June
Fida, June 1
Mede no bɛbɔ ɔhyew afɔre.—Atem. 11:31.
Ná Yefta di ne ba no bakoro; enti na Yefta rennya obi a ɔbɛto no badin na wadi n’ade. (Atem. 11:34) Ɛno mpo no, Yefta fi ne komam kae sɛ: “Manya abue m’ano ahyɛ Yehowa bɔ, enti mintumi nsan m’akyi.” (Atem. 11:35) Yehowa ani sɔɔ afɔre kɛse a Yefta bɔe no na ohyiraa no. Sɛ ɛyɛ wo a, anka wubetumi adi nokware te sɛ Yefta? Bere a yehyiraa yɛn ho so maa Yehowa no, yɛhyɛɛ bɔ sɛ nea ebesi biara yɛbɛyɛ n’apɛde. Ná yenim sɛ ɛtɔ mmere bi a ɛbɛyɛ den sɛ yebedi saa bɔhyɛ no so. Nanso sɛ yɛka sɛ yɛnyɛ biribi a yɛn ani nnye ho a, dɛn na yɛbɛyɛ? Sɛ yɛma yɛn adwene si yɛn pi na yefi yɛn komam tie Onyankopɔn a, ɛkyerɛ sɛ yedi yɛn bɔhyɛ so. Ebia ɛbɛyɛ den sɛ yɛde nneɛma bi bɛbɔ afɔre, nanso sɛ yetumi bɔ a, Yehowa hyira yɛn pii.—Mal. 3:10. w16.04 1:11, 14, 15
Memeneda, June 2
Ma nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no.—Adi. 2:7.
Yesu ma honhom kronkron kyerɛ asafo ahorow no kwan. Honhom kronkron betumi aboa yɛn ma yɛadi nkonim wɔ sɔhwɛ mu na yɛde akokoduru aka asɛmpa no. Ebetumi nso aboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara kɔ asafo nhyiam ma Onyankopɔn honhom kronkron boa yɛn. Yɛtaa susuw Bible nkɔmhyɛ a abam ho. Wei boa yɛn ma yenya awerɛhyem paa sɛ ɛbɔ a Yehowa ahyɛ biara bɛbam. Yɛn nuanom ma kasa ahorow de hyɛ yɛn nkuran. Saa ara na nnwom a wofi wɔn komam to de yi Yehowa ayɛ, ne mmuae a wɔma nso hyɛ yɛn nkuran. (1 Kor. 14:26) Sɛ yɛne wɔn bɔ nkɔmmɔ ansa na yɛafi nhyiam no ase na yɛne wɔn bɔ bere a yɛapɔn nso a, ɛma yɛn ani gye. Yehu sɛ yɛwɔ nnamfo pii a wodwen yɛn ho paa.—1 Kor. 16:17, 18. w16.04 3:6, 7
Kwasida, June 3
‘Monyɛ aman nyinaa m’asuafo.’—Mat. 28:19.
Yesu kyerɛɛ baabi a yɛbɛka asɛmpa no akodu. Ɔkae sɛ yɛbɛka asɛmpa no “wɔ asase so nyinaa.” (Mat. 24:14) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ “aman nyinaa” asuafo. Ɛkyerɛ sɛ yɛbɛka asɛmpa no wɔ wiase baabiara. Baabi a Yesu kae sɛ yɛbɛka asɛmpa no akodu no, yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ Yehowa Adansefo na ama saa nkɔmhyɛ no aba mu? Momma yensusuw nsɛm bi ho nhwɛ. Asɔreasɔre a ɛwɔ United States no, asɔfo dodow a ɛwɔ mu bɛyɛ 600,000. Nanso Yehowa Adansefo a ɛwɔ hɔ bɛyɛ 1,200,000. Roma Katolek Asɔre a ɛwɔ wiase nyinaa no, emu asɔfo bɛyɛ 400,000. Afei fa toto Adansefo a wɔreka Ahenni no ho asɛmpa no dodow ho hwɛ. Wiase nyinaa, Yehowa Adansefo bɛyɛ ɔpepem nwɔtwe atu wɔn ho ama reka asɛmpa no. Wɔreka asɛm no wɔ nsase 240 so. Wei kyerɛ sɛ Yehowa Adansefo reyɛ adwuma kɛse wɔ wiase, na ne nyinaa de ayeyi ne anuonyam brɛ Yehowa!—Dw. 34:1; 51:15. w16.05 2:13, 14
Dwoda, June 4
Obufufafo hwanyan ntɔkwaw mu, na obiara a ne koko haw no mmarato dɔɔso.—Mmeb. 29:22.
Ɛnnɛ, nnipa a wɔmpɛ sɛ obi kyerɛ wɔn nea wɔnyɛ ahyɛ wiase ma. Wei ama ahantan, pɛsɛmenkominya, ne nitan abu so wɔ wiase. Sɛ obi da saa su yi bi adi a, na wagye asɛm a Satan kae no atom sɛ ɛyɛ papa sɛ obiara yɛ nea ɔno ankasa pɛ. Nnipa a wɔte saa no asɛm ara ne sɛ, yɛ nea wo ho bɛtɔ wo, ɛnyɛ nea amanfo bɛka. (Gen. 3:1-5) Pɛsɛmenkominya a ɛte saa de akasakasa na ɛba. Nanso, Yesu ka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ wɔnhwehwɛ asomdwoe. Sɛ ɛba sɛ wɔhwehwɛ asomdwoe na wɔn ho bɛkyere wɔn mpo a, ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn abam bu. Yesu de sɛnea yesiesie akasakasa ne nneɛma a ebetumi de akasakasa aba ho afotu pa mae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, ɛsɛ sɛ wodwo, na wɔyɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe. Bio nso, ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn bo fuw, ɛsɛ sɛ wosiesie wɔn ntam akasakasa ntɛm, na wɔdɔ wɔn atamfo.—Mat. 5:5, 9, 22, 25, 44. w16.05 1:4, 5
Benada, June 5
Ɔpɛ no de ɛwɔ hɔ, nanso tumi a mede bɛyɛ papa no nni hɔ.—Rom. 7:18.
Yɛn mu pii yɛɛ nsakrae akɛse ansa na yɛrebɔ asu. Yɛyɛɛ saa nsakrae no na ama yɛabɔ yɛn bra sɛnea Bible kyerɛ. Bere a yɛbɔɔ asu wiei no, yehui sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ nsakrae nketenkete na yɛatumi asuasua Onyankopɔn ne Kristo yiye. (Efe. 5:1, 2; 1 Pet. 2:21) Nanso ebia yɛahu sɛ yɛtaa kasa tia nkurɔfo, yesuro nnipa, yedi nkurɔfo ho nseku, anaa yɛwɔ mmerɛwyɛ afoforo bi. Ayɛ den ama wo sɛ wubegyae saa suban yi? Kae sɛ, mfomso da so ara wɔn yɛn ho. (Kol. 3:9, 10) Enti yɛbɔ asu wie tena asafo no mu mfe pii mpo a, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebetumi ayɛ biribiara pɛpɛɛpɛ. Yɛbɛkɔ so ara adi mfomso, anya adwemmɔne ne akɔnnɔ bɔne, na nneɛma bi nso betumi atwe yɛn asan. Saa mmerɛwyɛ no bi betumi agye akongua ne yɛn atena mfe pii.—Yak. 3:2. w16.05 4:3-5
Wukuda, June 6
Nea Yehowa dɔ no na ɔteɛ no so; nokwarem no, obiara a ogye no sɛ ɔba no, ɔhwe no.—Heb. 12:6.
Ebia woate pɛn sɛ obi reka sɛ, ‘Manhu sɛ m’awofo pɛ m’asɛm nti na na wɔteɛ me so kosii sɛ m’ankasa mewoo me mma.’ Sɛ yenya osuahu pii wɔ asetenam a, ebia yebenya nteɛso ho adwene foforo koraa, na ɛbɛma yɛahu nteɛso sɛnea Yehowa hu no no. Yebehu sɛ ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn nti na ɔteɛ yɛn so. (Heb. 12:5, 11) Nokwasɛm ne sɛ, ɔdɔ a Yehowa wɔ ma ne mma nti na ɔtɔ ne bo ase teɛteɛ yɛn. Ɔpɛ sɛ yɛyɛ anyansafo na yɛn ani gye, na yɛn nso yɛdɔ no bi. (Mmeb. 23:15) Ɔmpɛ sɛ yehu amane; na saa ara nso na ɔmpɛ sɛ yewu wɔ yɛn bɔne mu sɛ Adam asefo a wɔyɛ “abufuw mma.” (Efe. 2:2, 3) Esiane sɛ yɛyɛ “abufuw mma” nti, bere bi na yɛyɛ nneɛma pii a Onyankopɔn ani nnye ho, ɛbɛyɛ sɛ ɛtɔ da a, na yɛyɛ yɛn ade mpo sɛ mmoa! Nanso Yehowa anwene yɛn ama yɛasesa; yɛabɛyɛ sɛ nguammaa.—Yes. 11:6-8; Kol. 3:9, 10. w16.06 1:7, 8
Yawda, June 7
Obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase te sɛ abofra kumaa yi ne nea ɔyɛ kɛse ɔsoro ahenni no mu.—Mat. 18:4.
Mmofra dodow no ara ani gye adesua ho, na wɔtaa brɛ wɔn ho ase. (Mat. 18:1-3) Enti ɛsɛ sɛ awofo a wɔn ani da hɔ bɔ mmɔden de nokware no dua wɔn mma adwene ne wɔn koma mu. Ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn mma ma wɔn ani gye nokware no ho fi wɔn mmofraase. (2 Tim. 3:14, 15) Nanso sɛ awofo betumi ayɛ saa a, gye sɛ wodi kan de nokware no dua wɔn ankasa koma mu na wɔde bɔ wɔn bra. Sɛ awofo yɛ saa a, wɔn mma hu sɛ nokware no a wɔn awofo de kyerɛkyerɛ wɔn no, ɛno ara na awofo no nso de bɔ wɔn bra. Bio nso, sɛ awofo teɛ wɔn mma so a, mmofra no hu sɛ ɔdɔ a awofo no ne Yehowa dɔ wɔn nti na wɔreteɛ wɔn so. Sɛnea na Yehowa pɛ Daniel asɛm no, yɛn nso sɛ yɛde ahobrɛase tie Yehowa asɛm na yɛde bɔ yɛn bra a, Yehowa rensi yɛn fam koraa. (Dan. 10:11, 19) Afei nso, Yehowa bɛkɔ so afa n’Asɛm, ne honhom, ne n’ahyehyɛde no so anwene yɛn. w16.06 2:14, 17
Fida, June 8
Mahu Yese ba Dawid, ɔbarima a me koma da no so.—Aso. 13:22.
Ná Yehowa dɔ Dawid, efisɛ na ɔyɛ ɔbarima a ‘ɔda ne koma so.’ (1 Sam. 13:13, 14) Nanso akyiri yi, Dawid ne Bat-Seba sɛee aware maa Bat-Seba faa yafunu. Asɛm yi sii bere a na Bat-Seba kunu Uria wɔ akono. Dawid maa Uria baa fie, na ɔfaa kwan biara so sɛ ɔbɛma Uria ne Bat-Seba akɔda. Ɔyɛɛ saa na ama ayɛ sɛ Uria na ɔyɛ abofra no papa. Nanso Uria anyɛ nea Dawid kae no, enti Dawid bɔɔ pɔw maa wokum Uria wɔ akono. Dawid nyaa bɔne a ɔyɛe no ho asotwe kɛse. Ɔne ne fiefo huu amane. (2 Sam. 12:9-12) Nanso, Onyankopɔn huu no mmɔbɔ, na ɔde ne bɔne kyɛɛ no. Akyiri yi, Bible kaa Dawid ho asɛm sɛ ɔde “koma a edi mũ” nantew Yehowa anim. (1 Ahe. 9:4) Sɛ na woka Onyankopɔn nkurɔfo ho saa bere no a, anka wobɛyɛ dɛn? Anka wobɛma bɔne a Dawid yɛe no ato wo hintidua anaa? w16.06 4:7
Memeneda, June 9
Monkɔ so nhwɛ, monkɔ so nwɛn, efisɛ munnim bere a wɔahyɛ no.—Mar. 13:33.
Yɛn Yehowa Adansefo de, yɛfa Yesu kɔkɔbɔ no aniberesɛm paa. Yenim sɛ yɛadu akyiri wɔ “awiei bere no” mu, na ɛrenkyɛ na “ahohiahia kɛse” no afi ase! (Dan. 12:4; Mat. 24:21) Yehu sɛ akodi a ɛyɛ hu, ɔbrasɛe ne amumɔyɛ redɔɔso, na nyamesom ama nkurɔfo adwene atu afra. Saa ara na aduankɔm, ɔyaredɔm, ne asasewosow nso rekɔ so wɔ wiase nyinaa. Yehowa nkurɔfo reyɛ Ahenni asɛmpaka adwuma bi a wɔnyɛɛ bi saa da wɔ baabiara. (Mat. 24:7, 11, 12, 14; Luka 21:11) Sɛnea Awurade mmae no bɛma Onyankopɔn atirimpɔw abam, ne nea ɛbɛyɛ ama yɛn no, yɛde anigye rehwɛ kwan denneennen. (Mar. 13:26, 27) Nanso, sɛ yɛyere yɛn ho sɛ dɛn koraa a, afe pɔtee a ahohiahia kɛse no befi ase mpo yentumi nkyerɛ, na kampɛsɛ yɛakyerɛ ɛda ne dɔn no. w16.07 2:2-4
Kwasida, June 10
Momma yɛmfa ahotoso mmra adom ahengua no anim.—Heb. 4:16.
Yehowa adom nti, yɛnam mpaebɔ so tumi kɔ ne soro ahengua no anim. Yehowa nam ne Ba no so ama yɛanya saa hokwan yi. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Ɔno so na yɛnam kasa nnam so, na yɛnam ne mu gyidi a yɛwɔ no so tumi kɔ Onyankopɔn anim ahotoso mu.” (Efe. 3:12) Anokwa, Yehowa adom yɛn paa sɛ wama yetumi kɔ n’anim wɔ mpaebɔ mu! Paulo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa ahotoso nkɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu “na yɛanya mmɔborɔhunu na yɛahu adom a ɛbɛboa yɛn bere a ɛsɛ mu.” (Heb. 4:16b) Bere biara a yebehyia sɔhwɛ anaa nneɛma nkɔ yiye wɔ yɛn abrabɔ mu no, yebetumi asu afrɛ Yehowa sɛ onhu yɛn mmɔbɔ na ɔmmoa yɛn. Ɛwom sɛ yɛyɛ abɔnefo de, nanso otie yɛn sufrɛ. Mpɛn pii no, ɔnam yɛn mfɛfo Kristofo so na ɛboa yɛn. Ɛba saa a, “ɛma yenya akokoduru ka sɛ: ‘Yehowa ne me boafo; merensuro. Dɛn na onipa betumi ayɛ me?’”—Heb. 13:6. w16.07 3:12, 13
Dwoda, June 11
‘Sara tiee Abraham na ɔfrɛɛ no “me wura.” Na moabɛyɛ ne mma.’—1 Pet. 3:6.
Ɛwom sɛ Noa ne ne mmabarima baasa no mu biara waree yere baako de, nanso tete no, na mmarima tumi ware yerenom pii. Wɔ mmeae pii no, nkurɔfo de wɔn ho hyɛɛ nna mu ɔbrasɛe mu, na wɔde kaa wɔn som mu amanne ho mpo. Bere a Abram (Abraham) ne ne yere Sarai (Sara) tiee Onyankopɔn asɛm na wotu kɔɔ Kanaan no, na ɛhɔfo de wɔn ho ahyɛ ɔbrasɛe mu araa ma na wɔmfa aware nyɛ hwee. Esiane sɛ na Sodomfo ne Gomorafo de wɔn ho ahyɛ aguamammɔ mu anaasɛ wɔfoa so nti, Yehowa ma wɔsɛee saa nkurow no. Nanso, Abraham de, ɔhwɛɛ n’abusua so yiye. Sara nso brɛɛ ne ho ase maa ne kunu de yɛɛ nhwɛso pa. (1 Pet. 3:3-5) Abraham hwɛ maa ne ba Isak waree obi a ɔsom Yehowa. Saa ara na Isak nso maa ne ba Yakob waree obi a ɔsom Yehowa. Yakob mma na wɔbɛyɛɛ Israel mmusuakuw 12 no agyanom. w16.08 1:10
Benada, June 12
Nea ɔyɛ ketewa koraa no bɛdan apem na nea osua adan ɔman kɛse.—Yes. 60:22.
Saa nkɔmhyɛ no renya mmamu wɔ nna a edi akyiri yi mu. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, afe 2015 ɔsom afe no mu no, Ahenni adawurubɔfo 8,220,105 na wɔde nsi ne ahokeka kaa asɛmpa no wɔ wiase nyinaa! Ɛsɛ sɛ Kristoni biara ma saa nkɔmhyɛ no fã a etwa to no ho hia no, efisɛ yɛn soro Agya no ka sɛ: “Me Yehowa, mɛyɛ no ntɛm wɔ ne bere mu.” Ɛte sɛ nea yɛte kar bi a ɛremia ne mmirika mu. Yehu sɛ asuafoyɛ adwuma no renya nkɔso ntɛmntɛm. Dɛn na yɛn mu biara reyɛ wɔ saa nkɔso no ho? So yɛreyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛyɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔyɛ nsi? Anuanom mmarima ne mmea pii resom sɛ daa akwampaefo anaa akwampaefo aboafo. Sɛ yehu sɛ anuanom bebree atu akɔ mmeae a wohia adawurubɔfo pii, anaa wɔreboa ɔsom adwuma no afã foforo a, yɛn ani nnye anaa? Sɛ yɛyɛ anuanom mmarima oo, sɛ yɛyɛ anuanom mmea oo, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ‘yɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu.’—1 Kor. 15:58. w16.08 3:1, 2
Wukuda, June 13
Yehowa nsa nyɛ tiaa sɛ ebegye nkwa.—Yes. 59:1.
Bere a Onyankopɔn faa anwonwakwan so gyee Israelfo fii nkoasom mu wɔ Egypt no, ankyɛ koraa na Amalekfo bɛtow hyɛɛ wɔn so. Mose ka kyerɛɛ Yosua a ɔyɛ ɔkokodurufo no sɛ onni Israelfo no anim wɔ ɔko no mu. Afei Mose ne Aaron ne Hur kɔtenaa koko bi so wɔ baabi a ɛbɛn beae a na wɔreko no. Bere a wɔte koko no so no, na wotumi hu baabi a ɔko no rekɔ so no. Mose de nhyehyɛe bi yɛɛ adwuma maa Israelfo no dii nkonim. Mose maa ne nsa so kɔɔ soro a na okura nokware Nyankopɔn no poma. Nea ɛbae ne sɛ, sɛ Mose ma ne nsa so kɔ soro a, na Yehowa ama Israelfo no redi Amalekfo no so nkonim. Nanso sɛ Mose nsa gyene na ɔde ba fam a, na Amalekfo no mmom redi nkonim. Aaron ne Hur yɛɛ ntɛm ‘faa ɔbo de Mose tenaa so, na wosusoo ne nsa mu, obiako wɔ benkum na obiako wɔ nifa, na ne nsa mu angow kosii sɛ owia kɔtɔe.’ Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn nsa a ɛyɛ den no na ɛmaa Israelfo no dii nkonim wɔ ɔko no mu.—Ex. 17:8-13. w16.09 1:5-7
Yawda, June 14
Bere a mepɛ sɛ meyɛ nea ɛteɛ no, bɔne na ɛwɔ me ho.—Rom. 7:21.
Ná Paulo gye di paa sɛ, sɛ ɔbɔ mpae de ne ho to Yehowa so na onya Yesu agyede afɔre no mu gyidi a, apereperedi a ɛrekɔ so wɔ ne mu no, obetumi adi so nkonim. Na yɛn nso ɛ? Sɛ yɛyere yɛn ho ko tia ɔhonam mmerɛwyɛ a, yebetumi adi nkonim. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho to yɛn ho so. Mmom, ɛsɛ sɛ yesuasua Paulo na yɛde yɛn ho to Yehowa so koraa, na yenya agyede no nso mu gyidi. Ɛtɔ da a, Onyankopɔn ma yɛkyerɛ sɛnea asɛm bi ho hia yɛn fa. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɛba sɛ yɛn ankasa (anaa yɛn busuani bi) yare paa, anaa wɔabu yɛn atɛnkyea bi a, dɛn na yɛbɛyɛ? Sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso paa a, yɛbɛkotow asrɛ no sɛ ɔnhyɛ yɛn den ma yɛnkɔ so nni nokware sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so de anigye asom no, na yɛne ne ntam akɔ so ayɛ kama. (Filip. 4:13) Sɛ yɛhwɛ osuahu a nnipa pii nyae wɔ Paulo bere so ne nea nnipa pii anya nnɛ a, ɛma yehu sɛ mpaebɔ betumi ahyɛ yɛn den, na ebetumi ama yɛanya ahotoso de agyina sɔhwɛ ano. w16.09 2:14, 15
Fida, June 15
Yudafo a wɔka Hela kasa no nwiinwii hyɛɛ Yudafo a wɔka Hebri kasa no.—Aso. 6:1.
Bere a tete Kristofo asafo no renyin no, nnipa mu nyiyim ho asɛm bi sɔree. Yudafo a wɔka Hela kasa no nwiinwii sɛ wɔnhwɛ wɔn akunafo yiye. Nea ɛbɛyɛ na wɔasiesie asɛm no, asomafo no paw mmarima nson sɛ wɔnhwɛ ma obiara nnya nea ohia. Ná saa mmarima no nyinaa kura Helafo din. Enti ebetumi aba sɛ na asomafo no pɛ sɛ woyi baabi a obi fi ho wontwiwontwi biara a ɛbɛyɛ sɛ na ɛwɔ tete Kristofo no mu no fi hɔ. (Aso. 6:2-6) Sɛ yenim oo, sɛ yennim oo, yɛn mu biara amammerɛ da ne koma so paa. (Rom. 12:2) Afei nso, ebia yɛte sɛ yɛn afipamfo, wɔn a yɛne wɔn yɛ adwuma, anaa yɛn sukuufo keka wɔn a ɛsono ɔman a wofi mu, wɔn a ɛsono abusua a wofi mu, anaa wɔn a ɛsono wɔn honam ani hwɛbea ho nsɛm bi a ɛmfata. Nsɛm a ɛte saa no, ɛyɛ a ɛka yɛn sɛn? Na sɛ obi de ɔman a yefi mu di yɛn ho fɛw na ebia ɔka yɛn amammerɛ bi ho asɛm gugu mu a, dɛn na yɛyɛ? w16.10 1:7, 8
Memeneda, June 16
[Onyankopɔn] su horow a wonhu no ada adi pefee . . . Wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu.—Rom. 1:20.
Bible ka sɛ: “Gyidi na yɛde hu sɛ wɔnam Onyankopɔn asɛm so na ɛtotoo nneɛma a ɛwɔ wiase no.” (Heb. 11:3) Wei kyerɛ sɛ, yetumi gye biribi di bere a yɛmfaa yɛn ani ankasa nhui. Enti, nnipa a wɔwɔ nhumu de wɔn adwene yɛ adwuma, na ɛnyɛ wɔn aniwa ne wɔn aso nkutoo. Yehowa ahyehyɛde no ama yɛn nneɛma pii a wɔayɛ ho nhwehwɛmu paa. Saa nneɛma yi betumi aboa yɛn ma yɛde gyidi aniwa ‘ahu’ yɛn Bɔfo no. (Heb. 11:27) Nneɛma yi bi ne video a wɔato din The Wonders of Creation Reveal God’s Glory. Ebi nso ne nhomawa mmienu a wɔato din Was Life Created? ne The Origin of Life—Five Questions Worth Asking. Foforo nso ne nhoma a wɔato din Is There a Creator Who Cares About You? Nyansahufo ne afoforo a bere bi na wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no akyerɛkyerɛ nea enti a afei de wogye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no mu. Wɔtaa de wɔn nsɛm no ba Nyan! mu. Nyan! mu nsɛm a wɔato din “So Wɔbɔe?” no twe adwene si abɔde mu nneɛma a ɛyɛ nwonwa a yehu no so. Mpɛn pii na nyansahufo bɔ mmɔden sɛ wobesuasua saa abɔde mu nneɛma a ɛyɛ fɛ no. w16.09 4:4, 5
Kwasida, June 17
Wɔn gyidi dii wɔn ho adanse.—Heb. 11:39.
Anokwafo a wɔabobɔ wɔn din wɔ Hebrifo ti 11 no wuwui ansa na Yesu Kristo a ɔyɛ ‘aseni’ a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no reba abebue ɔsorokɔ ho kwan. (Gal. 3:16) Nanso, wobenyan wɔn aba paradise asase so, na awiei koraa no, wɔakɔ pɛyɛ mu. (Dw. 37:11; Yes. 26:19; Hos. 13:14) Hebrifo 11:13 ka nnipa bi a wɔtenaa ase ansa na Kristo reba ho asɛm sɛ: “Gyidi mu na saa nnipa yi nyinaa wuwui a wɔanhu bɔhyɛ ahorow no mmamu, nanso wohui wɔ akyirikyiri gye toom.” Saa nnipa no mu baako ne Abraham. Yemmisa sɛ, anidaso a ɛne sɛ asetena bɛyɛ anigye wɔ ‘aseni’ a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no nniso ase no, Abraham ma ɛtenaa n’adwenem anaa? Yesu maa saa asɛmmisa yi ho mmuae a emu da hɔ. Ɔka kyerɛɛ wɔn a na wɔsɔre tia no no sɛ: “Mo agya Abraham dii anidaso a na ɔwɔ sɛ obehu me da no mu ahurusi, na ohu dii ahurusi.” (Yoh. 8:56) Saa ara na Sara, Isak, Yakob, ne afoforo pii nso hwɛɛ Ahenni a “ne kyekyefo ne ne yɛfo ne Onyankopɔn” no kwan.—Heb. 11:8-11. w16.10 3:4, 5
Dwoda, June 18
‘Mommɔ mpae bere biara.’—Efe. 6:18.
Yehowa nam ne honhom kronkron so ama yɛahu nokware no, na wama yɛanya asɛmpa no nso mu gyidi. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ wei ho anisɔ paa! (Luka 10:21) Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase daa sɛ ɔnam ne Ba a ɔyɛ “Ɔsafohene ne yɛn gyidi Wiefo” no so atwe yɛn aba ne nkyɛn. (Heb. 12:2) Nea yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ adom a ɛte saa ne sɛ yɛbɛkɔ so abɔ Onyankopɔn mpae na yɛasua n’Asɛm no de ahyɛ yɛn gyidi den. (1 Pet. 2:2) Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nya Yehowa bɔhyɛ ahorow mu gyidi. Ehia sɛ yɛma ɛda adi pefee wɔ yɛn nneyɛe mu ma afoforo hu. Sɛ nhwɛso no, yɛkɔ so ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no, na yɛyɛ asuafoyɛ adwuma no. Yɛkɔ so nso yɛ “nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidi mu no.” (Gal. 6:10) Saa ara nso na yɛyere yɛn ho ‘yi nipasu dedaw no ne ne nneyɛe gu.’—Kol. 3:5, 8-10. w16.10 4:11, 12
Benada, June 19
[Yehowa de] nyansa yɛɛ ɔsoro.—Dw. 136:5.
Wɔahyehyɛ yɛn amansan no mu biribiara pɛpɛɛpɛ ma ɛyɛ nwonwa. Wei ma yehu sɛ, Yehowa pɛ sɛ n’asomfo yɛ nnipa a wɔwɔ nhyehyɛe pa. Ɛno nti na Onyankopɔn ama yɛn Bible no, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛkyerɛ yɛn kwan. Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no ne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a, anka asetena bɛyɛ ɔhaw ne awerɛhow nkutoo. Sɛ yɛreka nkurɔfo a na wɔwɔ nhyehyɛe pa paa a, wɔne tete Israel man no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, wɔ Mose Mmara no ase no, na wɔahyehyɛ “mmea a wɔbɛsom wɔ ahyiae ntamadan no ano no” yiye. (Ex. 38:8) Akyiri yi, Ɔhene Dawid hyehyɛɛ Lewifo no ne asɔfo no akuwakuw sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ wɔn adwuma no yiye. (1 Be. 23:1-6; 24:1-3) Ná Kristofo asafo a ɛwɔ asomafo no bere so no wɔ nhyehyɛe pa, na wonyaa afotu a akwankyerɛ kuw no de mae no so mfaso. Mfiase no, asomafo no na na wɔyɛ akwankyerɛ kuw no. (Aso. 6:1-6) Onyankopɔn honhom ma wɔkyerɛw nkrataa de afotu ne akwankyerɛ kɔmaa anuanom.—1 Tim. 3:1-13; Tito 1:5-9. w16.11 2:3, 6, 8, 9
Wukuda, June 20
Nea ɔsɛ nkoasom no nkɔ nkoasom mu!—Yer. 15:2.
Afe 607 A.Y.B. no, Babilon asraafo pii a na Ɔhene Nebukadnesar II di wɔn anim no kɔtow hyɛɛ Yerusalem kurow no so. Bible ka mogyahwiegu a ɛkɔɔ so no ho asɛm sɛ: “[Nebukadnesar] de nkrante baa wɔn so bekunkum wɔn mmerante wɔ wɔn kronkronbea hɔ, na wanhu aberante anaa ɔbaabun, ɔpanyin anaa nea wagow mmɔbɔ. . . . Afei ɔhyew nokware Nyankopɔn fie no, na odwiriw Yerusalem afasu no gui; n’abantenten ne emu nneɛma a ɛsom bo nyinaa nso, ɔde ogya hyewee, na ɔsɛee hɔ pasaa.” (2 Be. 36:17, 19) Ná ɛnsɛ sɛ Yerusalemfo no ma kurow no a wɔsɛee no no yɛ wɔn nwonwa. Efisɛ na Onyankopɔn adiyifo abɔ Yudafo no kɔkɔ mfe pii sɛ, sɛ wɔkɔ so bu Onyankopɔn Mmara so a, ɔde wɔn bɛhyɛ Babilonfo nsa. Ná wɔde nkrante bekunkum Yudafo pii. Wɔn a wɔankunkum wɔn no nso, na wɔde wɔn bɛkɔ nkoasom mu wɔ Babilon ma wɔakɔtena hɔ wɔn nkwa nna a aka nyinaa. w16.11 4:1, 2
Yawda, June 21
Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase.—Rom. 5:12.
Adam ne “onipa biako” a ɛnam no so maa bɔne ne owu “baa wiase.” Enti “onipa biako no bɔne na ɛmaa owu nam no so dii hene.” Paulo de kaa ho sɛ, ‘Onyankopɔn adom ne trenee akyɛde a ɛboro so no nam obiakofo no, Yesu Kristo, so.’ (Rom. 5:12, 15, 17) Saa adom no de nneɛma pa pii abrɛ nnipa nyinaa. “Obiakofo no [Yesu] setie bɛma nnipa bebree ayɛ treneefo.” Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn adom no ‘nam Yesu Kristo so’ bɛma yɛanya “daa nkwa.” (Rom. 5:19, 21) Ná ɛnyɛ nhyɛ sɛ Yehowa ma ne Ba no ba asase so ma ɔde agyede no bɛma. Afei nso, agyede a Onyankopɔn ne Yesu de mae a ɛno so na wɔnam de bɔne firii no, nnipa a yɛyɛ abɔnefo a yɛtɔ sin no mu biara nni hɔ a ɛfata no. Enti yɛn bɔne a wɔde afiri yɛn ne anidaso a wɔama yɛanya sɛ yɛbɛtena ase daa no yɛ ayamye ne adom ara kwa. Ɛsɛ sɛ yɛn ani sɔ Onyankopɔn adom no na yɛma ɛka sɛnea yɛbɔ yɛn bra da biara da. w16.12 1:1, 6, 7
Fida, June 22
Adwene a esi honam nneɛma so no yɛ ɔtan a wɔtan Onyankopɔn, na ɛnhyɛ Onyankopɔn mmara ase.—Rom. 8:7.
Ehia paa sɛ yɛn mu biara pɛɛpɛɛ ne mu hwɛ. Adɛn ntia? Paulo kyerɛwee sɛ: “Adwene a esi honam nneɛma so yɛ owu.” (Rom. 8:6) Wei yɛ aniberesɛm efisɛ obi a ɔyɛ saa no bewu wɔ honhom fam nnɛ, na daakye nso wahwere ne nkwa. Ne nyinaa mu no, ɛnyɛ nea na Paulo reka ne sɛ, sɛ obi fi ase de ‘n’adwene si honam nneɛma so’ a, owu ara na obewu. Nnipa tumi sesa. Wo de, yɛnhwɛ ɔbarima guamanfo a odii “honam nneɛma,” anaa honam akɔnnɔ akyi a ɛma wotuu no fii Korinto asafo no mu no. Ná obetumi asesã, na ɔsesae nso. Ogyaee honam nneɛma akyi a na odi no, na ɔsan fii ase nantew ɔkwantrenee so bio. (2 Kor. 2:6-8) Sɛ saa nipa no tumi sesae a, ɛnde Kristoni a ɔwɔ hɔ nnɛ nso betumi asesa, ne titiriw, obi a onnii honam mu nneɛma akyi nkɔɔ akyiri te sɛ nea Korintoni barima no yɛe no. Nokwasɛm ne sɛ, ɛsɛ sɛ kɔkɔbɔ a Paulo de mae wɔ nea ebetumi ato obi a ɔde ‘n’adwene si honam nneɛma so’ no kanyan Kristofo ma wɔyɛ nsakrae biara a ehia sɛ wɔyɛ! w16.12 2:5, 12, 13
Memeneda, June 23
Dan w’adesoa to Yehowa so, na obeso wo mu.—Dw. 55:22.
Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yenim sɛ, sɛ ‘yɛdan yɛn adesoa to Yehowa so a, obeso yɛn mu’! Yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ Onyankopɔn betumi ‘ayɛ ade ma akyɛn nea yɛsrɛ anaa yesusuw koraa.’ (Efe. 3:20) Wo de hwɛ, ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛ ade ama akyɛn nea yesusuw kɛkɛ, na mmom ɔbɛyɛ ama ‘akyɛn nea yesusuw koraa’! Sɛ yebenya Yehowa nhyira a, ɛsɛ sɛ yenya ne mu gyidi paa na yedi n’akwankyerɛ akyi. Mose ka kyerɛɛ Israelfo sɛ: “Yehowa behyira wo wɔ asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo sɛ agyapade no so. Nea ehia ara ne sɛ wubetie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm na woadi ahyɛde a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so. Yehowa wo Nyankopɔn behyira wo sɛnea ɔhyɛɛ wo bɔ no.” (Deut. 15:4-6) Wugye di paa sɛ, sɛ wokɔ so som Yehowa nokwarem a, obehyira wo? Nneɛma pii wɔ hɔ a wubetumi agyina so anya gyidi a ɛte saa. w16.12 4:8, 9
Kwasida, June 24
‘Yehowa apaw wo de wo ayɛ ne man, n’agyapade titiriw.’—Deut. 7:6.
Biribi nti na ɔpaw Israel man no. Mfe pii a atwam no, na Yehowa ahyɛ n’adamfo Abraham bɔ sɛ ɔde n’asefo bɛyɛ ne man; enti na ɔredi saa bɔhyɛ no so. (Gen. 22:15-18) Bio nso, ɔdɔ ne atɛntrenee na Yehowa de yɛ biribiara. Sɛ yɛhwɛ sɛnea ɔne Israel man no dii a, yehu saa. Ná wɔtaa fi Yehowa akyi kɔsom anyame foforo nanso sɛ wofi wɔn komam nu wɔn ho na wɔsan ba ne nkyɛn a, ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu nti, ɔmpo wɔn. Ɔteɛ wɔn so na ɔka sɛ: “Mɛsa wɔn yare afi wɔn atuatew ho. Meyi me yam adɔ wɔn.” (Hos. 14:4) Ahofadi a Yehowa wɔ no, yɛhwɛ sɛnea oyi ne yam de boa nkurɔfo a, yɛrentumi nsuasua anaa? Bere a Yehowa fii ase bɔɔ ade no, ɔdɔ nti ɔde nnipa ne abɔfo pɛ maa wɔn. Saa ahofadi no, n’abakan no na odii kan de maa no. Ɔno ne “Onyankopɔn a wonhu no no suban.” (Kol. 1:15) Ansa na Yesu reba asase so no, odii n’Agya nokware, wamfa ne ho ammɔ Satan antew atua. w17.01 2:3, 4
Dwoda, June 25
Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho.—Heb. 6:10.
Nsakrae a ɛba yɛn asetenam no betumi ama yɛayɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu anaasɛ yɛbɛtew nea yɛreyɛ no so. Woyɛ aberante anaa ababaa? Anaa wo mfe akɔ anim? Wote apɔw anaa wotaa yareyare? Yehowa hwɛ nea obiara betumi ayɛ wɔ ne som mu na ɔde no ayɛ adwuma. Ɔnhwehwɛ nea ɛboro yɛn ahoɔden so mfi yɛn hɔ, na nea yetumi yɛ biara n’ani sɔ paa. Adwuma biara a wɔde hyɛɛ Yesu nsa no, ɔde anigye yɛe. Saa ara na yɛn nso yebetumi de anigye ayɛ nea wɔde ahyɛ yɛn nsa no. (Mmeb. 8:30, 31) Sɛ obi brɛ ne ho ase a, ɔnte nka sɛ adwuma biara a seesei wɔde ahyɛ ne nsa wɔ asafo no mu no reka no ahyɛ. Ɔmma hokwan a ɔpɛ sɛ onya wɔ asafo no mu daakye no nyɛ no dadwen. Saa ara nso na ɔmma nkɔso a ebinom renya wɔ asafo no mu no nhaw no. Mmom ɔde n’adwene ne n’ahoɔden nyinaa si nea seesei otumi yɛ so na ɔde anigye yɛ efisɛ onim sɛ efi Yehowa hɔ. Afei, ofi ne komam nyinaa kyerɛ sɛ obu adwuma a Yehowa de ahyɛ nnipa foforo nsa no. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛrenyɛ den koraa sɛ yebedi yɛn nuanom ni na yɛaboa wɔn.—Rom. 12:10. w17.01 3:13, 14
Benada, June 26
Ɔne me somee te sɛ abofra ne ne papa de trɛw asɛmpa no mu.—Filip. 2:22.
Ɛtɔ da a, wɔde hokwan ma mmerante ma wɔhwɛ nnwuma bi so, wobɛhwɛ koraa na wɔn a wɔn mfe akɔ anim ka ho. Ɛwom sɛ hokwan no akodi mmerante nsam deɛ, nanso ɛyɛ papa sɛ wobesua biribi afi wɔn a wɔn mfe akɔ anim no hɔ ansa na wɔasi gyinae. Aberante Timoteo ne ɔsomafo Paulo boom yɛɛ adwuma mfe pii. Paulo kyerɛw Korintofo no sɛ: “Meresoma Timoteo a ɔyɛ me ba dɔfo ne ɔnokwafo Awurade mu aba mo nkyɛn; na ɔno na ɔbɛtwe mo adwene aba akwan a mefa so wɔ Kristo Yesu mu no so.” (1 Kor. 4:17) Asɛm tiawa yi ma yehu sɛ, bere a Paulo ne Timoteo reyɛ adwuma no, na mframa mfa wɔn ntam koraa. Paulo tɔɔ ne bo ase kyerɛɛ Timoteo ‘akwan a ɔfa so no.’ Timoteo nso suaa no yiye, enti Paulo pɛɛ n’asɛm. Ná Paulo wɔ ahotoso sɛ Timoteo betumi de Korintofo no honhom fam ahiade ama wɔn. Ɛnnɛ nso, sɛ mpanyimfo retete mmarima ama wɔadi asafo no anim a, nea Paulo yɛe no betumi aboa wɔn. w17.01 5:13, 14
Wukuda, June 27
Bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi awufo mu.—Aso. 24:15.
Yehowa mpɛ sɛ nnipa wu, na mmom ɔpɛ sɛ wonya nkwa. Yehowa ne nkwa Nsuti no, enti Yehowa bɛyɛ obiara a obenyan no aba nkwa mu no Agya. (Dw. 36:9) Wei nti, ɛfata paa sɛ Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ, sɛ yɛrebɔ mpae a yɛnka sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro.” (Mat. 6:9) Yehowa ama Yesu adwuma titiriw wɔ awufo a wobenyan wɔn no mu. (Yoh. 6:40, 44) Yesu ne “owusɔre ne nkwa,” na ɔbɛyɛ saa adwuma no wɔ Paradise. (Yoh. 11:25) Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔyɛ nea Onyankopɔn pɛ no, ɔno ne me nuabarima ne me nuabea ne me maame.” Ɛno ma yehu sɛ ɛnyɛ nnipa kakraa bi a wɔyɛ atitiriw pɛ na Yehowa bɛda ayamye adi akyerɛ wɔn. (Mar. 3:35) Onyankopɔn apɛde ne sɛ “nnipakuw kɛse” a wɔn dodow nni ano a wofi amanaman ne mmusuakuw ne kasa nyinaa mu bɛba abɛyɛ n’asomfo. Wɔn a wonya Kristo agyede no mu gyidi na wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no betumi aka wɔn a wɔteɛm yi ho. Wɔteɛm sɛ: “Yɛn nkwagye fi yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne Oguammaa no hɔ.”—Adi. 7:9, 10. w17.02 2:10, 11
Yawda, June 28
‘Monkae wɔn a wodi mo anim no.’—Heb. 13:7.
Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi ama nnipa a wɔka kasa ahorow pii ate nokware a ɛwɔ Bible mu ase no, wɔhyehyɛɛ adwumakuw bi a wɔtoo din Zion’s Watch Tower Tract Society de hyɛɛ mmara ase wɔ afe 1884 mu. Charles Taze Russell na na ɔyɛ otitenani. Ná ɔyɛ obi a ɔbɔ ne ho mmɔden wɔ Bible sua mu. Ɔde akokoduru paa atoro nkyerɛkyerɛ te sɛ Baasakoro ne ɔkra a enwu da ho ntama. Obehui sɛ Kristo bɛsan aba a aniwa nhu no, na “amanaman mmere a wɔahyɛ” no nso bɛba awiei afe 1914. (Luka 21:24) Onua Russell de ne bere, n’ahoɔden, ne ne sika mae koraa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛboa afoforo ama wɔate nokware a ɛwɔ Bible mu no ase. Ɛda adi pefee sɛ, wɔ saa bere titiriw no mu no, Yehowa ne Yesu a ɔyɛ asafo no ti no de Onua Russell yɛɛ adwuma. Onua Russell anhwehwɛ anuonyam amfi nnipa hɔ. Wɔ afe 1896 mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛmpɛ sɛ nnipa bɛkotokotow yɛn ahoahoa yɛn, anaa wɔde nidi soronko bɛma nhoma a yɛkyerɛw no; saa ara na yɛmpɛ sɛ nkurɔfo bɛfrɛ yɛn Nea Nidi Sɛ No anaa Rabi. Saa ara nso na yɛmpɛ sɛ wɔde yɛn din bɛto nnipa bi anaa nnipakuw bi so.” Akyiri yi, ɔkae sɛ: “Adwuma yi nyɛ nnipa dea.” w17.02 4:8, 9
Fida, June 29
Onitefo nyansa ne sɛ obehu n’akwan mu yiye.—Mmeb. 14:8.
Yɛn nyinaa wɔ gyinae ahorow a ɛsɛ sɛ yesisi. Gyinae a yesisi no, ɛnyɛ ne nyinaa na ɛyɛ owu ne nkwa asɛm. Nanso, emu pii wɔ hɔ a ebetumi aka yɛn asetena paa. Sɛ yesisi gyinae pa a, ebetumi aboa yɛn ama yɛanya asomdwoe wɔ yɛn asetenam. Ɛremma yɛn asetena nyɛ hwanyann a nsɛmnsɛm ne huammɔdi ahyɛ no ma. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛasisi gyinae a nyansa wom? Ehia ankasa sɛ yenya Onyankopɔn mu gyidi. Ɛnsɛ sɛ yɛn adwenem yɛ yɛn naa koraa sɛ Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛanya nyansa, na ɔwɔ ɔpɛ nso sɛ ɔbɛyɛ saa. Afei nso, ɛsɛ sɛ yenya Yehowa Asɛm no ne ɔkwan a ɔfa so yɛ n’ade no mu gyidi, na yenya afotu a wɔnam Onyankopɔn honhom so kyerɛwee no mu ahotoso. (Yak. 1:5-8) Bere a yɛrebɛn Yehowa na yɛrenya n’Asɛm no ho anigye kɛse no, ɛma yenya ahotoso sɛ ɔno na onim nea eye ma yɛn. Ɛno nti, bere biara a yebesi gyinae no, yebedi kan ahwehwɛ Onyankopɔn Asɛm no mu ansa na yɛayɛ saa. w17.03 2:2, 3
Memeneda, June 30
Wo na yɛn ani da wo so.—2 Be. 20:12.
Bere a atamfo pii baa Yehosafat so no, osuasuaa ne papa Asa, na ɔkɔɔ so de ne ho too Onyankopɔn so. (2 Be. 20:2-4) Ehu kaa Yehosafat! Nanso, “ɔde sii n’ani so sɛ ɔbɛhwehwɛ Yehowa.” Wɔ mpae a ɔbɔe mu no, ofi ahobrɛase mu gye toom sɛ ne nkurɔfo no ‘nni ahoɔden biara a wɔde begyina dɔm kɛse a wɔaba wɔn so no anim.’ Ɔkae sɛ, ɔne ne nkurɔfo no nhu nea wɔnyɛ mpo. Ɔde ne ho too Yehowa so koraa na ɔkaa ɛnnɛ asɛm no. Ɛtɔ mmere bi a, nea ɛtoo Yehosafat no bi betumi ato yɛn ama ebia yɛrenhu nea yɛnyɛ mpo. Ebetumi mpo ama ehu aka yɛn. (2 Kor. 4:8, 9) Nanso kae sɛ, bere a Yehosafat gyinaa ne man anim bɔɔ mpae no, ogye toom sɛ ɔne ne nkurɔfo no nni ahoɔden. (2 Be. 20:5) Sɛ wɔn a wodi wɔn abusua anim ma wɔsom Yehowa no hyia ɔhaw bi a, wobetumi asuasua Yehosafat. Wobetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmma wɔn akwankyerɛ, na ɔnhyɛ wɔn den mma wontumi nnyina ɔhaw a wɔrehyia no ano. Ɛnsɛ sɛ wofɛre sɛ wobɛka nsɛm a ɛte saa wɔ wo mpaebɔ mu ama w’abusuafo ate. Sɛ wobɔ mpae a ɛte saa a, ɛbɛma w’abusuafo ahu sɛ wode wo ho to Yehowa so. Onyankopɔn boaa Yehosafat, na wo nso, ɔbɛboa wo. w17.03 3:12, 13