April
Dwoda, April 1
Ɔde nnipa mae sɛ akyɛde.—Efe. 4:8.
Yɛbɛyɛ dɛn anya akyɛde a ɛsom bo yi so mfaso? Ade baako ne sɛ yebesuasua asafo mu mpanyimfo no gyidi ne wɔn nhwɛso pa. Ade foforo nso ne sɛ yebetie Kyerɛwnsɛm mu afotu a wɔde ma yɛn no. (Heb. 13:7, 17) Momma yɛnkae sɛ asafo mu mpanyimfo no dɔ yɛn, na wɔpɛ sɛ yɛbɛn Yehowa yiye. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ wohu sɛ yɛtoto asafo nhyiam mu anaa wohu sɛ nsi ne ahokeka a yɛde yɛ ɔsom adwuma no ano rebrɛ ase a, akyinnye biara nni ho sɛ, wɔbɛyɛ ntɛm aboa yɛn. Wobetie yɛn, na afei wɔafi ɔdɔ mu ahyɛ yɛn nkuran, na wɔde Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛfata ama yɛn. Wuhu sɛ mmoa a ɛte saa yɛ ɔdɔ a Yehowa da no adi kyerɛ wo anaa? Kae sɛ, ebetumi ayɛ den ama asafo mu mpanyimfo no sɛ wɔbɛbɛn yɛn na wɔatu yɛn fo. Enti dɛn na wobɛyɛ na ama w’asafo mu mpanyimfo no adesoa so atew? Brɛ wo ho ase, tew w’anim, na kyerɛ nea wɔyɛ ma wo no ho anisɔ. Mmoa a wɔde ma wo no, fa no sɛ ɛyɛ ɔdɔ a Onyankopɔn reda no adi akyerɛ wo. Woyɛ saa a, ɛnyɛ wo nko ara na wubenya so mfaso, na mmom ɛbɛma mpanyimfo no de anigye kɛse ayɛ wɔn adwuma no. w18.03 31 ¶15-16
Benada, April 2
Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm abua nea otwa me mpoa.—Mmeb. 27:11.
Ɛsono sɛnea abofra biara te; ɛnyɛ mmofra nyinaa na wɔte nneɛma ase ntɛm; ebinom mfe kɔ anim ansa na wɔate nneɛma ase. Mmofra binom te nokware no ase, wotumi sisi gyinae pa, na wɔpɛ sɛ wɔbɔ asu bere mpo a wɔda so yɛ mmofra. Mmofra no bi nso wɔ hɔ a, gye sɛ wonyin kakra ansa na wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛbɔ asu. Ɛno nti, awofo a wɔn ani da fam mpiapia wɔn mma sɛ wɔmmɔ asu. Mmom, wɔhwɛ sɛnea abofra biara adwene kyere nneɛma na wɔagyina so akyerɛkyerɛ no ma wanya nkɔso wɔ Yehowa som mu. Sɛ abofra bi de ɛnnɛ asɛm no yɛ adwuma a, n’awofo koma bɛtɔ wɔn yam. Nanso, ɛnsɛ sɛ awofo ma wɔn werɛ fi wɔn botae a esi wɔn ani so da; ɛne sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn mma ama wɔabɛyɛ Kristo asuafo. Bere a wei wɔ awofo adwenem no, ɛsɛ sɛ wobisa wɔn ho sɛ: ‘Me ba no wɔ nimdeɛ a ɛsɛ a ɛbɛma wahyira ne ho so ama Onyankopɔn na wabɔ asu anaa?’ w18.03 9 ¶6
Wukuda, April 3
Sɛ ɔka ntam na etia no mpo a, ɔnsesa n’ano.—Dw. 15:4.
Sɛ obi to nsa frɛ yɛn na yɛpene so a, ɛnsɛ sɛ yegyina asɛnhunu biara so twam. Ebia na nea wato nsa afrɛ yɛn no atoto nneɛma yiye ama yɛn nsrahwɛ no. Enti sɛ yetwam a, na yɛama ne brɛ nyinaa ayɛ kwa. (Mat. 5:37) Ɛtɔ da a, wɔto nsa frɛ ebinom ma wɔpene so, na sɛ akyiri yi wonya nea wɔte nka sɛ ɛyɛ papa a, wotwa nea edi kan no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya kwan akɔ nea ɛto so mmienu no. Yɛyɛ saa a, nea odii kan too nsa frɛɛ yɛn no, yebetumi aka pa ara sɛ yɛdɔ no, na yebu no anaa? Mmom no, sɛ nkurɔfo to nsa frɛ yɛn a, nea wɔde bɛma yɛn biara no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ ankasa. (Luka 10:7) Sɛ biribi a yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye bɛbom na sɛ yebetwam a, ɔdɔ ne tema a yɛwɔ nti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ wɔn a wɔato nsa afrɛ yɛn no amanneɛ ntɛm ara. Ehia nso sɛ yebu amammerɛ a ɛwɔ mmeae bi. Mmeae bi wɔ hɔ a, ahɔho ba wɔn nkyɛn bere a wɔnhwɛ kwan mpo a, wogye wɔn fɛw so. Mmeae foforo nso deɛ, nea wɔpɛ ne sɛ yebedi kan ayɛ nsrahwɛ ho nhyehyɛe ansa na yɛakɔ. Mmeae foforo nso, sɛ wɔto nsa frɛ obi bere a edi kan anaa ne mprenu so a, wɔnhwɛ kwan sɛ ɔbɛpene so, na mmom ɔbɛka no nidi mu sɛ ɔrennya kwan. Mmeae bi nso deɛ, sɛ wɔto nsa frɛ obi na wampene so a, wɔbɛfa no sɛ n’ani nsɔ ade. Sɛ nkurɔfo to nsa frɛ yɛn a, momma yɛnyɛ nea yebetumi biara mma wɔn ani nnye sɛ wɔtoo nsa frɛɛ yɛn. w18.03 18 ¶20-21
Yawda, April 4
‘Pere kɔ ahokokwaw mu.’—Heb. 6:1.
Kae sɛ, sɛ obi wɔ Bible mu nimdeɛ a, ɛno nko ara nkyerɛ sɛ ɔbɛyɛ onipa a Yehowa honhom kyerɛ no kwan. (1 Ahe. 4:29, 30; 11:4-6) Enti yemmisa sɛ, dɛn na ehia sɛ yenya ka Bible mu nimdeɛ a yɛwɔ ho? Ehia sɛ yɛkɔ so nya nkɔso wɔ Yehowa som mu. (Kol. 2:6, 7) Ade baako a ɛho hia paa ne sɛ, yebesua “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu” nhoma no. Sɛ wusua saa nhoma no wie a, ɛbɛboa wo ama woahu sɛnea wode Bible nnyinasosɛm bɛbɔ wo bra. Sɛ woasua saa nhoma no awie a, wubetumi asua nhoma foforo a ebetumi aboa wo ama wo gyidi ayɛ den anaa? (Kol. 1:23) Ɛyɛ a wudwinnwen nea wusua ho, na wobɔ ho mpae sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi de abɔ wo bra anaa? Kae sɛ, nea enti a yesua ade dwinnwen ho ne sɛ ɛbɛma yɛanya koma pa ayɛ nea ɛsɔ Yehowa ani na yɛadi ne mmara so. (Dw. 40:8; 119:97) Bere koro no ara, biribiara a ɛremma yɛn gyidi nyɛ den wɔ Yehowa som mu no, yɛpo anaa yeyi fi yɛn akwan mu.—Tito 2:11, 12. w18.02 24-25 ¶7-9
Fida, April 5
‘Noa bɛyɛɛ trenee a ɛnam gyidi so ho dedifo.’—Heb. 11:7.
Sɛ yebenya Noa gyidi no bi a, ebehia sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm yiye, yɛma nea yesua no ka yɛn koma, yɛde nea yesua no bɔ yɛn bra, na yɛma ɛkyerɛ yɛn kwan. (1 Pet. 1:13-15) Yɛyɛ saa a, gyidi ne Onyankopɔn nyansa bɛbɔ yɛn ho ban, na Satan amfa ne nnaadaasɛm annya yɛn, na wiase honhom no nso anwiawia yɛn. (2 Kor. 2:11) Wiase honhom no ma nnipa ani gye basabasayɛ ne subammɔne ho. Epiapia nkurɔfo ma wodi akɔnnɔ bɔne akyi. (1 Yoh. 2:15, 16) Adanse wɔ hɔ sɛ Onyankopɔn da kɛse no abɛn, nanso anhwɛ a wiase honhom no betumi ama wɔn a wɔn gyidi ayɛ mmerɛw no abu wɔn ani agu so. Kae sɛ bere a Yesu de yɛn bere yi totoo Noa nna ho no, wanka basabasayɛ anaa subammɔne ho asɛm; mmom na ɔrebɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛnhwɛ yiye na biribiara antwetwe yɛn amfi Onyankopɔn som ho. (Mat. 24:36-39) Bisa wo ho sɛ: ‘Sɛnea mebɔ me bra no kyerɛ sɛ minim Yehowa yiye? Gyidi a manya no, ɛka me sɛ memfa Onyankopɔn akwankyerɛ mmɔ me bra na menka ho asɛm nkyerɛ afoforo anaa?’ Mmuae a wobɛma no bɛma woahu sɛ wo nso wo ne ‘Onyankopɔn renantew’ anaa ɛnte saa.—Gen. 6:9. w18.02 9-10 ¶8-10
Memeneda, April 6
Dan wo ho fi saa nnipa yi ho.—2 Tim. 3:5.
Yɛrentumi ntwe yɛn ho mfi nkurɔfo a wɔwɔ subammɔne no ho korakora. Ebia yɛne wɔn bɛyɛ adwuma, yɛne wɔn bɛkɔ sukuu, anaa yɛne wɔn bɛtena. Nanso, wɔn nsusuwii ne wɔn nneyɛe deɛ, yebetumi atwe yɛn ho afi ho. Yebetumi ayɛ wei a, gye sɛ yɛhyɛ yɛne Yehowa adamfofa mu den. Nea yɛbɛyɛ ne sɛ, yɛbɛyere yɛn ho asua Bible, na yɛne wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛsom Yehowa no afa nnamfo denneennen. Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho nso boa afoforo ma wɔbɛsom Yehowa. Hwehwɛ hokwan a wode bedi adanse, na srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa na nya asɛm a ɛtɔ asom nka wɔ ne bere mu. Ɛsɛ sɛ yɛma afoforo hu sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo. Yɛyɛ saa a, yɛn nneyɛe pa bɛhyɛ Onyankopɔn mmom anuonyam na ɛnyɛ yɛn ankasa. Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn sɛ “yenkyi bɔne ne wiase akɔnnɔ, na yɛn adwenem nna hɔ na yɛmfa trenee ne onyamesom pa ntena wiase nhyehyɛe yi mu.” (Tito 2:11-14) Sɛ yesuasua Onyankopɔn na yɛyɛ nea ɔpɛ a, afoforo behu. Ebia wɔn mu binom bɛka sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.”—Sak. 8:23. w18.01 31 ¶17-18
Kwasida, April 7
Nnipa bɛyɛ ahopɛ.—2 Tim. 3:2.
Yemmisa sɛ, ɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛdɔ yɛn ho? Dabi, mfomso biara nni ho, na ɛho hia mpo sɛ yɛdɔ yɛn ho sɛnea ɛfata. Saa na Yehowa bɔɔ yɛn. Yesu kae sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Mar. 12:31) Sɛ yɛnnɔ yɛn ho a, yɛrentumi nnɔ yɛn yɔnko. Kyerɛwnsɛm no san ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ okununom dɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Nea ɔdɔ ne yere no dɔ ne ho, na onipa biara ntan n’ankasa honam da; mmom no ɔyɛn no na n’ani kũ ho.” (Efe. 5:28, 29) Enti ɛda adi pefee sɛ, ɛfata sɛ yenya ɔdɔ bi ma yɛn ho. Ɔdɔ a wɔaka ho asɛm wɔ 2 Timoteo 3:2 no nyɛ ɔdɔ pa. Ɛyɛ pɛsɛmenkominya dɔ. Nnipa a wɔdɔ wɔn ho dodo bu wɔn ho tra so. (Rom. 12:3) Wonnwen afoforo ho, na mmom nea eye ma wɔn nkutoo na ehia wɔn. Sɛ nneɛma ankɔ yiye a, sɛ́ anka wobegye wɔn mfomso atom no, wɔde hyɛ afoforo. Nnipa a wɔyɛ pɛsɛmenkominya saa no, wonni anigye ankasa. w18.01 23 ¶4-5
Dwoda, April 8
Monkyerɛ nneɛma ho anisɔ.—Kol. 3:15.
Ɔkwan baako a yɛfa so tie Yehowa ne sɛ yɛn ankasa besua ade, na mpaebɔ nso yɛ ɔkwan a yɛfa so ne no kasa. Ɛnsɛ sɛ Kristoni bi nya adwene sɛ mpaebɔ yɛ adeyɛ bi a mfaso nni so; saa ara na ɛnsɛ sɛ ɔfa no sɛ ɛyɛ ‘bansere anaa sɛbɛ bi a ɛbɔ nnipa ho ban’ a ɛbɛma nea ɔyɛ biara asi no yiye. Mmom, mpaebɔ yɛ ɔkwan ankasa a yɛfa so ne Ɔbɔadeɛ no di nkitaho. Yehowa pɛ sɛ ɔte wo nka. (Filip. 4:6) Dadwen biara a ɛbɛba abɛtɔ wo so no, afotu pa a Bible de ma wo ne sɛ “dan w’adesoa to Yehowa so.” (Dw. 55:22) Wugye saa asɛm no di paa? Anuanom mmarima ne mmea ɔpepem pii betumi aka akyerɛ wo sɛ saa afotu no aboa wɔn. Wo nso, ebetumi aboa wo! Ɛnyɛ bere a yehia Yehowa mmoa nko ara na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae. Ɛtɔ da a ɔhaw a yɛrehyia betumi ahyɛ yɛn so araa ma anhwɛ a yɛrenhu mpo sɛ yɛwɔ nhyira pii. Adɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ anyɛ yiye koraa no da biara wubedwinnwen nneɛma mmiɛnsa a wubetumi akyerɛ ho anisɔ ho? Afei, bɔ mpae na da Yehowa ase wɔ saa nneɛma no ho. w17.12 25-26 ¶10-11
Benada, April 9
Wufi wo mmofraase nso nim nkyerɛwee kronkron no, na ɛno na ebetumi ama woahu nyansa akɔ nkwagye mu.—2 Tim. 3:15.
Afe biara Bible asuafo mpempem hyira wɔn ho so ma Yehowa na wɔbɔ asu. Wɔn mu pii yɛ mmabun a wɔatete wɔn wɔ nokware no mu, na wɔasi gyinae sɛ wɔbɛfa ɔkwan a ɛbɛma asi wɔn yiye paa so. (Dw. 1:1-3) Sɛ woyɛ Kristoni a wowɔ mma a, ebia worehwɛ da a wo babarima anaa wo babea bɛbɔ asu no kwan denneennen. (Fa toto 3 Yohane 4 ho.) Sɛ woyɛ Kristoni a wowɔ ba a, wopɛ sɛ ohu nkyerɛwee kronkron no. Ɛnnɛ, Hebri Kyerɛwnsɛm no ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no na ɛka bom yɛ nkyerɛwee kronkron no. Mmofra nkumaa koraa mpo, yebetumi ahwɛ sɛnea wɔn mmɔdenbɔ te na yɛakyerɛkyerɛ wɔn nnipa a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu ne nsɛm a esisii a Bible ka ho asɛm. Yehowa ahyehyɛde no ayɛ nneɛma pii a awofo betumi de aboa wɔn mma. Kae sɛ, sɛ obi ne Yehowa benya abusuabɔ a emu yɛ den a, egyina Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ a ɔwɔ so. w17.12 18 ¶1; 19 ¶4
Wukuda, April 10
Okunu yɛ ne yere ti.—Efe. 5:23.
Sɛ woyɛ ɔbea warefo na wote nka sɛ wo kunu a ɔnyɛ Yehowa Dansefo ne wo nni no yiye a, dɛn na wobɛyɛ? Sɛ wo ne no ham wɔ nea ɔreyɛ no ho a, ɛbɛma nneɛma akɔ yiye anaa? Sɛ mpo wutumi ma ɔyɛ nea wopɛ ma wo a, ɛbɛboa no ama waba nokware no mu? Ebia ɔremma. Nanso sɛ wubu wo kunu sɛ ɔno ne wo ti a, wubetumi aboa ama asomdwoe atena abusua no mu, wobɛhyɛ Yehowa anuonyam, na ebi mpo a wubetumi aboa no ama waba nokware som mu. Wei betumi ama mo baanu nyinaa anya nkonimbo no. (1 Pet. 3:1, 2) Sɛ woyɛ ɔbarima warefo na wote nka sɛ wo yere a ɔnyɛ Yehowa Dansefo mmu wo a, dɛn na wobɛyɛ? Sɛ wopɛ sɛ wokyerɛ no sɛ wo na woyɛ ne wura na wokekaw mu gu ne so a, ɛno bɛma wabu wo anaa? Dabida! Wo na woyɛ abusua ti, enti Onyankopɔn pɛ sɛ wodɔ wo yere; woyɛ saa a, na woresuasua Yesu. Yesu yɛ asafo no ti, na ɔde ɔdɔ ne abotare na edi asafo no so. (Luka 9:46-48) Sɛ okunu suasua Yesu a, obetumi anya ne yere ama waba nokware som mu. w17.11 28-29 ¶13-14
Yawda, April 11
Nea ɔyɛɛ nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.—Heb. 3:4.
Nnipa a wodi wiase adwene akyi mfa Yehowa akwankyerɛ nyɛ hwee anaa ɛho nhia wɔn. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, saa adwene no de nkakrankakra betumi ama yɛn gyidi ayɛ mmerɛw. Ɛnnɛ, wiase adwene no, ɛwɔ baabiara. Television so oo, Intanɛt so oo, adwuma mu oo, sukuu mu oo, ɛwɔ hɔ. Wokɔ aman pii so a, ɛnyɛ nwonwa sɛ wobɛte sɛ nkurɔfo ka sɛ wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ; wɔkyerɛ sɛ wɔn ani nnye nyamesom ho. Ebia wɔntɔɔ wɔn bo ase nhwehwɛɛ mu nhwɛe sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaa onni hɔ, na mmom nea wɔn ani gye ho ara ne sɛ wɔbɛyɛ nea wɔpɛ. (Dw. 10:4) Ebinom nso ka sɛ, “Enhia sɛ migye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ansa na matumi abɔ bra pa.” Sɛ wɔka saa a, ɛyɛ wɔn sɛ wonim nyansa araa ma. Sɛ wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no ka sɛ Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ a, ntease wom anaa? Sɛ obi de n’ani to nyansahu so sɛ ɛno na ɛbɛma wahu sɛ obi na ɔbɔɔ nkwa a, ɛnde n’adwene betumi atu afra. Nanso nokwarem no, ɛnyɛ den koraa sɛ obi behu sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Sɛ ɔdan mpo ehia sɛ obi na osi a, ɛnde abɔde a nkwa wom nso ɛ? w17.11 20-21 ¶2-4
Fida, April 12
Wɔkyerɛw nkae nhoma bi wɔ n’anim maa wɔn a wosuro Yehowa na wodwen ne din ho no.—Mal. 3:16.
Nea enti a ehia sɛ yɛkɔ Nkaedi no ase no, dwinnwen ho. Kae sɛ, asafo nhyiam ahorow ka yɛn som ho. Nokwasɛm ne sɛ, wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ nhyiam a ehia sen biara yi ase wɔ afe no mu no, Yehowa ne Yesu hu wɔn. Nokwarem no, yɛpɛ sɛ wohu sɛ, sɛ ɛnyɛ yare anaa tebea bi a yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye a, yɛbɛkɔ Nkaedi no ase. Sɛ yɛde yɛn nneyɛe kyerɛ sɛ, asafo nhyiam a yɛbɛkɔ ho hia yɛn a, yɛma Yehowa nya biribi foforo a obegyina so akora yɛn din so wɔ ne “nkae nhoma” no mu. “Nkae nhoma” no, ɛno ara na wɔsan frɛ no “nkwa nhoma” no. Nkurɔfo a Yehowa pɛ sɛ ɔma wɔn daa nkwa no, ɔkyerɛw wɔn nyinaa din wɔ saa nhoma no mu. (Adi. 20:15) Nna a edi Nkaedi no anim no, yebetumi ayi bere bi asi hɔ de abɔ mpae, na yɛatɔ yɛn bo ase adwinnwen yɛne Yehowa abusuabɔ ho yiye.—2 Kor. 13:5. w18.01 13 ¶4-5
Memeneda, April 13
Onguan nkɔ nkurow yi biako mu.—Yos. 20:4.
Onipakumfo no nya du guankɔbea kurow no mu a, na obiara renyɛ no bɔne. Yehowa kaa guankɔbea nkurow no ho asɛm sɛ: “Ɛbɛyɛ mo guankɔbea.” (Yos. 20:2, 3) Yehowa anka sɛ wobetumi adi onipakumfo no asɛm bio wɔ bɔne koro no ara ho. Afei nso, na wɔmma nea wawu no busuani kwan sɛ obetumi akɔ kurow no mu akokum onipakumfo no. Enti, na onipakumfo no nna nwen ho sɛ obi bɛyɛ no bɔne de atua ne bɔne no so ka. Ná Yehowa bɔ onipakumfo no ho ban wɔ guankɔbea kurow no mu, enti na ɔwɔ ahotɔ. Guankɔbea kurow no, na ɛnyɛ afiase. Ná onipakumfo no betumi ayɛ adwuma wɔ kurow no mu, aboa afoforo, na wasom Yehowa asomdwoe mu. Nokwasɛm ne sɛ, na onipakumfo no betumi anya asetena a ɛyɛ anigye na akomatɔyam wom! Onyankopɔn nkurɔfo binom a wɔayɛ bɔne a emu yɛ duru a wɔanu wɔn ho mpo ahonim da so ara bu wɔn fɔ te sɛ nea wɔda “afiase.” Wɔte nka sɛ bɔne a wɔyɛe no mu yɛ duru araa ma Yehowa remfa nkyɛ wɔn da. Sɛ wote nka saa a, yɛsrɛ wo, ka wo koma to wo yam, efisɛ Yehowa de wo bɔne kyɛ wo a, na ɔde akyɛ wo koraa a asɛm biara nni akyi! w17.11 9 ¶6; 11 ¶13-14
Kwasida, April 14
Oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena biakoyɛ mu!—Dw. 133:1.
Ade baako a yebetumi ayɛ ama baakoyɛ atena yɛn mu ne sɛ, paanoo ne bobesa a yɛde hyɛ Nkaedi no ho fã no, yebedwinnwen nea ɛkyerɛ ho. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ wei bere a aka kakra ama saa da no adu. Anadwo a yɛhyɛ fã no titiriw paa na ɛsɛ sɛ yedwinnwen paanoo a mmɔkaw nnim ne nea bobesa kɔkɔɔ no gyina hɔ ma ho. (1 Kor. 11:23-25) Paanoo no gyina hɔ ma Yesu nipadua a bɔne biara nni ho a ɔde bɔɔ afɔre no; bobesa no nso gyina hɔ ma ne mogya a wohwie gui no. Nanso, ɛnyɛ nea paanoo ne bobesa no gyina hɔ ma nkutoo na ɛsɛ sɛ yehu. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, Kristo agyede afɔre no ma yehu sɛ Yehowa ne Yesu dɔ yɛn paa. Yehowa daa ne dɔ adi sɛ ɔmaa ne Ba no bewu gyee yɛn; Yesu nso fii ne pɛ mu bewu gyee yɛn. Nea wɔyɛe no kyerɛ sɛ ɔdɔ a wɔdɔ yɛn no da mu fua. Sɛ yedwinnwen ɔdɔ a wɔdaa no adi kyerɛɛ yɛn yi ho a, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn koma ma yɛn nso yɛdɔ wɔn bi. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn nuanom Kristofo no te sɛ hama a ɛka yɛn bom, na ɛma baakoyɛ a ɛwɔ yɛn mu no yɛ den. w18.01 14 ¶11
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii bere a owia akɔtɔ: Nisan 9) Mateo 26:6-13
Dwoda, April 15
Eyi mu na woyii Onyankopɔn dɔ adi wɔ yɛn ho, efisɛ Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa ne so nnya nkwa.—1 Yoh. 4:9.
Yehowa dɔ adesamma paa na wɔda ne koma so. Ofii ne pɛ mu maa ne Ba no bewui, na ɔnam ne Ba no mogya so ama yɛanya daa nkwa ho anidaso. (Yoh. 3:16) Sɛ Yehowa anni ne bɔhyɛ ahorow so a, Ɔbonsam benya biribi agyina so aka sɛ Onyankopɔn yɛ ɔtorofo a ɔde nneɛma pa kame yɛn. Anka ɔbɛka sɛ Onyankopɔn tumidi nyɛ papa. Ɛbɛma asɔretiafo a wodi Yehowa ho fɛw no nso adi bem. Nea wɔka ne sɛ: “Ne mmae a wɔahyɛ ho bɔ no wɔ he? Hwɛ, efi da a yɛn agyanom dedae no, biribiara te sɛ nea ɛte fi abɔde mfiase.” (2 Pet. 3:3, 4) Enti sɛ wɔresan Yehowa tumidi ho a, nnipa a wotie no no nso, ɔbɛhwɛ ama wɔagye wɔn nkwa! (Yes. 55:10, 11) Afei nso, Yehowa tumidi gyina ɔdɔ so. Enti yebetumi anya awerɛhyem sɛ, Yehowa asomfo a wodi no nokware no, wɔbɛda ne koma so daa. Ɔbɛkɔ so adɔ wɔn, na wakyerɛ sɛ n’ani sɔ wɔn.—Ex. 34:6. w17.06 23 ¶7
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 9) Mateo 21:1-11, 14-17
Benada, April 16
‘Onyankopɔn dɔɔ yɛn na ɔsomaa ne Ba bae sɛ ɔmfa ne nkwa mmɛbɔ afɔre mpata mma yɛn bɔne.’—1 Yoh. 4:10.
Sɛnea Genesis 3:15 bɔ amanneɛ no, efi bere a Yehowa hyɛɛ Agyenkwa no ho bɔ no, Yehowa ani so deɛ, na ɛte sɛ nea saa afɔrebɔ yi aba so dedaw. Afei mfe 4,000 akyi no, Yehowa de ne Ba a ɔwoo no koro no bɔɔ afɔre maa adesamma. (Yoh. 3:16) Sɛnea Yehowa ayi ne yam adɔ yɛn no, yɛn ani sɔ paa! Onyankopɔn bɔɔ yɛn ne suban so, enti yetumi yi yɛn yam da ɔdɔ adi. Habel yii ne yam de nneɛma a ɔwɔ mu nea eye paa bɔɔ afɔre maa Onyankopɔn de kyerɛe sɛ ɔdɔ no. (Gen. 4:3, 4) Noa nso yii ne yam daa ɔdɔ adi kyerɛɛ ne beresofo; ɛmfa ho sɛ nkurɔfo no antie no no, ɔkɔɔ so kaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ wɔn mfe pii. (2 Pet. 2:5) Afei nso, bere a Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa ne ba Isak mmɔ afɔre no, esiane sɛ ɔdɔ Yehowa nti, ɔde nea ɔpɛ too nkyɛn. (Yak. 2:21) Sɛ yehyia tebea a emu yɛ den mpo a, yebesuasua saa mmarima anokwafo no na yɛada ɔdɔ adi. w17.10 7-8 ¶3-4
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 10) Mateo 21:18, 19, 12, 13; Yohane 12:20-50
Wukuda, April 17
Ɔsɔfo panyin a yɛwɔ no nyɛ obi a ontumi nte yɛn mmerɛwyɛ ase, na mmom ɔyɛ obi a wɔasɔ no ahwɛ wɔ biribiara mu te sɛ yɛn ara, nanso bɔne nni ne ho.—Heb. 4:15.
Adwuma a na Ɔsɔfo Panyin yɛ no ma yenya awerɛhyem sɛ wɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na ‘yebenya mmɔborɔhunu na yɛahu adom a ɛbɛboa yɛn bere a ɛsɛ mu.’ (Heb. 4:16) Ɛnde, nya afɔre a Yesu bɔe no mu gyidi. Ɛnsɛ sɛ wunya adwene sɛ agyede no fa nnipa dodow ho. Na mmom nya gyidi sɛ agyede no bɛboa w’ankasa. (Gal. 2:20, 21) Nya gyidi sɛ agyede no na Yehowa gyina so de wo bɔne kyɛ wo. Nya gyidi sɛ agyede no, ɛno na ɛma wunya anidaso sɛ wubenya daa nkwa. Afɔre a Yesu bɔe no yɛ akyɛde a Yehowa de ama wo. Sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ ɔde ho asɛm bɛba bio anaasɛ obegyina so abu yɛn atɛn. (Dw. 103:8-12) Nokwasɛm ne sɛ, yebetumi anya ahotoso koraa sɛ Yehowa de yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. w17.11 11-12 ¶14-17
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 11) Mateo 21:33-41; 22:15-22; 23:1-12; 24:1-3
Yawda, April 18
‘Mesrɛ ma wɔn a wɔnam wɔn asɛm so gye me di no; sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ biako, sɛnea wo, Agya no, wɔ me mu.’—Yoh. 17:20, 21.
Anadwo a wɔhyɛɛ Awurade Anwummeduan a edi kan no ho fã no, Yesu bɔɔ mpae titiriw bi. Ɔbɔɔ baakoyɛ a ɛwɔ ɔne n’Agya ntam no ho mpae. Yesu san bɔɔ mpae sɛ n’akyidifo nyinaa nyɛ baako sɛnea ɔne n’Agya yɛ baako no. Yehowa abua saa mpae a ne Dɔba no bɔe no. Seesei nnipa ɔpepem pii gye di sɛ Yehowa na ɔsomaa ne Ba no. Nhyiam ahorow a Onyankopɔn nkurɔfo yɛ nyinaa no, nea ɛma nnipa hu sɛ baakoyɛ wɔ Yehowa Adansefo mu paa ne Nkaedi no. Mmeae bi no, ɛntaa mma sɛ nnipa a ɛsono wɔn kɔla behyiam asom wɔ faako. Sɛ nkurɔfo hu biribi a ɛte saa a, wɔte nka sɛ ɛmfata. Nanso Yehowa ne Yesu deɛ, baakoyɛ a ɛte saa no yɛ wɔn fɛ! Yehowa nkurɔfo deɛ, baakoyɛ a ɛwɔ yɛn mu no, ɛnyɛ yɛn nwonwa. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa hyɛɛ ho nkɔm too hɔ.—Hes. 37:15-17; Sak. 8:23. w18.01 14 ¶7-9
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 12) Mateo 26:1-5, 14-16; Luka 22:1-6
Nkaedi Da
Bere a Owia Akɔtɔ
Fida, April 19
Ɔbo a adansifo poe no abɛyɛ tweatibo.—Dw. 118:22.
“Adansifo” a wɔpoo Mesia no, na wɔyɛ Yudafo akannifo. Ɛnyɛ sɛ Yudafo akannifo no amfa Yesu asɛm anyɛ asɛm kɛkɛ anaa gye na wɔannye no antom sɛ ɔne Kristo no, na mmom wɔpoo no ankasa. Yudafo pii bɔ gyee so sɛ wonkum no. (Luka 23:18-23) Nokwasɛm ne sɛ, wɔka ho bi paa na wokum Yesu. Sɛ Yudafo no poo Yesu ɛnna wɔsan kum no a, ɛnde ɛyɛɛ dɛn na ɔbɛyɛɛ “tweatibo no”? Sɛ obetumi abɛyɛ tweatibo no a, na gye sɛ wonyan no fi awufo mu. Ɔsomafo Petro kaa “Nasareni Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛndua mu a Onyankopɔn nyan no fii awufo mu no” ho asɛm. (Aso. 3:15; 4:5-11; 1 Pet. 2:5-7) Enti Ɔba a wonyan no fii awufo mu no, ɔno ne obi a ne nkutoo din na “wɔde ama nnipa sɛ wɔmfa so nnye yɛn nkwa.”—Aso. 4:12; Efe. 1:20. w17.12 9-10 ¶6-9
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 13) Mateo 26:17-19; Luka 22:7-13 (Nsɛm a esisii bere a owia akɔtɔ: Nisan 14) Mateo 26:20-56
Memeneda, April 20
‘Mompae mu nka Awurade wu no nkosi sɛ ɔbɛba.’—1 Kor. 11:26.
Yesu kaa ahohiahia kɛse a ɛbɛba nnansa yi ara no ho asɛm sɛ: “Wobehu sɛ onipa Ba no nam ɔsoro mununkum mu de tumi ne anuonyam kɛse reba. Na [Yesu bɛsoma] n’abɔfo ma wɔde torobɛnto nnyigyei a ano yɛ den aba, na wɔbɛboaboa wɔn a wapaw wɔn no ano.” (Mat. 24:29-31) ‘Wɔn a wapaw wɔn a wɔbɛboaboa wɔn ano’ no kyerɛ bere a Kristofo a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asase so nyinaa benya ɔsoro akatua. Wobenya wɔn akatua no bere a ahohiahia kɛse no afi ase, nanso saa bere no, na Harmagedon ko no nnya mfii ase. Afei Yesu ne 144,000 no nyinaa ne asase so ahemfo bɛko, na wobedi ahemfo no so nkonim. (Adi. 17:12-14) Nkaedi ho fã a yɛbɛhyɛ ansa na wɔaboaboa Kristofo a wɔasra wɔn no ano akɔ soro no, ɛno na ɛbɛyɛ Nkaedi a etwa to, efisɛ saa bere no, na Yesu ‘aba.’ w18.01 16 ¶15
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 14) Mateo 27:1, 2, 27-37
Kwasida, April 21
Yesu yi na Onyankopɔn anyan no.—Aso. 2:32.
Yesu te “ase daa daa” wɔ soro, na ɔrenhu porɔwee da. (Adi. 1:5, 18; Rom. 6:9; Kol. 1:18; 1 Pet. 3:18) Ná Yesu ahyɛ n’asomafo anokwafo no bɔ sɛ wɔne no bedi ade wɔ soro. (Luka 22:28-30) Paulo kae sɛ “wɔanyan Kristo afi awufo mu sɛ wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no aba a edi kan.” Paulo toaa so sɛ afoforo nso wɔ hɔ a wobenyan wɔn ama wɔakɔ soro. Ɔkae sɛ: “Obiara ne ne gyinabea: Kristo ne aba a edi kan no, ansa na wɔn a wɔyɛ Kristo dea no adi hɔ wɔ ne mmae mu.” (1 Kor. 15:20, 23) Yɛatena Yesu “mmae” a ɔhyɛɛ ho bɔ no mu fi afe 1914. Saa bere no ara mu na yɛda so te yi, na wei kyerɛ sɛ, seesei wiase bɔne no awiei abɛn paa. w17.12 10 ¶11; 11 ¶14-16
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 15) Mateo 27:62-66 (Nsɛm a esisii bere a owia akɔtɔ: Nisan 16) Mateo 28:2-4
Dwoda, April 22
Me ara na mɛkyekye mo werɛ.—Yes. 51:12.
Yehowa, ahummɔbɔ Agya no ankasa nso ahwere adɔfo. Wɔn mu bi ne Abraham, Isak, Yakob, Mose, ne Ɔhene Dawid. (Num. 12:6-8; Mat. 22:31, 32; Aso. 13:22) Onyankopɔn Asɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa ani agyina n’adɔfo yi, na ɔrehwɛ kwan denneennen sɛ da no bedu ama wanyan wɔn aba nkwa mu bio. (Hiob 14:14, 15) Sɛ wɔba a, wɔn ani begye na wɔanya apɔwmuden. Momma yɛnkae nso sɛ, Onyankopɔn Ba a ɔdɔ no paa na ‘ɔpɛ n’asɛm yiye’ no wui yayaayaw. (Mmeb. 8:22, 30) Ɛyaw a Yehowa faa mu deɛ, yɛrennya nsɛm mpo na yɛde akyerɛ mu. (Yoh. 5:20; 10:17) Yebetumi anya ahotoso paa sɛ Yehowa bɛboa yɛn. Enti sɛ yɛredi awerɛhow anaa yɛrefa yaw bi mu a, ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛbɔ no mpae na yɛaka ne nyinaa akyerɛ no. Sɛ yehu sɛ yaw a yɛrefa mu nyinaa, Yehowa nim na ɔkyekye yɛn werɛ a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam paa!—2 Kor. 1:3, 4. w17.07 13 ¶3-5
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 16) Mateo 28:1, 5-15
Benada, April 23
Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho.—Heb. 6:10.
Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii aba nokware som mu, na wɔn koma aka wɔn ama wɔde wɔn ‘ahonyade’ reboa Yehowa honhom fam asɔrefie kɛse no. Wɔn ahonyade no bi ne wɔn bere, wɔn ahoɔden, ne wɔn ahode. (Mmeb. 3:9) Yɛn nso, adwuma a yɛyɛ ne ɔdɔ a yɛda no adi kyerɛ Yehowa no, ne werɛ remfi da. Nea yɛayɛ wɔ nokware som mu wɔ nna a edi akyiri yi mu nyinaa no, ɛyɛ adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa rehyira yɛn, na Kristo na odi yɛn anim. Yɛwɔ ahyehyɛde a etim hɔ daa no mu. Enti ma w’ani nsɔ sɛ woka Yehowa nkurɔfo ho, na ‘tie Yehowa wo Nyankopɔn.’ (Sak. 6:15) Sɛ woyɛ saa a, yɛn Hene ne Ɔsɔfo Panyin no bɛkɔ so abɔ wo ho ban. Yɛ nea wubetumi biara fa boa nokware som. Woyɛ saa a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ asafo Yehowa bɛbɔ wo ho ban wɔ wiase yi nna a aka mu, na ɔbɛyɛ saa afebɔɔ! w17.10 30 ¶18-19
Wukuda, April 24
Momfa ahonyade a ɛnteɛ so nnya nnamfo, na sɛ ɛsa a, wɔagye mo akɔ daa tenabea.—Luka 16:9.
Ɛrenkyɛ, Satan wiase no nyinaa bɛsɛe. Amammui nhyehyɛe oo, nyamesom ahyehyɛde oo, aguadi nhyehyɛe oo, ne nyinaa bɛsɛe. Efi teteete nyinaa, sika ne dwetɛ na nkurɔfo de di gua. Yehowa adiyifo Hesekiel ne Sefania ka too hɔ sɛ saa nneɛma no so remma mfaso biara. (Hes. 7:19; Sef. 1:18) Sɛ aka kakra ama yɛawu, na yehu sɛ yɛabiri yɛn mogya ani apɛ “ahonyade a ɛnteɛ” pii agu hɔ nanso yenni ahonyade a ɛnsɛe da a, yɛbɛte nka sɛn? Ɛbɛyɛ sɛ ɔbarima bi a ɔyɛɛ adwuma ne nkwa nna nyinaa de boaboaa sika ano guu hɔ, nanso ewiee ase no sɛɛ na sika a waboaboa ano no nyinaa yɛ daadaakra anaa sika bɔne. (Mmeb. 18:11) Nokwasɛm ne sɛ, nea ebesi biara, “ahonyade a ɛnteɛ” no bɛsa. Enti hokwan a woanya sɛ wode ‘bɛfa nnamfo’ wɔ soro no, mma ɛmmɔ wo. Biribiara a yɛbɛyɛ ama Yehowa Ahenni no anya nkɔso no bɛma yɛayɛ adefo wɔ honhom fam. w17.07 11 ¶16
Yawda, April 25
Munsuasua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo, na monkɔ so nnantew ɔdɔ mu sɛnea Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maa mo.—Efe. 5:1, 2.
Kristofo bi a wɔayɛ bɔne a emu yɛ duru yɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkata so. Nea enti a wɔyɛ saa ne sɛ wɔmpɛ sɛ wɔn anim begu ase anaa wɔbɛma afoforo adi yaw. (Mmeb. 28:13) Nanso obi yɛ saa a, ɛnkyerɛ ɔdɔ, efisɛ epira nea wayɛ bɔne no ankasa ne afoforo. Ebetumi ama Onyankopɔn ayi ne honhom afi asafo no so na asɛe asafo no asomdwoe. (Efe. 4:30) Sɛ Kristoni bi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɔdɔ kann bɛma wabɔ mpanyimfo no amanneɛ na ama mpanyimfo no atumi aboa no. (Yak. 5:14, 15) Suban papa nyinaa, ɔdɔ na ɛyɛ mu kɛse. (1 Kor. 13:13) Ɔdɔ na ɛma nnipa nyinaa hu sɛ yɛyɛ Yesu akyidifo, na yesuasua Yehowa a Ɔno na ɔdɔ fi no no. Paulo kae sɛ, “Minni dɔ a, mensɛ hwee.” (1 Kor. 13:2) Momma yɛnkɔ so nna ɔdɔ adi; ɛnsɛ sɛ yɛka no yɛn “ano” kɛkɛ, na mmom momma “yɛnyɛ no nneyɛe ne nokware mu.”—1 Yoh. 3:18. w17.10 11 ¶17-18
Fida, April 26
Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.—Aso. 5:29.
Yɛnhwɛ akokoduru a Yosef daa no adi bere a na Potifar yere pɛ sɛ ɔne no bɔ aguaman no. Ɛbɛyɛ sɛ na Yosef nim sɛ sɛ ɔne ɔbea no anna a, na obetumi ama wɔakum no mpo. Wei mpo amma Yosef annyae ne ho amma ɔbea no, na mmom onyaa akokoduru guanee. (Gen. 39:10, 12) Obi a ɔno nso daa akokoduru adi ne Rahab. Bere a Israel akwansrafo kɔɔ ne fie wɔ Yeriko no, onyaa akokoduru de mmarima mmienu no siei, na ɔboaa wɔn ma woguanee a bɔne biara anto wɔn. (Yos. 2:4, 5, 9, 12-16) Bere a Sadukifo no sɔre tiaa asomafo anokwafo a wohuu akokoduru a Yesu daa no adi no, wɔannyae Yesu din mu a na wɔrekyerɛkyerɛ no. (Aso. 5:17, 18, 27-29) Yosef, Rahab, Yesu, ne asomafo no sii wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ. Akokoduru a wonyae no nkyerɛ sɛ na wogye wɔn ho di dodo. Mmom Yehowa na wɔde wɔn ho too no so. Yɛn nso ɛtɔ da a yehyia tebea bi a ehia sɛ yenya akokoduru. Ɛnsɛ sɛ yegye yɛn ho di, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so.—2 Tim. 1:7. w17.09 29 ¶6-9
Memeneda, April 27
Munyi nipasu dedaw no ne ne nneyɛe ngu.—Kol. 3:9.
Yɛn ankasa yentumi nyi nipasu dedaw no ngu; ɛboro yɛn ahoɔden so. Wɔn a wɔyɛɛ saa no, mpɛn pii no, wɔyeree wɔn ho paa ansa na wɔretumi agyae wɔn subammɔne no. Wɔmaa tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu ne ne honhom kronkron yɛɛ wɔn koma ne wɔn adwene mu adwuma. Ɛno boaa wɔn ma wotumi dii wɔn subammɔne so. (Luka 11:13; Heb. 4:12) Ɛsɛ sɛ yɛkenkan Bible da biara dwinnwen ho, na yɛbɔ mpae hwehwɛ nyansa ne akokoduru a ɛbɛma yɛatumi de Bible mu afotu abɔ yɛn bra. Yɛyɛ saa a, tumi a ɛwɔ Bible mu no bɛboa yɛn. (Yos. 1:8; Dw. 119:97; 1 Tes. 5:17) Afei nso, sɛ yesua ade ansa na yɛakɔ asafo nhyiam a, Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom kronkron bɛboa yɛn. (Heb. 10:24, 25) Bio, honhom fam aduan a wɔnam akwan horow so de ma Onyankopɔn nkurɔfo wɔ wiase nyinaa nnɛ no, momma yɛmmɔ mmɔden sɛ yebenya so mfaso. (Luka 12:42) Ɛsɛ sɛ Kristofo yi nipasu dedaw no gu, nanso ɛnyɛ ɛno nko ara ne ade a ehia sɛ yɛyɛ na ama yɛanya Onyankopɔn anim dom. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ nipasu foforo no nso.—Kol. 3:10. w17.08 21 ¶16-17
Kwasida, April 28
Me de, w’adɔe so na mede me ho ato; ma me koma ani nnye wo nkwagye mu.—Dw. 13:5.
Wobuu Ɔhene Dawid ntɛnkyea mpɛn pii. Bere a ɔyɛ abofra no, Yehowa sraa no sɛ daakye ɔno na ɔbɛyɛ Israel hene. Nanso, Dawid twɛnee bɛyɛ mfe 15 ansa na ɔrebedi ade wɔ n’abusuakuw mu. (2 Sam. 2:3, 4) Saa bere no, Ɔhene Saul a wanni nokware no tuu n’ani sii Dawid so, na na ɔpɛ no akum no. Dawid kyinkyinii sɛ ɔkobɔfo. Ná otumi kopue obi man so. Ɛtɔ da nso a, wobɛhwɛ na wakɔtena abodan mu wɔ sare so. Bere a Saul wui wɔ ɔko mu mpo no, na ɛsɛ sɛ Dawid kɔ so twɛn bɛyɛ mfe nson ansa na watumi adi Israel man no nyinaa so hene. (2 Sam. 5:4, 5) Adɛn nti na Dawid tɔɔ ne bo ase twɛnee? Ná Dawid wɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛda adɔe adi akyerɛ no. Ɔde anigye hwɛɛ kwan sɛ Yehowa begye no, na nneɛma pa a Yehowa yɛ maa no no, odwinnwen ho. (Dw. 13:6) Enti, Dawid hui sɛ mfaso wɔ so sɛ ɔbɛtwɛn. w17.08 6 ¶14-15
Dwoda, April 29
Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim.—Aso. 10:34.
Bere rekɔ so no, kasa sesa. Nea nsɛmfua ne nsɛm bi kyerɛ tumi sesa koraa. Kasa a wɔde kyerɛw Bible no fã kɛse no ara ne Hebri ne Hela kasa; ɛno nso asesa. Hebri ne Hela kasa a wɔka nnɛ no, ɛnyɛ ɛno koraa na na wɔka no Bible mmere mu. Enti ɛkame ayɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔte Onyankopɔn Asɛm ase no, nea wɔakyerɛ ase na ɔbɛkenkan; wɔn a wonim Hebri anaa Hela kasa a wɔka no nnɛ mpo ka ho. Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ, ɛsɛ sɛ wosua Hebri ne Hela kasa a na wɔka no tete no na ama wɔakenkan Bible wɔ kasa a wodii kan de kyerɛwee no mu. Nanso sɛnea wɔn adwene yɛ wɔn no, ebia wɔrennya so mfaso saa. Anigyesɛm ne sɛ, ɛnnɛ wɔakyerɛ Bible mũ no nyinaa anaa ne fã bi ase kɔ kasa bɛyɛ 3,000 mu. Wei ma yehu sɛ Yehowa pɛ sɛ nkurɔfo a wofi ‘aman ne mmusuakuw ne kasa nyinaa’ mu nya n’Asɛm no bi kenkan te ase. (Adi. 14:6) Wei nka wo mmɛn yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ na ɔnhwɛ nnipa anim anaa ɔnyɛ nyiyim no? w17.09 19 ¶4
Benada, April 30
Nea ɔkora n’ano no wɔ nimdeɛ, na nhumufo honhom dwo.—Mmeb. 17:27.
Sɛ wɔatu wo busuani bi a, ehia sɛ wohyɛ wo ho so na wo ne no ammɔ, gye sɛ asɛm bi a ɛho hia paa asɔre. Sɛ yenim sɛ nea yɛreyɛ no, saa na Onyankopɔn pɛ na yɛredi ne mmara so a, ɛrenyɛ den sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho so. Nhwɛso baako paa ne nea Ɔhene Dawid yɛe no. Ná Dawid wɔ tumi paa nanso bere a Saul ne Simei hyɛɛ no abufuw no, wamfa mmara no anhyɛ ne nsam. (1 Sam. 26:9-11; 2 Sam. 16:5-10) Wei nkyerɛ sɛ Dawid tumi hyɛɛ ne ho so bere nyinaa. Nea ɛma yehu saa ne bɔne a ɔne Bat-Seba yɛe ne sɛnea odii kan yɛɛ n’ade bere a Nabal yɛɛ pɛsɛmenkominya no. (1 Sam. 25:10-13; 2 Sam. 11:2-4) Nanso yebetumi asua biribi pa afi Dawid hɔ. Nea edi kan, ehia sɛ ahwɛfo a wɔwɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu hwɛ yiye paa sɛ wobedi wɔn ho so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfa tumi a wɔwɔ no nni dwuma ɔkwammɔne so. Nea ɛto so mmienu, ɛnsɛ sɛ obiara gye ne ho di dodo sɛ ɔno deɛ sɔhwɛ biara rentumi no.—1 Kor. 10:12. w17.09 5-6 ¶12-13