Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es18 kr. 17-26
  • February

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • February
  • Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2018
  • Nsɛmti Nketewa
  • Yawda, February 1
  • Fida, February 2
  • Memeneda, February 3
  • Kwasida, February 4
  • Dwoda, February 5
  • Benada, February 6
  • Wukuda, February 7
  • Yawda, February 8
  • Fida, February 9
  • Memeneda, February 10
  • Kwasida, February 11
  • Dwoda, February 12
  • Benada, February 13
  • Wukuda, February 14
  • Yawda, February 15
  • Fida, February 16
  • Memeneda, February 17
  • Kwasida, February 18
  • Dwoda, February 19
  • Benada, February 20
  • Wukuda, February 21
  • Yawda, February 22
  • Fida, February 23
  • Memeneda, February 24
  • Kwasida, February 25
  • Dwoda, February 26
  • Benada, February 27
  • Wukuda, February 28
Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2018
es18 kr. 17-26

February

Yawda, February 1

Momma boasetɔ nwie n’adwuma.​—Yak. 1:4.

Onyankopɔn maa osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Momma boasetɔ nwie n’adwuma na moayɛ pɛ adi mũ biribiara mu a hwee nhia mo.” (Yak. 1:4) Ɛbɛyɛ dɛn na boasetɔ awie “n’adwuma” wɔ yɛn mu? Sɛ yɛkɔ sɔhwɛ mu a, yebehu sɛ ɛsɛ sɛ yenya abotare, yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ, na yɛda ɔdɔ adi kɛse. Yɛrefa sɔhwɛ mu nyinaa na yɛreda saa su ahorow yi adi kɛse. Sɛ yɛyɛ saa a, Kristofo su a yɛwɔ no betu mpɔn. Boasetɔ boa yɛn ma yɛyɛ Kristofo a yedi mũ. Enti sɛ yehyia sɔhwɛ bi a, yɛremmu Yehowa mmara so sɛnea ɛbɛyɛ a sɔhwɛ no to betwa. Nhwɛso bi ni. Sɛ ɔbrasɛe ho adwene regyigye wo a, mfa wo ho nkɔhyɛ mu! Bɔ Yehowa mpae na ka kyerɛ no sɛ ɔmmoa wo mma wunyi w’adwene mfi so. Wo busuani bi resɔre tia wo? Mpa abaw! Si wo bo sɛ wobɛkɔ so asom Yehowa. Kae sɛ, sɛ Onyankopɔn begye yɛn atom a, gye sɛ yenya boasetɔ.​—Rom. 5:3-5; Yak. 1:12. w16.04 2:15, 16

Fida, February 2

Mumfi ahobrɛase mu mmu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.​—Filip. 2:3.

Yenim sɛ Yehowa de, ɔnte nka sɛ onipa bi anaa nnipakuw bi sen afoforo. N’ani so no, yɛn nyinaa yɛ pɛ. Ɛyɛ ampa, Yehowa bɔɔ yɛn ɔkwan bi so a ɛsono sɛnea obiara te. Wei nyɛ wo fɛ na ɛmma w’ani nnye anaa? Yehowa mpɛ sɛ yɛtow yɛn amammerɛ kyene, na saa ara nso na ɔmpɛ sɛ yenya adwene sɛ yɛkyɛn afoforo. (Rom. 10:12) Ɛnsɛ sɛ yɛde ɔman a yefi mu hoahoa yɛn ho araa ma yenya adwene sɛ gyama yɛn man akyi no, ɔman biara nni hɔ bio. Sɛ yɛte nka saa a, ɛrenyɛ den koraa sɛ yɛbɛkɔ akodi ɔfã bi akyi. Asɛm a ɛte saa sii wɔ asomafo no bere so. Anuanom a wɔyɛ Hebrifo ne akunafo a wɔyɛ Helafo no anni no yiye. (Aso. 6:1) Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ ahantan a ɛte saa ayi ne ti wɔ yɛn mu? Yɛmfa no sɛ onua bi a ofi baabi foforo ama wo nyansahyɛ bi. Dɛn na wobɛyɛ? Ɛhɔ ara wobɛbɔ agu na woanya adwene sɛ, ‘Sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ ha no yɛ papa sen baabi a wufi no’ anaa? Sɛ saa a, kae afotu pa a ɛwɔ ɛnnɛ asɛm no mu no. w16.04 4:12, 13

Memeneda, February 3

‘Ɛsɛ sɛ mekɔka Ahenni ho asɛmpa no.’​—Luka 4:43.

Yesu kaa “ahenni ho asɛmpa no,” na ɛno ara na ɔpɛ sɛ n’asuafo nso ka. Nnipakuw bɛn na wɔreka saa asɛmpa no akyerɛ “aman nyinaa”? (Mat. 28:19) Kyene anim da hɔ a, yɛmmɔ nkyɛn. Obiara nim sɛ ɛyɛ Yehowa Adansefo. Wɔn a wɔsɔre tia yɛn mpo, ebinom gye tom. Nhwɛso bi ni. Ɔsɛmpatrɛwni bi a ɔyɛ ɔsɔfo ka kyerɛɛ Ɔdansefo bi sɛ wakyin aman pii so. Ɔman biara a ɔbɛkɔ so no, obisa Adansefo a ɛwɔ hɔ sɛ, asɛm bɛn na wɔreka. Wunim mmuae a wɔde maa no? Ɔsɔfo no kae sɛ: “Gyimi nti, asɛm koro no ara na wɔn nyinaa kae. Wɔkae sɛ: ‘Yɛka Ahenni no ho asɛmpa.’” Ɛnyɛ “gyimi” na Adansefo no agyimi, na mmom sɛnea ɛsɛ sɛ nokware Kristofo yɛ no, wɔn nyinaa yɛɛ nokoro. (1 Kor. 1:10) Asɛm a Ɔwɛn-Aban bɔ no dawuru no, ɛno ara bi na na wɔreka. Ɛwɔ kasa 254 mu. Nea ɛba biara wotintim bɛyɛ ɔpepem 59. Ɛno ne nsɛmma nhoma a wɔkyekyɛ no pii sen nhoma biara wɔ wiase. w16.05 2:6

Kwasida, February 4

Obiara nyɛ no sɛnea wasusuw wɔ ne komam.​—2 Kor. 9:7.

Ebia yɛyɛ Ahenni dawurubɔfo, na yɛpɛ sɛ yɛyɛ daa kwampaefo, enti yebefi ase ayɛ nsakrae bi wɔ yɛn asetena mu na ama yɛatumi ayɛ. Bere a yɛreyɛ nsakrae no, ebia yɛn adwene bɛyɛ yɛn sɛ, sɛ yɛannya honam fam nneɛma ne sika pii a, yɛn ani rennye papa. Nokwasɛm ne sɛ, asɛm biara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ akwampae adwuma; yebetumi akɔ so asom Yehowa nokware mu sɛ adawurubɔfo. Nanso Yesu maa yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa behyira wɔn a Ahenni no nti wɔde nneɛma bɔ afɔre no. (Luka 18:29, 30) Bio nso, Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ, sɛ yɛde “ayɛyɛde” ma Yehowa, kyerɛ sɛ, yeyi no ayɛ na yɛde anigye yɛ nea yebetumi biara de boa nokware som a, yɛma n’ani gye. (Dw. 119:108) Sɛ yesusuw Bible mu nsɛm yi ho, na yɛbɔ mpae a, yɛrenhu Yehowa adwene anaa? Sɛ yehu Yehowa adwene a, ebetumi aboa yɛn ama yɛasisi gyinae a ɛso bɛba yɛn mfaso, na ɛbɛsɔ yɛn soro Agya no ani. w16.05 3:13

Dwoda, February 5

Kae wo Bɔfo Kɛse no, wo mmeranteberem, ansa na nna bɔne no aba.​—Ɔsɛnk. 12:1.

Ɛnyɛ mmofra nkutoo na wohyia ɔhaw a wɔka ho asɛm wɔ nhoma a wɔkyerɛw ma wɔn no mu. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu, hyɛ yɛn ho so, ko tia atipɛnfo nkɛntɛnso bɔne na yɛtwe yɛn ho fi fekubɔne ne anigyede a ɛmfata ho. Enti wohwɛ a, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔn ani afi nya adwene sɛ, ɛyɛ animtiaabu sɛ wɔbɛkenkan nhoma ne nsɛm a wɔakyerɛw ama mmofra? Dabida! Ɛwom sɛ wɔkyerɛw nhoma ne nsɛm no sɛnea mmofra ani begye ho de, nanso nsɛm a ɛwom no gyina Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛboa mpanyin ne mmofra nyinaa so. Enti yɛn nyinaa betumi anya honhom fam aduan a ɛte saa so mfaso. Yɛn nhoma ahorow no boa mmofra ma wogyina ɔhaw a wohyia ano. Ɛsan boa wɔn ma wɔn gyidi yɛ den, na wɔbɛn Yehowa. Ebetumi aboa Kristofo a wɔn ani afi nso.​—Ɔsɛnk. 12:13. w16.05 5:15, 16

Benada, February 6

Israel, tie: Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro. Na fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.​—Deut. 6:4, 5.

“Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro.” Hwɛ sɛnea saa asɛm yi ka koma! Bere a Israelfo duu Bɔhyɛ Asase no so no, asɛm a Mose kae no hyɛɛ wɔn den ma wogyinaa ɔhaw a wohyiae ano. Ɛrenkyɛ na ahohiahia kɛse no aba. Enti sɛ yɛma saa asɛm no da yɛn koma so a, ɛbɛhyɛ yɛn den ama yɛafa mu. Ɛno akyi, yebenya hokwan aboa ama wɔasiesie asase ma ayɛ Paradise. Momma yɛnkɔ so nsom Yehowa nkutoo, na yemfi yɛn kra nyinaa mu nnɔ no, na yɛnyere yɛn ho mma koroyɛ ntena Kristofo asafo no mu. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi de ahotoso ahwɛ kwan sɛ Yesu bebu yɛn sɛ ne nguan. Yesu bɛka akyerɛ yɛn sɛ: “Mommra, mo a m’Agya ahyira mo, momfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase nhyɛase no nni.”​—Mat. 25:34. w16.06 3:2, 20

Wukuda, February 7

Koma yɛ okontomponi sen ade nyinaa.—Yer. 17:9.

Ahantan betumi ama yɛabu yɛn ho bem wɔ yɛn nneyɛe ho. Sɛ ɛba saa a, ɛbɛma yɛn asɛm ayɛ twann. Wo nua Kristoni bi ayɛ ade ma ahaw wo pɛn anaa ɔsom hokwan bi afi wo nsa da? Sɛ saa a, dɛn na woyɛe? Womaa wo mmati so? Anaa nea na ehia wo paa ne sɛ wubesiesie wo ne wo nua ntam, na woakɔ so abata Yehowa ho? (Dw. 119:165; Kol. 3:13) Sɛ obi kɔ so tena ne bɔne mu, anaa ɔyɛ bɔne sie a, ɛno nso betumi ama wabu n’ani agu Onyankopɔn akwankyerɛ so. Ɛba saa a, afei de, ɔde bɔne beguare. (Ɔsɛnk. 8:11) Onua bi kae sɛ na ɔhwɛ aguamansɛm. Akyiri yi, ɔkae sɛ: “Mibehui sɛ nea mpanyimfo no bɛyɛ biara, minya ho asɛm ka.” Ne suban bɔne maa ɔne Yehowa ntam sɛee. Akyiri yi, bere a ne bɔne no ho bɛdaa hɔ no, asafo mu mpanyimfo boaa no. Nokwasɛm ne sɛ, bɔne wɔ yɛn nyinaa ho. Enti sɛ yɛyɛ bɔne a, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa nkyɛ yɛn, na ɔmmoa yɛn. Sɛ yɛanyɛ saa na yɛkasa tia afoforo, anaa yɛde nsɛm yiyi yɛn ho ano a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛrepirim yɛn koma. w16.06 2:5, 6

Yawda, February 8

Munnyae sɛ mudwinnwen mo kra ho.​—Mat. 6:25.

Ná wɔn a wɔretie Yesu no redwinnwen nneɛma a ɛho nhia ho. Ntease wom sɛ Yesu kaa saa asɛm no. Nneɛma a obi hia paa mpo no, sɛ odwinnwen ho tra so a, ebetumi ama n’adwene ayɛ no ntanta. Wei bɛma wayi n’adwene afi nneɛma a ɛho hia paa a ɛne Onyankopɔn som so. Ná Yesu dwen n’asuafo no ho araa ma ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ mpɛn nnan wɔ adwinnwen ho wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu, efisɛ na onim sɛ ebetumi apira wɔn. (Mat. 6:27, 28, 31, 34) Ná Yesu nim nneɛma a nnipa hia da biara da. Nea ɛsen saa no, na onim sɛ “nna a edi akyiri” no mu no, ‘mmere mu bɛyɛ den.’ Wei kyerɛ sɛ, na n’asuafo a wɔbɛtena ase wɔ nna a edi akyiri no mu no ho bɛkyere wɔn. (2 Tim. 3:1) Nneɛma a na ɛde ahokyere bɛba nnipa pii so no bi ne adwuma a wonnya nyɛ, nneɛma bo a ɛbɛyɛ den, ɔkɔm, ne ohia fitaa. Ná Yesu nim nso sɛ ‘nkwa ho hia sen aduan, na nipadua sen atade.’ w16.07 1:8, 9

Fida, February 9

Mebɛyɛɛ eyi ho somfo sɛnea Onyankopɔn dom akyɛde te.​—Efe. 3:7.

Sɛ yetumi yɛ nea Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ nyinaa pɛpɛɛpɛ a, ɛnde yebetumi aka sɛ ɛfata sɛ ɔda ayamye adi kyerɛ yɛn. Nanso, yentumi nyɛ saa. Ɛno nti, Ɔhene Solomon onyansafo no kae sɛ: “Ɔtreneeni biara nni asase so a adepa nko ara na ɔyɛ na ɔnyɛ bɔne.” (Ɔsɛnk. 7:20) Ɔsomafo Paulo nso kae sɛ: “Wɔn nyinaa ayɛ bɔne na wonnu Onyankopɔn anuonyam ho,” na “bɔne akatua ne owu.” (Rom. 3:23; 6:23a) Ampa, yɛfata owu. Nanso, Yehowa daa ne dɔ adi kyerɛɛ abɔnefo wɔ ɔkwan a ɛsen biara so. Yebetumi aka sɛ ɛyɛ adom a ɛso bi nni. Yehowa somaa “ne Ba a ɔwoo no koro” no baa asase so sɛ ommewu mma yɛn. Ɛno ne n’akyɛde a ɛsen biara a ɔde ama yɛn. (Yoh. 3:16) Enti, Paulo kaa Yesu ho asɛm sɛ “wɔde anuonyam ne nidi abɔ no abotiri, owu amanehunu nti, na ɔnam Onyankopɔn adom so aka owu ahwɛ ama onipa biara.” (Heb. 2:9) Ampa, “akyɛde a Onyankopɔn de ma ne daa nkwa a ɛnam yɛn Awurade Kristo Yesu so” no.​—Rom. 6:23b. w16.07 3:3, 4

Memeneda, February 10

Merebɛyɛ ɔboafo ama no.​—Gen. 2:18.

Aware nyɛ ade foforo wɔ nnipa asetena mu. Ɛnde yemmisa sɛ: Hena na ɔhyehyɛɛ aware, na atirimpɔw bɛn nti na ɔhyehyɛe? Sɛ yenya nsɛmmisa yi ho mmuae a, ɛbɛboa ama yɛanya aware ho adwene a ɛfata na yɛahu ɛso mfaso. Bere a Onyankopɔn bɔɔ onipa a odi kan, Adam wiei no, ɔde mmoa no nyinaa brɛɛ no sɛ ɔntoto wɔn din. Nanso, “onipa no de, na onni ɔboafo a ɔfata no.” Enti Onyankopɔn maa Adam daa nnahɔɔ, na oyii ne mfe mparow baako de bɔɔ ɔbea, na ɔde no brɛɛ ɔbarima no. (Gen. 2:20-24) Wei kyerɛ sɛ, Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ aware. Yesu sii so dua sɛ, ɛyɛ Yehowa na ɔkae sɛ: “Ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na wakɔfam ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ ɔhonam koro.” (Mat. 19:4, 5) Ɛbɛyɛ sɛ Adam mfe mparow baako a Onyankopɔn de bɔɔ ɔbea a odi kan no maa awarefo a wodi kan no hui sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma mframa fa wɔn ntam. Ná Yehowa mpɛ sɛ awarefo gyae aware anaasɛ wɔware bi ka ho. w16.08 1:1, 2

Kwasida, February 11

[Yesu fii] adi sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm wɔ wɔn nkurow no mu.​—Mat. 11:1.

Ná Yesu taa ka Ahenni no ho asɛm kyerɛ ankorankoro. Nhwɛso bi ni. Bere bi, ɔne ɔbea bi bɔɔ nkɔmmɔ wɔ Yakob abura no ho wɔ baabi a ɛbɛn Sikar kurow no. Nkɔmmɔ a wɔbɔe no kɔɔ yiye na ɛsow aba. (Yoh. 4:5-30) Ɔne towgyeni bi a wɔfrɛ no Mateo Lewi nso bɔɔ nkɔmmɔ. Bere a Yesu kae sɛ Mateo mmedi n’akyi no, wampopo ne ti. Mateo too pon wɔ ne fie na ɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne afoforo baa hɔ. Yesu ne wɔn bɔɔ nkɔmmɔ paa. (Mat. 9:9; Luka 5:27-39) Bere bi nso, ɛwom sɛ na Natanael nni Nasaretfo ho adwempa de, nanso Yesu ne no bɔɔ nkɔmmɔ sɛ n’adamfo. Nkɔmmɔ no kaa Natanael ma ɔsesaa n’adwene. Ɛwom sɛ na Yesu fi Nasaret de, nanso Natanael yɛɛ n’adwene sɛ obetie no. (Yoh. 1:46-51) Wei kyerɛ sɛ, ehia sɛ yɛtete adawurubɔfo a wɔyɛ foforo ma wohu sɛnea wɔbɛtɔ wɔn bo ase ne nkurɔfo abɔ nkɔmmɔ te sɛ nea wɔyɛ wɔn nnamfo. Sɛ yɛtete wɔn a wɔyɛ foforo wɔ saa kwan yi so ma wɔkyerɛ nkurɔfo ho anigye na wɔne wɔn kasa yiye a, ɛbɛma komapafo ani agye asɛm a wɔka no ho. Ɛba saa a, wɔn a yɛatete wɔn no nso ani begye wɔ asɛnka mu. w16.08 4:7-9

Dwoda, February 12

Ɔyere ne ne kunu nntetew mu; . . . na okunu nso mmfi ne yere ho.​—1 Kor. 7:10, 11.

Sɛ nsɛnnennen gye ntini wɔ aware bi mu a, ebia awarefo no mu baako anaa wɔn baanu nyinaa bɛyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtetew mu anaasɛ wobegyae aware. Ɛsɛ sɛ awarefo bu ntetewmu sɛ ɛyɛ aniberesɛm. Sɛ nsɛm a emu yɛ den sɔre wɔ aware mu a, anhwɛ a ɛbɛyɛ awarefo no sɛ, sɛ wɔtetew mu a, wɔn mu biara ho bɛtɔ no. Nanso, ɛno mmom na ɛtaa kɔfa ɔhaw pii ba. Yesu tĩĩ asɛm bi a Onyankopɔn kae mu sɛ, ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔfam ne yere ho. Ɛno akyi no, Yesu kae sɛ: “Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.” (Mat. 19:3-6; Gen. 2:24) Saa asɛm yi san kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ okunu anaa ɔyere ‘tetew nea Onyankopɔn aka abom no mu.’ Yehowa pɛ sɛ awarefo bom tena wɔn nkwa nna nyinaa. (1 Kor. 7:39) Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi sɛ yɛn nyinaa bebu akontaa akyerɛ Onyankopɔn. Ɛsɛ sɛ wei boa awarefo ma wɔyere wɔn ho siesie wɔn ntam nsɛmnsɛm ntɛm ara, sɛnea ɛbɛyɛ a nneɛma rennye wɔn nsam. w16.08 2:10, 11

Benada, February 13

Mma bɔne nnni wo so nkonim.​—Rom. 12:21.

Yɛn atamfo betumi atow ahyɛ yɛn so bere a yɛn ani nna yɛn ho so, ne bere a yɛn abam abu. Enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ bere nyinaa. Asɛm a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma ‘bɔne di yɛn so nkonim’ no kyerɛ sɛ yebetumi adi bɔne so nkonim. Sɛ yɛkɔ so ko tia bɔne a, yebetumi adi so nkonim. Nanso, sɛ yɛamma yɛn ani anna hɔ na yegyae ɔko no a, Satan, ne wiase bɔne no, ne yɛn ankasa mmerɛwyɛ bɛma yɛadi nkogu. Mma Satan nhunahuna wo mma wo nsam ngow anaa nte nka sɛ woadi nkogu da! (1 Pet. 5:9) Sɛ yebetumi apere adi nkonim a, ɛnsɛ sɛ yɛma wɔn werɛ fi nea enti a yɛredi apere no. Sɛ yebenya Onyankopɔn anim dom ne ne nhyira a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de yɛn adwene si bɔhyɛ a edi hɔ yi so. Hebrifo 11:6 ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ nea ɔba ne nkyɛn no gye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafo.” Hela adeyɛ asɛm a wɔkyerɛɛ ase “ani abere rehwehwɛ” no kyerɛ biribi a yɛyere yɛn ho yɛ anaa biribi a egye mmɔdenbɔ paa.​—Aso. 15:17. w16.09 2:4, 5

Wukuda, February 14

Monyɛ ne nyinaa mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.​—1 Kor. 10:31.

Onyankopɔn Asɛm no ma yɛn akwankyerɛ pa a ebetumi aboa yɛn ama yɛasisi gyinae pa a ɛbɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Nanso, yɛn ara na yɛpaw ntade a yɛhyɛ. Ɛsono nea obiara ani gye ho, na saa ara nso na ɛsono sɛnea yɛn mu biara sikasɛm te. Nanso, bere nyinaa ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ yɛn ntade ani tew kama, ɛnyɛ kyenkyenenn, ɛfata nea yɛreyɛ, na wogye tom wɔ beae a yɛwɔ no. Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ yebenya ntade a ɛfata. Ntade a aba so nko ara na wɔtɔn wɔ sotɔɔ pii mu. Enti, gye sɛ yɛbrɛ ansa na yɛanya skɛɛte, blouse, anaa kootu, ne hyɛɛt a ɛfata a ɛnkyekyere yɛn papee atɔ. Nanso, sɛ yɛbɔ mmɔden biara hwehwɛ ntade a ɛyɛ fɛ na ɛfata a, yɛn nuanom mmarima ne mmea behu, na wɔn ani bɛsɔ. Sɛ yɛbrɛ hwehwɛ ntade a ɛfata a, yɛbɛhyɛ yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no anuonyam, na ɛno bɛma yɛn werɛ afi brɛ a yɛbrɛe no. w16.09 3:15, 16

Yawda, February 15

Watrɛw atifi fam wɔ ahunmu, na ɔde asase asɛn nea hwee nni.​—Hiob 26:7.

Mmofra tumi de wɔn adwene twa nneɛma ho mfonini paa. Enti awofo, mommɔ mmɔden mfa mfatoho nni dwuma mpɛn pii wɔ mo nkyerɛkyerɛ mu. Mfatoho a etu mpɔn betumi ama wo mma anya gyidi paa sɛ Bible mu nsɛm yɛ nokware. Wo deɛ, susuw ɛnnɛ asɛm no ho hwɛ. Wobɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ mu sɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw saa asɛm yi? Sɛ wopɛ a, wubetumi aka akyerɛ no tẽẽ sɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw asɛm a ɛwɔ hɔ no. Nanso, adɛn nti na womma wo ba no ankasa nnwinnwen asɛm no ho? Ka kyerɛ wo ba no sɛ, Hiob bere so no na afiri a wɔde hwɛ ade a ɛwɔ akyirikyiri ne wimhyɛn a etumi kɔ bosome so nni hɔ. Afei ma wo ba no nkyerɛ wo sɛnea na ebetumi ayɛ den sɛ ebinom begye adi sɛ biribi a ɛyɛ kɛse te sɛ asase betumi asensɛn wim kɛkɛ anaa asensɛn baabi a hwee nni. Abofra no betumi de bɔɔl anaa ɔbo akyerɛkyerɛ mu sɛ, biribiara a emu yɛ duru rentumi nsensɛn wim kɛkɛ a biribi nkura mu anaa ensi hwee so. Mfatoho a ɛte saa betumi aboa wo ba no ma wahu sɛ Yehowa na ɔma wɔkyerɛw nokwasɛm ahorow wɔ Bible mu bere tenteenten ansa na nnipa rehu.​—Neh. 9:6. w16.09 5:9, 12

Fida, February 16

‘Gye di wɔ wo koma mu.’​—Rom. 10:9.

Gyidi kyerɛ pii sen Onyankopɔn atirimpɔw a yɛbɛte ase ara kwa. Gyidi tumi kanyan obi ma ɔyɛ Onyankopɔn apɛde. Sɛ obi nya nea Onyankopɔn nam no so begye nkwa no mu gyidi a, ɛka ne koma ma ɔka asɛmpa no kyerɛ afoforo. Sɛ yebenya nkwa wɔ wiase foforo a Onyankopɔn de reba no mu a, gye sɛ yenya gyidi na yɛma ɛkɔ so yɛ den. Yebetumi de nea enti a ehia sɛ yɛma yɛn gyidi kɔ so yɛ den no atoto sɛnea afifide hia nsu no ho. Afifide a nkwa wom kɔ so nyin, ɛnte sɛ nea onipa de rɔba anaa ntama ayɛ. Sɛ yɛanhwɛ angugu afifide so nsu a, ebetwintwam. Nanso sɛ yɛkɔ so gugu so nsu daa a, enyin yɛ fɛfɛɛfɛ. Sɛ yɛanhwɛ angugu afifide a ɛyɛ fɛ paa mpo so nsu sɛnea ɛsɛ a, nkakrankakra ebewu. Saa ara na yɛn gyidi nso te. Sɛ yebu yɛn ani gu so a, ɛbɛyɛ mmerɛw na ebewu. (Luka 22:32; Heb. 3:12) Nanso, sɛ yɛma yɛn ani kũ yɛn gyidi ho a, ɛbɛyɛ den na akɔ so ‘anyin.’ Yɛbɛyɛ nnipa a ‘wɔyɛ den wɔ gyidi mu.’​—2 Tes. 1:3; Tito 2:2. w16.10 4:4, 5

Memeneda, February 17

Ahemfie panyin no totoo wɔn din. Ɔtoo Daniel din Beltesasar.​—Dan. 1:7.

Bere a wɔde Daniel ne ne nnamfonom no kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon no, Babilonfo no yɛɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma wɔagye wɔn amammerɛ atom. Ɛno nti wɔkyerɛɛ wɔn ‘Kaldeafo kasa.’ Afei nso, ahemfie panyin a na ɔhwɛ wɔn so no de Babilonfo din totoo wɔn. (Dan. 1:3-7) Edin a wɔde too Daniel no fa Bel ho. Bel yɛ Babilonfo nyame titiriw. Ɛbɛyɛ sɛ na Ɔhene Nebukadnesar pɛ sɛ Daniel gye di sɛ Babilonfo nyame no abrɛ Daniel Nyankopɔn Yehowa ase. (Dan. 4:8) Ɛwom sɛ wɔmaa Daniel ɔhene nnuan sɛ onni de, nanso ‘osuaee ne komam’ sɛ ‘ɔrengu ne ho fĩ.’ (Dan. 1:8) Bere a Daniel wɔ obi man so no, esiane sɛ ɔkɔɔ so suaa ‘nhoma kronkron’ no wɔ ne kurom kasa mu nti, ɛboaa no maa ɔne Yehowa abusuabɔ mu kɔɔ so yɛɛ den. (Dan. 9:2) Ɛno nti, bere a wɔde no kɔɔ Babilon akyi bɛyɛ mfe 70 no, na wɔda so ara de ne Hebri din Daniel na ɛfrɛ no.​—Dan. 5:13. w16.10 2:7, 8

Kwasida, February 18

Baabiara a honhom no bɛkyerɛ sɛ ɛnkɔ no, na ɛkɔ.​—Hes. 1:20.

Yesu apaw “akoa nokwafo” no sɛ ɔno nkutoo na ɔmfa honhom fam aduan mma nkurɔfo. (Mat. 24:45-47) Efi afe 1919 no, Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no nam saa akoa no so reboa n’akyidifo ama wɔate Onyankopɔn Asɛm no ase na wɔadi akwankyerɛ a ɛwom no so. Sɛ yetie akwankyerɛ a ɛwɔ Bible mu a, yɛboa ma ahotew, asomdwoe, ne baakoyɛ tena asafo no mu. Enti, momma yɛn mu biara mmisa ne ho sɛ, ‘Midi akoa nokwafo a Yesu de no reyɛ adwuma nnɛ no nokware anaa?’ Yehowa Asɛm no boa yɛn ma yehu sɛnea n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no te. Nhwɛso bi ni. Odiyifo Hesekiel nyaa anisoadehu bi. Ohuu ɔsoro teaseɛnam bi a egyina hɔ ma Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no. (Hes. 1:4-28) Ɛrenkyɛ, Kristo ne n’abɔfo kronkron no bɛsɛe wiase bɔne yi. Yehowa teaseɛnam no repɛ ntɛm atew Yehowa din kronkron no ho, na ama obiara ahu sɛ ne tumidi nkutoo na ɛfata! w16.11 3:9, 10

Dwoda, February 19

‘Monhyehyɛ mo ho nkuran, titiriw bere a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.’​—Heb. 10:25.

Sɛnea na Yesu akyidifo a wodi kan no hyiam sua ade na wɔhyehyɛ wɔn ho nkuran no, saa ara na ɛnnɛ yɛn nso yɛyɛ. (1 Kor. 14:31) Onyankopɔn asomfo a wɔn ho akokwaw mpo hia nkuranhyɛ. Yɛmfa Yosua sɛ nhwɛso. Ná ɔde nokwaredi asom Onyankopɔn mfe pii. Nanso, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnhyɛ no nkuran. Yehowa kae sɛ: “Fa Yosua yɛ ɔman no kannifo na hyɛ no nkuran na hyɛ no den, efisɛ ɔno na obedi ɔman yi anim atwa Yordan, na ɔde asase a wubehu no bɛma wɔn.” (Deut. 3:27, 28) Ná wɔde asɛyɛde kɛse bi rebɛhyɛ Yosua nsa. Ɛno ne sɛ, ɔno na na obedi Israelfo anim akɔko afa Bɔhyɛ Asase no. Ná obehyia akwanside, na anyɛ yiye koraa no, na obedi nkogu baako wɔ ɔko mu. (Yos. 7:1-9) Wei ma yehu paa sɛ na ehia sɛ wɔhyɛ Yosua nkuran na wɔhyɛ no den! Enti momma yɛn mu biara nhyɛ asafo mu mpanyimfo ne amansin so ahwɛfo a wɔyɛ adwumaden de hwɛ Onyankopɔn nguankuw no nkuran.​—1 Tes. 5:12, 13. w16.11 1:12, 13

Benada, February 20

Ma menkyerɛ wo aguaman kɛse a ɔte nsu pii so no atemmu.​—Adi. 17:1.

Bible Asuafo no hui sɛ ɛnyɛ wɔn abusuafo, wɔn nnamfo, ne asɔremma no nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔma wɔte sɛ wɔatwe wɔn ho afi atoro som ho. Ná ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa hu sɛ Babilon Kɛse no yɛ ɔsom a abɔ aguaman! Enti efi December 1917 kosi afe 1918 mfiase no, Bible Asuafo mpem kakraa bi a na wɔwɔ hɔ saa bere no de nsi ne ahokeka kyekyɛɛ nkratawa mmaako mmaako 10,000,000. Ná asɛm bi a wɔato din “The Fall of Babylon” (Babilon Ahweaseɛ) wɔ kratawa no mu. Saa asɛm no paa Kristoman ho ntama. Ɛmaa asɔfo no bo fuwii paa. Nanso, Bible Asuafo no ammɔ hu. Wɔkɔɔ so yɛɛ adwuma a ɛho hia yi. Ná wɔasi wɔn bo sɛ wobetie “Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.” (Aso. 5:29) Dɛn na nea yɛaka yi nyinaa ma yehu? Ɛma yehu sɛ, ɛnyɛ ɔko no mu na Kristofo mmarima ne mmea bɛyɛɛ Babilon Kɛse no nkoa. Mmom no, saa bere no na wɔrede wɔn ho afi Babilon Kɛse no tumi ase, na na wɔreboa afoforo ma wɔn nso ayɛ saa ara. w16.11 5:2, 4

Wukuda, February 21

Wɔn a wɔnam ɔhonam mu no de wɔn adwene si ɔhonam mu nneɛma so, na wɔn a wɔnam honhom mu no de wɔn adwene si honhom mu nneɛma so.​—Rom. 8:5.

Ebinom betumi anya adwene sɛ, na Paulo reka wɔn a wonni nokware no mu ne wɔn a wɔwom, kyerɛ sɛ, wɔn a wɔnyɛ Kristofo ne wɔn a wɔyɛ Kristofo ho asɛm. Nanso, Paulo kyerɛw saa asɛm no kɔmaa “Onyankopɔn adɔfo a wɔwɔ Roma a wɔafrɛ wɔn abɛyɛ akronkronfo nyinaa.” (Rom. 1:7) Enti, nsonsonoe a na ɛwɔ Kristofo a wɔnantew ɔhonam mu ne Kristofo a wɔnantew honhom mu ho asɛm na na Paulo reka. Ɔde “ɔhonam nneɛma” a wɔyɛe no bataa “akɔnnɔ bɔne” a na ‘ɛreyɛ adwuma wɔ wɔn akwaa mu’ no ho. (Rom. 7:5) Enti bere a na Paulo reka wɔn a wɔde “wɔn adwene si ɔhonam mu nneɛma so” ho asɛm no, na ɔreka nnipa a wodi wɔn nkate akyi anaa wɔde wɔn adwene si nneɛma bɔne a ɛwɔ nnipa a yɛtɔ sin komam so no ho asɛm. Yɛreka paa a, wɔyɛ nnipa a wodi wɔn akɔnnɔ akyi. Ebetumi ayɛ nna ho akɔnnɔ anaa akɔnnɔ foforo. w16.12 2:5, 7

Yawda, February 22

Anigye ne onipa a wɔde ne mmarato afiri no.​—Dw. 32:1.

Nneɛma bi a obi yɛe bere bi a atwam anaa mfomso a odii tumi gyaw no adwinnwen. Ɛtɔ da a, na Ɔhene Dawid te nka sɛ ne ‘mfomso aboro ne ti so.’ Ɔkae sɛ: “Me koma apinisi nti, mebobom.” (Dw. 38:3, 4, 8, 18) Bere a Dawid kɔɔ saa tebea no mu no, dɛn paa na na nyansa wom sɛ ɔyɛ? Dɛn na ɔyɛe? Onyaa ahotoso sɛ Yehowa behu no mmɔbɔ na ɔde ne bɔne afiri no. (Dw. 32:2, 3, 5) Ɛtɔ da a, tebea a wowɔ mu betumi agyaw wo adwinnwen. Nhwɛso bi ni. Bere a Dawid kyerɛw Dwom 55 no, na osuro sɛ anhwɛ a obi bekum no. (Dw. 55:2-5) Nanso, wamma adwinnwen ansɛe Yehowa mu ahotoso a na ɔwɔ no. Dawid bɔɔ mpae denneennen de ne haw too Yehowa anim, nanso ohui sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nea ɛde adwinnwen abɛto ne so no ho biribi. (2 Sam. 15:30-34) Momma yensua biribi mfi nea Dawid yɛe no mu. Sɛ́ anka wobɛma adwinnwen ahyɛ wo so no, yɛ nea ato wo no ho biribi. Afei dan w’adesoa no to Yehowa so na nya ahotoso sɛ ɔbɛyɛ ho biribi ama wo. w16.12 3:14, 15

Fida, February 23

Mayɛ Yehowa bɔne.​—2 Sam. 12:13.

Dawid gyee nteɛso a Yehowa nam odiyifo Natan so de maa no no toom. Afei ɔbɔɔ mpae kaa ne bɔne nyinaa kyerɛɛ Yehowa, na ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmma ɔne ne ntam nsan nyɛ papa. (Dw. 51:1-17) Wamma ne bɔne no ammubu no, na mmom osuaa biribi fii mu. Wanyɛ saa bio. Odii Yehowa nokware kosii ne wuda. Ne nokwaredi nti, Yehowa werɛ remfi no da. (Heb. 11:32-34) Nea Dawid yɛe no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Sɛ yɛyɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu nu yɛn ho na yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn. Afei ɛsɛ sɛ yɛka yɛn bɔne no kyerɛ Yehowa. (1 Yoh. 1:9) Bio, ɛsɛ sɛ yɛkɔka yɛn bɔne no kyerɛ asafo mu mpanyimfo na wɔboa yɛn ma yesiesie yɛne Nyankopɔn ntam. (Yak. 5:14-16) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yegye Yehowa di sɛ obetumi de yɛn bɔne akyɛ yɛn ama yɛne ne ntam asan ayɛ kama. Afei yɛbɔ mmɔden sɛ yebesua biribi afi yɛn mfomso no mu. Yɛbɛyere yɛn ho wɔ Yehowa som mu, na yɛde ahotoso ahwɛ nhyira a yebenya daakye no kwan.​—Heb. 12:12, 13. w17.01 1:13, 14

Memeneda, February 24

Yi w’akoa fi anidaho bɔne ho.​—Dw. 19:13.

Dɛn na obi yɛ a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ‘ahantan’? Sɛ yɛka sɛ obi yɛ ahantan a, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ ɔpere ne ho anaa ɔsen ne kɔn yɛ ade a onni kwan sɛ ɔyɛ. Esiane sɛ wɔawo yɛn wɔ bɔne mu nti, ɛtɔ bere bi a ahantan ma yɛpere yɛn ho yɛ ade. Nanso sɛnea Ɔhene Saul yɛe no, sɛ yɛpere yɛn ho wɔ nsɛm ho a, nea ɛbɛba ara ne sɛ yɛne Onyankopɔn ntam bɛsɛe. Dwom 119:21 ka Yehowa ho asɛm sɛ: ‘Woaka ahantanfo anim.’ Adɛn ntia? Bɔne bi wɔ hɔ a, yɛnhyɛ da na yɛyɛ. Nanso sɛ yɛde ahantan yɛ biribi a, ɛyɛ aniberesɛm paa. Nea edi kan, sɛ ahantan nti yɛpere yɛn ho yɛ ade a, yɛrenhyɛ Yehowa anuonyam sɛ yɛn Sodifo a ɔfata. Nea ɛto so mmienu, sɛ yɛyɛ biribi a yenni kwan sɛ yɛyɛ a, ɔkwan biara so, ɛbɛsɛe yɛne nkurɔfo ntam. (Mmeb. 13:10) Nea ɛto so mmiɛnsa, sɛ ɛbɛda adi sɛ ahantan ama yɛapere yɛn ho ayɛ biribi a, yɛn ani betumi awu anaa yɛn anim begu ase. (Luka 14:8, 9) Sɛ ahantan piapia yɛn ma yɛyɛ ade a, ɛrensi yɛn yiye da. Sɛnea Bible ma yehu no, eye sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase bere nyinaa. w17.01 3:4, 5

Kwasida, February 25

Wɔn de, wɔasɛe wɔn ho; wɔnyɛ ne mma bio, wɔn ankasa nkekae nti.​—Deut. 32:5.

Esiane sɛ na Adam nyɛ pɛ bio nti, wantumi anna Onyankopɔn suban ahorow adi yiye. Adam hweree daakye ho anidaso papa a na ɔno ankasa wɔ. Afei nso, ɔde sintɔ, bɔne, ne owu baa ne mma so. (Rom. 5:12) Ɔmaa anidaso a na ɛwɔ hɔ sɛ n’asefo bɛtena ase daa no bɔɔ wɔn. Afei nso, Adam ne Hawa antumi anwo mma a wɔyɛ pɛ; saa ara na wɔn mma no nso antumi anwo mma a wɔyɛ pɛ. Efi bere a Adam ne Hawa twee wɔn ho fii Onyankopɔn ho no, Satan Ɔbonsam akɔ so adaadaa adesamma de abesi nnɛ. (Yoh. 8:44) Onyankopɔn de, wakɔ so ara adɔ nnipa. Atua a Adam ne Hawa tewee nyinaa akyi no, Yehowa pɛ sɛ ɔne adesamma ntam yɛ kama. Ɔmpɛ sɛ obiara wu. (2 Pet. 3:9) Enti atuatew no akyi pɛɛ no, Onyankopɔn yɛɛ nhyehyɛe bi a ebetumi ama nnipa ne ne ntam asan ayɛ kama. Bere koro no ara nso, na saa nhyehyɛe no bɛma Onyankopɔn akɔ so akura n’ankasa gyinapɛn a ɛteɛ no mu.​—Yoh. 3:16. w17.02 1:12-14

Dwoda, February 26

Wɔn a wɔbom tu agyina na nyansa ne wɔn te.​—Mmeb. 13:10.

Sɛ yesuasua Onyankopɔn na yɛde yɛn adwene si yɛn nuanom suban pa so a, ɛbɛma yɛn ani asɔ adwuma biara a wɔde bɛma yɛn wɔ Yehowa som mu no paa. Ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛhwehwɛ nnipa anim anuonyam anaa yɛbɛpere sɛ yebegye obi adwuma ayɛ. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛbɛtaa abisa yɛn nuanom adwenkyerɛ, na sɛ wɔma yɛn nyansahyɛ nso a yɛde bɛyɛ adwuma. Sɛ yɛn nuanom nya ɔsom hokwan wɔ asafo no mu nso a, yɛne wɔn nyinaa ani begye. Sɛ yehu sɛnea Yehowa rehyira yɛn “nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa” no a, yɛbɛda no ase. (1 Pet. 5:9) Afei nso, yebehu Yehowa adwene wɔ nneɛma ho na yɛasi gyinae pa. Sɛ yɛkɔ so sua ade, bɔ mpae, na yɛde nea yɛasua yɛ adwuma a, ɛbɛma yɛanya ahonim pa. (1 Tim. 1:5) Afei yɛremmu yɛn ho nkyɛn yɛn nuanom. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ sɛ yɛyɛ yɛn fam deɛ a, ‘obewie yɛn ntetee.’ Ɔbɛma yɛanya ahobrɛase na yɛn suban bɛyɛ fɛ.​—1 Pet. 5:10. w17.01 4:17, 18

Benada, February 27

Wɔmfa nidi mmɔho mma mpanyimfo a wodi nneɛma anim yiye no, ne titiriw no wɔn a wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ ɔkasa ne ɔkyerɛkyerɛ mu no.—1 Tim. 5:17.

Ɛfata paa sɛ yɛde nidi ne obu ma wɔn a yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidi mu no. Wɔn a wɔfata sɛ yɛde nidi ne obu ma wɔn paa ne asafo mu mpanyimfo a wodi nneɛma anim no. Yɛde nidi ma saa anuanom no ɛmfa ho ɔman a wofi mu, wɔn nhomanim, gyinabea a wɔwɔ wɔ asetena mu, anaa sɛnea wɔn sikasɛm te. Bible ka wɔn ho asɛm sɛ ‘nnipa mu akyɛde,’ na wodi dwuma titiriw bi wɔ nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ a ɔnam so ma ne nkurɔfo nsa ka wɔn ahiade no mu. (Efe. 4:8) Momma yɛnhwɛ asafo mu mpanyimfo, amansin so ahwɛfo, Baa Boayikuw mufo, ne Akwankyerɛ Kuw no mufo. Yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no de obu kɛse maa wɔn a wɔpaw wɔn ma wodii nneɛma anim no paa, na saa ara na yɛn nso yebu wɔn a wodi yɛn anim nnɛ no. Kristofo asafo no ananmusifo a yenim wɔn yiye no, yɛnkotokotow wɔn te sɛ nea yɛresom wɔn. Saa ara nso na sɛ yehu wɔn a, yɛnyɛ yɛn ade te sɛ nea yɛahu ɔsoro abɔfo bi. Nanso, adwumaden a saa mmarima no yɛ ne ahobrɛase a wɔda no adi nti, yɛde obu ne nidi ma wɔn.​—2 Kor. 1:24; Adi. 19:10. w17.03 1:13

Wukuda, February 28

Dɛn nti na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye obiako pɛ, Onyankopɔn.​—Mar. 10:18.

Hwɛ nsonsonoe a na ɛda Yesu ne Herode Agripa I a ɔbɛyɛɛ Yudea hene no ntam! Wɔ nhyiam titiriw bi ase no, Herode de “ahentade” hyehyɛɛ ne ho. Nnipadɔm a na wɔrebɔ gye ne so no teɛteɛɛm sɛ: “Onyame bi nne ni, ɛnyɛ onipa nne!” Ɛda adi sɛ Herode ani gyee anuonyam a na nkurɔfo no rehyɛ no no ho. Nanso, Bible ka sɛ: “Ɛhɔ ara na Yehowa bɔfo bɔɔ no, efisɛ wamfa anuonyam no amma Onyankopɔn; na ɔdɔree mmoawa wui.” (Aso. 12:21-23) Akyinnye biara nni ho sɛ, obi a n’ani da hɔ biara nni hɔ a na obetumi aka sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔpaw Herode sɛ ɔkannifo. Nanso Yesu de, ɔde adanse a edi mũ mae sɛ Onyankopɔn na ɔpaw no sɛ ɔkannifo. Yesu hyɛɛ Yehowa anuonyam bere nyinaa sɛ, Yehowa na ɔyɛ ne nkurɔfo Kannifo Pumpuni. Ná Yehowa pɛ sɛ Yesu yɛ ɔkannifo mfe pii. Yesu wusɔre akyi no, Yesu kae sɛ: “Wɔde tumi nyinaa ama me wɔ ɔsoro ne asase so. . . . Na hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.”​—Mat. 28:18-20. w17.02 3:20, 21

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena