Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es19 kr. 108-118
  • November

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • November
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2019
  • Nsɛmti Nketewa
  • Fida, November 1
  • Memeneda, November 2
  • Kwasida, November 3
  • Dwoda, November 4
  • Benada, November 5
  • Wukuda, November 6
  • Yawda, November 7
  • Fida, November 8
  • Memeneda, November 9
  • Kwasida, November 10
  • Dwoda, November 11
  • Benada, November 12
  • Wukuda, November 13
  • Yawda, November 14
  • Fida, November 15
  • Memeneda, November 16
  • Kwasida, November 17
  • Dwoda, November 18
  • Benada, November 19
  • Wukuda, November 20
  • Yawda, November 21
  • Fida, November 22
  • Memeneda, November 23
  • Kwasida, November 24
  • Dwoda, November 25
  • Benada, November 26
  • Wukuda, November 27
  • Yawda, November 28
  • Fida, November 29
  • Memeneda, November 30
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2019
es19 kr. 108-118

November

Fida, November 1

Yenkyi bɔne ne wiase akɔnnɔ, na yɛn adwenem nna hɔ na yɛmfa trenee ne onyamesom pa ntena wiase nhyehyɛe yi mu.—Tito 2:12.

Yɛhyɛ yɛn ho so a, ɛma yetumi di yɛn ho so wɔ sɛnea yɛyɛ yɛn ade ne sɛnea yedwen nneɛma ho. Ahohyɛso wɔ hɔ yi, wɔmfa nwo yɛn. Ɛsɛ sɛ yesua. Sɛ awofo tɔ wɔn bo ase de ntetee ma wɔn mma nkumaa bere nyinaa wɔ “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu” a, na wɔn nso reboa wɔn mma ama wɔahu sɛnea wɔbɛhyɛ wɔn ho so na ama wɔahu nyansa. (Efe. 6:4) Wɔn a wonyin ansa na wɔahu Yehowa no nso, ɛsɛ sɛ wosua sɛnea wɔbɛhyɛ wɔn ho so. Ɛwom, ebia wotumi hyɛ wɔn ho so wɔ nneɛma bi mu. Nanso Yehowa som mu deɛ, wonnya nyɛɛ Kristo asuafo a wɔn ho akokwaw. Ne nyinaa mu no, sɛ wosua sɛ wɔbɛhyɛ Kristo “nipasu foforo” no a, nkakrankakra wɔn ho bɛkokwaw. (Efe. 4:23, 24) Sɛ yɛn ho bɛkokwaw ankasa a, ehia sɛ yɛhyɛ yɛn ho so. w18.03 29 ¶3-4

Memeneda, November 2

Momma mo ani nnye ahɔhoyɛ ho.—Rom. 12:13.

Wɔn a wɔba yɛn asafo nhyiam ase na wɔne yɛn bom sua Yehowa ho ade no, yegye wɔn fɛw so, efisɛ wɔato nsa afrɛ yɛne wɔn nyinaa. Yehowa ne n’ahyehyɛde no na ɛto nsa frɛ yɛn. (Rom. 15:7) Sɛ wɔn a wɔyɛ foforo ba yɛn nhyiam ase a, wɔn nso Yehowa na wato nsa afrɛ wɔn, enti ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma wɔn koma tɔ wɔn yam. Sɛnea wɔn ntadehyɛ ne wɔn ahosiesie te biara no, ɛsɛ sɛ yegye wɔn fɛw so. (Yak. 2:1-4) Sɛ wuhu sɛ ɔhɔho bi nko ara te baabi a, wubetumi ama wabɛtena wo nkyɛn anaa? Sɛ woboa no ma ɔte dwumadi a ɛrekɔ so no ase, na ebia woboa no ma obue kyerɛwnsɛm a wɔrekenkan a, n’ani bɛsɔ pa ara. Wei bɛyɛ ɔkwan pa a worefa so ada no adi sɛ ‘w’ani gye ahɔhoyɛ ho.’ Anuanom a wofi asafo foforo mu ne amansin so ahwɛfo, ne ɛtɔ da a, akasafo a Betel asoma wɔn bɛma ɔkasa wɔ yɛn asafo mu. Wɔba saa a, yenya hokwan de gye wɔn hɔho. (3 Yoh. 5-8) Ɔkwan pa baako a yɛbɛfa so ayɛ wei ne sɛ yɛbɛyɛ aduan ama wɔn. Wubetumi aboa anaa? w18.03 15 ¶5, 7

Kwasida, November 3

Dɛn na esiw me asubɔ ho kwan?—Aso. 8:36.

Yɛnhwɛ Yudani barima bi a ɔtaa Kristofo. Wɔwoo no ɔman a wɔahyira so ama Onyankopɔn mu. Nanso, esiane sɛ na Yehowa apo Yudafo no nti, na wɔne Yehowa nni abusuabɔ soronko bio. Ná saa ɔbarima no bɔ Yudasom mu atetesɛm ho mmɔden, nanso ohuu ɔkwampa a ɔbɛfa so asom Onyankopɔn. Yesu Kristo a wasɔre afi awufo mu a na wɔahyɛ no anuonyam no dii no adanse. Dɛn na ɔbarima no yɛe? Ɔmaa kwan maa Kristo suani Anania boaa no. Bible ka saa ɔbarima no ho asɛm sɛ: “Ɔsɔre ma wɔbɔɔ no asu.” (Aso. 9:17, 18; Gal. 1:14) Akyinnye biara nni ho sɛ, woahu sɛ saa ɔbarima no na akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no ɔsomafo Paulo no. Hyɛ no nsow sɛ, bere a Paulo tee ase sɛ Yesu na Onyankopɔn nam ne so ma n’atirimpɔw bam no, ɔbɔɔ asu ntɛm ara. (Aso. 22:12-16) Ɛnnɛ nso, Bible asuafo, mmofra ne mpanyin nyinaa, yɛ saa ara. w18.03 5-6 ¶9-11

Dwoda, November 4

Mantumi ankasa ankyerɛ mo sɛ nnipa a Onyankopɔn honhom kyerɛ mo kwan, na mmom sɛ nnipa a wodi wɔn akɔnnɔ akyi.—1 Kor. 3:1.

Ná nneɛma mu yɛ den ma Yakob. Ná Yakob nua Esau kura ɔhonam adwene, na na ɔpɛ sɛ okum Yakob. Wei da nkyɛn a, Yakob asebarima daadaa no, na ɔyɛɛ n’adwene sɛ obesisi no mpɛn pii. Nanso, ɛmfa ho sɛ na nnipa a ‘wodi wɔn akɔnnɔ akyi’ atwa Yakob ho ahyia no, ɔmaa Yehowa honhom kyerɛɛ no kwan. (1 Kor. 2:14-16) Ná Yakob wɔ gyidi sɛ ɛbɔ a Yehowa ahyɛ Abraham no bɛbam. Afei nso, na Yakob nim sɛ mmusua a Yehowa bɛfa wɔn so ama n’atirimpɔw abam no, ná n’abusua no ka ho. Enti ɔhwɛɛ n’abusua no yiye. (Gen. 28:10-15) Asɛm a Yakob kae ne nea ɔyɛe ma yehu sɛ na onim Onyankopɔn akwankyerɛ ne n’apɛde. Nhwɛso bi ni. Bere a Esau yɛɛ n’adwene sɛ obekum Yakob no, Yakob ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Mesrɛ wo gye me . . . Wo na wokae sɛ, ‘Ɔkwan biara so medi w’akyi na mɛma w’asefo adɔɔso sɛ mpoano anhwea.’” (Gen. 32:6-12) Yakob gyee Yehowa bɔhyɛ ahorow no dii. Enti ɔyɛɛ Onyankopɔn apɛde wɔ n’asetena mu. w18.02 20 ¶9-10

Benada, November 5

Onipa a ne ho nni asɛm na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn na ɔtwe ne ho fi bɔne ho.—Hiob 1:8.

Nsakrae akɛse baa Hiob asetena mu. Ansa na sɔhwɛ reba ne so no, ná ‘ɔsen Apuei Famfo nyinaa.’ (Hiob 1:3) Ná ɔyɛ ɔdefo, na na wagye din; afei nso, na nkurɔfo bu no paa. (Hiob 29:7-16) Nanso wei nyinaa akyi no, Hiob annya adwene sɛ ɔkyɛn afoforo, anaasɛ onhia Onyankopɔn. Nokwarem no, Yehowa frɛɛ no “m’akoa.” Satan de ɔhaw a emu yɛ yaw baa Hiob so mpɛn pii; ɔmaa Hiob adwene yɛɛ no sɛ gyama Onyankopɔn na wama ɔrehu amane. (Hiob 1:13-21) Afei, gyamserefo mmiɛnsa baa Hiob nkyɛn bɛkekaa nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛɛ no. Nea na wɔrepɛ akyerɛ ara ne sɛ, bɔne a Hiob ayɛ ho asotwe na Onyankopɔn de aba ne so no! (Hiob 2:11; 22:1, 5-10) Nanso, Hiob kuraa ne mũdi mu. Bere a sɔhwɛ no baa awiei no, nneɛma a na Hiob wɔ ansa na sɔhwɛ reba no so no, Yehowa ma onyaa no mmɔho mmienu; onyaa mfe 140 nso kaa ne nkwa nna ho. (Yak. 5:11) Saa bere no, Hiob kɔɔ so fii ne koma nyinaa mu som Yehowa. w18.02 6 ¶16; 7 ¶18

Wukuda, November 6

‘Nnipa bɛyɛ ahohoahoa, ahantan, wɔn a wɔyɛ ahomaso.’—2 Tim. 3:2, 4.

Nnipa a wɔwɔ suban a ɛte saa no, sɛ nkurɔfo kamfo wɔn na wɔhoahoa wɔn a, wɔn ani gye ho paa. Nhomanimfo bi kyerɛw asɛm a edi so yi faa obi a ɔyɛ ahomaso ho. Ɔkae sɛ: “Onipa a ɔte saa bu ne ho araa ma ɔsom ne ho wɔ ne komam.” Ebinom aka sɛ ahomaso yɛ subammɔne paa, na ɛno nti nnipa a wɔyɛ ahantan mpo hu sɛ obi yɛ ahomaso a, wɔn ani nnye ne ho. Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa kyi ahomaso, na ɔtan “ani a ɛtra ntɔn” nso. (Mmeb. 6:16, 17) Sɛ obi yɛ ahomaso a, ɔrentumi mmɛn Onyankopɔn. (Dw. 10:4) Ahomaso yɛ Ɔbonsam suban. (1 Tim. 3:6) Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, Yehowa asomfo anokwafo binom mpo bɛyɛɛ ahomaso. Yuda hene Usia dii nokware mfe pii. Bible ka sɛ: “Nanso ɔyɛɛ den ara pɛ, ne koma maa ne ho so de no kɔɔ ɔsɛe mu; wanni Yehowa ne Nyankopɔn nokware, na ɔkɔɔ Yehowa asɔrefie hɔ sɛ ɔrekɔhyew aduhuam wɔ aduhuam afɔremuka no so.” Akyiri yi, Ɔhene Hesekia nso bɛyɛɛ ahomaso bere tiaa bi.—2 Be. 26:16; 32:25, 26. w18.01 28 ¶4-5

Yawda, November 7

Mo mu biara nhwɛ nea wanya na onyi biribi nsie wɔ ne fie.—1 Kor. 16:2.

Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ Yehowa nkurɔfo de wɔn ahonyade boaa ne som adwuma. Ɛtɔ da a, na woyi ntoboa de boa nnwuma pɔtee bi. (Ex. 35:5; 2 Ahe. 12:4, 5; 1 Be. 29:5-9) Tete Kristofo asafo no mu no, wɔbɔɔ anuanom amanneɛ sɛ ɔkɔm bi asi ma wɔn nuanom hia mmoa. Bere a anuanom tee no, wɔbɔɔ “wɔn tirim sɛnea wɔn mu biara betumi, sɛ wɔde asetenade bɛkɔ akɔsom anuanom a wɔwɔ Yudea no.” (Aso. 11:27-30) Nokwasɛm ne sɛ, wonyaa saa ntoboa no fii mmeae ahorow. Asomafo no bere so no, Kristofo binom tontɔn wɔn agyapade te sɛ wɔn mfuw anaa wɔn afie, na wɔde sika no brɛɛ asomafo no. Asomafo no kyekyɛɛ sika no maa wɔn a na ahia wɔn no. (Aso. 4:34, 35) Afoforo nso, na woyi sika sie sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de ntoboa akɔboa ɔsom adwuma no bere nyinaa. Enti, ɛmaa nnipa ahorow nyinaa, wɔn a na wɔwɔ sika paa ne wɔn a na ahia wɔn paa tumi yii ntoboa.—Luka 21:1-4. w18.01 18 ¶7; 19 ¶9

Fida, November 8

Mmarimaa bɛbrɛ na wɔabotow.—Yes. 40:30.

Sɛ ebia yɛn ho akokwaw wɔ nneɛma pii mu sɛ dɛn araa mpo a, ɛnyɛ biribiara na yɛn ankasa betumi de yɛn ahoɔden ayɛ. Wei yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa gye tom. Ɛwom sɛ na ɔsomafo Paulo ho akokwaw wɔ nneɛma pii mu deɛ, nanso ɛnyɛ biribiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ na na otumi yɛ. Bere a Paulo de ne haw too Onyankopɔn anim no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu.” Paulo tee ase. Ɔkae sɛ: “Meyɛ mmerɛw mmom a na minya ahoɔden.” (2 Kor. 12:7-10) Ná ɔkyerɛ sɛn? Paulo hui sɛ, sɛ wannya mmoa amfi obi a ɔwɔ tumi sen nnipa hɔ a, ɔrentumi nyɛ nneɛma pii. Sɛ Paulo yɛ mmerɛw a, na Onyankopɔn honhom kronkron tumi ma no ahoɔden. Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom Onyankopɔn honhom tumi hyɛɛ Paulo den ma ɔyɛɛ nneɛma pii a anka ɔno ankasa rentumi mfa n’ahoɔden nyɛ da. Onyankopɔn honhom betumi ahyɛ yɛn nso den. Sɛ Yehowa na ɔhyɛ yɛn den a, ɛnde na yɛwɔ ahoɔden paa! w18.01 9 ¶8-9

Memeneda, November 9

Wufi wo mmofraase nso nim nkyerɛwee kronkron no, na ɛno na ebetumi ama woahu nyansa akɔ nkwagye.—2 Tim. 3:15.

Sɛ wo ba ka sɛ ɔbɛbɔ asu a, sua nneɛma a Yehowa ahyehyɛde no ayɛ ama awofo no. Woyɛ saa a, ɛbɛboa ma woato nhyɛase pa, kyerɛ sɛ, wobɛma wo ba no ahu sɛ, sɛ obi hyira ne ho so ma Yehowa na ɔbɔ asu bɛyɛ Kristoni a, ɛyɛ aniberesɛm nanso nhyira wom. Sɛ wowɔ mma a, asɛyɛde kɛse da wo so sɛ wobɛtete wɔn “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.” Wei yɛ hokwan kɛse. (Efe. 6:4) Sɛ worekyerɛkyerɛ wo mma a, ɛnyɛ nea Bible ka kɛkɛ na wobɛka akyerɛ wɔn, na mmom wobɛboa wɔn ama wɔagye nea wɔresua no adi. Anokwa, ehia sɛ wɔn gyidi yɛ den na aka wɔn koma ma wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa na wɔafi wɔn koma nyinaa mu asom no. Worebɔ mmɔden sɛ wobɛboa wo mma ama ‘wɔahu nyansa akɔ nkwagye mu,’ enti ma Yehowa Asɛm, ne ne honhom mmoa wo. w17.12 22 ¶17, 19

Kwasida, November 10

‘Wobɛsɔre abenya wo kyɛfa, nna no awiei.’—Dan. 12:13.

Ná aka kakra ma Daniel adi mfe 100, na na ne nkwa reyɛ aba awiei. Yemmisa sɛ, enti Daniel bɛtena ase bio? Aane, ɔbɛtena ase dodo! Daniel nhoma no awiei no, Onyankopɔn maa no awerɛhyem sɛ: “Wo de, kɔ kodu awiei; wobɛhome.” Ná Daniel a wabɔ akwakoraa no nim sɛ awufo regye wɔn ahome, na “adwene ne nimdeɛ ne nyansa biara nni Adamoa mu.” Ná ɛrenkyɛ na Daniel akɔ hɔ bi. (Ɔsɛnk. 9:10) Nanso na ɛnyɛ n’awiei ara ne no. Yehowa hyɛɛ no bɔ sɛ obenya daakye papa bi. Ɔbɔfo no toaa so kaa ɛnnɛ asɛm no kyerɛɛ odiyifo Daniel. Wankyerɛ Daniel da pɔtee anaa bere tenten a ebedi ansa na saa bɔhyɛ no abam. Ná Daniel nim sɛ obewu na wakogye n’ahome. Nanso bere a ɔbɔfo no kae sɛ Daniel ‘bɛsɔre abenya ne kyɛfa’ daakye no, na ɔrehyɛ no bɔ sɛ daakye obenya owusɔre. Ná saa asɛm yi besi bere tenteenten wɔ ne wu akyi. Ná ɛno bɛba wɔ “nna no awiei.” Jerusalem Bible no kyerɛ saa ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ Daniel no ase sɛ: “Wobɛsɔre abenya wo kyɛfa awiei bere no.” w17.12 7 ¶17-18

Dwoda, November 11

Ɛnsɛ sɛ wogyina onipa biako adanse so kum ɔkra bi.—Num. 35:30.

Yehowa ka kyerɛɛ mpanyimfo a wɔwɔ Israel no sɛ wonsuasua sɛnea obu atɛntrenee no. Nea edi kan, na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hwehwɛ nokware a ɛwɔ asɛm no mu. Afei nso, ansa na mpanyimfo no besi gyinae sɛ wobehu onipakumfo bi mmɔbɔ no, na ehia sɛ wɔtɔ wɔn bo ase hwɛ nea enti a onipakumfo no kum obi, ne suban, ne nneɛma bi a wayɛ bere bi a atwam. Ná ɛsɛ sɛ mpanyimfo no suasua Yehowa na wobu atɛntrenee. Enti na ɛsɛ sɛ wohu sɛ onipakumfo no ‘hyɛɛ da kɔtɛw baabi’ anaa “ɔtan nti” na okum onipa no. (Num. 35:20-24) Sɛ asɛm no ho adansefo wɔ hɔ a, anyɛ yiye koraa no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ baanu ansa na wɔatumi agyina wɔn anom asɛm so aka sɛ onipa no hyɛɛ da na okum obi. Sɛ mpanyimfo no hu asɛm no mu nokware wie a, na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛnea onipa no te ankasa, na ɛnyɛ nea wayɛ no nko ara. Ná ehia sɛ wonya nhumu, kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wohu asɛm no mu yiye na wohu nea enti a onipa no kum obi. Nea ɛsen ne nyinaa no, na wohia Yehowa honhom kronkron na ama wɔatumi asuasua Yehowa na wɔanya nhumu ne mmɔborɔhunu, na wɔabu atɛntrenee.—Ex. 34:6, 7. w17.11 16 ¶13-14

Benada, November 12

Dwinnwen eyinom ho.—1 Tim. 4:15.

Yɛne Onyankopɔn nkurɔfo fii ase suaa ade no, yehuu nokware a ɛsom bo pii. Yehui sɛ Yehowa na ɔbɔɔ yɛn, na ɔno na ɔma yɛn nkwa. Afei nso botae bi nti na ɔbɔɔ nnipa. Yesuae nso sɛ Onyankopɔn yii ne yam de ne Ba no bɛyɛɛ agyede sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtetew yɛn ho afi bɔne ne owu ho. Ɛnyɛ ɛno nko. Yehui nso sɛ ɔnam n’Ahenni no so bɛma amanehunu nyinaa to atwa, na yɛatena ase daa wɔ asomdwoe ne anigye mu wɔ Ahenni no ase. (Yoh. 3:16; Adi. 4:11; 21:3, 4) Ɛwom ara a, sɛnea yɛte Bible nkɔmhyɛ anaa kyerɛwsɛm bi ase no, wobetumi asakra mu. Ntease foforo bi ba saa a, ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase sua no yiye na yedwinnwen ho. (Aso. 17:11) Ɛnyɛ nsakrae akɛseakɛse a aba ntease foforo ne dedaw no mu nko ara na ɛsɛ sɛ yehu. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase paa na yehu nsakrae nketenkete a aba no nso. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛde nokware foforo a yɛahu no asie yɛn akorade dan no mu yiye. w17.06 12-13 ¶15-16

Wukuda, November 13

‘Munkum mo nipadua akwaa a ɛwɔ asase so no wɔ aguamammɔ, afide, ne nna ho akɔnnɔ.’—Kol. 3:5.

Sɛ yɛkɔ tebea bi mu, na ebetumi ama yɛabu Yehowa mmara so a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye paa. Ɛho nhwɛso bi ni. Sɛ ɔbarima ne ɔbea bi pɛ sɛ wɔware a, ɛyɛ papa sɛ mfiase no ara wɔkyerɛ baabi a ɛsɛ sɛ wɔyɛ nneɛma kodu. Sɛ wosi gyinae sɛ obi beso ne yɔnko mu, wɔbɛfew wɔn ano, anaa wɔn nkutoo bɛtew wɔn ho akɔhyɛ baabi a, ehia sɛ wɔhwɛ yiye. (Mmeb. 22:3) Sɛ Kristoni bi tu kwan sɛ ɔrekɔyɛ adwuma a, ɛno nso betumi ama wahyia ɔbrasɛe ho sɔhwɛ. Saa ara na sɛ Kristoni barima ne ɔbea bi yɛ adwuma anaa Kristoni bea bi ne ɔbarima bi yɛ adwuma a, ɛno nso betumi ama wahyia ɔbrasɛe ho sɔhwɛ. (Mmeb. 2:10-12, 16) Sɛ nneɛma haw yɛn na yɛn abam bu nso a, ebetumi ayɛ asiane kɛse ama yɛn. Yɛn ho betumi ayeraw yɛn araa ma obiara a ɔbɛba abɛkyekye yɛn werɛ no, yebegye no atom. Sɛ ɛba sɛ wokɔ tebea a ɛte saa mu a, kɔ Yehowa nkyɛn na hwehwɛ mmoa fi wo nuanom Kristofo hɔ.—Dw. 34:18; Mmeb. 13:20. w17.11 26 ¶4-5

Yawda, November 14

Munyi guankɔbea nkurow.—Yos. 20:2.

Mogyahwiegu biara a ɛkɔɔ so tete Israel no, Yehowa faa no aniberesɛm paa. Israelni bi hyɛ da kum obi a, na wɔma nea wawu no busuani barima a ɔbɛn no paa a wɔfrɛ no “mogya ho weredifo” kum owudifo no. (Num. 35:12, 19, ase hɔ asɛm.) Wokum owudifo no saa a, na ɔde ne nkwa apata onipa a asɛm biara nni ne ho a okum no no mogya. Wokum owudifo no ntɛm saa a, na ɛbɔ Bɔhyɛ Asase no ho ban, na ɛho angu fĩ. Yehowa hyɛe sɛ: “Monhwɛ na moamfa fĩ anka asase a mote so no, efisɛ [nnipa mogya a wɔka gu] na ɛma asase ho gu fĩ.” (Num. 35:33, 34) Nanso sɛ obi anhyɛ da na okum obi a, na Israelfo no ka ho asɛm sɛn? Ɛwom sɛ onipa no anhyɛ da na wakum obi deɛ, nanso odi fɔ sɛ wahwie mogya a edi bem agu. (Gen. 9:5) Nanso Yehowa kae sɛ wobetumi ahu onipa a ɔte saa no mmɔbɔ. Ná obetumi aguan akɔ guankɔbea nkurow nsia no baako mu sɛnea ɛbɛyɛ a nea wawu no busuani no nsa renka no. Odu kurow no mu a, na wɔbɔ ne ho ban. Ná ɛsɛ sɛ onipakumfo a wanhyɛ da no kɔ so tena guankɔbea kurow no mu kosi sɛ ɔsɔfo panyin no bewu.—Num. 35:15, 28. w17.11 9 ¶3-5

Fida, November 15

Onitefo kata animguase so.—Mmeb. 12:16.

Onuawa bi a ɔwɔ Australia kae sɛ: “M’ase barima kyi nokware no kɔkɔɔkɔ. Sɛ me ne me kunu pɛ sɛ yɛfrɛ no ne no kasa a, yedi kan bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn na sɛ ɔka biribi a yɛn bo amfuw. Ná yɛmpɛ sɛ nkɔmmɔ no bɛyɛ tenteenten na ankɔfa ɔsom ho akyinnyegye denneennen amma. Enti ansa na yɛbɛfrɛ no no, na yɛhyɛ bere tenten a yɛne no bɛkasa.” Esiane sɛ wodɔ w’abusuafo na bere nyinaa wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nea ɛsɔ wɔn ani nti, sɛ wo ne wɔn adwene anhyia saa a, w’ahonim betumi ahaw wo. Nanso, kae sɛ nokware a wubedi ama Yehowa no ho hia koraa sen ɔdɔ a wowɔ ma w’abusuafo. Sɛ wusi gyinae saa a, ebetumi aboa w’abusuafo ama wɔahu sɛ nokware a ɛwɔ Bible mu a wode bɛbɔ wo bra no, ɛho hia wo sen biribi foforo biara. Sɛnea ɛte biara, kae sɛ worentumi nhyɛ afoforo sɛ wonnye nokware no ntom. Mmom, ma wonhu sɛ Yehowa asɛm a wode bɔ wo bra no aboa wo. Hokwan a yɛn Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn no de ama yɛn sɛ yɛnkyerɛ sɛ yɛbɛsom no anaa yɛrensom no no, wɔn nso wɔ hokwan saa ara.—Yes. 48:17, 18. w17.10 15-16 ¶15-16

Memeneda, November 16

Mommma yɛmmfa ano anaa tɛkrɛma nnnɔ, na mmom yɛnyɛ no nneyɛe ne nokware mu.—1 Yoh. 3:18.

Ɛnsɛ sɛ yɛn dɔ yɛ nsɛm a yɛde yɛn ano ka nko ara, na mmom, sɛ yɛde yɛn ano ka a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nneyɛe taa akyiri. Nhwɛso bi ni. Sɛ yɛn yɔnko Kristoni nni atade na n’ano aduan abɔ no a, ɛnsɛ sɛ yɛka kyerɛ no kɛkɛ sɛ ensi no yiye. (Yak. 2:15, 16) Sɛ yɛdɔ Yehowa ne yɛn yɔnko nnipa a, yɛrensrɛ kɛkɛ sɛ Yehowa ‘mma adwumayɛfo mmra otwa adwuma no mu,’ na mmom yɛn ankasa nso bɛyere yɛn ho ayɛ asɛnka adwuma no pii. (Mat. 9:38) Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ ‘yɛnnɔ nneyɛe ne nokware mu.’ Enti ɛnsɛ sɛ ‘nyaatwom ba yɛn dɔ mu,’ anaa ɛsɛ sɛ ɛyɛ “ɔdɔ a nyaatwom nnim.” (Rom. 12:9; 2 Kor. 6:6) Ɛtɔ da a, obi bɛyɛ ne ho sɛ nea ɔreda ɔdɔ kann adi nanso na emfi ne komam. Ɛba saa a, na ayɛ te sɛ nea wahyɛ nkataanim. Ebia yebebisa sɛ, ‘Biribi wɔ hɔ a yɛfrɛ no ɔdɔ a nyaatwom wom?’ Dabi. Ɔdɔ a ɛte saa nyɛ ɔdɔ pa; ɛyɛ daadaakra. w17.10 8 ¶5-6

Kwasida, November 17

Kenkan na dwinnwen ho awia ne anadwo . . . na woayɛ w’ade nyansam.—Yos. 1:8.

Ehia sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no bere nyinaa na atumi aka yɛn koma. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa da biara da. Nokwasɛm ne sɛ, yɛn mu dodow no ara nni adagyew koraa. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara twitware Bible a yɛbɛkenkan no daa no mu. Asɛyɛde a ɛfata sɛ yedi ho dwuma mpo, ɛnsɛ sɛ yɛma etwitware mu. (Efe. 5:15, 16) Yehowa nkurɔfo pii ayɛ nhyehyɛe a ɛma wonya bere kenkan Bible da biara. Ebinom kenkan no anɔpa, ebinom yɛ no awia, na ebinom nso yɛ saa anwummere. Wɔne odwontofo no yɛ adwene. Ɔkyerɛwee sɛ: “Hwɛ sɛnea medɔ wo mmara! Ɛno na midwen ho da mu nyinaa.” (Dw. 119:97) Sɛ yɛkenkan Bible a, ɛnsɛ sɛ yɛde so hɔ ara; ehia sɛ yedwinnwen nea yɛkenkan no ho. (Dw. 1:1-3) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛnna yebetumi de nyansa a ɛwɔ Bible mu no abɔ yɛn bra. Yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no wɔ krataa so oo, ɛlɛtrɔnik afiri bi so oo, nea ehia ne sɛ yɛbɛma asian akɔ yɛn koma mu. w17.09 24 ¶4-5

Dwoda, November 18

‘Mo nyinaa munnya ayamhyehye.’—1 Pet. 3:8.

Wei nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛda ayamhyehye adi wɔ asɛm biara ho. Sɛ yɛhwɛ Ɔhene Saul sei a, na n’adwene yɛ no sɛ ɔreda mmɔborɔhunu adi, nanso na ɛyɛ asoɔden. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wankum Amalekfo hene Agag a na ɔtan Onyankopɔn nkurɔfo no. Enti Yehowa poo Saul sɛ ɔrenyɛ Israel hene bio. (1 Sam. 15:3, 9, 15) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa yɛ Ɔtemmufo a obu atɛntrenee. Otumi hu nea ɛwɔ nnipa komam, na onim bere a ɛfata sɛ ɔda ayamhyehye adi. (Kwa. 2:17; Hes. 5:11) Bere bi reba a, Yehowa bebu wɔn a wontie no nyinaa atɛn. (2 Tes. 1:6-10) Saa bere no du a, Onyankopɔn yam renhyehye no mma abɔnefo. Mmom, sɛ ɔsɛe abɔnefo a, ɛbɛkyerɛ sɛ ne yam hyehye no ma treneefo a obegye wɔn nkwa no. Nokwarem no, ɛnyɛ yɛn na yɛbɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nsɛe obi anaa onnye obi nkwa. Mmom nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ seesei ne sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛboa nkurɔfo. w17.09 10-11 ¶10-12

Benada, November 19

Honhom no aba ne . . . ahosodi.—Gal. 5:22, 23.

Ahosodi yɛ suban pa. Yehowa tumi di ne ho so korakora. Nanso nnipa deɛ yɛnyɛ pɛ, enti ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebedi yɛn ho so. Nokwasɛm ne sɛ, ahosodi a nnipa nni nti, ɛma yehyia ɔhaw pii. Sɛ obi antumi anni ne ho so a, ebetumi ama wayɛ mmɔtohɔ, na sɛ ɔkɔ sukuu a, ɔrentumi nsua ade yiye. Ɔkɔ adwuma nso a ɔrentumi nyɛ adwuma yiye. Ebetumi ama obi adidi nkurɔfo atɛm, wawe nsa, wayɛ basabasa, anaa ama n’aware mpo agu. Ebetumi nso ama wakɔfa ɛka bɔne abegu ne so, ebetumi ama subammɔne bi aka ne hɔ, wakɔda afiase, wadi awerɛhow, wanya nna mu yare, wanyinsɛn bere a ɔmpɛ, ne nea ɛkeka ho. (Dw. 34:11-14) Ade rekye a ade resa nyinaa no, nkurɔfo ntumi nni wɔn ho so koraa. Afe 1940 besi afe 1949 mu hɔ no, wɔyɛɛ sɛnea nnipa tumi hyɛ wɔn ho so ho nhwehwɛmu. Wɔayɛ saa nhwehwɛmu no ara bi nnansa yi, na abɛda adi sɛ, sɛnea nnipa ntumi nhyɛ wɔn ho so no agye nsam koraa. Wɔn a wosua Onyankopɔn Asɛm deɛ, wei nyɛ wɔn nwonwa efisɛ Bible kae sɛ ade baako a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛte “nna a edi akyiri mu” ne sɛ nnipa ‘rentumi nni wɔn ho so.’—2 Tim. 3:1-3. w17.09 3 ¶1-2

Wukuda, November 20

‘Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma ho ban.’—Filip. 4:7.

Sɛ yenya “Onyankopɔn asomdwoe” a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam na ɛmma yennwinnwen. Yenim sɛ Yehowa dwen yɛn ho na ɔpɛ sɛ esi yɛn yiye. (1 Pet. 5:10) Esiane sɛ yenim wei nti, ɛmma yɛn abam mmu anaa yennwinnwen. Ɛrenkyɛ, ahohiahia kɛse bi a ebi mmae da bɛba adesamma so. (Mat. 24:21, 22) Yɛn mu biara nnim nea ɛbɛto no saa bere no. Nanso, enhia sɛ yɛn mu biara ma wei gyaw no adwinnwen. Ɛnyɛ nea Yehowa bɛyɛ nyinaa na yenim, nanso yegye yɛn Nyankopɔn no di. Nneɛma a ɔyɛe tete no ama yɛahu sɛ ɛmfa ho nea ebesi biara no, Yehowa bɛma n’atirimpɔw aba mu. Ɛtɔ da a, otumi yɛ nea yɛnhwɛ kwan koraa. Bere biara a Yehowa bɛyɛ biribi saa ama yɛn no, yebenya “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so.” w17.08 12 ¶16-17

Yawda, November 21

Munnya ntoboase nkosi Awurade mmae.—Yak. 5:7.

“Enkosi da bɛn?” Odiyifo Yesaia ne odiyifo Habakuk anokwafo no na wobisaa saa asɛm no. (Yes. 6:11; Hab. 1:2) Yɛn Awurade Yesu Kristo mpo, bere a ebinom a wɔwɔ ne bere so annya ne mu gyidi no, obisaa saa asɛm no. (Mat. 17:17) Enti ɛtɔ da na yɛn nso yebisa asɛm a ɛte saa a, ɛnyɛ nwonwa. Ebia na obi abu yɛn atɛnkyea, anaa mmerewabɔ ne nkwakoraabɔ reteetee yɛn. Ebi nso a na yɛreko yare bi. Anaasɛ “mmere a emu yɛ den” yi ama yɛn ho hiahia yɛn. (2 Tim. 3:1) Ebetumi nso aba sɛ nneɛma bɔne a nkurɔfo yɛ no ama yɛrehaahae. Ne nyinaa mu no, biribi wɔ hɔ a ebetumi ahyɛ yɛn den. Ɛne sɛ, Yehowa asomfo anokwafo a wɔtenaa ase tete no nso bisaa asɛm koro no ara. Obiara anka wɔn anim sɛ wobisaa saa asɛm no! Ɛnde, sɛ yehyia ɔhaw bi a emu yɛ den a, dɛn na ɛbɛboa yɛn? Osuani Yakobo de ɛnnɛ asɛm no abua saa asɛmmisa no. w17.08 3-4 ¶1-3

Fida, November 22

Momfa ahonyade a ɛnteɛ so nnya nnamfo.—Luka 16:9.

Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmfa “ahonyade a ɛnteɛ” no nni Onyankopɔn nokware. Ɔkwan baako bi wɔ hɔ a yebetumi afa so akyerɛ sɛ yɛde yɛn ahonyade redi Onyankopɔn nokware. Ɛne sɛ yebeyi sika de aboa wiase nyinaa asɛnka adwuma a Yesu kaa ho asɛm no. (Mat. 24:14) Ná abeawa bi a ɔwɔ India wɔ sika adaka ketewa bi a ɔde coins sie mu. Sika a anka obetumi de atɔ abaduaba mpo, ɔde guu adaka no mu. Adaka no yɛɛ ma no, ɔde sika no mae sɛ wɔmfa mmoa asɛnka adwuma no. Onua bi a ɔwɔ India nso wɔ kubefuw. Ɔde kube pii kɔmaa anuanom a wɔkyerɛ nhoma ase kɔ Malayalam kasa mu no. Onim sɛ anuanom no tɔ kube, enti sɛ ɔde bi kɔma wɔn a, wɔrenyi sika ntɔ bi. Ohui sɛ kube no bɛboa wɔn sen sɛ anka obeyi sika. Ɛno kyerɛ sɛ “ɔde n’adwene yɛɛ adwuma.” Anuanom a wɔwɔ Greece nso taa de ngodua ngo, kyiis, ne nnuan foforo kɔma Betel abusua no. w17.07 8 ¶7-8

Memeneda, November 23

Monto Sion nnwom no bi mma yɛn.—Dw. 137:3.

Yudafo a na wɔwɔ Babilon nnommumfa mu no, na wɔn ani nnye ho sɛ wɔbɛto dwom efisɛ na wɔn koma abubu. Ná wohia awerɛkyekye. Sɛnea Onyankopɔn ka too hɔ no, ɔnam Persia hene Kores so gyee ne nkurɔfo. Kores dii Babilon so nkonim na ɔkae sɛ: “Yehowa, . . . na wahyɛ me sɛ minsi ofie mma no wɔ Yerusalem . . . Enti obiara a ɔka mo ho a ɔsom no no, Yehowa, ne Nyankopɔn nni n’akyi. Ma ɔmforo nkɔ.” (2 Be. 36:23) Ɛbɛyɛ sɛ wei maa Israelfo a wɔte Babilon no koma tɔɔ wɔn yam paa! Yehowa kyekyee Israel man no werɛ, na ɔkyekyee ankorankoro biara nso werɛ. Ɛnnɛ nso, Yehowa yɛ saa ara. Odwontofo no kaa Onyankopɔn ho asɛm sɛ: “Wɔn a wɔn koma abubu no ɔsa wɔn yare, na ɔkyekyere wɔn akuru.” (Dw. 147:3) Nokwasɛm ne sɛ, wɔn a wɔyare ne wɔn a wɔabotow nyinaa, Yehowa dwen wɔn ho. Wayɛ krado sɛ ɔbɛkyekye yɛn werɛ. Sɛ yɛreteetee nso a, ɔboa yɛn ma yɛn ho dwo yɛn. (Dw. 34:18; Yes. 57:15) Ɔhaw biara a yebehyia no, ɔma yɛn nyansa ne ahoɔden ma yɛde gyina ano.—Yak. 1:5. w17.07 18 ¶4-5

Kwasida, November 24

Faako a mo ademude wɔ no, ɛhɔ na mo koma nso wɔ.—Luka 12:34.

Yehowa yɛ ɔdefo sen obiara. Ɔsoro oo, asase so oo, obiara nto no. (1 Be. 29:11, 12) Ɔyɛ Agya a ne yam ye, enti honhom fam ahode a ɔwɔ no, obiara a ɛsom bo ma no no, ɔma no bi kwa. Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ Yehowa ama yɛn honhom fam ademude pii! Ebi ne: (1) Onyankopɔn Ahenni, (2) yɛn asɛnka adwuma a egye nkurɔfo nkwa, ne (3) nokware a ɛsom bo wɔ n’Asɛm mu no. Nanso yɛanhwɛ yiye a, anisɔ a yɛwɔ ma saa ademude yi betumi afi yɛn mu, na yɛatow akyene baabi. Sɛ yɛmpɛ sɛ anisɔ a yɛwɔ ma ademude no so tew a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma yiye. Yɛn mu bebree wɔ hɔ a, yɛyɛɛ nsakrae pii ansa na yɛrebɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no nkoa. (Rom. 12:2) Nanso yenwiei. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ma yɛn ani da hɔ na biribiara annidi yɛn ase, na ɔdɔ a yɛwɔ ma Ahenni no ano annwo. Nneɛma a ebetumi adidi yɛn ase no, ebi ne wiase ahonyade ho akɔnnɔ ne nna ho akɔnnɔ biara a ɛmfata.—Mmeb. 4:23; Mat. 5:27-29. w17.06 9 ¶1; 10 ¶7

Dwoda, November 25

Wunim?—Hiob 38:21.

Baabiara nni hɔ a ɛka sɛ Onyankopɔn hyɛɛ da kyerɛɛ Hiob nea enti a ɔrehu amane. Nea Yehowa kae no, na ɛnyɛ n’adwene ne sɛ ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ Hiob nea enti a ɔrehu amane, efisɛ na Onyankopɔn ne Hiob nni nkyerɛmu biara. Mmom, na Yehowa pɛ sɛ ɔboa Hiob ma ohu sɛ, sɛnea ɔno Onyankopɔn yɛ kɛse no, Hiob yɛ nkyene a na wayera mu. Afei, ɔboaa Hiob ma ohui sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a ehia paa sɛ ɔde n’adwene si so. (Hiob 38:18-20) Wei maa Hiob hui sɛ Onyankopɔn tumidi no ne ade a ɛho hia paa. Ná Hiob agyina sɔhwɛ a emu yɛ den ano, nanso Yehowa teɛɛ ne so. Wei kyerɛ sɛ Yehowa ne Hiob anni no yiye anaa? Dabi. Hiob nso annya saa adwene no. Nea Hiob faa mu nyinaa akyi no, akyiri yi ɔkaa nsɛm bi de kyerɛe sɛ n’ani asɔ nteɛso no. Ɔkae mpo sɛ: ‘Matwe asan na manu me ho dɔte ne nsõ mu.’ Wei ma yehu sɛ, ɛmfa ho sɛ na Yehowa nteɛso no yɛ tẽẽ no, ɛkanyan Hiob ma otumi yɛɛ nsakrae. (Hiob 42:1-6) Bere a Hiob gyee Onyankopɔn nteɛso toom na ɔsesaa n’adwene no, Yehowa maa afoforo hui sɛ n’ani asɔ sɛnea Hiob dii nokware wɔ sɔhwɛ mu no.—Hiob 42:7, 8. w17.06 24-25 ¶11-12

Benada, November 26

Maria de, wapaw nea ɛyɛ papa, na wɔrennye mfi ne nsam.—Luka 10:42.

Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛ yɛwɔ honam fam nneɛma ho adwene a ɛfata anaasɛ ɛnte saa no, ɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ mede honam fam adwuma a meyɛ toto Yehowa som adwuma ho a, ɛte sɛn? Yehowa som adwuma ho hia me paa, anaasɛ ɛyɛ me anihaw mpo?’ Sɛ yedwinnwen saa nneɛma yi ho a, ebetumi aboa yɛn ama yɛahu ade a yɛn ani gye ho paa. Yesu ma yehuu nea ɛfata sɛ yɛde di kan bere a yɛresisi gyinae afa honam fam nneɛma ne honhom fam nneɛma ho. Bere bi, Yesu kɔsraa Maria ne ne nuabea Marta wɔ wɔn fie. Ɛhɔ ara na Marta de ahopere yɛe sɛ ɔrekɔyɛ aduan ama Yesu. Nanso Maria de, ɔkɔtenaa Yesu nan ase tiee no. Bere a Marta nwiinwii ka kyerɛɛ Yesu sɛ Maria agyaw adwuma no agu no so no na Yesu kaa ɛnnɛ asɛm no kyerɛɛ no. (Luka 10:38-42) Yesu maa Marta nyaa asuade titiriw bi. Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so paw “nea ɛyɛ papa,” kyerɛ sɛ, yɛde Yehowa som adwuma no di kan wɔ yɛn asetena mu. Sɛ yɛyɛ saa a, honam fam nneɛma rentumi ntwetwe yɛn adwene, na yebetumi akɔ so ada ɔdɔ adi akyerɛ Kristo. w17.05 24 ¶9-10

Wukuda, November 27

Tie wo papa nteɛso.—Mmeb. 1:8.

Awofo na Yehowa de ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa nokware no ntete wɔn mma. Wamfa anhyɛ mmofra no nananom, anaa obi foforo biara nsa. (Mmeb. 31:10, 27, 28) Nanso, ebia awofo a wɔnte kasa a wɔka wɔ ɔman a wɔte mu no behia mmoa na ama wɔatumi de nokware no adua wɔn mma koma mu. Sɛ awofo yɛ nhyehyɛe hwehwɛ mmoa a ɛte saa a, ɛnkyerɛ sɛ wɔmpɛ sɛ wodi wɔn asɛyɛde ho dwuma. Mmom no, mmoa a ɛte saa a wɔhwehwɛ no betumi aka nhyehyɛe a wɔayɛ de retete wɔn mma wɔ “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu” no ho. (Efe. 6:4) Sɛ nhwɛso no, awofo betumi ama asafo mu mpanyimfo aboa wɔn ama wɔahu sɛnea wɔbɛyɛ abusua som. Afei nso, wobetumi ama mpanyimfo no aboa wɔn ama wɔahu sɛnea wobetumi anya nnamfo pa ama wɔn mma. Bio nso, bere ne bere mu, awofo betumi ato nsa afrɛ mmusua foforo ama wɔabɛka wɔn ho na wɔabom ayɛ abusua som. Afei nso, mmofra sua nneɛma pii fi anuanom a wɔde Yehowa som di kan wɔ wɔn asetenam hɔ. Ebia anuanom a wɔte saa no ne mmofra no bɛkɔ asɛnka anaa wɔne wɔn bɛbom ayɛ nneɛma bi a ɛfata de agyigye wɔn ani.—Mmeb. 27:17. w17.05 11-12 ¶17-18

Yawda, November 28

Guan kɔ Egypt.—Mat. 2:13.

Bere a Yehowa bɔfo bi bɔɔ Yosef kɔkɔ sɛ Ɔhene Herode pɛ sɛ okum Yesu no, abofra Yesu ne n’awofo kɔyɛɛ atubrafo wɔ Egypt. Wɔtenaa hɔ kosii sɛ Herode wui. (Mat. 2:14, 19-21) Mfe pii akyi no, ɔtaa maa Yesu asuafo a wɔtenaa ase tete no “bɔ hwetee Yudea ne Samaria nsase nyinaa so.” (Aso. 8:1) Ná Yesu nim sɛ n’akyidifo no mu pii beguan afi wɔn afie. Ɔkae sɛ: “Sɛ wɔtaa mo wɔ kurow biako mu a, munguan nkɔ foforo mu.” (Mat. 10:23) Saa na ato Yehowa Adansefo mpempem pii. Wɔn mu bebree adɔfo awuwu na ɛkame ayɛ sɛ wɔahwere wɔn ahode nyinaa nso. Asiane too wɔn mu binom bere a wɔreguan anaa bere a wɔte atubrafo atenae a nnipa dodow no ara a wɔwɔ hɔ no we nsã, tow kyakya, bɔ korɔn, na wɔn bra nso asɛe no. Nanso, wɔkɔɔ so nyaa adwempa, na wɔma ɛtenaa wɔn adwenem sɛ, sɛnea Israelfo ankyinkyin sare no so afebɔɔ no, saa ara na wɔn nso rentena atubrafo atenae hɔ afebɔɔ.—2 Kor. 4:18. w17.05 3-4 ¶2-5

Fida, November 29

Asomdwoe pii wɔ hɔ ma wɔn a wɔdɔ wo mmara, na biribiara nto wɔn hintidua.—Dw. 119:165.

Ɛwom ara a, wobetumi abu wo anaa obi a wunim no atɛnkyea wɔ asafo no mu. Anaa ɛbɛyɛ wo anaa obi a wunim no sɛ ɛte sɛ nea atɛnkyea bi rekɔ so wɔ asafo no mu. Mma ɛnto wo hintidua. Mmom no, esiane sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo nti, yɛkɔ so bata ne ho, na yɛbɔ no mpae hwehwɛ ne mmoa. Bere koro no ara no, yefi ahobrɛase mu gye tom sɛ ebia yennim nokwasɛm a ɛwɔ nea ɛrekɔ so no mu nyinaa. Yenim paa sɛ yɛtɔ sin wɔ sɛnea yesusuw nneɛma ho mu. Enti ebia yɛn adwene na ɛyɛ yɛn sɛ wɔabu yɛn atɛnkyea. Afei nso, ebetumi aba sɛ yennim nokware a ɛwɔ asɛm no mu nyinaa. Ɛnsɛ sɛ yɛkeka nsɛm a ɛmfata, efisɛ nsɛm a ɛte saa sɛe asɛm no koraa. Sɛ́ anka yɛbɛyɛ nea yɛn ankasa yɛpɛ no, momma yensi yɛn bo nni Yehowa nokware, na yɛntɔ yɛn bo ase ntwɛn mma ɔno ankasa nsiesie asɛm no. Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya Yehowa anim dom ne ne nhyira. Nokwasɛm ne sɛ, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa a ɔyɛ “asase nyinaa temmufo no” bɛyɛ nea ɛteɛ bere nyinaa, efisɛ “n’akwan nyinaa teɛ.”—Gen. 18:25; Deut. 32:4. w17.04 22 ¶17

Memeneda, November 30

Ma ɔbɔnefo nnyaw ne kwan, na . . . ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ.—Yes. 55:7.

Ɔdebɔneyɛfo bi yɛ n’adwene sɛ ɔrensakra, na ɔkɔ so ara di wiase yi akyi kodu ahohiahia kɛse no mu a, dɛn na ɛbɛba no so? Yehowa ahyɛ bɔ sɛ, obeyi nnebɔneyɛfo afi asase so korakora. (Dw. 37:10) Ebia nnebɔneyɛfo adwene bɛyɛ wɔn sɛ wobetumi aguan saa atemmu no. Abɔnefo pii asua sɛnea wɔyɛ bɔne wɔ sum ase. Saa wiase yi mu no, ɛte sɛ nea mpɛn pii no, nnebɔneyɛfo taa fa wɔn ho di wɔ wɔn nneyɛe bɔne ho a wommu wɔn atɛn, na wontwa so aba biara nso. (Hiob 21:7, 9) Nanso, Bible ma yehu sɛ: “[Onyankopɔn ani] tua onipa akwan, na n’anammɔn nyinaa ohu. Esum anaa esum kabii biara nni hɔ na abɔnefo ahintaw mu.” (Hiob 34:21, 22) Obiara nni hɔ a obetumi de ne ho asie Yehowa Nyankopɔn. Ɔdaadaafo biara nni hɔ a obetumi adaadaa Yehowa. Sɛnea Onyankopɔn hu ade kɔ akyiri paa no, ɛso bi nni. Enti esum kabii biara nni hɔ a ebetumi asiw kwan a ɛremma onhu nneɛma a ɛrekɔ so. Harmagedon akyi no, sɛ yɛhwehwɛ nnebɔneyɛfo tenabea a, yɛrenhu wɔn. Wɔbɛtɔre wɔn ase korakora!—Dw. 37:12-15. w17.04 10 ¶5

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena