Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es18 kr. 7-17
  • January

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • January
  • Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2018
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dwoda, January 1
  • Benada, January 2
  • Wukuda, January 3
  • Yawda, January 4
  • Fida, January 5
  • Memeneda, January 6
  • Kwasida, January 7
  • Dwoda, January 8
  • Benada, January 9
  • Wukuda, January 10
  • Yawda, January 11
  • Fida, January 12
  • Memeneda, January 13
  • Kwasida, January 14
  • Dwoda, January 15
  • Benada, January 16
  • Wukuda, January 17
  • Yawda, January 18
  • Fida, January 19
  • Memeneda, January 20
  • Kwasida, January 21
  • Dwoda, January 22
  • Benada, January 23
  • Wukuda, January 24
  • Yawda, January 25
  • Fida, January 26
  • Memeneda, January 27
  • Kwasida, January 28
  • Dwoda, January 29
  • Benada, January 30
  • Wukuda, January 31
Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2018
es18 kr. 7-17

January

Dwoda, January 1

‘Monko denneennen mpere gyidi no.’​—Yuda 3.

Ababaa bi de mmirika rekohyia ne papa. N’ani agye paa sɛ ne papa akɔ ɔko aba asomdwoe mu. Ne papa dii nkonim kɛse, na ɛmaa ne ba no de anigye too dwom dii asaw. Ɛbɛyɛ sɛ nea ababaa no papa yɛe ne asɛm a ɔkae no yɛɛ no nwonwa. Ne papa suan n’atade mu, na ɔteɛɛm sɛ: “Ao me ba! Woama mahodwow,” anaa woahaw me. Afei ne papa ka kyerɛɛ no sɛ, mahyɛ Yehowa bɔ a ɛbɛma w’asetena asesa afebɔɔ. Ɛbɔ a papa no hyɛe no kyerɛ sɛ ne ba no rentumi nware nwo mma da. Nanso ntɛm ara na asɛm a ababaa no kae no hyɛɛ ne papa nkuran sɛ onni ɛbɔ a wahyɛ Yehowa no so. Asɛm a ababaa no kae no kyerɛ sɛ na ogye di paa sɛ biribiara a Yehowa bɛka sɛ ɔnyɛ no bɛboa no. (Atem. 11:34-37) Bere a papa no hui sɛ ababaa no wɔ gyidi saa no, n’ani gyei efisɛ na onim sɛ, sɛ ne ba no yi ne yam som Yehowa a, Yehowa ani bɛsɔ. Ná Yefta ne ne babea no gye di paa sɛ nea Yehowa bɛyɛ biara ye. Bere a nneɛma mu yɛɛ den maa wɔn mpo no, wodii Yehowa nokware. Esiane sɛ na wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani nti, wɔtee nka sɛ biribiara a wɔde bɛbɔ afɔre no nyɛ hwee. w16.04 1:1, 2

Benada, January 2

Moate Hiob boasetɔ no ho asɛm na moahu nea Yehowa ma efii mu bae.​—Yak. 5:11.

Ɛtɔ da a, yɛn adamfo anaa yɛn busuani bi bɛka asɛm bi ma ayɛ yɛn yaw. Anaa ebetumi aba sɛ woyare paa anaa wo yɔnko berɛbo bi wuo nti woredi awerɛhow. Nanso, nea ɛbɛto wo biara no, Hiob asɛm no betumi akyekye wo werɛ. (Hiob 1:18, 19; 2:7, 9; 19:1-3) Ná Hiob nnim nea enti a prɛko pɛ ɔhaw bebrebe yi abɛsoɛ no, nanso wampa abaw. Ɛyɛɛ dɛn na otumi gyinaa mu? Nea edi kan, na ɔdɔ Yehowa, na na ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi ma Yehowa adi yaw. (Hiob 1:1) Papa mu oo, bɔne mu oo, na Hiob pɛ sɛ ɔyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani. Afei nso, Yehowa kaa nneɛma akɛseakɛse a wayɛ ho asɛm kyerɛɛ Hiob, na ɛboaa no ma ohui sɛ Onyankopɔn wɔ tumi. Wei maa Hiob nyaa awerɛhyem paa sɛ Yehowa bɛma sɔhwɛ a ɔrehyia no aba awiei wɔ bere a ɛsɛ mu. (Hiob 42:1, 2) Na saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae. Bible ka sɛ: ‘Yehowa maa Hiob amanehunu no baa awiei, na Yehowa de nea ɛyɛ Hiob de nyinaa bɔɔ ho abien maa no.’ Na Hiob ‘dii nna mee.’—Hiob 42:10, 17. w16.04 2:11, 13

Wukuda, January 3

Monyɛ anifere sɛ awɔ, na monyɛ kronn sɛ mmorɔnoma.​—Mat. 10:16.

Sɛ yedi kan dwinnwen ɔhaw a yebetumi ahyia ho a, na yɛreyɛ “anifere.” Na sɛ yɛda yɛn ho so na yɛankodi ɔfã bi akyi nso a, na yɛreyɛ “kronn.” Sɛ nkurɔfo fi ase sɛ wɔrebɔ amanyɔsɛm ho nkɔmmɔ a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye paa. Nhwɛso bi ni. Sɛ yɛreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm akyerɛ obi a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanka sɛ yegye amanyɔkuw anaa ɔmanyɔfo bi adwenkyerɛ tom anaasɛ yennye ntom. Sɛ́ anka wobɛka nea nnipa reyɛ de asɔ ɔhaw a adesamma rehyia ano no, fa Bible boa no ma onhu sɛ Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi atu adesamma haw ase koraa. Ɛtɔ da a, ebia nkurɔfo ne wo begye akyinnye wɔ nsɛm bi te sɛ mmarima a wɔware mmarima ne mmea a wɔware mmea anaa nyinsɛnyigu ho. Ɛba saa a, ma wonhu nea Onyankopɔn Asɛm ka fa ho. Ma wonhu sɛ woreyɛ nea wubetumi biara de nea Bible ka abɔ wo bra. Sɛ obi ka sɛ ɛsɛ sɛ wotwa mmara bi mu anaa wɔsesa no a, ɛnsɛ sɛ yɛka bi. Afei nso, yɛnka sɛ kyenkyen ara a onipa no nsesa n’adwene. w16.04 4:8, 9

Yawda, January 4

Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo.​—Mat. 28:19.

Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nkurɔfo asuafo, bɔ wɔn asu na yɛkyerɛkyerɛ wɔn. Nanso ansa na yɛbɛyɛ saa no, dɛn na ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ? Yesu kae sɛ: “Monkɔ”! Bible ho ɔbenfo bi kaa saa ahyɛde yi ho asɛm sɛ: “‘Monkɔ’ no kyerɛ sɛ, abɔnten so oo, ɛpo agya oo, ɛyɛ gyidini biara asɛde sɛ ɔka asɛmpa no bi.” (Mat. 10:7; Luka 10:3) Bere a Yesu kae sɛ n’akyidifo nyɛ nnipa yifo no, nea na ɔreka ara ne sɛ ankorankoro biara bɛyɛ ne de? Anaa na ɔrekyerɛ sɛ ahyehyɛde anaa kuw bi na ɛbɛka asɛmpa no? Esiane sɛ onipa baako ntumi nka asɛm no nkyerɛ “aman nyinaa” nti, na ebehia sɛ wɔyɛ nhyehyɛe ma nnipa pii yɛ saa adwuma no. Saa na na Yesu rekyerɛ bere a ɔkae sɛ n’asuafo mmɛyɛ “nnipa yifo” no. (Mat. 4:18-22) Mpataayi a Yesu kaa ho asɛm no, ɛnyɛ nea onipa baako de nam tua darewa ano to nsu mu twɛn kosi sɛ apataa bi bɛba abɛsɔ nam no. Mmom nea na ɔreka ne asau a yɛde yi mpataa. Ɛno de, ɛtɔ mmere bi a ehia sɛ nnipa bebree na wɔbom twe, efisɛ egye ahoɔden.—Luka 5:1-11. w16.05 2:3, 4

Fida, January 5

Fa wo koma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛma w’akwan ateɛ.​—Mmeb. 3:5, 6.

Sɛ yebehu Yehowa adwene a, ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn Asɛm a yɛbɛkenkan na yɛasua no ho asɛm hia yɛn paa. Yɛrekenkan Onyankopɔn Asɛm anaa yɛresua a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Dɛn na asɛm a merekenkan anaa meresua yi ma mihu fa Yehowa ho? Dɛn na ɛma mihu fa Yehowa akwan ne n’adwene ho?’ Ɛsɛ sɛ yenya su a odwontofo Dawid nyae no bi. Ɔtoo dwom sɛ: “O Yehowa, ma minhu w’akwan; kyerɛkyerɛ me w’atempɔn. Ma mennantew wo nokware mu na kyerɛkyerɛ me, efisɛ wone me nkwagye Nyankopɔn. M’ani da wo so daa nyinaa.” (Dw. 25:4, 5) Bere a woredwinnwen Bible mu asɛm bi ho no, wubetumi asusuw nsɛmmisa a ɛte sɛ nea edidi so yi ho: ‘Mɛyɛ dɛn de saa asɛm yi ayɛ adwuma wɔ m’abusua mu? Ɛhe na metumi de ayɛ adwuma? Me fie? M’adwuma mu? Sukuu mu? Asɛnka mu?’ Sɛ yenya hu baabi a yebetumi de asɛm no ayɛ adwuma a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ yebehu ɔkwan a yɛbɛfa so de ayɛ adwuma. w16.05 3:9, 11

Memeneda, January 6

Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo yɛ obi a asɛm nni ne ho.​—1 Tim. 3:2.

Yehowa ama yɛahu suban a ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo da no adi. Wei kyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ nnipa a wɔbɛpaw wɔn sɛ asafo mu mpanyimfo no yɛ wɔn a asɛm nni wɔn ho. (1 Tim. 3:2-7) Yehowa hwɛ kwan sɛ asafo mu mpanyimfo bɛyɛ nhwɛso pa. Yehowa ‘de n’ankasa Ba mogya na ɛtɔɔ’ asafo no, enti sɛnea mpanyimfo no ne asafo no mufo bɛtena no, wobebu ho akontaa. (Aso. 20:28) Yehowa pɛ sɛ, sɛ asafo mu mpanyimfo rehwɛ yɛn so a, yɛn bo tɔ yɛn yam. (Yes. 32:1, 2) Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde a Yehowa pɛ sɛ asafo mu mpanyimfo de bɔ wɔn bra no ma yehu sɛ odwen yɛn ho paa. Nokwasɛm ne sɛ, ahwehwɛde a wɔabobɔ din wɔ kyerɛwsɛm no mu no, Yehowa pɛ sɛ Kristoni biara sua biribi fi mu. Nea wɔaka wɔ hɔ no mu dodow no ara, Yehowa pɛ sɛ Kristofo nyinaa di so. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa da ntease adi na yɛma yɛn adwene mu da hɔ. (Filip. 4:5; 1 Pet. 4:7) Sɛ asafo mu mpanyimfo yɛ ‘nhwɛso ma nguankuw no’ a, yebetumi asua nneɛma pii afi wɔn hɔ na ‘yɛasuasua wɔn gyidi.’—1 Pet. 5:3; Heb. 13:7. w16.05 5:8-10

Kwasida, January 7

Bɔ wo koma ho ban sen nea wode sie nyinaa.​—Mmeb. 4:23.

Suban a ebetumi ama yɛapirim yɛn koma bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ho? Gyidi a obi nni, ahantan, ne bɔne mu a obi bɛtena ka ho. Saa suban yi betumi ama yɛayɛ asoɔden na yɛatew atua. (Dan. 5:1, 20; Heb. 3:13, 18, 19) Nokwasɛm ne sɛ, Yuda hene Usia bɛyɛɛ ahantan. (2 Be. 26:3-5, 16-21) Mfiase no, Usia yɛɛ “nea ɛteɛ Yehowa ani so,” na “ɔkɔɔ so hwehwɛɛ Onyankopɔn.” Ɛwom sɛ Onyankopɔn na ɔmaa Usia tumi de, nanso “ɔyɛɛ den ara pɛ, ne koma maa ne ho so.” Ɔyɛɛ n’adwene mpo sɛ ɔbɛhyew aduhuam wɔ asɔrefie hɔ. Nanso, asɔfo a wofi Aaron abusua mu nkutoo na na wɔwɔ hokwan sɛ wɔhyew aduhuam. Bere a asɔfo no kae sɛ nea Usia reyɛ no mfa kwan mu no, ne bo fuwii paa! Dɛn na ɛtoo no? Onyankopɔn guu n’anim ase pɔtɔɔ; ɔyaree kwata kosii ne wuda. (Mmeb. 16:18) Sɛ yɛanhwɛ yiye wɔ ahantan ho a, yɛn nso yebetumi afi ase ‘abu yɛn ho atra nea ɛsɛ,’ ebia yɛbɛbɔ Kyerɛwnsɛm mu afotu a wɔde ma yɛn mpo agu.—Rom. 12:3; Mmeb. 29:1. w16.06 2:3, 4

Dwoda, January 8

Mo ne mo ho ntena ɔdɔ mu.​—Efe. 4:2.

Sɛ yehu sɛ ɛsono yɛn nuanom Kristofo bi amammerɛ a, ɛyɛ a yɛyɛ yɛn ade sɛn? Ebia ɛsono kasa a wɔka, aduan a wɔpɛ, ntade a wɔhyɛ, anaa wɔn nipaban. Ɛba saa a, ɛyɛ wo den sɛ wo ne wɔn bɛbɔ? Anaa wo kuromfo nkutoo na wopɛ sɛ wo ne wɔn bɔ? Anuanom a wɔapaw wɔn sɛ mpanyimfo wɔ w’asafo mu, ɔmansin mu, anaa wo man mu no, sɛ woanyin sen wɔn nso ɛ? Sɛ ɛsono mpanyimfo no amammerɛ anaa abusua a wofi mu nso ɛ? Wobɛma saa nneɛma yi asɛe baakoyɛ a ɛwɔ Yehowa nkurɔfo mu no? Dɛn na ebetumi aboa yɛn na ɔhaw a ɛte saa anto yɛn? Kristofo a ɛwɔ Efeso na Paulo de afotu pa a ɛte saa maa wɔn. Ná Efeso yɛ firamanfiramanfo kurow, na na wodi yiye. (Efe. 4:1-3) Paulo dii kan kaa suban ahorow bi ho asɛm. Ebi ne ahobrɛase, odwo, abodwokyɛre, ne ɔdɔ. Yebetumi de saa suban ahorow yi atoto ofie bi nnyinaso ho. w16.06 3:17, 18

Benada, January 9

Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ yiye wɔ anibere biara ho.​—Luka 12:15.

Satan pɛ sɛ yɛsom Ahonyade mmom sen sɛ yɛbɛsom Yehowa. (Mat. 6:24) Wɔn a wɔde wɔn ahoɔden nyinaa hwehwɛ ahonyade no, wonnya so mfaso biara. Wɔn abam tumi bu, na wɔn adwene tu fra. Afei nso, etumi ma wɔne Yehowa ntam sɛe. (1 Tim. 6:9, 10; Adi. 3: 17) Ɛte sɛ nea Yesu kaa ho asɛm wɔ ogufo ho mfatoho no mu no. Sɛ wogu Ahenni asɛm no wɔ ‘nsɔe mu a, nneɛma a aka ho akɔnnɔ mia asɛm no, na ɛnsow aba.’ (Mar. 4:14, 18, 19) Bere a yɛrebɛn wiase yi awiei no, ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ nneɛma pii. Sɛ yɛwɔ agyapade bi a yɛn ani gye ho paa anaa ɛsom bo sɛn mpo a, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ wɔ ahohiahia kɛse no mu no, wɔbɛkora so aka yɛn nkwa ho.—Mmeb. 11:4; Mat. 24:21, 22. w16.07 1:5, 6

Wukuda, January 10

Yɛn nyinaa anya adom pii afi ne hɔ.​—Yoh. 1:16.

Da koro anɔpatutuutu, bobeturo wura bi kɔɔ gua so sɛ ɔrekɔpɛ apaafo ama wɔakɔyɛ adwuma wɔ ne bobeturo mu. Mmarima a onyaa wɔn no penee akatua a ɔkae sɛ ɔde bɛma wɔn no so, na wɔkɔyɛɛ adwuma no. Nanso esiane sɛ na afuw wura no hia adwumayɛfo pii nti, saa da no, ɔsan kɔɔ gua no so mpɛn pii sɛ ɔrekɔpɛ adwumayɛfo no bi aka ho. Wɔn a ɔbɔɔ wɔn paa anwummere no mpo, ɔkae sɛ ɔbɛma wɔn akatua a ɛfata. Eduu anwummere no, ɔboaboaa adwumayɛfo no nyinaa ano sɛ ɔrebetua wɔn ka. Akatua koro na ɔde maa wɔn mu biara. Wɔn a wɔyɛɛ adwuma nnɔnhwerew pii ne wɔn a wɔyɛɛ adwuma dɔnhwerew baako pɛ no nyinaa nyaa akatua koro. Bere a wɔn a wodii kan bɔɔ wɔn paa no huu saa no, wonwiinwii. Bobeturo wura no bisaa wɔn sɛ: ‘Adɛn, moampene akatua a mekae sɛ mede bɛma mo no so anaa? Enti minni hokwan sɛ mitua m’adwumayɛfo nyinaa ka sɛnea mepɛ? Papa a mereyɛ yi nti na mo ani abere anaa?’ (Mat. 20:1-15) Yesu mfatoho no ma yɛkae Yehowa su bi a Bible taa ka ho asɛm. Ɛno ne ‘n’adom.’—2 Kor. 6:1. w16.07 3:1, 2

Yawda, January 11

Hwɛ! mereyɛ nneɛma nyinaa foforo. . . . Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom, na ɛyɛ nokware.​—Adi. 21:5.

Awiei no abɛn paa, enti ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ yɛka Ahenni ho asɛmpa no sen bere biara! (Mar. 13:10) Nokwasɛm ne sɛ, asɛmpaka adwuma no da Yehowa adom adi. Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi sɛ yɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam. Nhyira a yebenya wɔ wiase foforo no mu nyinaa yɛ ayamye a Yehowa bɛda no adi akyerɛ yɛn, na ɛsɛ sɛ yɛboa nkurɔfo ma wohu. Sɛ yɛredi nkurɔfo adanse a, yebetumi ama wɔahu sɛ Kristo Ahenni no mu na adesamma benya agyede no so mfaso paa. Afei, nkakrankakra adesamma bɛkɔ pɛyɛ mu. Bible ka sɛ: “Abɔde no ankasa nso benya ahofadi afi ɔporɔw nkoasom mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi mu.” (Rom. 8:21) Sɛ ɛnyɛ Yehowa ayamye a, anka nhyira yi nyinaa bɛbɔ yɛn. w16.07 4:17-19

Fida, January 12

Okunu mma ne yere nea ɛsɛ no, na ɔyere nso nyɛ saa ara mma ne kunu.​—1 Kor. 7:3.

Ɛwom sɛ Bible nkyerɛ baabi a awarefo betumi asuso wɔn ho mu anaa wɔafew wɔn ho ano akodu ansa na wɔanya nna mu kyɛfa de, nanso ɛka sɛ wobetumi akyerɛ wɔn dɔ. (Nmd. 1:2; 2:6) Enti ɛsɛ sɛ awarefo a wɔyɛ Kristofo yɛ wɔn ho brɛbrɛ anaa wɔkorɔkorɔ wɔn ho. Sɛ awarefo dɔ Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa paa a, wɔremma obiara anaa biribiara nsɛe wɔn aware. Awarefo binom ahwɛ ponografi anaa aguamansɛm mfonini araa ma wɔn aware agyigya anaa asɛe mpo. Ɛsɛ sɛ awarefo yere wɔn ho paa ko tia onipa foforo biara ho akɔnnɔ a wobenya ne aguamansɛm mfonini a wɔbɛhwɛ. Sɛ ɔwarefo bi yɛ nneɛma bi a ɛreyɛ ayɛ sɛ ɔde ne ho rehyehyɛ obi a ɔnyɛ ne hokafo a, ɛsɛ sɛ ogyae efisɛ ɛnkyerɛ ɔdɔ. Sɛ yɛkae sɛ Onyankopɔn hu adwene ne nneyɛe nyinaa a, ɛbɛma yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ n’ani, na yɛama yɛn ho atew.—Mat. 5:27, 28; Heb. 4:13. w16.08 2:7-9

Memeneda, January 13

Yennyaee sɛ yɛbɛbɔ mpae ama mo, na yɛasrɛ sɛ [Onyankopɔn] pɛ ho nokware nimdeɛ nhyɛ mo ma.​—Kol. 1:9.

Sɛ Kristofo a wɔwɔ Kolose no nya nokware nimdeɛ a ɛte saa a, na ɛbɛboa wɔn ama ‘wɔanantew sɛnea ɛsɛ Yehowa na ɛsɔ n’ani koraa.’ Ná ɛbɛma wɔakɔ so ‘asow aba wɔ adwuma pa biara mu,’ titiriw no, asɛmpaka adwuma no mu. (Kol. 1:10) Sɛ obi betumi asom Yehowa yiye a, ɛsɛ sɛ ogye bere sua Bible no daa. Wei yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛboa yɛn Bible asuafo ma wɔte ase. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛn ankasa hu mfaso a ɛwɔ Bible a yebesua so. Enti, ehia sɛ yɛn ankasa gye bere sua Bible no daa. Wubetumi abisa wo ho sɛ, ‘Sɛ mekɔ asɛnka na ofiewura bi ka asɛm bi a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia anaa obisa asɛm bi a ɛkyere adwene a, mitumi de Bible yi ano anaa? Sɛ yesua Bible no nya so mfaso, na yɛka sɛnea aboa yɛn no ho asɛm kyerɛ afoforo a, ɛbɛhyɛ wɔn nso nkuran ama wɔayere wɔn ho asua Kyerɛwnsɛm no. w16.08 4:3, 4

Kwasida, January 14

‘Yɛne ahonhommɔne dɔm a wɔwɔ soro hɔnom na anya.’​—Efe. 6:12.

Ɛho hia paa sɛ yɛko tia wiase “nneɛma a agye ntini” no. Ebi ne wiase yi nkyerɛkyerɛ, nyansapɛ, ne nneyɛe bɔne te sɛ aguamammɔ, tawanom, asabow, ne nnuru a wɔde di dwuma wɔ kwammɔne so. Afei nso, daa ɛsɛ sɛ yɛko tia ɔhonam mmerɛwyɛ ne abasamtu. (2 Kor. 10:3-6; Kol. 3:5-9) Yemmisa sɛ, yebetumi adi atamfo a wɔn ho yɛ den saa no so nkonim anaa? Yebetumi, nanso gye sɛ yɛyere yɛn ho. Paulo de ne ho totoo tete kuturukubɔfo ho. Ɔkae sɛ: “Akuturuku a meretoto no, mehwɛ na mantoto no sɛnea mereboro mframa.” (1 Kor. 9:26) Sɛnea okuturukubɔfo ko tia nea ɔne no rebɔ akuturuku no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛko tia yɛn atamfo. Yehowa tete yɛn, na ɔboa yɛn ma yɛko yɛn ko no. Wama yɛn akwankyerɛ a ebetumi agye yɛn nkwa wɔ n’Asɛm no mu. Afei nso, ɔnam yɛn Bible ho nhoma, Kristofo nhyiam, amansin ne amantam nhyiam so boa yɛn. Nea wusua no, wode yɛ adwuma anaa? w16.09 2:2, 3

Dwoda, January 15

Kristo mpo ansɔ n’ankasa ani.​—Rom. 15:3.

Nokwasɛm ne sɛ, nea na ɛho hia Yesu paa ne sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde na waboa afoforo sen sɛ ɔbɛyɛ nea ɔno ara pɛ. Enti sɛ yɛn ani gye nneɛma anaa ntade bi ho na yehu sɛ ɛremma nkurɔfo ntie asɛmpa a yɛka no a, ɛsɛ sɛ yegyae akyi di. (Rom. 15:2) Kristofo a wɔyɛ awofo wɔ asɛyɛde sɛ wɔtete wɔn mmusua ma wɔde Bible nnyinasosɛm bɔ wɔn bra. Ebi ne sɛ wɔbɛhwɛ sɛ wɔne wɔn mma ntadehyɛ ne wɔn ahosiesie bɛma Onyankopɔn koma atɔ ne yam. (Mmeb. 22:6; 27:11) Sɛ awofo yɛ nhwɛso pa ma wɔn mma na wofi ɔdɔ mu ma wɔn akwankyerɛ pa a, ebetumi ama wɔn mma no anya obu kɛse ama Onyankopɔn a yɛsom no a ɔyɛ kronkron no. Sɛ awofo kyerɛkyerɛ wɔn mma ma wohu sɛnea wobenya ntade a ɛfata ne beae a wobenya bi a, eye paa! Wei kyerɛ sɛ, ɛnyɛ ntade a mmofra no ani gye ho kɛkɛ na wɔbɛhyɛ, na mmom nea ɛbɛma wɔatumi ahyɛ Yehowa Nyankopɔn a wɔyɛ n’ananmusifo no anuonyam. w16.09 3:13, 14

Benada, January 16

Osuani nsen ne kyerɛkyerɛfo, nanso obiara a wɔakyerɛkyerɛ no yiye no bɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfo.​—Luka 6:40.

Ná Yesu yɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔdɔ Yehowa ne nnipa, na na n’ani gye Onyankopɔn Asɛm no ho. Enti ne nkyerɛkyerɛ kaa nkurɔfo koma. (Luka 24:32; Yoh. 7:46) Ɔdɔ a ɛte saa bɛboa awofo ma wɔn nkyerɛkyerɛ aka wɔn mma koma. (Deut. 6:5-8; Luka 6:45) Enti awofo, munsua Bible ne yɛn Bible ho nhoma no yiye. Munsua abɔde ho ade, na monkenkan yɛn nhoma a ɛka abɔde ho nsɛm no. (Mat. 6:26, 28) Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛma moanya Yehowa ho nimdeɛ ne anisɔ pii, na asiesie mo yiye ama moatumi akyerɛkyerɛ mo mma. Sɛ nokware a ɛwɔ Bible mu ahyɛ wo koma mã a, w’ani begye ho sɛ wo ne w’abusua bɛbɔ ho nkɔmmɔ. Ɛnyɛ bere a moresua ade akɔ Kristofo nhyiam anaa bere a moreyɛ abusua som nko ara na ɛsɛ sɛ mobɔ Yehowa som ho nkɔmmɔ, na mmom ɛsɛ sɛ moyɛ saa bere biara. Afei nso, ɛnsɛ sɛ nkɔmmɔ a ɛte saa yɛ nhyɛ, na mmom ɛsɛ sɛ ɛyɛ nkɔmmɔ a abusua no mufo bɔ no daa. w16.09 5:6, 7

Wukuda, January 17

Na wɔn mu biara ntumi nka Yudafo kasa.​—Neh. 13:24.

Sɛ ɛyɛ den sɛ yɛbɛte Onyankopɔn Asɛm no ase wɔ kasa foforo mu a, ebetumi asɛe yɛne Yehowa abusuabɔ. Afeha a ɛto so nnum A.Y.B. no, bere a Nehemia hui sɛ Yudafo a wofi Babilon bae no mma no bi ntumi nka Hebri kasa no, ɛhaw no paa. Esiane sɛ na saa mmofra no nte Onyankopɔn Asɛm no ase nti, na abusuabɔ a wɔne Onyankopɔn ne Onyankopɔn nkurɔfo wɔ no resɛe. (Neh. 8:2, 8) Awofo bi a wɔyɛ Kristofo a wɔresom wɔ asafo a wɔka ɔman foforo so kasa mu ahu sɛ, nokware no ho anigye a wɔn mma wɔ ano abrɛ ase. Adɛn ntia? Sɛ yɛkenkan asɛm bi wɔ kasa a yɛte ase yiye mu a, ɛka yɛn koma paa sen sɛ yɛbɛkenkan wɔ kasa foforo mu. Afei nso, esiane sɛ ɛyɛ den sɛ yɛne afoforo bɛbɔ nkɔmmɔ wɔ kasa foforo no mu nti, yɛn abam betumi abu, na ɛbɛka yɛne Yehowa abusuabɔ. Enti bere a yɛpɛ sɛ yɛkɔ so tena asafo a wɔka ɔman foforo so kasa mu no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛne Yehowa abusuabɔ nso ho ban.—Mat. 4:4. w16.10 2:4-6

Yawda, January 18

Gyidi ne . . . nneɛma a yenhu ho adanse a ɛda adi pefee.​—Heb. 11:1.

Kristofo gyidi yɛ ade a ɛsom bo. Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ bi. (2 Tes. 3:2) Nanso, Yehowa “asusuw gyidi akyekyɛ ama” ne somfo biara. (Rom. 12:3; Gal. 5:22) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ gyidi nyinaa kyerɛ ho anisɔ kɛse. Yesu Kristo kae sɛ, ne soro Agya no nam ɔno Yesu so na ɛtwe nnipa ba ne nkyɛn. (Yoh. 6:44, 65) Sɛ obi nya Yesu mu gyidi a, ɛma otumi nya bɔne fafiri. Ɛno ma onii no tumi ne Yehowa nya abusuabɔ a ɛtena hɔ daa. (Rom. 6:23) Dɛn paa na yɛayɛ a ɛma yɛfata sɛ yenya nhyira kɛse a ɛte saa? Yɛn abɔnefo de, anka nea ɛfata yɛn ara ne owu. (Dw. 103:10) Nanso, Yehowa huu biribi pa wɔ yɛn ho. N’adom nti, obuee yɛn komam ma yetiee asɛmpa no. Enti yebenyaa Yesu mu gyidi, na ama yɛanya daa nkwa ho anidaso.—1 Yoh. 4:9, 10. w16.10 4:1, 2

Fida, January 19

[Paulo kaa] nsɛm bebree de hyɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no nkuran.​—Aso. 20:2.

Paulo kamfoo ne mfɛfo Kristofo wɔ nkrataa a ɔkyerɛwee no mu. Ná ɔne wɔn mu binom atutu akwan mfe pii, enti na onim wɔn sintɔ ahorow. Nanso, ɔkamfoo wɔn. Nhwɛso bi ni. Paulo kae sɛ Timoteo yɛ ne “ba dɔfo ne ɔnokwafo Awurade mu,” na ɔno na obeyi ne yam adi Kristofo foforo nsɛm ho dwuma. (1 Kor. 4:17; Filip. 2:19, 20) Ɔsomafo no kamfoo Tito kyerɛɛ Korinto asafo no sɛ Tito yɛ ‘obi a ɔka ne ho, na ɔyɛ ne yɔnko dwumayɛni ma wɔn yiyedi.’ (2 Kor. 8:23) Bere a Timoteo ne Tito tee asɛm a Paulo ka faa wɔn ho no, wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ wɔn nkuran paa! Paulo ne Barnaba de wɔn nkwa too asiane mu san kɔɔ mmeae a na wɔayɛ wɔn basabasa no. Ɛho nhwɛso bi ni. Bere bi, ɛwom sɛ na Listrafo no asɔre atia Paulo ne Barnaba denneennen de, nanso wɔsan kɔɔ hɔ kɔhyɛɛ asuafo foforo no nkuran sɛ wɔntena gyidi no mu. (Aso. 14:19-22) Bere a Paulo kɔtoo nnipakuw bi a na wɔn bo afuw wɔ Efeso akyi no, ɔhyɛɛ asuafo a na wɔwɔ hɔ no nkuran.—Aso. 20:1. w16.11 1:10, 11

Memeneda, January 20

Monka mmom denneennen, adwenkoro ne nsusuwii koro mu.​—1 Kor. 1:10.

Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a Kristo a ɔyɛ “asafo no ti” apaw no no so kyerɛ n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no kwan, na ɔma wɔn honhom fam aduan. (Mat. 24:45-47; Efe. 5:23) Akwankyerɛ kuw a na ɛwɔ asomafo no bere so no gyee Onyankopɔn asɛm a ɔnam ne honhom so de mae no toom na wonyaa obu kɛse maa Onyankopɔn asɛm no. Saa ara na akwankyerɛ kuw a ɛwɔ hɔ nnɛ no nso te. (1 Tes. 2:13) Bible ka kyerɛ yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ yɛkɔ asafo nhyiam daa. (Heb. 10:24, 25) Ɛsan hyɛ yɛn nkuran sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa gye Bible nkyerɛkyerɛ koro di. Onyankopɔn Asɛm no ka sɛ yɛmfa Ahenni no nni kan wɔ yɛn asetena mu. (Mat. 6:33) Kyerɛwnsɛm no san si so dua sɛ, ɛyɛ yɛn asɛyɛde, na ɛsan nso yɛ hokwan sɛ yɛbɛka asɛmpa no wɔ afie afie, baguam, ne beae biara a yebehyia nnipa. (Mat. 28:19, 20; Aso. 5:42; 17:17; 20:20) Onyankopɔn Asɛm no ka kyerɛ Kristofo asafo no mu mpanyimfo sɛ wɔnhwɛ mma n’ahyehyɛde no ho ntew. (1 Kor. 5:1-5, 13; 1 Tim. 5:19-21) Afei nso, Yehowa ahyɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ n’ahyehyɛde no mu nyinaa hwɛ ma wɔn ho tew wɔ honam fam ne honhom fam.—2 Kor. 7:1. w16.11 3:7, 8

Kwasida, January 21

Mumfi ne mu, me man.​—Adi. 18:4.

Aka mfe kakra ma Wiase Ko I no asi no, Charles Taze Russell ne ne mfɛfo no hui sɛ nokware a ɛwɔ Bible mu no, ɛnyɛ ɛno na Kristoman mu asɔre ahorow no kyerɛkyerɛ. Ɛno nti, wogyinaa ntease a na wɔwɔ saa bere no so sii gyinae sɛ wɔne atoro som renyɛ hwee bio. November 1879 mu tɔnn na wogyinaa Kyerɛwnsɛm no so daa wɔn gyinabea adi pefee wɔ Zion’s Watch Tower nsɛmma nhoma no mu sɛ: “Asɔre biara a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ ɔbaabun a efĩ nkaa no a wɔde no ama Kristo aware, nanso nokwasɛm ne sɛ, ɛne wiase no (aboa no) ayɛ baako na wiase no taa n’akyi de, ɛsɛ sɛ yɛkasa tia no sɛnea kyerɛwsɛm no frɛ no aguaman asɔre,” Babilon Kɛse no. (Adi. 17:1, 2) Ná mmarima ne mmea a wosuro Onyankopɔn no nim nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Wohui sɛ, sɛ wɔkɔ so taa atoro som ahyehyɛde ahorow no akyi a, wɔrennya Onyankopɔn nhyira. Enti, Bible Asuafo pii kyerɛw nkrataa de kɔmaa wɔn asɔre ahorow no sɛ wɔagyae asɔre no. w16.11 5:2, 3

Dwoda, January 22

Wɔn a wɔnam honhom mu no de wɔn adwene si honhom mu nneɛma so.​—Rom. 8:5.

Woakenkan Romafo 8:15-17 bere a yɛrekae Yesu wu no pɛn? Ebia woakenkan pɛn. Saa kyerɛw nsɛm no kyerɛkyerɛ ɔkwan a Kristofo fa so hu sɛ wɔasra wɔn no mu. Ɛka sɛ, honhom kronkron ne wɔn honhom di adanse. Kristofo a wɔasra wɔn no titiriw na asɛm a ɛwɔ Romafo ti 8 no fa wɔn ho. Wonya “honhom no” sɛ nnipa a ‘wɔretwɛn sɛ wobegye wɔn ayɛ mma, ogye a wobegye wɔn afi wɔn honam nipadua mu no.’ (Rom. 8:23) Nokwasɛm ne sɛ, wɔhwɛ kwan sɛ daakye wɔbɛyɛ Onyankopɔn mma wɔ soro. Nea ɛbɛma ayɛ yiye ne sɛ, wɔbɔɔ wɔn asu ma wɔbɛyɛɛ Kristofo, na Onyankopɔn de agyede no yɛɛ wɔn ho adwuma. Ɔde wɔn bɔne firii wɔn, na obuu wɔn bem sɛ ne honhom mu mma. (Rom. 3:23-26; 4:25; 8:30) Romafo ti 8 fa wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no nso ho, efisɛ ɔkwan bi so no, Onyankopɔn bu wɔn nso sɛ wɔyɛ treneefo. Enti, wɔn nso betumi anya afotu a Romafo ti 8 de ma treneefo no so mfaso. w16.12 2:1-3

Benada, January 23

Munnnwinnwen.​—Mat. 6:34.

Bere a Yesu kae sɛ: “Munnnwinnwen” no, na ɔkyerɛ sɛn? Ɛda adi sɛ, ɛnyɛ nea na Yesu reka ne sɛ adwinnwen renhyɛ Onyankopɔn somfo bi so da wɔ n’asetenam. Mmom no, na Yesu reboa n’asuafo no ma wɔahu sɛ adwinnwen a ɛho nhia, anaa adwinnwen ntraso ntumi nyi ɔhaw mfi hɔ. Ɛda biara wɔ ne dadwen. Enti enhia sɛ Kristofo de nsɛm bi a esisii mmere bi a atwam anaa nea ebesi daakye ho adwinnwen ka nea egu wɔn so seesei no ho na wɔsoa. Sɛ Kristoni bi dwinnwen ɔhaw a obetumi ahyia daakye ho a, ɛtaa kɔfa dadwen a ɛho nhia bɛto no so. Nanso, ɛnsɛ sɛ woma biribi a ennya nsii ho dadwen anaa adwinnwen hyɛ wo so. Adɛn ntia? Efisɛ, nneɛma ntaa nkɔ bɔne sɛnea ɛyɛ a yesusuw sɛ ɛbɛyɛ no. Afei nso, adesoa biara nni hɔ a sɛ wodan to Onyankopɔn so a, ɔrentumi mmoa wo. Wubetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn betumi ahyira n’anokwafo na waboa wɔn ama wɔatumi agyina nneɛma bi a atwam ho dadwen, dadwen a ɛda wɔn so nnɛ, ne nea ɛbɛba daakye ho dadwen biara a ɛda wɔn so ano. w16.12 3:13, 16

Wukuda, January 24

Ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.​—Mmeb. 11:2.

Ɔhene Saul fii ase dii ade wɔ tete Israel no, na ɔbrɛ ne ho ase na na obiara bu no. (1 Sam. 9:1, 2, 21; 10:20-24) Nanso ankyɛ na ahomaso nti, ɔde ahopere yɛɛ nneɛma bi. Ɛne sɛ, bere bi na ɛsɛ sɛ ɔtwɛn Onyankopɔn diyifo Samuel ansa na wɔabɔ afɔre wɔ Gilgal. Nanso odiyifo no kaa akyi ma enti wammedu ntɛm. Saa bere no, na Filistifo no ne Israelfo rebɛko, na na ɔman no nso refi Saul akyi. Ɛbaa saa no, Saul annya Samuel ho abotare. Ebia ɔkaa no ne tirim sɛ, ‘bere rekɔ, merentumi ntwɛn no, ɛsɛ sɛ meyɛ ho biribi ntɛm.’ Enti afɔre a na onni kwan sɛ ɔbɔ no, ɔbɔ maa Onyankopɔn. Yehowa ani annye nea ɔyɛe no ho. (1 Sam. 13:5-9) Samuel duu Gilgal no, ɔkaa Saul anim. Sɛ́ anka Saul begye ne mfomso atom no, ɔde nsɛm yiyii ne ho ano na ɔbrambram aniberesɛm a asɛm no yɛ so. (1 Sam. 13:10-14) Asoɔden a Saul yɛe no, wamma anso hɔ ara. Ɔkɔɔ so dii mfomso pii maa n’ahenni no fii ne nsa. Nea ɛhaw adwene koraa ne sɛ, ɔhweree Yehowa anim dom. (1 Sam. 15:22, 23) Ɛwom sɛ ahyɛase no, na Saul brɛ ne ho ase, nanso ahomaso nti anwie no yiye.—1 Sam. 31:1-6. w17.01 3:1, 2

Yawda, January 25

‘Mahu Dawid, ɔbarima a me koma da no so.’​—Aso. 13:22.

Dawid dii Yehowa nokware kosii ne wuda. Ɛno nkyerɛ sɛ wanyɛ bɔne. Bere bi ɔyɛɛ bɔne a emu yɛ duru. Ɔne Bat-Seba sɛee aware. (2 Sam. 11:1-21) Bɔne a Dawid yɛe ne ɛho nsunsuanso no, na Dawid rentumi nyɛ ho hwee. Nea ɛwom ne sɛ, nsunsuanso no bi wɔ hɔ a, na ɛne no bɛtena akosi ne wuda. (2 Sam. 12:10-12, 14) Wei nti, na ohia gyidi. Ná ɛsɛ sɛ onya Yehowa mu ahotoso sɛ, sɛ ɔsakra n’adwene a, Yehowa de bɛkyɛ no. Afei nea ne bɔne no akɔfa aba nso, Yehowa bɛboa no ama wagyina ano. Yɛyɛ nnipa a yɛtɔ sin, enti yɛn nyinaa yɛ bɔne. Yetumi yɛ bɔne akɛse ne nketewa. Ɛtɔ bere bi mpo a, nsunsuanso a yɛn bɔne de aba no, yɛrentumi nyɛ ho hwee, ɛne yɛn bɛtena akosi yɛn wuda. (Gal. 6:7) Nanso Yehowa deɛ onni atoro. Sɛ yɛn ara na yɛakɔfa ɔhaw no aba mpo a, n’Asɛm kyerɛ sɛ yenu yɛn ho nko ara a, ɔbɛboa yɛn.—Yes. 1:18, 19; Aso. 3:19. w17.01 1:10-12

Fida, January 26

Adesamma ntumi nhu adwuma a wɔayɛ owia ase no; adesamma brɛ wɔn ho daa hwehwɛ mu, nanso wonhu. Sɛ wɔka sɛ wɔyɛ anyansafo nti wobehu mpo a, wɔrenhu.​—Ɔsɛnk. 8:17.

Sɛ yennim sɛnea nneɛma bewie mpo a, ahobrɛase nti yebetumi asi gyinae pa. Yɛmfa no sɛ yɛde yɛn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma mu. Ebia yebebisa yɛn ho sɛ, sɛ yare bi bɔ yɛn a, yɛbɛyɛ dɛn? Yɛbɛyɛ dɛn aboa yɛn awofo a wɔn mfe akɔ anim? Yɛbɔ nkwakoraa ne mmerewa a, hena na ɔbɛhwɛ yɛn? Sɛ yɛbɔ mpae anaa yɛyɛ nhwehwɛmu sɛ dɛn mpo a, ɛbɛyɛ den sɛ yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae. Sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso a, yebehu sɛ ɛnyɛ biribiara na yebetumi ayɛ ho biribi. Nea yɛbɛyɛ ne sɛ yɛbɛbɔ asɛm no ho mpae, yɛbɛyɛ nhwehwɛmu na yɛabisa ebinom adwenkyerɛ. Ɛno akyi yebegyae biribiara ama Yehowa na ɔno ara akyerɛ yɛn kwan. (Ɔsɛnk. 11:4-6) Yɛyɛ saa a, Yehowa behyira gyinae a yebesi so, na sɛ ehia sɛ yɛsesa yɛn adwene nso a ɔbɛboa yɛn.—Mmeb. 16:3, 9. w17.01 4:14

Memeneda, January 27

Nni bi.​—Gen. 2:17.

Ná ɛsɛ sɛ Adam ne Hawa si gyinae. Ná wobetie Yehowa anaasɛ wobetie ɔwɔ no? Wosii gyinae sɛ wɔrentie Onyankopɔn. (Gen. 3:6-13) Bere a Adam ne Hawa tew Yehowa so atua no, wɔbɛyɛɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ. Afei nso, atua a wɔtewee no maa wɔne Yehowa ntam tetewee, efisɛ Yehowa ‘aniwa yɛ kronkron dodo sɛ ɛbɛhwɛ bɔne.’ Yehowa ‘ntumi nhwɛ abusude.’ (Hab. 1:13) Sɛ Yehowa hwɛ maa atuatew no kɔɔ so a, anka asomdwoe ne baakoyɛ a ɛwɔ abɔde a nkwa wom nyinaa mu—nea ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so—ho bɛba asɛm. Nea ɛsen ne nyinaa no, sɛ Onyankopɔn anyɛ bɔne a wɔyɛe wɔ Eden no ho hwee a, anka ɛbɛyɛ den ama nnipa ne abɔfo nyinaa sɛ wobenya ne mu ahotoso. Nanso, Yehowa di n’ankasa gyinapɛn so; ommu so da. (Dw. 119:142) Enti, ɛwom sɛ na Adam ne Hawa tumi paw nea wɔpɛ de, nanso na ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wobu Onyankopɔn mmara so. Esiane sɛ wɔtew Yehowa so atua nti, wowui, na wɔsan kɔɔ dɔte a wɔde bɔɔ wɔn no mu.—Gen. 3:19. w17.02 1:8, 10, 11

Kwasida, January 28

Ɛnyɛ paanoo nkutoo so na onipa nam bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom nso.​—Mat. 4:4.

Yesu som adwuma no mfiase pɛɛ na ɔmaa Kyerɛwnsɛm no kyerɛɛ no kwan. Asɛm a etwa to a ɔkae ansa na ɔrewu mpo no, na Mesia no ho nkɔmhyɛ mu nsɛm wom. (Mat. 27:46; Luka 23:46) Nanso, nyamesom akannifo a na wɔwɔ ne bere so no de, sɛ ɛba sɛ Onyankopɔn Asɛm no ne wɔn ankasa atetesɛm nhyia a, na wobu wɔn ani gu Onyankopɔn Asɛm no so. Yesu faa Yehowa asɛm a ɔnam odiyifo Yesaia so de too gua no kaa akannifo a na wɔwɔ ne bere so ho asɛm sɛ: “Ɔman yi de wɔn ano na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri. Wɔsom me kwa, efisɛ wɔkyerɛkyerɛ nnipa ahyɛde.” (Mat. 15:7-9) Ɛnyɛ Yesu nneyɛe ho nko ara na ɔmaa Onyankopɔn Asɛm no kyerɛɛ no kwan, na mmom ne nkyerɛkyerɛ mu nso. Sɛ nkurɔfo de ɔsom ho akyinnyegye bi begyigye Yesu a, na ɔmfa ne ho nto nyansa ne osuahu pii a ɔwɔ so. Mmom no, Kyerɛwnsɛm no na ɔde kyerɛkyerɛɛ wɔn.—Mat. 22:33-40 w17.02 3:18, 19

Dwoda, January 29

‘Munni nnipa nyinaa ni, munni ɔhene ni.’​—1 Pet. 2:17.

Yehowa Adansefo fi wɔn pɛ mu di aban adwumayɛfo ni. Kristofo fi wɔn pɛ mu de nidi a ɔman a wɔte mu no hwehwɛ sɛ wɔde ma aban adwumayɛfo no ma wɔn. Sɛ aban adwumayɛfo reyɛ wɔn adwuma a, yɛnsɔre ntia wɔn, na mmom yetie wɔn. Nanso, Kyerɛwnsɛm no ma yehu nidi a ɛfata sɛ yɛde ma wɔn ne baabi a ɛsɛ sɛ yetie wɔn kodu. Enti, yɛrentumi nyɛ osetie mma aban adwumayɛfo nkodu baabi a ɛbɛma yɛayɛ Onyankopɔn so asoɔden anaa ɛbɛma yɛde yɛn ho ahyehyɛ wiase no nsɛm mu. (1 Pet. 2:13-16) Sɛ yɛhwɛ Yehowa asomfo a wɔtenaa ase tete no a, yehu sɛ wɔyɛɛ nhwɛso pa wɔ sɛnea wɔne aban mpanyimfo ne aban ahorow dii mu. Bere a Roma Ahemman no kae sɛ nkurɔfo nkɔkyerɛw wɔn din no, Yosef ne Maria kɔkyerɛw wɔn din. Ɛmfa ho sɛ na aka bere tiaa bi ama Maria awo n’abakan no, ɔne ne kunu twaa kwan kɔɔ Betlehem. (Luka 2:1-5) Akyiri yi, bere a wɔbɔɔ Paulo sobo sɛ wayɛ bɔne bi no, ɔkyerɛkyerɛɛ n’asɛm mu wɔ obu mu, na ɔde nidi a ɛfata maa Ɔhene Herode Agripa. Saa ara nso na ɔde nidi a ɛfata maa Festo a na ɔyɛ Roma mantam Yudea amrado no.—Aso. 25:1-12; 26:1-3. w17.03 1:9, 10

Benada, January 30

‘Wɔakyerɛw eyinom de rebɔ yɛn kɔkɔ.’​—1 Kor. 10:11.

Bere a Israelfo no kɔfaa Kanaanfo no akwammɔne so no, Yehowa ammɔ wɔn ho ban amfi wɔn atamfo ho. (Atem. 2:1-3, 11-15; Dw. 106:40-43) Mmusua a wɔdɔ Yehowa no, ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ den paa sɛ wobedi Yehowa nokware saa mmere bɔne no mu. Nanso Bible ma yehu sɛ ebinom dii nokware maa Yehowa. Wɔn mu bi ne Yefta, Elkana, Hanah, ne Samuel. Ná wɔasi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛma Yehowa ani agye. (1 Sam. 1:20-28; 2:26) Nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ nsusuwii ne wɔn nneyɛe te sɛ Kanaanfo no. Nna mu ɔbrasɛe, awudisɛm, ne sika agye wɔn adwene. Nanso Yehowa bɔ yɛn kɔkɔ. Sɛnea na ɔpɛ sɛ ɔbɔ Israelfo ho ban fi subammɔne a ɛte saa ho no, saa ara na ɔpɛ sɛ ɔbɔ yɛn ho ban. Dɛn na yebetumi asua afi mfomso a wodii no mu? (1 Kor. 10:6-10) Momma yɛnyɛ nea yebetumi biara nkwati wiase no adwene. (Rom. 12:2) Yemmisa yɛn ho sɛ, yɛreyɛ saa anaa? w16.04 1:4-6

Wukuda, January 31

‘Onimdefo benya akwankyerɛ pa.’​—Mmeb. 1:5.

Bere biara a ɛsɛ sɛ yesi gyinae bi a emu yɛ duru no, ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ Bible mu na yɛbɔ Yehowa mpae hwehwɛ akwankyerɛ. Yehowa betumi ama yɛanya su ahorow a ebetumi ama yɛasisi gyinae a ɛne n’apɛde hyia. Bere biara a ɛsɛ sɛ wusi gyinae bi a ɛho hia no, bisa wo ho sɛ: ‘Gyinae a meresi yi, ɛkyerɛ sɛ medɔ Yehowa? Ɛde anigye ne asomdwoe bɛba m’abusua mu anaa? Ɛkyerɛ sɛ mewɔ abotare, na me yam ye anaa?’ Yehowa nhyɛ yɛn sɛ yɛnnɔ no na yɛnsom no. Esiane sɛ Yehowa ama yɛn kwan sɛ yɛn ankasa betumi apaw nea yɛpɛ nti, ɔpɛ sɛ yɛn ankasa ‘paw’ sɛ yɛbɛsom no anaasɛ yɛrensom no. (Yos. 24:15; Ɔsɛnk. 5:4) Nanso, gyinae foforo biara a yegyina n’akwankyerɛ so sisi no, ɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ ho adwuma. Sɛ yenya Yehowa akwankyerɛ mu gyidi na yɛde nnyinasosɛm a wayi ne yam de ama yɛn no yɛ adwuma a, yebetumi asisi gyinae a nyansa wom, na yɛrenhinhim wɔ yɛn akwan nyinaa mu.—Yak. 1:5-8; 4:8. w17.03 2:17, 18

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena