Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es19 kr. 98-108
  • October

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • October
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2019
  • Nsɛmti Nketewa
  • Benada, October 1
  • Wukuda, October 2
  • Yawda, October 3
  • Fida, October 4
  • Memeneda, October 5
  • Kwasida, October 6
  • Dwoda, October 7
  • Benada, October 8
  • Wukuda, October 9
  • Yawda, October 10
  • Fida, October 11
  • Memeneda, October 12
  • Kwasida, October 13
  • Dwoda, October 14
  • Benada, October 15
  • Wukuda, October 16
  • Yawda, October 17
  • Fida, October 18
  • Memeneda, October 19
  • Kwasida, October 20
  • Dwoda, October 21
  • Benada, October 22
  • Wukuda, October 23
  • Yawda, October 24
  • Fida, October 25
  • Memeneda, October 26
  • Kwasida, October 27
  • Dwoda, October 28
  • Benada, October 29
  • Wukuda, October 30
  • Yawda, October 31
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2019
es19 kr. 98-108

October

Benada, October 1

Sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma ɔnkɔ so ara mmisa Onyankopɔn efisɛ oyi ne yam ma nnipa nyinaa ade a ahohora biara nnim.—Yak. 1:5.

Yehowa yɛ nyansa nyinaa Wura; ne nyansa no, oyi ne yam ma afoforo bi. Ɔkwan baako a yɛfa so nya Onyankopɔn nyansa ne sɛ yebegye ne nteɛso atom. Saa nyansa no bɛbɔ yɛn ho ban na yɛanyɛ nneɛma bɔne, na ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so abata Yehowa ho. (Mmeb. 2:10-12) Wei bɛma yɛde ‘yɛn ho asie Onyankopɔn dɔ mu, na yɛakɔ daa nkwa mu.’ (Yuda 21) Bɔne mu a wɔwoo yɛn, ntetee a yenyae, ne nneɛma foforo ma ɛyɛ den sɛ yebegye nteɛso atom anaasɛ yebebu no sɛ biribi a ɛbɛboa yɛn. Sɛ yehu sɛ nteɛso boa yɛn a, ɛma yɛn ani sɔ, na yehu sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn. Mmebusɛm 3:11, 12 ka sɛ: “Me ba, mpo Yehowa nteɛso, . . . efisɛ nea Yehowa dɔ no na ɔka n’anim.” Nokwasɛm ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da sɛ Yehowa pɛ sɛ esi yɛn yiye. (Heb. 12:5-11) Esiane sɛ Onyankopɔn nim yɛn yiye nti, bere nyinaa, nteɛso a ɛfata a ɛbɛboa yɛn na ɔde ma yɛn. w18.03 28 ¶1-2

Wukuda, October 2

Munnyigye mo ho hɔho.—1 Pet. 4:9.

Ɔsomafo Petro kyerɛw ɛnnɛ asɛm no kɔmaa anuanom a wofi mmeae ahorow. Ná wɔwɔ asafo ahorow a ɛwɔ Asia Kumaa no mu. Ná wɔrehyia ‘sɔhwɛ a ɛte sɛ ogya a ɛredɛw.’ Dɛn na na ebetumi aboa Kristofo a wɔwɔ mmaa nyinaa ama wɔafa mmere a emu yɛ den no mu? (1 Pet. 1:1; 4:4, 7, 12) Hyɛ no nsow sɛ, Petro ka kyerɛɛ ne nuanom Kristofo mmarima ne mmea sɛ wonnyigye ‘wɔn ho’ hɔho, kyerɛ sɛ, wɔnyɛ nnipa a wonim wɔn dedaw na wɔne wɔn bɔ fekuw no hɔho. Wɔyɛ wɔn hɔho a, na ɛbɛboa wɔn sɛn? Ná ɛbɛma wɔayɛ baako. Wo deɛ, fa wo ho sɛ nhwɛso. Obi ato nsa afrɛ wo akɔ ne fie ama w’ani agye pɛn? Saa nsrahwɛ no, amma woannya biribi a wobɛkae daa? Bere a wo nso wotoo nsa frɛɛ w’asafo muni bi no, mo adamfofa mu anyɛ den anaa? Sɛ yɛto nsa frɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea na yɛne wɔn bom gye yɛn ani a, ɛma yehu wɔn yiye sen bere foforo biara. Bere a na nneɛma mu yɛ den pa ara wɔ Petro bere so no, na ehia sɛ Kristofo bɛn wɔn ho wɔn ho bere nyinaa. Saa ara na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ “nna a edi akyiri” yi mu nso yɛ.—2 Tim. 3:1. w18.03 14-15 ¶1-3

Yawda, October 3

Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade, efisɛ ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.—Mat. 5:3.

Nnipa a Yehowa honhom kyerɛ wɔn kwan no, Bible kamfo wɔn paa. Romafo 8:6 ma yehu sɛ mfaso wɔ so sɛ yɛbɛma Yehowa honhom akyerɛ yɛn kwan. Ɛka sɛ: “Adwene a esi honam nneɛma so yɛ owu, na adwene a esi honhom nneɛma so yɛ nkwa ne asomdwoe.” Sɛ yɛde yɛn adwene si honhom mu nneɛma so a, saa bere yi, asomdwoe ba yɛne Onyankopɔn ntam, yɛn ankasa asom dwo yɛn, na yenya anidaso sɛ yebenya daa nkwa daakye. Wiase a yɛte mu yi, emu yɛ hu paa. Nnipa a wɔatwa yɛn ho ahyia nni Yehowa adwene; enti ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa nya Yehowa adwene na yɛbɔ ho ban. Sɛ yɛamfa Yehowa adwene anhyɛ yɛn tirim a, wiase no de ne suban ne n’adwene bɛhyɛ yɛn tirim. Yuda kaa sɛ ebinom bra bɛsɛe araa ma ‘wɔrennwen honhom mu nneɛma ho’ mpo.—Yuda 18, 19. w18.02 19 ¶5, 7; 20 ¶8

Fida, October 4

Nnipa bɔne ne nnaadaafo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔneyɛ mu.—2 Tim. 3:13.

Nnuruyɛfo pii hwɛ nkurɔfo a wɔyare nsanyare. Wɔpɛ sɛ wɔboa wɔn a wɔyare no nti na wɔhwɛ wɔn. Sɛ wɔrehwɛ ayarefo no a, ɛsɛ sɛ wɔn ankasa nso bɔ wɔn ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a yare a wɔpɛ sɛ wɔsa no rensan wɔn. Yɛn nso, nnipa a wɔn suban ne wɔn nneyɛe ne Onyankopɔn deɛ nhyia no, yɛn mu pii ne wɔn na ɛte, na yɛne wɔn yɛ adwuma. Wei betumi ayɛ ɔhaw ama yɛn. Nna a edi akyiri yi mu no, nnipa pii abrabɔ asɛe. Krataa a ɛto so mmienu a ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Timoteo no, ɔkaa nneyɛe bi a nkurɔfo a wɔne Onyankopɔn ntam atetew bɛda no adi. (2 Tim. 3:1-5) Ɛwom sɛ ebia saa suban yi a nnipa pii bɛda no adi no bɛma yɛn ho adwiriw yɛn deɛ, nanso anhwɛ a yebesuasua saa suban ne nneyɛe a nkurɔfo da no adi no. (Mmeb. 13:20) Enti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn ho ban, na bere a yɛreboa nkurɔfo ama wɔabehu Yehowa no, yɛansuasua nneyɛe bɔne. w18.01 27 ¶1-2

Memeneda, October 5

Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu.—Mat. 28:19.

Afe 33 Y.B. no, Yesu a na wasɔre afi awufo mu no yii ne ho adi kyerɛɛ nnipa bɛboro 500; mmarima, mmea, na ɛbɛyɛ sɛ na mmofra mpo ka ho. Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no na Yesu kaa asɛm a ɛyɛ ɛnnɛ asɛm no. (1 Kor. 15:6) Bere a Yesu de ahyɛde no mae sɛ yɛnyɛ asuafo no, ɛbɛyɛ sɛ na n’akyidifo ɔhaha pii wɔ hɔ. Enti Yesu kaa sɛ, wɔn a wogye tom sɛ wɔbɛsoa Kristo kɔndua na wɔadi n’akyi no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ asu. (Mat. 11:29, 30) Obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so no, ɛsɛ sɛ ogye tom sɛ Yehowa nam Yesu so na ɔma n’atirimpɔw bam. Ɛno akyi no, onipa no betumi abɔ asu. Wei nko ara ne nsu mu asubɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani. Adanse pii wɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ asomafo no bere so no, wɔn a wobedii Kristo akyi no, na wonim nea asubɔ kyerɛ. Wɔantwentwɛn wɔn nan ase sɛnea ɛnsɛ wɔ asubɔ ho.—Aso. 2:41; 9:18; 16:14, 15, 32, 33. w18.03 5 ¶8

Kwasida, October 6

Daniel, ɔbarima a wɔpɛ w’asɛm paa.—Dan. 10:11.

Ɛnnɛ, wiase a yɛte mu yi, Babilon Kɛse no, wiase atoro som ahemman no ‘ayɛ adaemone tenabea,’ na wama aguamammɔ ne atoro som ahyɛ wiase yi mu mã. (Adi. 18:2) Esiane sɛ yɛyɛ soronko nti, ama nkurɔfo di yɛn ho fɛw. (Mar. 13:13) Sɛnea Daniel yɛe no, momma yɛn nso yɛmmɛn Yehowa, yɛn Nyankopɔn. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase tie no, na yɛde yɛn ho to no so a, yɛn nso, obebu yɛn sɛ yɛsom bo. (Hag. 2:7) Awofo betumi asuasua nhwɛso pa a Daniel awofo yɛe no. Wɔbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Abɔnefosɛm a na ɛrekɔ so wɔ Yuda wɔ Daniel mmofraase nyinaa akyi no, Daniel nyinii no, na ɔdɔ Onyankopɔn. Yetumi hu sɛ n’awofo tetee no yiye. (Mmeb. 22:6) Daniel din kyerɛ “Onyankopɔn Ne Me Temmufo”; wei mpo kyerɛ sɛ na n’awofo suro Onyankopɔn. (Dan. 1:6) Enti awofo, ɛnsɛ sɛ mopa abaw wɔ mo mma ho, na mmom montɔ mo bo ase nkyerɛkyerɛ wɔn. (Efe. 6:4) Afei nso, mo ne wɔn mmɔ mpae, na mommɔ bi mma wɔn. Sɛ mobɔ mmɔden de nokware a ɛwɔ Bible mu dua wɔn komam a, Yehowa behyira mo pii.—Dw. 37:5. w18.02 5 ¶12; 6 ¶14-15

Dwoda, October 7

Wo na ade nyinaa wɔ wo, na wo ara wo nsam na efi na yɛasan de ama wo.—1 Be. 29:14.

Yeyi ntoboa ma Yehowa, efisɛ ɛyɛ ɔkwan a yɛfa so som no. Ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu bi, na ɔtee sɛ Yehowa asomfo a wɔwɔ soro no reka sɛ: “Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛwowɔ hɔ na wobɔe.” (Adi. 4:11) Wunnye ntom sɛ Yehowa fata anuonyam ne nidi nyinaa, na ɔno na ɛfata sɛ nneɛma a yɛwɔ no yɛde emu nea eye paa ma no? Yehowa nam Mose so ka kyerɛɛ Israel man no sɛ, afe afe afahyɛ mmiɛnsa no du so a, wommegyina n’anim. Sɛ Israelfo no kɔsom Yehowa wɔ saa afahyɛ no ase a, na ɛnsɛ sɛ ‘obiara de nsapan kɔ Yehowa anim.’ (Deut. 16:16) Ɛnnɛ nso, ntoboa a yefi yɛn pɛ mu yi ka yɛn som ho paa. Sɛ yefi yɛn pɛ mu yi ntoboa a, yɛda no adi sɛ yɛn ani sɔ adwuma a Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so reyɛ no, na yɛtaa wɔn akyi. w18.01 18 ¶4-5

Benada, October 8

Mɛma mo ho adwo mo.—Mat. 11:28.

Yesu de kaa ho sɛ: “Momfa me kɔndua nto mo ho so. . . . Na me kɔndua yɛ mmerɛw na m’adesoa yɛ hare.” (Mat. 11:29, 30) Saa asɛm no yɛ nokware turodoo! Ɛtɔ da a, sɛ yɛrefi fie akɔ asafo nhyiam anaa asɛnka a, ɛyɛ a yɛte nka sɛ yɛabrɛ ankasa. Nanso yɛbɛkɔ aba no, na ɛte sɛn? Yehu sɛ na yɛn ho adwo yɛn fɔmm, na yɛanya ahoɔden a yɛde begyina ɔhaw a egu yɛn so ano. Anokwa, Yesu kɔndua yɛ hare ampa! Yɛnhwɛ asɛm a ato onuawa bi a yɛbɛfrɛ no Kayla. Yare bi abɛtena ne so, na ɛma ɔyɛ hodwoo, wanya adwenemhaw, na tipae bi a wɔfrɛ no asoroben nso wɔ ne so. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛtɔ da a ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛkɔ asafo nhyiam. Nanso, bere a ɔbɔɔ mmɔden kɔɔ asafo nhyiam bi no, ɔkae sɛ: “Ná ɔkasa no fa abasamtu ho. Onua no maa ɔkasa no wɔ ɔkwan bi so a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ tema na odwen afoforo ho; ɛkaa me ma misui. Ɛkaee me sɛ, baabi a ehia sɛ mekɔ ne asafo nhyiam ase.” Hwɛ sɛnea n’ani gyei sɛ ɔbɔɔ mmɔden kɔɔ adesua saa da no! w18.01 8-9 ¶6-7

Wukuda, October 9

Anka me nan reyɛ aman.—Dw. 73:2.

Sɛ wo babarima anaa wo babea bɔ asu na akyiri yi n’adwene nsi no pi wɔ nokware no ho nso ɛ? Dɛn na wobɛyɛ? Nhwɛso bi ni. Nneɛma a ɛwɔ wiase betumi atwetwe ɔbabun bi a wabɔ asu, anaa ebia n’adwene befi ase ayɛ no sɛ mfaso biara nni so sɛ ɔde Bible nnyinasosɛm bɛbɔ ne bra. (Dw. 73:1, 3, 12, 13) Sɛ wowɔ mma a, hu sɛ ɔkwan a wobɛfa so adi saa ɔhaw a wo babarima anaa wo babea rehyia ho dwuma no, ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ wo ba no ne wo bɛkɔ so asom Yehowa anaasɛ ɔbɛtwe ne ho. Sɛ wo ba no da so yɛ abofra kumaa oo, seesei ɔyɛ ɔbabun oo, fa yɛ wo botae sɛ wo ne no renham wɔ saa asɛm yi ho. Mmom, ma onhu sɛ wodɔ no, na wopɛ sɛ woboa no ma esi no yiye. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ ɔbabun bi bɔ asu a, na ɛkyerɛ sɛ ofi ne komam ahyira ne ho so ama Yehowa. Sɛ obi hyira ne ho so saa a, ɛkyerɛ sɛ wahyɛ Onyankopɔn bɔ sɛ ɔbɛdɔ no na ɔde n’apɛde bedi kan wɔ biribiara mu. (Mar. 12:30) Sɛ obi hyɛ bɔ saa a, Yehowa fa no aniberesɛm paa; saa ara na ɛsɛ sɛ obiara a wahyɛ saa bɔ no nso fa no aniberesɛm.—Ɔsɛnk. 5:4, 5. w17.12 22 ¶16-17

Yawda, October 10

‘Minim sɛ owusɔre mu, da a etwa to no, me nua no bɛsɔre.’—Yoh. 11:24.

Sɛnea na Marta nim no, Yehowa asomfo anokwafo nim sɛ daakye owusɔre bɛba. Ná Abraham atwɛn bere tenten sɛ obenya ɔba. Nanso wo de hwɛ nea Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔnyɛ Isak. Yehowa kae sɛ: “Mesrɛ wo, fa wo ba koro a wodɔ no, Isak . . . kɔbɔ ɔhyew afɔre.” (Gen. 22:2) Wohwɛ a, bere a Abraham tee saa ahyɛde no, ɛkaa no sɛn? Ná Yehowa ahyɛ bɔ sɛ Abraham asefo so na ɔnam behyira aman nyinaa. (Gen. 13:14-16; 18:18; Rom. 4:17, 18) Afei nso, Yehowa kae sɛ nhyira no “nam Isak so” na ɛbɛba. (Gen. 21:12) Nanso sɛ Abraham de Isak bɔɔ afɔre a, anka ɛbɛyɛ dɛn na nhyira no aba? Onyankopɔn honhom maa Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ na Abraham gye di sɛ Onyankopɔn betumi anyan Isak afi awufo mu. (Heb. 11:17-19) Ná Abraham rentumi nhu bere ko a wobenyan ne ba no aba nkwa mu bio. Nanso na ɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa benyan Isak. w17.12 6 ¶12-14

Fida, October 11

Me ho afi wɔ nnipa nyinaa mogya ho.—Aso. 20:26.

Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛbɔ mmɔden te sɛ Paulo na yenya adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ nkwa ho no bi. Yehowa ‘pɛ sɛ obiara nya adwensakra.’ (2 Pet. 3:9) Saa na wo nso wopɛ anaa? Sɛ yɛwɔ mmɔborɔhunu a, ɛbɛkanyan yɛn ama yɛde nsi ne ahokeka aka asɛmpa no. Yɛyɛ saa a, yɛn ani begye paa. Adwene a Yehowa wɔ wɔ nkwa ho no, sɛ yɛwɔ bi a, yɛrenyɛ yɛn ade wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma yɛapira yɛn ho anaa afoforo. Sɛ yɛreyɛ adwuma bi anaa yɛreka kar a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye. Sɛ yɛresi dan a yehyia mu som, yɛresiesie hɔ, anaa yɛreka kar akɔ mmeae a yehyiam som a, ɛno nso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye. Ɛnsɛ sɛ ɛba da sɛ yɛbɛma adwuma a yebewie bere ano anaa sika ho hia yɛn sen yɛn ahobammɔ ne yɛn apɔwmuden. Yɛn Nyankopɔn a obu atɛntrenee no yɛ nea ɛteɛ ne nea ɛfata bere nyinaa. Yɛpɛ sɛ yesuasua no. Ehia sɛ asafo mu mpanyimfo titiriw hwɛ yiye na wɔampira wɔn ho ne afoforo a wɔne wɔn reyɛ adwuma. (Mmeb. 22:3) Enti sɛ asafo mu panyin bi twe w’adwene si mmara a ɛfa ahobammɔ ho so a, tie. (Gal. 6:1) Bu nkwa sɛnea Yehowa bu nkwa no, na “woanni mogya ho fɔ.”—Deut. 19:10. w17.11 16 ¶11-12

Memeneda, October 12

Mommma obi nnyɛ mmma nkonimbo no mmmɔ mo.—Kol. 2:18.

Kristofo a wɔasra wɔn no wɔ anidaso papa bi. Wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ akɔtena soro. Ɔsomafo Paulo kae sɛ saa anidaso no yɛ “nkonimbo a ɛne ɔsoro frɛ a efi Onyankopɔn hɔ.” (Filip. 3:14) Wɔn a wɔasra wɔn no hwɛ kwan sɛ wɔne Yesu Kristo bedi ade wɔ ɔsoro Ahenni no mu, na wɔne no aboa adesamma ama wɔayɛ pɛ. (Adi. 20:6) Wei yɛ hokwan a ɛso bi nni; Onyankopɔn na ɔde ama wɔn! Nguan foforo no deɛ, ɛsono wɔn anidaso. Wɔhwɛ kwan sɛ wobenya nkonimbo a ɛne daa nkwa wɔ asase so. Saa anidaso no ma wɔn ani gye paa! (2 Pet. 3:13) Ná Paulo pɛ sɛ ɔboa ne mfɛfo Kristofo a wɔasra wɔn no ma wɔkɔ so di nokware na wɔn nsa ka nkonimbo no. Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa mo adwene nsi nneɛma a ɛwɔ soro so.” (Kol. 3:2) Ná ehia sɛ wɔkɔ so de wɔn adwene si wɔn anidaso papa bi a wobenya wɔ soro no so. (Kol. 1:4, 5) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa ahyɛ ne nkurɔfo bɔ sɛ obehyira wɔn. Sɛ Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa dwinnwen saa nhyira no ho a, ɛboa wɔn ma wɔde wɔn ani si nkonimbo no so.—1 Kor. 9:24. w17.11 25 ¶1-2

Kwasida, October 13

Monto dwom mma Yehowa.—Dw. 96:1.

Nnwom a ɛwɔ ‘Momfa Anigye Nto Dwom’ Mma Yehowa nhoma no mu pii yɛ mpaebɔ. Saa nnwom yi mu nsɛm betumi aboa wo ama woaka wo komam asɛm akyerɛ Yehowa. Nnwom no bi nso bɛboa ama ‘yɛakanyan yɛn ho yɛn ho akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’ (Heb. 10:24) Nokwasɛm ne sɛ, yɛpɛ sɛ yehu yɛn nnwom no mu nsɛm yiye, nnwom no nnyigyeho, ne sɛnea nnwom no si kɔ. Nnwom a wɔde ano ato a ɛwɔ jw.org. no, sɛ wutie a, ebetumi aboa wo ama woayɛ saa. Sɛ wobobɔ nnwom no so wɔ fie a, wubetumi de ahotoso ayi wo yam asua to. Kae sɛ nnwonto ho hia paa wɔ yɛn som mu. Ɛyɛ ɔkwan pa a yebetumi afa so akyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa na yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn. (Yes. 12:5) Sɛ wode anigye to nnwom ma epue a, ɛbɛhyɛ afoforo nkuran ama wɔn nso de ahotoso ato bi. Nokwasɛm ne sɛ, asafo no mufo nyinaa, mmofra oo, mpanyin oo, wɔn a wɔakyerɛ asɛm no ho anigye foforo oo, yɛn nyinaa betumi abom ato nnwom de asom Yehowa. Enti sɛ yɛreto nnwom a, nka w’ano ntom. Anokwa, fa anigye to dwom! w17.11 7 ¶18-19

Dwoda, October 14

Monyɛ anifere sɛ awɔ, na monyɛ kronn sɛ mmorɔnoma.—Mat. 10:16.

Wɔabara asɛmpaka adwuma no wɔ aman a atubrafo a wɔwɔ hɔ nnɛ no pii fi mu. Nanso, nsi a Adansefo a wɔwɔ aman a wogye atubrafo mu de ka asɛmpa no nti, atubrafo mpempem pii rete “ahenni no ho asɛm” nea edi kan koraa. (Mat. 13:19, 23) Nnipa pii a ‘wɔde nnesoa asoa wɔn’ renya awerɛkyekye ne abotɔyam wɔ yɛn asafo nhyiam ase. Nnipa a wɔte saa no ka no ntɛm ara sɛ: “Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.” (Mat. 11:28-30; 1 Kor. 14:25) Ɛsɛ sɛ anuanom a wɔka asɛmpa no kyerɛ atubrafo no yɛ “anifere,” na wɔma wɔn ‘ani tew.’ (Mmeb. 22:3) Ɛsɛ sɛ wunya abotare tie atubrafo ma wɔka wɔn haw. Nanso, ɛnsɛ sɛ woma nkɔmmɔ no dan amanyɔsɛm. Fa akwankyerɛ a baa dwumadibea no de ama, ne nea atumfoɔ no de ama yɛ adwuma. Hwɛ sɛ woremfa w’ankasa anaa afoforo nkwa nto asiane mu da. Ɛsɛ sɛ wuhu adwene a atubrafo no wɔ wɔ ɔsom ho ne wɔn amammerɛ. Na ɛnsɛ sɛ woyɛ biribiara a ɛbɛhaw wɔn. Nhwɛso bi ni. Atubrafo a wofi aman bi so hwehwɛ sɛ mmea hyɛ ntade a ɛfata paa. Enti, sɛ woreka asɛmpa no akyerɛ atubrafo a, hyɛ ntade a ɛrenhaw wɔn. w17.05 7 ¶17-18

Benada, October 15

Momma mo kasa ho mmra nyam bere nyinaa.—Kol. 4:6.

Sɛ yɛne yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo rekasa a, yebetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne honhom kronkron mmoa yɛn mma yɛnkasa odwo mu. Ɛnyɛ wɔn atoro nkyerɛkyerɛ nyinaa na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn ka ho asɛm. Sɛ wɔka asɛm bi anaa wɔyɛ biribi ma ɛhaw yɛn a, yebetumi asuasua asomafo no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ wɔsopa yɛn a, yehyira; sɛ wɔtaa yɛn a, yegyina mu; sɛ wɔsɛe yɛn din a, yɛsrɛ [anaa yɛkasa odwo mu].” (1 Kor. 4:12, 13) Ɛwom sɛ yɛne yɛn abusuafo a wɔsɔre tia yɛn kasa odwo mu a, ɛboa ma asomdwoe tena yɛne wɔn ntam, nanso yɛn abrabɔ pa boa pii sen saa. (1 Pet. 3:1, 2, 16) Ma w’abusuafo nhu sɛ Yehowa Adansefo ani gye wɔ wɔn aware mu, wɔhwɛ wɔn mma yiye, wɔn abrabɔ ho tew, na wɔwɔ akomatɔyam. Sɛ mpo yɛn abusuafo ammegye nokware no a, yɛn ani betumi agye efisɛ yenim sɛ yɛn abrabɔ pa sɔ Yehowa ani. w17.10 15 ¶13-14

Wukuda, October 16

Fa wo ho ma Onyankopɔn sɛ obi a ɔfata.—2 Tim. 2:15.

Ɛnnɛ, nnipa pii asua Onyankopɔn Asɛm ma aboa wɔn ama wɔayɛ nsakrae akɛse. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa anaa? Dabida! Osuahu a ɛte saa ma yɛkae yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no; na wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro. (1 Kor. 6:9-11) Bere a ɔsomafo Paulo kyerɛɛ nnipa a wɔrennya Onyankopɔn Ahenni no, ɔde kaa ho sɛ: “Saa na na mo mu binom te.” Nanso, Kyerɛwnsɛm no ne Onyankopɔn honhom kronkron boaa wɔn ma wɔsesae. Bere a wogyee nokware no akyi mpo no, ebinom yɛɛ bɔne a emu yɛ duru tiaa Yehowa. Bible ka sɛ wotuu Kristoni bi a wɔasra no fii asafo no mu wɔ asomafo no bere so, nanso akyiri yi wɔsan gyee no. (1 Kor. 5:1-5; 2 Kor. 2:5-8) Onyankopɔn Asɛm no aboa yɛn nuanom Kristofo pii ama wɔasakra afi wɔn nneyɛe bɔne ho. Yɛn ani nnye ho sɛ yebesusuw wɔn asetena mu nsɛm ho anaa? Yɛpɛ sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm no yɛ adwuma yiye. w17.09 23-24 ¶2-3

Yawda, October 17

Mommma yɛmmfa ano anaa tɛkrɛma nnnɔ, na mmom yɛnyɛ no nneyɛe ne nokware mu.—1 Yoh. 3:18.

Ɔdɔ a egyina nnyinasosɛm papa so (a·gaʹpe) yɛ akyɛde a Yehowa de ama yɛn. Ɔno na ɔdɔ fi no. (1 Yoh. 4:7) Saa ɔdɔ yi ne ɔdɔ mu ɔdɔ. Sɛ obi wɔ saa ɔdɔ yi a, ebetumi akyerɛ sɛ ɔpɛ obi asɛm, nanso nea ɛkyerɛ paa ne sɛ, obeyi ne yam ayɛ nneɛma pa ama afoforo. Nhoma bi ka sɛ, sɛ obi wɔ a·gaʹpe dɔ a, “ne nneyɛe nko ara na yɛde hu.” Sɛ yeyi yɛn yam dɔ afoforo na wɔn nso yi wɔn yam dɔ yɛn bi a, ɛma yɛn ani gye, na yɛn koma tɔ yɛn yam. Yehowa nnya mmɔɔ Adam ne Hawa mpo no, ɔyɛɛ biribi de kyerɛe sɛ ɔdɔ nnipa. Ɔbɔɔ asase sɛ nnipa ntena so daa; wammɔ sɛ nnipa ntena so kɛkɛ, na mmom wɔntena so na wɔn ani nnye paa. Nnipa yiyedi nti na Yehowa yɛɛ wei na ɛnyɛ sɛ obenya biribi afi mu nti. Yehowa dɔ no anso hɔ ara, ɔmaa nnipa nyaa anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ Paradise asase a ɔyɛ maa wɔn no so. w17.10 7 ¶1-2

Fida, October 18

Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.—Yak. 2:8.

Yakobo de kaa ho sɛ: “Sɛ mokɔ so yɛ animhwɛ a, na moreyɛ bɔne.” (Yak. 2:9) Nanso sɛ yɛwɔ ɔdɔ a, yɛrenyɛ nyiyim. Enti yɛrenhwɛ obi nhomasua, ne kɔla, dibea anaa edin a wagye so nhoahoa no. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛka sɛ mma yɛnyɛ nyiyim a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ nnipa ani so deɛ. Na mmom ɛsɛ sɛ efi yɛn komam tɔnn. Bio nso, ɔdɔ wɔ “abodwokyɛre na ne yam ye,” na “ɛnhoman.” (1 Kor. 13:4) Nokwarem no, ehia sɛ yenya abotare, ayamye, ne ahobrɛase na ama yɛakɔ so aka Ahenni ho asɛm no akyerɛ nkurɔfo. (Mat. 28:19) Saa suban ahorow yi ma ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛne yɛn nuanom a wɔwɔ asafo no mu nyinaa bɛtena yiye. Sɛ yɛda ɔdɔ a ɛte saa adi a, mfaso bɛn na yenya? Ɛma baakoyɛ tena asafo ahorow mu, na ɛhyɛ Yehowa anuonyam. Ɛsan nso twetwe afoforo ba nokware no mu. Ɛfata paa sɛ Bible kaa nipasu foforo no ho asɛm. Asɛm a ɛde wiei no yɛ nokwasɛm paa. Ɛkae sɛ: “Eyinom nyinaa akyi no, monhyɛ ɔdɔ efisɛ ɛyɛ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.”—Kol. 3:14. w17.08 26 ¶18-19

Memeneda, October 19

Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn somaa ne nkoa kɔkasa kyerɛɛ wɔn mpɛn pii.—2 Be. 36:15.

Ɛnsɛ sɛ yɛn yam hyehye yɛn ma nnipa a wobetumi asakra afi ɔbrabɔne bi ho na wɔanya Onyankopɔn anim dom no anaa? Yehowa mpɛ sɛ obiara bɛsɛe wɔ atemmu a ɛreba no mu. (2 Pet. 3:9) Enti enkosi sɛ Onyankopɔn bɛsɛe abɔnefo no, momma yɛnkɔ so mmɔ nkurɔfo kɔkɔ na wommenya Onyankopɔn ayamhyehye so mfaso. Yebetumi asua biribi afi Yesu hɔ. Ne yam hyehyee no maa nnipadɔm bi a ohyiaa wɔn, efisɛ “na wɔayɛ sɛ nguan a wonni hwɛfo a wɔapirapira wɔn agyaw wɔn agu hɔ.” Dɛn na Yesu yɛ maa nnipa a na wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ no? Bible ka sɛ: “Ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.” (Mat. 9:36; Mar. 6:34) Ná Yesu nte sɛ Farisifo no koraa. Farisifo no deɛ, na enni wɔn komam sɛ wɔbɛboa ɔmanfo no. (Mat. 12:9-14; 23:4; Yoh. 7:49) Sɛnea na ɛda Yesu koma so sɛ ɔbɛboa nkurɔfo a Onyankopɔn asɛm ho kɔm de wɔn no, wo nso enni wo komam sɛ wobɛyɛ saa anaa? w17.09 9 ¶6; 10 ¶9

Kwasida, October 20

Mɛkanyan me ho, na hena na obetumi abɔ me nsa akyene?—Yes. 43:13.

Bere a na Yosef da afiase amena mu wɔ Egypt no, wugye di sɛ onyaa adwene sɛ daakye ɔno na ɔbɛba abɛyɛ Egypt hene abadiakyiri anaa? Wohwɛ a na onim sɛ Yehowa nam ne so begye n’abusua nkwa wɔ ɔkɔm bere mu? (Gen. 40:15; 41:39-43; 50:20) Akyinnye biara nni ho sɛ, nea Yehowa yɛ maa Yosef no, na ɛboro n’adwene ne ne ntease so. Momma yɛnhwɛ Yosef nanabea Sara nso. Wohwɛ a na Sara a wabɔ aberewa no hwɛ kwan sɛ Yehowa bɛma no awo ɔbabarima? Nokwasɛm ne sɛ, Sara anna anso dae da sɛ ɔbɛwo Isak! (Gen. 21:1-3, 6, 7) Nokwarem no, yɛnhwɛ kwan sɛ Yehowa nam anwonwakwan so beyi yɛn haw nyinaa afi hɔ ansa na wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no aba. Saa ara nso na yɛnhyɛ Yehowa sɛ ɔnyɛ anwonwade bi wɔ yɛn asetena mu. Nanso yenim sɛ Onyankopɔn a ɔboaa n’asomfo anwonwakwan so tete no, ɔno ara ne Yehowa, yɛn Nyankopɔn, ɔnsesae. (Yes. 43:10-12) Saa ahotoso no boa yɛn ma yenya Yehowa mu gyidi. Yenim sɛ obetumi ama yɛn nea yehia biara sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayɛ n’apɛde yiye. (2 Kor. 4:7-9) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛkɔ so di Yehowa nokware a, ɔhaw a ɛte sɛ bepɔw mpo, ɔbɛboa yɛn ama yɛadi so. w17.08 11-12 ¶13-14

Dwoda, October 21

Dan wo nnwuma gu Yehowa so, na wo nhyehyɛe betim.—Mmeb. 16:3.

Sɛ woyɛ bere nyinaa som adwuma a, ɛma wo ne bere nyinaa asomfo foforo bɔ. Ɛno boa ma wutumi bɛyɛ Kristoni a ne ho akokwaw. Afei nso, nnipa pii ahu sɛ wɔn bere nyinaa a wɔde som Yehowa wɔn mmabunbere mu no aboa ma wɔanya aware pa. Wɔn a wɔyɛɛ akwampae adwuma ansa na wɔreware no pii atoa so ne wɔn ahokafo ayɛ akwampae adwuma no. (Rom. 16:3, 4) Sɛ woredwen wo daakye ho a, wo koma ba mu bi. Dwom 20:4 ka Yehowa ho asɛm sɛ: “Ɔmma wo nea wo koma pɛ, na ɔmma wo tirimbɔ nyinaa mmra mu.” Enti nea wopɛ sɛ wode w’abrabɔ yɛ no, dwen ho yiye. Hwɛ nea Yehowa reyɛ wɔ yɛn bere yi so na hwɛ nea wubetumi ayɛ wɔ ne som mu. Afei bɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ nea ɛsɔ n’ani. Sɛ wode wo bere nyinaa som Yehowa a, ɛbɛma wo koma atɔ wo yam paa, efisɛ asetena a ɛte saa hyɛ Onyankopɔn anuonyam. Enti “ma w’ani nka Yehowa ho, na ɔbɛma wo nea wo koma pɛ.”—Dw. 37:4. w17.07 26 ¶15-18

Benada, October 22

Munyi Yah ayɛ, . . . Ɛyɛ dɛ; ayeyi no fata.—Dw. 147:1.

Sɛ yɛde adwuma bi hyɛ obi nsa na ɔyɛ no yiye a, yɛma no amo. Bio nso, sɛ obi da suban pa bi adi a, yɛkamfo no. Sɛ yɛkamfo nnipa de a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛkamfo Yehowa Nyankopɔn sen obiara! Yebetumi ayi Yehowa ayɛ efisɛ ne tumi nni ano. Yehu ne tumi wɔ n’abɔde a ɛyɛ fɛ no mu. Yebetumi nso ayi no ayɛ esiane ɔdɔ kɛse a wada no adi akyerɛ nnipa nti. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɔde ɔno ara ne Ba mae sɛ ɔmfa ne nkwa mmɛbɔ afɔre mma yɛn. Onii a ɔkyerɛw Dwom 147 no koma kaa no ma oyii Yehowa ayɛ. Ɔsan hyɛɛ afoforo nkuran sɛ wonyi Onyankopɔn ayɛ. (Dw. 147:7, 12) Yennim onii a ɔkyerɛw saa dwom yi, nanso ɛbɛyɛ sɛ odwontofo a ɔkyerɛwee no tenaa ase bere a Yehowa gyee Israelfo fii Babilon nkoasom mu baa Yerusalem no. (Dw. 147:2) Odwontofo no yii Yehowa ayɛ efisɛ na Onyankopɔn agye ne nkurɔfo de wɔn aba wɔn asase so, baabi a wobetumi de nokwaredi asom no bio. Nneɛma bɛn na ɛbɛma wo nso woatumi ateɛm aka sɛ “Halelu-Ya!” anaa “Munyi Yah ayɛ”?—Dw. 147:1, Akuapem Twi Bible Dedaw. w17.07 17 ¶1-3

Wukuda, October 23

Momfa ahonyade a ɛnteɛ so nnya nnamfo, na sɛ ɛsa a, wɔagye mo akɔ daa tenabea.—Luka 16:9.

Ná Yesu nim sɛ sɛ n’akyidifo repɛ wɔn ano aduan wɔ wiase bɔne yi mu a, wɔn ho betumi akyere wɔn. Yesu ankyerɛ nea enti a ɔkae sɛ ahonyade ‘nteɛ.’ Nanso Bible ma yehu sɛ aguadi deɛ na ɛnka Onyankopɔn atirimpɔw ho. Yehowa maa Adam ne Hawa nea wohia ma ebuu so wɔ Eden. (Gen. 2:15, 16) Asomafo no bere so nso, Onyankopɔn honhom kronkron hyɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no mã, “na wɔn mu biako mpo anka sɛ biribi a ɔwɔ no yɛ n’ankasa de; na mmom biribiara a wɔwɔ yɛ kwasafode.” (Aso. 4:32) Odiyifo Yesaia kae sɛ nneɛma a ɛwɔ asase so no, bere bi bɛba a obiara benya bi kwa. (Yes. 25:6-9; 65:21, 22) Enkosi saa bere no, ehia sɛ Yesu akyidifo ‘de wɔn adwene yɛ adwuma’ de hwɛ wɔn ho. Bere a wɔde wiase yi mu “ahonyade a ɛnteɛ” no redi dwuma no, ɛsɛ sɛ wɔkɔ so yɛ Onyankopɔn apɛde.—Luka 16:8. w17.07 8 ¶4-6

Yawda, October 24

Biribiara a ɔwɔ hyɛ wo nsa.—Hiob 1:12.

Sɛ yɛkenkan Bible mu nhoma a akyɛ paa a ɛne Hiob nhoma no a, yehu sɛ Satan bɔɔ Hiob sobo. Ɔkae sɛ, sɛ Hiob hyia sɔhwɛ a emu yɛ den paa a, ɔbɛpo Onyankopɔn. Satan kae sɛ Onyankopɔn ankasa nsɔ Hiob nhwɛ. Nanso Yehowa anyɛ. Mmom, ɔmaa Satan kwan ma ɔsɔɔ Hiob hwɛe. Ankyɛ koraa na Hiob hweree n’asomfo, n’agyapade, ne ne mma du a ɔdɔ wɔn no. Satan ma ɛyɛɛ sɛ gyama Onyankopɔn ankasa na ɔde ɔhaw no baa Hiob so. (Hiob 1:13-19) Ɛno akyi, Satan de yare yayaayaw bi a ɛyɛ hu bɔɔ Hiob. (Hiob 2:7) Ne yere ne nnamfo mmiɛnsa a ayɛ sɛ wɔdɔ no no kaa nsɛm a ɛyɛ yaw de buu n’abam. (Hiob 2:9; 3:11; 16:2) Dɛn na efii mu bae? Ɛbɛdaa adi sɛ Satan sobo no, nokware baako koraa nni mu! Hiob annan n’akyi ankyerɛ Onyankopɔn.—Hiob 27:5. w17.06 24 ¶9-10

Fida, October 25

Sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne . . . fiefo a, wapa gyidi no.—1 Tim. 5:8.

Mmusua ti a wɔwɔ hɔ nnɛ nim asɛyɛde a Kyerɛwnsɛm no de ama wɔn. Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ma wɔn mmusua nsa ka wɔn honam fam ahiade. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwumaden na ama wɔatumi adi saa asɛyɛde no ho dwuma. Nanso, nna a edi akyiri yi mu no, honam fam adwuma taa de adwinnwen bɛto nnipa so. Esiane sɛ nnwuma a ɛwɔ hɔ nnɔɔso na nnipa bebree na wɔrepere ho nti, adwumayɛfo pii te nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nnɔnhwerew pii yɛ adwuma. Ɛtɔ da a, akatua ketewaa bi na wogye. Afei nso, nnwumakuw ahorow bɔ mmɔden bere nyinaa sɛ wɔde adwumayɛfo kakraa bi bɛyɛ nneɛma pii. Ɛno ma adwumayɛfo no brɛ kɛse, ɛma wɔyɛ basaa, na etumi bɔ wɔn yare mpo. Adwumayɛfo a wɔmpɛ sɛ wɔbɛyɛ adwumaden a ɛte saa ama wɔn adwumakuw no, wotumi yi wɔn adi fi adwuma no mu. Esiane sɛ yɛyɛ Kristofo nti, Yehowa Nyankopɔn paa na ɛsɛ sɛ yedi no nokware, na ɛnyɛ yɛn adwumawura. (Luka 10:27) Nea enti a yɛyɛ honam fam adwuma ne sɛ yɛn nsa bɛka nneɛma a yehia na ama yɛatumi ayɛ yɛn som adwuma no. Nanso, sɛ yɛanhwɛ yiye a, honam fam adwuma betumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛsom Yehowa yiye. w17.05 23 ¶5-7

Memeneda, October 26

Tie wo papa, ɔno na ɔwoo wo, na mmu wo maame animtiaa sɛ wayɛ aberewa nti.—Mmeb. 23:22.

Ɛtɔ da a, wɔn a wɔyɛ foforo wɔ asafo no mu tumi ma adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw boa wɔn ma wɔde nokware no kyerɛkyerɛ wɔn mma. Sɛ ɔwofo bi si gyinae sɛ ɔbɛma obi ne ne mma asua ade a, ɛnsɛ sɛ onii no yɛ n’adwene sɛ obegye awofo no asɛyɛde afi wɔn nsam. (Efe. 6:1-4) Ɛtɔ mmere bi a, wotumi ka kyerɛ Ɔdansefo bi sɛ, ɔne mmofra a wɔn awofo ani nnye nokware no ho nsua ade. Nanso, ɛsɛ sɛ Ɔdansefo no ma ɛtena n’adwenem sɛ, ɔne mmofra no sua ade a, ɛnkyerɛ sɛ mmofra no abɛyɛ ne mma. Sɛ Ɔdansefo no ne mmofra no resua ade a, ɛbɛyɛ papa sɛ wɔyɛ adesua no wɔ mmofra no fie. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ sɛ mmofra no awofo anaa Ɔdansefo foforo a wanyin wɔ hɔ. Wobetumi nso asua ade no wɔ baabi a ɛfata na nkurɔfo behu wɔn. Ɛba saa a, obiara rennya biribi nnyina so nka sɛ wɔreyɛ ade bɔne bi. Yɛhwɛ kwan sɛ asɛyɛde a Onyankopɔn de ama awofo sɛ wɔn ankasa nkyerɛkyerɛ wɔn mma Yehowa ho ade no, nkakrankakra awofo no ara beso mu. w17.06 8 ¶15-16

Kwasida, October 27

‘Sɛ mente nea ɔrekasa no ase a, mebu nea ɔrekasa no ɔnanani.’—1 Kor. 14:11.

Sɛ mmofra nte wɔn awofo amammerɛ ase yiye a, ebia wɔn ani rennye ho sɛ wobesua wɔn awofo kurom kasa ne ɔsom a wɔwɔ mu ho ade. Awofo a wɔyɛ Kristofo ma nkɔso a wɔn mma benya wɔ Onyankopɔn som mu ho hia wɔn sen nneɛma a wɔn ankasa ani gye ho. (1 Kor. 10:24) Onua bi a ne din de Samuel ka sɛ: “Me ne me yere de yɛn ani too fam hwɛɛ kasa a sɛ yɛn mma no sua nokware no wom a ɛka wɔn koma, na yɛbɔɔ mpae hwehwɛɛ nyansa. . . . Bere a yehui sɛ yɛn mma no nnya asafo nhyiam a wɔyɛ wɔ yɛn kurom kasa mu no so mfaso ahe biara no, yesii gyinae sɛ yɛbɛkɔ asafo a wɔka ɔman a yɛte mu no kasa mu. Ná yɛbom kɔ asafo nhyiam ne asɛnka daa. Afei nso, na yɛto nsa frɛ yɛn nnamfo a wɔka ɔman a yɛte mu no kasa ma wɔne yɛn bedidi, na na yɛne wɔn tutu akwan kɔhwehwɛ mmeaemmeae kogye yɛn ani. Weinom nyinaa boaa yɛn mma no ma wohuu anuanom yiye. Na ɛma wohui sɛ Yehowa yɛ wɔn Nyankopɔn, na ɔsan nso yɛ wɔn Agya ne wɔn Adamfo. Ná wei ho hia yɛn koraa sen sɛ wɔbɛte yɛn kurom kasa no yiye.” w17.05 10 ¶11-13

Dwoda, October 28

Munhyira Yehowa!—Atem. 5:2.

Ɛrenkyɛ, nnipa a wɔbɛtena asase so nyinaa bɛyɛ nnipa a wɔpɛ Yehowa tumidi sen tumidi foforo biara. Hwɛ sɛnea yɛrehwɛ saa da no kwan! Yɛte nka te sɛ Debora ne Barak. Wɔtoo dwom sɛ: “Yehowa, ma w’atamfo nyinaa nsɛe saa ara, na ma w’adɔfo nyɛ sɛ owia a egyina so denneennen.” (Atem. 5:31) Saa abisade yi bɛbam bere a Yehowa beyi Satan wiase bɔne yi afi hɔ no! Sɛ Harmagedon ko no fi ase a, wɔrenhia nnipa a wobetu wɔn ho ama asɛe atamfo no. Saa bere no, ‘yɛbɛyɛ komm na yɛahwɛ sɛnea Yehowa begye yɛn nkwa.’ (2 Be. 20:17) Nanso enkosi saa bere no, yɛwɔ hokwan pii a yɛde akokoduru ne nsi bɛtaa Yehowa tumidi akyi. Bere a Debora ne Barak fii wɔn nkonimdi dwom no ase no, Ɔsorosoroni no na wɔhyɛɛ no anuonyam, na ɛnyɛ nnipa. Wɔtoo dwom no sɛ: ‘Munhyira Yehowa sɛ nkurɔfo yii wɔn yam bae!’ (Atem. 5:1, 2) Ɛnnɛ nso, sɛ wutu wo ho ma a, ɛbɛka wɔn a wonya so mfaso no ama ‘wɔahyira Yehowa’ anaa wɔahyɛ no anuonyam. w17.04 32 ¶17-18

Benada, October 29

Menyɛɛ hwee a ɛsɛ sɛ wɔde me bɛto afiase.—Gen. 40:15.

Ɛwom sɛ Yosef werɛ amfi amanehunu a afoforo ma ɔfaa mu mfe 13 no nyinaa de, nanso wamfa wɔn ho abufuw. (Gen. 45:5-8) Nea ɛsen biara no, wamma afoforo sintɔ ne wɔn nneyɛe bɔne no antetew ɔne Yehowa ntam. Yosef nokwaredi ma onyaa hokwan huu sɛnea Yehowa siesiee ntɛnkyea a afoforo buu no ne sɛnea Yehowa hyiraa ɔne n’abusua no. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no na yɛbɔ ho ban. Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn nuanom sintɔ tetew yɛne Onyankopɔn a yɛdɔ no na yɛsom no no ntam. (Rom. 8:38, 39) Sɛ yɛn nua Kristoni bi bu yɛn atɛnkyea a, momma yensuasua Yosef na yɛmmɛn Yehowa kɛse mmom. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden nya Yehowa adwene wɔ nneɛma ho. Sɛ yɛde Kyerɛwnsɛm no mu nnyinasosɛm yɛ nea yebetumi biara sɛ yebesiesie asɛm no a, afei ɛsɛ sɛ yegyae asɛm no ma Yehowa. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa besiesie asɛm no wɔ n’ankasa ne bere mu wɔ ɔkwan a ɛfata so. w17.04 20 ¶12; 22 ¶15-16

Wukuda, October 30

Sɛ . . . woma w’afenaa ɔbabarima a, ɛnde mede no bɛma Yehowa ne nkwa nna nyinaa.—1 Sam. 1:11.

Hanah dii ɛbɔ a ɔhyɛɛ Onyankopɔn no so pɛpɛɛpɛ. Amma ne tirim da sɛ ɔbɛyɛ biribi foforo. Hanah de Samuel kɔmaa Ɔsɔfo Panyin Eli wɔ asɔrefie a na ɛwɔ Silo no. Hanah kae sɛ: “Abofra yi ho mpae na mebɔe sɛ Yehowa nyɛ m’abisade a mede too n’anim no mma me no. Na me nso mede no rema Yehowa. Ne nna a ɔde bɛtena ase nyinaa, mede no ama Yehowa.” (1 Sam. 1:24-28) Asɔrefie hɔ na “abofra Samuel nyinii Yehowa anim.” (1 Sam. 2:21) Nanso, wohwɛ a ɛyɛɛ mmerɛw maa Hanah anaa? Ɛwom sɛ na Hanah babarima kumaa no da ne koma so paa de, nanso afei de, na ɔrennya hokwan ne no mmɔ da biara wɔ ne mmofraberem. Wo de, hwɛ sɛnea na n’ani begyina sɛ obenya no aka no afam ne ho, ɔne no adi agorɔ, na watete no. Ɔbaatan pa biara ani gye ho sɛ obenya hokwan atete ne ba, na wahwɛ no ama wanyin. Ɛwom sɛ na Hanah nim wei nyinaa de, nanso wannu ne ho sɛ odii ɛbɔ a ɔhyɛɛ Onyankopɔn no so. Ne koma dii Yehowa mu ahurusi.—1 Sam. 2:1, 2; Dw. 61:1, 5, 8. w17.04 4-5 ¶7-8

Yawda, October 31

Hu eyi sɛ nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.—2 Tim. 3:1.

Onyankopɔn honhom maa ɔsomafo Paulo ka too hɔ sɛ, “mmere a emu yɛ den bɛba” wɔ yɛn bere yi so. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nnipa bɔne ne nnaadaafo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔneyɛ mu.” (2 Tim. 3:2-5, 13) Saa nkɔmhyɛ no, wohwɛ a aba mu anaa? Nnebɔneyɛfo te sɛ asisifo a wɔn tirim yɛ den, wɔn a wɔyɛ nnipa mu nyiyim, ne nsɛmmɔnedifo a wɔn ho yɛ hu ayɛ yɛn mu pii bɔne. Saa nnebɔneyɛfo no mu bi di nsɛmmɔne ma obiara hu. Afoforo nso de, wɔyɛ nnaadaafo; wɔyɛ wɔn ho treneefo wɔ nnipa anim, anaa wɔyɛ wɔn ho sɛ nnipa a wɔwɔ adwempa de kata wɔn nneyɛe bɔne no so. Sɛ saa nnebɔneyɛfo yi mu bi nyɛɛ yɛn ankasa bɔne da mpo a, wɔn nneyɛe bɔne no haw yɛn. Sɛ yehu anaa yɛte awudisɛm a nnipa a wɔte saa yɛ no a, yedi yaw wɔ yɛn komam. Sɛ yɛte ayayade a nnebɔneyɛfo de yɛ mmofra, nkwakoraa ne mmerewa, ne wɔn a wonni kamafo no ho asɛm a, ehu ka yɛn paa. Suban a nnebɔneyɛfo da no adi no, ɛma wɔbɛyɛ te sɛ nea wɔnyɛ nnipa. Saa nkurɔfo no yɛ wɔn ade te sɛ nkekaboa, anaa adaemone mpo. (Yak. 3:15) Nanso, anigyesɛm ne sɛ, asɛmpa a ɛwɔ Yehowa Asɛm mu no mma nsɛmmɔne a ɛte saa no nhyɛ yɛn so pii. w17.04 10 ¶4

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena