Sɛnea Yɛde Nhomawa Yi Bedi Dwuma
Nkratafa a edidi so no, wubehu kyerɛwsɛm a wɔde ama yɛn da biara da ne ɛho nkyerɛkyerɛmu. Ɛwom, yebetumi akenkan asɛm no ne ɛho nkyerɛkyerɛmu bere biara, nanso nnipa pii ahu sɛ, sɛ wosusuw ho anɔpa a, ɛboa paa. Ɛba saa a, wotumi dwinnwen ho da mũ no nyinaa. Sɛ mobom susuw daa asɛm no ho sɛ abusua a, mubenya so mfaso kɛse. Betel abusua a ɛwɔ wiase nyinaa susuw ho anɔpa bere a wɔredidi.
Woyii nkyerɛkyerɛmu no fii Ɔwɛn-Aban (w) a ɛbaa April 2016 kosi March 2017 mu. Nɔma a edi Ɔwɛn-Aban no date akyi no kyerɛ adesua asɛm a woyii nkyerɛkyerɛmu no fii. (Nɔma 1 yɛ adesua asɛm a edi kan, nɔma 2 yɛ adesua asɛm a ɛto so mmienu, nɔma 3 yɛ adesua asɛm a ɛto so mmiɛnsa, nɔma 4 yɛ adesua asɛm a ɛto so nnan, nɔma 5 yɛ adesua asɛm a ɛto so nnum.) Nɔma a edi hɔ no yɛ nkyekyɛm a woyii nkyerɛkyerɛmu no fii. (Ɛho nhwɛso na ɛwɔ ase hɔ no.) Sɛ wopɛ ɛda no mu asɛm ho nsɛm pii a, wubetumi ahwɛ Ɔwɛn-Aban a woyii asɛm no fii no. Sɛ wopɛ sɛ wuhu kratafa pɔtee a saa adesua asɛm no fi ase a, hwɛ Ɔwɛn-Aban no kratafa a ɛto so mmienu.