Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es19 kr. 26-36
  • March

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • March
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2019
  • Nsɛmti Nketewa
  • Fida, March 1
  • Memeneda, March 2
  • Kwasida, March 3
  • Dwoda, March 4
  • Benada, March 5
  • Wukuda, March 6
  • Yawda, March 7
  • Fida, March 8
  • Memeneda, March 9
  • Kwasida, March 10
  • Dwoda, March 11
  • Benada, March 12
  • Wukuda, March 13
  • Yawda, March 14
  • Fida, March 15
  • Memeneda, March 16
  • Kwasida, March 17
  • Dwoda, March 18
  • Benada, March 19
  • Wukuda, March 20
  • Yawda, March 21
  • Fida, March 22
  • Memeneda, March 23
  • Kwasida, March 24
  • Dwoda, March 25
  • Benada, March 26
  • Wukuda, March 27
  • Yawda, March 28
  • Fida, March 29
  • Memeneda, March 30
  • Kwasida, March 31
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2019
es19 kr. 26-36

March

Fida, March 1

Mumfi ahobrɛase mu mmu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.—Filip. 2:3.

Obi wɔ asafo no mu a ne ho yɛ wo ahi anaa? Sɛ woanyi onii no ho adwemmɔne a woanya no amfi wo mu a, ebetumi aka hɔ. Bible ka sɛ, wɔn a wɔmpɛ yɛn asɛm mpo, sɛ yɛyɛ wɔn hɔho a, ebetumi ama yɛne wɔn ntam ayɛ kama. (Mmeb. 25:21, 22) Sɛ yɛto nsa frɛ obi na yɛne no gye yɛn ani a, ebetumi ama akameakame a ɛwɔ yɛne onii no ntam ne ne ho abufuw a ɛwɔ yɛn mu so atew. Ebetumi ama yɛahu suban pa a nea yɛagye no hɔho no wɔ; saa suban pa no na Yehowa hui bere a ɔtwee no baa nokware no mu no. (Yoh. 6:44) Sɛ wufi ɔdɔ mu to nsa frɛ obi bere a ɔnhwɛ kwan ba wo fie a, ɛbɛma moabɛyɛ nnamfo pa ara. Dɛn na ɛbɛboa wo ama woayi wo yam ato nsa afrɛ no ɔdɔ mu? Ade baako ne sɛ, wode afotu a ɛyɛ ɛnnɛ asɛm no bɛyɛ adwuma. Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nneɛma bi a yɛn nuanom mmarima ne mmea bɔ mu mmɔden sen yɛn. Ebia wɔwɔ gyidi, wɔwɔ boasetɔ, wɔwɔ akokoduru, anaa Kristofo suban foforo bi sen yɛn. Yedwinnwen weinom ho a, ɛbɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma wɔn no mu ayɛ den na ama ayɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yebegye wɔn hɔho. w18.03 17 ¶18-19

Memeneda, March 2

‘Yehowa mpɛ sɛ obiara bɛsɛe.’—2 Pet. 3:9.

Osetie ho sɔhwɛ baako a ɛyɛ den pa ara ma awofo binom ne sɛnea wɔne wɔn ba a wɔatu no afi asafo no mu bɛyɛ. Wotuu maame bi babea fii asafo no mu, na ne ba no fii fie. Momma yɛnhwɛ nea maame no yɛe. Maame no ka sɛ: “Mekenkan yɛn nhoma ahorow hwɛe sɛ menya biribi a megyina so ne me babea no ne me banana no abɔ.” Ɔde kaa ho sɛ: “Nanso, me kunu tɔɔ ne bo ase boaa me ma mihui sɛ saa bere no deɛ, yɛn babea no nni yɛn nsam bio, enti ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho gyigye ne nsɛm mu.” Mfe bi akyi no, wɔsan gyee ne babea no baa asafo no mu. Maame no kae sɛ: “Obu me ne me kunu yiye, efisɛ onim sɛ yetiee Onyankopɔn.” Sɛ wɔatu wo ba afi asafo no mu a, wode ‘wo koma nyinaa bɛto Yehowa so, na woremfa wo ho ntweri w’ankasa ntease’ anaa? (Mmeb. 3:5, 6) Enti awofo, monkɔ so nnya gyidi sɛ Yehowa nteɛso ne n’akwankyerɛ yɛ papa. Awofo, nea Yehowa ka kyerɛ mo sɛ monyɛ no, sɛ ɛyɛ den sɛ dɛn ara mpo a, monyɛ. Enti, muntie Onyankopɔn nteɛso, na ɛnsɛ sɛ mosɔre tia. w18.03 31 ¶12-13

Kwasida, March 3

‘Monkɔ nkɔyɛ asuafo.’—Mat. 28:19.

Bible nka mfe pɔtee a ɛsɛ sɛ obi di ansa na wabɔ asu. Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘yɛ asuafo’ a ɛwɔ Mateo 28:19 no, nea ɛkyerɛ ne sɛ wode bɛyɛ wo botae sɛ wobɛkyerɛkyerɛ obi ama wabɛyɛ osuani. Osuani yɛ obi a osua Yesu nkyerɛkyerɛ te ase na ɔyɛ n’adwene sɛ ɔde bɛyɛ adwuma. Ne saa nti, sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo nyinaa rekyerɛkyerɛ wɔn mma fi wɔn mmofraase pɛɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde yɛ wɔn botae sɛ wɔbɛboa wɔn ama wɔabɔ asu abɛyɛ Kristo asuafo. Ɛwom, ɛmfata sɛ wɔbɔ akokoaa asu. Nanso, Bible da no adi sɛ mmofra nkumaa mpo betumi ate nokware a ɛwɔ Bible mu ase na wɔn ani agye ho. Sɛ nhwɛso no, Timoteo yɛ osuani a ogyee nokware no bere a na ɔyɛ abofra. Ne gyidi yɛɛ den pa ara. (2 Tim. 1:5; 3:14, 15) Eduu bere a Timoteo reyɛ adi mfe 20 anaa mfe 20 ne kakra no, na ɔyɛ Kristo suani a wobetumi asusuw ne ho de asɛyɛde titiriw ahyɛ ne nsa wɔ asafo no mu.—Aso. 16:1-3. w18.03 9 ¶4-5

Dwoda, March 4

Momma wɔnkɔ so nyɛ mo foforo wɔ tumi a ɛkanyan mo adwene no mu.—Efe. 4:23.

Bere a yefii ase sɛ yɛresom Onyankopɔn no, yɛyɛɛ nsakrae. Saa nsakrae no kaa yɛn asetenam biribiara. Yɛn asubɔ akyi no, yɛkɔɔ so yɛɛ nsakrae. Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, ehia sɛ yɛn nyinaa kɔ so yɛ nsakrae. (Filip. 3:12, 13) Yɛyɛ mmofra oo, yɛyɛ mpanyin oo, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Mahu nsakrae bi wɔ me ho a ɛkyerɛ sɛ Yehowa honhom rekyerɛ me kwan paa? Me suban ne me nneyɛe resɛ Kristo deɛ? Mewɔ Kristofo nhyiam ase a, me suban ne me nneyɛe da no adi sɛ meyɛ obi a Yehowa honhom kyerɛ no kwan paa? Me nkɔmmɔbɔ kyerɛ sɛ dɛn paa na ɛho hia me? Sɛnea misua ade, me ntadehyɛ ne m’ahosiesie, anaa nea meyɛ wɔ afotu ho no, dɛn na ɛka fa me ho? Sɛ biribi anaa nneɛma bi resɔ me ahwɛ a, dɛn na meyɛ? Me ho akokwaw sɛ Kristoni a wanyin anaa?’ (Efe. 4:13) Yedwinnwen nsɛmmisa yi mmuae ho a, ebetumi aboa yɛn ama yɛahu sɛ yɛne Yehowa abusuabɔ mu yɛ den anaa. w18.02 24 ¶4-5

Benada, March 5

Anigye ne nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa!—Dw. 144:15.

Bere a yɛwɔ mu yi yɛ soronko koraa wɔ nnipa abakɔsɛm mu. Sɛnea Bible ka too hɔ no, Yehowa reboaboa ‘nnipakuw kɛse bi a wofi amanaman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu’ ano. Nnipa a waboaboa wɔn ano no yɛ “ɔman kɛse.” Wɔyɛ nnipa a wɔwɔ anigye, na wɔn dodow boro ɔpepem nwɔtwe; ‘wɔresom Onyankopɔn awia ne anadwo wɔ n’asɔrefie.’ (Adi. 7:9, 15; Yes. 60:22) Ɛnnɛ, nnipa dodow a wɔdɔ Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa no, yennyaa bi saa da. Bible san kaa too hɔ sɛ yɛn bere yi so no, nnipa a wɔnyɛ Onyankopɔn nnamfo bɛda ɔdɔ a ɛnyɛ ɔdɔ pa adi. Saa ɔdɔ no, ɛyɛ pɛsɛmenkominya dɔ. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nna a edi akyiri mu no, . . .  nnipa bɛyɛ ahopɛ, sikanibere, . . . wɔn a wɔdɔ anigyede sen Onyankopɔn.” (2 Tim. 3:1-4) Saa pɛsɛmenkominya dɔ yi ne Onyankopɔn dɔ bɔ abira; ɛne Onyankopɔn dɔ nhyia. Nokwasɛm ne sɛ, ɔdɔ a ɛte saa ama pɛsɛmenkominya abu so wɔ wiase, na ama emu tena ayɛ den. w18.01 22 ¶1-2

Wukuda, March 6

Wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no de, wɔte biribiara ase.—Mmeb. 28:5.

Noa nyaa nokware nimdeɛ; ɛma onyaa gyidi ne Onyankopɔn nyansa. Wei bɔɔ ne ho ban fii asiane ho, ɛnkanka, biribi a ɔbɛyɛ ama Yehowa werɛ ahow. Ɛho nhwɛso ni. Esiane sɛ Noa ne “nokware Nyankopɔn nantewee” nti, ɔne wɔn a wɔnsom Onyankopɔn annantew, anaa ɔne wɔn ammɔ. Abɔfo a wɔdanee wɔn ho nnipa a wɔfrɛ wɔn adaemone no, na wɔwɔ ahoɔden soronko. Wei maa nkurɔfo ani gyee wɔn ho, na wotumi daadaa nnipa a wonni gyidi. Ɛbɛyɛ sɛ nkurɔfo som wɔn sɛ anyame mpo. Nanso Noa deɛ, wɔantumi annaadaa no. (Gen. 6:1-4, 9) Afei nso, na Noa nim sɛ Yehowa aka akyerɛ nnipa sɛ wɔnwo nhyɛ asase so mã. (Gen. 1:27, 28) Enti bere a abɔfo danee wɔn ho nnipa bɛwaree mmea no, na Noa nim sɛ ɛnyɛ ne kwan so na ɛyɛ mfomso. Bere a wɔwoo mma a wɔsõsõ woware sen mmofra a aka nyinaa no, ɛma ɛdaa adi pefee sɛ nea abɔfo no yɛe no, ɛnyɛ ne kwan so na ɛyɛ mfomso. Bere bi akyi no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔde Nsuyiri rebɛsɛe asase. Noa gyee asɛm a Yehowa kae no dii, na ɛkaa no ma ɔyɛɛ adaka no. Wei gyee ɔne n’abusua nkwa.—Heb. 11:7. w18.02 9 ¶8

Yawda, March 7

Onyankopɔn adom nti na mete sɛnea mete yi.—1 Kor. 15:10.

Sɛ woayɛ bɔne a emu yɛ duru a, Yehowa ayɛ krado sɛ ɔbɛboa wo ama woasan agyina wo nan so. Nanso mmoa a ɔnam asafo no so de ma no, ɛsɛ sɛ wugye tom. (Mmeb. 24:16; Yak. 5:13-15) Enti ntenatena ho koraa, efisɛ daa nkwa a wubenya daakye no, ɛno so na egyina! Yɛmfa no sɛ Yehowa de wo bɔne akyɛ wo, nanso bere tenten bi akyi no, w’ahonim da so ara bu wo fɔ nso ɛ? Ɔsomafo Paulo nso, ɛtɔ da a na bɔne a wayɛ atwam teetee no. Ɔkae sɛ: “Mene nea osua koraa wɔ asomafo no mu a mensɛ sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo, efisɛ metaa Onyankopɔn asafo.” (1 Kor. 15:9) Sɛnea na Paulo te biara no, Yehowa gyee no toom, na na ɔpɛ sɛ Paulo nso hu saa. Sɛ wufi wo komam anu wo ho wɔ bɔne a wayɛ atwam ho, na woaka akyerɛ Yehowa ne asafo mu mpanyimfo a, ɛnde ka wo koma to wo yam sɛ Yehowa behu wo mmɔbɔ. Enti gye Yehowa di sɛ ɔde wo bɔne akyɛ wo, na gye ne fafiri tom!—Yes. 55:6, 7. w18.01 11 ¶17-18

Fida, March 8

Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.—Yak. 4:8.

Yɛne Yehowa adamfofa yɛ baanu nkɔmmɔ; yetie no, na yɛne no kasa. Ɔkwan titiriw a yɛfa so tie Yehowa ne sɛ yɛn ankasa besua Bible. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, yɛbɛkenkan Onyankopɔn Asɛm ne Bible ho nhoma adwinnwen ho na ama yɛanya nimdeɛ. Nanso, kae sɛ woresua Bible a, ɛnyɛ ɛno ara ne sɛ wobɛkyere nsɛm agu wo tirim. Ɛnsɛ sɛ wofa no sɛ worekyere nsɛm agu wo tirim akɔkyerɛw sukuu sɔhwɛ. Adesua a mfaso wɔ so te sɛ nea woretu kwan akɔhwehwɛ Yehowa ho nsɛm bi a wunnim. Woyɛ saa a, ɛbɛboa wo ama woabɛn Onyankopɔn, na ɔno nso bɛbɛn wo. Yehowa ahyehyɛde no ayɛ nneɛma pii a ɛbɛboa wo ama woatumi asua ade yiye. Ebi ni. Wohwɛ jw.org Borɔfo afã hɔ a, wɔayɛ nneɛma a ɛma yetumi de “Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?” nhoma no sua ade yiye. Ebetumi aboa wo ama w’adwene asi wo pi wɔ nneɛma a wugye di ho.—Dw. 119:105. w17.12 25 ¶8-9

Memeneda, March 9

Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio wɔ me bepɔw kronkron no nyinaa so.—Yes. 11:9.

Dɛn na ama wɔte asomdwoe mu? Bible ka sɛ: “Efisɛ Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so mã.” Esiane sɛ mmoa ntumi nsua Yehowa ho ade nti, nkɔmhyɛ yi mmamu fa nnipa suban a Onyankopɔn bɛboa wɔn ama wɔasesa ho. (Yes. 11:6, 7) Nnipa pii wɔ hɔ a kan no, na wɔyɛ keka te sɛ mpataku, nanso seesei wɔne afoforo te asomdwoe mu. Wubetumi akenkan wɔn suahu no bi wɔ asɛm a wɔato din “Bible Tumi Sesa Nnipa” a ɛba toatoa so wɔ jw.org. Nnipa bi a kan no na wɔyɛ keka ‘ahyɛ nipasu foforo a wɔbɔɔ no sɛnea Onyankopɔn pɛ wɔ nokware trenee ne nokwaredi pintinn mu.’ (Efe. 4:23, 24) Sɛ nkurɔfo resua Onyankopɔn ho ade a, wohu sɛ ɛsɛ sɛ wɔde ne gyinapɛn bɔ wɔn bra. Wei ka wɔn ma wɔyɛ nsakrae wɔ wɔn gyidi, wɔn suban, ne wɔn nneyɛe mu. Nsakrae a ɛte saa no nna fam, nanso Onyankopɔn honhom bɛboa wɔn a wofi wɔn komam pɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no. w18.01 31 ¶15-16

Kwasida, March 10

‘Wɔbɛma obiara anya nkwa ne ne gyinabea.’—1 Kor. 15:23.

Bible ka wɔn a wobenyan wɔn akɔ soro no ho asɛm sɛ, wobenyan “obiara ne ne gyinabea,” anaa wobenyan wɔn nnidiso nnidiso. Yebetumi anya ahotoso sɛ wɔn a wobenyan wɔn aba asase so no nso, biribiara bɛkɔ so nnidiso nnidiso a nhyehyɛe da ho. Wei yɛ biribi a yɛrehwɛ kwan paa. Enti yemmisa sɛ, wɔn a wowuwui nkyɛe no, wɔn na wobenyan wɔn Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mfiase, na ama wɔn adɔfo a wonim wɔn ama wɔn akwaaba anaa? Mmarima anokwafo a wɔtenaa ase tete a na wodi nneɛma anim yiye no, wɔn na wobedi kan anyan wɔn ama wɔabɛboa Onyankopɔn nkurɔfo ama wɔatoto nneɛma yiye wɔ wiase foforo no mu anaa? Na nkurɔfo a wɔansom Yehowa da no nso ɛ? Bere bɛn na wobenyan wɔn, na ɛhe na wobenyan wɔn? Nsɛmmisa pii betumi aba yɛn adwenem. Nanso, nokwasɛm ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛhaw yɛn ho dwinnwen saa nsɛm no ho seesei. Mo deɛ, momma yɛntwɛn nhwɛ nea ebesi. Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bedi saa nneɛma no ho dwuma. Enkosi sɛ saa bere no bɛba no, Yehowa mu gyidi a yɛwɔ no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ mu den. Onyankopɔn nam Yesu so ama yɛn awerɛhyem sɛ awufo a wɔwɔ ne nkae mu no bɛsɔre.—Yoh. 5:28, 29; 11:23. w17.12 12 ¶20-21

Dwoda, March 11

Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom, sɛnea ɛfata Awurade mu. Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom na mommma mo bo mmfuw wɔn denneennen. Mma, muntie mo awofo asɛm ade nyinaa mu.—Kol. 3:18-20.

Akyinnye biara nni ho sɛ, wugye tom sɛ ɛnnɛ mpo okununom, ɔyerenom, ne mma de Paulo afotu a Onyankopɔn ma ɔkyerɛwee no yɛ adwuma a, ɛbɛboa wɔn. Yehowa aka akyerɛ okununom sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo yerenom na mommma mo bo mmfuw wɔn denneennen.” Okunu a ɔdɔ ne yere di no ni; otie ne yere adwenkyerɛ, na ɔma ne yere hu sɛ, sɛ ɔkyerɛ n’adwene wɔ nneɛma ho a, ɛboa no paa. (1 Pet. 3:7) Sɛ ɛnyɛ nea ne yere bɛka biara na ɔbɛyɛ bere nyinaa mpo a, sɛ ɔtaa bisa n’adwene wɔ nneɛma ho a, ebetumi aboa no ama wasisi gyinae a ɛfata. (Mmeb. 15:22) Okunu a ɔdɔ ne yere nhyɛ no sɛ ommu no, na mmom ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nneɛma a ɛbɛma ne yere abu no. Sɛ okunu dɔ ne yere ne ne mma a, ɛrenyɛ den sɛ abusua no nyinaa de anigye bɛsom Yehowa na wɔanya nkwa nkonimbo no. w17.11 28 ¶12; 29 ¶15

Benada, March 12

‘Monhwɛ yiye: anhwɛ a obi de wiase nyansapɛ ne nnaadaa hunu bɛfa mo nnommum.’—Kol. 2:8.

Bɛyɛ afe 60-61 Y.B. no, ɔsomafo Paulo kyerɛw krataa kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Kolose bere a na ɔda afiase. Wei ne bere a edi kan a wɔde no too afiase wɔ Roma. Ɔma wohui sɛ ɛho hia sɛ wonya “honhom mu ntease.” (Kol. 1:9) Paulo san kae sɛ: “Mereka eyi na obi amfa adɛfɛdɛfɛsɛm annaadaa mo. Monhwɛ yiye: anhwɛ a obi de nyansapɛ ne nnaadaa hunu a egyina nnipa atetesɛm ne wiase mu nneɛma so a ennyina Kristo so bɛfa mo nnommum.” (Kol. 2:4, 8) Afei Paulo kyerɛɛ nea enti a adwene a nnipa dodow no ara wɔ no bi nyɛ papa ne nea enti a nnipa a yɛnyɛ pɛ ani betumi agye wiase adwene ho. Ebi ne sɛ ebetumi ama obi anya adwene sɛ onim nyansa sen afoforo na ɔsen wɔn. Nea enti a Paulo kyerɛw krataa no ne sɛ na ɛbɛboa anuanom ama wɔayi wiase adwene ne nneyɛe bɔne afi wɔn akwan mu.—Kol. 2:16, 17, 23. w17.11 20 ¶1

Wukuda, March 13

Sɛ wo nsa anaa wo nan to wo hintidua a, twa fi hɔ tow kyene.—Mat. 18:8.

Dɛn na ebehia sɛ Kristoni twe ne ho fi ho na ama Onyankopɔn akɔ so ahu no mmɔbɔ? Nneɛma a n’ani gye ho nanso ebetumi atwetwe no akɔ bɔne mu no, ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho fi ho. (Mat. 18:9) Sɛ wo nnamfo bi piapia wo sɛ yɛ nneɛma bi a ɛnsɔ Yehowa ani a, wobɛtwe wo ho afi wɔn ho koraa anaa? Sɛ wuntumi nhyɛ wo ho so wɔ mmosa ho a, tebea ahorow bi a ɛbɛma woanom nsa atra so no, wobɛtwe wo ho afi ho anaa? Sɛ nna ho akɔnnɔ bɔne regyigye wo a, sini, wɛbsaet, anaa biribiara a ɛbɛma woanya nsusuwii a ɛnteɛ no, wobɛtwe wo ho afi ho? Kae sɛ Yehowa a yɛpɛ sɛ yedi no nokware nti, biribiara a yebegyae akyi di na ama yɛatumi ayɛ saa no fata. Sɛ yehu sɛ Yehowa apo yɛn a, ɛyɛ yaw sen biribiara. Ɛnna biribiara nso nni hɔ a ɛma yenya akomatɔyam sen sɛ yebehu sɛ Yehowa ‘adɔe wɔ hɔ daa.’—Yes. 54:7, 8. w17.11 11 ¶12

Yawda, March 14

Eyi ne nnome a afi adi kɔ . . . , efisɛ obiara a ɔbɔ korɔn . . . afa ne ho adi.—Sak. 5:3.

Wohyɛɛ no nsow sɛ Sakaria 5:4 kae sɛ ‘nnome bɛkɔ ɔkorɔmfo no fie; na ɛbɛtena hɔ na asɛe fie no’? Adaban ne nsafe anaa nkrado rentumi nsiw Yehowa atemmu kwan. Enti sɛ obi reyɛ bɔne wɔ sum ase wɔ Yehowa nkurɔfo mu a, Yehowa betumi ahu na wabu no atɛn. Sɛ nea ɔbɔ korɔn no tumi de sie polisifo, n’adwumawuranom, asafo mu mpanyimfo, anaa n’awofo mpo a, ɔrentumi mfa nsie Onyankopɔn. Efisɛ Onyankopɔn bɛhwɛ ama korɔn biara ada adi. (Heb. 4:13) Wɔn a yɛne wɔn bɔ fekuw yɛ nkurɔfo a wɔreyɛ nea wobetumi biara sɛ wobedi nokware “biribiara mu.” Wei ma yɛn koma tɔ yɛn yam paa! (Heb. 13:18) Yehowa kyi korɔn biara. Sɛ yɛde Yehowa abrabɔ pa ho mmara yɛ adwuma na yɛkɔ so yɛ nneɛma a engu ne din ho fĩ a, ɛyɛ hokwan kɛse ma yɛn. Sɛ yɛyɛ saa a, atemmu a Yehowa de reba wɔn a wɔhyɛ da bu ne mmara so no, ebi renka yɛn. w17.10 22 ¶6-7

Fida, March 15

Monyere mo ho denneennen mfa asomdwoe koroyɛ hama ntena ase honhom biakoyɛ mu.—Efe. 4:3.

Sɛ ɛyɛ yɛn sɛ yɛn nua bi ante yɛn ase anaa ɔne yɛn anni no yiye a, yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛma asomdwoe akɔ so atena yɛne no ntam. (Rom. 12:17, 18) Sɛ yɛayɛ biribi ama ahaw yɛn nua bi a, ɛsɛ sɛ yefi yɛn komam pa no kyɛw. Asomdwoe ho hia wɔ aware mu paa. Sɛ okunu ne ɔyere wɔ nnipa mu a, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ho sɛ wɔdɔ wɔn ho, na afei wodu fie a wɔayɛ aka, adidi wɔn ho atɛm yayaayaw, anaasɛ wɔaboro wɔn ho. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde bɔne kyɛ koraa. Sɛ obi yɛ yɛn bɔne na yɛamfa ne ho asɛm anhyɛ yɛn mu a, na yɛde ne bɔne akyɛ no. Sɛnea ɛbɛyɛ a ‘yɛremfa bɔne nhyɛ yɛn mu no,’ ɛnsɛ sɛ yɛkɔ so dwinnwen nea obi de ayɛ yɛn ho na ama yɛatumi afi yɛn komam de ne bɔne akyɛ no. (1 Kor. 13:4, 5) Sɛ yenya yɛn nuabarima anaa yɛn nuabea bi ho menasepɔw anaasɛ yɛde ne ho asɛm hyɛ yɛn mu a, ɛbɛma yɛne ne ntam asɛe, na asɛe yɛne Yehowa nso ntam.—Mat. 6:14, 15. w17.10 10 ¶14-15

Memeneda, March 16

Mubehu sɛ asafo Yehowa na asoma me mo nkyɛn.—Sak. 6:15.

Asɛm a Sakaria kae no kaa Yudafo a na wɔwɔ ne bere so no sɛn? Ná Yehowa ahyɛ Yudafo no bɔ sɛ ɔbɛboa wɔn na wabɔ wɔn ho ban ama wɔasi asɔrefie no. Saa asɛm a ɔkae no, ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa nkurɔfo a na wɔn abam abu no nyaa anidaso. Nanso, adwuma kɛse a ɛte saa no, na ɛbɛyɛ dɛn na nnipa kakraa bi atumi ayɛ? Asɛm a edi hɔ a Sakaria kae no yii ehu ne adwenem naayɛ biara fii nkurɔfo no mu. Ná anokwafo te sɛ Heldai, Tobiya, ne Yedaia rebɛboa adwuma no. Onyankopɔn kae nso sɛ afoforo pii “bɛba abesi Yehowa asɔrefie no bi.” Ɛwom sɛ na Persia hene abara Yudafo no sɛ mma wonsi asɔrefie no, nanso bere a wonyaa awerɛhyem sɛ Onyankopɔn taa wɔn akyi no, wɔyɛɛ ntɛm de nsi ne ahokeka san toaa adwuma no so. Ná asɔrefie no si a wɔabara no yɛ akwanside kɛse te sɛ bepɔw, nanso ankyɛ na Yehowa yi fii hɔ. Wei ma wosii asɔrefie no wiei wɔ afe 515 A.Y.B. (Esra 6:22; Sak. 4:6, 7) Saa asɛm a Yehowa kae no, ɛkyerɛ nneɛma akɛse a ɛrekɔ so nnɛ. w17.10 29 ¶17

Kwasida, March 17

Nya akokoduru, . . . na keka wo ho [anaa kɔyɛ adwuma no].—1 Be. 28:20.

Yehowa ka kyerɛɛ Solomon sɛ ɔnhwɛ mma wonsi Yerusalem asɔrefie no. Adan a ɛho hia sen biara a wɔasisi wɔ wiase no, saa dan no ka ho. Ɔdan a wɔrebesi no, na ɛbɛyɛ ‘kokuroo na ayɛ fɛ na anya din wɔ asase nyinaa so.’ Nea ehia paa no, na asɔrefie no bɛyɛ “nokware Nyankopɔn Yehowa fie.” Solomon na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔnhwɛ ɔdan no si so. (1 Be. 22:1, 5, 9-11) Ná Ɔhene Dawid wɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn bɛboa Solomon, nanso na Solomon yɛ “abofra, na ɔyɛ mmerɛw,” anaa onni osuahu. Yemmisa sɛ, na Solomon benya akokoduru de asi asɔrefie no? Esiane sɛ na Solomon yɛ abofra na onni osuahu nti, na ɛbɛyɛ den sɛ obesi asɔrefie no anaa? Sɛ obetumi asi a, na ebehia sɛ onya akokoduru na ɔkɔyɛ adwuma no. Sɛ Solomon annya akokoduru a, ehu nti anka ɔrentumi nsi dan no. Ɛba saa a, anka ɛbɛhaw no paa asen sɛ obesi na wantumi ansi no yiye. Ná Solomon hia Yehowa mmoa na ama wanya akokoduru, saa ara na yɛn nso yehia Yehowa mmoa na ama yɛanya akokoduru de ayɛ ɔsom adwuma no. w17.09 28 ¶1-2; 29 ¶4-5

Dwoda, March 18

Yɛn Nyankopɔn asɛm de, ebetim hɔ daa.—Yes. 40:8.

Wo deɛ, fa no sɛ wunni Bible. Sɛn na anka w’abrabɔ bɛyɛ? Anka worennya afotu pa biara a wode bɛbɔ wo bra daa. Nsɛmmisa a ɛfa Onyankopɔn, abrabɔ, ne daakye ho no, anka wobɛyɛ dɛn anya ho mmuae a ɛtɔ asom? Saa ara nso na anka worenhu sɛnea tete no Yehowa ne nnipa dii. Anigyesɛm ne sɛ, yɛn asɛm nyɛ mmɔbɔ saa. Yehowa de n’Asɛm Bible ama yɛn. Wahyɛ bɔ sɛ emu asɛm no bɛtena hɔ daa. Ɔsomafo Petro faa Yesaia 40:8 mu asɛm kae. Ɛnyɛ Bible no ankasa ho asɛm na saa kyerɛwsɛm no reka, nanso yebetumi aka sɛ ɛfa Bible mu nsɛm ho. (1 Pet. 1:24, 25) Ɛwom sɛ mfe pii a atwam no, nnipa bi a wɔkyerɛɛ Bible no ase amfa no ahogono na wohyiaa ɔsɔretia pii deɛ, nanso womiaa wɔn ani kyerɛɛ ase maa nnipa pii nsa kaa bi. Nea na ɛda wɔn koma so no, na ɛne Onyankopɔn apɛde hyia. Ɛne sɛ ɔpɛ sɛ “ogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.”—1 Tim. 2:3, 4. w17.09 18 ¶1-2

Benada, March 19

Woyɛ ne yere. Enti ɛbɛyɛ dɛn na matumi adi amumɔyɛsɛm a ɛte sɛɛ na mayɛ bɔne atia Onyankopɔn?—Gen. 39:9.

Sɔhwɛ a Yosef hyiae no, Kristofo mmabun pii rehyia bi nnɛ. (Gen. 39:7) Yɛnhwɛ ɔhaw a Kim hyiae. Ná ne sukuufo pii de wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu. Sɛ wɔba sukuu a, ɔbarima ne ɔbea nna a wɔde wɔn ho hyɛɛ mu Memeneda ne Kwasida no, na wɔka de hoahoa wɔn ho. Kim deɛ, na onni asɛm bi a ɛte saa a ɔbɛka. Ɔkae sɛ, esiane sɛ ɔnyɛ nea ne mfɛfo yɛ no bi nti, ɛtɔ da a ɛma ɔte nka sɛ wayɛ “ankonam na wɔayi ne baako ahyɛ ne nsa.” Ɛyɛ a ne mfɛfo no bu no sɛ wagyimi efisɛ onni ɔbarima biara a ɔne no pue. Nanso na Kim nim sɛ nna ho akɔnnɔ ano yɛ den wɔ mmabun pii mu. Enti nyansa wom sɛ Kim ne ɔbarima biara ampue. (2 Tim. 2:22) Ná ne sukuufo taa bisa no sɛ ɔda so yɛ ɔbaabun anaa. Ɛba saa a, nea enti a ɔne obiara nna no, na onya kwan kyerɛkyerɛ mu. Kristofo mmabun a wɔasi wɔn bo sɛ wɔne obiara nna no, yɛn ani gye wɔn ho, na Yehowa nso ani gye wɔn ho paa! w17.09 4 ¶8; 5 ¶10

Wukuda, March 20

Mma wo bo mmfuw na woanyɛ bɔne.—Dw. 37:8.

Nnipa a wɔn bo fuw ntɛmntɛm taa kasa tia afoforo. Sɛ obi da nipasu dedaw yi adi a, ɛmmoa mma anigye mma n’abusua mu. Edi sɛ Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛnhwɛ yiye wɔ abufuw, nkekawmu ne kasatia ho. (Efe. 4:31) Awerɛhosɛm ne sɛ suban a ɛte saa taa kowie basabasayɛ mu. Wiase no deɛ, sɛ obi bu fuw a, wommu no sɛ biribi a ɛyɛ nwonwa, nanso abufuw nhyɛ Ɔbɔadeɛ no anuonyam. Nnipa pii a na wɔwɔ saa subammɔne yi bi no, woyi guu hɔ ansa na wɔretumi ahyɛ nipasu foforo no. (Kol. 3:8-10) Kasatia da nkyɛn a, atorodi nso ka nipasu dedaw no ho. Nhwɛso bi ni. Ɛyɛ a nkurɔfo taa di atoro wɔ towtua ho. Ebinom nso yɛ bɔne a, wɔmpɛ sɛ wogye tom. Nanso Yehowa deɛ, ɔyɛ “nokware Nyankopɔn.” (Dw. 31:5) Enti ɔpɛ sɛ ne somfo ‘biara ka nokware kyerɛ ne yɔnko,’ na ɔmpɛ sɛ ‘wodi atoro.’ (Efe. 4:25; Kol. 3:9) Ɛno nti, sɛ yɛka nokware na ɛbɛhyɛ yɛn aniwu anaa ɛbɛma yɛn ho akyere yɛn mpo a, ɛsɛ sɛ yɛka.—Mmeb. 6:16-19. w17.08 18 ¶3, 5; 20 ¶12-13, 15

Yawda, March 21

N’asɛm de ahoɔhare tu mmirika.—Dw. 147:15.

Ɛnnɛ, Yehowa de n’Asɛm Bible no kyerɛ yɛn kwan, na “n’asɛm de ahoɔhare tu mmirika.” Wei kyerɛ sɛ, bere biara a yehia akwankyerɛ no, Yehowa ntwentwɛn so koraa na ɔde ama yɛn. Akwan bɛn na ɔfa so boa yɛn? Wo de, hwɛ sɛnea wokenkan Bible a, wunya so mfaso. “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ayɛ nhoma ama yɛn, yɛhwɛ JW Broadcasting, na yɛkɔ jw.org nso. Afei yɛwɔ mpanyimfo a yɛne wɔn susuw yɛn nsɛm ho, na yɛne yɛn nuanom Kristofo bɔ fekuw. Wei nyinaa boa yɛn paa. (Mat. 24:45) Wuhia akwankyerɛ a, wunhu sɛ Yehowa ntwentwɛn so koraa na ɔde ama wo anaa? Ná odwontofo no nim sɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no yɛ soronko. Wɔn nkutoo ne ɔman a Onyankopɔn de “n’asɛm,” ne “n’ahyɛde ne n’atemmusɛm” maa wɔn. (Dw. 147:19, 20) Ɛnnɛ, yɛn nko ara ne nnipa a Onyankopɔn adom yɛn de ne din ato yɛn so. Yɛabehu Yehowa, na yɛde n’Asɛm bɔ yɛn bra. Wei ama yɛabɛn no paa. Sɛnea odwontofo a ɔkyerɛw Dwom 147 yɛe no, yɛn nso yebetumi ateɛm sɛ “Munyi Yah ayɛ,” na yɛahyɛ afoforo nkuran ama wɔayɛ saa ara. w17.07 20 ¶15-16; 21 ¶18

Fida, March 22

Obiara nni hɔ a ɔreyɛ asraafodwuma a ɔde ne ho hyehyɛ aguadisɛm mu, efisɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ nea ɔfaa no sraadi mu no ani.—2 Tim. 2:4.

Ɛnnɛ, Yesu akyidifo yɛ nea wobetumi biara de Paulo afotu a ɛyɛ ɛnnɛ asɛm no yɛ adwuma. Wɔn mu bɛyɛ ɔpepem baako a wɔyɛ bere nyinaa som adwuma no te sɛ asraafodɔm. Wɔkae nnyinasosɛm yi: “Nea ogye obi hɔ bosea no yɛ akoa ma nea ɔbɔ no bosea no.” (Mmeb. 22:7) Nea anka Satan pɛ ara ne sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden nyinaa bɛhyɛ wiase aguadi mu fee. Gyinae bi wɔ hɔ a, sɛ obi si a ebetumi ama ɛka amene no mfe pii. Ebinom gye bosea kɛse de tɔ fie. Afoforo nso gye bosea de kɔ sukuu, na ebinom nso kogye bosea de tɔ kar a ne bo yɛ den. Ebinom nso wɔ hɔ a, wotumi kɔbɔ bosea de yɛ ayeforo kɛse. Ɛba saa a, daa na wɔreyɛ adwuma de ako wɔn ka. Sɛ yegyae boseabɔ ne atotɔatotɔ, na yɛyɛ yɛn ho awiɛmfoɔ a, ɛkyerɛ sɛ ‘yɛde yɛn adwene yɛ adwuma.’ Wei bɛboa yɛn ama yɛasom Onyankopɔn na yɛanyɛ nkoa amma ɛnnɛ wiase yi aguadi nhyehyɛe no.—1 Tim. 6:10. w17.07 10 ¶13

Memeneda, March 23

Mabu ade nyinaa ho ahyɛde sɛ ɛteɛ; mikyi nkontompo kwan biara.—Dw. 119:128.

Yehowa na ɔfata sɛ amansan Hene. Ɔmfa ne tumi nsisi obiara; obu atɛntrenee bere nyinaa. Yehowa ka sɛ: ‘Mene Yehowa, Nea ɔyɛ adɔe na obu atɛntrenee na ɔyɛ adetrenee wɔ asase so, efisɛ eyi na ɛsɔ m’ani.’ (Yer. 9:24) Mmara a nnipa a wɔtɔ sin ahyehyɛ no, ɛnyɛ ɛno na Yehowa gyina so de kyerɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛteɛ. Esiane sɛ Yehowa ne atɛntrenee farebae nti, ɔno na ɔhyehyɛɛ mmara maa nnipa. “Trenee ne atemmu yɛ [Yehowa] ahengua nnyinaso.” Enti yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa mmara, ne nnyinasosɛm, ne ne gyinaesi biara teɛ. (Dw. 89:14) Satan aka sɛ Yehowa mfata sɛ odi tumi, nanso ɔno ankasa ntumi mmaa atɛntrenee papa biara mmaa wiase. w17.06 28 ¶5

Kwasida, March 24

‘Awurade Tumfoɔ Yehowa, wo nsɛm a woaka no ma ɛmmra mu.’—2 Sam. 7:28.

Yehowa ne Nyankopɔn a nokware nyinaa fi no. (Dw. 31:5) Ɔyɛ Agya a ne yam ye, enti nokware a ɔwɔ no, ɔde bi ma nnipa a wosuro no no. Efi bere a yehuu nokware no, yɛaboaboa nokware pii ano afi n’Asɛm Bible mu, yɛn nhoma ahorow mu, amansin ne amantam nhyiam ase, ne asafo nhyiam a yɛkɔ no nnawɔtwe biara no. Bere a yegu so reboaboa ano no, yebenya nea Yesu frɛ no ‘akorade dan’ a nokware dedaw ne foforo ayɛ no mã. (Mat. 13:52) Sɛ yɛhwehwɛ nokware no te sɛ nea yɛrepɛ akorade a ahintaw a, Yehowa bɛboa yɛn na yɛn ‘akorade dan’ no, yɛanya nokware foforo a ɛsom bo ahyɛ no mã. (Mmeb. 2:4-7) Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Ɛsɛ sɛ yɛn ankasa gye bere sua ade daa, na yɛtɔ yɛn bo ase yɛ nhwehwɛmu wɔ Bible ne asafo nhoma mu. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛahu nokware “foforo,” kyerɛ sɛ, yebehu nneɛma bi a na yennim. (Yos. 1:8, 9; Dw. 1:2, 3) Aane, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho hwehwɛ nokware pii de hyɛ yɛn akorade dan mã. w17.06 12 ¶13-14

Dwoda, March 25

Mobɛfrɛ me, na mobɛba abɛbɔ me mpae, na metie mo.—Yer. 29:12.

Aberante bi a ɔnwaree ne asafo mu panyin bi a yɛfrɛ no Stephen dii n’ahiasɛm bi ho nkɔmmɔ. Ɛha yi deɛ, yɛbɛfrɛ aberante no Eduardo. Ná ɔpanyin no yɛ ɔwarefo a n’ani afi. Ná Eduardo asusuw asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 7:28 no ho. Ɛhɔ ka sɛ: “Wɔn a [wɔware] no ho behiahia wɔn ɔhonam mu.” Eduardo bisae sɛ, “‘Ahohiahia’ bɛn na kyerɛwsɛm no reka ho asɛm no? Na sɛ meware a, mɛyɛ dɛn agyina ahohiahia no ano?” Ansa na Stephen rebua asɛmmisa no, ɔka kyerɛɛ Eduardo sɛ onsusuw biribi foforo a ɔsomafo Paulo kyerɛwee ho. Ɔsomafo no kyerɛwee sɛ, Yehowa ne “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn, nea ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu.” (2 Kor. 1:3, 4) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa yɛ Agya a ɔdɔ yɛn na ɔkyekye yɛn werɛ bere a yɛrehyia ɔhaw. Ebia wo nso, Onyankopɔn nam n’Asɛm no so aboa wo na wama wo akwankyerɛ mpɛn pii. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, Onyankopɔn pɛ sɛ esi yɛn yiye sɛnea na ɔpɛ sɛ esi n’asomfo a wɔtenaa ase tete no yiye no.—Yer. 29:11. w17.06 4 ¶1-2

Benada, March 26

Yehowa na ɔwɛn ɔhɔho.—Dw. 146:9.

Ehia sɛ yɛboa yɛn nuanom a wɔyɛ atubrafo ma wɔn gyidi yɛ den na wonya awerɛkyekye. Ɛno ho hia sen honam fam nneɛma a yɛde bɛma wɔn. (Mat. 4:4) Asafo mu mpanyimfo betumi aboa wɔn ama wɔn nsa aka asafo nhoma wɔ wɔn kurom kasa mu. Wobetumi aboa wɔn nso ama wɔahu anuanom a wɔka wɔn kurom kasa. Atubrafo pii aguan agyaw wɔn abusuafo a na wɔbɛn wɔn paa, nnipa a na wɔne wɔn te mpɔtam, ne wɔn asafo ahorow hɔ. Ehia sɛ wohu sɛ wɔn mfɛfo Kristofo wɔ ayamhyehye ne ɔdɔ a Yehowa wɔ no bi ma wɔn ho wɔn ho. Sɛ amma saa a, ebia wɔde wɔn ho bɛbɔ wɔn abusuafo a wonni asafo no mu anaa nkurɔfo a wɔne wɔn fi ɔman baako mu ho. (1 Kor. 15:33) Sɛ yɛma wɔte nka sɛ wɔka yɛn asafo no ho paa a, ɛma yenya hokwan boa Yehowa ma “ɔwɛn ɔhɔho.” Ebia atubrafo ntumi nsan nkɔ wɔn kurom bere tenten a wɔn a wɔretaa wɔn no da so di tumi no. Afei nso, awerɛhosɛm a wɔn mu pii afa mu no ama wɔahaw. Enti bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ me na mafa ɛyaw a ɛte saa mu a, sɛn na anka m’ani begye ho sɛ afoforo ne me bedi?’—Mat. 7:12. w17.05 6 ¶15-16

Wukuda, March 27

Nnipa dodow no ara dɔ ano bedwo.—Mat. 24:12.

Sɛ yɛn abam bu a, ebetumi ama yɛn gyidi nso ayɛ mmerɛw, na ama ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no ano adwo. Wiase bɔne a Satan di so yi mu no, ɛtɔ da a, yɛn nyinaa tumi hyia tebea ahorow a ebu yɛn abam. (1 Yoh. 5:19) Ebia seesei nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ, yare, anaa sikasɛm mu ahokyere ama yɛrehyia ɔhaw pii. Anaa ebia ɛhaw yɛn sɛ yentumi nyɛ nneɛma bi a yɛpɛ sɛ yɛyɛ. Saa ara na sɛ yɛhwɛ nneɛma bi kwan na yɛn nsa nka a, ɛno nso tumi haw yɛn. Afei nso, yɛn ankasa mmerɛwyɛ tumi haw yɛn. Nanso, sɛ yehyia tebea ahorow a ɛte saa a, ɛnsɛ sɛ yɛte nka anaa yenya adwene da sɛ Yehowa agyaw yɛn. Mmom no, ɛsɛ sɛ yedwinnwen ɔdɔ a ɛnsa da a Yehowa wɔ ma yɛn no ho na ɛkyekye yɛn werɛ. Awerɛkyekyesɛm a ɛte saa no bi wɔ Dwom 136:23. Ɛka sɛ: ‘Nea ɔkaee yɛn wɔ yɛn abɛbrɛsɛ mu no, n’adɔe wɔ hɔ daa.’ Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa adɔe wɔ hɔ daa ma n’asomfo. Enti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ, Yehowa tie yɛn “nkotɔsrɛ,” na ɔbɛyɛ yɛn abisade ama yɛn.—Dw. 116:1; 136:24-26. w17.05 18 ¶8

Yawda, March 28

Sɛ moamfa nkurɔfo mfomso amfiri wɔn a, mo Agya nso remfa mo mfomso mfiri mo.—Mat. 6:15.

Sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Galatifo 2:11-14 no, nnipa ho suro na esum Petro afiri. (Mmeb. 29:25) Ná Petro nim adwene a Yehowa wɔ wɔ Amanaman mufo no ho. Nanso, na osuro sɛ anhwɛ a na Yerusalem asafo no mufo a wɔyɛ Yudafo a wɔatwa twetia no abu no animtiaa. Ɔsomafo Paulo kaa Petro anim wɔ Antiokia, na ɔpaa Petro nyaatwom no ho ntama. (Aso. 15:12; Gal. 2:13) Ɛda adi sɛ, Petro brɛɛ ne ho ase gyee nteɛso a Paulo de maa no no toom. Asɛm biara nni Kyerɛwnsɛm no mu a ɛkyerɛ sɛ ɔsom hokwan ahorow a na Petro wɔ no fii ne nsa. Nokwasɛm ne sɛ, akyiri yi mpo, Onyankopɔn honhom kaa Petro ma ɔkyerɛw nkrataa mmienu a ɛbɛyɛɛ Bible no fã. Yesu a ɔyɛ asafo no ti no kɔɔ so de Petro yɛɛ adwuma. (Efe. 1:22) Wei maa asafo no mufo nyaa hokwan suasuaa sɛnea Yesu ne n’Agya de bɔne firi no. Yennim nea asɛm no kowiei, nanso yegye di sɛ obiara amma Petro a ɔyɛ onipa a ɔtɔ sin no mfomso no anto no hintidua. w17.04 27 ¶16-18

Fida, March 29

[Onyankopɔn buu] Sodom ne Gomora fɔ bere a ɔmaa nkurow no danee nsõ no, na ɛbɛyɛɛ sɛnnahɔ maa amumɔyɛfo huu nea ɛbɛba.—2 Pet. 2:6.

Yehowa sɛee saa ɔmantam no nyinaa de sii nneyɛe bɔne a na ɛrekɔ so wɔ hɔ no ano. Nanso, ɛnyɛ nneyɛe bɔne a na ɛrekɔ so wɔ hɔ no nko ara nti na Yehowa de ɔsɛe no bae. Mmom, ‘ɔde yɛɛ sɛnnahɔ maa amumɔyɛfo huu nea ɛbɛba.’ Sɛnea Yehowa yii ɔbrasɛe a na ɛrekɔ so no fii hɔ wɔ Lot bere so no, saa ara na obeyi nneyɛe bɔne a ɛrekɔ so nnɛ no afi hɔ bere a ɔde atemmu bɛba wiase bɔne yi so no. Dɛn na ɛbɛba abesi nneyɛe bɔne ananmu? Nneɛma a ɛyɛ anika na ɛbɛkɔ so wɔ Paradise asase so. Wo de, susuw adwuma a ɛyɛ anigye a yɛbɛyɛ de ama asase yi adan paradise no ho hwɛ. Anaa fa w’adwene bu adwuma a ɛyɛ anigye a yɛbɛyɛ de asisi adan a yɛne yɛn adɔfo bɛtena mu no. Wo de hwɛ, yebenya hokwan ama nnipa ɔpepem pii a wɔanyan wɔn afi awufo mu no akwaaba, na yɛaboa wɔn ama wɔasua Yehowa akwan ne sɛnea Yehowa ne adesamma dii tete no ho ade. (Yes. 65:21, 22; Aso. 24:15) Nneɛma a yɛbɛyɛ wɔ hɔ no bɛma yɛn ani agye, na yɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam nso! w17.04 12 ¶11-12

Memeneda, March 30

Obiara a obefi me fie . . . no bɛyɛ Yehowa dea.—Atem. 11:31.

Bere a na Yefta rehyɛ saa bɔ yi no, ɛbɛyɛ sɛ na Yefta nim sɛ onipa a obefi ne fie abehyia no no betumi ayɛ ne babea no. Sɛ na Yefta nim sɛ ne babea no na ɔbɛba abehyia no oo, sɛ na onnim oo, ɛyɛɛ den maa ɔne ne babea no nyinaa sɛ wobedi ɛbɔ a Yefta hyɛe no so. Ná ɛyɛ afɔrebɔ kɛse ma wɔn baanu nyinaa. Bere a Yefta huu ne babea no, “osuan n’atade mu,” na ɔkae sɛ ne koma abubu. Ne babea no nso ‘suu ne baabunyɛ.’ Adɛn ntia? Ná Yefta nni ɔbabarima. Afei, na ne babea a odi no bakoro no nso rentumi nware nwo mmanananom mma no da. Ná ɔkwan biara nni hɔ a Yefta betumi afa so ama n’abusua din atena hɔ. Saa ara nso na na onni obiara a ɔde n’agyapade begyaw no. Nanso, na ɛnyɛ ɛno ne ade titiriw a ɛho hia Yefta ne ne babea no. Yefta kae sɛ: “Manya abue m’ano ahyɛ Yehowa bɔ, enti mintumi nsan m’akyi.” Ne babea no nso kae sɛ: “Nea afi w’anom no, yɛ me saa ara.” (Atem. 11:35-39) Ná Yefta ne ne babea no yɛ anokwafo. Enti wɔanna annwen ho da sɛ wobebu ɛbɔ a wɔahyɛ Ɔsorosoroni Nyankopɔn no so ɛmfa ho nea ɛbɛto wɔn biara.—Deut. 23:21, 23; Dw. 15:4. w17.04 4 ¶5-6

Kwasida, March 31

Mede ntoboase bɛtwɛn.—Mika 7:7.

Ntɛnkyea a wobuu Yosef no, na ani yɛ nyan paa. Bere a odii bɛyɛ mfe 17 no, ne nuanom tɔn no kɔɔ nkoasom mu. Ɛno akyi, wotwaa asɛm too ne so sɛ anka ɔreto ne wura yere mmonnaa. Wei ma wɔde no kɔtoo afiase de dade kyekyeree no. (Gen. 39:11-20; Dw. 105:17, 18) Nneɛma pa a ɔyɛe nyinaa akyi no, ɛte sɛ nea wɔde bɔne mmom na etuaa no ka. Nanso mfe 13 akyi no, biribiara sesae ntɛmntɛm. Woyii no fii afiase, na wɔbɔɔ n’aba so ma ɔbɛyɛɛ Egypt hene abadiakyiri. (Gen. 41:14, 37-43; Aso. 7:9, 10) Wohwɛ a, ntɛnkyea a wobuu Yosef no maa ne bo fuwii anaa? Onyaa adwene sɛ Yehowa, ne Nyankopɔn ama ne nsa asi fam anaa? Dabi. Dɛn na ɛboaa Yosef ma ɔtɔɔ ne bo ase twɛnee? Ɛyɛ Yehowa mu gyidi a na ɔwɔ ntia. Ohui sɛ Yehowa nnyaee n’akyi di. Yehu wei wɔ asɛm a ɔka kyerɛɛ ne nuanom no mu. Ɔkae sɛ: “Mo de, na anka mopɛ me bɔne, nanso na Onyankopɔn adwene ne sɛ ɔbɛma biribi pa afi mu aba na ɔde agye nnipa bebree nkwa, sɛnea ada adi nnɛ yi.” (Gen. 50:19, 20) Ewiee ase no, Yosef hui sɛ eye paa sɛ ɔtɔɔ ne bo ase twɛnee. w17.08 4 ¶6; 6 ¶12-13

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena