Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es19 kr. 118-128
  • December

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • December
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2019
  • Nsɛmti Nketewa
  • Kwasida, December 1
  • Dwoda, December 2
  • Benada, December 3
  • Wukuda, December 4
  • Yawda, December 5
  • Fida, December 6
  • Memeneda, December 7
  • Kwasida, December 8
  • Dwoda, December 9
  • Benada, December 10
  • Wukuda, December 11
  • Yawda, December 12
  • Fida, December 13
  • Memeneda, December 14
  • Kwasida, December 15
  • Dwoda, December 16
  • Benada, December 17
  • Wukuda, December 18
  • Yawda, December 19
  • Fida, December 20
  • Memeneda, December 21
  • Kwasida, December 22
  • Dwoda, December 23
  • Benada, December 24
  • Wukuda, December 25
  • Yawda, December 26
  • Fida, December 27
  • Memeneda, December 28
  • Kwasida, December 29
  • Dwoda, December 30
  • Benada, December 31
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2019
es19 kr. 118-128

December

Kwasida, December 1

Munnyigye mo ho hɔho a anwiinwii biara nnim.—1 Pet. 4:9.

Bere a wɔrekyerɛw Bible no, sɛ obi reyɛ afoforo hɔho a, na ɔtaa to nsa frɛ wɔn ba ne fie ma wobedidi. (Gen. 18:1-8; Atem. 13:15; Luka 24:28-30) Sɛ obi ka kyerɛ afoforo sɛ wɔmmra mma wonnidi a, na asɛm a ɔreka ara ne sɛ, wɔmmra mma wɔmfa nnamfo na asomdwoe ntena wɔn ntam. Henanom titiriw na ɛsɛ sɛ yɛto nsa frɛ wɔn ba yɛn fie? Ɛyɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea a yɛne wɔn bɔ daa wɔ yɛn asafo mu no. Bere a yɛn mmere yi mu reyɛ den no, yebehia yɛn nuanom mmoa. Yehia nnamfo a wodi nokware, na ehia sɛ yɛma asomdwoe tena yɛne wɔn nyinaa ntam. Amansin so ahwɛfo ne anuanom a wɔkɔ teokrase sukuu ahorow nso behia baabi a wɔbɛtena. Saa ara na anuanom a wɔatu wɔn ho ama resisi adan nso behia baabi a wɔbɛtena. Atoyerɛnkyɛm betumi asɛe ebinom fie. Ɛba saa a, wobehia baabi a wɔbɛtena kosi sɛ atoyerɛnkyɛm bere mu aboafo besiesie wɔn afie no ama wɔn. Ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ, wɔn a wɔwɔ afie akɛse nko ara na wobetumi aboa; ebia na wɔayɛ saa mpɛn pii dedaw. Sɛ wo fie yɛ korokorowa mpo a, wubetumi ama obi baabi atena anaa? w18.03 15 ¶6, 9

Dwoda, December 2

Ɔtreneeni hwe ase mpɛn ason mpo a, ɔbɛsɔre.—Mmeb. 24:16.

Dɛn na ɛbɛboa nea ɔhwe ase no ama wasɔre bio? Ɛnyɛ yɛn ankasa ahoɔden, na mmom Onyankopɔn honhom. (Filip. 4:13) Honhom no aba no, ne fã bi ne ahosodi, na ɛte sɛ ahohyɛso. Sɛ yefi yɛn komam bɔ mpae, na yesua Bible dwinnwen ho a, ɛno nso bɛboa yɛn. Nanso, sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubesua Onyankopɔn Asɛm nso ɛ? Ebia w’ani nnye adesua ho. Nanso kae sɛ, sɛ woma Yehowa kwan a, ɔbɛboa wo. Yehowa betumi aboa wo ama ‘woanya akɔnnɔ’ ama n’Asɛm no. (1 Pet. 2:2) Nea edi kan, bɔ Yehowa mpae na ɔmmoa wo mma wonhyɛ wo ho so, na woatumi asua n’Asɛm no. Afei, yɛ mpae a wobɔe no ho adwuma. Mfiase no, woresua ade a, wubetumi de bere tiaa bi ayɛ saa. Bere rekɔ so no, adesua bɛyɛ mmerɛw ama wo, na w’ani begye ho kɛse! Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wotena ase komm sɛ woresua Yehowa ho asɛm na wudwinnwen ho a, wubehu sɛ w’ani begye ho pa ara.—1 Tim. 4:15. w18.03 29 ¶5-6

Benada, December 3

‘Asubɔ nso na seesei egye mo nkwa.’—1 Pet. 3:21.

Ansa na osuani bi betumi abɔ asu no, ɛsɛ sɛ onya Onyankopɔn, N’atirimpɔw, ne Ne nhyehyɛe a wayɛ ama nkwagye no ho nokware nimdeɛ; wei bɛma wanya gyidi. (1 Tim. 2:3-6) Gyidi a ɛte saa ka osuani no koma ma ɔtwe ne ho fi abrabɔ a ɛnsɔ Onyankopɔn ani ho, na ɔde Yehowa mmara yɛ adwuma wɔ n’asetena mu. (Aso. 3:19) Wei ho hia pa ara, efisɛ obi ntumi nka sɛ wahyira ne ho so ama Onyankopɔn bere a ogu so reyɛ nneɛma a ɛbɛma Ahenni no abɔ no. (1 Kor. 6:9, 10) Nanso, ɛnyɛ Yehowa mmara a ɔde bɛbɔ ne bra nko ara na ehia, na mmom nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Obi a ɔpɛ sɛ ɔyɛ adetrenee no, ebehia sɛ ɔkɔ asafo nhyiam na ɔyɛ nkwagye adwuma no bi daa; asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no. (Aso. 1:8) Sɛ osuani foforo tu saa anammɔn yi nko ara a, ɛnna obetumi abɔ mpae wɔ kokoam ahyira ne ho so ama Yehowa. Ɛno akyi no, ɔbɛbɔ asu wɔ nnipadɔm anim de akyerɛ sɛ wahyira ne ho aso ama Yehowa. w18.03 6 ¶12

Wukuda, December 4

‘Maria de nsɛm yi nyinaa siee ne koma mu.’—Luka 2:51.

Wohwɛ a, adɛn nti na Yehowa paw Maria sɛ ɔmmɛyɛ Yesu maame? Akyinnye biara nni ho sɛ, na Yehowa honhom kyerɛ Maria kwan. Bere a Maria kɔsraa Sakaria ne Elisabet a na wɔyɛ n’abusuafo no, ayeyi nsɛm a ɛyɛ dɛ a Maria kae no ma yehu paa sɛ na ɔma Yehowa honhom kyerɛ no kwan. (Luka 1:46-55) Afei nso, ɛma yehu sɛ, na n’ani gye Onyankopɔn Asɛm ho, na na onim Hebri Kyerɛwnsɛm no yiye. (Gen. 30:13; 1 Sam. 2:1-10; Mal. 3:12) Hyɛ no nsow sɛ, ɛwom sɛ afei ara na na Maria aware Yosef deɛ, nanso ɔne ne kunu anna kosii sɛ ɔwoo Yesu. Wei ma yehu sɛ, na Yehowa apɛde ho hia wɔn mmienu nyinaa sen nea wɔn ankasa pɛ. (Mat. 1:25) Afei nso, biribiara a Yesu yɛe wɔ n’asetenam no, Maria de n’ani too fam hwɛe, na otiee nsɛm a ɛtɔ asom a ɔkae no. Wei kyerɛ sɛ, na Mesia a Onyankopɔn ama wɔahyɛ ne ho bɔ no ho asɛm hia Maria paa. Nea Maria yɛe no, yemmisa sɛ, ɛrentumi mmoa yɛn mma yenhu ɔkwan a yɛbɛfa so de Onyankopɔn apɛde adi kan wɔ biribiara mu? w18.02 21 ¶11

Yawda, December 5

‘Hiob yɛ onipa a ne ho nni asɛm na ɔteɛ.’—Hiob 1:8.

Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Hiob gyidi ne osetie a ɔyɛe? Tebea biara a yɛwom no, momma yɛnhwɛ sɛ bere nyinaa yɛbɛma Yehowa ho ahia yɛn asen biribi foforo biara. Momma yennya Yehowa mu ahotoso koraa na yemfi yɛn koma nyinaa mu ntie no. Nokwasɛm ne sɛ, yɛwɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa sen Hiob! Wo deɛ, yɛnhwɛ: Yenim Satan ne n’akwan ho nsɛm pii. (2 Kor. 2:11) Hiob nhoma no aboa ama yɛahu nea enti a Onyankopɔn ma kwan ma amanehunu ba yɛn so. Daniel nkɔmhyɛ no ama yɛate ase sɛ Onyankopɔn Ahenni yɛ aban a ebedi wiase nyinaa so, na Yesu Kristo na ɔyɛ so hene. (Dan. 7:13, 14) Yenim nso sɛ Ahenni no de amanehunu nyinaa bɛba awiei koraa nnansa yi ara. Hiob asɛm no ama yɛahu nso sɛ, sɛ yɛn nuanom Kristofo bi rehu amane a, ɛsɛ sɛ yenya ayamhyehye ma wɔn. Ɛtɔ da a, ebia wɔn mu bi mpo bɛkasa hatuhatu sɛnea Hiob yɛe no. (Ɔsɛnk. 7:7) Nanso sɛ́ anka yebenya wɔn ho adwemmɔne sɛ wɔayɛ biribi a enye no, momma yɛnte wɔn ase na yɛn yam nhyehye yɛn mma wɔn. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛresuasua yɛn Agya Yehowa a ɔwɔ ɔdɔ ne mmɔborɔhunu no.—Dw. 103:8. w18.02 6 ¶16; 7 ¶19-20

Fida, December 6

W’ahobrɛase na ɛbɛma mayɛ kɛse.—Dw. 18:35.

Ebinom ahoɔfɛ, edin a wɔagye, nnwom a wonim bɔ, wɔn ahoɔden, anaa dibea a wɔwɔ nti, wɔayɛ ahomaso. Ná Dawid wɔ saa nneɛma yi nyinaa bi, nanso ɔbrɛɛ ne ho ase ne nkwa nna nyinaa. Bere a Dawid kum Goliat na Ɔhene Saul de ne babea maa no aware no, Dawid kae sɛ: “Hena ne me, . . . na mabɛyɛ ɔhene ase?” (1 Sam. 18:18) Ɛnnɛ, Yehowa nkurɔfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase sɛnea Dawid yɛe no. Ahobrɛase yɛ suban a ɛyɛ fɛ, enti sɛ yehu sɛ Yehowa a ɔyɛ Ɔsorosoroni wɔ amansan yi mu da saa suban no adi a, ɛka yɛn koma paa. Yetie Onyankopɔn afotu yi: “Monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, ne abodwokyɛre.” (Kol. 3:12) Yenim nso sɛ ɔdɔ, “entu ne ho, ɛnhoman.” (1 Kor. 13:4) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, ebetumi atwe nkurɔfo aba Yehowa nkyɛn. w18.01 28 ¶6-7

Memeneda, December 7

‘Wɔsrɛɛ yɛn ara sɛ yɛmma wɔn hokwan na womfi ayamye mu mfa nea wɔwɔ mma.’—2 Kor. 8:4.

Ebia wɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ yenyi ntoboa mma wɔmfa nyɛ biribi pɔtee bi. (Aso. 4:34, 35; 1 Kor. 16:2) Ebi ne sɛ, ebia wɔrebesi Ahenni Asa foforo ama mo asafo. Ebia wɔbɛbɔ yɛn amanneɛ sɛ yebetumi ayi ntoboa nso akɔboa ɔmantam nhyiam a yɛrebɛyɛ. Ebia atoyerɛnkyɛm bi asi wɔ baabi ma yɛn nuanom hia yɛn mmoa. Anuanom a wɔyɛ adwuma wɔ yɛn adwumayɛbea ti ne wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ baa dwumadibea ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa nso, yeyi ntoboa de boa wɔn. Wɔde ntoboa a yeyi no bi boa asɛmpatrɛwfo, akwampaefo atitiriw, ne amansin so ahwɛfo. Yɛn nyinaa betumi aboa adwuma a Yehowa reyɛ wɔ nna a edi akyiri yi mu. Ntoboa a yɛn nsa ka no, nkurɔfo a woyi no, yennim wɔn mu dodow no ara. Sɛ yɛde ntoboa gu ntoboa nnaka mu wɔ Ahenni Asa so anaa yɛde yɛn ntoboa fa jw.org so a, yɛmma afoforo nhu sika dodow a yeyi. Ebia yɛn adwene bɛyɛ yɛn sɛ ntoboa nketenkete a yeyi no, ɛmmoa ahe biara. Nanso, ntoboa a yenya nnɛ no, emu fã kɛse no ara yɛ ntoboa nketenkete pii a anuanom yi, na ɛnyɛ ntoboa akɛse akɛse a nnipa kakraa bi yi no. w18.01 19 ¶10-11

Kwasida, December 8

‘Asubɔ na seesei egye mo nkwa.’—1 Pet. 3:21.

Ɛsɛ sɛ Kristoni biara bɔ asu, na ɛyɛ anammɔn a ehia sɛ obi tu na ama wanya nkwagye. (Mat. 28:19, 20) Asu a wobɔe no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ woahyira wo ho so. Wuhyiraa wo ho so no, wufi wo komam hyɛɛ Yehowa bɔ sɛ wobɛdɔ no, na wode n’apɛde bedi kan wɔ biribiara mu. Ɛyɛ bɔhyɛ a emu yɛ duru. Sɛ wode wo ho hyɛ Yehowa nsa a, na wontoo wo ho nkyenee koraa. Sɛ nso woamfa wo ho anhyɛ Yehowa nsa a, wo deɛ, hwɛ baabi a anka wowɔ! Obi a onnim Yehowa no, ɔhyɛ Satan nniso ase. Wo nkwagye ho nhia Ɔbonsam. Anokwa, sɛ wokɔka Satan ho na mopo Yehowa tumidi ma daa nkwa bɔ wo a, n’ani begye sɛ. Esiane sɛ woankɔ Satan afã na wuhyiraa wo ho so bɔɔ asu bɛyɛɛ Kristoni yi nti, hwɛ nhyira a woanya. Seesei a wode wo ho ama Yehowa no, saa bere yi paa na wubetumi de ahotoso aka sɛ: “Yehowa wɔ m’afã; merensuro. Dɛn na onipa desani betumi ayɛ me?” (Dw. 118:6) Wubenya sɛ wugyina Onyankopɔn afã na woanya n’anim dom? Hokwan biara nni hɔ a ɛsen saa. w17.12 23-24 ¶1-3

Dwoda, December 9

Mma wo bo mmfuw na woanyɛ bɔne.—Dw. 37:8.

Ɛtɔ da a yɛn nuanom Kristofo bɛka asɛm bi anaa wɔbɛyɛ biribi ama ahaw yɛn; saa ara na yɛn nso yebetumi ayɛ biribi ama ahaw wɔn. Wei betumi asɔ yɛn ahwɛ paa. Ɛwom sɛ yɛn nuanom a wɔahyira wɔn ho so no tɔ sin, nanso Yehowa dɔ wɔn. Enti sɛnea yehyia sɔhwɛ foforo biara a Yehowa ma yɛfa mu no, wei nso ɔbɛhwɛ kwan sɛ yɛne yɛn nuanom bɛbom ayɛ adwuma de akyerɛ sɛ yedi no nokware. Sɛ sɔhwɛ reba Yehowa asomfo so a, onsiw sɔhwɛ no kwan. Yehu wei wɔ nea ɛtoo Yosef no mu. Bere a Yosef yɛ aberante no, na n’agya mma ani bere no, enti wɔtɔn no ma ɔkɔyɛɛ akoa wɔ Egypt. (Gen. 37:28) Nea na ɛrekɔ so nyinaa no, Yehowa hui, na akyinnye biara nni ho sɛ, bere a ohuu nea wɔde yɛɛ n’adamfo Yosef a ɔyɛ treneeni no, ne werɛ howee. Nanso, Yehowa anyi no amfi mu. Akyiri yi, bere a Potifar yere bɔɔ Yosef sobo sɛ Yosef pɛ sɛ ɔto no mmonnaa na wɔde no too afiase no, ɛno nso Yehowa amfa ne ho annye mu. Nanso yemmisa sɛ, Onyankopɔn gyaw Yosef koraa? Dabi, mmom: “Nea [Yosef yɛe] biara, Yehowa hwɛ ma ɛyɛɛ yiye.”—Gen. 39:21-23. w18.01 9-10 ¶12-14

Benada, December 10

Na sɛ awufo sɔre nni hɔ de a, na ɛkyerɛ sɛ wɔannyan Kristo nso.—1 Kor. 15:13.

Mo nkyerɛkyerɛ paa ne sɛn? Akyinnye biara nni ho sɛ, wobɛka sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ ne yɛn Nkwamafo. Ebia wobɛka nso sɛ wugye di sɛ Yesu Kristo wui de ne ho mae sɛ agyede. Na wode anigye bɛka aka ho sɛ asase so paradise bi reba; ɛhɔ na Onyankopɔn nkurɔfo bɛtena afebɔɔ. Nanso, wobɛka sɛ owusɔre ka nea wugye di paa no ho? Sɛ yegye di sɛ yebetwa ahohiahia kɛse no na yɛatena asase so daa mpo a, ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ owusɔre ka yɛn nkyerɛkyerɛ paa ho. Sɛ wɔannyan Kristo a, anka ɔrentumi nni yɛn so sɛ Ɔhene, na anka Kristo nniso ho asɛm a yɛreka no nso bɛyɛ kwa. (1 Kor. 15:12-19) Nanso yenim sɛ wonyanee Yesu, na owusɔre mu gyidi a yɛwɔ no, yɛkɔ so kura mu pintinn.—Mar. 12:18; Aso. 4:2, 3; 17:32; 23:6-8. w17.12 8 ¶1-2

Wukuda, December 11

Mmara no mu nsɛm a tumi wom a ɛne atɛntrenee ne mmɔborɔhunu ne nokwaredi no de, momfa nyɛ hwee.—Mat. 23:23.

Farisifo no deɛ, nea na ehia wɔn ara ne nea ɔbɔnefo no ayɛ na ɛnyɛ sɛnea ɔbɔnefo no te ankasa. Bere a Farisifo no hui sɛ Yesu akɔ apontow bi ase wɔ Mateo fie no, wobisaa Yesu asuafo no sɛ: “Dɛn nti na mo kyerɛkyerɛfo no ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo didi?” Yesu buae sɛ: “Nnipa a wɔwɔ ahoɔden no nhia ɔyaresafo, na mmom wɔn a wɔyare na wohia. Afei monkɔ na munkosua nea eyi kyerɛ, ‘Mepɛ mmɔborɔhunu, na ɛnyɛ afɔrebɔ.’ Na mammɛfrɛ treneefo na mmom nnebɔneyɛfo.” (Mat. 9:9-13) Ná Yesu resosɔ bɔne so anaa? Ɛnte saa koraa. Ná Yesu pɛ sɛ nkurɔfo sakra fi wɔn bɔne ho. Enti na adwensakra di akoten wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu. (Mat. 4:17) Yesu hui sɛ na “towgyefo ne nnebɔneyɛfo” no bi pɛ sɛ wɔsakra. Ɛnyɛ adidi nko ara nti na wɔbaa Mateo fie hɔ. Mmom, na wɔn mu pii yɛ Yesu akyidifo. (Mar. 2:15) Awerɛhosɛm ne sɛ, Farisifo dodow no ara anhu nea na Yesu ahu wɔ saa nkurɔfo no ho no. w17.11 13 ¶2; 16 ¶15

Yawda, December 12

Monhyɛ ɔdɔ efisɛ ɛyɛ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.—Kol. 3:14.

Yɛn nyinaa gye tom sɛ ɛyɛ nhyira sɛ yɛwɔ Kristofo asafo no mu. Yesua Onyankopɔn Asɛm no wɔ asafo nhyiam ase, yɛda ɔdɔ adi kyerɛ yɛn ho yɛn ho, na yeyi yɛn yam boa yɛn ho yɛn ho. Wei boa yɛn ma yɛde yɛn ani si nkonimbo no so. Nanso ɛtɔ da a, mente me ho ase tumi de akasakasa ba asafo no mufo ntam. Sɛ yɛanhwɛ ansiesie ɔhaw a ɛte saa a, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛde afoforo ho nsɛm bɛhyɛ yɛn mu. (1 Pet. 3:8, 9) Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛamfa afoforo ho nsɛm anhyɛ yɛn mu na nkonimbo no ammɔ yɛn? Paulo ka kyerɛɛ Kolosefo no sɛ: “Sɛ́ nnipa a Onyankopɔn apaw mo, akronkronfo ne adɔfo no, monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, ne abodwokyɛre. Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora. Sɛnea Yehowa de afiri mo no, mo nso monyɛ saa ara.”—Kol. 3:12, 13. w17.11 27 ¶7-8

Fida, December 13

Onguan nkɔ nkurow yi biako mu.—Yos. 20:4.

Sɛ onipa bi anhyɛ da na okum obi a, na ɛsɛ sɛ oguan kɔ guankɔbea kurow bi mu. Odu hɔ a, na ɛsɛ sɛ odi kan de ‘n’asɛm kɔto mpanyimfo anim’ wɔ kurow no pon ano. Ná ɛsɛ sɛ ɛhɔnom mpanyimfo gye no fɛw so. Bere bi akyi no, kurom hɔfo mpanyimfo san de onipakumfo no kɔma kurow a okum onipa no mu mpanyimfo ma wodi n’asɛm. (Num. 35:24, 25) Sɛ saa mpanyimfo no si gyinae sɛ onipakumfo no anhyɛ da a, na wɔsan de no kɔ guankɔbea kurow no mu. Adɛn nti na na ehia sɛ onipakumfo no de n’asɛm kɔto mpanyimfo no anim? Wɔn na na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ma Israel man no ho tew, na wɔboa onipakumfo a wanhyɛ da no ma onya Yehowa mmɔborɔhunu. Bible ho ɔbenfo bi kae sɛ, sɛ onipakumfo no amfa n’asɛm ankɔto mpanyimfo no anim a, na “ɔde ne nkwa ato asiane mu . . . efisɛ wanhwehwɛ ahobammɔ ho nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ ama no no.” Sɛ wankɔhwehwɛ mmoa wɔ guankɔbea nkurow a na Yehowa ayi asi hɔ no baako mu a, na obusuani a ɔbɛn onipa a wawu no betumi akum no a obiara renyɛ no hwee. w17.11 9 ¶6-7

Memeneda, December 14

So wɔn nyinaa nyɛ ahonhom a wɔsom, a wɔsoma wɔn ma wɔkɔsom wɔn a wɔbɛyɛ nkwagye adedifo no?—Heb. 1:14.

Asafo Yehowa da so ara ma n’abɔfo bɔ ne nkurɔfo ho ban hyɛ wɔn den. (Mal. 3:6; Heb. 1:7) Babilon Kɛse no de honhom fam Israelfo yɛɛ nkoa wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Efi bere a wogyee wɔn fii nkoasom mu afe 1919 no, wɔn atamfo asɔre atia wɔn denneennen, nanso nokware som akɔ so atrɛw. (Adi. 18:4) Esiane sɛ abɔfo bɔ Yehowa ahyehyɛde no ho ban nti, ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ ɛbɛba sɛ atoro som de Yehowa nkurɔfo bɛyɛ nkoa bio. (Dw. 34:7) Mmom, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ wiase nyinaa bɛkɔ so anya anigye wɔ ne som mu. Yɛwɔ asraafodɔm wɔ yɛn afã. Edu bere a emu yɛ den saa wɔ ahohiahia kɛse no mu a, abɔfo a wɔyɛ asafo Yehowa asraafo no bɛka abom na wɔabɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho ban. Wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn tumidi no. (2 Tes. 1:7, 8) Saa da no, ɛbɛyere paa! w17.10 28 ¶10-11

Kwasida, December 15

‘Munnyin wɔ mo gyidi kronkron mu, na mommɔ mpae wɔ honhom kronkron mu.’—Yuda 20.

Sɛ wɔatu wo busuani bi afi asafo no mu anaa watwe ne ho afi asafo no ho a, ebetumi ayɛ yaw te sɛ nea obi de nkrante awɔ wo. Wobɛyɛ dɛn agyina ɛyaw a ɛte saa ano? Ehia sɛ wode w’adwene si Yehowa som so. Hyɛ wo ho den; kenkan Bible daa, sua ade ansa na woakɔ Kristofo nhyiam, kɔ asɛnka daa, na bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔnhyɛ wo den mma wuntumi nnyina ano. (Yuda 21) Sɛ woyɛ wei nyinaa na sɛ ɛyaw no da so ara wɔ wo mu nso ɛ? Ɛba saa a, mpa abaw! Fa w’adwene si Yehowa som so, na ebetumi aboa wo ama woadi nea ɛwɔ w’adwene ne wo koma mu so. Yɛnhwɛ nea ɛtoo Dwom 73 kyerɛwfo no. Eduu bere bi no, onyaa adwene a ɛnteɛ na adwinnwen hyɛɛ ne so. Nanso bere a ɔkɔɔ Onyankopɔn asɔrefie no, otumi tenetenee n’adwene. (Dw. 73:16, 17) Sɛ wode nokwaredi som Yehowa a, ebetumi aboa wo ama woayɛ saa. w17.10 16 ¶17-18

Dwoda, December 16

Mommma nyaatwom mmma mo dɔ mu.—Rom. 12:9.

Eden turom no, Satan yɛɛ ne ho sɛ nea ɔpɛ Hawa asɛm, nanso nea ɔyɛe no kyerɛ sɛ na ɔyɛ pɛsɛmenkominya ne nyaatwom. (Gen. 3:4, 5) Dawid bere so no, Ahitofel yɛɛ biribi a na ɛkyerɛ sɛ na ɔnyɛ adamfo pa. Bere a Ahitofel nyaa adwene sɛ nneɛma bɛkɔ yiye ama no no, oyii Dawid mae. (2 Sam. 15:31) Ɛnnɛ nso, awaefo ne wɔn a wɔde mpaapaemu ba asafo no mu de “tɛkrɛmadɛ ne adɔkɔdɔkɔsɛm” yɛ wɔn ho sɛ nea wɔwɔ ɔdɔ, nanso nokwasɛm ne sɛ, wɔyɛ pɛsɛmenkominya. (Rom. 16:17, 18) Ɔdɔ a ɛyɛ nyaatwom no, ɛyɛ aniwu efisɛ ɛyɛ daadaakra, ɛnyɛ ɔdɔ a efi koma mu. Nnipa na yebetumi de saa nyaatwom dɔ yi adaadaa wɔn, na ɛnyɛ Yehowa. Yesu kae sɛ wɔn a wɔyɛ wɔn ade sɛ nyaatwomfo no, ‘wɔbɛtwe wɔn asõ denneennen.’ (Mat. 24:51) Enti, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Ɔdɔ a meda no adi daa no, ɛyɛ ɔdɔ kann, anaa ɛyɛ pɛsɛmenkominya ne nnaadaa?’ w17.10 8 ¶6-8

Benada, December 17

Wɔwɔ Onyankopɔn ho nnamyɛ de, nanso ɛnyɛ nokware nimdeɛ mu.—Rom. 10:2.

Yɛwɔ asɛnka mu na yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no a, na yɛrema Yehowa akasa akyerɛ ofiewura no. Asɛm biara nni hɔ a yɛbɛka a ebetumi aka obi koma akyɛn sɛ yɛbɛkenkan kyerɛwsɛm bi a ɛfata akyerɛ no. (1 Tes. 2:13) Enti bisa wo ho sɛ, ‘Mereka asɛmpa no a, mebɔ mmɔden biara sɛ mɛkenkan Bible mu asɛm bi akyerɛ wɔn a me ne wɔn rekasa no anaa?’ Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛkenkan Bible mu asɛm kyerɛ nkurɔfo a, ɛnsɛ sɛ yɛde so hɔ ara. Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, nnipa pii nte Bible ase papa anaasɛ wɔnte ase koraa. Asomafo no bere so no, saa na na ɛte; ɛnnɛ nso saa ara na ɛte. Enti ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ yɛkenkan kyerɛwsɛm bi kɛkɛ a, obi bɛte ase. Ehia sɛ yegye bere si kyerɛwsɛm no afã bi so dua. Ebia ebehia sɛ yɛsan kenkan nsɛmfua titiriw a ɛwom no na yɛkyerɛkyerɛ mu. Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa paa ama Onyankopɔn Asɛm no aka yɛn atiefo no adwenem na asian akɔ wɔn koma mu tɔnn.—Luka 24:32. w17.09 25 ¶7-8

Wukuda, December 18

Munnya . . . ayamhyehye.—1 Pet. 3:8.

Wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobesuasua Yesu deɛ, ehia sɛ wonya ayamhyehye ma afoforo ne wɔn nuanom Kristofo. (Yoh. 13:34, 35) Ayamhyehye nkyerɛase baako nso ne sɛ wo ne afoforo “bɛbom ahu amane.” Obi a ɔwɔ ayamhyehye bɔ mmɔden boa wɔn a wɔrehu amane, na ɛno ma wɔn ho dwo wɔn. Hwehwɛ akwan bi a wobɛfa so ayɛ saa! Atoyerɛnkyɛm si a, nnipa fa amanehunu pii mu. Wei ka nnipa pii koma ma wɔda ayamhyehye adi kyerɛ wɔn. Wonim Yehowa nkurɔfo sɛ wɔboa wɔ atoyerɛnkyɛm bere mu. (1 Pet. 2:17) Asasewosow sii wɔ Japan maa ɛpo twiw faa asase so afe 2011. Ɛsɛee baabi a na onuawa bi a ɔyɛ Japanni te pasaa. Atuhoamafo pii a wofi Japan mmeae bi ne wɔn a wofi amannɔne kosiesiee wɔn adan a abubu no. Onuawa no kae sɛ bere a ohuu wɔn no, “ɛhyɛɛ no nkuran, na onyaa awerɛkyekye.” Onuawa no de kaa ho sɛ: “Nea atuhoamafo no yɛe no boaa me ma mihui sɛ Yehowa dwen yɛn ho. Yɛn nuanom Adansefo nso dwen yɛn ho. Afei nso yɛn nuanom mmarima ne mmea pii a wɔwɔ wiase nyinaa bɔ mpae ma yɛn.” w17.09 11 ¶12-13

Yawda, December 19

Honhom no aba ne . . . ahosodi.—Gal. 5:22, 23.

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wunya ahosodi? Yɛnhwɛ nneɛma mmienu bi. Nea edi kan, abɛda adi sɛ nnipa a wotumi hyɛ wɔn ho so ntaa nhyia ɔhaw pii. Wɔwɔ ntoboase, wotumi ne afoforo bɔ yiye, wɔn bo mfuw ntɛmntɛm, na wɔmma dadwen nhyɛ wɔn so te sɛ wɔn a wonni ahosodi no. Nea ɛto so mmienu, sɛ yɛbɛkɔ so anya Onyankopɔn anim dom a, gye sɛ yɛko tia sɔhwɛ na yɛhyɛ yɛn ho so wɔ akɔnnɔ bɔne ho. Adam ne Hawa ahwease no ma yehu sɛ asɛm a yɛreka yi yɛ nokwasɛm paa. (Gen. 3:6) Efi saa bere no, nnipa bebree anni wɔn ho so, na wei akɔfa awerɛhosɛm pii abrɛ wɔn. Onipa a ɔtɔ sin biara nni hɔ a obetumi adi ne ho so pɛpɛɛpɛ. Yehowa nim sɛ ɛnyɛ mmerɛw mma n’asomfo sɛ wobedi wɔn ho so, enti ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn ma wodi akɔnnɔ bɔne so.—1 Ahe. 8:46-50. w17.09 3-4 ¶3-4

Fida, December 20

Monhyɛ nipasu foforo.—Kol. 3:10.

Bere bi a atwam no, na wɔmma Adansefo a wɔyɛ abibifo ne aborɔfo a wɔwɔ South Africa no mmɔ. Nanso Kwasida, December 18, 2011 no, anuanom bɛboro 78,000 bɛhyɛɛ agoprama kɛse a ɛwɔ Johannesburg so mã tiee dwumadi titiriw bi. Abibifo ne aborɔfo a wofi South Africa ne aman a ɛbɛn hɔ na wohyiaa mu. Ná ɛyɛ fɛ kwa! Mpanyimfo a wɔhwɛ agoprama no so baako kae sɛ: “Nnipa a wɔwɔ suban pa sei deɛ, minhuu bi wɔ agoprama yi so saa da. Mo ntadehyɛ ne mo ahosiesie ho twa. Moasiesie agoprama yi so kama. Wei nyinaa nka mfua, moyɛ nkurɔfo a munyiyi nnipa mu ampa.” Nsɛm a ɛte saa a wɔn a wɔnyɛ Adansefo ka no ma yehu sɛ ahyehyɛde biara nni hɔ a ɛte sɛ yɛn deɛ no. Ɛda nsow ampa. (1 Pet. 5:9) Dɛn na ɛma yɛda nsow koraa wɔ ahyehyɛde foforo biara ho? Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom kronkron boa yɛn ma yɛyere yɛn ho ‘yi nipasu dedaw no gu,’ na ‘yɛhyɛ nipasu foforo’ no.—Kol. 3:9. w17.08 17-18 ¶2-3

Memeneda, December 21

Mo nso munnya ntoboase.—Yak. 5:8.

Bible ma yehu sɛ, honhom kronkron na ɛma obi nya ntoboase anaa abodwokyɛre. Sɛ Onyankopɔn nsa nnim a, nnipa a wɔtɔ sin ntumi nnya ntoboase sɛnea ɛsɛ. Ntoboase yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. Sɛ yɛwɔ ntoboase a, ɛma ɛda adi paa sɛ yɛdɔ no. Afei nso, sɛ yenya ntoboase a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ afoforo. Sɛ obi nni ntoboase koraa a, ebetumi ama ne dɔ ano adwo. Nanso sɛ ɔwɔ ntoboase a, ne dɔ bɛyɛ kɛse. (1 Kor. 13:4; Gal. 5:22) Yɛka sɛ obi wɔ ntoboase anaa abodwokyɛre a, ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ suban pa ahorow bi. Ɛho nhwɛso ne sɛ, obi a ɔwɔ ntoboase wɔ boasetɔ nso. Sɛ yɛwɔ boasetɔ na yehyia ɔhaw bi a, ɛboa yɛn ma yetumi de adwempa gyina ano. (Kol. 1:11; Yak. 1:3, 4) Afei nso, sɛ obi a ɔwɔ ntoboase rehu amane a, ɔnyɛ bi ntua ka. Ogyina pintinn ɛmfa ho nea ɛbɛto no biara. Bio nso, Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yemfi yɛn koma nyinaa mu ntwɛn. Yebehu ntoboase a yɛreka ho asɛm yi wɔ Yakobo 5:7, 8. w17.08 4 ¶4

Kwasida, December 22

Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den. Mɛboa wo.—Yes. 41:10.

Mmabun, ebia mubegye atom sɛ, sɛ wopɛ sɛ wutu kwan a, ɛyɛ papa sɛ wudi kan dwen ho hu baabi a wobɛkɔ. Abrabɔ te sɛ akwantu. Saa bere yi a woyɛ aberante anaa ababaa yi na ɛsɛ sɛ wudwen ho hu nea wode w’abrabɔ bɛyɛ. Ɛwom, ɛnna fam sɛ wobɛfa saa adwene no. Nanso ka wo koma to wo yam. Hyɛ asɛm a Yehowa kae a ɛyɛ ɛnnɛ asɛm no nsow. Yehowa tu wo fo sɛ dwen wo daakye ho yiye. (Ɔsɛnk. 12:1; Mat. 6:20) Ɔpɛ sɛ w’ani gye. Nneɛma a wabɔ no ma yehu saa. Ebi ne nea yehu, nea yɛte, ne nea yedi. Afei nso Yehowa dwen yɛn ho, na ɔkyerɛ yɛn nea yɛyɛ a ebesi yɛn yiye wɔ abrabɔ mu. Yehowa ka kyerɛ wɔn a wontie n’afotu sɛ: “Nea m’ani nnye ho na mopawee. . . . Hwɛ, me nkoa ani begye, na mo de, mo ani bewu. Hwɛ, me nkoa bedi ahurusi, koma pa nti.” (Yes. 65:12-14) Sɛ Yehowa asomfo sisi gyinae pa wɔ wɔn asetena mu a, ɛhyɛ no anuonyam.—Mmeb. 27:11. w17.07 22 ¶1-2

Dwoda, December 23

[Yehowa bobɔ nsoromma] nyinaa din frɛfrɛ wɔn.—Dw. 147:4.

Onyankopɔn nim baabi a nsoromma biara wɔ, enti wo nso onim wo paa. Sɛ ɛhe na wowɔ  oo, sɛn na wote nka oo, dɛn na wuhia oo, bere bɛn na wuhia dekode no oo, onim ne nyinaa! Yehowa dwen wo ho na onim nea worefa mu. Ɔhaw a worehyia wɔ asetena mu no, ɔwɔ tumi a ɔde bɛboa wo ama woagyina ano. (Dw. 147:5) Tebea a wowom no, ebia wote nka sɛ woyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye. Onyankopɔn te wo ase na ‘ɔkae sɛ woyɛ mfutuma.’ (Dw. 103:14) Bɔne wɔ yɛn ho, enti yɛtaa di mfomso. Mfomso koro no ara, wobɛhwɛ na yɛasan akɔyɛ bio. Ɛtɔ da a yetumi ka asɛm bi, akyiri yi na yɛanu yɛn ho. Ɛyɛ ara ni na honam akɔnnɔ retwetwe yɛn, anaa wobɛhwɛ mpo na yɛn ani bere obi ade! Yehowa deɛ, mfomso a ɛte saa biara nni ne ho. Nanso sɛ yɛrefa ɔhaw bi mu a, sɛnea Yehowa te yɛn ase no, yɛrentumi nkyerɛ mu mpo! (Yes. 40:28) Yɛreka yi, ebia na Yehowa de ne nsa a ɛyɛ den no aboa wo ama woagyina ɔhaw bi ano.—Yes. 41:10, 13. w17.07 18-19 ¶6-8

Benada, December 24

Nea ohu mmɔbɔ no benya nhyira.—Mmeb. 22:9.

Onua bi a ofi Sri Lanka wɔ amannɔne. Nanso ɔde ne fie ne n’asase a ɛwɔ ne kurom ama anuanom sɛ wɔmfa nyɛ asafo nhyiam ne ɔmansin nhyiam. Anuanom a wɔyɛ bere nyinaa som adwuma no bi nso te ne fie hɔ. N’agyapade no, sɛ ɔde repɛ sika a, anka obenya bi paa. Nanso, ɔde ne nyinaa abɔ afɔre. Wei aboa adawurubɔfo a wɔwɔ hɔ a wɔn nsam nni bi no. Ɔman foforo bi nso, wɔabara Yehowa Adansefo som adwuma no wɔ hɔ. Anuanom a wɔwɔ hɔ no bi ama wɔde wɔn fie ayɛ Ahenni Asa. Ɛno ama akwampaefo ne afoforo pii a wonni sika anya baabi a wohyiam. Wei mfa sikasɛm ho dadwen mmɛto wɔn so. Onuawa bi taa yi ntoboa de boa Ahenni adwuma no. Ɔkaa nhyira bi a wanya ho asɛm sɛ: “Mfe pii ni, mahu sɛ, sɛ mibue me nsam ma afoforo a, ɛma minya atenka soronko. Mahu sɛ, sɛ mibue me nsam ma afoforo a, ɛma me ne wɔn tena fɛfɛɛfɛ. Ɛma mitumi de afoforo mfomso kyɛ wɔn, na minya afoforo ho abotare. Afei sɛ nneɛma ankɔ yiye anaa wɔde afotu bi ma me a, ɛnhaw me pii.” w17.07 9 ¶9-10

Wukuda, December 25

Yehowa ka kyerɛɛ Satan sɛ: “Hwɛ! Biribiara a ɔwɔ hyɛ wo nsa.”—Hiob 1:12.

Sɛ akyiri yi Hiob huu nea enti a ohuu amane mpo a, ebetumi aba sɛ na ɛtɔ da a odwinnwen ho sɛ, Adɛn nti na na ɛsɛ sɛ ohu amane pii saa? Biribi saa kɔɔ so wɔ Hiob adwenem mpo a, na obetumi akae Onyankopɔn nteɛso no. Ná ɛno bɛboa no ma ɔde n’adwene asi Onyankopɔn tumidi no so, na wahu sɛ ɛno na ehia paa. Ɔyɛ saa a, na ɛbɛkyekye ne werɛ. (Dw. 94:19) Yɛn nso, Hiob asɛm no betumi aboa yɛn ama yɛahu sɛ Onyankopɔn tumidi no ho hia. Ebetumi nso akyekye yɛn werɛ. Adeɛ yi, Yehowa ama wɔakyerɛw “ama yɛn nkyerɛkyerɛ, na yɛnam yɛn boasetɔ ne Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.” (Rom. 15:4) Dɛn na yesua fi mu? Nea yesua fi mu paa ni: Ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si yɛn haw so araa ma yɛn werɛ fi ade a ehia paa no. Ɛno ne Yehowa tumidi a wɔbɛsan ho. Momma yɛnkae sɛ, nea yebetumi ayɛ de agyina Onyankopɔn tumidi akyi ne sɛ yebedi nokware wɔ sɔhwɛ a emu yɛ den mu te sɛ Hiob. w17.06 24 ¶9; 25 ¶13-14

Yawda, December 26

Mommra mmɛsen nkɔhyɛ baabi nhome kakra.—Mar. 6:31.

Yesu hui sɛ ɛwom ara a, ɛsɛ sɛ nnipa home. Bere bi a Yesu asuafo no yeree wɔn ho kodii adanse no na ɔkaa ɛnnɛ asɛm no kyerɛɛ wɔn. Nokwasɛm ne sɛ, ehia paa sɛ yegye yɛn ahome na yegye yɛn ani nso. Nanso, sɛ yɛanhwɛ yiye a, yɛn ani a yebegye no betumi abɛyɛ ade titiriw wɔ yɛn asetena mu. Asomafo no bere so no, adwene a na nnipa pii kura ne sɛ: “Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.” (1 Kor. 15:32) Ɛnnɛ, saa suban no abu so wɔ mmeae pii wɔ wiase. Yemmisa sɛ, yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ adwene a yɛwɔ wɔ anigyede ho no fata? Nea yebetumi ayɛ ne sɛ, yebeyi nnawɔtwe bi asi hɔ na yɛabu akontaa ahwɛ nnɔnhwerew dodow a yɛde yɛ nneɛma a ɛfa Yehowa som ho. Afei yebetumi de nnɔnhwerew dodow a yɛde yɛ saa nneɛma yi atoto nnɔnhwerew dodow a yɛde gye yɛn ani wɔ nneɛma bi te sɛ agokansi, nneɛma a yɛyɛ de gyigye yɛn ani, television a yɛhwɛ, anaa video so agorɔ a yedi ho. Yehu sɛ ebia ɛho behia sɛ yɛtew bere a yɛde gye yɛn ani no so anaa?—Efe. 5:15, 16. w17.05 24-25 ¶11-13

Fida, December 27

Ɔsoro ahenni te sɛ oguadini bi a otu kwan kɔhwehwɛ nhene pa.—Mat. 13:45.

Yesu mfatoho no mu no, oguadini no huu ahweneɛ bi a ɛso bi nni. Sɛ na obetumi atɔ a, na ɛsɛ sɛ ɔkɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa. Wunhu sɛ na ahweneɛ no som bo ma no paa? Nokware a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho no, ɛte sɛ ahweneɛ a ne bo yɛ den. Yɛahu sɛ na oguadini no ani gye ahweneɛ no ho paa. Sɛ yɛn nso yɛn ani gye Ahenni no ho saa a, ɛnde yɛde biribiara bɛbɔ afɔre abɛyɛ Ahenni no nkoa, na yɛremma biribiara ntwe yɛn mfi ho. (Mar. 10:28-30) Yɛnhwɛ Sakeo. Ná wabɔ nkurɔfo apoo abɛyɛ ɔdefo. (Luka 19:1-9) Nanso bere a saa nipabɔnefo yi tee sɛ Yesu reka Ahenni no ho asɛm no, ohui sɛ Ahenni no som bo paa. Enti ntɛm ara otuu anammɔn bi. Ɔkae sɛ: “Hwɛ! Awurade, mede m’ahode fã ma ahiafo na biribiara a mede nkontompo agye afi obi hɔ no, merebɔ ho mpɛn anan ama no.” Sika a na wabɔ nkurɔfo apoo anya no, ɔsan de ne wuranom ade maa wɔn, na wamma n’ani ammere nkurɔfo ade bio. w17.06 10 ¶3-5

Memeneda, December 28

Biribiara nni hɔ a ɛma minya anisɔ kɛse sen eyinom, sɛ mɛte sɛ me mma nam nokware no mu.—3 Yoh. 4.

Nnipa a awofo bɛpaw wɔn sɛ wɔmmoa wɔn mma no, ɛsɛ sɛ wɔboa mmofra no ma wonya obu ma wɔn awofo bere nyinaa. Ɛsɛ sɛ wɔka awofo no ho nsɛm a ɛfata kyerɛ mmofra no, na ɛnsɛ sɛ wogye awofo no asɛyɛde fi wɔn nsam. Bio, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔboa awofo no yɛ nneɛma biara a asafo no mufo ne wɔn a wonni asafo no mu bebu no sɛ nneyɛe bɔne. (1 Pet. 2:12) Ɛnsɛ sɛ awofo dan wɔn mma hyɛ afoforo nsa sɛ wɔmmoa wɔn mma wonhu nokware no bere a wɔn ankasa nyɛ hwee mfa mmoa mmofra no. Mmom no, ɛsɛ sɛ awofo no kɔ so ma wɔn ani di mmoa a wɔn nuanom Kristofo binom de rema wɔn mma no akyi. Na ɛsɛ sɛ wɔn ankasa nso kɔ so kyerɛkyerɛ wɔn mma no. Awofo, mommɔ mpae nhwehwɛ Yehowa mmoa, na mommɔ mmɔden nyɛ nea mubetumi biara. (2 Be. 15:7) Ma adamfofa a wo ba ne Yehowa benya no ho nhia wo nsen nneɛma a w’ankasa ani gye ho. Yɛ nea wubetumi biara sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn Asɛm no bedu wo ba koma mu. Kɔ so ara nya awerɛhyem sɛ wo ba betumi abɛyɛ Yehowa somfo nokwafo. w17.05 12 ¶19-20

Kwasida, December 29

Ɛmpare me sɛ megyina Yehowa anim de m’agyanom agyapade ama wo.—1 Ahe. 21:3.

Wo de, hwɛ asɛm. Wɔatwa atoro de bɔne bi a emu yɛ duru ho sobo abɔ ɔbarima bi. Wogyinaa atosɛm a adansefo bi a wonim wɔn paa sɛ wɔyɛ ahuhufo kae so buu ɔbarima no fɔ. Wei maa n’abusuafo ne ne nnamfo ho dwiriw wɔn, na wɔn koma tui. Bere a wɔn a wɔdɔ atɛntrenee hui sɛ wɔrekum ɔbarima a ɔnyɛɛ bɔne biara ne ne mmabarima no, wo de, hwɛ sɛnea wɔn ho bedwiriw wɔn. Nea yɛreka yi, ɛnyɛ anansesɛm. Wei yɛ asɛm a ɛtoo Yehowa somfo nokwafo Nabot a ɔtenaa ase wɔ Israel hene Ahab nniso ase no. (1 Ahe. 21:11-13; 2 Ahe. 9:26) Bere a Ɔhene Ahab kae sɛ ɔbɛtɔ Nabot bobeturo no anaa ɔde bobeturo foforo a eye sen ne de no besi n’ananmu no, Nabot ampene. Adɛn ntia? Yehowa mmara a ɔde maa Israelfo no nti na Nabot ampene asɛm a Ahab kae no so no. Ná Yehowa mmara no kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ Israelfo tɔn wɔn abusuakuw agyapade korakora. (Lev. 25:23; Num. 36:7) Ɛda adi pefee sɛ, na Nabot wɔ adwene a Yehowa wɔ wɔ nneɛma ho no bi. w17.04 23 ¶1; 24 ¶4

Dwoda, December 30

Aka kakraa bi na ɔdebɔneyɛfo nni hɔ bio; na wohwehwɛ ne tenabea a, na onni hɔ.—Dw. 37:10.

Sɛ woyi nnebɔneyɛfo fi hɔ a, henanom na wɔbɛka? Yehowa ahyɛ bɔ bi a ɛma yenya awerɛhyem. Ɔka sɛ: “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” Saa dwom no san ka sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.” (Dw. 37:11, 29) Henanom ne “ahobrɛasefo” ne “treneefo” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no? Ahobrɛasefo no yɛ wɔn a wofi wɔn komam gye Yehowa nkyerɛkyerɛ ne n’akwankyerɛ tom. Treneefo no nso ne wɔn a wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa Nyankopɔn ani so. Ɛnnɛ wiase yi mu no, nnebɔneyɛfo dɔɔso sen treneefo koraa. Nanso, wiase foforo a ɛreba no mu de, ɛremma sɛ ahobrɛasefo ne treneefo bɛdɔɔso asen abɔnefo, anaasɛ abɔnefo bɛdɔɔso asen ahobrɛasefo ne treneefo. Mmom no, ahobrɛasefo ne treneefo nkutoo na wɔbɛtena asase so. Nokwasɛm ne sɛ, nnipa a wɔte saa no bɛma asase adan paradise! w17.04 10-11 ¶5-6

Benada, December 31

Mfa yiyeyɛ nkame . . . bere a wowɔ tumi a wode bɛyɛ.—Mmeb. 3:27.

“Onyankopɔn dɔ” kanyan yɛn ma yɛda ɔdɔ adi kyerɛ yɛn ho yɛn ho, titiriw, wɔ ahohia bere mu. (1 Yoh. 3:17, 18) Bere a ɔkɔm bi sii asomafo no bere so no, asafo no yɛɛ nhyehyɛe kɔboaa Yudafo a na wɔabɛyɛ Kristofo no. (Aso. 11:28, 29) Ɔsomafo Paulo ne ɔsomafo Petro nso tuu Kristofo fo sɛ wonnyigye wɔn ho ahɔho. (Rom. 12:13; 1 Pet. 4:9) Sɛ ehia sɛ Kristofo da ayamye adi kyerɛ anuanom a wɔabɛsra wɔn a, ɛnde sɛnea ɛte biara no, ɛsɛ sɛ wɔda ayamye adi kyerɛ wɔn mfɛfo gyidifo a wɔn nkwa da asiane mu anaa wɔn gyidi nti wɔretaa wɔn no! Nnansa yi ara, ɔko ne ɔtaa a na ɛrekɔ so wɔ Ukraine apuei fam no maa Yehowa Adansefo mpempem pii guan fii wɔn fie. Awerɛhosɛm ne sɛ, wokunkum Adansefo no bi. Nanso, wɔn nuanom Adansefo a wɔwɔ Ukraine afã foforo ne Russia gyee wɔn a woguanee no mu dodow no ara tenaa wɔn fie. Anuanom a woguanee no mfa wɔn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu wɔ aman mmienu no mu efisɛ ‘wɔnyɛ wiase no fã.’ Wɔkɔ so de nsi ne ahokeka ‘ka asɛmpa no.’—Yoh. 15:19; Aso. 8:4. w17.05 4 ¶6-7

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena