April
Kwasida, April 1
Mo a anka bere bi na moyɛ ananafo ne atamfo esiane mo adwene a na ɛwɔ nnwuma bɔne so nti no, afei de waka mo ne no abom bio denam obiako no honam nipadua so wɔ ne wu mu.—Kol. 1:21, 22.
Ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛma nkurɔfo hu sɛ wobetumi ne wɔn Bɔfo no afa adamfo. Onyankopɔn bu nkurɔfo a wonnya nnyaa Yesu afɔrebɔ no mu gyidi no sɛ n’atamfo. Ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Nea ogye Ɔba no di no wɔ daa nkwa; nea ontie Ɔba no renhu nkwa, na Onyankopɔn abufuhyew wɔ no so.” (Yoh. 3:36) Anigyesɛm ne sɛ, Kristo afɔrebɔ no aka yɛne Onyankopɔn abom bio. (2 Kor. 5:18-20) Yɛde Onyankopɔn asɛm no rekyerɛkyerɛ nnipa pii, na yɛreboa nkurɔfo ama wɔne Yehowa ntam ayɛ kama. Eyi ho hia paa wɔ asɛnka adwuma a yɛreyɛ no mu. w16.07 4:8-10
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 14) Yohane 19:1-42
Dwoda, April 2
Wo din ho ntew.—Mat. 6:9.
Mpae a Yesu kyerɛɛ n’asuafo no mu no, adesrɛ a ɔde dii kan ne sɛ Onyankopɔn din ho ntew. Esiane sɛ Yehowa yɛ kronkron nti, ne gyinapɛn ne ne mmara nyinaa nso yɛ kronkron. Nanso wei nyinaa akyi no, Satan nam anifere kwan so kae wɔ Eden turom sɛ Onyankopɔn nni hokwan sɛ ɔma nnipa gyinapɛn a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ so bɔ wɔn bra. Satan twaa atoro too Yehowa so de guu Onyankopɔn din kronkron no ho fĩ. (Gen. 3:1-5) Yesu de, na Yehowa din no da ne koma so paa. (Yoh. 17:25, 26) Yesu tew Onyankopɔn din no ho. (Dw. 40:8-10) Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔbɔɔ ne bra yiye paa. Ɔkwan a Yesu faa so bɔɔ ne bra no ma ɛdaa adi sɛ ɛfata na ɛteɛ sɛ Yehowa bɛma abɔfo ne nnipa gyinapɛn a wɔde bɛbɔ wɔn bra. Yesu dii ne soro Agya no nokware kosii owu mu. Eyi ma ɛdaa adi sɛ, onipa a ɔyɛ pɛ betumi ayɛ osetie ama Onyankopɔn na ɔde Onyankopɔn gyinapɛn a ɛteɛ no abɔ ne bra bere nyinaa. w17.02 2:2-4
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 15) Mateo 27:62-66 (Nsɛm a esisii bere a owia akɔtɔ: Nisan 16) Yohane 20:1
Benada, April 3
‘Nidi ne anuonyam nka Oguammaa no.’—Adi. 5:13.
Oguammaa no ne Yesu Kristo, “Onyankopɔn Guammaa a oyi wiase bɔne fi hɔ no.” (Yoh. 1:29) Bible ma yehu sɛ Yesu korɔn koraa sen onipa biara a wadi hene pɛn ne wɔn a wɔredi hene seesei no nyinaa. Bible ka Yesu ho asɛm sɛ: ‘Ɔyɛ ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade, nea ne nkutoo wɔ nkwa a owu nnim, na ɔte hann a wontumi mmɛn ho mu, nea onipa biako mpo nhuu no da na obiara ntumi nhu no.’ (1 Tim. 6:14-16) Nokwasɛm ne sɛ, ɔhene foforo bɛn na yɛn bɔne nti, wafi ne pɛ mu awu de ne nkwa ayɛ agyede ama yɛn? So biribi nka wo sɛ wo ne honhom abɔde ɔpedudu a wɔwɔ soro no mmom nka asɛm a edi hɔ yi anaa? Honhom abɔde a wɔwɔ soro no ka sɛ: “Oguammaa a wokum no no fata sɛ ogye tumi ne ahonya ne nyansa ne ahoɔden ne nidi ne anuonyam ne nhyira.” (Adi. 5:12) Ɛnyɛ sɛ, sɛ yɛpɛ a na yebedi Yehowa ne Kristo ni. Sɛ yebenya daa nkwa a, ɛsɛ sɛ yedi wɔn ni.—Dw. 2:11, 12; Yoh. 5:23. w17.03 1:3, 4
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 16) Yohane 20:2-18
Wukuda, April 4
Sɛ mode me san kɔ . . . a, ɛnde mɛyɛ mo ti!—Atem. 11:9.
Ná Yefta yɛ ɔbarima katakyi kokodurufo, na na onim Israel abakɔsɛm ne Mose Mmara no yiye. Sɛnea Yehowa ne ne nkurɔfo dii no maa Yefta huu Onyankopɔn adwene wɔ papa ne bɔne ho. (Atem. 11:12-27) Yefta dwinnwen saa nsɛm no ho, na ɛboaa no ma osisii gyinae. Ná onim sɛ Yehowa kyi abufuw ne menasepɔw, na na onim sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ne nkurɔfo dodɔ wɔn ho. Bio nso, Mose Mmara no ma ohuu sɛnea ɛsɛ sɛ ɔne afoforo tena; wɔn a na wɔtan no mpo ka ho. (Ex. 23:5; Lev. 19:17, 18) Ɛbɛyɛ sɛ Yosef asɛm no boaa Yefta. Ebia ɔtee sɛ Yosef nuanom tan no nanso ohuu wɔn mmɔbɔ. (Gen. 37:4; 45:4, 5) Yefta dwinnwen nea Yosef yɛe no ho, na ɛbɛyɛ sɛ ɛno na ɛboaa no ma ɔyɛɛ nea ɛsɔ Yehowa ani no. Nea Yefta nuanom yɛe no yɛɛ no yaw paa. Nanso ade a na ɛda Yefta koma so paa ne sɛ ɔbɛko agye Yehowa nkurɔfo na watew Yehowa din ho.—Atem. 11:1-3. w16.04 1:8, 9
Yawda, April 5
Wɔkɔɔ so tuu wɔn ho sii hɔ, na wɔboom kyɛɛ nneɛma, [anaa wɔkɔɔ so hyiaam].—Aso. 2:42.
Yehowa nkurɔfo ani gye ho sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho bɛbɔ bere nyinaa. Ná Kristofo a wɔwɔ asomafo no bere so no ani gye ho paa sɛ wobehyiam asom Yehowa na wɔasua ne ho ade. Ɛda adi sɛ wo nso w’ani gye ho sɛ wobɛkɔ asafo nhyiam. Nanso sɛnea ɛtaa yɛ anuanom nyinaa no, ebia ɛyɛ wo den sɛ wobɛkɔ asafo nhyiam daa. Ebia wode nnɔnhwerew pii yɛ adwuma anaa wowɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ woyɛ, enti bere nyinaa na woabrɛ. Sɛ yɛkyerɛ asafo nhyiam ho anisɔ a, ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ nea yebetumi biara akɔ asafo nhyiam. Yɛn nuanom binom ntumi nkɔ asafo nhyiam daa esiane tebea ahorow a wontumi nyɛ ho hwee nti. Ebia na wɔyare denneennen. Asafo mu mpanyimfo betumi aboa wɔn a wɔte saa ma wɔatie dwumadi a ɛkɔ so wɔ asafo nhyiam ase no. Wobetumi ama wɔatie wɔ tɛlɛfon so, na wobetumi nso akyere agu afiri so akɔma wɔn. w16.04 3:3
Fida, April 6
Momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.—Yoh. 16:33.
Ade a ɛbɛboa yɛn na yɛannyina ɔfã biara akyi ne sɛ yebedwinnwen nea Yehowa asomfo anokwafo yɛe ho. Nnipa a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no, wɔn mu pii nyaa akokoduru sisii gyinae pa. Wei boaa wɔn ma enti wɔannyina ɔfã biara akyi. Yɛnhwɛ Sadrak, Mesak, ne Abednego. Wɔansom ohoni a na egyina hɔ ma Babilon ahenni no. (Dan. 3:16-18) Bible mu asɛm yi aboa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ pii ma wɔanya akokoduru, enti wɔnsom ɔman a wɔte mu no frankaa. Amanyɔsɛm anaa nsɛm a ɛpaapae nnipa mu no, Yesu amfa ne ho anhyɛ mu. Ná onim sɛ ne nhwɛso pa no bɛboa n’asuafo. Ɔkae sɛ: “Momma mo bo ntɔ mo yam!” Anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ w’asafo mu betumi aboa ma woatwe wo ho afi wiase no nsɛmnsɛm ho. Asafo no mufo binom nim ɔhaw a wowɔ mu a, wobetumi ahyɛ wo nkuran. Ka kyerɛ wɔn sɛ wɔmmɔ mpae mma wo. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛboa yɛn nuanom na yɛbɔ mpae ma wɔn.—Mat. 7:12. w16.04 4:16, 18
Memeneda, April 7
Wo man betu wɔn ho ama koraa.—Dw. 110:3.
Sɛ ɛba kɔlɛhyen a, wuhu Yehowa Adansefo sɛn? Ntoboa a nkurɔfo fi wɔn pɛ mu yi na Adansefo no de yɛ wɔn som adwuma no. (2 Kor. 9:7) Wɔnto kɔlɛhyen wɔ Ahenni Asa so anaa wɔn nhyiam akɛse ase. Nanso, afe 2015 nkutoo no, Yehowa Adansefo de bɛboro nnɔnhwerew ɔpepepem 1.93 na ɛyɛɛ asɛmpaka adwuma no, na bosome biara wɔne nnipa bɛboro ɔpepem 9 na esua Bible no a wonnye sika biara. Anwonwasɛm ne sɛ, wontua Yehowa Adansefo ka wɔ asɛmpaka adwuma a wɔyɛ no ho. Ɛnhaw wɔn nso sɛ wɔn ankasa betua ɛka biara wɔbɔ wɔ asɛnka adwuma no ho. Bere a nhwehwɛmufo bi reka asɛnka adwuma a Yehowa Adansefo yɛ ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Nea esi wɔn ani so ara ne sɛ wɔbɛka asɛmpa no na wɔakyerɛkyerɛ . . . Wonni asɔfo, na ɛno mma wɔmmɔ ka pii.” Sɛ saa a, ɛnde adwene bɛn na yɛde ka asɛmpa no? Nea ɛwom ara ne sɛ, yɛdɔ Yehowa ne yɛn yɔnko nnipa, enti yefi yɛn pɛ mu na ɛka asɛmpa no. Sɛnea yetu yɛn ho ma ka asɛmpa no, ɛma nkɔmhyɛ a ɛyɛ ɛnnɛ asɛm no ba mu. w16.05 2:9
Kwasida, April 8
Nyansa a efi soro no de, nea edi kan no, ɛho tew, ɛpɛ asomdwoe, ɛwɔ ntease, ɛyɛ asoɔmmerɛw, mmɔborɔhunu ne aba pa ayɛ no mã.—Yak. 3:17.
Ne saa nti, anigyede biara a ɛma yenya adwene ne nsusuwii bɔne no, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho. Kristoni a onim nea Yehowa pɛ ne nea ɔmpɛ no nim nhoma a ɛfata sɛ ɔkenkan, sini a ɛfata sɛ ɔhwɛ, anaa agorɔ a ɛfata sɛ odi. Yehowa adwene wɔ nneɛma a ɛte saa ho no, waka ho asɛm pefee wɔ n’Asɛm no mu. Nneɛma pii wɔ hɔ a, ɛmfa ho sɛnea yebesi ho gyinae biara no, Yehowa ani gye ho. Nanso sɛ ehia sɛ yesisi gyinae a emu yɛ duru a, ɛtɔ mmere bi a ɛbɛyɛ papa sɛ yɛhwehwɛ afotu fi asafo mu mpanyimfo anaa Kristofo a wɔn ho akokwaw hɔ. (Tito 2:3-5; Yak. 5:13-15) Ne nyinaa mu no, ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛka sɛ afoforo nsi gyinae mma yɛn. Ɛsɛ sɛ Kristofo tete wɔn adwene na wɔde yɛ adwuma. (Heb. 5:14) Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa tie Paulo afotu yi. Ɔkae sɛ: “Obiara bɛsoa n’ankasa adesoa.”—Gal. 6:5. w16.05 3:15, 16
Dwoda, April 9
Na meyɛ mmusubɔfo, metaa nkurɔfo, na meyɛɛ aniammɔho.—1 Tim. 1:13.
Sɛ Yehowa hwɛ nnipa a, ɔmfa n’adwene nsi nea aniwa hu so. Mmom, ɔhwɛ nea ɛwɔ onipa no koma mu. (1 Sam. 16:7b) Bere a Onyankopɔn hyehyɛɛ Kristofo asafo no, saa asɛm yi daa adi kɛse. Ɔtwee nnipa pii baa ɔne ne Ba no nkyɛn. Nnipa ani so no, ɛbɛyɛ sɛ na saa nkurɔfo no mfata. (Yoh. 6:44) Saa nkurɔfo no mu baako ne Farisini bi a ne din de Saul. Nanso, nea “ɔhwehwɛ koma mu” no anhu Saul sɛ ɔyɛ dɔte a mfaso nni so. (Mmeb. 17:3) Mmom no, Onyankopɔn hui sɛ ɔyɛ dɔte a obetumi de no ayɛ anwenne a ɛsom bo. Nokwasɛm ne sɛ, na ɔyɛ “anwenne a wɔapaw” no a obedi “amanaman ne ahene ne Israel mma” adanse. (Aso. 9:15) Onyankopɔn hui sɛ afoforo nso fata sɛ ɔde wɔn yɛ anwenne a “ɛho wɔ nyam.” Ná wɔn mu bi yɛ asabofo, nnipa a wɔn bra asɛe, ne akorɔmfo. (Rom. 9:21; 1 Kor. 6:9-11) Bere a wɔtee Onyankopɔn Asɛm ase yiye no, gyidi a wɔanya wɔ Yehowa mu no, wɔhyɛɛ mu den. Wɔmaa Yehowa boaa wɔn ma wɔsakraa wɔn abrabɔ. w16.06 1:4
Benada, April 10
Hwɛ! sɛnea dɔte te wɔ ɔnwemfo nsam no, saa ara na mo nso mote wɔ me nsam.—Yer. 18:6.
Onyankopɔn ayɛ nhyehyɛe a ɛboa yɛn ma yɛkɔ so yɛ sɛ dɔte a ɛyɛ mmerɛw. Emu bi ne n’Asɛm, Kristofo asafo no ne asɛnka adwuma no. Sɛnea nsu ma dɔte yɛ mmerɛw no, saa ara nso na sɛ yɛkenkan Bible da biara da dwinnwen ho a, ɛboa yɛn ma yɛyɛ mmerɛw wɔ Yehowa nsam. Ná Yehowa hwehwɛ sɛ Israel ahemfo no ankasa kyerɛw ne mmara no bi fa, na wɔkenkan no da biara da. (Deut. 17:18, 19) Asomafo no nso behui sɛ, sɛ wɔkenkan Kyerɛwnsɛm no na wodwinnwen ho a, ɛbɛboa wɔn paa ma wɔayɛ asɛnka adwuma no. Asomafo no nhoma a wɔkyerɛwee mu no, wɔfaa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm pii kae, na wɔtwee adwene sii emu nsɛm no bi so. Nkurɔfo a wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no, wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔn nso nyɛ saa ara. (Aso. 17:11) Ɛnnɛ, sɛ yɛbɔ mpae na yɛkenkan Bible da biara dwinnwen ho a, yehu sɛ mfaso wɔ so paa. (1 Tim. 4:15) Yɛyɛ saa a, ɛma yɛkɔ so brɛ yɛn ho ase ma Yehowa, na yɛyɛ mmerɛw wɔ ne nsam. w16.06 2:10
Wukuda, April 11
Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.—Yoh. 13:35.
Mfe kakra a atwam no, amanaman no de wɔn ho hyɛɛ akodi a ɛyɛ hu mu. Saa bere no, Yehowa nkurɔfo kyerɛe sɛ wɔdɔ wɔn yɔnko nipa. Sɛ nhwɛso no, Wiase Ko II nkutoo mu no, wokunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 55. Nanso Yehowa Adansefo amfa wɔn ho anhyɛ mogyahwiegu kɛse a ɛkɔɔ so wɔ wiase nyinaa no mu. (Mika 4:1, 3) Wei aboa wɔn ama wɔn ho “afi wɔ nnipa nyinaa mogya ho.” (Aso. 20:26) Bible ka sɛ Satan yɛ “wiase yi nyame,” na ɔno na odi wiase yi so. Nanso nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, Onyankopɔn nkurɔfo renya nkɔso wɔ wiase a nitan ahyɛ mu ma yi mu. (2 Kor. 4:4) Satan na ɔkyerɛ wiase yi amanyɔfo ne nsɛm ho amanneɛbɔfo kwan. Nanso ɔrentumi mma yennyae asɛmpaka adwuma no. Esiane sɛ Satan nim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa nti, wayere ne ho sɛ ɔbɛma nkurɔfo atwe wɔn ho afi nokware som ho. Akwan pii na ɔfa so yɛ saa.—Adi. 12:12. w16.06 4:3, 4
Yawda, April 12
Monhwɛ wuram sukooko nsua biribi.—Mat. 6:28.
Yesu danee yɛn adwene kɔɔ Yehowa nsa ano adwuma so. “Wuram sukooko” yɛ fɛ, na yebetumi ahwɛ asua nneɛma pii. Bere a Yesu kaa sukooko ho asɛm no, ebetumi aba sɛ nhwiren a ɛyɛ fɛ te sɛ wuram sukooko ho asɛm na na ɔreka. Wuram sukooko nto asaawa, ɛmpam atade, na saa ara nso na ɛnwene ntama. Nanso, ne nhwiren yɛ fɛ paa, na ɛsɛ w’ani! Bible ka mpo sɛ: “Solomon anuonyam nyinaa akyi mpo no, wanhyehyɛ ne ho sɛ eyinom mu biako”! Hyɛ asɛm a na Yesu reka no nsow. Ɔkae sɛ: “Sɛ Onyankopɔn hyɛ wuram afifide a ɛwɔ hɔ . . . no atade a, so ɔrenhyɛ mo atade mmoro so, mo a mo gyidi sua?” (Mat. 6:29, 30) Ná ɔbɛhyɛ wɔn ntade ama aboro so! Nanso na Yesu asuafo no gyidi sua. (Mat. 8:26; 14:31; 16:8; 17:20) Ná ehia sɛ wonya Yehowa mu gyidi ne awerɛhyem paa. Yɛn nso ɛ? Yehowa pɛ sɛ yɛn nsa ka nea yehia, na ɔwɔ tumi a ɔde bɛyɛ saa nso. Yemmisa yɛn ho sɛ, yɛwɔ gyidi sɛ Yehowa betumi ayɛ saa ama yɛn anaa? w16.07 1:15, 16
Fida, April 13
Sɛnea akyɛde a obiara nsa aka te no, momfa nsonsom mo ho sɛ afiehwɛfo pa a wɔde Onyankopɔn dom akyɛde . . . ahyɛ wɔn nsa.—1 Pet. 4:10.
Sɔhwɛ biara a yebehyia no, Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛagyina ano. (1 Pet. 1:6) Enti sɔhwɛ biara a ɛbɛba yɛn so no, Onyankopɔn beyi ne yam aboa yɛn ama yɛatumi agyina ano bere nyinaa. Esiane sɛ Yehowa da ayamye adi wɔ akwan horow so nti, yenya nhyira pii. Emu baako ne yɛn bɔne a ɔde kyɛ yɛn. Sɛ yɛyɛ bɔne na yenu yɛn ho, na yɛyere yɛn ho ko tia yɛn mmerɛwyɛ a, Yehowa adom nti, ɔde kyɛ yɛn. (1 Yoh. 1:8, 9) Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunu ho anisɔ na yɛhyɛ no anuonyam. Paulo kyerɛwee sɛ: “[Yehowa agye] yɛn afi esum tumi ase de yɛn aba ne Ba a ɔdɔ no no ahenni mu, na ɔno na yɛnam no so anya ogye, kyerɛ sɛ yɛn bɔne fafiri.” (Kol. 1:13, 14) Sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛma yenya nhyira pii. w16.07 3:7-9
Memeneda, April 14
Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti.—Gen. 3:15.
Nea Satan yɛe wɔ Eden nyinaa akyi no, Yehowa maa adesamma nyaa daakye ho anidaso. Saa anidaso no wɔ Bible nkɔmhyɛ a edi kan no mu. Ná Onyankopɔn bɛsoma obi afi abɔfo anokwafo no mu ama ‘wabɛbɔ’ Ɔbonsam ti. Saa aseni no bɛma adesamma asoɔmmerɛwfo nsa aka nea Adam ne Hawa hweree no. Ɛne sɛ, adesamma asoɔmmerɛwfo bɛtena ase daa wɔ asase so ama Yehowa atirimpɔw abam. (Yoh. 3:16) Atua a Adam ne Hawa tewee no de ɔhaw baa wɔn aware no mu. Efi saa bere no, aware biara nni hɔ a ɔhaw nnim. Sɛ nhwɛso no, Hawa faa yaw mu wɔ ne nyinsɛn ne n’awo mu. N’asefo a wɔyɛ mmea nyinaa nso fa yaw koro no ara mu. Ná mmea ani begyina wɔn kununom. Nanso, na mmarima bedi wɔn yerenom so na wɔateetee wɔn mpo, sɛnea yehu wɔ aware pii mu nnɛ no. (Gen. 3:16) Bible hwehwɛ sɛ okununom di wɔn mmusua so wɔ ɔdɔ mu. Ɛsɛ sɛ ɔyerenom nso brɛ wɔn ho ase hyɛ wɔn kununom ase. (Efe. 5:33) Sɛ awarefo a wosuro Onyankopɔn bom yɛ ade a, ebetumi ama tebea ahorow a ɛde akasakasa ba so atew anaa afi hɔ koraa. w16.08 1:6, 7
Kwasida, April 15
Ɔbea, wobɛyɛ dɛn ahu sɛ ɛnyɛ wo na wubegye wo kunu nkwa? Anaasɛ ɔbarima, wobɛyɛ dɛn ahu sɛ ɛnyɛ wo na wubegye wo yere nkwa?—1 Kor. 7:16.
Kristofo binom ahokafo nnya mmɛyɛɛ Yehowa asomfo. Bible ma Kristoni a ɔwɔ tebea a ɛte saa mu hu nea enti paa a ɛsɛ sɛ ɔkɔ so tena aware no ho. (1 Kor. 7:12-14) Sɛ Kristoni bi hokafo a onnya mmɛyɛɛ Yehowa somfo no nim oo, onnim oo, esiane sɛ ne hokafo yɛ gyidini nti, ne ‘ho tew.’ Onyankopɔn bu mma nkumaa biara a wɔwɔ sɛ wɔyɛ “kronn” ma enti ɔbɔ wɔn ho ban. Ɛkame ayɛ sɛ, Yehowa Adansefo asafo biara mu no, wubenya awarefo a nea ɔyɛ Kristoni no ‘agye ne hokafo no nkwa.’ Ɔsomafo Petro tuu ɔyerenom a wɔyɛ Kristofo fo sɛ, wɔmmrɛ wɔn ho ase mma wɔn ankasa wɔn kununom, “na sɛ ebinom anyɛ aso amma asɛm no a, ɔyerenom nam wɔn abrabɔ so anya wɔn a ɔkasa nka ho, efisɛ wɔn ankasa bedi [wɔn] abrabɔ kronn ne obu a emu dɔ no ho adanse.”—1 Pet. 3:1-4. w16.08 2:14, 15
Dwoda, April 16
Mumfi komam nnodɔ mo ho mo ho denneennen.—1 Pet. 1:22.
Bible ma yehu sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yɛda “onuadɔ” adi na yɛsonsom yɛn ho. (Luka 22:24-27) Onyankopɔn Ba no de nea ɔwɔ nyinaa bɔɔ afɔre de som afoforo. Ɔde ne nkwa mpo kaa ho. (Mat. 20:28) Dorka nso, “ná nnwuma pa ne adɔe ayɛ no ma.” (Aso. 9:36, 39) Onuawa bi a na ɔwɔ Roma a ne din de Maria nso ‘yɛɛ adwumaden’ boaa asafo no mufo. (Rom. 16:6) Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn a wɔyɛ foforo ama wɔahu sɛ ɛho hia sɛ wɔboa wɔn nuanom? Adansefo a wɔn ho akokwaw betumi ato nsa afrɛ wɔn a wɔyɛ foforo ama wɔne wɔn akɔsrasra wɔn a wɔyare, ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim. Sɛ ɛfata a, awofo betumi ne wɔn mma akɔ nsrahwɛ a ɛte saa. Asafo mu mpanyimfo betumi ne afoforo abom ahwɛ sɛ yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim a wɔda yɛn koma so no wɔ nnuan pa a wodi. Wɔn afie nso, wobetumi ahwɛ ama wɔasiesie no kama. Sɛ ɛba saa a, mmofra ne wɔn a wɔyɛ foforo besua sɛnea wɔyɛ nnwuma pa ma afoforo, na wɔahu sɛ, ehia sɛ yɛma asafo no mufo nyinaa hu sɛ yɛdɔ wɔn.—Rom. 12:10. w16.08 4:13, 14
Benada, April 17
‘Ɔno ne nea ɔte asɛm no na ɔte ase, na ɔsow aba ankasa.’—Mat. 13:23.
Onuawa kumaa bi a ɔwɔ France kae sɛ: “Sɛ m’akyerɛkyerɛfo te sɛ sukuufo no bi da so gye Bible di a, ɛyɛ wɔn nwonwa paa.” Woyɛ aberante anaa ababaa a wosom Yehowa anaasɛ woresua ne ho ade? Sɛ wuhu sɛ nkurɔfo pii nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ na mmom biribi te sɛ adannandi na wogye di a, ɛyɛ a ɛyɛ wo sɛ di wɔn akyi anaa? Sɛ saa na ɛte a, ɛnde nneɛma bi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de ahyɛ wo gyidi den bere nyinaa. Emu baako ne sɛ wode adwene a Onyankopɔn de ama wo no bedi dwuma ma ‘ahwɛ wo so.’ Ɛbɛbɔ wo ho ban afi wiase yi nyansapɛ a ebetumi asɛe wo gyidi no ho. (Mmeb. 2:10-12) Sɛ yebenya gyidi a edi mũ a, ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ. (1 Tim. 2:4) Enti sɛ woresua Onyankopɔn Asɛm no ne yɛn Kristofo nhoma no a, nkenkan no kɛkɛ. Dwinnwen ho sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wobɛte nea worekenkan no ase.’ w16.09 4:1-3
Wukuda, April 18
Kɔ so fa papa di bɔne so nkonim.—Rom. 12:21.
Sɛ yehyiaa nsɛnnennen wɔ yɛn mmofraase anaa ɛte sɛ nea seesei yenni anidaso biara mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so di apere na yemia yɛn ani gyina mu. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira yɛn. (Gen. 39:21-23) Fa w’adwene bu tebea bi a worehyia seesei a ebia ɛresɔ wo gyidi ahwɛ. Ebia sɔhwɛ a worehyia no yɛ atɛnkyea, ɔtan hunu, anaa fɛwdi mpo. Anaa ebia ahoɔyaw nti obi atwa asɛm ato wo so. Sɛ́ anka wobɛma wo nsam agow na woama asɛm no ahyɛ wo so no, kae nea ɛboaa Yakob, Rahel, ne Yosef ma wɔkɔɔ so de anigye som Yehowa no. Esiane sɛ wɔmaa wɔne Onyankopɔn abusuabɔ ho hiaa wɔn paa nti, Onyankopɔn hyɛɛ wɔn den, na ohyiraa wɔn. Wɔkɔɔ so dii apere, na wɔyɛɛ mpae a wofi wɔn komam bɔe no ho adwuma. Aka kakraa bi na wiase bɔne yi aba awiei. Enti ehia paa sɛ yeso anidaso a yɛwɔ no mu denneennen! Wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛyere wo ho anya Yehowa anim dom? w16.09 2:8, 9
Yawda, April 19
Honhom no aba ne . . . gyidi.—Gal. 5:22.
Awofo, ɛho hia paa sɛ moyɛ gyidi ho nhwɛso. Mo mma bɛhwɛ nea moreyɛ, na ɔkwan biara so ɛbɛboa wɔn. Enti awofo, monkɔ so nhyɛ mo ankasa mo gyidi den. Momma mo mma nhu sɛ mugye di paa sɛ Yehowa wɔ hɔ. Sɛ awarefo bi a wɔwɔ Bermuda kɔ ahohia mu a, wɔne wɔn mma bɔ Yehowa mpae hwehwɛ akwankyerɛ, na wɔhyɛ wɔn mma no nkuran sɛ wɔn mu biara nso mmɔ mpae. Awarefo no ka sɛ: “Yɛka kyerɛ yɛn babea panyin no nso sɛ, ‘Fa wo ho to Yehowa so koraa, fa nsi ne ahokeka kɔ so yɛ Ahenni adwuma no, na nnwinnwen pii.’ Sɛ ɔyɛ saa na ohu nea efi mu ba a, ohu sɛ Yehowa reboa yɛn. Wei aboa no paa ma wabegye adi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na ɔno na ɔma wɔkyerɛw Bible no.” Asɛm no ne sɛ, ehia sɛ mmofra ankasa nya gyidi. Awofo, nea mubetumi ayɛ ne sɛ mubegu aba na moagugu so nsu. Onyankopɔn nkutoo na obetumi ama anyin. (1 Kor. 3:6) Enti, mommɔ mpae nhwehwɛ Onyankopɔn honhom, na monyere mo ho nkyerɛkyerɛ mo mma a wɔda mo koma so no. Sɛ moyɛ saa a, mubetumi anya ahotoso sɛ Yehowa behyira mo adwuma no so.—Efe. 6:4. w16.09 5:16-18
Fida, April 20
Fa [nsɛm yi] dua wo ba komam.—Deut. 6:7.
Serge ne ne yere Muriel somee wɔ asafo bi a wɔka ɔman foforo so kasa mu bɛboro mfe mmiɛnsa. Wohui sɛ wɔn babarima a wadi mfe 17 no anni nnye asɛnkakɔ ne asafo nhyiam ho. Serge kae sɛ: “Bere a yehui sɛ kasa foforo no mma yɛn babarima no nnya nkɔso wɔ Yehowa som mu no, yɛsan kɔɔ asafo a na yɛwom no.” Nneɛma bɛn na ebetumi ama awofo bi asan akɔ? Nea edi kan, ɛsɛ sɛ wosusuw ho hwɛ sɛ wobenya bere ne ahoɔden a ɛbɛma wɔde Yehowa ho dɔ adua wɔn mma koma mu na bere koro no ara wɔakyerɛ wɔn kasa foforo no. Nea ɛto so mmienu, ebia wobehu sɛ wɔn mma ani nnye ho sɛ wɔbɛkɔ asɛnka, asafo nhyiam, anaasɛ wɔn ani nnye ho sɛ wɔbɛkɔ so atena asafo a wɔka ɔman foforo so kasa no mu. Ɛba saa a, ebia awofo a wɔyɛ Kristofo no besusuw ho sɛ wɔbɛsan akɔ asafo a wɔka kasa a wɔn mma no te ase yiye mu kosi sɛ wɔn mma no ase betim wɔ nokware no mu.—Deut. 6:5-7. w16.10 2:14, 15
Memeneda, April 21
Gyidi nti bere a wɔmaa Noa Onyankopɔn kɔkɔbɔ a ɛfa nneɛma a wonnya nhui ho no, ɔdaa Onyankopɔn ho suro adi na ɔyɛɛ adaka a wɔde begye ne fiefo nkwa.—Heb. 11:7.
Sɛnea ɛte biara, na nnipa a Noa ne wɔn te no bebisa no nea enti a ɔreyɛ adaka kɛse a ɛte saa. So Noa kaa n’ano toom anaa ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wonni wɔn fie asɛm? Dabida! Noa gyidi kanyan no ma ɔde akokoduru dii ne beresofo no adanse. Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ Onyankopɔn atemmu a na ɛreba no ho. Ɛbɛyɛ sɛ asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Noa no, Noa tĩĩ mu kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Ɔhonam nyinaa awiei abedu m’anim, efisɛ wɔama amumɔyɛ ahyɛ asase so mã . . . Mɛma nsu ayiri afa asase so asɛe nnipa ne mmoa nyinaa—nea nkwa wom na ɛhome wɔ ɔsoro ase. Biribiara a ɛwɔ asase so bɛsɛe.” Afei nso, sɛnea ɛte biara no, Noa kaa ɔkwan koro pɛ a nkurɔfo no betumi afa so anya nkwa no kyerɛɛ wɔn. Otĩĩ Onyankopɔn ahyɛde no mu kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monkɔ adaka no mu.’ Enti, Noa san daa ne gyidi adi denam adwuma a ɔyɛe sɛ “trenee sɛnkafo” no so.—Gen. 6:13, 17, 18; 2 Pet. 2:5. w16.10 4:7
Kwasida, April 22
Enni onipa nsam, sɛnea . . . obetutu n’anammɔn.—Yer. 10:23.
Sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo de Yehowa Asɛm no tete wɔn mma a, wɔda no adi sɛ wodi Yehowa nokware. Awofo a wosuro Onyankopɔn de, ɛnyɛ amammerɛ na wɔma ɛkyerɛ wɔn sɛnea ɛsɛ sɛ wɔtete wɔn mma. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ Kristofo ma wiase honhom no kwan ma ɛba wɔn fie. (Efe. 2:2) Ɛnsɛ sɛ agya a ɔyɛ Kristoni a wabɔ asu nya adwene sɛ, ‘Yɛn man yi mu de, mmea na wɔtete mmofra.’ Bible ma yehu nea ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔtete mmofra no pefee. Ɛka sɛ: “Agyanom, . . . monkɔ so ntete [mo mma] wɔ Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ, [anaa ne nkyerɛkyerɛ] mu.” (Efe. 6:4) Agyanom ne ɛnanom a wosuro Onyankopɔn pɛ sɛ wɔn mma yɛ te sɛ Samuel, efisɛ bere a na Samuel renyin no, na Yehowa di n’akyi. (1 Sam. 3:19) Sɛ yɛresisi gyinae a ɛho hia a ɛfa yɛn abusua ne yɛn asetena ho a, wohwɛ a nyansa wom sɛ yɛbɛyɛ saa bere a yɛrenhwehwɛ Bible akwankyerɛ anaa? Dabida! Yehia yɛn soro Agya no mmoa efisɛ yennim sɛnea yebetutu yɛn anammɔn. w16.11 3:14, 15
Dwoda, April 23
Sɛ mihu wo soro, wo nsateaa ano adwuma, ɔsram ne nsoromma a woasiesie no a, onipa ne hena a wokae no?—Dw. 8:3, 4.
Nneɛma a Onyankopɔn abɔ ma yehu sɛ ɔno na ɔyɛ nhyehyɛe pa sen obiara. Bible ka sɛ: “Yehowa de nyansa na ɛtoo asase fapem. Nhumu so na ɔnam de ɔsoro tim hɔ.” (Mmeb. 3:19) Onyankopɔn “nnwuma mu ketewaa bi” na yenim, “na ne ho asɛm kakraa bi na atwa onipa asom!” (Hiob 26:14) Nanso, nneɛma kakra a yenim fa okyinnsoromma, nsoromma, ne nsoromma akuw ho no ma yehu sɛ, wɔahyehyɛ abɔde a ɛwɔ wim no kama. Yɛka nsorommakuw a, ɛyɛ nsoromma ɔpepem pii a ɛnenam wim a emu biara mpem ne yɔnko. Okyinnsoromma a ɛwɔ yɛn nsorommakuw no mu no twa owia ho hyia, na emu biara nam ne kwan so pɛpɛɛpɛ te sɛ nea ɛredi karka ho mmara so! Sɛnea biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ amansan yi mu no boro adwene ne ntease so. Ɛma yehu sɛ Yehowa a “ɔde nyansa yɛɛ ɔsoro” ne asase no fata sɛ yeyi no ayɛ, yedi no nokware, na yɛsom no.—Dw. 136:1, 5-9. w16.11 2:3
Benada, April 24
‘Wɔbɛfata ama Yehowa sɛ nnipa a wɔde ayɛyɛde ba wɔ trenee mu.’—Mal. 3:3.
Malaki 3:1-3 ka nea ɛkɔɔ so fi afe 1914 kosi afe 1919 mfiase ho asɛm. Ná bere adu sɛ woyiyi “Lewifo” a wɔasra wɔn no mu fĩ. Saa bere no, Yehowa Nyankopɔn a ɔne “Awurade nokwafo” no, ne Yesu Kristo a ɔne “apam bɔfo” no, baa honhom fam asɔrefie hɔ bɛhwɛɛ wɔn a na wɔresom wɔ hɔ no. Bere a Yehowa teɛɛ ne nkurɔfo so na ɔtew wɔn ho wiei no, na ne nkurɔfo no ayɛ krado sɛ wɔbɛyɛ adwuma a ɔde bɛma wɔn no. Afe 1919 mu no, wɔpaw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no sɛ ɔmma gyidi fiefo honhom fam aduan. (Mat. 24:45) Afei na Onyankopɔn nkurɔfo ade wɔn ho afi Babilon Kɛse no tumi ase. Efi saa bere no, Yehowa adom nti, ne nkurɔfo anya Onyankopɔn apɛde ho nimdeɛ pii, na wɔanya ɔdɔ kɛse ama wɔn soro Agya no nso. Hwɛ sɛnea wɔn ani asɔ Yehowa nhyira kɛse! w16.11 5:14
Wukuda, April 25
‘Monsɔ me nhwɛ sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere mma mo na merenhwie nhyira ngu mo so mma emmu mo so anaa. Asafo Yehowa anom asɛm ni.’—Mal. 3:10.
Yɛdɔ Yehowa “efisɛ ɔno na odii kan dɔɔ yɛn.” (1 Yoh. 4:19) Yehowa hyira n’asomfo anokwafo. Ɛno ne ɔkwan baako a wafa so ada ne dɔ adi akyerɛ yɛn. Dodow a yɛdɔ Onyankopɔn no, dodow no ara na yenya ne mu gyidi a ɛyɛ den. Na ɛma yegye di paa sɛ ɔwɔ hɔ, na otua wɔn a ɔdɔ wɔn no ka. (Heb. 11:6) Yehowa ani gye ho sɛ obetua n’asomfo anokwafo ka. Ɛyɛ ne su. Enti sɛ yenni gyidi paa sɛ Onyankopɔn betua wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no ka a, ɛnde na yɛn gyidi nyɛ papa, efisɛ “gyidi ne awerɛhyem a yɛde twɛn biribi a yɛn ani da so.” (Heb. 11:1) Nea gyidi kyerɛ ne sɛ yɛde awerɛhyem bɛtwɛn nhyira a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no. Sɛnea ɛnnɛ asɛm no ka no, Yehowa to nsa frɛ yɛn sɛ yemmegye ne nhyira. Sɛ yegye Yehowa asɛm a wayi ne yam aka yi tom a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ anisɔ paa. w16.12 4:1-3
Yawda, April 26
Adwene a esi honam nneɛma so yɛ owu.—Rom. 8:6.
Sɛ Kristoni bi asom Onyankopɔn mfe pii mpo a, obetumi afi ase de n’adwene asi honam nneɛma so. Ɛno nkyerɛ sɛ ɛwom ara na sɛ Kristoni bi dwinnwen aduan, adwuma, anigyede, anaa mpo ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ ho a, na ɛkyerɛ sɛ wafi ase de n’adwene resi honam nneɛma so. Onyankopɔn somfo biara betumi adwinnwen nneɛma a ɛte saa ho. Yesu didii, na ɔmaa nkurɔfo aduan dii. Yesu hui sɛ ehia sɛ ogye n’ani. Paulo nso kyerɛwee sɛ, ɔbarima ne ɔbea nna yɛ ade a ɛho hia wɔ aware mu. Hela asɛmfua a Paulo de dii dwuma no kyerɛ sɛ, “obi de n’adwene anaa ne koma besi biribi so, obesusuw biribi ho anaa ɔbɛfa ho adwene.” Wɔn a wɔnam ɔhonam mu no mmɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn sintɔ so, na mmom ɛno titiriw na wɔma ɛkyerɛ wɔn nea wɔnyɛ wɔ wɔn asetena mu. Nhomanimfo bi kaa asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ Romafo 8:5 no ho asɛm sɛ: “Wɔde wɔn adwene si honam mu nneɛma so. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, saa nneɛma no na wɔn ani gye ho kɛse, ɛho nkɔmmɔ na wɔbɔ bere nyinaa, ɛno ara na wɔyɛ, na wɔde hoahoa wɔn ho nso.” w16.12 2:5, 9, 10
Fida, April 27
Wone hena a wubu wo yɔnko atɛn?—Yak. 4:12.
Sɛ yegyaa yɛn ho mu kakraa bi mpo ma honam akɔnnɔ a, yɛn mu biara betumi ayɛ ahantan. Anuonyampɛ, anibere, ne koko bɔne ama nnipa bebree ayɛ ahantan. Sɛ wohwɛ Bible mu a, wubehu nnipa bi te sɛ Absalom, Usia, ne Nebukadnesar; wɔn nyinaa yɛɛ ɔhonam nnwuma, na ahantan nti Yehowa brɛɛ wɔn ase. (2 Sam. 15:1-6; 18:9-17; 2 Be. 26:16-21; Dan. 5:18-21) Biribi foforo wɔ hɔ a ebetumi ama obi apere ne ho ayɛ ade anaa wayɛ ahantan. Ɛho nhwɛso wɔ Bible mu. Ebi ne asɛm a ɛwɔ Genesis 20:2-7 ne Mateo 26:31-35 no. Wohwɛ a, adwemmɔne nti na Abimelek ne Petro peree wɔn ho yɛɛ ade? Anaa na wonnim asɛm no nyinaa ani so? Anaa asɛm na ɛfaa wɔn ase? Esiane sɛ yɛrentumi nhu obiara koma mu nti, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛrempere yɛn ho nhwɛ nkurɔfo nneyɛe so mmu wɔn atɛn. w17.01 3:9, 10
Memeneda, April 28
Ɔbea yi de, ofi ne hia mu de n’asetenade a ɔwɔ nyinaa abegu mu.—Luka 21:4.
Sɛnea ɔbea kunafo hiani no yɛe no, yɛn mfɛfo gyidifo pii a wɔwɔ hɔ gye di sɛ, sɛ wɔde Onyankopɔn som di kan a, Yehowa nso bɛma wɔn nsa aka nea wohia. (Mat. 6:33) Yɛmfa Malcolm asɛm yi nyɛ nhwɛso. Mfe dodow a ɔne ne yere de som Yehowa no, ɛnyɛ bere nyinaa na nneɛma kɔɔ yiye maa wɔn. Ɔkaa sɛ: “Wiase a yɛwom yi obi nnim ɔkyena asɛm; ɛtɔ da bi a nneɛma kɔ yiye, ɛtɔ da nso a na emu ayɛ den paa. Nanso sɛ obi de ne ho to Yehowa so a, ohyira no.” Malcolm afotu ne sɛ, “Srɛ Yehowa na ɔmma wo ahoɔden a wode bɛyɛ n’adwuma no yiye. Hwɛ nea wubetumi ayɛ, ɛnyɛ nea worentumi nyɛ.” Wiase bɔne yi rekɔ awiei, na nneɛma ‘bɛkɔ so’ agye nsam. Ɔhaw deɛ, yenim sɛ ɛrempa yɛn ho da. (2 Tim. 3:1, 13) Ɛno nti, ehia sɛ yɛyere yɛn ho paa na ɔhaw no ammene yɛn. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara na yɛde yɛn ho to Yehowa so denneennen. w17.01 1:17-19
Kwasida, April 29
Ɛnyɛ wo na wubesi ofie ama matena mu.—1 Be. 17:4.
Ná ɛhaw Dawid paa sɛ Yehowa nni “fie” anaa asɔrefie, enti ɔyɛɛ sɛ obesi bi ama no. Nanso, sɛnea ɛnnɛ asɛm no ka no, na ɛnyɛ Yehowa adwene ne Natan adwene. Ɛwom sɛ Yehowa kaa Dawid koma too ne yam maa no awerɛhyem sɛ ɔbɛkɔ so ahyira no, nanso ɔkaa sɛ Dawid ba Solomon na ɔbɛma wasi asɔrefie no. Dawid faa asɛm no sɛn? (1 Be. 17:1-4, 8, 11, 12; 29:1) Dawid ammobɔ ne nsa antena ne baabi. Saa ara nso na wansu angu ne yam sɛ obi na obesi asɔrefie no agye ho anuonyam. Ampa-ne-ampa ara wɔbɛfrɛɛ dan no Solomon asɔrefie na ɛnyɛ Dawid asɔrefie. Ɛwom, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ Dawid yaw sɛ wantumi anyɛ nea ɛda ne koma so no. Nanso ofi ne komam boaa adwuma no. Oyii ne yam boaboaa adwumayɛfo ano. Afei nso, ɔboaboaa dade, kɔbere, dwetɛ, sika, ne nnua ano guu hɔ. Anso hɔ ara, ɔsan hyɛɛ Solomon nkuran sɛ, “Enti afei me ba, Yehowa nni w’akyi na ensi wo yiye, na si Yehowa . . . fie no.”—1 Be. 22:11, 14-16. w17.01 5:6, 7
Dwoda, April 30
Gye yɛn nkwa, na kata yɛn bɔne so, wo din nti.—Dw. 79:9.
Sɛ wɔde ɔtaa ba yɛn so mpo a, yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛde Yehowa nnyinasosɛm ne ne mmara a ɛteɛ no bɛbɔ yɛn bra. Sɛ yɛyɛ adetrenee a, ɛma yɛn kanea hyerɛn, na ɛhyɛ Yehowa din anuonyam. (Mat. 5:14-16) Yɛbɔ yɛn bra sɛ nnipa a wɔyɛ kronkron, na ɛma obiara hu sɛ Yehowa mmara yɛ papa. Ɛsan ma ɛda adi sɛ, sobo a Satan bɔɔ Yehowa no yɛ atoro. Esiane sɛ bɔne wɔ yɛn ho nti, yɛn nyinaa di mfomso. Sɛ ɛba saa a, yefi yɛn komam nu yɛn ho, na yɛtwe yɛn ho fi biribiara a egu Yehowa din ho fĩ no ho. Yehowa de wɔn a wonya Kristo afɔre no mu gyidi no bɔne kyɛ wɔn. Wɔn a wohyira wɔn ho so ma Yehowa no, ogye wɔn tom sɛ n’asomfo. Yehowa bu Kristofo a wɔasra wɔn no bem sɛ ne mma, na Kristofo a wɔka “nguan foforo” no ho no, obu wɔn bem sɛ ne nnamfo. (Yoh. 10:16; Rom. 5:1, 2; Yak. 2:21-25) Enti ɛnnɛ mpo, agyede no ma yɛn Agya Yehowa tumi bu yɛn treneefo, na ɛma yetumi tew ne din ho. w17.02 2:5, 6