May
Benada, May 1
Wɔbrɛɛ Ammonfo ase.—Atem. 11:33.
Ná Yefta nim sɛ, sɛ Onyankopɔn nsa nnim a, ɔrentumi nnye Israelfo mfi Ammonfo nsam. Ɔhyɛɛ Yehowa bɔ sɛ, sɛ ɔma odi nkonim na ɔreba fie a, ɔde onipa a obedi kan afi ne fie abehyia no no bɛbɔ “ɔhyew afɔre” ama Yehowa. (Atem. 11:30, 31) Ná ɛno kyerɛ sɛn? Yehowa kyi sɛ yɛde nnipa bɛbɔ afɔre, enti yenim sɛ na ɛnyɛ Yefta adwene ne sɛ ɔbɛhyew ne ba no de no abɔ afɔre. (Deut. 18:9, 10) Mose Mmara no mu no, sɛ obi bɔ ɔhyew afɔre a, na ɔde afɔrebɔde no nyinaa ma Yehowa. Enti nea na Yefta rekyerɛ ne sɛ onipa a ɔde no bɛma Yehowa no bɛsom wɔ asɔrefie hɔ ne nkwa nna nyinaa. Yehowa tiee Yefta na ɔboaa no ma odii nkonim kɛse. (Atem. 11:32) Bere a Yefta fi ɔko reba fie no, ne babea na odii kan behyiaa no. Ná ɔda ne koma so, na na odi no bakoro! Wohwɛ a, na Yefta bedi ne bɔhyɛ so anaa? w16.04 1:11-13
Wukuda, May 2
Wɔboa ma wonyaa akenkan no mu ntease.—Neh. 8:8.
Mfe kakra a atwam no, asafo dodow no ara suaa Bɛn Yehowa nhoma no wɔ Asafo Bible Adesua ase. Bere a yesuaa Yehowa su ahorow no, wotee nka sɛn? Na nea wo nuanom ka faa Yehowa ho no nso kaa wo sɛn? Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛmaa ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no mu yɛɛ den. Yɛkɔ asafo nhyiam a, yetie ɔkasa ahorow a egyina Bible so, yɛhwɛ ɔyɛkyerɛ ahorow, na sɛ anuanom rekenkan Bible a, yɛyɛ aso tie. Wei nyinaa boa ma yenya Bible mu nimdeɛ pii. Asafo nhyiam boa yɛn ma yɛde nea yɛasua afi Bible mu bɔ yɛn bra. (1 Tes. 4:9, 10) Ɛho nhwɛso ne Ɔwɛn-Aban Adesua. Woakɔ Ɔwɛn-Aban Adesua bi a ahyɛ wo nkuran ama woayere wo ho wɔ Yehowa som mu, ama wo mpaebɔ atu mpɔn, anaa ama wode onua bi bɔne akyɛ no? Asafo nhyiam a yɛkɔ nnawɔtwe no mu no betumi aboa yɛn ma yɛahu sɛnea yɛbɛka asɛmpa no ne sɛnea yɛbɛboa afoforo ma wɔate nokware a ɛwɔ Bible mu ase.—Mat. 28:19, 20. w16.04 3:4, 5
Yawda, May 3
Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ.—Rom. 15:4.
Akasakasa a akɔ so wɔ nnipa ntam a ɛho asɛm wɔ Bible mu no, woasusuw ho pɛn? Wo de, yɛnhwɛ Genesis nhoma no mu nsɛm a edi kan no kakra. Kain kum Habel (Gen. 4:3-8); Lamek kum aberante bi a ɔbɔɔ no (Gen. 4:23); akasakasa baa Abraham (Abram) mmoahwɛfo ne Lot mmoahwɛfo ntam (Gen. 13:5-7); Hagar buu Sara animtiaa (Sarai), na Sara bo fuw Abraham (Gen. 16:3-6); Ismael maa ne nsa so tiaa obiara, na obiara nso maa ne nsa so tiaa no. (Gen. 16:12) Saa akasakasa a ɛkɔɔ so no, adɛn nti na Bible ka ho asɛm? Efisɛ ɛbɛboa nnipa a yɛnyɛ pɛ ama yɛahu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛma asomdwoe tena yɛn ntam. Ɛsan ma yehu ɔkwan a yɛbɛfa so ama asomdwoe atena yɛn ntam. Nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm no, wɔte sɛ yɛn ara; ɔhaw a wɔfaa mu no, ɛno ara bi na yehyia. Enti sɛ yɛkenkan wɔn ho asɛm a, yesua biribi fi mu. Nea wɔyɛe no, yehu nea efii mu bae, enti sɛ yehyia tebea bi a, ebetumi aboa yɛn. Weinom nyinaa boa yɛn na sɛ nsɛm bi saa sisi a, yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ yɛyɛ. w16.05 1:1, 2
Fida, May 4
Ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no wɔ amanaman nyinaa mu kan.—Mar. 13:10.
Akwan bɛn na Yesu ne n’asuafo no faa so kaa asɛmpa no? Wɔkɔɔ baabi a nnipa wɔ biara; mmɔnten so ne afie mu. Asɛmpaka adwuma no fã bi ne sɛ yɛbɛkɔ nkurɔfo fie akɔhwehwɛ wɔn a wɔpɛ nkwa. (Mat. 10:11; Luka 8:1; Aso. 5:42; 20:20) Sɛnea asuafo no de ntoboase kaa asɛmpa no kyerɛɛ obiara no kyerɛ sɛ na wɔnhwɛ nnipa anim. Yehowa Adansefo nso ɛ, wuhu wɔn sɛn? Wɔn nko ara na ɛkyerɛkyerɛ sɛ Yesu redi hene fi afe 1914. Sɛnea Yesu kae no, Adansefo no ntoto asɛnka adwuma no ase koraa. Nhomakyerɛwfo bi kae sɛ: “Yehowa Adansefo de, . . . wɔmma wɔn werɛ mfi sɛ wɔbɛka wiase awiei a ɛreba ne nkwagye ho asɛm.” (Pillars of Faith—American Congregations and Their Partners) Akwan a Yesu ne n’asuafo faa so kaa asɛm no, saa akwan no ara na Yehowa Adansefo nso fa so. w16.05 2:10, 12
Memeneda, May 5
‘Wubenya Onyankopɔn ho nimdeɛ.’—Mmeb. 2:5.
Sɛ yegyina Yehowa adwene so sisi gyinae a, ɛma yɛbɛn no kɛse. (Yak. 4:8) Yenya n’anim dom ne ne nhyira. Afei nso, yɛn soro Agya no mu gyidi a yɛwɔ no, ɛma emu yɛ den. Enti ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn nnyinasosɛm ne ne mmara a ɛwɔ Bible mu kyerɛ yɛn kwan, efisɛ ɛma yehu n’adwene. Nokwasɛm ne sɛ, yɛrensua Yehowa ho ade nwie da. (Hiob 26:14) Nanso ɛnnɛ mpo, sɛ yɛyere yɛn ho a, yebetumi anya nyansa, nimdeɛ, ne nhumu de asisi gyinae pa. (Mmeb. 2:1-5) Esiane sɛ bɔne wɔ nnipa ho nti, nhyehyɛe ne nsusuwii biara a wɔde bɛto gua no, ɛnkyɛ na atwam. Nanso odwontofo no kae sɛ: “Yehowa agyina de, etim hɔ daa; ne komam nsusuwii wɔ hɔ fi awo ntoatoaso so kosi awo ntoatoaso so.” (Dw. 33:11) Yɛahu pefee sɛ, sɛ yɛn adwene ne yɛn nneyɛe ne Yehowa adwene hyia a, yebetumi asisi gyinae pa, efisɛ yɛn Nyankopɔn no yɛ nyansa nyinaa wura. w16.05 3:17
Kwasida, May 6
‘Yehowa hwɛ komam.’—1 Sam. 16:7.
Yegye di sɛ Yehowa tumi hu nea ɛwɔ nnipa koma mu, na ɔtwe wɔn ba ne nkyɛn. Enti ɛnsɛ sɛ yebu afoforo atɛn; wɔn a wɔwɔ yɛn asasesin mu ne yɛn asafo mu nyinaa. (Yoh. 6:44) Sɛ yegye Yehowa tom sɛ yɛn Nwemfo a, ebetumi aka su a yɛda no adi kyerɛ yɛn nuanom Kristofo. (Yes. 64:8) Wuhu wo nuanom Kristofo sɛnea Onyankopɔn hu wɔn no? Wuhu wɔn sɛ wɔyɛ anwenne a Yehowa gu so renwene wɔn? Yehowa tumi hu nea ɛwɔ wɔn komam, na onim nso sɛ adepa bi wɔ wɔn mu. Enti Yehowa nya nkurɔfo ho adwempa na ɔmfa n’adwene nsi yɛn sintɔ so, efisɛ onim sɛ ɛrenkyɛ yɛn sintɔ nyinaa befi hɔ. (Dw. 130:3) Yebetumi asuasua Yehowa na yɛanya n’asomfo ho adwempa. Nokwasɛm ne sɛ, yebetumi aboa yɛn nuanom bere a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobenya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu no. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛne yɛn Nwemfo no abom reyɛ adwuma. (1 Tes. 5:14, 15) Esiane sɛ asafo mu mpanyimfo yɛ ‘nnipa mu akyɛde’ nti, ehia sɛ wonya anuanom ho adwempa. Sɛ wotwa sa pa yi a, ɛnna asafo no mufo bedi wɔn akyi.—Efe. 4:8, 11-13. w16.06 1:4-6
Dwoda, May 7
Nea odwen sɛ ogyina hɔ no nhwɛ yiye na wanhwe ase.—1 Kor. 10:12.
Sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ afoforo a, ebetumi aboa yɛn ma yɛabrɛ yɛn ho ase. Afei nso, ebetumi ama yɛanya Onyankopɔn honhom aba no bi. (Gal. 5:22, 23) Bio nso, sɛ yɛda Kristo suban no bi adi a, ɛma asɛm a yɛka no twetwe afiewuranom, na etumi ma ebinom sesa adwemmɔne a wɔwɔ wɔ yɛn ho. Nhwɛso bi ni. Ofiewura bi didii Adansefo baanu bi a wɔwɔ Australia atɛm. Adansefo no yɛɛ komm tiee no. Nanso akyiri yi, ɔbea no nuu ne ho, na ɔkyerɛw krataa kɔɔ baa dwumadibea a ɛwɔ ɔman no mu no. Ne krataa no fã bi kae sɛ: “Mmea baanu bi a na wɔreka Onyankopɔn Asɛm baa me nkyɛn. Ná wɔwɔ abotare ne ahobrɛase, nanso meyɛɛ aniammɔnho. Mahu sɛ manyɛ no yiye koraa, ɛyɛ me yaw paa sɛ mepam wɔn.” Wususuw sɛ saa adawurubɔfo no bo fuwii ketewaa bi mpo a, anka ofiewura no bɛkyerɛw saa krataa yi? Dabida. Wei kyerɛ sɛ, sɛ yɛkɔ asɛnka a, ɛboa yɛne yɛn afipamfo nyinaa! w16.06 2:12, 13
Benada, May 8
Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.—Mat. 22:39.
Wɔwoo yɛn nyinaa wɔ bɔne mu. (Rom. 5:12, 19) Enti ɛtɔ da a, asafo no mufo bi betumi aka asɛm anaa wɔayɛ biribi ama ayɛ yɛn yaw. Sɛ ɛba saa a, dɛn na yɛbɛyɛ? Yɛbɛkɔ so adɔ Yehowa na yɛabata ɔne ne nkurɔfo ho? Ná Ɔsɔfo Panyin Eli wɔ mmabarima baanu a na wɔmfa Yehowa mmara nyɛ hwee. Bible ka sɛ: “Ná Eli mma no yɛ mmarima ahuhufo; ná wommu Yehowa.” (1 Sam. 2:12) Ɛwom sɛ Eli hyɛɛ nokware som ho nkuran paa de, nanso ne mma baanu no yɛɛ bɔne a emu yɛ duru. Ná Eli nim nea ne mma no reyɛ. Enti anka ɛsɛ sɛ ɔteɛ wɔn so, na ɔkasa kyerɛ wɔn anibere so. Esiane sɛ Eli anyɛ saa nti, Onyankopɔn buu ɔne ne fiefo atɛn. (1 Sam. 3:10-14) Ɛno akyi no, Yehowa amma Eli asefo mu biara ansom sɛ ɔsɔfo panyin bio. Sɛnea Eli tenatenaa hɔ maa ne mma kɔɔ so yɛɛ bɔne no, sɛ na wowɔ hɔ a, anka wobɛyɛ dɛn? Anka wobɛma ato wo hintidua na woagyae Onyankopɔn som anaa? w16.06 4:5, 6
Wukuda, May 9
Ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.—Mat. 6:33.
Adɛn nti na Yesu kaa ɛnnɛ asɛm no? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ Mateo 6:32 sɛ: “Mo soro Agya nim sɛ muhia saa nneɛma yi nyinaa.” “Eyi nyinaa” a ɔkaa ho asɛm no ne nneɛma a yehia wɔ yɛn asetena mu. Nneɛma a yehia te sɛ aduan, ntade, ne baabi a yɛde yɛn ti bɛto no, ansa na yɛn ankasa bedwen ho mpo no, na Yehowa ahu. (Filip. 4:19) Yɛn atade a ɛrebɛtetew mpo, onim. Afei nso, onim aduan a yedi a ɛbɛma yɛanya apɔwmuden. Saa ara na onim sɛnea yɛn abusua kɛse te ne baabi a yɛtena a, yɛn ho bɛtɔ yɛn. Yehowa bɛhwɛ ama yɛn nsa aka nea yehia paa no. Ampa, sɛ yɛyɛ yɛn fam de na yɛde Ahenni nneɛma di kan wɔ yɛn asetena mu a, yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ Yehowa bɛma yɛn nsa aka nea yehia. “Onyamesom pa” nti, yɛma yɛn ani sɔ “aduan” a yɛwɔ ne “nea yɛde kata yɛn ho.”—1 Tim. 6:6-8. w16.07 1:17, 18
Yawda, May 10
Bere a na yɛyɛ atamfo no wɔnam ne Ba no wu so pataa yɛne Onyankopɔn ntam.—Rom. 5:10.
Saa mpata no ma asomdwoe tumi ba yɛne Yehowa ntam. Paulo de hokwan yi totoo Yehowa adom ho sɛ: “Afei a wofi gyidi mu abu yɛn [Kristo nuanom a wɔasra wɔn] bem yi, momma yɛne Onyankopɔn nnya asomdwoe denam yɛn Awurade Yesu Kristo so, nea yɛnam ne so nso de gyidi anya adom a yegyina mu seesei yi mu kwan no.” (Rom. 5:1, 2) Nhyira bɛn ara ni! Wɔwoo yɛn nyinaa wɔ bɔne mu. Nanso, odiyifo Daniel hyɛɛ nkɔm sɛ wɔ awiei bere mu no, “mmadwemma no,” wɔn a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asase so no, ‘de nnipa bebree bɛba trenee mu.’ (Dan. 12:3) Wɔnam asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no so ama “nguan foforo” no ɔpepem pii anya gyinabea pa wɔ Yehowa anim. (Yoh. 10:16) Yehowa adom nti na wɔanya gyinabea pa a ɛte saa.—Rom. 3:23, 24. w16.07 3:10, 11
Fida, May 11
Wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.—Gen. 6:2.
Abɔfo danee wɔn ho nnipa ne mmea wowoe, nanso na wei nyɛ ne kwan so. Wɔn mma no bɛyɛɛ awudifo a wɔsoso woware. Ná wɔfrɛ wɔn Nefilimfo. Afei nso, na “onipa de abɔnefosɛm ahyɛ asase so mã.” (Gen. 6:1-5) Yehowa de Nsuyiri sɛee abɔnefo wɔ Noa bere so. Saa bere no, na asetenam nneɛma a nnipa yɛ no da biara da agye wɔn adwene. Nneɛma a egyee wɔn adwene no bi ne aware. Enti bere a “Noa a ɔyɛ trenee sɛnkafo” no reka ɔsɛe a na ɛreba ho asɛm no, wɔamfa no aniberesɛm. (2 Pet. 2:5) Yesu de nea ɛkɔɔ so saa bere no totoo nea ɛbɛkɔ so wɔ yɛn bere yi so no ho. (Mat. 24:37-39) Ɛnnɛ, yɛreka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse ansa na wiase bɔne yi awiei aba. Nanso, nnipa dodow no ara ntie. Momma yensua biribi mfi nea ɛkɔɔ so wɔ Noa bere so no mu. Ɛnsɛ sɛ yɛma abusuasɛm te sɛ aware ne mmofra ntetee mpo gye yɛn adwene ma yɛn werɛ fi sɛ Yehowa da no abɛn. w16.08 1:8, 9
Memeneda, May 12
Bere a aka no sua. Efi saa bere yi rekɔ no, wɔn a wɔwɔ yere no nyɛ sɛnea wonni bi, . . . na wɔn a wɔde wiase di dwuma no mmma wiase nnnye wɔn adwene.—1 Kor. 7:29-31.
Esiane sɛ yɛadu akyiri wɔ “nna a edi akyiri” no mu nti, yehu sɛ ‘mmere mu ayɛ den.’ (2 Tim. 3:1-5) Nanso, sɛ yɛkɔ so yɛ den wɔ honhom fam a, ɛbɛboa yɛn paa ama yɛako atia wiase nkɛntɛnso bɔne no. Ɛnnɛ asɛm no mu no, ɛnyɛ sɛ na Paulo reka akyerɛ awarefo sɛ wommu wɔn ani ngu wɔn asɛyɛde so. Nanso, esiane sɛ bere a aka no sua nti, ɛsɛ sɛ wɔde honhom fam nneɛma di kan. (Mat. 6:33) Ɛwom sɛ yɛte mmere a emu yɛ den paa mu, na nnipa pii aware resɛe de, nanso yɛn aware betumi asɔ na ayɛ anigye. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ Kristofo a wɔyɛ awarefo ne Yehowa nkurɔfo bɔ, na wɔde Kyerɛwnsɛm mu afotu bɔ wɔn bra, na wɔma Yehowa honhom kronkron kyerɛ wɔn kwan a, “nea Onyankopɔn aka abom no” wɔrentetew mu da.—Mar. 10:9. w16.08 2:17, 18
Kwasida, May 13
‘Monyɛn Onyankopɔn nguankuw no.’—1 Pet. 5:2.
Yehia ahwɛfo pii wɔ Kristofo asafo no mu, enti ehia sɛ yɛkɔ so tete wɔn a daakye wɔbɛyɛ saa adwuma no. Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ: “Nea wote fii m’anom, a nnipa pii adi ho adanse no, ɛno na fa hyɛ nnipa anokwafo nsa na ama wɔn nso wɔafata sɛ wɔkyerɛkyerɛ afoforo.” (2 Tim. 2:1, 2) Timoteo ne ɔsomafo Paulo a na ɔyɛ asafo mu panyin no yɛɛ adwuma, na osuaa nneɛma pii fii ne hɔ. Afei Timoteo de nea osua fii Paulo hɔ no yɛɛ adwuma wɔ asɛnka ne ɔsom adwuma no afã foforo mu. (2 Tim. 3:10-12) Paulo ammu n’ani angu ntetee a na ɛsɛ sɛ ɔde ma Timoteo no so. Ɔne aberante Timoteo tutuu akwan. (Aso. 16:1-5) Asafo mu mpanyimfo betumi asuasua nea Paulo yɛe no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wobetumi ne asafo mu asomfo a wɔfata akɔsrasra wɔn nuanom. Asafo mu mpanyimfo yɛ saa a, wɔboa asafo mu asomfo no ma wohu sɛnea Kristofo asafo mu mpanyimfo kyerɛkyerɛ, wɔda gyidi, abotare, ne ɔdɔ adi. Sɛ wɔfa saa kwan yi so a, ɛboa ma wɔtete ahwɛfo a daakye wɔbɛhwɛ “Onyankopɔn nguankuw” no. w16.08 4:16, 17
Dwoda, May 14
Mma wo nsam nngow.—Sef. 3:16.
Sɛ wɔka sɛ obi nsam agow a, ɛtɔ da a, ɛkyerɛ sɛ onipa no abam abu, ne koma atu, anaa n’anidaso asa. (2 Be. 15:7; Heb. 12:12) Sɛ ɛba saa a, ɛnyɛ den koraa sɛ onipa no bɛpa abaw. Awerɛhosɛm ne sɛ, Satan wiase bɔne no de nhyɛso ba yɛn so, na etumi gyaw yɛn kɔdaanna. Wei tumi ma obi botow. Ɛma yɛyɛ sɛ hyɛmma bi a wɔatow no sɛkyɛ a entumi nkɔ n’anim. (Mmeb. 12:25) Dɛn na ebetumi ama woate nka saa? Ebia wo dɔfo bi awu, na worebɔ mmɔden sɛ wubeyi ɛyaw no afi wo mu. Anaa worekõ yare bi a emu yɛ den, worebɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ w’abusua wɔ ɛnnɛ bere yi a sikasɛm mu ayɛ den no, anaasɛ ebia worehyia ɔsɔretia. Bere rekɔ so no, adwinnwen betumi ama w’ahoɔden so atew. Ebetumi mpo asɛe w’anigye. Nanso, nya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn ayɛ krado sɛ ɔbɛboa wo.—Yes. 41:10, 13. w16.09 1:2, 4
Benada, May 15
Wo mmara nsɛm kwan so na metu mmirika.—Dw. 119:32.
Ade baako a ehia sɛ nnipa pii yere wɔn ho di so ne ɔhonam mmerɛwyɛ. Afoforo nso, ehia sɛ wɔyere wɔn ho paa ansa na wɔakɔ so anya asɛnka ho adwempa. Anaa ebia wo de, ehia sɛ woyere wo ho gyina yare anaa ankonamyɛ ano. Ade a ɛhaw ebinom nso a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so ne sɛ, sɛ obi fom wɔn anaa ɔyɛ bɔne tia wɔn a, ɛyɛ wɔn den paa sɛ wɔde bɛkyɛ no. Sɛ yɛasom Yehowa mfe kakraa bi oo, sɛ yɛasom no mfe pii oo, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ko tia nneɛma bi a ebetumi asɛe ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn a ɔyɛ anokwafo katuafo no. Sɛ wuhu sɛ tebea yi mu biara rehaw wo a, ɛnde ntenatena ho. Mmom, ɛsɛ sɛ wobɔ mpae srɛ honhom kronkron. Mpaebɔ ne honhom kronkron betumi ahyɛ wo den ama woayɛ adepa, na ɛno bɛma Yehowa ahyira wo. Sɛ wobɔ mpae a, yɛ ho adwuma. Bɔ mmɔden sɛ wobɛkenkan Bible no fã bi da biara da. Gye bere fa sua ade, na yɛ Abusua Som daa.—Dw. 119:32. w16.09 2:10, 11
Wukuda, May 16
Gyidi ne . . . nneɛma a yenhu ho adanse a ɛda adi pefee.—Heb. 11:1.
Nnipa binom ka sɛ nea enti a wogye adannandi di ne sɛ egyina nyansahu so, nanso gyidi a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ de, egyina biribi a aniwa nhu so. Obi aka asɛm a ɛte saa akyerɛ wo pɛn? Nnipa pii kura adwene a ɛte saa. Nanso biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛkae. Ɛne sɛ: Sɛ obi gye Onyankopɔn di oo, sɛ adannandi na ogye di oo, wɔn nyinaa wɔ gyidi bi. Adɛn nti na yɛreka saa? Onipa biara nni hɔ a wahu Onyankopɔn da anaa wahu sɛ wɔrebɔ biribi. (Yoh. 1:18) Na saa ara nso na nyansahufo anaa onipa biara nni hɔ a wahu sɛ abɔde bi a nkwa wom redannan abɛyɛ abɔde foforo. Ɛho nhwɛso ne sɛ, obiara nni hɔ a wahu da sɛ ɔwɔ anaa ɔketew redan abɛyɛ aboa bi te sɛ gyata anaa ɔsono. (Hiob 38:1, 4) Enti ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa susuw adanse a ɛwɔ hɔ ho, na yedwinnwen ho na ama yɛatumi asi gyinae pa. Ɔsomafo Paulo kaa biribi a ɛma yehu sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ade. Ɔkyerɛwee sɛ: “[Onyankopɔn] su horow a wonhu no ada adi pefee fi wiase bɔ so, efisɛ wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu, ɛno ne ne daa tumi ne ne Nyamesu, enti wonni anoyi biara.”—Rom. 1:20. w16.09 4:4
Yawda, May 17
Mommma mo werɛ mmfi ahɔhoyɛ [nea ɛkyerɛ ne, ayamye a wɔda no adi kyerɛ ahɔho.]—Heb. 13:2.
Yehowa fi ɔdɔ mu yɛɛ nhyehyɛe maa ahɔho a na wɔte Israel no. Nhyehyɛe no baako ne sɛ, na wobetumi akɔsesaw nnɔbae ase. (Lev. 19:9, 10) Ná anka Yehowa betumi aka no denneennen sɛ Israelfo no nnya obu mma ahɔho, nanso wanyɛ saa. Mmom no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wonhu ahɔho mmɔbɔ. (Ex. 23:9) Ná Israelfo no ‘nim sɛnea ɔhɔho kra te.’ Bere a Egyptfo no mfaa Hebrifo anaa Israelfo no nyɛɛ nkoa mpo no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔmpɛ sɛ wɔne Hebrifo no bɔ efisɛ na ɛsono Egyptfo no honam ani hwɛbea ne wɔn som. (Gen. 43:32; 46:34; Ex. 1:11-14) Bere a Israelfo no yɛ ahɔho no, Egyptfo no dii wɔn ani paa, nanso Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wommu ɔhɔho “sɛ kuromanni.” (Lev. 19:33, 34) Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa dwen nnipa a wɔatu aba yɛn man mu na wɔba yɛn asafo nhyiam ase no ho. (Deut. 10:17-19; Mal. 3:5, 6) Sɛ yedwinnwen ɔhaw a wɔrefa mu te sɛ nnipa mu nyiyim anaa kasa foforo a ɛsɛ sɛ wosua ho a, ɛbɛma yɛahwehwɛ akwan a yɛde bɛda ayamye ne tema adi akyerɛ wɔn.—1 Pet. 3:8. w16.10 1:3-5
Fida, May 18
Sɛnea nipadua a honhom nnim awu no, saa ara nso na gyidi a nnwuma nnim awu.—Yak. 2:26.
Yakobo kyerɛkyerɛɛ mu wɔ krataa a ɔkyerɛwee no mu sɛ, Kristofo gyidi nkyerɛ sɛ obi bɛka sɛ ogye biribi di kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ biribi de kyerɛ sɛ ogye nea ɔreka no di. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Kyerɛ me wo gyidi a nnwuma nka ho no, na me nso mede me nnwuma bɛkyerɛ wo me gyidi.” (Yak. 2:18) Yakobo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, ɛsono obi ano kɛkɛ a ɔde bɛka sɛ ɔwɔ gyidi, ɛnna ɛsono gyidi ankasa a obi da no adi. Adaemone gye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, nanso wɔn gyidi no nyɛ papa. Wɔde wɔn nnwuma nyinaa kyerɛ sɛ wɔsɔre tia Onyankopɔn, na wɔmpɛ sɛ Onyankopɔn atirimpɔw bam. (Yak. 2:19, 20) Nanso, Yakobo kaa ɔbarima bi a ɔtenaa ase tete a na ɔwɔ gyidi ho asɛm. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Ɛnyɛ bere a yɛn agya Abraham de ne ba Isak mae wɔ afɔremuka so no akyi na wɔnam ne nnwuma so buu no bem anaa? Woahu sɛ ɔde nnwuma kaa ne gyidi no ho, na ɛnam ne nnwuma so na ne gyidi wiee pɛyɛ.” (Yak. 2:21-23) Afei Yakobo sii nea enti a ehia sɛ yɛde yɛn nnwuma kyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi no so dua sɛnea ɛnnɛ asɛm no ka no. w16.10 4:8
Memeneda, May 19
Ɔde bere a enni awiei ahyɛ wɔn komam.—Ɔsɛnk. 3:11.
Nyansahu ama yɛahu amansan yi ne yɛn asase yi ho nneɛma pii, na aboa yɛn ama yɛanya mfaso pii wɔ asetena mu. Nanso, nsɛmmisa pii wɔ hɔ a nyansahufo ntumi mmaa ho mmuae. Ɛho nhwɛso bi ni. Nsoromma ho animdefo ntumi nkyerɛ yɛn nea ɛyɛe a yɛn amansan yi bae, anaa nea enti a yɛte okyinnsoromma a wɔfrɛ no Asase a abɔde a nkwa wom ahyɛ so ma yi so. Afei nso, nnipa dodow no ara ntumi nkyerɛ nea enti a adesamma bɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛtena ase daa. Adɛn nti na nsɛmmisa a ɛho hia pii wɔ hɔ nanso yennyaa ho mmuae? Ade baako a ama aba saa ne sɛ, nyansahufo pii ne nnipa foforo ka sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ, na adannandi mmom na wogye tom. Nanso, Yehowa ama nsɛmmisa a ahyɛ nnipa pii so no ho mmuae wɔ n’Asɛm no mu. Yehowa ayɛ abɔde mu mmara ahorow a ɛnsakra na yetumi de yɛn ho to so. Saa mmara ahorow no boa anyinam nkanea ho adwumayɛfo, dorobɛn ho adwumayɛfo, mfiriyɛfo, wɔn a wɔka wimhyɛn, ne nnuruyɛfo a wɔyɛ oprehyɛn ma wotumi yɛ wɔn nnwuma. w16.11 2:4, 5
Kwasida, May 20
Ɛnam [Onyankopɔn] so na yɛwɔ nkwa na yɛkeka yɛn ho na yɛwɔ hɔ.—Aso. 17:28.
Nneɛma pii nti na ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase! Ɔno na yɛdan no. Sɛ ɛnyɛ ɔno a, anka yɛrentumi nkeka yɛn ho mpo na kampɛsɛ yɛatena nkwa mu. Wama yɛn akyɛde bi a ɛsom bo paa. Ɛno ne n’Asɛm Bible no. Sɛnea Kristofo a wɔwɔ Tesalonika no gyee Onyankopɔn asɛm no sɛ asɛm a efi Onyankopɔn hɔ no, saa ara na yɛn nso yɛde anigye gye tom. (1 Tes. 2:13) Onyankopɔn Asɛm no aboa yɛn ama yɛabɛn Yehowa, na ɔno nso abɛn yɛn. (Yak. 4:8) Ɛyɛ hokwan soronko na yɛanya afi yɛn soro Agya no hɔ sɛ yɛwɔ n’ahyehyɛde no mu. Yɛn ani sɔ saa nhyira no paa! Odwontofo no too dwom dɛdɛɛdɛ sɛ: “Monna Yehowa ase, efisɛ oye: na n’adɔe wɔ hɔ daa.” (Dw. 136:1) Nnyeso a ɛne sɛ, “na n’adɔe wɔ hɔ daa” no pue mpɛn aduonu nsia wɔ Dwom 136 mu. Sɛ yedi Yehowa ne n’ahyehyɛde no nokware a, yɛbɛtena ase daa, na yebehu paa sɛ, Yehowa adɔe wɔ hɔ daa! w16.11 3:18, 19
Dwoda, May 21
Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.—Rom. 5:12.
Sɛ wohwɛ Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? nhoma no mu a, wubehu sɛ wɔde saa kyerɛwsɛm no adi dwuma wom mpɛn pii. Sɛ wo ne wo mma anaa nkurɔfo resua saa nhoma no a, ebia mobɛkenkan Romafo 5:12 bere a moresua nea enti a Onyankopɔn bɔɔ asase wɔ ti 3, nea enti a yehia agyede no wɔ ti 5, ne tebea a awufo wom wɔ ti 6. Nanso mpɛn ahe na sɛ wokenkan Romafo 5:12 a, ɛyɛ a wudwen wo ne Yehowa abusuabɔ, wo nneyɛe, ne wo daakye ho? Nokwasɛm ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa gye tom sɛ yɛyɛ abɔnefo. Da biara da, yedi mfomso. Nanso, Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ, Onyankopɔn kae sɛ yɛyɛ mfutuma, na wayɛ krado sɛ ɔbɛda mmɔborɔhunu adi akyerɛ yɛn. (Dw. 103:13, 14) Bere a Yesu rekyerɛ n’asuafo no sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ Onyankopɔn mpae no, ɔde kaa ho sɛ: “Fa yɛn bɔne firi yɛn.” (Luka 11:2-4) Ɛno nti, mfomso a Onyankopɔn de afiri yɛn no, ɛnsɛ sɛ yɛkɔ so dwinnwen ho bio. Ne nyinaa mu no, sɛ yesusuw sɛnea Onyankopɔn de yɛn mfomso firii yɛn ne ɔkwan a ɔfaa so yɛɛ saa ho a, ɛbɛboa yɛn. w16.12 1:1-3
Benada, May 22
Wɔn a wɔnam ɔhonam mu no de wɔn adwene si ɔhonam mu nneɛma so.—Rom. 8:5.
Ná ɛfata sɛ Kristofo a wɔwɔ Roma no susuw nea ɛho hia wɔn paa wɔ wɔn asetena mu ho. Ebetumi aba sɛ na “ɔhonam mu nneɛma” agye wɔn adwene, anaa ɛno na na wɔde wɔn adwene asi so? Yɛn nso, ehia sɛ yebisa yɛn ho asɛm koro no ara wɔ yɛn asetena mu. Nneɛma bɛn na ehia yɛn paa wɔ yɛn asetena mu, na dɛn na yɛtaa bɔ ho nkɔmmɔ? Dɛn paa na yedi akyi da biara da? Ebia ebinom behu sɛ, nea ehia wɔn paa ne sɛ wɔbɛka nsã ahorow pii ahwɛ, wobesiesie wɔn fie, wobenya ntade a aba so, wɔde wɔn sika bɛhyɛ nnwuma bi mu, wobetutu akwan akogye wɔn ani, ne nea ɛkeka ho. Saa nneɛma no nyɛ bɔne ankasa; ɛka nneɛma a nnipa yɛ no daa wɔ wɔn asetena mu no ho. Sɛ nhwɛso no, bere bi Yesu yɛɛ nsã, na Paulo nso ka kyerɛɛ Timoteo sɛ ɔnnom “bobesa kakra.” (1 Tim. 5:23; Yoh. 2:3-11) Nanso, Yesu ne Paulo maa nsã bɛyɛɛ ade titiriw wɔ wɔn asetenam? Ɛno ne ade a na ɛda wɔn koma so, kyerɛ sɛ, ɛno na na wɔbɔ ho nkɔmmɔ ‘bere nyinaa’? Dabi. Yɛn nso ɛ? Dɛn paa na ɛho hia yɛn wɔ yɛn asetena mu? w16.12 2:5, 10, 11
Wukuda, May 23
Merennyaw wo na merempa wo nso da.—Heb. 13:5.
Yehowa bɔhyɛ yi boa yɛn ma yɛte asɛm a Yesu kae sɛ yɛnhwehwɛ Ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan no ase yiye. (Mat. 6:33) Bere bi, ɔsomafo Petro bisaa Yesu sɛ: “Hwɛ! Yɛagyaw nneɛma nyinaa abedi w’akyi; dɛn koraa na yebenya?” (Mat. 19:27) Sɛ́ anka Yesu bɛka Petro anim sɛ wabisa asɛm a ɛte saa no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, nneɛma a wɔde abɔ afɔre no, wobenya so akatua. Yesu ne asomafo no ne afoforo bedi ade wɔ soro daakye. Seesei mpo, akatua bi wɔ hɔ. Yesu kae sɛ: “Obiara a wagyaw afie anaa nuabarimanom anaa nuabeanom anaa papa anaa maame anaa mma anaa nsase esiane me din nti no benya no mmɔho pii na wanya daa nkwa.” (Mat. 19:29) Ná nhyira a Yesu asuafo benya no som bo koraa sen biribiara a wɔde bɛbɔ afɔre. Ahenni no nti, sɛ yɛtwe yɛn ho fi nneɛma bi ho anaa yegyae akyi di a, yebenya honhom fam papanom, maamenom, nuabarimanom, nuabeanom, ne mma. So ɛno nsom bo koraa nsen nneɛma a yɛde abɔ afɔre no? w16.12 4:4, 5
Yawda, May 24
Gyidi ne awerɛhyem a yɛde twɛn biribi a yɛn ani da so.—Heb. 11:1.
Nokware Kristofo wɔ anidaso a ɛso bi nni! Sɛ wɔasra yɛn oo, sɛ yɛka “nguan foforo” no ho oo, yɛn nyinaa hwɛ kwan sɛ yebehu Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw no mmamu ne Yehowa din ho a wɔbɛtew. (Yoh. 10:16; Mat. 6:9, 10) Weinom ne nneɛma a ɛho hia sen biara a obi betumi ahwɛ kwan. Yɛrehwɛ kwan denneennen nso sɛ yɛn nsa bɛka akatua a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ a ɛne daa nkwa no. Ebinom benya wɔn de wɔ “ɔsoro foforo” no mu, na ebinom nso anya wɔn de wɔ “asase foforo” no so. (2 Pet. 3:13) Enkosi saa bere no, yɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛkɔ so aboa ne nkurɔfo na wakyerɛ wɔn kwan. Nnipa a wɔwɔ Satan wiase no mu nso wɔ anidaso bi, nanso wɔn adwene nsi wɔn pi sɛ wɔn nsa bɛka nea wɔrehwɛ kwan no. Sɛ nhwɛso no, nnipa ɔpepem pii hwɛ kwan sɛ wobedi loto, nanso wɔrentumi nka nsi so pi sɛ wobedi. Gyidi mapa nte saa. Ɛno de, ɛyɛ “awerɛhyem a yɛde twɛn” Kristofo anidaso no. w16.10 3:1, 2
Fida, May 25
Sɛnea akyɛde a obiara nsa aka te no, momfa nsonsom mo ho.—1 Pet. 4:10.
Yehowa ayɛ yɛn adom ama yɛn nyinaa akyɛde ahorow; nimdeɛ ne nyansa. Yebetumi de ahyɛ no anuonyam anaa yɛde aboa yɛn nuanom. (Rom. 12:4-8) Yehowa ama yɛn adwuma sɛ afiehwɛfo. Ɛyɛ adwuma a nidi bata ho, na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn gye yɛn di sɛ nea ɔde adom yɛn no yɛde bɛboa afoforo. Sɛ yɛwɔ hokwan bi wɔ asafo no mu a, ɛnkyerɛ sɛ ɛrentumi mfi yɛn nsa da. Ɛwom ara a, ebetumi asesa. Yɛmfa Yesu nyɛ nhwɛso. Mfiase no, na ɔne Yehowa nko ara na ɛwɔ hɔ. (Mmeb. 8:22) Ɔboa ma wɔbɔɔ ɔsoro abɔfo, ɔsoro ne asase, na akyiri yi wɔbɔɔ nnipa. (Kol. 1:16) Ne nyinaa akyi, Yesu baa asase so ma wɔwoo no sɛ akokoaa. Afei obenyin yɛɛ panyin. (Filip. 2:7) Bere a Yesu de ne nkwa bɔɔ afɔre sɛ onipa wiei no, ɔsan kɔɔ soro sɛ honhom abɔde na afe 1914 mu no, ɔbɛyɛɛ Onyankopɔn Ahenni no so hene. (Heb. 2:9) Sɛ Yesu di ade Mfirihyia Apem wie a, ɔbɛsan de n’Ahenni no ama Yehowa na “Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa ama obiara.”—1 Kor. 15:28. w17.01 3:11, 12
Memeneda, May 26
Ɛnnɛ mompaw nea mobɛsom no.—Yos. 24:15.
Onyankopɔn ama nnipa akyɛde bi nanso ɛnyɛ obiara na ɔpɛ sɛ ɔde yɛ adwuma; ɔde obiara pɛ ama no enti yɛwɔ ahofadi. Da bi, na ɔbea bi ne n’adamfo resusuw asɛm bi ho. Ná ɔpɛ sɛ ohu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Onkobue n’ano a, ose: “Me deɛ mempɛ haw, kyerɛ me nea menyɛ kɛkɛ. Ɛnyɛ afei na merebɛdwinnwen ahaw me ho.” Sɛ́ anka ɔbea no de n’adwene anaa akyɛde a Ɔbɔadeɛ no de ama no bɛyɛ adwuma no, na ɔpɛ sɛ n’adamfo no tete aduan hyɛ n’ano anaa ɔkyerɛ no nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Wo nso ɛ? Ɛyɛ a wopɛ sɛ wo ara wusisi wo gyinae anaa daa gye sɛ obi kyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ? Ahofadi a Onyankopɔn de ama yɛn no, wubu no sɛn? Nkurɔfo de mfe pii abooboo asɛm yi ho. Ebinom kyerɛ sɛ Onyankopɔn mfaa obiara pɛ mmaa no; biribiara a yɛbɛyɛ no, Onyankopɔn na ahyehyɛ ato hɔ. Ebinom mpo deɛ, wɔn asɛm ne sɛ sɛ Onyankopɔn de yɛn pɛ ma yɛn koraa a, ɛno na ɛbɛma yɛade yɛn ho korakora. Sɛ saa na nkurɔfo reka a, ɛnde yɛnhwɛ nea Onyankopɔn Asɛm Bible nso ka. Bible bɛboa yɛn sɛn? Ɛbɛma yɛahu sɛ Yehowa bɔɔ nnipa no, ɔde obiara pɛ maa no. Enti obiara wɔ kwan sɛ osisi ɔno ara ne gyinae. w17.01 2:1, 2
Kwasida, May 27
Me ba Solomon yɛ abofra, na ɔyɛ mmerɛw . . . Enti ma minsiesie biribi nsie mma no.—1 Be. 22:5.
Ɛbɛyɛ sɛ Dawid nyaa adwene sɛ Solomon rentumi nyɛ adwumasono a ɛte saa no, sɛ obesi ofie ama Onyankopɔn. Adeɛ yi yɛreka yi, na asɔrefie no yɛ “kokuroo.” Solomon nso, saa bere no na ɔyɛ “abofra,” na “na ɔyɛ mmerɛw.” Nanso na Dawid nim sɛ Yehowa bɛboa Solomon ama wayɛ adwuma no. Enti Dawid hwɛɛ nea obetumi ayɛ de aboa adwuma no. Wei nti ɔboaboaa nneɛma pii ano guu hɔ maa Solomon. Saa ara na ɛnnɛ, asafo mu mpanyimfo a wɔn mfe akɔ anim no, sɛ ɛho behia sɛ wɔde wɔn adwuma ma mmerante a, ɛnsɛ sɛ wɔma ɛhaw wɔn. Mmom, ɛsɛ sɛ wohu sɛ, sɛ wɔtete mmerante ma woso adwuma no mu a, ɛboa ma adwuma no kɔ so. Sɛ mpanyimfo tete mmerante ma wonya nkɔanim, na akyiri yi wɔn nnwuma kodi mmerante no nsam a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no ma wɔn ani gye paa. w17.01 5:8, 9
Dwoda, May 28
Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbea no ntam ne w’aseni ne n’aseni ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti.—Gen. 3:15.
Sɛ Onyankopɔn Ahenni no so hene no, Yesu bɛpɛtɛw ɔwɔ no ti na wayi ɔhaw a Satan atuatew no de aba amansan yi mu nyinaa afi hɔ korakora. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔboaa n’asuafo no ma wohui sɛ Onyankopɔn Ahenni no ho hia. Yesu asubɔ akyi pɛɛ na ofii ase kaa “Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa” no wɔ mmeae pii. (Luka 4:43) Asɛm a etwa to a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo ansa na ɔrekɔ soro ne sɛ, wɔnyɛ n’adansefo nkɔpem “asase ano nohoa.” (Aso. 1:6-8) Ahenni ho asɛmpaka adwuma no na na ɛbɛma asase so nnipa nyinaa anya hokwan asua agyede no ho ade na wɔabɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no manfo. Ɛnnɛ, nea yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛtaa Ahenni no akyi ne sɛ yɛbɛboa Kristo nuanom a wɔwɔ asase so no ama wɔadi ahyɛde a wɔde ama wɔn sɛ wɔnka Ahenni ho asɛmpa no wɔ wiase nyinaa no so.—Mat. 24:14; 25:40. w17.02 2:7, 8
Benada, May 29
[Kristo] de ebinom ama sɛ asomafo.—Efe. 4:11.
Ɛwom sɛ na akwankyerɛ kuw no wɔ tumi wɔ tete Kristofo asafo no mu de, nanso na wonim sɛ wɔn Kannifo ne Yesu. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Momma yɛmfa ɔdɔ so nnyin wɔ nneɛma nyinaa mu nkɔ Kristo a ɔne ti no mu.’ (Efe. 4:15) Sɛ́ anka Yesu akyidifo no de ɔsomafo titiriw bi din bɛto wɔn ho so no, ‘wɔfrɛɛ asuafo no Kristofo wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ase.’ (Aso. 11:26) Ɛwom, Paulo hui sɛ ehia sɛ wokura ‘nea wɔn nsa kae,’ anaa asomafo no nkyerɛkyerɛ a egyina Kyerɛwnsɛm so no mu. Ne nyinaa akyi no, ɔde kaa ho sɛ: “Nanso mepɛ sɛ muhu sɛ ɔbarima biara [a akwankyerɛ kuw no muni biara ka ho] ti ne Kristo; . . . Kristo nso ti ne Onyankopɔn.” (1 Kor. 11:2, 3) Enti, na Kristo Yesu a wɔahyɛ no anuonyam a aniwa nhu no no na ɔredi asafo no anim wɔ Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ ne Ti no akwankyerɛ ase. w17.02 4:7
Wukuda, May 30
Wɔmfa nidi mmɔho mma mpanyimfo a wodi nneɛma anim yiye no.—1 Tim. 5:17.
Sɛ yɛde nidi ma wɔn a ɛfata wɔn a, ɛremma yɛnyɛ pɛsɛmenkominya. Ɛboa yɛn ma sɛ afoforo de nidi bi ma yɛn a, yɛrenyɛ ahomaso. Ɛsan nso boa yɛn ma yɛne Yehowa ahyehyɛde no nantew, efisɛ Yehowa ahyehyɛde no mfa nidi a ɛtra so anaa nidi a ɛmfata mma onipa biara, sɛ́ wɔyɛ gyidifo anaasɛ wɔnyɛ gyidifo no. Afei nso, nyansa wom sɛ yɛrenhoahoa nkurɔfo efisɛ ɛbɛboa yɛn na sɛ nnipa bi a yɛde nidi ma wɔn di yɛn huammɔ a, anto yɛn hintidua. Sɛ yɛde nidi a ɛfata ma wɔn a ɛsɛ wɔn a, mfaso a ɛkyɛn so a yebenya ne sɛ, ɛbɛma yɛasɔ Onyankopɔn ani. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛreyɛ nea Yehowa pɛ, na ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so akura yɛn mudi mu. Ɛno bɛma Yehowa anya asɛm abua obiara a ɔbɛyɛ n’adwene sɛ ɔbɛbɔ no ahohora no. (Mmeb. 27:11) Nnipa a wɔwɔ wiase no mu dodow no ara nnim sɛnea wɔde nidi a ɛfata bɛma afoforo. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛabehu sɛnea yɛde nidi bɛma afoforo ma asɔ Yehowa ani. w17.03 1:13, 20, 21
Yawda, May 31
[Yehosafat yɛɛ] nea ɛteɛ Yehowa ani so.—2 Be. 20:32.
Yehosafat hyɛɛ nkurɔfo no nkuran ma wɔhwehwɛɛ Yehowa sɛnea ne papa Asa yɛe no. Ɔyɛɛ nhyehyɛe ma wɔde “Yehowa mmara nhoma no” kɔkyerɛkyerɛɛ ne manfo no. (2 Be. 17:7-10) Yehosafat kɔɔ Israel ahemman a ɛwɔ atifi fam no mpo mu. Ɔkɔe araa koduu Efraim mmepɔw so ‘sɛ ɔbɛdan nkurɔfo no aba Yehowa nkyɛn.’ (2 Be. 19:4) Yɛn nyinaa betumi ayɛ nkyerɛkyerɛ adwuma kɛse a Yehowa ama wɔreyɛ no nnɛ no bi. Wode asi w’ani so sɛ bosome biara wode Onyankopɔn Asɛm no bɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo de akanyan wɔn koma ama wɔabɛsom Onyankopɔn anaa? Sɛ woyere wo ho a, Onyankopɔn bɛboa wo ama woatumi anya obi a wo ne no befi ase asua Bible. Wobɔ biribi a ɛte saa ho mpae anaa? Woayɛ krado sɛ wobɛhwehwɛ obi ne no asua Bible? Sɛ mpo ɛsɛ sɛ wode bere a wode dwudwo wo ho no bi bɔ afɔre a, wobɛyɛ saa anaa? Sɛnea Yehosafat kɔɔ Efraim sɛ ɔrekɔboa nnipa a wɔwɔ hɔ ama wɔasan aba nokware som mu no, saa ara na yɛn nso yebetumi akɔboa wɔn a wɔagyae asɛnkakɔ no. w17.03 3:10, 11