March
Yawda, March 1
Wɔpam Yefta.—Atem. 11:2.
Esiane sɛ na Yefta nuanom ani bere no na wɔtan no nti, wɔpam no fii asase a ɛyɛ ɔno ankasa dea so. (Atem. 11:1-3) Nanso, bere a ɔman no mu mpanyimfo srɛɛ no sɛ ɔmmɛboa wɔn no, wampopo ne ti koraa. (Atem. 11:4-11) Ade a na ɛda Yefta koma so paa ne sɛ ɔbɛko de atew Yehowa din ho, na ɛnyɛ nsɛmnsɛm a na ɛwɔ ɔne afoforo ntam. Ná wasi ne bo sɛ ɔbɛkɔ so adi Yehowa nokware. Wei maa Yehowa hyiraa ɔne Israelfo no. (Heb. 11:32, 33) Dɛn na yebetumi asua afi nea Yefta yɛe no mu? Sɛ yɛn nuanom Kristofo di yɛn huammɔ anaa wɔne yɛn anni no yiye a, dɛn na yɛbɛyɛ? Sɛ obi yɛ yɛn ade ma ɛyɛ yɛn yaw a, ɛnsɛ sɛ ɛno ma yegyae Yehowa som. Nnyae asafo nhyiam kɔ da, na ntwe wo ho mfi anuanom ho. Momma yensuasua Yefta na yentie Yehowa. Eyi bɛboa yɛn na sɛ yehyia ɔhaw bi a, yɛn abam ammu na nkurɔfo ahwɛ yɛn asua yɛn.—Rom. 12:20, 21; Kol. 3:13. w16.04 1:7, 9, 10
Fida, March 2
Yɛmpa abaw.—2 Kor. 4:1.
Ɛsɛ sɛ yegyina mu kodu awiei, na ɛnsɛ sɛ yɛde kɔsõ kwan mu. Yɛmfa ɛhyɛn bi a ɛremem nyɛ nhwɛso. Sɛ hyɛn no mufo benya wɔn ti adidi mu a, ɛsɛ sɛ woguare kɔ mpoano anaa asuogya. Sɛ obi fi ase guare na ɔma n’abam bu a, nsu no bɛfa no. Saa ara na sɛ obi guare na aka kakra ma wadu mpoano anaa asuogya na ɔpa abaw a, nsu no bɛfa no. Enti sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ wiase foforo no mu a, ehia sɛ yɛkɔ so gyina mu. Momma yensuasua ɔsomafo Paulo. Ɔkae sɛ: “Yɛmpa abaw.” (2 Kor. 4:16) Yegye di paa sɛ, Yehowa bɛboa yɛn ma yɛagyina mu akodu awiei sɛnea ɔboaa Paulo no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim korakora. Na migye di yiye sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa nniso anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi anaa nea ɛwɔ soro anaa nea ɛwɔ fam anaa abɔde foforo biara rentumi ntew yɛn mfi Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no ho.”—Rom. 8:37-39. w16.04 2:17, 18
Memeneda, March 3
Sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma ɔnkɔ so ara mmisa Onyankopɔn, . . . na ɔde bɛma no.—Yak. 1:5.
Bisa Yehowa na ɔmma wo nyansa a wode behu tebea bi a ebetumi ama woakogyina ɔfã bi akyi. Bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo na yɛ nea ɛteɛ wɔ tebea a ɛte saa mu. Esiane sɛ wudi Yehowa nokware nti, wobetumi de wo ato afiase anaa wɔatwe w’aso wɔ ɔkwan bi so. Sɛ ɛba saa a, srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo akokoduru. Wei bɛma woatumi akyerɛkyerɛ nea enti a wunnyina ɔfã bi akyi no mu yiye akyerɛ afoforo. Nya awerɛhyem sɛ Yehowa betumi aboa wo ma woagyina mu. (Aso. 4:27-31) Yehowa de Bible no ama yɛn sɛ ɛnhyɛ yɛn den. Enti, dwinnwen emu nsɛm a ɛbɛboa wo na woannyina ɔfã biara akyi no ho. Bɔ mmɔden kyere emu nsɛm a ɛte saa no bi gu wo tirim, na sɛ ɛkɔba sɛ wunni Bible a, atumi aboa wo. Nea Onyankopɔn aka sɛ ɔbɛyɛ daakye no, Bible betumi aboa ma woahyɛ saa anidaso no mu den. Anidaso yi betumi aboa yɛn ma yɛagyina ɔsɔretia ano. (Rom. 8:25) Nneɛma a wopɛ sɛ woyɛ wɔ wiase foforo no mu no, paw Bible mu nsɛm bi a ɛfa ho. Afei, fa no sɛ wowɔ hɔ a wode anigye reyɛ saa nneɛma no. w16.04 4:14, 15
Kwasida, March 4
Munyaa no kwa, momfa mma kwa.—Mat. 10:8.
Ɛnyɛ Onyankopɔn Ahenni ho asɛm na Kristoman asɔfo no ka. Sɛ asɔfo no ka Ahenni no ho asɛm mpo a, wɔn mu pii kyerɛ sɛ ɛyɛ atenka bi a ɛwɔ Kristoni biara mu anaa biribi a ɛwɔ ne komam. (Luka 17:21) Wɔmmoa nkurɔfo mma wɔnte ase sɛ Onyankopɔn Ahenni yɛ aban a ɛwɔ soro a Yesu Kristo na odi so. Wɔnkyerɛ mu sɛ Onyankopɔn Ahenni na ebeyi adesamma haw nyinaa afi hɔ, na saa Ahenni no beyi abɔnefo nyinaa afi asase so nnansa yi ara. (Adi. 19:11-21) Nea wɔpɛ ne sɛ wɔbɛkae Yesu wɔ Buronya ne Easter bere. Sɛ Yesu bedi asase yi so a, nneɛma a ɔbɛyɛ no, wuhu sɛ asɔfo no nnim ho hwee. Adwene a ɛsɛ sɛ yɛde ka asɛm no nso, wɔabu wɔn ani agu so. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛka asɛmpa no agyigye sika anaa yebesisi adan akɛse. Ɛnyɛ papa sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm pɛ sika. (2 Kor. 2:17) Bio nso, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔka Ahenni no ho asɛmpa no de pɛ mfaso.—Aso. 20:33-35. w16.05 2:7, 8
Dwoda, March 5
Obiara nnhwehwɛ nea eye ma ne nko, na mmom ne yɔnko nso de.—1 Kor. 10:24.
Fa no sɛ wunim paa sɛ wohyɛ atade bi a w’ani gye ho a, ebetumi ahaw asafo no mufo binom. Nanso ebia wunnim Bible mu asɛm biara a ɛkasa tia saa atade no. Sɛ ɛte saa a, wobɛyɛ dɛn ahu Yehowa adwene? Onyankopɔn maa ɔsomafo Paulo kyerɛw afotu a edi so yi maa yɛn. Ɔkae sɛ: ‘Mmea mfa fɛre ne adwenemtew nhyɛ ntade a ɛfata, ɛnyɛ mmɛsawɔw soronko ne sika anaa nhene anaa ntade a ne bo yɛ den kɛse mu na mmom nea ɛfata mmea a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn.’ (1 Tim. 2:9, 10) Saa afotu yi fa Kristofo mmarima nso ho. Esiane sɛ yɛyɛ Yehowa asomfo a yɛahyira yɛn ho so nti, ɛnyɛ nea yɛn ankasa ani gye ho nkutoo na yedwen ho, na mmom yedwen sɛnea yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie bɛka afoforo nso. Ahobrɛase ne ɔdɔ ka yɛn ma yesusuw yɛn nuanom Kristofo ho. Enti yɛnhyɛ ntade a ɛbɛtwetwe wɔn adwene anaa mpo ɛbɛhaw wɔn.—1 Kor. 10:23; Filip. 3:17. w16.05 3:14
Benada, March 6
O Yehowa, wone yɛn Agya. Yɛyɛ dɔte, na wone yɛn Nwemfo; na yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.—Yes. 64:8.
Bere a Adam tew ne Bɔfo no so atua no, wankɔ so anyɛ Onyankopɔn ba bio. Ne nyinaa mu no, Adam asefo a wɔte sɛ “mununkum kɛse” agyina Onyankopɔn tumidi akyi wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu. (Heb. 12:1) Wɔabrɛ wɔn ho ase ama wɔn Bɔfo no. Wei kyerɛ sɛ, wɔpɛ sɛ wɔde wɔn Bɔfo no mmom yɛ wɔn Agya ne wɔn Nwemfo, na ɛnyɛ Satan. (Yoh. 8:44) Adam asefo a wodii Onyankopɔn nokware no ma yɛkae ɛnnɛ asɛm no. Ɛnnɛ, wɔn a wɔsom Yehowa honhom ne nokware mu nyinaa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛda ahobrɛase a ɛte saa adi. Wɔn ani gye sɛ wɔbɛfrɛ Yehowa sɛ wɔn Agya na wɔabrɛ wɔn ho ase ama no sɛ ɔnnwene wɔn. Na wo nso ɛ? Wuhu sɛ wote sɛ dɔte a ɛsɔ wɔ Onyankopɔn nsam, na wopɛ sɛ ɔnwene wo sɛ anwenne a ɛsom bo wɔ n’ani so? Saa ara na wuhu wo nuanom Kristofo sɛ wɔyɛ nkurɔfo a Onyankopɔn renwene wɔn? w16.06 1:2, 3
Wukuda, March 7
Monkɔ so ara nsɔ nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa.—2 Kor. 13:5.
Yɛabɛn wiase foforo no, enti wɔresɔ yɛn gyidi ahwɛ. Ɛyɛ papa sɛ yɛhwehwɛ yɛn gyidi mu. Sɛ nhwɛso no, asɛm a Yesu kae wɔ Mateo 6:33 no, yebetumi ahwɛ sɛnea yɛte ase fa. Afei bisa wo ho sɛ: ‘Nneɛma a ɛho hia me paa wɔ asetena mu ne gyinae a misisi kyerɛ sɛ migye Yesu asɛm no di ankasa? Sikapɛ nti, mema asafo nhyiam anaa asɛnka pa me ti so? Sɛ adwuma a meyɛ gye me bere pii na ɛma me brɛ dodo a, dɛn na mɛyɛ? Mɛma wiase yi akyerɛ me nea menyɛ, na ebia ɛno nti magyae Yehowa som mpo?’ Nhwɛso foforo nso ni. Yɛnhwɛ Yehowa somfo bi a ɔmfa Bible afotu nyɛ adwuma. Ebia ɔnhwɛ ne fekubɔ yiye, ɔne wɔn a wɔatu wɔn afi asafo no mu na ɛbɔ, na nneɛma a ɛmfata na ɔde gyigye n’ani. Bisa wo ho sɛ, ‘Saa na mete anaa?’ Sɛ yehu sɛ yɛn koma repirim a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm hwɛ sɛ yɛn gyidi te sɛn anaa? Kɔ so ara fa Onyankopɔn Asɛm no siesie w’adwene, na nnaadaa wo ho. w16.06 2:8, 9
Yawda, March 8
Nea ɔyɛ ketewa koraa no bɛdan apem na nea osua adan ɔman kɛse.—Yes. 60:22.
Wiase nyinaa, ahyehyɛde bi wɔ hɔ a ɛyɛ soronko koraa, na emufo di nokware. Saa ahyehyɛde no ne Yehowa Adansefo. Ɛwom sɛ wɔtɔ sin na wodi mfomso de, nanso Onyankopɔn de ne honhom kronkron reboa wɔn. Wei ama wɔredɔɔso na wɔrenya nkɔso. Bere a wiase yi nna a edi akyiri fii ase afe 1914 no, na Onyankopɔn asomfo nnɔɔso koraa. Nanso Yehowa hyiraa asɛmpaka adwuma a na wɔreyɛ no so. Mfe pii a atwam no, nnipa ɔpepem pii asua Bible mu nokware no abɛyɛ Yehowa Adansefo. Yehowa kaa saa nkɔso yi ho asɛm too hɔ bere a ɔkaa nnɛ asɛm no, na ɔde kaa ho nso sɛ: “Me Yehowa, mɛyɛ no ntɛm wɔ ne bere mu.” Saa nkɔmhyɛ no abam wɔ nna a edi akyiri yi mu. Ɛno nti, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ asase so nnɛ adɔɔso. Nokwasɛm ne sɛ, aman bebree wɔ wiase a, yɛkan emu nnipa a, wɔn dodow nnu Yehowa Adansefo. w16.06 4:1, 2
Fida, March 9
‘So monsom bo pii nsen ewim nnomaa?’—Mat. 6:26.
Ná Yesu nim sɛ ɛremma da sɛ ne soro Agya bɛma nnomaa anya wɔn ano aduan, na wahwɛ ama nnipa de abɔ wɔn. (1 Pet. 5:6, 7) Ɛyɛ nokware sɛ, Yehowa rentetew aduan nhyɛ yɛn anom, nanso sɛ yedua yɛn nnɔbae a, obetumi ahyira so ama ayɛ yiye. Bio nso, obetumi aboa yɛn ama yɛanya sika atɔ yɛn ano aduan da biara. Sɛ yɛn ho kyere yɛn a, obetumi akã afoforo koma ama wɔne yɛn akyɛ nea wɔwɔ. Ɛwom sɛ Yesu anka baabi a nnomaa bɛda ho asɛm de, nanso Yehowa ama wɔn nyansa a ɛma wotumi nwene wɔn ankasa mmerebuw; nneɛma a wɔde yɛ nso abu so. Saa ara nso na Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛanya baabi a yɛne yɛn mmusua de yɛn ti bɛto. Bere a Yesu reka nnɛ asɛm no, akyinnye biara nni ho sɛ, na onim sɛ ɛrenkyɛ koraa na ɔde ne nkwa ato hɔ ama adesamma. (Fa toto Luka 12:6, 7 ho.) Yesu anwu amma ewim nnomaa, na mmom owu maa yɛn na ama yɛanya daa nkwa.—Mat. 20:28. w16.07 1:11-13
Memeneda, March 10
Ɛnsɛ sɛ bɔne nya mo so tumi, efisɛ munni mmara ase, na mmom adom ase.—Rom. 6:14.
Ɛyɛɛ dɛn na bɔne ne owu trɛw kaa nnipa nyinaa? Bible ka sɛ: ‘Ɛnam onipa biako, Adam, bɔne so na owu dii’ Adam asefo so “hene.” (Rom. 5:12, 14, 17) Nanso anigyesɛm ne sɛ, yɛpɛ a, yɛremma bɔne nni yɛn so bio. Sɛ yenya Kristo agyede afɔre no mu gyidi a, ɛnde na yɛde yɛn ho ahyɛ Yehowa adom ase. (Rom. 5:20, 21) Ɛwom sɛ yɛda so yɛ abɔnefo de, nanso ɛnsɛ sɛ yegyaagyaa yɛn ho ma bɔne di yɛn so tumi. Sɛ mpo yɛyɛ bɔne a, yebetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmfa nkyɛ yɛn. Ɛno ma yɛbɛhyɛ adom ase. Sɛ ɛba saa a, dɛn na ɛma yɛyɛ? Paulo kae sɛ: ‘Onyankopɔn adom kyerɛkyerɛ yɛn sɛ yenkyi bɔne ne wiase akɔnnɔ, na yɛn adwenem nna hɔ na yɛmfa trenee ne onyamesom pa ntena wiase nhyehyɛe yi mu.’—Tito 2:11, 12. w16.07 3:5, 6
Kwasida, March 11
‘Onyankopɔn de ɔbea no brɛɛ onipa no.’—Gen. 2:22.
Aware a edi kan no ankɔ yiye. Nea enti a ɛbaa saa ne sɛ, Adam ne Hawa yɛɛ Yehowa so asoɔden. Wɔamfa hokwan a na wɔwɔ sɛ wotumi paw nea wɔpɛ no anni dwuma yiye. “Ɔwɔ dedaw no,” Satan Ɔbonsam, daadaa Hawa. Ɔmaa Hawa nyaa adwene sɛ, sɛ odi “papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no” aba a, obenya nimdeɛ soronko bi a ɛbɛma watumi asi nea ɛyɛ papa ne bɔne ho gyinae. Hawa anhwehwɛ Adam a na ɔyɛ ne ti no adwene wɔ asɛm no ho. Wei kyerɛ sɛ, wamfa obu amma ne kunu a ɔyɛ ne ti no. Adam nso antie Onyankopɔn asɛm. Ogyee aduaba a Hawa de maa no no dii. (Adi. 12:9; Gen. 2:9, 16, 17; 3:1-6) Bere a Onyankopɔn bisaa Adam nea enti a odii aduaba no, ɔprɛɛ asɛm no too ne yere so. Hawa nso piaa asɛm no too ɔwɔ no so kae sɛ, ɔwɔ no na ɔdaadaa no. (Gen. 3:12, 13) Ɛwom sɛ wɔde nsɛm bi yiyii wɔn ho ano de, nanso na ntease biara nnim! Esiane sɛ nnipa baanu a wodi kan no yɛɛ Yehowa so asoɔden nti, Yehowa buu wɔn atɛn sɛ atuatewfo. Wei yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn paa! Sɛ aware bi bɛkɔ yiye a, ɛsɛ sɛ awarefo no mu biara tie Yehowa asɛm, na ogye ne mfomso tom. w16.08 1:1, 4, 5
Dwoda, March 12
Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.—Mat. 19:6.
Sɛ awarefo no annya nea na wɔhwɛ kwan sɛ wobenya wɔ aware mu a, ɛde ɔhaw ba. Sɛ wɔn nsa anka anigye a na wɔrehwehwɛ no a, ebetumi ama wɔn abam abu, wɔate nka sɛ wɔasisi wɔn, anaa wɔn bo afuw mpo. Ɛsono sɛnea nsɛm tumi haw awarefo no mu biara ne sɛnea wɔtetee wɔn mu biara nso. Wei betumi de nsɛmnsɛm anaa wontwiwontwi aba. Sikasɛm, nsenom, ne sɛnea wɔtete mmofra nso betumi de akasakasa aba. Nanso, nea ɛhyɛ nkuran ne sɛ, Kristofo a wɔyɛ awarefo dodow no ara tumi siesie wɔn ntam nsɛmnsɛm efisɛ wɔma Onyankopɔn kyerɛ wɔn kwan. Kristofo a wɔyɛ awarefo hyia nsɛnnennen a, ɛsɛ sɛ wɔma asafo mu mpanyimfo boa wɔn. Saa anuanom a wɔn ho akokwaw yi betumi aboa awarefo ma wɔde afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ayɛ adwuma. Sɛ yɛresiesie yɛn aware mu nsɛmnsɛm a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ Yehowa honhom kronkron. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛmfa Bible mu nnyinasosɛm nyɛ adwuma, na yɛnna honhom aba no nso adi.—Gal. 5:22, 23. w16.08 2:11-13
Benada, March 13
Efi saa bere yi rekɔ no wubeyi nnipa.—Luka 5:10.
Ná bere a Yesu de bɛka asɛmpa no sua. Nanso, sɛ nkurɔfo kyerɛ asɛmpa no ho anigye a, na onya bere ma wɔn. Ɛho nhwɛso ni. Yesu gyinaa ɔkorow mu kyerɛkyerɛɛ nnipadɔm bi, na ɔyɛɛ anwonwade. Ɔmaa Petro yii mpataa pii saa da no, na ɔkaa ɛnnɛ asɛm no kyerɛɛ Petro. Asɛm a Yesu kae ne nea ɔyɛe no, dɛn na efii mu bae? Petro ne wɔn a wɔka ne ho no ‘gyaw biribiara hɔ dii Yesu akyi.’ (Luka 5:1-11) Ná Nikodemo yɛ Sanhedrin no muni. N’ani gyee Yesu nkyerɛkyerɛ ho. Ná ɔpɛ sɛ otie pii, nanso na osuro sɛ, sɛ ɔne Yesu kasa wɔ baguam a, nkurɔfo bɛka ho asɛm. Enti Nikodemo kɔɔ Yesu nkyɛn anadwo bere a na dɔm nni hɔ. Esiane sɛ na Yesu wɔ nnipa ho adagyew nti onyaa bere maa no. (Yoh. 3:1, 2) Onyankopɔn Ba no gyee bere boaa ankorankoro maa wɔn gyidi yɛɛ den. Yɛn nso ɛ? Munnye nni sɛ ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ sankɔhwɛ na yɛbɔ mmɔden ne wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye sua Bible no anaa? w16.08 4:10, 11
Wukuda, March 14
‘Mommrɛ mo ho ase ne Onyankopɔn nnantew.’—Mika 6:8.
Yɛde ahobrɛase gye tom sɛ Yehowa ho tew na ɔyɛ kronkron, na ne gyinapɛn ahorow ne n’akwankyerɛ ye ma yɛn paa. Nea ɛbɛkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase nso ne sɛ, yebenya obu ama afoforo nsusuwii ne sɛnea wɔte nka wɔ nneɛma ho. Enti, sɛ yɛde Onyankopɔn gyinapɛn a ɛkorɔn no bɔ yɛn bra, na yɛanyɛ nneɛma a ɛbɛhaw afoforo a, na ‘yɛabrɛ yɛn ho ase ne Onyankopɔn renantew.’ Ɛsɛ sɛ ntade a yɛhyɛ ma nkurɔfo hu pefee sɛ yɛyɛ Yehowa asomfo. Ɛsɛ sɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea ne afoforo hu paa sɛ yɛyɛ yɛn Nyankopɔn a ɔteɛ no ananmusifo. Onyankopɔn gyinapɛn korɔn, na yɛn ani gye ho sɛ yɛde bɛbɔ yɛn bra. Anuanom mmarima ne mmea a wɔn ahosiesie ne wɔn abrabɔ pa twetwe nnipa a wɔwɔ koma pa ma wotie Bible mu asɛm a egye nkwa no fata nkamfo paa. Wɔn nneyɛe no hyɛ Yehowa anuonyam, na ɛma ne koma tɔ ne yam. w16.09 3:18-20
Yawda, March 15
Wo ne Onyankopɔn ne nnipa adi apere nanso woatumi agyina mu.—Gen. 32:28.
Ná Yakob asi ne bo paa sɛ ɔne ɔbɔfo no bɛpere so, na wannyae apereperedi no! (Gen. 32:24-26) Esiane sɛ omiaa n’ani nti, onyaa nhyira. Wɔmaa no din a ɛfata no, Israel (a ɛkyerɛ “Nea Omiaa N’ani ne Onyankopɔn Dii Apere”). Yakob nyaa Yehowa anim dom ne ne nhyira pii. Nhyira koro no ara na yɛn nso yɛrehwehwɛ. Ná Yakob yere a ɔdɔ no, Rahel, hwɛ kwan paa sɛ obehu sɛnea Yehowa bɛma ɛbɔ a ɔhyɛɛ ne kunu Yakob sɛ obehyira n’asefo no abam. Nanso, na onni ba. Saa bere no, na wei yɛ ɔhaw kɛse paa. Rahel yɛɛ dɛn nyaa awerɛkyekye ne ahoɔden de gyinaa tebea a ebu abam nanso na ɔrentumi nyɛ ho hwee no ano? Wampa abaw da. Mmom, ɔyeree ne ho bɔɔ mpae de dii apere. Yehowa tiee Rahel sufrɛ, na awiei koraa no, ɔma ɔwoo mma.—Gen. 30:8, 20-24. w16.09 2:6, 7
Fida, March 16
Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara.—Heb. 4:12.
Ɛho hia paa sɛ woma wo mma hu mfaso a ɛwɔ Bible nnyinasosɛm so. (Dw. 1:1-3) Akwan pii wɔ hɔ a wubetumi afa so ayɛ saa. Sɛ nhwɛso no, wubetumi aka akyerɛ wo mma sɛ, wɔmfa no sɛ wɔrekɔtena supɔw bi a ɛwɔ akyirikyiri so. Na ɛsɛ sɛ wɔpaw nnipa bi a wɔne wɔn bɛkɔ akɔtena hɔ. Afei bisa wɔn sɛ, “Sɛ mubetumi atena hɔ asomdwoe mu na mo ntam ayɛ kama a, suban bɛn na ɛsɛ sɛ mo mu biara nya?” Wubetumi nso ne wɔn asusuw akwankyerɛ pa a ɛwɔ Galatifo 5:19-23 no ho. Asuade titiriw mmienu na ɛwɔ saa mfatoho yi mu. Nea edi kan ne sɛ, Onyankopɔn gyinapɛn de asomdwoe ba. Nea ɛto so mmienu nso ne sɛ, Yehowa retete yɛn nnɛ ama wiase foforo no mu asetena. (Yes. 54:13; Yoh. 17:3) Wubetumi apaw osuahu bi afi yɛn nhoma ahorow no bi mu de aboa wɔn ma wɔate saa asɛm yi ase. Saa ara nso na wubetumi de nsɛm a ɛba Ɔwɛn-Aban mu a wɔato din, “Bible Tumi Sesa Nnipa” no bi ayɛ adwuma. w16.09 5:13, 14
Memeneda, March 17
‘Tɔ bere a wubenya biara.’—Efe. 5:16.
Yenni adagyew koraa. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa gye bere sua ade na yɛyɛ abusua som nso. (Efe. 5:15) Sɛ yɛresua ade a, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yebesua nkratafa dodow bi anaasɛ yebesua mmuae a yɛbɛma wɔ asafo nhyiam ase. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛbɛma Onyankopɔn Asɛm no aka yɛn koma na ahyɛ yɛn gyidi den. Ehia sɛ yɛkari pɛ. Sɛ yɛresua ade a, ɛnsɛ sɛ yedwen nea yɛde bɛboa afoforo nkutoo ho, na mmom ɛsɛ sɛ yedwen nea yɛde bɛboa yɛn ankasa ho nso. (Filip. 1:9, 10) Ɛsɛ sɛ yehu sɛ, sɛ yɛresua nea yɛbɛka wɔ asɛnka mu, mmuae a yɛbɛma wɔ asafo nhyiam ase, anaa nea yɛbɛka wɔ ɔkasa bi a yɛbɛma mu a, ɛnkyerɛ sɛ yɛn ankasa de nea yɛrekenkan no bɛyɛ adwuma. Mfatoho bi ni: Ɛwom sɛ obi a ɔnoa aduan di kan ka aduan no hwɛ ansa na ɔde akɔma afoforo de, nanso aduan nkakrankakra a ɔka hwɛ no ara rentumi mmee no. Sɛ ɔpɛ sɛ onya apɔwmuden a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɔno ankasa noa aduan a ahoɔden wom na odi. Saa ara na yɛn nso, sɛ yɛpɛ sɛ yɛne Yehowa abusuabɔ mu yɛ den a, ɛsɛ sɛ yesua Bible no daa. Sɛ yesua ade dwinnwen ho saa a, ɛbɛboa yɛn ankasa. w16.10 2:10, 11
Kwasida, March 18
Gyidi na yɛde hu sɛ wɔnam Onyankopɔn asɛm so na ɛtotoo nneɛma a ɛwɔ wiase no, ma enti nea yehu no fi nneɛma a ɛnna adi mu na ɛbae.—Heb. 11:3.
Bible kyerɛkyerɛ gyidi mu wɔ Hebrifo 11:1. Gyidi kyerɛ nneɛma mmienu a aniwa nhu: (1) “Biribi a yɛn ani da so”—ebetumi ayɛ nneɛma a wɔahyɛ ho bɔ sɛ ɛbɛba, nanso ennya mmae. Ebi ne abɔnefosɛm nyinaa a ɛbɛba awiei ne wiase foforo a ɛreba no. (2) “Nneɛma a yenhu.” Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘adanse a ɛda adi pefee’ no kyerɛ biribi a yɛmfa yɛn aniwa nhu nanso biribiara kyerɛ sɛ ɛwɔ hɔ paa. Ebi ne sɛ yegye di sɛ Yehowa Nyankopɔn, Yesu Kristo, ne abɔfo no wɔ hɔ. Saa ara na yegye di nso sɛ ɔsoro Ahenni no wɔ hɔ na ɛreyɛ nnwuma bi. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ biribi a yɛn ani da so paa, na yegye nneɛma a yɛmfa yɛn aniwa nhu a ɛho nsɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu di? Sɛ yɛn gyidi di mũ a, ɛbɛda adi wɔ yɛn kasa ne yɛn nneyɛe mu. w16.10 4:6
Dwoda, March 19
Monkɔ so ntutu mo ho mo ho fo [anaa, monkɔ so nhyehyɛ mo ho nkuran].—Heb. 3:13.
Yehowa ne Yesu ani sɔ nea yɛn mu biara yɛ de boa Ahenni adwuma no kɛse. Sɛ yɛn nsɛm tebea nti, yɛn mmɔdenbɔ ne yɛn ntoboa sua mpo a, wɔn ani sɔ. (Luka 21:1-4; 2 Kor. 8:12) Nhwɛso bi ni. Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no bi bɔ mmɔden paa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔ asafo nhyiam ne asɛnka daa. So ɛnsɛ sɛ yɛkamfo wɔn na yɛhyɛ wɔn nkuran? Hokwan biara a wubenya no, fa hyɛ afoforo nkuran. Sɛ yehu sɛ obi ayɛ biribi a ɛfata nkamfo a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛkamfo no? Wo de, hwɛ nea esii bere a Paulo ne Barnaba kɔɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia no. Hyiadan mu mpanyimfo a wɔwɔ hɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mmarima, anuanom, sɛ mowɔ nkuranhyɛsɛm bi ma nnipa yi a, monka.” Enti Paulo maa ɔkasa bi a ɛka koma paa kyerɛɛ wɔn. (Aso. 13:13-16, 42-44) Sɛ yebetumi aka asɛm bi de ahyɛ obi nkuran a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka yɛn ano tom? Sɛ yɛtaa hyɛ nkurɔfo nkuran a, yebehu sɛ afoforo nso bɛhyɛ yɛn nkuran.—Luka 6:38. w16.11 1:3, 15, 16
Benada, March 20
Yehowa aniwa wɔ baabiara; ɛhwɛ abɔnefo ne apapafo nyinaa.—Mmeb. 15:3.
Ɛyɛ hokwan kɛse paa na yɛanya sɛ yɛwɔ Yehowa ahyehyɛde no mu! Seesei a yɛabehu Onyankopɔn gyinapɛn ne nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ no, ɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ na yɛataa ne tumidi akyi. Saa bere yi a wiase no ahohwibra agye nsam a wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye no, ɛsɛ sɛ ‘yekyi bɔne’ sɛnea Yehowa nso kyi bɔne no. (Dw. 97:10) Yɛne nnebɔneyɛfo mmmɔ mu nnka sɛ: “Papa yɛ bɔne na bɔne yɛ papa.” (Yes. 5:20) Esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ nti, yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛkɔ so ama yɛn ho atew wɔ honam fam, abrabɔ fam, ne honhom fam. (1 Kor. 6:9-11) Yɛdɔ Yehowa, na yɛde yɛn werɛ ahyɛ ne mu. Enti yefi yɛn pɛ mu de gyinapɛn a wada no adi pefee wɔ n’Asɛm a ɛsom bo no mu no bɔ yɛn bra. Yɛyɛ saa de kyerɛ sɛ yedi Yehowa nokware. Na yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛde saa gyinapɛn no bɛbɔ yɛn bra wɔ fie, asafo no mu, adwuma mu, sukuu mu, ne baabi foforo biara a yɛwɔ. w16.11 3:13
Wukuda, March 21
Momma ɔkra biara mmrɛ ne ho ase nhyɛ atumfoɔ a wɔkorɔn no ase.—Rom. 13:1.
Ná Bible Asuafo no wɔ koma pa. Nanso wɔ afe 1914 ne afe 1919 ntam hɔ no asɛm a Kyerɛwnsɛm no ka sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase mma wiase atumfoɔ no, na wɔnte ase yiye. Enti, ɛnyɛ bere nyinaa na anuanom dodow no ara tumi twee wɔn ho fii ɔko no ho. Nhwɛso bi ni. Bere a United States ɔmampanyin hyɛe sɛ wɔatu May 30, 1918 asi hɔ sɛ ɛda a wɔde bɛbɔ mpae ahwehwɛ asomdwoe no, Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no kae sɛ Bible Asuafo no nso mmɔ mpae no bi. Anuanom binom de wɔn sika koguu sikakorabea sɛ wɔmfa mfaso a wobenya wɔ so no mmoa ɔko no, na wɔn mu kakraa bi mpo kɔɔ akono a na wokurakura atuo ne asekan. Nanso, ɛbɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛka sɛ esiane sɛ na ehia sɛ wɔteɛteɛ Bible Asuafo no na wɔteɛ wɔn so nti, ɛyɛ saa bere no na wɔkɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon Kɛse no mu. Nokwasɛm ne sɛ, na wonim sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi atoro som ho. Yebetumi aka sɛ, bere a Wiase Ko I no rekɔ so no, na Bible Asuafo no atwe wɔn ho afi saa atoro som ahemman no ho awie ara ne sa.—Luka 12:47, 48. w16.11 5:9
Yawda, March 22
Yɛnnantew ɔhonam mu, na mmom yɛnantew honhom mu.—Rom. 8:4.
Ebia wubebisa sɛ, adɛn nti na Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no denneennen sɛ wɔnhwɛ yiye wɔ asiane a ɛwom sɛ wɔbɛnantew “ɔhonam mu” no ho? Ɛnnɛ, asiane a ɛte saa betumi ato Kristofo a wɔwɔ hɔ a Onyankopɔn agye wɔn atom sɛ ne nnamfo na obu wɔn sɛ treneefo no anaa? Awerɛhosɛm ne sɛ, Kristoni biara betumi afi ase anantew ɔhonam mu na wadi akɔnnɔ bɔne akyi. Ɛho nhwɛso bi ni. Paulo kyerɛwee sɛ anuanom bi a na wɔwɔ Roma yɛ nkoa “ma wɔn ankasa yafunu,” anaasɛ wɔn akɔnnɔ de wɔn ayɛ nkoa. Ebetumi aba sɛ na akɔnnɔ no yɛ nna ho akɔnnɔ, aduan ho akɔnnɔ, nsã anaa nneɛma foforo ho akɔnnɔ. Ná wɔn mu binom “daadaa wɔn a wɔn tirim fitaa” no. (Rom. 16:17, 18; Filip. 3:18, 19; Yuda 4, 8, 12) Kae nso sɛ, onua bi a na ɔwɔ Korinto ‘gyee ne papa yere’ ne no tenae kosii bere bi. (1 Kor. 5:1) Enti ntease wom sɛ Onyankopɔn nam Paulo so bɔɔ Kristofo kɔkɔ sɛ wɔnhwɛ na wɔamfa wɔn ‘adwene ansi honam nneɛma so.’ (Rom. 8:5, 6) Saa kɔkɔbɔ no ho da so hia nnɛ. w16.12 2:5, 8, 9
Fida, March 23
Onipa koma mu awerɛhow botow no, na asɛmpa ma edi ahurusi.—Mmeb. 12:25.
Wo komam asɛm a wobɛka akyerɛ obi a wowɔ ne mu ahotoso betumi aboa wo ama woagyina dadwen ano. Wo kunu anaa wo yere, w’adamfo paa, anaa asafo mu panyin bi betumi aboa wo ama woate wo tebea no ase yiye. Sɛ wufi wo komam ne afoforo bɔ nkɔmmɔ na woka wo nsɛm pefee a, ebetumi aboa wo paa ama woate wo haw no ase na woatumi agyina ano. Bible ka sɛ: “Wɔkwati atirimsɛm a tirimbɔ yɛ ɔkwa, na agyinatufo dodow mu na ebegyina.” (Mmeb. 15:22) Yehowa nam Kristofo nhyiam a nnawɔtwe biara yɛkɔ no so nso boa yɛn ma yetumi gyina yɛn dadwen ano. Wokɔ Kristofo nhyiam a, wubetumi ne wo mfɛfo Kristofo a wodwen wo ho na wɔn mu biara pɛ sɛ ɔhyɛ ne yɔnko nkuran abɔ. (Heb. 10:24, 25) ‘Nkuranhyɛ a obiara benya afi ne yɔnko hɔ’ no bɛhyɛ wo den ama woatumi agyina dadwen biara a ɛda wo so ano.—Rom. 1:12. w16.12 3:17, 18
Memeneda, March 24
‘Hanah bɔɔ Yehowa mpae.’—1 Sam. 1:10.
Sɛ yare anaa ɔhaw bi reteetee yɛn na yɛrentumi nyɛ ho hwee a, ɛsɛ sɛ yɛto yɛn dadwen nyinaa gu Yehowa so, efisɛ yenim sɛ odwen yɛn ho. (1 Pet. 5:6, 7) Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛremma Kristofo nhyiam ne nneɛma a yɛyɛ wɔ Onyankopɔn som mu no biara mpa yɛn ti so. (Heb. 10:24, 25) Awofo a wɔn mma agyae Yehowa som nso ɛ? Ná Samuel abɔ mmɔden de Yehowa mmara akyerɛkyerɛ ne mma, nso wonyinii no wɔamfa anyɛ adwuma. Ná Samuel rentumi nhyɛ wɔn. (1 Sam. 8:1-3) Enti ɔde n’asɛm maa Yehowa. Nea ɛtoo Samuel no nyinaa akyi, ɔyeree ne ho dii Yehowa nokware, na ɔsɔɔ ne soro Agya Yehowa ani. (Mmeb. 27:11) Ɛnnɛ nso, awofo a wɔyɛ Kristofo bebree mma agyae Yehowa som. Wogye di sɛ Yehowa ayɛ krado sɛ bere biara a wɔn mma no bɛsan aba ne nkyɛn no, ɔbɛyɛ wɔn atuu. (Luka 15:20) Ne nyinaa akyi, awofo yi bɔ mmɔden di Yehowa nokware, efisɛ wonim sɛ wɔn nhwɛso pa no betumi aka wɔn mma no ama wɔasan aba Yehowa nkyɛn. w17.01 1:15, 16
Kwasida, March 25
Mumfi ahobrɛase mu mmu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.—Filip. 2:3.
Obi wɔ ahobrɛase a, otumi hu nea obetumi ayɛ ne nea ontumi nyɛ. Ogye ne mfomso tom na sɛ wɔma no nyansahyɛ anaa akwankyerɛ foforo a, ɔmpo. Yehowa ani gye ahobrɛasefo ho paa. Bible mu no, nea ahobrɛase san kyerɛ ne sɛ yɛrennye yɛn ho nni dodo, mmom yebehu baabi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ade kodu. Mfitiase Hela kasa a wɔde kyerɛɛ ahobrɛase mu no, nea asɛ esi so dua ankasa ne sɛnea yɛne nkurɔfo bɔ. Dɛn na ɛbɛma yɛahu sɛ ebia yɛreyɛ ayɛ ahantan? Ma yɛnhwɛ emu bi. Ebia yebebu yɛn ho dodo anaa ebetumi aba sɛ ɔsom hokwan a yɛwɔ no akɔ yɛn tirim dodo. (Rom. 12:16) Yebetumi atwe adwene asi yɛn ho so wɔ ɔkwan a ɛmfata so. (1 Tim. 2:9, 10) Anaa ebia dibea bi a yɛwɔ, nnipa bi a yenim wɔn, ne sɛnea yehu yɛn ho nti, yɛbɛhwɛ kwan sɛ obiara bedi yɛn nsusuwii akyi. Yetumi yɛ nneɛma saa bere a yɛn ani nna yɛn ho so na yebehu ara na yɛayɛ ahantan.—1 Kor. 4:6. w17.01 3:6-8
Dwoda, March 26
Mmerante ahoɔfɛ ne wɔn ahoɔden, na nkwakoraa anuonyam ne wɔn atifi dwen.—Mmeb. 20:29.
Nnansa yi, adwuma a Yehowa nkurɔfo reyɛ no, emu atrɛw na nneɛma pii abɛka ho. Wei nti ɛho abehia sɛ yɛde abɛɛfo mfiri yɛ nnwuma pii. Saa mfiri yi nso, ɛnnɛ wei ba a, ɔkyena na foforo aba. Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no bi wɔ hɔ a, ebetumi ayɛ den ama wɔn sɛ wɔde mfiri a aba so yi bɛyɛ adwuma. (Luka 5:39) Sɛ wonim mu mpo a, ade rekye a ade resã nyinaa na wɔn ahoɔden so retew. Nanso mmerante deɛ wɔwɔ ahoɔden. Ɛno nti ɛfata sɛ anuanom a wɔn mfe akɔ anim no tete mmerante na wɔde asɛyɛde akɛse hyɛ wɔn nsa. Wɔyɛ saa a, ɛkyerɛ ɔdɔ. (Dw. 71:18) Wɔn a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa no, ɛtɔ da a ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔde bi bɛma mmerante. Ebinom suro sɛ anhwɛ a hokwan a ɛda wɔn koma so no befi wɔn nsa, anaa ɛyɛ wɔn sɛ, sɛ ekodi mmerante nsam a, ebia na wɔanyɛ no sɛnea wɔpɛ. Ebinom nso adwene ne sɛ wonni bere a wɔde bɛtete obi foforo. Anuanom mmerante nso, sɛ wɔmfaa asɛyɛde bebree mmaa mo a, munnya ntoboase; monnyɛ peterepetere. w17.01 5:3, 4
Benada, March 27
Adetrenee biako ma wobu nnipa ahorow nyinaa bem ma nkwa.—Rom. 5:18.
Yesu bɛyɛɛ onipa a ɔyɛ pɛ te sɛ bere a na Adam nyɛɛ bɔne no. (Yoh. 1:14) Yesu anyɛ n’ade te sɛ Adam, na mmom ɔbɔɔ ne bra sɛnea Yehowa hwehwɛ sɛ onipa a ɔyɛ pɛ bɔ ne bra no. Bere a Yesu hyiaa sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den sen biara mpo no, wanyɛ bɔne da, na saa ara nso na wammu Onyankopɔn mmara biara so. Ná Yesu yɛ onipa a ɔyɛ pɛ, enti na obetumi awu ama adesamma de agye yɛn afi bɔne ne owu mu. Bere a Yesu baa asase so no, nea Adam antumi anyɛ no, ɛno pɛpɛɛpɛ na ɔbɛyɛe. Ná Yesu yɛ onipa a ɔyɛ pɛ te sɛ Adam, nanso Yesu de, ɔyɛɛ osetie koraa maa Onyankopɔn, na odii nokware kosii ase. (1 Tim. 2:6) Yesu bɛyɛɛ agyede afɔre a ebuee kwan maa “nnipa bebree” benyaa daa nkwa ho anidaso—mmarima, mmea, ne mmofra nyinaa. (Mat. 20:28) Nokwasɛm ne sɛ, agyede no na abue kwan a ɛbɛma Onyankopɔn atirimpɔw a na ɔwɔ fi mfiase no abam. (2 Kor. 1:19, 20) Agyede no ma nnipa a wodi nokware nyinaa nya daa nkwa ho anidaso. w17.02 1:15, 16
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 9) Yohane 12:12-19; Marko 11:1-11
Wukuda, March 28
‘Anigye a na ɛda n’anim nti, ohuu amane.’—Heb. 12:2.
Fa no sɛ wonam kwaebirentuw bi mu. Ebia wudwen ho sɛ wobɛsan ahu hann anaa. Saa ara na nnipa asetena te. Ɛtɔ mmere bi a wobɛfa ɔhaw mu, na w’adwene betumi atu afra. Ɛbɛyɛ sɛ Yesu mpo tee nka saa. Bere a n’atamfo rebɔ no asɛndua mu no, ɔtee yaw kɛse, na woguu n’anim ase. Ɛbɛyɛ sɛ wei ne amanehunu a ɛsen biara a ɔfaa mu wɔ n’asetena mu! (Heb. 12:3) Yesu hui sɛ boasetɔ so wɔ akatua, enti ɔde n’adwene sii so. Nea ɛsen ne nyinaa no, ohui sɛ sɛ onya boasetɔ a, ɔbɛboa ma Onyankopɔn din ho ate na wakyerɛ sɛ Onyankopɔn tumidi na ɛyɛ papa. Ná onim sɛ ɛrenkyɛ sɔhwɛ no bɛba awiei, na akatua a obenya wɔ soro no de, ɛremfi ne nsa da. Ebia sɔhwɛ a worehyia nnɛ no betumi ama w’adwene atu afra na woadi yaw, nanso kae sɛ ɛrenkyɛ, ne nyinaa to betwa. w16.04 2:10
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 10) Yohane 12:20-50
Yawda, March 29
Ɛnam [Yesu] so na yɛanya ogye wɔ ne mogya mu, yiw, yɛn mfomso ho fafiri.—Efe. 1:7.
Ɛnnɛ wiase yi mu no, nnipa bebree yɛ nea wɔpɛ, enti sɛ wɔyɛ bɔne mpo a, wɔn ahonim nhaw wɔn anaa ɛnyɛ wɔn aniwu. Wonnim ade a yɛfrɛ no bɔne, ne sɛnea ɛteetee yɛn no. Bio nso, wonnim nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama wɔagye yɛn afi bɔne mu. Ɔdɔ kɛse a Yehowa wɔ, ne n’adom nti na ɔsomaa ne Ba no baa asase so. Ɔbae sɛ ɔrebewu de agye yɛn afi bɔne ne owu mu. Sɛ nnipa komapafo hu wei a, ɛma wɔn koma tɔ wɔn yam. (1 Yoh. 4:9, 10) Kristo agyede afɔre no yɛ adanse a ɛsen biara a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn. Wei ma yehu sɛ n’adom no yɛ soronko koraa. Sɛ yenya Yesu mogya a ohwie gui no mu gyidi a, wɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn na wɔatew yɛn ahonim ho. Hwɛ sɛnea saa asɛm yi a yɛahu no ama yɛn koma atɔ yɛn yam! (Heb. 9:14) Anokwa, wei yɛ asɛmpa a ɛsɛ sɛ yɛma obiara te! w16.07 4:6, 7
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 11) Luka 21:1-36
Fida, March 30
[Kristo] konyaa daa ogye maa yɛn.—Heb. 9:12.
Sɛ yenya agyede no mu gyidi a, ɛma Yehowa tumi de yɛn bɔne kyɛ yɛn koraa. Onyankopɔn Asɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ wobetumi ‘apopa yɛn bɔne.’ (Aso. 3:19-21) Agyede no na Yehowa nam so gye n’asomfo a wɔde honhom asra wɔn no yɛ ne mma. (Rom. 8:15-17) Yɛn a yɛyɛ “nguan foforo” no de, ɛte sɛ nea Yehowa ahyehyɛ tumi krataa bi ato hɔ wɔ yɛn din mu. Saa krataa no bɛma watumi agye yɛn ayɛ ne mma. Bere a yɛabɛyɛ pɛ a sintɔ biara nni yɛn ho, na yɛadi nkonim wɔ sɔhwɛ a etwa no mu no, sɛ yɛbɛka a, Yehowa ani begye sɛ ɔde ne nsa bɛhyɛ saa tumi krataa no ase de agye yɛn ayɛ ne mma a ɔdɔ wɔn wɔ asase so. (Rom. 8:20, 21; Adi. 20:7-9) Ɔdɔ a Yehowa wɔ ma ne mma a wɔsom bo no to rentwa da. Mfaso a agyede no de bɛba no bɛtena hɔ daa. Akyɛde yi som bo paa, na ɛbɛkɔ so asom bo daa. Onipa anaa tumi biara nni hɔ a ebetumi agye saa akyɛde no afi yɛn nsam. w17.02 2:15, 16
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 12) Mateo 26:1-5, 14-16; Luka 22:1-6
Nkaedi Da
Bere a Owia Akɔtɔ
Memeneda, March 31
Sɛ ɛba sɛ obi yɛ bɔne bi a, yɛwɔ ɔboafo Agya no nkyɛn, ɔtreneeni Yesu Kristo.—1 Yoh 2:1.
Bere a Yehowa twee yɛn baa ne nkyɛn no, na onim yɛn suban ne nea ɛwɔ yɛn komam, enti onim nneɛma a yɛn sintɔ nti ebetumi agyigye yɛn. Na onim sɛ ɛwom ara a yebetumi adi mfomso. Nanso, weinom nyinaa akyi no, Yehowa faa yɛn adamfo. Ɔdɔ na ɛkaa Onyankopɔn maa ɔde akyɛde bi a ɛsom bo maa yɛn. Akyɛde a yɛreka ho asɛm yi ne ne Dɔba a ɔde no bɔɔ afɔre maa yɛn no. (Yoh. 3:16) Sɛ yɛyɛ bɔne na yegyina akyɛde a ɛsom bo yi so nu yɛn ho, na yɛsrɛ Yehowa hɔ bɔne fafiri a, ɛwom mpo sɛ yɛda so ara yɛ abɔnefo de, nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔbɛkɔ so ayɛ yɛn adamfo.—1 Tim. 1:15. w16.05 4:6, 7
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 13) Mateo 26:17-19; Marko 14:12-16; Luka 22:7-13 (Nsɛm a esisii bere a owia akɔtɔ: Nisan 14) Yohane 13:1-5; 14:1-3