Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es18 kr. 67-77
  • July

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • July
  • Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2018
  • Nsɛmti Nketewa
  • Kwasida, July 1
  • Dwoda, July 2
  • Benada, July 3
  • Wukuda, July 4
  • Yawda, July 5
  • Fida, July 6
  • Memeneda, July 7
  • Kwasida, July 8
  • Dwoda, July 9
  • Benada, July 10
  • Wukuda, July 11
  • Yawda, July 12
  • Fida, July 13
  • Memeneda, July 14
  • Kwasida, July 15
  • Dwoda, July 16
  • Benada, July 17
  • Wukuda, July 18
  • Yawda, July 19
  • Fida, July 20
  • Memeneda, July 21
  • Kwasida, July 22
  • Dwoda, July 23
  • Benada, July 24
  • Wukuda, July 25
  • Yawda, July 26
  • Fida, July 27
  • Memeneda, July 28
  • Kwasida, July 29
  • Dwoda, July 30
  • Benada, July 31
Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2018
es18 kr. 67-77

July

Kwasida, July 1

Nea afi w’anom no, yɛ me saa ara.​—Atem. 11:36.

Ná Yefta babea no koma so ade ne sɛ ɔbɛware awo mma, nanso ɔde ne nyinaa too nkyɛn de ne bere nyinaa som Yehowa. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua sɛnea oyii ne yam som Yehowa no? Kristofo mmerante ne mmabaa mpempem pii pɛ sɛ wɔtwe aware anaa awo kɔ akyiri. Adɛn ntia? Ɛne sɛ, wɔpɛ sɛ wɔde wɔn bere nyinaa som Yehowa. Afei nso, yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no bebree yam a anka wobenya bere pii ama wɔn mma ne wɔn mmanana, nanso wɔde wɔn bere ne wɔn ahoɔden resom Yehowa. Wɔn mu bi boa adansi adwuma; ebinom nso kɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu, na wowie a, wɔakɔboa asafo a emu adawurubɔfo nnɔɔso. Afoforo nso toto wɔn nneɛma yiye yɛ pii wɔ Yehowa som mu. Yehowa werɛ remfi saa anokwafo a woyi wɔn yam som no no mu biara da. (Heb. 6:10-12) Wo nso ɛ? Wubetumi ayi wo yam ayɛ pii wɔ Yehowa som mu? w16.04 1:16, 17

Dwoda, July 2

‘Wɔbɛyɛ kuw biako anya ɔhwɛfo biako.’​—Yoh. 10:16.

Yesu de ne ho totoo oguanhwɛfo ho, ɛnna ɔde n’akyidifo nso totoo nguan ho. Susuw asɛm yi ho hwɛ: Yɛmfa no sɛ nguan mmienu gyina bepɔw bi so, mmienu gyina amena bi mu, ɛnna baako nso gyina baabi foforo. Wohwɛ a, yebetumi afrɛ saa nguan nnum no sɛ nguankuw? Dabi, efisɛ nguankuw boa wɔn ho ano di wɔn hwɛfo akyi. Enti sɛ yɛankɔ asafo nhyiam a, na yɛayi yɛn nuanom baako ahyɛ wɔn nsa. Ɛsɛ sɛ yehyiam sɛ “kuw biako” na yedi “ɔhwɛfo biako” akyi. Asafo nhyiam boa ma yɛyɛ abusua baako a ɔdɔ wom. (Dwom 133:1) Asafo no mufo binom wɔ hɔ a, wɔn awofo anaa wɔn nuanom apo wɔn. Nanso Yesu hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma wɔanya abusuafo a wɔbɛdɔ wɔn na wɔahwɛ wɔn. (Mar. 10:29, 30) Sɛ wokɔ asafo nhyiam daa a, asafo no muni bi betumi de wo ayɛ agya, ɛna, onuabarima, anaa onuabea. Sɛ yesusuw ho saa a, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara akɔ asafo nhyiam daa. w16.04 3:9, 10

Benada, July 3

Sɛ mosɔre gyina hɔ sɛ morebɔ mpae a, momfa biribiara a obiara ayɛ mo nkyɛ no; na mo Agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomso afiri mo.​—Mar. 11:25.

Nneɛma a yɛyɛ de som Onyankopɔn te sɛ mpaebɔ, asafo nhyiam, asɛnka adwuma, ne nea ɛkeka ho nyinaa, sɛ yɛne nnipa antena asomdwoe mu a, ɛrenkosi hwee. Sɛ yɛamfa afoforo mfomso amfiri wɔn a, yɛrentumi nka sɛ yɛyɛ Onyankopɔn nnamfo. (Luka 11:4; Efe. 4:32) Ehia sɛ Kristoni biara dwen ho yiye na ofi ne komam de afoforo mfomso kyɛ wɔn. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ ɔne nnipa tena asomdwoe mu. Ɛyɛ a wufi wo komam de wo nuanom Kristofo mfomso kyɛ wɔn? Ebetumi aba sɛ wɔafom wo de, nanso w’ani gye ho sɛ wo ne wɔn bɛbɔ? Nea Yehowa pɛ ne sɛ n’asomfo de bɔne bɛkyɛ. Sɛ wuhu sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wode bɔne bɛkyɛ a, srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo mma womfa nkurɔfo bɔne nkyɛ wɔn! Yɛn soro Agya no betie mpae a ɛte saa na waboa wo.​—1 Yoh. 5:14, 15. w16.05 1:6, 7

Wukuda, July 4

Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi.​—Mat. 24:14.

Yɛbɛka asɛmpa no akosi bere bɛn? Yesu kae sɛ asɛnka adwuma no bɛkɔ so wɔ wiase nyinaa akosi nna a edi akyiri no mu, ‘ɛno ansa na awiei no aba.’ Nyamesom kuw bɛn bio na akɔ so aka asɛmpa no wɔ nna a edi akyiri a emu yɛ den yi mu? Nkurɔfo a yehyia wɔn asɛnka mu no, ebinom tumi ka sɛ: “Yɛn na honhom kronkron wɔ yɛn so, nanso adwuma no de, mo na moreyɛ.” Yemmisa sɛ, asɛnka adwuma a yɛakɔ so ayɛ no, ɛnkyerɛ sɛ yɛn na Onyankopɔn honhom wɔ yɛn so anaa? (Aso. 1:8; 1 Pet. 4:14) Ɛwom ara a nyamesom akuw bi bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ adwuma a Yehowa Adansefo yɛ no bere nyinaa no bi, nanso ɛnkyɛ na agye agu. Ebinom kyerɛ sɛ wɔreyɛ asɛmpatrɛw adwuma, nanso ɛnkyɛ na wɔagyae akɔpɛ wɔn baabi atena. Ebinom nso kɔ afie afie, nanso wɔkɔ a, asɛm bɛn paa na wɔkɔka? Biribiara kyerɛ sɛ adwuma a Kristo hyɛɛ ase no, ɛnyɛ ɛno na wɔreyɛ no. w16.05 2:13, 16

Yawda, July 5

Anuanom, monkɔ so nni ahurusi mma wonsiesie mo yiye, nnya awerɛkyekye, nnya adwenkoro, ntena asomdwoe mu.​—2 Kor. 13:11.

Sɛ yɛbɛkɔ so ama ‘wɔasiesie yɛn’ na yɛahyɛ “nipasu foforo” no a, ɛnsɛ sɛ yɛte tena. Paulo kaee ne mfɛfo asomfo sɛ: “Munyi nipasu dedaw a ɛne mo kan abrabɔ no hyia, a ɛresɛe wɔ ne nnaadaa akɔnnɔ mu no ngu; mmom no, momma wɔnkɔ so nyɛ mo foforo wɔ tumi a ɛkanyan mo adwene no mu, na monhyɛ nipasu foforo a wɔbɔɔ no sɛnea Onyankopɔn pɛ wɔ nokware trenee ne nokwaredi pintinn mu no.” (Efe. 4:22-24) Sɛ Bible ka sɛ yɛmma ‘wɔnkɔ so nyɛ yɛn foforo’ a, ɛkyerɛ sɛ nipasu foforo a yɛbɛhyɛ no yɛ biribi a ɛsɛ sɛ ɛkɔ so daa. Saa asɛm yi hyɛ nkuran paa, efisɛ ɛma yenya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛasom Yehowa akyɛ oo, sɛ ɛnkyɛe oo, yebetumi akɔ so ahyɛ nipasu foforo no na ama yɛayɛ Kristofo papa. Ɛyɛ ampa, Bible betumi akɔ so asesa yɛn abrabɔ. w16.05 4:8, 9

Fida, July 6

Nea Yehowa dɔ no na ɔka n’anim.—Mmeb. 3:12.

Baabi a Yehowa renwene yɛn seesei no, yebu no sɛ honhom fam paradise; Yehowa gu so reyɛ ho adwuma. (Yes. 64:8) Ɛwom sɛ yɛte wiase bɔne mu de, nanso yɛwɔ ahotɔ ne asomdwoe. Seesei yɛabehu sɛ Yehowa yɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ. (Yak. 4:8) Sɛnea honhom fam paradise asetena bɛyɛ no, wiase foforo no mu na yɛbɛte ne dɛ paa. Saa bere no, honhom fam ne honam fam paradise no nyinaa bedi mũ wɔ Onyankopɔn Ahenni mu. Bere bi bɛba a, Yehowa bɛyɛ nneɛma nyinaa foforo ma asase asi ne dedaw mu. Sɛnea Yehowa bɛkɔ so anwene nnipa a ɛwɔ asase so na wakyerɛkyerɛ wɔn no de, ɛsɛ w’ani. (Yes. 11:9) Afei nso, Onyankopɔn bɛma yɛn adwene ne yɛn nipadua adi mũ sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ate ne nkyerɛkyerɛ ase na yɛayɛ n’apɛde a yɛmmrɛ koraa. Enti momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so abrɛ yɛn ho ase ama Yehowa. Afei nso, ehia sɛ yɛma ohu sɛ yegye tom sɛ, ɔdɔ a ɔdɔ yɛn nti na ɔrenwene yɛn. w16.06 1:8, 9

Memeneda, July 7

Israel, tie: Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro.​—Deut. 6:4.

Israelfo hyiaam wɔ Moab sare so afe 1473 ansa na Yesu reba. Saa bere no, na wɔrebetwa Yordan asubɔnten no akɔko afa Bɔhyɛ Asase no. (Deut. 6:1) Ɛhɔ na Mose ne wɔn dii nkra. Nkradi no mu na ɔkaa asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 6:4 no. Ná Mose adi ɔman no anim mfe 40, na na ɔpɛ sɛ ɔman no nya akokoduru de gyina nsɛnnennen a wɔrebehyia no ano. Ná ehia sɛ wonya Yehowa mu awerɛhyem na wodi no nokware sɛ wɔn Nyankopɔn. Ɛda adi sɛ asɛm a etwa to a Mose kae no kaa wɔn koma paa. Mmara Nsɛm Du no ne ahyɛde afoforo a na Yehowa de ama ɔman no, Mose tĩĩ mu kyerɛɛ wɔn. Ɛno akyi na ɔkaa asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 6:4, 5 no. Israelfo a na wɔne Mose ahyiam wɔ hɔ no, wohwɛ a, na wonnim sɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn yɛ “Yehowa koro” anaa? Na wonim. Ná Israelfo a wodi nokware no nim sɛ Onyankopɔn yɛ baako; ɔno nkutoo na na wɔsom no. Saa Nyankopɔn no na wɔn agyanom Abraham, Isak, ne Yakob som no. w16.06 3:2, 3

Kwasida, July 8

Ɛdefa saa da no ne dɔn no ho de obiara nnim, abɔfo a wɔwɔ ɔsoro ne Ɔba no mpo nnim, gye Agya no nko.​—Mat. 24:36.

Yesu kaa saa asɛm no bere a na ɔwɔ asase so no. Nanso seesei de, wɔama Kristo tumi wɔ soro sɛ ontu Satan wiase no so sa. (Adi. 19:11-16) Enti, ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ seesei de, Yesu nim bere a Harmagedon bɛba. Nanso yɛn de, yennim. Ɛho hia paa sɛ yɛkɔ so wɛn kosi sɛ ahohiahia no bɛba. Nanso Yehowa de, onim da a ahohiahia kɛse no befi ase. Wahyɛ bere pɔtee a awiei no bɛba ato hɔ. Ɔrekan nna no akosi sɛ ahohiahia kɛse no befi ase, na bere a wahyɛ sɛ ebefi ase no, “ɛrenka akyi.” (Hab. 2:1-3) Yɛbɛyɛ dɛn anya ahotoso a ɛte saa? Yehowa hyɛ nkɔm a, ɛbam bere nyinaa; ɛnka akyi. Yɛn nso, Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ obegye yɛn nkwa wɔ ahohiahia kɛse no mu. Yebetumi anya ahotoso sɛ obedi ne bɔhyɛ so. Nanso, sɛ wɔsɛe wiase yi na yɛpɛ sɛ yenya yɛn ti didi mu a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so wɛn. w16.07 2:4-6

Dwoda, July 9

Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ ɛto wɔn nyinaa hintidua mpo a, me fam de, ɛremma saa.”​—Mar. 14:29.

Bere a ɛtoo nea ɛyɛ den no, Yesu asomafo no guan gyaw no. Ná Petro adi kan aka sɛ, sɛ wɔn a aka nyinaa guan gyaw Yesu mpo a, ɔno de, ɔbɛkɔ so abata ne ho. (Mar. 14:27-31, 50) Nanso bere a wɔkyeree Yesu no, asomafo no nyinaa guan gyaw no, ná Petro ka ho. Petro kae mpɛn pii sɛ onnim Yesu. (Mar. 14:53, 54, 66-72) Akyiri yi, Petro nuu ne ho, na Yehowa kɔɔ so de no yɛɛ adwuma. Sɛ na woyɛ Yesu suani saa bere no, ɛnna wuhuu nea Petro yɛe no a, anka wobɛkɔ so abata Yehowa ho? Ɛnnɛ, wugye tom sɛ Yehowa betumi ama wɔn a wɔayɛ bɔne no bere ama wɔde asakra wɔn adwene? Bio nso, wugye di sɛ, sɛnea ɛte biara, Yehowa besiesie mfomso no na wateɛ nea akyea no? Afei nso, ɛtɔ da a, wɔn a wɔayɛ bɔne a emu yɛ duru no, Yehowa tumi da mmɔborɔhunu adi kyerɛ wɔn, nanso wɔsen wɔn kɔn. Sɛ ɛba saa a, ebia wobetu nnebɔneyɛfo a wɔte saa no afi asafo no mu. Wubetumi anya awerɛhyem sɛ, ɔkwan biara so, Yehowa bebu nnebɔneyɛfo atɛn? w16.06 4:8, 9

Benada, July 10

‘Yɛn Awurade Yesu Kristo, ne yɛn Agya Onyankopɔn nkyekye mo koma werɛ, na ɔmma munnyina pintinn.’​—2 Tes. 2:16, 17.

Nhyira kɛse a Yehowa adom nti yenya no baako ne sɛ, sɛ yɛn koma bubu a, ɔkyekye yɛn werɛ. (Dw. 51:17) Paulo kyerɛw ɛnnɛ asɛm no kɔmaa Kristofo a na wɔrehyia ɔtaa wɔ Tesalonika no. Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yɛahu sɛ Yehowa dwen yɛn ho! N’ayamye nti na ɔboa yɛn. Esiane sɛ yɛyɛ abɔnefo nti, sɛ ɛkaa yɛn nko ara a, anka yenni anidaso biara. (Dw. 49:7, 8) Nanso Yehowa ama yɛanya anidaso a ɛso bi nni. Yesu hyɛɛ n’akyidifo bɔ sɛ: “M’Agya no apɛde ne sɛ obiara a ohu Ɔba no na ogye no di no benya daa nkwa.” (Yoh. 6:40) Ampa, daa nkwa anidaso no yɛ akyɛde. Ɛyɛ Onyankopɔn adom a wada no adi. Paulo ani gyee saa asɛm no ho, na ɔkae sɛ: “Wɔada Onyankopɔn adom a ɛde nkwagye brɛ nnipa ahorow nyinaa no adi.”​—Tito 2:11. w16.07 3:14, 15

Wukuda, July 11

Munntwa mo mmeranteberem yere nkontompo.​—Mal. 2:15.

Ɛnnɛ, Yehowa nkurɔfo nsosɔ aware mu nkontompo so. Nanso, ma yɛmfa no sɛ ɔbarima warefo anaa ɔbea warefo bi de obi hokafo aguan. Ɛno akyi no, ɔfa ɔkwan bi so gu n’aware dedaw no. Afei, ɔware nea ɔne no guanee no. Sɛ ɛba saa a, dɛn na wɔbɛyɛ no? Sɛ nea ɔyɛɛ bɔne no annu ne ho a, wobetu no afi asafo no mu na ama asafo no ho atew. (1 Kor. 5:11-13) Sɛ wobegye ɔdebɔneyɛfo no aba asafo no mu bio a, gye sɛ ‘ɔsow aba a ɛkyerɛ adwensakra.’ (Luka 3:8; 2 Kor. 2:5-10) Ɛwom sɛ asɛm a ɛte saa ntaa nsi wɔ asafo no mu de, nanso yɛrentumi mmu yɛn ani ngu nkontomposɛm a ɛte saa so. Wɔnkyerɛɛ bere tenten pɔtee a ɛsɛ sɛ edi ansa na wɔasan agye onipa a ɔte saa aba Onyankopɔn nkurɔfo mu. Nanso, ebia ebegye bere tenten kakra, afe anaa nea ɛboro saa ansa na wɔagye ɔbɔnefo a wanu ne ho no aba asafo no mu. Sɛ wogye onipa no ba asafo no mu mpo a, ɛsɛ sɛ ɔkae sɛ obegyina “Onyankopɔn atemmu agua no anim.”​—Rom. 14:10-12. w16.08 1:12, 13

Yawda, July 12

Sɛ obi pɛ sɛ ɔbɛyɛ ahwɛfo adwuma a, na wapɛ adwuma pa.​—1 Tim. 3:1.

Hela adeyɛ asɛm a wɔkyerɛɛ ase “pɛ sɛ ɔbɛyɛ” no kyerɛ sɛ obi twe ne nsam de so biribi a ɛmmɛn no mu. Ɔsomafo Paulo kaa saa asɛm no de kyerɛe sɛ, ɛsɛ sɛ obi bɔ ne ho mmɔden ansa na wanya nkɔso wɔ honhom fam. Yɛmfa no sɛ onuabarima bi redwinnwen nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ wɔ asafo no mu ho. Ebia seesei ɔnyɛ asafo mu somfo, na ohu sɛ ehia sɛ onya Kristofo su ahorow. Nea edi kan, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛfata sɛ asafo mu somfo. Bere rekɔ so no, ɔhwɛ kwan sɛ obenya nkɔso wɔ honhom fam ama wɔapaw no sɛ asafo mu panyin. Emu biara mu no, ɔbɔ mmɔden sɛ obedu ahwehwɛde ahorow ho, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛfata ma wɔde asɛyɛde pii ahyehyɛ ne nsa wɔ asafo no mu. Anuanom mmarima ne mmea a wɔpɛ sɛ wɔsom sɛ akwampaefo, Betel adwumayɛfo, anaa Ahenni Asa adansifo atuhoamafo no nso, ehia sɛ wɔyere wɔn ho du wɔn botae ho. w16.08 3:3, 4

Fida, July 13

Wɔyɛ wo nkoa ne wo man a wode wo tumi kɛse ne wo nsa a ɛyɛ den gyee wɔn.​—Neh. 1:10.

Bere a Nehemia kɔɔ Yerusalem no, wode hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɔtee nka. Ɛkame ayɛ sɛ na kurow no nni ahobammɔ biara, na na ne mfɛfo Yudafo no nso abam abu. Atamfo a na wofi aman foforo so no hunahunaa Yudafo no maa wɔn nsam gowee, na wogyaee Yerusalem afasu no a na wɔresan atow no. Yemmisa sɛ, nea na ɛrekɔ so no maa Nehemia nso nsam gowee anaa? Dabi! Ná Nehemia de ne ho to Yehowa so wɔ mpaebɔ mu bere nyinaa sɛnea Mose, Asa, ne Yehowa asomfo foforo yɛe no. (Ex. 17:8-13; 2 Be. 14:8-13) Saa bere yi nso, Nehemia bɔɔ Yehowa mpae. Yudafo no de, na ɛyɛ wɔn sɛ wɔahyia akwanside a ɛso bi nni, nanso Yehowa tiee Nehemia sufrɛ. Onyankopɔn de ne “tumi kɛse” ne ne “nsa a ɛyɛ den” no hyɛɛ Yudafo no nsa a na emu agow no mu den. (Neh. 2:17-20; 6:9) Ɛnnɛ, wugye di sɛ Yehowa de ne “tumi kɛse” ne ne “nsa a ɛyɛ den” no hyɛ n’asomfo den anaa? w16.09 1:9

Memeneda, July 14

‘Monyɛ ade nyinaa mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.’​—1 Kor. 10:31.

Asɔre mpanyimfo bi yɛɛ nhyiam, na atesɛm krataa bi a ɛwɔ Netherlands kaa ntade a na ɛhyehyɛ wɔn no ho asɛm sɛ: “Esiane sɛ na ewim yɛ hyew nti, na asɔfo no hyehyɛ ntade a ɛmfata sɛ wɔde kɔ guabɔ ase. Nanso, sɛ Yehowa Adansefo reyɛ wɔn mantam nhyiam a, wɔrenhyɛ ntade a ɛte saa nkɔ ase.” Nokwasɛm ne sɛ, nkurɔfo taa kamfo Yehowa Adansefo sɛ ‘wɔde fɛre ne adwenemtew hyɛ ntade a ɛfata wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn.’ (1 Tim. 2:9, 10) Ɛwom sɛ mmea ho asɛm na na ɔsomafo Paulo reka de, nanso gyinapɛn a na ɔreka ho asɛm no fa Kristofo mmarima nso ho. Yehowa nkurɔfo de, ntadehyɛ a ɛfata ho hia yɛn, na ɛho hia Onyankopɔn a yɛsom no no nso. (Gen. 3:21) Nea Kyerɛwnsɛm no ka fa ntadehyɛ ne ahosiesie ho no ma yehu paa sɛ amansan Hene no wɔ gyinapɛn a ɛfata a ɔpɛ sɛ n’asomfo anokwafo hwɛ so siesie wɔn ho. Enti, ɛsɛ sɛ yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie yɛ nea ɛsɔ Awurade Tumfoɔ Yehowa nso ani. w16.09 3:1, 2

Kwasida, July 15

Nea efi Onyankopɔn hɔ na nnipa kae sɛnea honhom kronkron kaa wɔn no.​—2 Pet. 1:21.

Ebinom de asi wɔn ani so sɛ wobesua Bible nkɔmhyɛ ho ade. Anaasɛ wɔde nea Bible ka bɛtoto nea abakɔsɛm akyerɛwfo, nyansahufo, anaa wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ka ho. Nkɔmhyɛ baako a ɛho nhwehwɛmu yɛ anika paa ne Genesis 3:15. Saa kyerɛwsɛm no ma yehu asɛmti titiriw a ɛda Bible no so. Ɛno ne Onyankopɔn tumidi a Ahenni no bɛma obiara ahu sɛ ɛno na ɛfata, ne Onyankopɔn din ho a ɛbɛtew. Kyerɛwsɛm baako pɛ yi de kasakoa bi kyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa beyi amanehunu a nnipa afa mu fi Eden besi nnɛ no afi hɔ. Wobɛyɛ dɛn asua Genesis 3:15 ho ade? Ɔkwan baako ne sɛ wobɛhyehyɛ bere a nsɛm bi sisii (time line). Wubetumi ahyehyɛ kyerɛw nsɛm atitiriw a ɛma yehu sɛnea Onyankopɔn de nkakrankakra daa wɔn a wɔn ho nsɛm wɔ Genesis 3:15 no adi. Wubetumi nso ahyehyɛ kyerɛw nsɛm a ɛma yehu nhyehyɛe a na Onyankopɔn nam so bɛma saa nkɔmhyɛ no abam no. Sɛ wuhu sɛnea kyerɛw nsɛm no nyinaa hyia pɛpɛɛpɛ no a, ɛbɛma woahu sɛ ‘honhom kronkron na ɛkaa’ Bible akyerɛwfo ne adiyifo no. w16.09 4:8

Dwoda, July 16

Hena na ɔma woyɛ soronko?​—1 Kor. 4:7.

Bere bi, na ɔsomafo Petro nni wɔn a wɔnyɛ Yudafo ho adwempa. Nanso, nkakrankakra ɔbɔɔ mmɔden yii saa adwene no fii ne koma mu. (Aso. 10:28, 34, 35; Gal. 2:11-14) Yɛn nso, sɛ yehu sɛ yenni afoforo ho adwempa anaasɛ yɛde baabi a yefi hoahoa yɛn ho a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho tu adwene a ɛte saa ase fi yɛn koma mu. (1 Pet. 1:22) Yebetumi adwinnwen saa nokwasɛm yi ho. Ɛne sɛ, ɛmfa ho ɔman a yefi mu no, yɛn nyinaa yɛ nnipa a yɛtɔ sin, na yɛn mu biara nni hɔ a ɔfata nkwagye. (Rom. 3:9, 10, 21-24) Ɛnde, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya adwene sɛ yɛsen afoforo? Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya ɔsomafo Paulo adwene no bi. Ɔka kyerɛɛ ne mfɛfo Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ, ‘wɔnnyɛ ananafo ne ahɔho bio, na mmom wɔyɛ Onyankopɔn fiefo.’ (Efe. 2:19) Sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yebenya wɔn a ɛsono baabi a wofi ho adwempa a, akyinnye biara nni ho sɛ, ɛbɛboa yɛn ma yɛahyɛ nipasu foforo no.​—Kol. 3:10, 11. w16.10 1:9

Benada, July 17

Ɔkenkan ne mmara dwinnwen ho awia ne anadwo.​—Dw. 1:2.

Yehowa ayi ne yam ama yɛn nsa aka n’Asɛm Bible no sɛnea ɛbɛboa yɛn ama yɛn gyidi akɔ so ayɛ den. Sɛ yebenya “anigye” na ‘awie yɛn yiye’ a, ɛsɛ sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no bere nyinaa. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ yɛkenkan no da biara da. (Dw. 1:1-3; Aso. 17:11) Afei, ɛsɛ sɛ yesuasua Yehowa asomfo a wɔtenaa ase ansa na Kristo reba no. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ yedwinnwen Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow ho, na yɛyɛ nneɛma a ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ. Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so ma yɛn honhom fam aduan pii. (Mat. 24:45) Sɛ yɛkyerɛ honhom fam aduan a Yehowa ma yɛn nsa ka no ho anisɔ a, yɛbɛyɛ sɛ tetefo a wɔsom Yehowa a na wɔwɔ ‘awerɛhyem a wɔde twɛn’ Ahenni ho anidaso no. (Heb. 11:1) Ade foforo nso a ɛboae paa maa adansefo a wɔtenaa ase ansa na Kristo reba no gyidi kɔɔ so yɛɛ den ne mpaebɔ. Bere a wohui sɛ Onyankopɔn tie wɔn mpaebɔ no, wɔn gyidi yɛɛ den.​—Neh. 1:4, 11; Dw. 34:4, 15, 17; Dan. 9:19-21. w16.10 3:7, 8

Wukuda, July 18

Sɛ . . . mewɔ gyidi nyinaa ma mitumi tutu mmepɔw, na minni dɔ a, mensɛ hwee.​—1 Kor. 13:2.

Bere bi, obi bisaa Yesu sɛ: “Mmara no mu ahyɛde bɛn na ɛyɛ kɛse?” Bere a Yesu rema ho mmuae no, osii so dua sɛ ɔdɔ a yɛbɛdɔ Onyankopɔn ne ade a ɛho hia sen biara. (Mat. 22:35-40) Esiane sɛ gyidi ne ɔdɔ nyinaa ho hia nti, na Bible akyerɛwfo a wɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no taa de ne mmienu bom ka asɛm. Wɔde ne mmienu nyinaa dii dwuma wɔ kasamũ anaa kasasin baako mu mpɛn pii. Paulo ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ ‘wɔnhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo.’ (1 Tes. 5:8) Yohane kyerɛwee sɛ: “[Onyankopɔn ahyɛde] no ara ni, sɛ yennya gyidi wɔ ne Ba Yesu Kristo din mu na yɛnnodɔ yɛn ho.” (1 Yoh. 3:23) Ɛwom sɛ gyidi ho hia de, nanso sɛ daakye Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow ne nneɛma a Kristofo rehwɛ kwan no nyinaa bam a, ɛho renhia sɛ yenya saa bɔhyɛ ahorow no mu gyidi bio. Nanso, ɔdɔ kɛse a ehia sɛ yenya ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa de, ɛto rentwa da. Enti, Paulo kyerɛwee sɛ: “Seesei nneɛma abiɛsa yi na ɛwɔ hɔ, gyidi, anidaso, ɔdɔ; na nea ɛyɛ kɛse wom ne ɔdɔ.”​—1 Kor. 13:13. w16.10 4:15-17

Yawda, July 19

Asafo ahorow no kɔɔ so yɛɛ den gyidi mu.​—Aso. 16:5.

Anuanom a akwankyerɛ kuw no somaa wɔn no de “mmara a asomafo no ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem asi ho gyinae no maa wɔn.” (Aso. 16:4) Bere a asafo ahorow no dii saa mmara no so no, “asafo ahorow no kɔɔ so yɛɛ den gyidi mu na wɔn dodow kɔɔ anim daa.” Ɛnnɛ, sɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no de akwankyerɛ ma yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Yehowa Asɛm no ka sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ osetie na yɛbrɛ yɛn ho ase. (Deut. 30:16; Heb. 13:7, 17) Ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia akwankyerɛ a efi Onyankopɔn ahyehyɛde no hɔ anaa yɛtew so atua, efisɛ suban a ɛte saa no betumi asɛe ɔdɔ, asomdwoe, ne baakoyɛ a ɛwɔ asafo no mu no. Nokwasɛm ne sɛ, Kristoni a odi nokware biara nni hɔ a ɔbɛyɛ n’adwene sɛ ɔbɛda Diotrefe subammɔne no bi adi. Ná Diotrefe yɛ aniammɔho, na na ontie Yehowa akwankyerɛ. (3 Yoh. 9, 10) Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Ɛyɛ a meboa me nuanom mmarima ne mmea ma wodi Yehowa nokware? Sɛ anuanom a wodi anim no de akwankyerɛ bi ma a, ɛyɛ a meyɛ ntɛm gye tom de yɛ adwuma?’ w16.11 2:10, 11

Fida, July 20

Monhwehwɛ asomdwoe mma kurow a mama moakɔyɛ nkoa wɔ hɔ no.​—Yer. 29:7.

Yudafo a wɔkɔɔ nkoasom mu a wotiee Onyankopɔn asɛm no nyaa asetena pa kakra wɔ Babilon. Babilonfo no maa Yudafo no kwan maa wɔn ankasa totoo wɔn asetenam nneɛma pii. Ná Yudafo a wɔwɔ nkoasom mu no tumi kɔ baabiara a wɔpɛ wɔ Babilon man no mu. Tete no, na Babilon yɛ aguadi ne nnwuma asoɛe. Kyerɛwtohɔ a wɔahu kyerɛ sɛ Yudafo no pii suaa aguadi wɔ hɔ, na afoforo nso bɛyɛɛ adwumfo a wonim adwuma paa. Yudafo no binom mpo bɛyɛɛ adefo. Ná Babilon nkoasom mu a Yudafo no wɔ no nte sɛ nkoasom mu a Israelfo no kɔe wɔ Egypt mfe pii a na atwam no. (Ex. 2:23-25) Nanso yemmisa sɛ, ná da bi bɛba a Israelfo no betumi asan asom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so? Saa bere no de, na ɛte sɛ nea ɛrentumi nyɛ yiye, efisɛ na Babilonfo nnyae nnipa a wɔde wɔn ayɛ nkoa da. Nanso, na Yehowa ahyɛ ne nkurɔfo bɔ sɛ obegye wɔn, na ogyee wɔn nso. Onyankopɔn bɔhyɛ bam bere nyinaa.​—Yes. 55:11. w16.11 4:3, 5

Memeneda, July 21

Yɛawu ama bɔne.​—Rom. 6:2.

Ná saa Kristofo no da so ara te ase wɔ asase so, enti na ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi aka saa asɛm no afa wɔn ho? Onyankopɔn de agyede no boaa Paulo ne afoforo a na wɔwɔ Paulo bere so no. Enti Yehowa de wɔn bɔne firii wɔn, ɔde honhom kronkron sraa wɔn, na ɔma wɔbɛyɛɛ ne honhom fam mma. Afei wobenyaa anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro. Sɛ na wodi nokware kosi ase a, na wɔne Kristo bɛtena soro na wɔne no adi ade. Nanso bere a na wɔda so ara te ase na wɔresom Onyankopɔn wɔ asase so mpo no, na Paulo betumi aka wɔn ho asɛm sɛ ‘wɔawu ama bɔne.’ Paulo de Yesu yɛɛ nhwɛso. Ɔkyerɛɛ mu sɛ, bere a Yesu rewu no na ɔyɛ onipa, nanso wonyanee no kɔɔ soro sɛ honhom abɔde a ɔwɔ nkwa a owu nnim. Ná owu nni Yesu so tumi bio. Saa ara na Kristofo a wɔasra wɔn no nso, ná wobetumi aka sɛ ‘wɔawu ama bɔne, na wɔte ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu.’ (Rom. 6:9, 11) Ná wɔn asetena asesa koraa. Ná wonnni wɔn akɔnnɔ bɔne akyi bio. Ná wɔawu ama wɔn kan abrabɔ no. w16.12 1:9, 10

Kwasida, July 22

Adwene a esi honhom nneɛma so yɛ nkwa ne asomdwoe.​—Rom. 8:6.

Sɛ wɔka sɛ yɛmfa yɛn ‘adwene nsi honhom nneɛma so’ a, ɛnkyerɛ sɛ Bible nkutoo na ɛsɛ sɛ obi dwen ho na ɔka ho asɛm. Saa ara nso na ɛnkyerɛ sɛ Onyankopɔn ho dɔ ne daakye ho anidaso a ɔwɔ nkutoo na ɛsɛ sɛ odwen ho na ɔka ho asɛm. Momma yɛnkae sɛ, na Paulo ne afoforo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so a na wɔyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani no yɛ nneɛma a nnipa yɛ no daa no bi. Wodidi nomee. Wɔn mu pii waree woo mma, na wɔyɛɛ adwuma de hwɛɛ wɔn ho. (Mar. 6:3; 1 Tes. 2:9) Ɛwom sɛ Paulo yɛɛ nneɛma a nnipa yɛ no daa no bi de, nanso saa nkurɔfo a na wɔsom Onyankopɔn no amma nneɛma a wɔyɛ no daa no ammɛyɛ ade titiriw a wɔyɛ wɔ wɔn asetena mu. Bere a Kyerɛwnsɛm no kae sɛ Paulo yɛ adwuma sɛ ntamadanyɛfo akyi no, ɛkyerɛɛ adwuma titiriw a na ɔyɛ: Nea ɔde n’adwene sii so paa ne asɛmpaka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma a na Kristofo yɛ no. (Aso. 18:2-4; 20:20, 21, 34, 35) Asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no na Paulo hyɛɛ ne nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ Roma no nkuran sɛ wɔnyɛ. Nokwasɛm ne sɛ, Paulo de n’adwene sii honhom fam nneɛma so. Ná ɛsɛ sɛ anuanom a wɔwɔ Roma asafo no mu suasua no, na saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yesuasua no.​—Rom. 15:15, 16. w16.12 2:5, 15, 16

Dwoda, July 23

Nea ɔdom ɔbrɛfo no de fɛm Yehowa, na nea ɔde ama no, Obetua no ka.​—Mmeb. 19:17.

Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ani sɔ mmɔden biara a yɛbɔ sɛ yɛbɛsom no no. Sɛ ebia yɛn adwene nsi yɛn pi wɔ nneɛma bi ho anaa yenhu nea yɛnyɛ a, ɔte yɛn ase. Sɛ yɛn ho kyere yɛn wɔ sikasɛm mu, yɛyare, anaa yɛn abam bu ma enti yentumi nyɛ ɔsom adwuma no pii a, ɔte yɛn ase. Yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ Yehowa ani sɔ mmɔden a n’asomfo rebɔ sɛ wobedi no nokware no. (Heb. 6:10, 11) Ɛsɛ sɛ yɛkae nso sɛ, yebetumi akɔ “mpaebɔ Tiefo” no anim na yɛanya awerɛhyem sɛ obetie yɛn sufrɛ. (Dw. 65:2) “Ahummɔbɔ Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no bɛhyɛ yɛn den na waboa yɛn ma yɛakɔ so abɛn no. Ebia ɔnam yɛn mfɛfo asomfo so na ɔbɛboa yɛn. (2 Kor. 1:3) Sɛ yehu afoforo mmɔbɔ a, ɛka Yehowa koma paa. (Mat. 6:3, 4) Na wahyɛ bɔ sɛ obetua yɛn ka wɔ ayamye a ɛte saa a yɛda no adi no ho. w16.12 4:13, 14

Benada, July 24

Faako a Yehowa honhom wɔ no, ahofadi wɔ hɔ.​—2 Kor. 3:17.

Bere a Yesu baa asase so no, wamfa n’ahofadi no anyɛ nea Satan pɛ. Bere a Ɔtamfo kɛse no sɔɔ no hwɛe no, ɔpoe. (Mat. 4:10) Ade rebɛkye ama Yesu awu no, ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae denneennen sɛ ɔmmoa no mma ɔnyɛ n’apɛde. Ɔkae sɛ: “Agya, sɛ wopɛ a, yi kuruwa yi fi me so. Nanso, ɛnyɛ me pɛ, na mmom ma wo pɛ nyɛ.” (Luka 22:42) Momma yensuasua Yesu na yɛmfa ahofadi a Yehowa de ama yɛn no nyɛ n’apɛde na ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam! Wei boro yɛn so anaa? Dabi. Ɛmmoro yɛn ahoɔden so; yebetumi asuasua Yesu. Efisɛ yɛn nso, Onyankopɔn bɔɔ yɛn ne suban so. (Gen. 1:26) Nanso ahofadi a yɛwɔ no, ɛnyɛ biribiara na yebetumi de ayɛ. Yehowa nko ara na ɔde ne ho korakora; nea ɔpɛ biara otumi yɛ. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ, yɛn ahofadi wɔ baabi a ekosi. Ɛno nti sɛ Yehowa ka biribi a, ɛsɛ sɛ yedi so pɛpɛɛpɛ. Sɛ yɛba abusua mu sei a, Yehowa aka akyerɛ ɔyerenom sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ wɔn kununom ase. Mmofra nso, ɔka sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase mma wɔn awofo.​—Efe. 5:22; 6:1. w17.01 2:4, 5

Wukuda, July 25

‘Meka kyerɛ mo mu biara sɛ ommmu ne ho nntra nea ɛsɛ.’​—Rom. 12:3.

Bere a yɛte mu yi, nneɛma sesa ntɛmntɛm. Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no mu retrɛw wɔ akwan pii so. Nkɔanim nso deɛ, ɛne nsakrae na ɛnam. Sɛ nsakrae yi bi ka yɛn a, ɛnna fam. Nanso sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛde nea Yehowa pɛ di kan a, ɛbɛboa yɛn. Yɛyɛ saa a, ɛde koroyɛ ba. Paulo kyerɛw Kristofo a wɔwɔ Roma no sɛ: “Sɛnea yɛwɔ akwaa bebree wɔ nipadua koro mu, na akwaa no nyinaa nni dwuma koro no, saa ara na yɛn nso, ɛwom sɛ yɛdɔɔso de, nanso yɛyɛ nipadua koro wɔ Kristo mu.” (Rom. 12:4, 5) Sɛ yɛn tebea te sɛn oo, sɛ ɛte sɛn oo, momma yɛn nyinaa nyɛ adwuma mfa mmoa Yehowa Ahenni no. Anuanom a mo mfe akɔ anim, montete mmerante. Anuanom mmerante nso, sɛ yɛde asɛyɛde hyɛ mo nsa a, munso mu, mommrɛ mo ho ase, na mummu wɔn a wɔn mfe akɔ anim no. Mmea awarefo nso, munsua Akwila yere Priskila. Bere a wɔn tebea sesae no, wanyi ne kunu baako anhyɛ ne nsa; ɔbataa ne ho denneennen.​—Aso. 18:2. w17.01 5:15, 16

Yawda, July 26

Mene akumaa.​—Atem. 6:15.

Gideon kyerɛɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase paa. Bere a Gideon gye toom sɛ ɔbɛyɛ adwuma a Yehowa de ahyɛ ne nsa no, ɔhwɛ hui sɛ ɔte nea na ɛsɛ sɛ ɔyɛ no ase paa. Enti ɔde ne ho too Yehowa so hwehwɛɛ akwankyerɛ. (Atem. 6:36-40) Ná Gideon nyɛ ohufo, na ɔwɔ akokoduru. Nanso wampere ne ho anyɛ biribiara, mmom ɔde anifere yɛɛ adwuma no. (Atem. 6:11, 27) Wamfa hokwan a onyae no ampɛ anuonyam. Mmom bere a owiee n’adwuma no, ɔsan kɔɔ ne fie. (Atem. 8:22, 23, 29) Sɛ yɛwɔ ahobrɛase a, ɛno nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛpere sɛ yebenya ɔsom hokwan foforo. Kyerɛwsɛm no hyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yennya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. (1 Tim. 4:13-15) Nanso wei kyerɛ sɛ bere nyinaa ɛsɛ sɛ wɔma yɛn dwumadi foforo anaa? Ɛnte saa ankasa. Yehowa betumi aboa yɛn ma yɛanya nkɔso wɔ ɔsom hokwan biara a yɛwɔ mu. Yebetumi akɔ so de yɛn dom akyɛde ayɛ adwuma na yɛayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu nso. w17.01 3:15, 16

Fida, July 27

Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa ne so nnya nkwa.​—1 Yoh. 4:9.

Agyede no a Yehowa de mae no ma ɔhweree ade kɛse paa. (1 Pet. 1:19) Nnipa nkwa som bo paa ma Yehowa ma enti ofii ne pɛ mu maa ne Ba a ɔwoo no koro no bewu maa yɛn. Ɔkwan bi so no, Yesu abesi yɛn agya a odi kan a ɔne Adam ananmu. (1 Kor. 15:45) Ɛnyɛ daa nkwa nko ara na Yesu afɔrebɔ no bɛma yɛanya. Ɔnam afɔre a ɔbɔe no so ama hokwan abue sɛ daakye yɛbɛsan abɛyɛ Onyankopɔn abusua no mufo. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa betumi agyina afɔre a Yesu bɔe no so asan agye nnipa aba n’abusua no mu a ɔremmu ne gyinapɛn a ɛteɛ no so. Sɛ wudwinnwen bere a nnipa anokwafo nyinaa bɛyɛ pɛ no ho a, w’ani nnye anaa? Baakoyɛ a edi mũ bɛba Yehowa abusua a ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so no ntam. Saa bere no na yɛn nyinaa bɛyɛ Onyankopɔn mma ankasa. (Rom. 8:21) Ɛsɛ sɛ agyede no ho anisɔ a yɛwɔ no kanyan yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛma afoforo ahu sɛ wobetumi anya saa akyɛde a ɛsom bo no so mfaso. w17.02 1:17, 19

Memeneda, July 28

‘Hena koraa ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma?’​—Mat. 24:45.

July 15, 2013, Ɔwɛn-Aban no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no yɛ Kristofo mmarima kakraa bi a wɔasra wɔn, na wɔn na wɔbom yɛ Akwankyerɛ Kuw no. Akwankyerɛ Kuw no mufo bom sisi gyinae a ɛho hia. Wɔyɛ no sɛn? Nnawɔtwe biara wohyiam, na ɛno ma wotumi susuw nsɛm ho na ɛboa ma baakoyɛ tena wɔn mu. (Mmeb. 20:18) Esiane sɛ Akwankyerɛ Kuw no mufo mmu wɔn mu biara sɛ ɔkyɛn wɔn a wɔaka no nti, afe biara wɔsesa nea ɔyɛ guamtenani wɔ wɔn nhyiam ase no. (1 Pet. 5:1) Akwankyerɛ Kuw no boayikuw nsia no mu biara nso sesa wɔn guamtenani afe biara. Kuw no muni biara bu ne ho sɛ ɔka ‘asomfo’ a akoa nokwafo no ma wɔn aduan no ho, na ɔhyɛ akoa nokwafo no ase. Wɔn mu biara mmu ne ho sɛ ɔyɛ ɔkannifo wɔ ne nuanom mu. Akwankyerɛ Kuw no nka sɛ honhom kronkron nam wɔn so kasa, na saa ara nso na wɔnka sɛ wontumi nni mfomso. Ɛno nti, sɛ Akwankyerɛ Kuw no rekyerɛkyerɛ Bible mu asɛm bi mu anaa wɔde akwankyerɛ bi rema wɔ ahyehyɛde no mu a, wobetumi adi mfomso. w17.02 4:10-12

Kwasida, July 29

[Onyankopɔn] ankame n’ankasa ne Ba mpo, na mmom yɛn nyinaa nti ɔde no mae.​—Rom. 8:32.

Ɔkwan titiriw bi wɔ hɔ a yebetumi afa so akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ agyede no. Ɛne sɛ yebegyina agyede no mu gyidi a yɛanya so ahyira yɛn ho so ama Yehowa na yɛabɔ asu. Sɛ yɛbɔ asu a, ɛma ɛda adi sɛ “yɛyɛ Yehowa dea.” (Rom. 14:8) Biribiara a Yehowa yɛ no, ɔdɔ na ɛka no ma ɔyɛ. Enti ɔpɛ sɛ n’asomfo nyinaa da ɔdɔ adi wɔ biribiara a wɔyɛ mu. (1 Yoh. 4:8-11) Sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko a, ɛkyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ “[yɛn] Agya a ɔwɔ soro no mma.” (Mat. 5:43-48) Ahyɛde a ɛne sɛ yɛnnɔ Yehowa no ne ahyɛde a ɛsen biara, na nea edi hɔ ne nea ɛka sɛ yɛnnɔ yɛn yɔnko sɛ yɛn ho no. (Mat. 22:37-40) Nea yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko ne sɛ yebetie ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. Sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko nnipa a, na yɛreda Onyankopɔn anuonyam adi. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yetie ahyɛde a ɛne sɛ yɛnnɔ afoforo, titiriw yɛn nuanom no a, na ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no ‘awie pɛyɛ wɔ yɛn mu.’​—1 Yoh. 4:12, 20. w17.02 2:13, 14

Dwoda, July 30

Sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn a, munni n’akyi, na sɛ Baal nso a, munni n’akyi.​—1 Ahe. 18:21.

Esiane sɛ nyansa wom na mfaso wɔ so paa sɛ yɛbɛsom Yehowa bere nyinaa nti, anhwɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ Israelfo no den sɛ wobesi saa gyinae no. Nokwasɛm ne sɛ, na ɛnsɛ sɛ onipa biara a n’adwenem da hɔ ani gye ho sɛ ɔbɛsom Baal anaasɛ ɔde ne ho bɛbɔ Baal. Nanso, na Israelfo no ‘rehinhim nsɛm abien ntam.’ Enti nyansa wom sɛ Elia hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ Yehowa som a ɛno ne ɔsom a eye sen biara no mu. Adɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ den paa maa Israelfo no sɛ wobesi gyinae a nyansa wom? Nea edi kan ne sɛ, na Yehowa mu gyidi a wɔwɔ no asa, na wɔantie Yehowa nso. Ná wonni nokware nimdeɛ a edi mũ anaa ɔsoro nyansa; saa ara nso na na wonni Yehowa mu ahotoso. Sɛ na wɔwɔ nokware nimdeɛ a, anka ɛbɛboa wɔn ama wɔasisi gyinae a nyansa wom. (Dw. 25:12) Afei nso, Israelfo no suasuaa asase no sofo a na wɔnsom Yehowa no, na ɛma wokodii saa abosonsomfo no akyi. Ná Yehowa fi bere tenten abɔ Israelfo no kɔkɔ sɛ biribi a ɛte saa betumi ato wɔn.​—Ex. 23:2. w17.03 2:6, 7

Benada, July 31

‘Hesekia bubuu kɔbere ɔwɔ a Mose yɛe no pasaa.’​—2 Ahe. 18:4.

Sɛ yedwinnwen Hesekia asɛm no ho a, ebia yebehu biribi a ɛresɛe yɛne Onyankopɔn ntam anaa ɛmma yentumi mfa yɛn adwene nsi nokware som so a ehia sɛ yeyi fi hɔ. Ɛda adi pefee sɛ, yɛmpɛ sɛ yesuasua nnipa a wɔwɔ wiase no mu no. Wɔn de, wɔnam Intanɛt so nkitahodi (anaa social media) so de nidi a ɛtra so ma nnipa bi ma wɔbɛyɛ te sɛ anyame. Ɛwom, ebia Kristofo binom ani begye ho sɛ wɔbɛfa Intanɛt so dwumadi a ɛte saa so ne wɔn mmusua anaa wɔn nnamfo paa adi nkitaho. Nanso wiase no mu de, nnipa pii de Intanɛt so nkitahodi a ɛte saa no yɛ adwuma tra so. Wobɛhwɛ no, na wɔde wɔn adwene nyinaa di mmarima ne mmea a wonnim wɔn mpo akyi. Anaa wɔsɛe bere pii hwɛ nnipa a wɔte saa no mfonini, anaasɛ wɔkenkan wɔn ho nsɛm. Wei betumi ama nneɛma a ɛho nhia agye wɔn adwene. Sɛ Kristoni bi de nneɛma gu social media so na nnipa pii hwɛ kenkan a, ebetumi mpo ama wayɛ ahomaso. Saa ara nso na sɛ ohu sɛ nnipa pii agyae akyi di a, ebetumi ama ne bo afuw. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Mehwɛ yiye sɛ meremfa nidi ntraso mma nnipa na amma wɔammɛyɛ sɛ anyame bi? Bere a anka metumi de ayɛ adepa no, mehwɛ yiye sɛ merensɛe no wɔ nneɛma a ɛho nhia ho anaa?’​—Efe. 5:15, 16. w17.03 3:14, 17

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena