ɛnyɛ aguamammɔ nti a, ɛno mma no kwan sɛ obetumi asan aware. Odiyifo Hosea de ne yere Gomer a na ɔyɛ ɔwaresɛefo bɔne kyɛɛ no. Enti sɛ obi hokafo sɛe aware na onu ne ho a, obetumi de ne bɔne akyɛ no. Saa ara na bere a Israelfo bɔɔ aguaman wɔ honhom fam na wonuu wɔn ho no, Yehowa de wɔn bɔne kyɛɛ wɔn. (Hos. 3:1-5) Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, sɛ obi nim sɛ ne kunu anaa ne yere asɛe aware, na ɛno akyi ɔne no da a, ɛkyerɛ sɛ ɔde ne hokafo no bɔne akyɛ no. Wei kyerɛ sɛ, ɔrentumi nka sɛ ɔregyina Kyerɛwnsɛm no so agyae aware. Bere a Yesu kaa ɛnnɛ asɛm no, ɔkaa ‘wɔn a wɔwɔ sigyadi akyɛde’ nso ho asɛm. Ɔde kaa ho sɛ: “Obiara a obetumi agye eyi atom no, ma ɔnyɛ saa.” (Mat. 19:10-12) Nnipa pii di sigya sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asom Yehowa a biribiara rentwetwe wɔn adwene. Yɛkamfo wɔn a wɔreyɛ saa no. w16.08 1:15, 16

Kwasida, August 12

Monka nhwɛ na munhu sɛ Yehowa ye; anigye ne ɔbarima a oguan toa no. . . . Biribiara nhia wɔn a wosuro no.​—Dw. 34:8, 9.

Mmerante ne mmabaa wɔ ahoɔden a wɔde bɛyɛ pii wɔ Yehowa som mu. (Mmeb. 20:29) Anuanom mmerante ne mmabaa bi a wɔsom wɔ Betel boa ma wotintim Bible ne Bible ho nhoma. Wɔn mu pii nso boa ma wosisi Ahenni Asa, na wɔboa ma wosiesie afoforo nso. Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si a, wɔn mu binom ne Adansefo a wɔwɔ osuahu boa wɔn a wɔakɔ ahokyere mu no. Akwampaefo pii a wɔyɛ mmerante ne mmabaa sua kasa foforo anaa wotu kwan kɔka asɛmpa no. Odwontofo no too dwom sɛ: “Wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa de, adepa biara remmɔ wɔn.” (Dw. 34:10) Nokwasɛm ne sɛ, wɔn a wɔde nsi ne ahokeka som Yehowa no, onni wɔn huammɔ da. Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara wɔ Yehowa som mu a, na ‘yɛreka ahwɛ na yɛahu sɛ Yehowa ye.’ Sɛ yefi yɛn kra nyinaa mu som Onyankopɔn a, yenya anigye a enni kabea. w16.08 3:5, 8

Dwoda, August 13

Megye mo na moabɛyɛ nhyira. Munnsuro, na mmom monyere mo nsam denneennen.​—Sak. 8:13.

Yehowa nam ne honhom kronkron no so betumi ahyɛ yɛn den, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ saa nso. (1 Be. 29:12) Ɛho hia sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn honhom no ma ɛboa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi agyina nsɛnnennen biara a Satan ne ne wiase bɔne no de bɛba yɛn so no ano. (Dw. 18:39; 1 Kor. 10:13) Yebetumi ada Onyankopɔn ase nso sɛ wama yɛn nsa aka n’Asɛm a wɔde honhom kronkron kyerɛwee no. Wo de, susuw honhom fam aduan a egyina Bible so a wosiesie ma yɛn bosome biara no nso ho hwɛ. Wɔkaa asɛm a ɛwɔ Sakaria 8:9, 13 no kyerɛɛ wɔn a na wɔresan asi Yerusalem asɔrefie no, na saa asɛm no betumi aboa yɛn nso paa. Yɛn nso, Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ a yenya wɔ yɛn Kristofo nhyiam ase, amansin ne amantam nhyiam ase, ne yɛn teokrase sukuu ahorow mu no hyɛ yɛn den. Nkyerɛkyerɛ a ɛte saa betumi aboa yɛn ama yɛde adwempa asom Onyankopɔn na yɛde botae asisi yɛn ani so wɔ ne som mu. Ebetumi aboa yɛn ama yɛadi asɛyɛde pii a yɛwɔ sɛ Kristofo no ho dwuma. (Dw. 119:32) Worebɔ mmɔden paa sɛ wobɛma saa nkyerɛkyerɛ yi ahyɛ wo den anaa? w16.09 1:10, 11

Benada, August 14

‘Monsɔ nhwɛ nhu Onyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mũ.’​—Rom. 12:2.

Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israelfo no daa no adi sɛ Yehowa kyi ntade a sɛ obi hyɛ a, ɛyɛ den sɛ wubehu sɛ ɔyɛ ɔbarima anaasɛ ɔyɛ ɔbea. Ntade a ɛte saa bi wɔ hɔ nnɛ. Wɔkyerɛ sɛ mmarima ne mmea nyinaa tumi hyɛ bi. Sɛ obi hyɛ bi a, ɛyɛ den sɛ wubehu sɛ ɔyɛ ɔbarima anaasɛ ɔyɛ ɔbea. (Deut. 22:5) Yebetumi agyina ntadehyɛ ho akwankyerɛ a Onyankopɔn de mae no so ahu pefee sɛ Onyankopɔn ani nnye ho koraa sɛ ɔbarima bɛhyɛ ntade a ɛbɛma wasɛ ɔbea, anaa ɔbea bɛhyɛ ntade a ɛbɛma wasɛ ɔbarima. Nnyinasosɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu a ɛboa Kristofo ma wosisi gyinae pa wɔ wɔn ahosiesie ho. Baabiara a obi te biara, sɛnea n’amammerɛ te biara, anaa sɛnea ɛhɔnom wim tebea te biara no, obetumi de saa nnyinasosɛm no ayɛ adwuma. Ɛho nhia sɛ wɔkyerɛkyerɛw ntade ne ahosiesie a ɛfata ne nea ɛmfata ma yɛn. Mmom, yɛde Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm yɛ adwuma. Na etumi boa yɛn ma yɛpaw ntade a yɛn ani gye ho na ɛfata nso. w16.09 3:3, 4

Wukuda, August 15

Wɔn nyinaa gyaw no hɔ guanee.​—Mar. 14:50.

Ade foforo a ɛhyɛ yɛn gyidi den a yebesusuw ho ne nokware a mmarima a wɔkyerɛw Bible no dii ne akokoduru a wɔdaa no adi no. Nhoma akyerɛwfo a wɔtenaa ase tete no hoahoaa wɔn akannifo, na wɔkamfoo wɔn aman. Nanso, Yehowa adiyifo de, bere nyinaa na wɔka nokware. Mfomso a wɔn nkurɔfo ne wɔn ahemfo dii mpo, wɔkyerɛw ho asɛm. (2 Be. 16:9, 10; 24:18-22) Saa ara nso na mfomso a wɔn ankasa mpo dii ne nea Onyankopɔn asomfo foforo nso dii no, wɔamfa ansie. (2 Sam. 12:1-14) Esiane mfaso a nnipa pii anya afi Bible nnyinasosɛm so nti, wogye tom paa sɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw Bible no. (Dw. 19:7-11) Bible nnyinasosɛm boa yɛn ma yɛtwe yɛn ho fi atoro som ne gyidihunu a ɛde nnipa pii ayɛ nkoa no ho. (Dw. 115:3-8) Nkyerɛkyerɛ bi te sɛ adannandi ama abɔde abɛyɛ sɛ nyame bi. Wɔama abɛyɛ sɛ abɔde nso wɔ tumi a Yehowa nkutoo na ɔwɔ no bi. Wɔn a wɔka sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ no kyerɛ sɛ, yɛn ankasa na yebetumi ama wiase ayɛ yiye. Nanso, wɔnyɛɛ biribiara a ɛkyerɛ sɛ wobetumi ama nneɛma ayɛ yiye daakye.​—Dw. 146:3, 4. w16.09 4:10, 11

Yawda, August 16

Momma ɔnsesaw bi na mma obiara nnteetee no.​—Rut 2:15.

Ɛda adi pefee sɛ, na Boas dwen Rut ne asetena a emu yɛ den a na ɔrefam sɛ ɔhɔho no ho. Ade baako a ɛma yehu saa ne sɛ, Boas ka kyerɛɛ Rut sɛ onni ne mmabaa no akyi sɛnea ɛbɛyɛ a mmarima a wɔreyɛ adwuma no renteetee no. Ɛwom sɛ na Rut nka apaafo no ho de, nanso Boas hwɛ ma onyaa aduan ne nsu. Afei nso, Boas anka asɛm biara a ɛkyerɛ sɛ obuu ɔbea hianiwa no animtiaa. Mmom, ɔkaa ne koma too ne yam. (Rut 2:8-10, 13, 14) Adɔe a Rut yɛɛ n’asebea Naomi no kaa Boas koma, na n’ani gyee ho nso sɛ Rut abɛyɛ Yehowa somfo. Ayamye a Boas daa no adi no yɛ adɔe a Yehowa ankasa daa no adi kyerɛɛ ɔbea a na ‘wabɛhyɛ Israel Nyankopɔn no ntaban ase no.’ (Rut 2:12, 20; Mmeb. 19:17) Saa ara nso na ɛnnɛ, sɛ yɛtew yɛn anim kyerɛ “nnipa ahorow nyinaa” a, ɛbɛboa wɔn ama wɔahu nokware no, na wobehu sɛ Yehowa dɔ wɔn paa.​—1 Tim. 2:3, 4. w16.10 1:10-12

Fida, August 17

Mede abisade too Yehowa anim, na obuaa me, na ogyee me, m’ahude nyinaa mu.​—Dw. 34:4.

Yɛn nso yebetumi de yɛn haw ato Yehowa anim na yɛanya ahotoso sɛ obetie yɛn na wahyɛ yɛn den ma yɛde anigye agyina yɛn haw ano. Sɛ yenya yɛn mpaebɔ ho mmuae a, ɛhyɛ yɛn gyidi den. (1 Yoh. 5:14, 15) Gyidi ka honhom aba no ho, enti ehia sɛ ‘yɛkɔ so bisa’ Onyankopɔn honhom kronkron sɛnea Yesu kae sɛ yɛnyɛ no. (Luka 11:9, 13) Sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae a, ɛnsɛ sɛ yɛsrɛ nea yɛn nkutoo hia. Yehowa ‘anwonwadwuma’ a yebetumi ada n’ase na yɛayi no ayɛ wɔ ho da biara da no ‘dɔɔso sen nea yebetumi akan’! (Dw. 40:5) Ɛsɛ sɛ ɛda adi wɔ yɛn mpaebɔ mu nso sɛ, ‘yɛkae wɔn a wɔde wɔn agu afiase no te sɛ nea yɛne wɔn na ɛda afiase.’ Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa, ne titiriw, ‘wɔn a wodi yɛn anim’ no. Sɛ yehu sɛ Yehowa atie yɛn mpaebɔ a, ɛka yɛn koma paa!​—Heb. 13:3, 7. w16.10 3:8, 9

Memeneda, August 18

Wɔnam gyidi so agye mo nkwa; na emfi mo, ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde.​—Efe. 2:8.

Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ada no adi sɛ wɔwɔ Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no mu gyidi. Wei ama wɔanya honhom fam paradise a emufo bɛboro ɔpepem nwɔtwe wɔ wiase nyinaa. Honhom fam paradise no mufo sow Onyankopɔn honhom aba no. (Gal. 5:22, 23) Kristofo gyidi ne ɔdɔ ho adanse a edi mũ bɛn ara ni! Onipa biara nni hɔ a ɛfata sɛ yɛde wei ho ayeyi ma no. Yɛn Nyankopɔn na wayɛ. Saa adwuma pa yi regye “din ama Yehowa, na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne daa a wɔrentwa nkyene.” (Yes. 55:13) Yɛn honhom fam paradise no bɛkɔ so ayɛ kɛse, na ebenya nkɔso akosi sɛ nnipa a wɔwɔ anigye, wɔyɛ adetrenee, na wɔayɛ pɛ bɛhyɛ asase so nyinaa ma. Wobeyi Yehowa din ayɛ akosi daa. Enti momma yɛnkɔ so nnya Yehowa bɔhyɛ ahorow mu gyidi! w16.10 4:18, 19

Kwasida, August 19

Ebinom wɔ hɔ a wɔnenam basabasa wɔ mo mu.​—2 Tes. 3:11.

Ehia sɛ yetie akwankyerɛ a egyina Bible so a mpanyimfo no de ma yɛn no. Yɛmfa Paulo afotu a ɛfa wɔn a wɔnenam basabasa wɔ asafo no mu no sɛ nhwɛso. Ná ebinom wɔ hɔ a “wɔde wɔn ho gyigye nsɛm a ɛmfa wɔn ho mu.” Ɛbɛyɛ sɛ mpanyimfo no tuu wɔn fo wɔ nea wɔreyɛ no ho, nanso wɔamfa wɔn afotu no anyɛ adwuma. Dɛn na na ɛsɛ sɛ asafo no mufo yɛ wɔ obi a ɔte saa ho? Paulo de akwankyerɛ yi mae sɛ: “Monhyɛ onii no nsow, mo ne no mmmɔ.” Nanso, ɔsan kae sɛ ɛnsɛ sɛ asafo no mufo bu obi a ɔte saa sɛ ɔtamfo. (2 Tes. 3:11-15) Ɛnnɛ nso, sɛ asafo no muni bi kɔ so yɛ biribi a ebetumi asɛe asafo no din a, mpanyimfo no betumi ama ɔkasa bi de abɔ anuanom kɔkɔ. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ebia onua anaa onuawa bi ne obi a ɔnsom Yehowa de wɔn ho ahyɛ nantew a ebetumi akowie aware mu mu. (1 Kor. 7:39) Woyɛ w’ade sɛn wɔ afotu a wɔde ma no ho? Sɛ wunim nea ɔreyɛ ade a wɔreka ho asɛm wɔ kasa no mu no a, wobɛtwe wo ho afi onipa a ɔte saa ho anaa? Sɛ wudwen onipa no ho a, ɛsɛ sɛ wusi wo bo denneennen sɛ wubedi akwankyerɛ a mpanyimfo no de ama no so. Sɛ woyɛ saa a, ebia ɛbɛka onii no ama wasakra afi n’akwammɔne no ho. w16.11 2:13

Dwoda, August 20

Mo ara mo mu na mmarima bɛsɔre akasa akyinkyim nsɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.​—Aso. 20:30.

Wɔde honhom kronkron sraa Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo mpempem pii wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu. Wɔn a na wɔabɛyɛ Kristofo foforo no na wɔbɛyɛɛ “abusua a wɔapaw, adehye asɔfokuw, ɔman kronkron, nnipa a wɔde wɔn ayɛ agyapade soronko.” (1 Pet. 2:9, 10) Bere a na asomafo no te ase no, wɔkɔɔ so hwɛɛ Onyankopɔn asafo ahorow no so yiye. Nanso, asomafo no wu akyi titiriw na mmarima bi sɔree na wɔkasa ‘kyinkyim nsɛm’ sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wɔbɛtwe asuafo no adi wɔn akyi.’ (2 Tes. 2:6-8) Ná saa mmarima no pii yɛ nkurɔfo a wɔwɔ asɛyɛde a emu yɛ duru wɔ asafo ahorow no mu. Ná wɔsom sɛ ahwɛfo, na akyiri yi wɔbɛyɛɛ “asɔfo mpanyin.” Wofii ase tew asɔfokuw, nanso na Yesu aka akyerɛ n’akyidifo sɛ: “Mo nyinaa yɛ anuanom.” (Mat. 23:8) Mmarima a wɔyɛ atitiriw wɔ asafo no mu a na wɔn ani gye Aristotle ne Plato nyansapɛ ho no de atoro nkyerɛkyerɛ baa Kristosom mu. Nkakrankakra, wɔde atoro nkyerɛkyerɛ besii nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ nokware a efi Onyankopɔn Asɛm mu no ananmu. w16.11 4:8

Benada, August 21

Mommma bɔne nnkɔ so nnni hene wɔ mo nipadua a ebewu no so.​—Rom. 6:12.

Ansa na yɛrebɛyɛ Kristofo no, na yɛtaa yɛ bɔne. Ebi mpo a, na yennim sɛ nneɛma a yɛyɛ no yɛ bɔne wɔ Onyankopɔn ani so. Ná ‘yɛyɛ nkoa ma efĩ ne mmaratode.’ Yebetumi aka sɛ, na ‘yɛyɛ bɔne nkoa.’ (Rom. 6:19, 20) Afei yɛba behuu nokware a ɛwɔ Bible mu, yɛyɛɛ nsakrae wɔ yɛn asetenam, yehyiraa yɛn ho so maa Onyankopɔn, na yɛbɔɔ asu. ‘Wɔama yɛade yɛn ho afi bɔne ho,’ na ama ‘yɛabɛyɛ trenee nkoa.’ (Rom. 6:17, 18) Nanso, sɛ yɛpɛ a, yɛbɛyɛ nea yɛn nipadua a ɛtɔ sin no pɛ sɛ yɛyɛ biara na ‘ama bɔne akɔ so adi hene.’ Esiane sɛ yebetumi “ama” bɔne adi hene anaa yɛremma ɛnyɛ saa nti, asɛm no ne sɛ, Yɛn komam paa no, dɛn na yɛpɛ sɛ yɛyɛ? Bisa wo ho sɛ: ‘Ɛtɔ da a, ɛyɛ a mema me nipadua anaa m’adwene a ɛtɔ sin no twetwe me kɔ nneɛma bɔne ho ma mekɔyɛ bɔne? Anaa mawu ama bɔne?’ Anisɔ ankasa a yɛwɔ ma yɛn bɔne a Onyankopɔn nam n’adom so de afiri yɛn no na ɛbɛkyerɛ sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ade. w16.12 1:11, 12

Wukuda, August 22

‘Adwene a esi honhom nneɛma so yɛ asomdwoe.’​—Rom. 8:6.

Ade baako a ɛma yenya abotɔyam ne sɛ, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne yɛn abusuafo ne asafo no mufo bɛtena asomdwoe mu. Yenim sɛ yɛn ankasa ne yɛn nuanom mmarima ne mmea nyinaa tɔ sin. Wei nti, ɛwom ara a nsɛmnsɛm betumi asɔre wɔ yɛn ntam. Ɛba saa a, wɔakyerɛ yɛn sɛ yenni Yesu afotu yi akyi: ‘Wo ne wo nua no nkosiesie mo ntam.’ (Mat. 5:24) Sɛ yɛkae sɛ onua anaa onuawa a yɛne no anya asɛm no nso yɛ “Onyankopɔn a ɔma asomdwoe” no somfo a, ɛnde ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den koraa sɛ yɛne no besiesie yɛn ntam. (Rom. 15:33; 16:20) Asomdwoe foforo bi nso wɔ hɔ a, ɛno de, ɛso bi nni. Sɛ yɛde yɛn ‘adwene si honhom nneɛma so’ a, ɛbɛma asomdwoe aba yɛne yɛn Bɔfo no ntam. Yesaia kyerɛw asɛm bi a na ɛfa ne beresofo ho, nanso saa asɛm no anya mmamu kɛse mpo nnɛ. Ɔkae sɛ: “Nea ne koma si pi no, [wo Yehowa,] wode asomdwoe bɛbɔ ne ho ban daa, efisɛ ɔde ne ho ato wo so.”​—Yes. 26:3; Rom. 5:1. w16.12 2:5, 18, 19

Yawda, August 23

Munni ahurusi wɔ Awurade mu daa.​—Filip. 4:4.

Satan nhyehyɛe bɔne no nna a edi akyiri yi mu mpo no, Yehowa rehyira ne nkurɔfo. Ɔhwɛ ma n’asomfo di yiye wɔ honhom fam paradise no mu, na ɔma wonya asomdwoe ne anigye pii. (Yes. 54:13) Sɛnea Yesu hyɛɛ bɔ no, Yehowa ama yɛanya honhom fam abusua a ɔdɔ wom saa bere yi. Yehowa ama yɛanya honhom fam anuanom mmarima ne mmea wɔ wiase baabiara. (Mar. 10:29, 30) Afei nso, Onyankopɔn tua wɔn a wɔhwehwɛ no denneennen no ka ma wonya asomdwoe, abotɔyam, ne anigye pii. (Filip. 4:5-7) Wubetumi anya awerɛhyem sɛ, ‘sɛ woyɛ Onyankopɔn apɛde wie a, wo nsa bɛka bɔhyɛ no.’ (Heb. 10:35, 36) Enti momma yɛnkɔ so nhyɛ yɛn gyidi den seesei, na yemfi yɛn kra nyinaa mu nsom Yehowa. Yebetumi ayɛ saa, efisɛ yenim sɛ Yehowa nsam na yebenya yɛn akatua.​—Kol. 3:23, 24. w16.12 4:17, 20

Fida, August 24

Faako a Yehowa honhom wɔ no, ahofadi wɔ hɔ.​—2 Kor. 3:17.

Ahofadi a worentumi nyɛ nea wopɛ deɛ, wohwɛ a ɛyɛ ahofadi? Aane. Ɛyɛ ahofadi! Adɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ ɛbɔ nnipa ho ban. Ma yɛnyɛ mfatoho bi. Yɛwɔ kwan sɛ yɛde kar kɔ baabiara a yɛpɛ. Nanso, fa no sɛ wonam kwantempɔn bi a kar redi akɔneaba hwiihwii wɔ so so, nea obiara pɛ na ɔfa. Wohwɛ a dɛn na ebetumi asi? Ɛrenyɛ asɛm papa koraa! Wei kyerɛ sɛ, yehia akwankyerɛ na ama ahofadi a Onyankopɔn de ama yɛn no, yɛanya so mfaso. Sɛ yɛhwɛ Bible mu nso a, yehu sɛ yɛde ahofadi a Yehowa de ama yɛn no yɛ adwuma yiye a, yenya so mfaso kɛse. Momma yɛnhwɛ Adam. Obuu Onyankopɔn mmara so dii aduaba a na wabara sɛ mma onni no. Adam ahofadi a wamfa anni dwuma yiye nti, efi tete besi nnɛ, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ nko ara na ɔde abɛto n’asefo nyinaa so. (Rom. 5:12) Ɛsɛ sɛ Adam asɛm no pusuw yɛn ma yɛde yɛn ahofadi no yɛ adwuma yiye na yetie Yehowa. w17.01 2:6, 8

Memeneda, August 25

‘Meka kyerɛ mo mu biara sɛ ommmu ne ho nntra nea ɛsɛ.’​—Rom. 12:3.

Sɛ wɔma yɛn dwumadi foforo bi a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae na yesusuw nneɛma ho yiye. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛremma yennye nnwuma pii mmɔ so mma yɛn ho nkyere yɛn. Sɛ yɛwɔ ahobrɛase a, ɛnyɛ adwuma biara na yebegye. Nanso, sɛ wɔde dwumadi foforo ma yɛn na yegye tom a, na yenwiei. Gideon nhwɛso no kae yɛn sɛ, sɛ Yehowa nsa nni mu a, yɛrentumi nyɛ hwee. Adeɛ yi, wɔaka akyerɛ yɛn sɛ ‘yɛmmrɛ yɛn ho ase na yɛne yɛn Nyankopɔn nantew.’ (Mika 6:8) Enti bere biara a yebegye asɛyɛde foforo atom no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae na yesusuw nea Yehowa nam n’Asɛm ne n’ahyehyɛde so reka akyerɛ yɛn no ho. Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn akwan na yɛatumi ne Yehowa anantew yiye. Momma yɛnkae bere nyinaa sɛ, Yehowa ahobrɛase na ɛma ‘yɛyɛ kɛse’ ɛnyɛ yɛn ahoɔden anaa yɛn nyansa. (Dw. 18:35) Sɛ yɛne Onyankopɔn nantew ahobrɛase mu a, yɛremmu yɛn ho dodo nsen yɛn nuanom na saa ara nso na yɛremmu yɛn ho sɛ yɛnsɛ hwee. w17.01 3:17, 18

Kwasida, August 26

Mo brɛ renyɛ kwa Awurade mu.​—1 Kor. 15:58.

Ná Yesu nim sɛ ɔbarima bɛyɛɛ bi na wammɛyɛ ne nyinaa. Enti ohuu sɛ ɔsom adwuma a ɔbɛyɛɛ no asase so no bɛba awiei ama afoforo atoa so. Ɛwom sɛ na n’asuafo no tɔ sin deɛ, nanso na ɔwɔ wɔn mu ahotoso. Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔbɛyɛ nnwuma akɛse asen no mpo. (Yoh. 14:12) Yesu tetee wɔn yiye, enti wotumi kaa asɛmpa no wɔ wiase baabiara saa bere no. (Kol. 1:23) Bere a Yesu de ne nkwa bɔɔ afɔre wiei no, Onyankopɔn nyanee no kɔɔ soro na ɔde nnwuma pii hyɛɛ ne nsa. Ɔmaa no tumi a ‘ɛkorɔn koraa sen aban ne tumi ne ahoɔden ne mpanyinni nyinaa.’ (Efe. 1:19-21) Sɛ yedi nokware kosi owu mu ansa na Harmagedon aba a, Onyankopɔn benyan yɛn akɔ wiase foforo no mu. Yɛkɔ hɔ a, yebenya nnwuma pii ayɛ ama yɛn koma atɔ yɛn yam. Enkosi saa bere no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ adwuma bi a ɛho hia paa. Ɛne sɛ, yɛbɛka asɛmpa no na yɛaboa nkurɔfo ama wɔabɛyɛ asuafo. Ɛnde sɛ yɛyɛ mpanyin oo, mmofra oo, momma yɛn nyinaa nkɔ so ‘nyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu.’ w17.01 5:17, 18

Dwoda, August 27

Mene Yehowa; mensakrae.​—Mal. 3:6.

Yehowa atua agyede no korakora. (Heb. 9:24-26) Owu afobu a Adam de baa adesamma so no, agyede no ayi afi hɔ koraa. Kristo afɔre no nti, yɛanya ahofadi afi Satan wiase yi nkoasom mu, na owu ho hu biara nhyɛ yɛn so bio. (Heb. 2:14, 15) Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa bɛbam ɔkwan biara so. Sɛnea abɔde mu mmara a Yehowa ahyehyɛ nni yɛn huammɔ da no, saa ara na Yehowa nso renni yɛn huammɔ da. Yehowa nsakra. Ɛnyɛ nkwa nko na Yehowa de akyɛ yɛn, na mmom wama yɛn nneɛma pii a ɛsen saa. Wada ne dɔ adi akyerɛ yɛn. Bible ka sɛ: “Yɛn ankasa abehu, na yɛagye ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma yɛn no adi. Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yoh. 4:16) Asase nyinaa bɛdan paradise fɛfɛɛfɛ, na wɔn a wɔwɔ asase so besuasua Onyankopɔn na wɔadodɔ wɔn ho. Ɛmmra sɛ yɛne Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔwɔ soro no bɛbom aka sɛ: “Nhyira ne anuonyam ne nyansa ne aseda ne nidi ne tumi ne ahoɔden nka yɛn Nyankopɔn daa daa. Amen.”​—Adi. 7:12. w17.02 2:16, 17

Benada, August 28

Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fĩ nyinaa ho.​—2 Kor. 7:1.

November 1 Ɔwɛn-Aban a ɛbaa afe 1973 (Borɔfo de no yɛ June 1) no bisae sɛ: “Enti, . . . nnipa a wonnyaee tawanom no fata ma asubɔ?” Ɛmaa mmuae sɛ: “Adanse a efi Kyerɛwnsɛm mu no da no adi sɛ wɔmfata.” Ɔwɛn-Aban no twee adwene sii kyerɛw nsɛm pii a ɛfa asɛm no ho so, na ɛkyerɛɛ nea enti a ɛsɛ sɛ wotu obi a ɔnom tawa, anaa sigaret, a onnyae no fi asafo no mu. (1 Kor. 5:7) Ɔwɛn-Aban no san kae sɛ: ‘Eyi nyɛ mmɔden a obi rebɔ sɛ ɔbɛhyɛ afoforo ama wɔayɛ nea ɔno pɛ. Mmom, Onyankopɔn ankasa na wasi so dua denneennen wɔ n’Asɛm no mu.’ Wɔkyerɛw nhoma bi faa ɔsom ahorow a ɛwɔ United States ho nnansa yi. Nhoma no ka sɛ: “Mpanyimfo a wodi Kristofo anim wɔ wɔn asɔre ahorow mu taa sakra wɔn nkyerɛkyerɛ mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛne gyidi ne adwene a wɔn asɔremma ne ɔmanfo dodow no ara kura no behyia.” Yehowa Adansefo wɔ ɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho bɛto nea Onyankopɔn Asɛm no ka so koraa. Sɛ wɔyɛ saa na sɛ ɛbɛyɛ den paa ama ɔsom no mufo binom mpo a, wogyina Onyankopɔn Asɛm no akyi pintinn. Nyamesom ahyehyɛde foforo bɛn na ɛwɔ ɔpɛ a ɛte saa? w17.02 4:15

Wukuda, August 29

Obiara a ɔma ne ho so no wɔbɛbrɛ no ase, na obiara a ɔbrɛ ne ho ase no wɔbɛma no so.​—Mat. 23:12.

Asafo mu mpanyimfo ahobrɛase nti, wɔmma nkurɔfo nhoahoa wɔn te sɛ nea nkurɔfo hoahoa nnipa a wɔagye din no. Wei ma wɔda nsow koraa wɔ nyamesom akannifo pii a wɔwɔ hɔ nnɛ ne wɔn a na wɔwɔ asomafo no bere so no ho. Yesu kaa nyamesom akannifo a na wɔwɔ ne bere so no ho asɛm sɛ: “Wɔpɛ mpanyin tenabea wɔ anwummeduan ase ne hyiadan mu nkongua a ɛwɔ anim no, ne gua so nkyia.” (Mat. 23:6, 7) Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo anokwafo brɛ wɔn ho ase tie asɛm a Yesu kae yi. Ɔkae sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wɔfrɛ mo Rabi, efisɛ obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, na mo nyinaa yɛ anuanom. Bio nso, mommfrɛ obiara mo agya asase so, na obiako ne mo Agya, Ɔsorosoroni no. Afei nso ɛnsɛ sɛ wɔfrɛ mo ‘akannifo,’ efisɛ mo Kannifo yɛ biako, ɔne Kristo. Mmom no, ɛsɛ sɛ nea ɔyɛ mo mu kɛse no yɛ mo somfo.” (Mat. 23:8-11) Ɛno nti, Adansefo a wɔwɔ asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa mu no dɔ wɔn mfɛfo Adansefo a wɔsom sɛ asafo mu mpanyimfo no, na wɔde obu ne nidi ma wɔn. w17.03 1:14, 15

Yawda, August 30

Obiara bɛsoa n’ankasa adesoa.​—Gal. 6:5.

Yɛn ankasa na ɛsɛ sɛ yesisi yɛn gyinae. Afei sɛ yegyina Kyerɛwnsɛm no mu nokware nimdeɛ so sisi gyinae a, ɛnde yebesisi gyinae pa, gyinae a nyansa wom. Ɛnsɛ sɛ yɛma obi foforo biara sisi gyinae ma yɛn. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛn ankasa sua ade na yehu nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so na yɛn ara yɛyɛ. Ɛyɛ hu sɛ yɛbɛma afoforo asisi gyinae ama yɛn. Nanso, dɛn na ebetumi ama aba saa? Atipɛnfo nhyɛso betumi ama yɛasisi gyinae bɔne. (Mmeb. 1:10, 15) Nanso, sɛ afoforo hyɛ yɛn sɛ dɛn ara mpo a, yɛn na ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛma yɛn ahonim a yɛde Bible atete no no kyerɛ yɛn kwan. Mpɛn pii no, sɛ yɛma afoforo sisi gyinae ma yɛn a, na yɛayɛ yɛn adwene sɛ yɛne wɔn ‘bɛkɔ,’ anaasɛ yebedi wɔn akyi. Ɛno nso yɛ gyinae a yebetumi asi, nanso ebetumi de ɔhaw aba. Ɔsomafo Paulo twee Galatifo no adwene sii so pefee sɛ ɛyɛ hu sɛ wɔbɛma afoforo asisi gyinae ama wɔn. (Gal. 4:17) Ná ebinom wɔ asafo no mu a wɔpɛ sɛ wosisi gyinae ma afoforo de twe wɔn fi asomafo no ho. w17.03 2:8-10

Fida, August 31

‘Bere a Yosia da so yɛ abofra no, ofii ase hwehwɛɛ ne nana Dawid Nyankopɔn; na afe a ɛto so dumien mu no, ofii ase tew Yuda ne Yerusalem ho yiyii sorɔnsorɔmmea ne abosonnua no fii hɔ.’​—2 Be. 34:3.

Yosia de nsi ne ahokeka yɛɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani. Sɛnea Yosia yɛe no, ɛsɛ sɛ mmofra fi ase hwehwɛ Yehowa fi wɔn mmofraase pɛɛ. Ɛbɛyɛ sɛ Ɔhene Manase a na wanu ne ho wɔ ne bɔne ho no na ɔkaa Onyankopɔn mmɔborɔhunu ho asɛm kyerɛɛ Yosia. Mmerante ne mmabea, mommɛn anokwafo a wɔn ani afi a wɔwɔ mo abusua mu ne asafo no mu no. Wɔbɛma moahu nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama wɔn. Afei nso, monkae sɛ, Kyerɛwnsɛm no a wɔkenkan kyerɛɛ Yosia no na ɛkaa ne koma ma otuu anammɔn. Sɛ wokenkan Onyankopɔn Asɛm no a, ebetumi akanyan wo ama woatu anammɔn a ɛbɛma woanya anigye pii na ahyɛ wo ne Onyankopɔn adamfofa mu den. Ɛbɛsan akanyan wo ama woaboa afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso bɛhwehwɛ Onyankopɔn. (2 Be. 34:18, 19) Sɛ wusua Bible a, ɛno nso betumi aboa wo ama woahu akwan a wobɛfa so anya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. Sɛ wuhu saa akwan no a, tu ho anammɔn sɛnea Yosia yɛe no. w17.03 3:18, 19

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena