September
Kwasida, September 1
‘Montete mo mma wɔ Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.’—Efe. 6:4.
Hokwan kɛse pa ara baako a awofo a wɔyɛ Kristofo wɔ ne sɛ wɔde “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ” bɛtete wɔn mma. (Dw. 127:3) Tete Israel man no yɛ ɔman a na wɔahyira so ama Yehowa, enti wɔwo abofra bi to ɔman no mu a, na wahyira ne ho so dedaw. Nanso ɛnnɛ, awofo a wɔyɛ Kristofo nwo wɔn mma ngu ɔman a wɔahyira so mu. Bio, ɔdɔ a yebenya ama Onyankopɔn ne nokware no ho anigye a yebenya nso, wɔmfa nwo yɛn. Ɛnnɛ, sɛ awofo nya wo wɔn ba pɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde yɛ wɔn botae sɛ wɔbɛtete no ama wabɛyɛ osuani. Enti ɛsɛ sɛ wɔboa abofra no ma ohyira ne ho so bɔ asu bɛyɛ Yehowa somfo. Biribi wɔ hɔ a ɛho hia sen wei anaa? Nea ɛwom ne sɛ, sɛ obi hyira ne ho so bɔ asu na ɔsom Onyankopɔn nokwarem a, ɛno na ɛbɛma wɔahyɛ no agyirae ama nkwagye wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu. (Mat. 24:13) Awofo, sɛ muhu sɛ mo mma ahyira wɔn ho so abɔ asu abɛyɛ Yehowa asomfo a, mo nso mo ani betumi agye na moanya abotɔyam. w18.03 12 ¶16-17
Dwoda, September 2
Ma w’ani mmra wo ho ne wo nkyerɛkyerɛ so bere nyinaa.—1 Tim. 4:16.
Wɔn a wɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa Kyerɛwnsɛm no nteɛ afoforo so nyinaa; sɛ́ ɛyɛ abusua mu anaa asafo mu no, eye sɛ wobesuasua Kristo. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ Onyankopɔn ne ne Ba no nwene wɔn. Sɛ yegye Yehowa nteɛso tom na yesuasua ɔne Yesu bere a yɛde nteɛso rema a, nhyira a yebenya deɛ, sɛ yɛse yɛbɛka a adagyew bɛbɔ yɛn. Anyɛ hwee koraa no, mmusua ne asafo no benya asomdwoe. Obiara bɛte nka sɛ n’abusua ne asafo no dɔ no, ne so wɔ mfaso, na ɔwɔ akomatɔyam. Wei yɛ nhyira a ɛbɛba daakye no ho mpopoe. (Dw. 72:7) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa nteɛso ma yehu sɛnea yɛbɛbom atena ase daa wɔ asomdwoe mu sɛ abusua baako a yɛn Agya ne Yehowa. Sɛ yɛka saa a, ɛnyɛ sɛ yɛrehaahaa yɛn ani aka asɛm. (Yes. 11:9) Sɛ yɛhwɛ Onyankopɔn nteɛso wɔ saa kwan yi so a, ɛbɛma yɛahu nea nteɛso kyerɛ: sɛ́ ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn ankasa. w18.03 26 ¶15; 27 ¶17, 19
Benada, September 3
Ɔbɔɔ nkurɔfo asu wɔ Asubɔnten Yordan mu, na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne pefee.—Mat. 3:6.
Nkurɔfo a wɔmaa Yohane bɔɔ wɔn asu no yɛɛ saa de kyerɛe sɛ wɔanu wɔn ho anaa wɔasakra wɔn adwene sɛ wobuu Mose Mmara no so. (Mat. 3:1-6) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, asubɔ a ɛho hia sen biara a Yohane bɔe no, na ɛmfa adwensakra ho. Yohane nyaa hokwan soronko bɔɔ Yesu asu, Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ no. (Mat. 3:13-17) Ná bɔne nni Yesu ho, enti na enhia sɛ ɔsakra n’adwene wɔ biribiara ho. (1 Pet. 2:22) Yesu bɔɔ asu de kyerɛe sɛ ɔde ne ho rema sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. (Heb. 10:7) Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no, n’asuafo no nso bɔɔ nkurɔfo asu. (Yoh. 3:22; 4:1, 2) Asu a asuafo no bɔe no, na ɛte sɛ Yohane deɛ no. Saa nkurɔfo no yɛɛ saa de kyerɛe sɛ wɔanu wɔn ho sɛ wobuu Mose Mmara no so. Nanso Yesu wui na ɔsɔree akyi no, biribi foforo koraa nti na wɔn a wobedii Yesu akyi no bɔɔ asu. w18.03 5 ¶6-7
Wukuda, September 4
Nea Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan de, ɔkari biribiara hwɛ.—1 Kor. 2:15.
Sɛ yɛka sɛ ‘Onyankopɔn honhom kyerɛ obi kwan’ a, ɛkyerɛ sɛn? Obi a Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan dwen ɔne Onyankopɔn abusuabɔ ho. Nanso, onipa a odi n’akɔnnɔ akyi nte saa. Nnipa a wɔdɔ Yehowa bɔ mmɔden sɛ ‘wobesuasua Onyankopɔn.’ (Efe. 5:1) Wei kyerɛ sɛ, wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya Yehowa adwene, na ama wɔde Yehowa adwene asusuw nneɛma ho. Saa nkurɔfo no gye di paa sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Nnipa a Onyankopɔn honhom kyerɛ wɔn kwan bɔ mmɔden sɛ wɔde Yehowa akwankyerɛ bɛyɛ adwuma wɔ biribiara mu; wɔnte sɛ nnipa a wɔwɔ honam adwene no. (Dw. 119:33; 143:10) Onipa a Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan mfa ne ho nhyɛ ɔhonam nnwuma mu, na mmom ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsow “honhom no aba.” (Gal. 5:22, 23) Hwɛ saa mfatoho yi, na ɛbɛma woahu “onipa a Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan” yiye. Sɛ obi nim aguadi a, yɛfrɛ no oguadini. Saa ara na sɛ obi mfa ne som nni agorɔ a, yebetumi aka sɛ Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan. w18.02 19 ¶3, 6
Yawda, September 5
Daniel, ɔbarima a wɔpɛ w’asɛm paa.—Dan. 10:11.
Ná Daniel yɛ akoa wɔ Babilon. Babilon yɛ kurow a na ahonisom ne ahonhonsɛmdi ahyɛ mu mã. Afei nso, na Babilonfo mmu Yudafo, na na wodi wɔne wɔn Nyankopɔn Yehowa ho fɛw. (Dw. 137:1, 3) Ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm yi yɛɛ Yudafo anokwafo te sɛ Daniel yaw paa! Ankyɛ koraa na aduan a Daniel bedi ne nsã a ɔbɛnom mpo ho baa asɛm, efisɛ na ɔmpɛ sɛ ɔde ‘ɔhene nnuan ne ne nsã a ɔnom no gu ne ho fĩ.’ (Dan. 1:5-8, 14-17) Ade foforo wɔ hɔ a na ebetumi ayɛ ɔhaw ama Daniel, nanso na ɛte sɛ nea ɛnyɛ ɔhaw biara. Ná ɔwɔ nimdeɛ soronko, na ɛno ma onyaa hokwan titiriw bi. (Dan. 1:19, 20) Nanso sɛ́ anka ɔbɛyɛ ahantan na wanya adwene sɛ nea ɔbɛka na ɛsɛ sɛ afoforo tie no, ɔbrɛɛ ne ho ase, na nea ɔyɛe biara ɔde ho anuonyam maa Yehowa. (Dan. 2:30) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa bɔɔ Daniel din kaa Noa ne Hiob ho sɛ wɔyɛ treneefo a ɛfata sɛ yesuasua wɔn. Saa bere no, na Daniel da so ara yɛ aberante. (Hes. 14:14) Ná Onyankopɔn wɔ Daniel mu ahotoso. Ɔmaa Onyankopɔn nsa sii fam anaa? Dabida! Daniel kɔɔ so dii nokware, na ɔyɛɛ osetie kosii ne wuda. w18.02 5 ¶11-12
Fida, September 6
Lewi tow pon kɛse bi wɔ ne fie maa [Yesu].—Luka 5:29.
Yesu ma yehuu sɛnea yebenya anigyede ho adwene a ɛfata paa. Ɔkɔɔ ‘ayeforohyia bi’ ne ‘apontow kɛse bi’ ase. (Yoh. 2:1-10) Ayeforohyia no ase no, Yesu yɛɛ anwonwade bi maa nsu danee nsã. Nea ɛbae ne sɛ, nsã a na wɔde resom ahɔho no sae. Nanso Yesu amfa ne ho anhyɛ anigyede mu fee. Ɔde Yehowa dii kan wɔ n’asetenam, na ɔyɛɛ nea obetumi biara boaa afoforo. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye nnipa pii nkwa no, ɔmaa kwan ma wokum no yayaayaw wɔ dua so. Yesu ka kyerɛɛ wɔn a na wɔpɛ sɛ wodi n’anammɔn akyi no sɛ: “Anigye ne mo sɛ me nti nkurɔfo bɔ mo ahohora na wɔtaa mo na wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so. Momma mo ani nnye na munni ahurusi, efisɛ mo akatua sõ wɔ soro.” (Mat. 5:11, 12) Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn paa a, yɛbɛtwe yɛn ho afi anigyede biara a yenim sɛ ɛnsɔ n’ani ho. Saa ara nso na anigyede biara a yesusuw sɛ n’ani rennye ho no, yɛbɛtwe yɛn ho afi ho.—Mat. 22:37, 38. w18.01 26 ¶16-18
Memeneda, September 7
Sɛ obi gyigye n’akoa so fi ne mmofraase a, akyiri nna mu no ɔbɛyɛ bonniayɛfo.—Mmeb. 29:21.
Ɔdɔ ne anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa nti na yɛyɛ biribi ma no. Sɛ yedwinnwen biribiara a Yehowa ayɛ ama yɛn ho a, ɛboro yɛn adwene ne yɛn ntease so. Ɔhene Dawid kae sɛ biribiara a yɛwɔ no fi Yehowa hɔ. Enti nneɛma a Yehowa de ama yɛn dedaw no, ɛno bi na yɛsan de ma no. (1 Be. 29:11-14) Yɛkyɛ ade a, yenya so mfaso. Eye sɛ yebeyi yɛn yam akyɛ ade, na ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan bere nyinaa sɛ afoforo mmom bɛkyɛ yɛn ade. Yɛmfa no sɛ awofo bi ama wɔn ba sika bi; sika no nnɔɔso deɛ, nanso abofra no de bi atɔ biribi akyɛ awofo no. Wo deɛ, hwɛ sɛnea n’awofo no ani bɛsɔ akyɛde no! Yɛnhwɛ aberante anaa ababaa bi a ɔyɛ ɔkwampaefo a ɔne n’awofo te. Ɔma n’awofo sika bi sɛ wɔmfa ntew ɛka a wɔbɔ wɔ fie so. Ɛwom sɛ ebia n’awofo no nhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ biribi a ɛte saa deɛ, nanso ebia awofo no begye saa akyɛde no. Efisɛ ɛyɛ ɔkwan a wɔn ba no refa so akyerɛ sɛ n’ani sɔ nea wɔyɛ ma no nyinaa. Yehowa nso nim sɛ, sɛ yɛde yɛn ahonyade kyɛ afoforo a, yenya so mfaso. w18.01 18 ¶4, 6
Kwasida, September 8
Fa nkwa na wo ne w’asefo anya nkwa.—Deut. 30:19.
Ɛnyɛ nea ehia ara ne sɛ wobɛka akyerɛ wo mma sɛ, wei yɛ papa, wei yɛ bɔne. Ɛbɛyɛ papa nso sɛ wobɛboa wɔn ama wɔasusuw nsɛmmisa te sɛ nea edidi so yi ho: ‘Adɛn nti na Bible bara nneɛma bi a etumi kanyan yɛn akɔnnɔ? Dɛn na ɛma migye di sɛ, sɛ mede Bible nnyinasosɛm bɔ me bra bere nyinaa a, ebesi me yiye?’ (Yes. 48:17, 18) Sɛ wo ba pɛ sɛ ɔbɔ asu a, boa no ma onhu sɛ biribi foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ osusuw ho. Ɛsɛ sɛ ohu sɛ onya bɛyɛ Kristoni a, asɛyɛde bɛba abɛda no so. Bisa no sɛ, ɔte nka sɛn wɔ saa asɛyɛde no ho? Mfaso bɛn na obenya? Nneɛma bɛn na ɔde bɛbɔ afɔre? Adɛn nti na mfaso a obenya no dɔɔso sen nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre no koraa? (Mar. 10:29, 30) Wei nyinaa yɛ nneɛma bi a wubetumi ahu wɔ w’asubɔ akyi. Enti ansa na wobɛbɔ asu no, ɛho hia paa sɛ wususuw saa nsɛm yi ho yiye efisɛ asubɔ yɛ aniberesɛm. Sɛ wɔboa mmofra ma wodwinnwen weinom ho pa ara a, ebetumi ayɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔn ankasa begye nea wɔresua no adi. Wobehu sɛ, sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma bere nyinaa a, ɛbɛboa wɔn. w17.12 21 ¶14-15
Dwoda, September 9
Ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn.—Yes. 40:26.
Yɛn nuanom mmarima ne mmea a yɛdɔ wɔn no pii wɔ hɔ a, yare a emu yɛ den reteetee wɔn. Afoforo nso, wɔn ani afi, nanso wɔrehwɛ wɔn abusuafo a wɔabɔ nkwakoraa ne mmerewa. Ebinom nso deɛ, ɛnyɛ nneɛma akɛse na wɔrehwehwɛ, na mmom nneɛma kakra a wɔn abusua hia mpo, ɛyɛ den sɛ wobenya. Yenim sɛ yɛn mu pii wɔ hɔ a, ɛnyɛ emu baako pɛ na ɛreteetee yɛn seesei, na mmom nea ɛboro saa! Sɛ abɔde a nkwa nnim mpo Yehowa ani kũ ho a, ɛnde wo a wosom no no, hwɛ sɛnea n’ani bekũ wo ho afa! Ɔdɔ a wodɔ Yehowa nti na wosom no, na ɛnyɛ sɛ ɔhyɛ wo sɛ som no. (Dw. 19:1, 3, 14) Yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no nim wo yiye paa. Bible ka sɛ: “Mo ti so nhwi koraa wakan.” (Mat. 10:30) Odwontofo no nso ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Yehowa nim wɔn a wodi mũ no nkwa nna,” anaa onim nea wɔrefa mu. (Dw. 37:18) Nokwasɛm ne sɛ, onim sɔhwɛ biara a worefa mu, na obetumi ahyɛ wo den ama woagyina emu biara ano. w18.01 7 ¶1; 8 ¶4
Benada, September 10
Tabita, sɔre!—Aso. 9:40.
Obiara antumi annye nyan a Petro nyan Tabita no ho kyim, na ɛmaa nnipa “bebree begyee Awurade dii.” Ná asuafo foforo yi betumi adi Awurade ho adanse akyerɛ nkurɔfo na wɔama wɔahu nso sɛ Yehowa tumi nyan awufo. (Aso. 9:36-42) Ebinom nso de wɔn ani huu owusɔre foforo. Bere bi, na ɔsomafo Paulo ne nkurɔfo ahyiam wɔ abansoro dan bi mu wɔ Troa. Turkey atifi fam atɔe ɛnna kan no na wɔfrɛ no Troa no. Paulo kasae araa kosii anadwo dasum. Ná aberante bi a wɔfrɛ no Eutiko te mfɛnsere ano retie asɛm no. Nanso ɔtɔɔ nko dae, na ofii abansoro dan a ɛto so mmiɛnsa no so bɛhwee fam. Ebia oduruyɛfo Luka na odii kan kɔɔ Eutiko nkyɛn kɔhwɛɛ nea ayɛ no: Ná ɛnyɛ sɛ Eutiko apira atɔre mum, mmom na wawu! Paulo si kɔɔ fam kobutuw amu no so, na afei ɔkaa asɛm bi ma ɛyɛɛ obiara nwonwa. Ɔkae sɛ: “Ne kra wɔ ne mu.” Wo deɛ, hwɛ sɛnea ɛbɛka wɔn a wɔde wɔn ani hui no koma paa! Esiane sɛ na wonim sɛ aberante no awu na afei wanya owusɔre nti, “wɔn werɛ kyekye boroo so.”—Aso. 20:7-12. w17.12 5 ¶10-11
Wukuda, September 11
Mommra mmɛhwɛ Yehowa nnwuma.—Dw. 46:8.
Adesamma anya ɔkwan a wɔbɛfa so ayi ɔhaw a atena adesamma so fi teteete no afi hɔ anaa? Wɔda so ara sua akodi. Nsɛmmɔnedi te sɛ Intanɛt so apoobɔ, ateetee ne basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ abusua mu, ne amammɔesɛm kɔ ara na ɛrekɔ anim. Na owuyare abu so. Ɛnnɛ, nnipa a wɔyɛ pɛsɛmenkominya na edi sikasɛm ne amanyɔsɛm nhyehyɛe so. Yehu pefee sɛ saa nnipa yi rentumi nyi akodi, nsɛmmɔnedi, yare, ne ohia mfi hɔ. Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi ayɛ saa. Yɛnhwɛ nea Yehowa bɛyɛ ama adesamma. Akodi: Onyankopɔn Ahenni beyi biribiara a ɛde akodi ba afi hɔ; ebi ne pɛsɛmenkominya, kɛtɛasehyɛ ne nyansakorɔn, ɔman ho dɔ, atoro som, ne Satan ankasa. (Dw. 46:9) Nsɛmmɔnedi: Ɛnnɛ mpo, Onyankopɔn Ahenni rekyerɛkyerɛ nnipa ɔpepem pii ama wɔadɔ wɔn yɔnko nnipa na wɔanya wɔn mu ahotoso. Aban biara nni hɔ a ebetumi ayɛ saa. (Yes. 11:9) Yare: Yehowa behyira ne nkurɔfo na yare a ɛde yare deɛ, ebi remmɔ wɔn da. (Yes. 35:5, 6) Ohia: Yehowa betu ohia ase, na ɔbɛma ne nkurɔfo anya asetena pa na wɔne ne ntam ayɛ kama.—Dw. 72:12, 13. w17.11 23-24 ¶14-16
Yawda, September 12
‘Worenni mogya ho fɔ.’—Deut. 19:10.
Ade baako paa nti a na guankɔbea nkurow no wɔ hɔ ne sɛ ɛbɛbɔ Israelfo no ho ban na wɔanni mogya ho fɔ. Nkwa ho hia Yehowa paa, na okyi “nsa a ehwie mogya a edi bem gu.” (Mmeb. 6:16, 17) Onyankopɔn bu atɛntrenee na ɔyɛ kronkron, enti sɛ obi kum obi na wanhyɛ da mpo a, na ɔrentumi nyɛ nhwɛhãã. Akyerɛwfo ne Farisifo no, na wɔnte sɛ Yehowa, efisɛ na wommu afoforo nkwa. Adɛn nti na yɛreka saa? Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ankasa moankɔ mu, na wɔn a wɔrekɔ mu no nso musiw wɔn kwan!” (Luka 11:52) Saa nkurɔfo no na na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm no mu na wɔboa afoforo ma wɔfa ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so. Nanso woyii nkurɔfo adwene fii Yesu a ɔyɛ “nkwa Safohene no” so mmom, na wɔma wɔkɔfaa ɔkwan a ɛde wɔn bɛkɔ ɔsɛe pasaa mu so. (Aso. 3:15) Akyerɛwfo ne Farisifo no, na wɔyɛ ahantan ne pɛsɛmenkominya; ná afoforo nkwa ne wɔn yiyedi ho nhia wɔn ahe biara. Wei ma yehu sɛ na wɔn tirim yɛ den, na na wonni ahummɔbɔ koraa! w17.11 15 ¶9-10
Fida, September 13
‘Obiara a ɔbɛma n’ani awu me ho no, ɔno nso ho bɛyɛ onipa Ba no aniwu.’—Mar. 8:38.
Bere a yɛne Yehowa Adansefo fii ase suaa ade no, ebia yɛanka ankyerɛ yɛn abusuafo. Nanso bere a yɛn gyidi reyɛ kɛse no, yehui sɛ ehia sɛ yɛka nea yɛresua no ho asɛm kyerɛ wɔn. Gyinae a woasi sɛ wobɛsom Yehowa no akɔfa ɔhaw aba wo ne w’abusuafo a wɔnyɛ Adansefo ntam a, bɔ mmɔden sɛ wobɛte wɔn ase. Nokware a ɛwɔ Bible mu a yɛahu nti, ebia yɛn ani begye mmoroso. Nanso ebia yɛn abusuafo benya adwene sɛ gyama wɔadaadaa yɛn anaa yɛde yɛn ho rekɔhyɛ sum ase kuw bi mu. Ebia wɔn adwene bɛyɛ wɔn sɛ yɛnnɔ wɔn bio efisɛ yɛne wɔn nni afahyɛ ahorow bio. Ebi mpo a wosuro sɛ yewu a, Onyankopɔn bɛtwe yɛn aso. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden te wɔn ase na yehu nneɛma sɛnea wohu no na yetie wɔn yiye hu nea ɛhaw wɔn. (Mmeb. 20:5) Ɔsomafo Paulo bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛte “nnipa ahorow nyinaa” ase sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi aka asɛmpa no akyerɛ wɔn. Yɛn nso, yebetumi asuasua no.—1 Kor. 9:19-23. w17.10 15 ¶11-12
Memeneda, September 14
Monto dwom mma Yehowa.—Dw. 96:1.
Ebia yennim nnwom to, enti ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛto nnwom. Nanso, nyansahyɛ bi wɔ hɔ a yɛde yɛ adwuma a ebetumi aboa yɛn ama yɛato nnwom yiye. Sɛ wotwe mframa kɔ wo mu yiye a, wubehu sɛnea wobɛma wo nne so ato nnwom den. Sɛ yɛrekasa anaa yɛreto nnwom na yɛtwe mframa kɔ yɛn mu a, ɛma yenya ahoɔden de to nnwom no te sɛ nea anyinam ahoɔden ma bɔlb sɔ no. Sɛ woreto nnwom a, ɛsɛ sɛ woto no den sɛnea worekasa a woyɛ no, anaa mpo wobɛto no den asen sɛnea wokasa. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ Yehowa asomfo reto dwom ayi no ayɛ a, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ ɛtɔ da a ‘wonni ahurusi.’ (Dw. 33:1-3) Sɔ nea edi so yi hwɛ: Hwɛ yɛn nnwom nhoma no mu na paw nnwom a ɛda wo koma so paa no baako. Fa ahotoso kenkan emu nsɛm no den. Afei, wofa dwom no fã bi a, fa ɛnne koro no ara kenkan kosi ansa na woahome. Wuwie a, fa ɛnne koro no ara to saa ɔfã no. (Yes. 24:14) Sɛ woyɛ saa a, wubetumi ato dwom no ma apue yiye. Wei bɛboa wo paa. Mma wo nne nhunahuna wo anaa mfɛre ho! w17.11 5-6 ¶11-13
Kwasida, September 15
Obiara a nokware Nyankopɔn kaa ne koma no, sɔree sɛ wɔresan akosi Yehowa fie a na ɛwɔ Yerusalem no.—Esra 1:5.
Kurow foforo a na Yudafo no rekɔtena mu no, ɛnyɛ dɛn ara a bere a wɔnam kwan so rekɔ nyinaa no, wɔde nnɔnhwerew pii bedwinnwen ho. Ná wɔate sɛ bere bi na Yerusalem yɛ fɛ paa. Sɛnea na asɔrefie no anuonyam te kan no, wɔn a na wɔn ani afi wɔ wɔn mu no bi hui. (Esra 3:12) Sɛ woka ho bi na wɔkɔe a, bere a w’ani bɔɔ Yerusalem so no, anka wobɛte nka sɛn? Bere a wuhuu adan a abubu a nwura agye afa no, anka wo werɛ bɛhow anaa? Anka Babilon afasu atenten a ɛyɛ den no, wode bɛtoto Yerusalem afasu a abubu no ho? Mmeae a na kurow apono ne awɛmfo aban hyehyɛ wɔ afasu no mu no, na adan ntokuru akɛse. Nanso wei ammu Yudafo no abam. Kwantenten a wotwa kɔɔ wɔn kurom no, wohui sɛ Yehowa bɔɔ wɔn ho ban na ɔboaa wɔn saa bere no nyinaa. Wodui no, ade a wodii kan yɛe ne sɛ wosii afɔremuka wɔ baabi a na asɔrefie no si no, na wofii ase bɔɔ afɔre maa Yehowa da biara.—Esra 3:1, 2. w17.10 26-27 ¶2-3
Dwoda, September 16
Nsuro, na mmɔ hu nso, na Yehowa Nyankopɔn . . . ka wo ho.—1 Be. 28:20.
Ɛbɛyɛ sɛ Solomon suaa akokoduru ho ade pii fii ne papa hɔ. Dawid daa akokoduru kɛse adi bere a ɔne ɔsraani tenten bi a ne ho yɛ den na ne ho yɛ hu koe no. Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn boaa Dawid ma ɔde ɔbo bi a ɛho akokwaw kum Goliat. (1 Sam. 17:45, 49, 50) Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ akyiri yi, Dawid hyɛɛ Solomon nkuran sɛ onnya akokoduru na onsi asɔrefie no. Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ Solomon sɛ Yehowa bɛka ne ho akosi sɛ obesi asɔrefie no awie koraa. Solomon werɛ amfi asɛm a ne papa ka kyerɛɛ no no; ɛtɔɔ ne koma so. Enti ɔkɔɔ so yɛɛ adwuma no ɛmfa ho sɛ na ɔyɛ abofra na onni osuahu pii no. Onyaa akokoduru kɛse kɔyɛɛ adwuma no, na Yehowa boaa no ma ɔde mfe nson ne fã sii asɔrefie kokuroo no wiei. Yehowa boaa Solomon, na obetumi aboa yɛn nso ama yɛanya akokoduru de ayɛ yɛn adwuma wɔ yɛn abusua mu ne asafo no mu. (Yes. 41:10, 13) Sɛ yɛde akokoduru som Yehowa a, yebetumi anya ahotoso sɛ obehyira yɛn nnɛ ne daakye. w17.09 28 ¶3; 29 ¶4; 32 ¶20-21
Benada, September 17
Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.—Heb. 4:12.
Yehowa nkurɔfo gye di paa sɛ Onyankopɔn Asɛm a ɔde ama nnipa no “wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.” Yɛn mu bebree ahu sɛ tumi a ɛwɔ Bible mu no asesa yɛn ankasa ne afoforo asetena. Ansa na yɛn nuanom mmarima ne mmea binom rebehu nokware no, na wɔbɔ korɔn, wɔnom nnubɔne, anaa wɔbɔ aguaman. Ná afoforo nso di yiye wɔ wiase yi mu, nanso wohui sɛ biribi nkɔ yiye wɔ wɔn asetena mu. (Ɔsɛnk. 2:3-11) Mpɛn pii na ada adi sɛ Bible tumi sesa nnipa. Aboa nnipa bi a na ayɛ sɛ wɔn anidaso asa ama wɔahu nkwa kwan no. Ebia woakenkan osuahu a ɛte saa a ɛba Ɔwɛn-Aban mu a wɔato din “Bible Tumi Sesa Nnipa” afã hɔ pii ama w’ani agye paa. Afei nso, woahu sɛ sɛ nkurɔfo sakra bɛyɛ Kristofo mpo a, ɛsɛ sɛ wɔma Kyerɛwnsɛm no boa wɔn ma wɔkɔ so hyɛ abusuabɔ a wɔne Yehowa wɔ no mu den. w17.09 23 ¶1
Wukuda, September 18
‘Yehowa mmɔborɔhunu nti, mmarima no soo ne nsa de no pue kɔɔ kurow no akyi.’—Gen. 19:16.
Saa asɛm a esii Lot asetenam no nkyerɛ sɛ Yehowa nim ateetee biara a ɛtɔ da a n’anokwafo fa mu anaa? (Yes. 63:7-9; Yak. 5:11; 2 Pet. 2:9) Yehowa ada ayamhyehye adi; wakyerɛkyerɛ ne nkurɔfo nso sɛ wɔnna saa suban pa no adi. Tete Israel no, sɛ obi kɔbɔ bosea a, na wogye ne ntama de si awowa. Yɛnhwɛ ɛho mmara a Yehowa de maa wɔn. (Ex. 22:26, 27) Sɛ nea ɔbɔɔ ohiani no bosea nni ayamhyehye a, ebia ɔbɛyɛ n’adwene sɛ obegye ohiani no ntama ama wada awɔw mu. Nanso, Yehowa kyerɛkyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔbɔ atirimɔden saa. Ná Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo nya ayamhyehye ma afoforo. Nnyinasosɛm a ɛwɔ saa asɛm yi mu no, ɛnka wo sɛ wo nso da ayamhyehye adi anaa? Sɛ yebetumi ayɛ biribi ama yɛn nuanom ho adwo wɔn a, yɛbɛtena hɔ ahwɛ ara ama wɔn ho akyere wɔn anaa?—Kol. 3:12; Yak. 2:15, 16; 1 Yoh. 3:17. w17.09 9 ¶4-5
Yawda, September 19
Agya fa firi wɔn efisɛ wonnim nea wɔreyɛ.—Luka 23:34.
Yesu bɔɔ mpae sɛ n’Agya mfa wɔn a wɔrekum no no bɔne nkyɛ wɔn. Bere a Yesu refa yaw mu na ne ho yeraw no mpo no, wo deɛ hwɛ odwo a ɔdaa no adi ne abotare a onyae! (1 Pet. 2:21-23) Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yedwo na yɛwɔ abodwokyɛre anaa abotare? Paulo kyerɛɛ ɔkwan baako a yebetumi afa so ayɛ saa. Ɔkyerɛw ne nuanom Kristofo sɛ: “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora. Sɛnea Yehowa de afiri mo no, mo nso monyɛ saa ara.” (Kol. 3:13) Nanso, sɛ yebetumi adi saa ahyɛde yi so a, ehia sɛ yedwo na yenya abotare. Nanso, sɛ yɛde bɔne firi a, yɛboa ma baakoyɛ kɔ so tena asafo no mu. Ɛnyɛ sɛ Kristoni pɛ a na ɔbɛda odwo adi na wanya abodwokyɛre anaa abotare. Sɛ yɛpɛ sɛ yenya nkwa a, ehia sɛ yenya saa suban yi. (Mat. 5:5; Yak. 1:21) Nea ɛsen biara no, sɛ yɛda saa suban ahorow yi adi a, yɛhyɛ Yehowa anuonyam, na yɛboa afoforo ma wɔde Bible mu afotu bɔ wɔn bra.—Gal. 6:1; 2 Tim. 2:24, 25. w17.08 25-26 ¶15-17
Fida, September 20
Yehowa nim sɛnea obegye wɔn a woyi wɔn yam som no no afi sɔhwɛ mu.—2 Pet. 2:9.
Sɛ yɛkenkan Kyerɛwnsɛm no a, yehu sɛ Yehowa yɛɛ nneɛma pii a na nkurɔfo ani nna. Bere a Ɔhene Hesekia di Yuda so hene no, Asiria hene Senaherib bɛtow hyɛɛ Yuda so. Ɔko faa Yuda nkurow a wɔabɔ ho ban no nyinaa ma ɛkaa Yerusalem pɛ. (2 Ahe. 18:1-3, 13) Afei Senaherib de n’ani kyerɛɛ Yerusalem. Ɔhene Hesekia hui sɛ ɔhaw a ɛte saa rebobɔ ba. Dɛn na ɔyɛe? Ɔbɔɔ Yehowa mpae na ɔhwehwɛɛ akwankyerɛ fii Yehowa diyifo Yesaia hɔ. (2 Ahe. 19:5, 15-20) Afei nso, Hesekia tuaa sika a Senaherib kae sɛ obegye no de daa no adi sɛ ɔwɔ ntease. (2 Ahe. 18:14, 15) Afei bere a Hesekia hui sɛ Asiriafo no bɛka wɔn ahyem bere tenteenten no, ɔyɛɛ ahoboa. (2 Be. 32:2-4) Nanso ɛbaa no sɛn na ɔhaw no to twae? Anadwo baako pɛ, Yehowa somaa ɔbɔfo ma okokunkum Senaherib asraafo 185,000. Nokwasɛm ne sɛ, Hesekia mpo anhwɛ kwan sɛ biribi a ɛte saa besi!—2 Ahe. 19:35. w17.08 10 ¶7; 11 ¶12
Memeneda, September 21
‘Monkɔyɛ asuafo, monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.’—Mat. 28:19, 20.
Dɛn na wobɛyɛ de asiesie wo ho ama bere nyinaa som adwuma no? Ade a ebetumi aboa wo paa ma woasom Yehowa yiye ne sɛ wubenya suban pa. Enti fa nsi sua Onyankopɔn Asɛm, dwinnwen emu nsɛm ho kɔ akyiri, na bɔ mmɔden sɛ wobɛka wo gyidi ho asɛm wɔ asafo nhyiam ase. Sɛ woda so kɔ sukuu a, fa saa bere no sua sɛnea wobɛka asɛmpa no yiye. Sua sɛnea wubedwen afoforo ho; fa anifere bisa wɔn nsɛm na tie nea wɔbɛka. Afei nso, wubetumi atu wo ho ama na woayɛ nnwuma bi wɔ asafo no mu. Ebi ne sɛ wobɛboa ma wɔasiesie Ahenni Asa so ma ɛhɔ atew. Nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase na wotu wɔn ho ma saa no, Yehowa ani gye ho sɛ ɔde wɔn bɛyɛ adwuma. (Dw. 110:3; Aso. 6:1-3) Ɔsomafo Paulo too nsa frɛɛ Timoteo sɛ ɔnkɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma efisɛ ‘anuanom kaa ne ho asɛm pa.’—Aso. 16:1-5. w17.07 23 ¶7; 26 ¶14
Kwasida, September 22
Nkotodwe nyinaa bɛkotow me na tɛkrɛma nyinaa aka me ntam.—Yes. 45:23.
Enkosi sɛ wobesiesie Yehowa tumidi ho asɛm no ama nnipa ne abɔfo adwenem ateɛ wɔn no, aman, mmusuakuw, ne ankorankoro rennya asomdwoe papa biara. Nanso, sɛ wɔsan Yehowa tumidi ho a, obiara bɛbrɛ ne ho ase ahyɛ Yehowa tumidi a ɛteɛ no ase afebɔɔ. Asomdwoe bɛsan aba ɔsoro ne asase so. (Efe. 1:9, 10) Onyankopɔn bɛsan ne tumidi ho ama obiara ahu sɛ ɛno na ɛfata. Nanso Satan ne nnipa tumidi bedi nkogu pɔtɔɔ, na Yehowa ayi afi hɔ. Onyankopɔn nam Mesia Ahenni no so bedi tumi afebɔɔ. Wɔn a wobekura wɔn mũdi mu nso bɛma ada adi sɛ, nnipa betumi agyina Onyankopɔn tumidi akyi. (Yes. 45:24) Nnipa a wokura wɔn mũdi mu na wogyina Yehowa tumidi akyi no, wopɛ sɛ woka wɔn ho anaa? Yegye di sɛ wopɛ. Sɛ yebetumi akura yɛn mũdi mu a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si asɛm a ɛho hia paa no so, na yehu nea enti a ehia saa. w17.06 23 ¶4-5
Dwoda, September 23
Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa; ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.—Mmeb. 17:17.
Ɛsono sɛnea obiara di awerɛhow. Ebi deɛ kyɛ paa, na ebinom nso deɛ nkyɛ saa. Sɛ ade tɔ obi ani a, ahyɛase no, nnamfo ne abusuafo pii begyam no. Nanso, abosome bi akyi no, na obiara agyaw no hɔ akɔtoa n’adwuma so. Enti nyi nea ne dɔfo awu no baako nhyɛ ne nsa. Sɛ obi a wahwere ne dɔfo de bere kakraa bi na ebedi awerɛhow oo, sɛ ɔde bere pii oo, ɛsɛ sɛ ne nuanom Kristofo kɔ so kyekye ne werɛ. (1 Tes. 3:7) Kae sɛ, sɛ obi dɔfo wu a, nneɛma pii betumi akae ne yaw. Ebi ne sɛ edu da a ne dɔfo no wui biara a, ne werɛ betumi ahow. Afei, nnwom, mfonini, dwumadi ahorow, biribi hua, nnyigyei bi, anaa bere pɔtee bi wɔ afe no mu nso betumi ama wadi awerɛhow. Sɛ obi aware mu hokafo wu, na ɛsɛ sɛ ɔno nko ara yɛ nneɛma bi a na wɔbom yɛ a, ɛno nso betumi ama wadi yaw pii. Ebi ne ɔmansin nhyiam anaa Nkaedi. Nanso kae sɛ, ɛnyɛ mmere titiriw nko ara na ɛsɛ sɛ yɛkyekye wɔn a ade atɔ wɔn ani werɛ. w17.07 16 ¶17-19
Benada, September 24
Monnhwɛ nneɛma a ɛfa mo nko ara ho, na mmom monhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.—Filip. 2:4.
Anigyesɛm ne sɛ, sɛ yɛma yɛn ani kũ afoforo ho a, etumi ma yɛn ankasa dadwen so tew. Anuanom mmea a wɔaware ne wɔn a wɔnwaree nyinaa nim sɛ, sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo a, na wɔne Onyankopɔn abom reyɛ adwuma. Wei ma wɔn ani gye paa. Wɔn botae ne sɛ, wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea Onyankopɔn pɛ de hyɛ no anuonyam. Ebinom gye di sɛ, sɛ wɔyɛ asɛnka adwuma no a, ɛma wɔn werɛ fi wɔn haw. Nokwasɛm ni, sɛ yɛn nyinaa ma yɛn ani kũ nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin ne yɛn asafo mu ho a, yɛbɛboa ama baakoyɛ atena asafo no mu. Ɔsomafo Paulo yɛɛ wei ho nhwɛso pa. Ɔbɛyɛɛ te sɛ “ɔbaatan” maa wɔn a wɔwɔ Tesalonika asafo no mu no. Ná ɔte sɛ wɔn agya wɔ Yehowa som mu nso. (1 Tes. 2:7, 11, 12) Sɛ mmofra sua nokware Nyankopɔn no ho ade na wɔdɔ no, na wɔde n’afotu yɛ adwuma a, ɛma wotumi kyekye wɔn abusuafo werɛ. Nea wobetumi ayɛ de akyekye wɔn abusuafo werɛ no bi ne sɛ wɔbɛda obu adi akyerɛ wɔn awofo, wɔbɛboa wɔn wɔ fie, anaa wɔbɛboa wɔn ama wɔanya nneɛma a wohia. Mmofra betumi aboa abusua no ama wɔasom Yehowa yiye nso. w17.06 7 ¶13-14; 8 ¶17
Wukuda, September 25
Momfa ahonyade a ɛnteɛ so nnya nnamfo.—Luka 16:9.
Obiara gye tom sɛ bere a nnipa ɔpepepem pii di hia buruburoo no, ebinom nso ahyɛ ada so araa ma sika a wɔwɔ no, wobedi ama wɔn nanankansowanom mpo abedi bi. Yesu hui sɛ enkosi sɛ Onyankopɔn Ahenni bɛba no, wiase sikasɛm bɛkɔ so asɛe. Adiyisɛm 18:3 ka “aguadifo” anaa aguadifo adifudepɛfo ho asɛm. Wɔne amammui nhyehyɛe ne nyamesom ahyehyɛde ahorow no na ɛka bom yɛ Satan wiase no. Onyankopɔn asomfo tumi twe wɔn ho koraa fi amanyɔsɛm ne atoro som ho. Nanso Satan wiase no fã a ɛne aguadi nhyehyɛe no deɛ, ɛyɛ den ma wɔn mu pii sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi ho koraa. Sɛ́ Kristofo no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ adwene a yɛwɔ wɔ wiase yi aguadi ho no fata anaa. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Mɛyɛ dɛn de honam fam nneɛma a mewɔ no adi Onyankopɔn nokware? Dɛn na mɛyɛ na mamfa me ho anhyɛ wiase aguadi mu fee? Nhwɛso bɛn na ɛma yehu sɛ mmere a emu yɛ den yi mu mpo, Onyankopɔn nkurɔfo de wɔn ho to ne so koraa?’ w17.07 7-8 ¶1-3
Yawda, September 26
Monhwɛ mo ho so yiye na adidi mmoroso ne asanom ntraso ne asetena mu dadwen anhyɛ mo koma so da.—Luka 21:34.
Ná Yesu nim paa sɛ wiase yi mu dadwen betumi ahyɛ yɛn so. Yesu kae wɔ ogufo no ho mfatoho no mu sɛ, ebinom begye “ahenni no ho asɛm” no, na mfiase no, wobenya nkɔso. Nanso akyiri yi, ‘wiase yi mu dadwen ne ahonyade nnaadaa bemia asɛm no.’ (Mat. 13:19-22; Mar. 4:19) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛanhwɛ yiye a, asetenam nneɛma ho dadwen betumi adaadaa yɛn koma na ama nsi ne ahokeka a yɛde som Yehowa no ano abrɛ ase. Yɛyere yɛn ho de adwuma a Kristo de ama yɛn no di kan wɔ yɛn asetena mu. Yɛyɛ saa de da no adi sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Kristo no mu yɛ den. Yɛbɛyɛ dɛn akɔ so de saa adwuma no adi kan wɔ yɛn asetena mu? Ɛwom ara a, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, Dɛn na ɛma m’ani gye paa? Ɛyɛ asetena mu nneɛma anaa nneɛma a ɛfa Yehowa som ho?’ w17.05 23 ¶3-4
Fida, September 27
‘Monka asɛm a emu da hɔ pefee.’—1 Kor. 14:9.
Sɛ “ahɔho” nte mmɛn Adansefo a wɔka wɔn kurom kasa a, ɛsɛ sɛ wɔkɔ asafo nhyiam wɔ asafo a ɛka ɔman a wɔte mu no kasa. (Dw. 146:9) Nanso, sɛ asafo bi a ɛka wo kurom kasa bɛn baabi a wote a, ɛma asɛmmisa bi sɔre. Ɛne sɛ: Asafo a ɛka kasa bɛn na sɛ w’abusua no kɔ mu a ɛbɛboa mo? Ɛsɛ sɛ abusua ti no tɔ ne bo ase susuw asɛm no ho, ɔbɔ ho mpae, na ɔne ne yere ne ne mma nyinaa dwinnwen ho. Sɛ abusua ti no yɛ weinom nyinaa wie a, ɛsɛ sɛ osi gyinae. (1 Kor. 11:3) Ɛsɛ sɛ awofo susuw nea wɔn mma hia ankasa ho. Nokwasɛm ne sɛ, ɛmfa ho kasa a wɔka wɔ asafo nhyiam ase no, sɛ abofra betumi ate nokware no ase yiye a, ɛnyɛ nnɔnhwerew kakra a yɛde sua Yehowa ho ade wɔ asafo nhyiam ase nnawɔtwe biara no nko ara na ɛbɛboa no. Nanso, susuw asɛm yi ho hwɛ: Sɛ wɔyɛ asafo nhyiam wɔ kasa a mmofra te no yiye paa mu a, nhyiam no ase nko ara a mmofra no wɔ mpo ma wotumi sua nneɛma pii. Ɛtɔ da a, na awofo no nnim mpo sɛ wɔn mma no te nneɛma ase saa. Nanso, sɛ mmofra kɔ asafo nhyiam wɔ asafo a wɔka kasa a wɔnte ase yiye mu a, wɔrente nneɛma ase saa.—1 Kor. 14:11. w17.05 10 ¶10-11
Memeneda, September 28
‘Munhyira Yehowa sɛ nkurɔfo yii wɔn yam bae!’—Atem. 5:2.
Ɛfata sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: ‘So me nso mewɔ gyidi ne akokoduru sɛ mede nea mewɔ biara bedi ahyɛde a emu da hɔ a Yehowa de ama yɛn no so? Sɛ meredwinnwen ho sɛ metu akɔtena kurow anaa ɔman foforo bi so akɔpɛ sika pii ne asetena pa a, so mabɔ ho mpae asusuw sɛnea ɛbɛka m’abusua ne asafo a mewom no ho anaa?’ Yehowa adi yɛn ni sɛ wama yɛanya hokwan ataa ne tumidi akyi. Efi bere a edi kan a Ɔbonsam daadaa nnipa sɛ wɔmmɛka ne ho mma wɔnsɔre ntia Yehowa tumidi no, sɛ wugyina Yehowa nniso no afã a, ɛma Satan hu pefee sɛ wunni n’afã. Gyidi ne nokwaredi na ɛma yetu yɛn ho ma yɛ Yehowa som adwuma no, na ɛsɔ n’ani. (Mmeb. 23:15, 16) Sɛ wotaa Yehowa tumidi akyi a, ɛma onya asɛm de bua mpoa a Satan atwa no no. (Mmeb. 27:11) Enti sɛ woyɛ osetie na wudi Yehowa nokware a, na wode biribi a ɛsom bo ma Yehowa rema no, na ɛma n’ani gye paa. w17.04 32 ¶15-16
Kwasida, September 29
Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wubetua, efisɛ n’ani nnye nkwasea ho. Nea woahyɛ ho bɔ no, tua.—Ɔsɛnk. 5:4.
Mose Mmara no kae sɛ: “Sɛ ɔbarima bi hyɛ Yehowa bɔ anaa ɔka ntam . . . a, ɛnsɛ sɛ obu so. Ɔnhwɛ nni nea waka no nyinaa so.” (Num. 30:2) Akyiri yi, Onyankopɔn honhom kaa Solomon ma ɔkyerɛw ɛnnɛ asɛm no. Yesu sii aniberesɛm a ɛwɔ ɛbɔ a yɛhyɛ mu so dua. Ɔkae sɛ: “Wɔka kyerɛɛ wɔn a wɔtenaa ase tete no sɛ, ‘Nka ntanhunu, na mmom sɛ wohyɛ Yehowa bɔ a, tua.’” (Mat. 5:33) Ɛda adi pefee sɛ, sɛ yɛka sɛ yɛbɛyɛ biribi ama Onyankopɔn a, ɛsɛ sɛ yɛfa no aniberesɛm paa. Sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ ɛbɔ a yɛhyɛ Yehowa ho no ka abusuabɔ a yɛne no wɔ. Dawid kyerɛwee sɛ: “Hena na obetumi aforo Yehowa bepɔw, na hena na obetumi agyina ne kronkronbea hɔ? Nea ne nsam yɛ kronn, na ne koma mu tew, . . . nea ɔnkaa atoro ntam.”—Dw. 24:3, 4. w17.04 4 ¶3-4
Dwoda, September 30
Ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nkurɔfo din.—Dw. 15:3.
Sɛ Kristoni bi gye di sɛ wɔabu no atɛnkyea a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ yiye na wanni asɛm no ho nseku bɔne. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yehu sɛ asafo no muni bi ayɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛfata paa sɛ yɛbɛhwehwɛ mmoa afi asafo mu mpanyimfo no hɔ, na yɛaka bɔne a onua no ayɛ no ho asɛm akyerɛ wɔn. (Lev. 5:1) Nanso, nsɛm pii a ɛmfa bɔne a emu yɛ duru ho de, yebetumi ne yɛn nuanom asiesie yɛn ntam a yɛremmɔ obiara, a asafo mu mpanyimfo no mpo ka ho, amanneɛ. (Mat. 5:23, 24; 18:15) Momma yenni nokware na yɛmfa Bible nnyinasosɛm nsiesie nsɛm a ɛte saa. Wɔ nsɛm bi mu no, yebehu sɛ wommuu yɛn atɛnkyea sɛnea ebia na yɛn adwene yɛ yɛn no. Sɛ ɛba saa a, hwɛ sɛnea yɛn ani begye sɛ yɛansɛe yɛn yɔnko Kristoni bi din amfa ansɛe asɛm a aba no! Momma yɛnkae sɛ, sɛ yɛn asɛm yɛ dɛ oo, sɛ yɛn asɛm nyɛ dɛ oo, sɛ yɛkasa tia afoforo a, ɛremfa mfaso biara mma. Sɛ yedi Yehowa ne yɛn nuanom nokware a, ɛbɛboa yɛn ma yɛrenni mfomso a ɛte saa. w17.04 21 ¶14