February
Memeneda, February 1
Yɛ wo som adwuma no pɛpɛɛpɛ.—2 Tim. 4:5.
Ná Yesu wɔ ayamhyehye kɛse ma afoforo. Nkurɔfo hui sɛ na ɔdɔ wɔn, na ɛma wotiee Ahenni ho asɛmpa no. Sɛ yɛyere yɛn ho nya ayamhyehye a ɛte saa ma nkurɔfo bere a yɛreka asɛmpa no a, ɛbɛma yɛatumi aboa wɔn pa ara. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛanya tema ama nkurɔfo a yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no? Nkurɔfo a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu no, yɛpɛ sɛ yɛte wɔn ase. Yɛpɛ sɛ yɛfa no sɛ yɛn na yɛwɔ tebea a wɔwom no mu, na sɛnea yɛpɛ sɛ afoforo ne yɛn di no, yɛn nso yɛne wɔn bedi no saa ara. (Mat. 7:12) Hwɛ nea ɛbɛboa onipa biara a wubehyia no. Ɛnyɛ ɔkwan baako na ɛsɛ sɛ wofa so ka asɛm no kyerɛ obiara a wubehyia no wɔ asɛnka mu. Mmom, obiara a wubehyia no no, ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden hu tebea a ɔwom ne adwene a okura. Bisabisa no nsɛm anifere so. (Mmeb. 20:5) Sɛ yebisabisa afoforo nsɛm a, ɛma yehu nea wohia ankasa. Sɛnea Yesu yɛe no, sɛ yehu nea nkurɔfo hia a, yebetumi anya tema ama wɔn na yɛaboa wɔn ama wɔn nsa aka nea wohia no.—Fa toto 1 Korintofo 9:19-23 ho. w19.03 20 ¶2; 22 ¶8-9
Kwasida, February 2
Dan wo nnwuma gu Yehowa so, na wo nhyehyɛe betim.—Mmeb. 16:3.
Adam ne Hawa daa no adi sɛ wɔn ani nsɔ nneɛma pii a na Yehowa ayɛ ama wɔn no. Yɛn nyinaa wɔ hokwan sɛ yɛkyerɛ sɛ yɛnyɛ bonniayɛ te sɛ wɔn. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ biribiara a Yehowa yɛ ma yɛn. Sɛ yɛbɔ asu a, yɛda no adi sɛ yegye di sɛ Yehowa na ɔwɔ tumi sɛ ɔkyerɛ yɛn nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. Yɛyɛ saa a, yɛda no adi sɛ yɛdɔ yɛn Agya no, na yegye no di. Yɛbɔ asu wie a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nea yɛn ankasa pɛ, na mmom ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ nea Yehowa pɛ. Saa na Yehowa asomfo ɔpepem pii reyɛ. Sɛ wokɔ so sua Onyankopɔn Asɛm Bible na wote ase yiye a, wubetumi abɔ wo bra te sɛ wɔn; wo ne wo nuanom Kristofo mmɔ bere nyinaa; na fa nsi ne ahokeka ka nea woasua afa w’Agya a ɔwɔ ɔdɔ no ho no kyerɛ afoforo. (Heb. 10:24, 25) Sɛ woresisi gyinae a, tie afotu a Yehowa nam n’Asɛm no ne n’ahyehyɛde no so de ma wo no. (Yes. 30:21) Woyɛ saa a, nea wobɛyɛ biara no, ebesi wo yiye.—Mmeb. 16:20. w19.03 7 ¶17-18
Dwoda, February 3
Akyɛde pa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ biara fi soro; efi hann Agya no nkyɛn.—Yak. 1:17.
Yehowa ama yɛn honhom fam aduan pii. Ebi ne sɛ, yenya akwankyerɛ a ɛbɛboa yɛn wɔ yɛn nhyiam ahorow ase, yɛn nsɛmma nhoma mu, ne yɛn wɛbsaet hɔ. Woatie ɔkasa bi, woakenkan asɛm bi, anaa woahwɛ dwumadi bi wɔ JW Broadcasting pɛn ama woaka sɛ, ‘Wei de, wobɛka sɛ wɔyɛ maa me’? Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ nea Yehowa yɛ ma yɛn ho anisɔ? (Kol. 3:15) Ade baako a yebetumi ayɛ ne sɛ yɛbɛda no ase daa wɔ mpaebɔ mu wɔ nneɛma pa a ɔde akyɛ yɛn no ho. Afei nso, sɛ yesiesie baabi a yehyiam som na yɛma hɔ tew a, na yɛrekyerɛ nea Yehowa yɛ ma yɛn ho anisɔ. Yɛboa ma wosiesie yɛn Ahenni Asa so daa na wɔhwɛ so yiye, na anuanom a wɔhwɛ asafo no ɛlɛtrɔnik mfiri so no nso yɛ adwuma no yiye. Sɛ yɛhwɛ yɛn Ahenni Asa so yiye a, ɛbɛkyɛ pa ara, na nneɛma rensɛe kɛse wɔ hɔ na yɛasiesie. Yɛyɛ saa a, ɛma asafo no nya sika pii sisi Ahenni Asa wɔ wiase baabiara na wosiesie bi nso. w19.02 18 ¶17-18
Benada, February 4
Eyinom yɛ ne nnwuma mu ketewaa bi, na ne ho asɛm kakraa bi na atwa onipa asom!—Hiob 26:14.
Hiob gyee bere dwinnwen Yehowa abɔde a ɛyɛ nwonwa ho. (Hiob 26:7, 8) Bere a Hiob dwinnwen asase, ewim, omununkum, ne aprannaa ho no, ne ho dwiriw no, nanso ohui sɛ onni nneɛma pii a Yehowa abɔ no ho nimdeɛ ahe biara. Afei nso, n’ani sɔɔ Yehowa anom nsɛm. Enti Hiob ka faa nea Onyankopɔn kae no ho sɛ: “Mede n’anom nsɛm asie.” (Hiob 23:12) Yehowa nnwuma maa Hiob ho dwiriw no, na onyaa obu kɛse maa no. Ná Hiob dɔ n’Agya, na na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea ɛsɔ n’ani. Wei maa Hiob sii ne bo kɛse sɛ obekura ne mũdi mu. Ehia sɛ yesuasua Hiob. Ɛnnɛ, yenim abɔde a ɛyɛ nwonwa ho nsɛm pii koraa sen nkurɔfo a wɔtenaa ase wɔ Hiob bere so. Afei, yɛwɔ Bible mũ no nyinaa a ɛbɛboa yɛn ama yɛahu Yehowa yiye. Biribiara a yebesua no, ɛbɛboa yɛn ama yɛanya Yehowa ho anisɔ kɛse wɔ yɛn koma mu. Anisɔ kɛse ne obu a yebenya ama Yehowa no bɛka yɛn ama yɛadɔ no na yɛayɛ osetie ama no. Ɛno bɛhyɛ yɛn den ama yɛakɔ so akura yɛn mũdi mu.—Hiob 28:28. w19.02 5 ¶12
Wukuda, February 5
Merensuro. Dɛn na onipa desani betumi ayɛ me?—Dw. 118:6.
Wiase atumfoɔ ataa Yehowa nkurɔfo fi tete. Ebia wɔbɛbɔ yɛn sobo sɛ yɛayɛ “bɔne” bi, nanso nea enti pa ara a wɔtaa yɛn ne sɛ “yetie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.” (Aso. 5:29) Wobetumi adi yɛn ho fɛw, wobetumi de yɛn agu afiase, anaa wɔahwe yɛn mpo. Nanso Yehowa bɛboa yɛn na yɛanyɛ bi antua wɔn so ka, na mmom yɛakɔ so ada odwo adi bere a yɛrehyia sɔhwɛ no. Yɛnhwɛ nhwɛso a Hebrifo mmiɛnsa a na wɔwɔ nkoasom mu no yɛ maa yɛn: wɔne Hanania, Misael, ne Asaria. Wɔkaa nea enti a wɔrensom ohoni a ɔhene no ayɛ no kyerɛɛ no wɔ odwo mu. Ná wɔayɛ wɔn adwene sɛ nea Yehowa bɛma kwan ama aba wɔn so biara no, wobegye atom. (Dan. 3:1, 8-28) Sɛ wɔsɔ yɛn hwɛ wɔ nokware a yedi ma Onyankopɔn ho a, yɛbɛyɛ dɛn asuasua Hebrifo mmiɛnsa no? Yɛwɔ ahobrɛase, na yegye di sɛ Yehowa bɛhwɛ yɛn. (Dw. 118:7) Wɔn a wɔbɔ yɛn sobo sɛ yɛayɛ bɔne no, yeyi yɛn ho ano wɔ odwo ne obu mu. (1 Pet. 3:15) Afei nso, yɛasi yɛn bo pa ara sɛ yɛrenyɛ biribiara a ɛbɛsɛe yɛne yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no ntam. w19.02 10-11 ¶11-13
Yawda, February 6
Momma mo bo ntɔ mo yam!—Yoh. 16:33.
Sɛ yedwinnwen anidaso a Kristo agyede afɔre no ama yɛanya ho a, ebetumi ama yɛanya akokoduru kɛse. (Yoh. 3:16; Efe. 1:7) Sɛ aka nnawɔtwe kakra ama Nkaedi no adu so a, yenya hokwan titiriw bi a yɛde bɛkyerɛ agyede no ho anisɔ. Sɛ edu saa bere no a, kenkan Nkaedi Bible akenkan no, na dwinnwen nsɛm a ɛfa Yesu wu ho no ho, na bɔ mpae. Afei sɛ yehyiam wɔ Awurade Anwummeduan no ase a, yebehu nea paanoo ne bobesa a yɛde yɛ Nkaedi no gyina hɔ ma ankasa, na yɛate afɔre soronko a egyina hɔ ma no ase yiye. Sɛ yɛte nea Yesu ne Yehowa ayɛ ama yɛn no ase na yehu sɛnea aboa yɛne yɛn adɔfo a, daakye ho anidaso a yɛwɔ no mu bɛyɛ den kɛse, na ahyɛ yɛn nkuran ama yɛde akokoduru agyina mu akosi awiei. (Heb. 12:3) Yɛn ani sɔ pa ara sɛ Yesu a ɔyɛ yɛn Sɔfo Panyin a ɔwɔ soro a ɔsrɛ ma yɛn no kɔ so da ahobrɛase ne akokoduru adi! (Heb. 7:24, 25) Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de nokwaredi kae ne wu no sɛnea ɔkaa sɛ yɛnyɛ no. Yɛyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn no pa ara.—Luka 22:19, 20. w19.01 22 ¶8; 23-24 ¶10-11
Fida, February 7
O Yehowa, mesrɛ wo, ma w’ani nsɔ m’anom ayɛyɛde.—Dw. 119:108.
Yehowa ama yɛn nyinaa anya hokwan a yɛde beyi no ayɛ. Mmuae a yɛma wɔ asafo nhyiam ase no ka “ayeyi afɔre” a yɛbɔ no ho, na obiara rentumi mmɔ saa afɔre no mma yɛn. (Heb. 13:15) Yemmisa sɛ, afɔre a yɛbɔ anaa mmuae a yɛma no, Yehowa hwehwɛ sɛ yɛn nyinaa de yɛ pɛ anaa? Dabi, ɛnte saa! Bu asafo nhyiam ahorow sɛ ɛte sɛ aduan a nnamfo pa bom di. Fa no sɛ wo nnamfo bi a wɔwɔ w’asafo mu ato nsa afrɛ wo sɛ wo ne wɔn mmedidi, na wɔaka akyerɛ wo sɛ fa aduan kakra bra. Dɛn na wobɛyɛ? Ebia wo yam bɛhyehye wo kakra, nanso wobɛyɛ nea wubetumi biara de biribi a obiara ani begye ho akɔ. Yehowa ne Onii a watow pon ama yɛn a nnuan pa ahyɛ ase mã wɔ asafo nhyiam ahorow ase no. (Dw. 23:5; Mat. 24:45) Sɛ yɛde akyɛde ketewaa bi kɔ, na sɛ ɛno ne nea yɛn nsa betumi asõ so a, n’ani gye. Enti, sua nea mubesusuw ho no yiye, na ma mmuae dodow biara a wubetumi. Woyɛ saa a, ɛnyɛ sɛ worekodidi wɔ Yehowa pon so kɛkɛ, na mmom wo nso wode akyɛde bi a wo ne asafo no bɛkyɛ bɛkɔ. w19.01 8 ¶3; 13 ¶20
Memeneda, February 8
Wɔn a wɔde ntɛmpɛ di anyame foforo akyi no, wɔn yawdi dɔɔso.—Dw. 16:4.
Sɛ wohwɛ Bible mu a, wubehu sɛ na nkurɔfo a wɔsom abosom taa de aguamammɔ frafra wɔn som mu. (Hos. 4:13, 14) Nokwasɛm ne sɛ, atoro som ma nkurɔfo di honam akɔnnɔ akyi. Nanso, yemmisa sɛ, ɛma wonya anigye a ɛtena hɔ daa anaa? Dabida! Dawid kaa sɛ: ‘Wɔn a wodii anyame foforo akyi no, wɔn yawdi dɔɔso.’ Afei nso, wɔde wɔn mma pii bɔɔ afɔre maa atoro anyame. (Yes. 57:5) Yehowa kyi atirimɔdensɛm a ɛte saa! (Yer. 7:31) Ɛnnɛ nso, atoro som pene aguamammɔ ne ɔbarima ne ɔbarima nna ne ɔbea ne ɔbea nna so. Nanso, efi bere a na wɔrekyerɛw Bible no de besi nnɛ, nea ɛto nkurɔfo a wɔde wɔn ho hyɛ abrabɔ a ɛte saa mu no nsesae ankasa. (1 Kor. 6:18, 19) Sɛnea ebia woahu no, nkurɔfo ma “wɔn yawdi dɔɔso.” Enti, mmabun, muntie mo soro Agya no. Munnye ntom koraa sɛ eye ma mo sɛ mubetie no. Momma ɛntena mo adwenem sɛ, bere tiaa mu anigye biara a mubenya afi nneyɛe bɔne mu no, amanehunu a efi mu ba no dɔɔso sen ɛno koraa.—Gal. 6:8. w18.12 27-28 ¶16-18
Kwasida, February 9
‘Me ne wo bɛtena.’—Hos. 3:3.
Sɛ Kristoni bi hokafo bɔ aguaman a, ebehia sɛ nea ne ho nni asɛm no si gyinae. Yesu kaa sɛ nea ne ho nni asɛm no benya biribi agyina so agyae aware, na afei wanya hokwan asan aware bio. (Mat. 19:9) Nanso, ɔhokafo a ne ho nni asɛm no betumi de ne kunu anaa ne yere bɔne akyɛ no. Sɛ ɔyɛ saa a, onnii mfomso. Hosea san kɔfaa Gomer. Bere a Gomer san baa Hosea nkyɛn no, Hosea ka kyerɛɛ no sɛ mma ɔne ɔbarima foforo biara nkɔda bio. Hosea ne Gomer “anna” kosii bere bi. (Hos. 3:1-3, nwt-E, ase hɔ asɛm) Nanso, bere bi akyi no, ɛbɛyɛ sɛ Hosea fii ase ne no san dae. Wei kyerɛ sɛnea na Onyankopɔn pɛ sɛ oyi ne yam san gye ne nkurɔfo na ɔne wɔn nya abusuabɔ bio. (Hos. 1:11; 3:4, 5) Wei fa aware ho sɛn nnɛ? Sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm san fi ase ne ne kunu anaa ne yere da a, ɛkyerɛ sɛ ɔde ne bɔne akyɛ no. (1 Kor. 7:3, 5) Sɛ onya yɛ saa pɛ a, onni biribiara a obetumi agyina so agyae ne hokafo no aware. Ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ wɔn mu biara boa ne yɔnko ma onya adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ aware ho no bi. w18.12 13 ¶13
Dwoda, February 10
Onitefo ne nea ohu mmusu na ɔde ne ho hintaw.—Mmeb. 22:3.
Sɛ yɛresua ade a, ɛyɛ papa sɛ yesusuw adwene a Yehowa wɔ wɔ nneɛma ho no ho, efisɛ wei betumi aboa yɛn ama yɛasisi gyinae pa daakye. Sɛ yɛyɛ saa na sɛ yehyia tebea bi a ehia sɛ yesi gyinae ntɛm ara a, yebehu nea yɛbɛyɛ. Bere a Potifar yere yɛe sɛ ɔbɛdaadaa Yosef ma ɔne no ada no, ntɛm ara na Yosef bɔɔ n’asɛm no gui. Wei ma yehu sɛ, adwene a Yehowa wɔ wɔ nokware a obi bedi ama ne kunu anaa ne yere ho no, na Yosef adi kan asusuw ho. (Gen. 39:8, 9) Bio nso, mmuae a Yosef de maa Potifar yere sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na matumi adi amumɔyɛsɛm a ɛte sɛɛ na mayɛ bɔne atia Onyankopɔn?” no ma yehu sɛ na Yosef anya Onyankopɔn adwene. Yɛn nso ɛ? Fa no sɛ obi a wo ne no yɛ adwuma afi ase de ne ho rehyehyɛ wo. Anaasɛ obi de aguamansɛm anaa ɛho mfoni afa tɛlɛfon so abrɛ wo. Dɛn na wobɛyɛ? Sɛ yɛadi kan ahwehwɛ Yehowa adwene wɔ nneɛma a ɛte saa ho agye atom na yɛasi nea yɛbɛyɛ ho gyinae dedaw a, ɛrenyɛ den koraa sɛ yebedi Yehowa nokware. w18.11 25 ¶13-14
Benada, February 11
Medi ahurusi wɔ Yehowa mu.—Hab. 3:18.
Nhomanimfo bi susuw sɛ, nea saa kyerɛwsɛm yi reka pa ara ne sɛ, “Mehuruhuruw adi ahurusi wɔ Awurade mu; mede anigye bedi asaw me Nyankopɔn mu.” Hwɛ sɛnea Habakuk 3:16-19 ma yɛn nyinaa nya awerɛhyem kɛse pa ara! Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛn nneɛma pa, na wama yɛn awerɛhyem nso sɛ ɔreyɛ n’atirimpɔw kɛse no ho adwuma seesei, na ɔbɛma abam. Akyinnye biara nni ho sɛ, ade titiriw a yesua fi Habakuk nhoma no mu ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so. (Hab. 2:4) Sɛ yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛne n’abusuabɔ mu den. Enti ɛsɛ sɛ (1) yɛkɔ so bɔ mpae, na yɛka yɛn dadwen ne yɛn haw nyinaa kyerɛ Yehowa; (2) yɛyɛ aso ma Yehowa Asɛm, na yetie akwankyerɛ biara a ɔnam n’ahyehyɛde no so de ma yɛn; (3) yɛde abotare ne nokwaredi twɛn sɛ Yehowa bɛma ne bɔhyɛ abam. Saa ara na Habakuk yɛe. Ɛwom sɛ bere a ɔrefi ase akyerɛw ne nhoma no, na ɔredi awerɛhow de, nanso owiei no, na wanya anigye ne Yehowa mu ahotoso. Momma yenni Habakuk nhwɛso no akyi. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn nso, yɛn soro Agya Yehowa bɛso yɛn mu den! Sɛ ɛnyɛ Yehowa a, hena bio na obetumi akyekye yɛn werɛ saa wɔ wiase bɔne yi mu? w18.11 17 ¶18-19
Wukuda, February 12
[Kristo wu] maa obiara na wɔn a wɔte ase no antena ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatena ase ama nea owu maa wɔn na wonyan no no.—2 Kor. 5:15.
Ade foforo nso a ɛma nokware Kristofo hu sɛ Onyankopɔn dɔ wɔn ni: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.” (Yoh. 3:16) Yesu nso, ne nkwa a ɔde too hɔ maa yɛn no ma yehu sɛ ɔdɔ yɛn pa ara! Ɔdɔ a ɛte saa no hyɛ yɛn den pa ara! Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn bɔ sɛ “ahohia anaa ahometew” mpo rentumi ‘ntew yɛn mfi Kristo dɔ ho.’ (Rom. 8:35, 38, 39) Sɛ yehyia sɔhwɛ a ɛma yɛbrɛ anaa ɛma yɛbotow, anaa ɛsɛe anigye a yɛwɔ wɔ Yehowa som mu a, ɔdɔ a Kristo wɔ ma yɛn no betumi ahyɛ yɛn den ama yɛagyina ano. (2 Kor. 5:14) Sɛ yehyia sɔhwɛ te sɛ atoyerɛnkyɛm, ɔtaa, abasamtu, anaa dadwen hyɛ yɛn so bere nyinaa mpo a, ɔdɔ a Yesu wɔ ma yɛn no betumi aboa yɛn, na ahyɛ yɛn den ama yɛatumi agyina ano. w18.09 14 ¶8-9
Yawda, February 13
Mɛnantew wo nokware mu.—Dw. 86:11.
Sɛ yɛbɛkɔ so anantew nokware no mu a, ɛsɛ sɛ yegye Yehowa asɛm biara tom na yedi so. Ɛsɛ sɛ yɛde nokware no di kan wɔ yɛn asetena mu na yɛde Bible nnyinasosɛm bɔ yɛn bra. Sɛnea Dawid yɛe no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yesi yɛn bo pintinn sɛ yɛbɛkɔ so anantew Onyankopɔn nokware mu. Sɛ yɛanyɛ saa a, yebetumi anya adwene foforo wɔ nea yɛde tɔɔ nokware no ho, na ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ yɛnsan nkodi nneɛma a yɛagyaw hɔ no bi akyi. Mmom, yɛde ahwɛyiye so nokware no nyinaa mu yiye. Yenim sɛ yɛrentumi nka sɛ yebegye nokware bi atom na yɛabu yɛn ani agu ebi so. Nokwasɛm ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛnantew “nokware no nyinaa mu.” (Yoh. 16:13) Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn bere di dwuma yiye na amma yɛantwe yɛn ho amfi nokware no ho. Sɛ yɛamma yɛn ani anna hɔ a, yebetumi afi ase de bere pii adi anigyede akyi, ayɛ nneɛma a yɛyɛ de gyigye yɛn ani, akyinkyin Intanɛt so, anaa yɛde ahwɛ television. Ɛwom sɛ mfomso nni weinom a obi bɛyɛ ho de, nanso anhwɛ a bere a yɛde yɛ saa nneɛma no befi ase agye bere a na anka yɛde yɛ yɛn ankasa adesua ne nneɛma foforo a ɛfa Yehowa som ho no. w18.11 10 ¶7-8
Fida, February 14
Madwudwo me kra, na ayɛ komm.—Dw. 131:2.
Sɛ yɛn asetena sesa mpofirim a, nsakrae a ɛte saa no betumi agyaw yɛn adwinnwen, na ama yɛn ho ayeraw yɛn. (Mmeb. 12:25) Ebetumi ayɛ den mpo sɛ yebegye saa nsakrae no atom. Sɛ ɛba saa a, dɛn na yebetumi ayɛ de ‘adwudwo’ yɛn kra ama ‘ayɛ komm’? (Dw. 131:1-3) Ɛmfa ho tebea a emu yɛ den biara a yɛbɛkɔ mu nnɛ no, yebetumi anya “Onyankopɔn asomdwoe” a ɛbɔ yɛn adwene nsusuwii ho ban. (Filip. 4:6, 7) Enti, sɛ dadwen hyɛ yɛn so na yɛdan kɔ Yehowa nkyɛn a, Onyankopɔn asomdwoe betumi ahyɛ yɛn den ama yɛayere yɛn ho adu botae a yɛde asisi yɛn anim wɔ Yehowa som mu ho; ɛbɛboa yɛn na yɛampa abaw. Onyankopɔn honhom betumi aka yɛn koma ato yɛn yam na asan atwe yɛn adwene akɔ nsɛntitiriw bi a ɛwɔ Bible mu so. Wei bɛboa yɛn ama yɛahu nneɛma a ɛho hia pa ara wɔ asetena mu.—Yoh. 14:26, 27. w18.10 27 ¶2; 28 ¶5, 8
Memeneda, February 15
Obiara nka nokware nkyerɛ ne yɔnko.—Sak. 8:16.
Dɛn na adi adesamma awu sen biara? Ɛyɛ atoro! Ɛne sɛ, obi reka asɛm bi a ɔno ara nim sɛ ɛnyɛ nokware de adaadaa obi. Hena na ɔkaa atosɛm a edi kan? Yesu Kristo kaa sɛ “Ɔbonsam” na ɔyɛ “atoro agya.” (Yoh. 8:44) Bere bɛn na ɔkaa atosɛm a edi kan no? Mfe mpempem pii a atwam ni na asɛm yi sii wɔ Eden turom. Ná nnipa mmienu a wodi kan, Adam ne Hawa, regye wɔn ani wɔ Paradise a wɔn Bɔfo de maa wɔn no mu. Afei wɔnkɔhwɛ a, Ɔbonsam ni. Ná Ɔbonsam nim sɛ Onyankopɔn aka akyerɛ Adam ne Hawa sɛ, ɛnsɛ sɛ wodi “papa ne bɔne ho nimdeɛ dua” no, efisɛ sɛ wɔyɛ asoɔden na wodi a, wobewu. Ná Satan nim wei nyinaa de, nanso ɔnam ɔwɔ so ka kyerɛɛ Hawa sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu [wei ne atoro a edi kan]. Na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no mo ani bebue na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.”—Gen. 2:15-17; 3:1-5. w18.10 6 ¶1-2
Kwasida, February 16
Anigye ne wɔn a wɔn koma mu tew, efisɛ wobehu Onyankopɔn.—Mat. 5:8.
Sɛ yɛn koma mu bɛtew a, ɛsɛ sɛ yɛma nea yesusuw ho ne nea yɛn koma pɛ ho tew. Ehia sɛ yedwinnwen nneɛma a ɛho tew ho sɛnea ɛbɛyɛ a ɔsom a yɛde ma Yehowa no ho rengu fĩ. (2 Kor. 4:2; 1 Tim. 1:5) Ɛbɛyɛ dɛn na wɔn a wɔn koma mu tew no ‘ahu Onyankopɔn’ bere a Yehowa aka sɛ “onipa biara renhu [Onyankopɔn anim] nnya nkwa”? (Ex. 33:20) Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘hu’ no betumi akyerɛ sɛ “wubetwa biribi ho mfoni wɔ w’adwenem, na woate ase.” Wɔn a wɔahu Onyankopɔn yiye, na wɔn ani gye ne su ahorow ho no na wɔde wɔn “koma ani” hu no. (Efe. 1:18) Onyankopɔn suban a nokware Kristofo behu akyi no, ade foforo a ebetumi ama ‘wɔahu Onyankopɔn’ ne sɛ wobehu nea Onyankopɔn yɛ ma wɔn. (Hiob 42:5) Afei nso, Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ obehyira wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn ho atew na wɔasom no nokwarem no. Saa nhyira no na wɔde ‘wɔn koma ani’ asi so. w18.09 20 ¶13, 15-16
Dwoda, February 17
Nyansa ne ade titiriw. Nya nyansa.—Mmeb. 4:7.
Sɛ yɛyɛ ade a yenim sɛ ɛteɛ a, yenya nhyira pii. Ɛwom sɛ nimdeɛ na ɛma obi hu nyansa de, nanso sɛ yɛka sɛ obi nim nyansa a, ɛnkyerɛ sɛ ɔwɔ nimdeɛ kɛkɛ na mmom gyinae a osisi na ɛma yehu sɛ onim nyansa. Ntɛtea mpo, sɛnea wɔyɛ wɔn ade ma yehu sɛ wonim nyansa. Ntɛtea fi awosu mu yɛ ade; wosiesie wɔn aduan wɔ ahohuru bere mu. (Mmeb. 30:24, 25) Kristo ne “Onyankopɔn nyansa” no, na ɔyɛ nea ɛsɔ n’Agya ani bere nyinaa. (1 Kor. 1:24; Yoh. 8:29) Yesi gyinae pa a Onyankopɔn hu, na nea ehia no pa ara ne sɛ yɛbɛyɛ ho adwuma. Sɛ yɛkɔ so brɛ yɛn ho ase na yɛyɛ nea yenim sɛ ɛteɛ a, Onyankopɔn behyira yɛn. (Mat. 7:21-23) Enti yere wo ho brɛ wo ho ase. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛhyɛ asafo no mufo a wɔaka nkuran ama wɔde ahobrɛase asom Yehowa. Egye bere ne abotare na ama yɛatumi ayɛ nea yenim sɛ ɛteɛ, nanso sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛbɛma yɛn ani agye nnɛ de akosi daa. w18.09 7 ¶18
Benada, February 18
Ma obiara nsɔ n’ankasa adwuma nhwɛ, . . . na ɛnyɛ sɛ ɔde ne ho bɛtoto obi ho.—Gal. 6:4.
Bere a Ɔbɔadeɛ no bɔɔ nnipa a wɔyɛ pɛ no, na ɔpɛ sɛ wɔne no bom yɛ adwuma ma n’atirimpɔw ba mu. Ɛnnɛ, ɛwom sɛ nnipa nyɛ pɛ de, nanso anokwafo betumi ne Yehowa ayɛ adwuma da biara da. Sɛ yɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no na yɛyɛ asuafo a, na yɛyɛ “Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.” (1 Kor. 3:5-9) Wo de, hwɛ hokwan a yɛanya sɛ Onii a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa no bebu yɛn sɛ yɛfata sɛ yɛne no bom yɛ adwuma a ɛho hia pa ara no! Nanso, asɛmpa no a yɛbɛka na yɛayɛ asuafo no, ɛnyɛ ɛno nko ara ne ɔkwan a yɛfa so ne Yehowa yɛ adwuma. Akwan foforo a yebetumi afa so ne Yehowa ayɛ adwuma no bi ne sɛ yɛbɛboa yɛn abusua ne asafo no mufo, yɛbɛyɛ afoforo hɔho, yebetu yɛn ho ama aboa ahyehyɛde no ama wɔasisi adan, na yɛatrɛw yɛn som adwuma mu. (Kol. 3:23) Nanso, ɛnsɛ sɛ wode nea wutumi yɛ ma Yehowa toto afoforo de ho. Kae sɛ, ɛsono obiara mfe a wadi, sɛnea n’apɔwmuden te, ne nsɛm tebea, ne ne nimdeɛ. w18.08 23 ¶1-2
Wukuda, February 19
Twɛn no ara, na ɔkwan biara so ɛbɛba.—Hab. 2:3.
Yehowa maa Habakuk nyaa awerɛhyem sɛ nneɛma a ɛrehaw no a na wabisa ho nsɛm no, ɔbɛma wanya ho mmuae. Ná ɛrenkyɛ koraa na ne haw nyinaa to atwa. Sɛ yɛbɛka a, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Habakuk sɛ: “Nya abotare, fa wo ho to me so. Sɛ ɛyɛ wo sɛ akyɛ mpo a, mɛma wo mmuae!” Yehowa kaee Habakuk sɛ ɔwɔ bere pɔtee a ɔbɛma ne bɔhyɛ abam. Yehowa hyɛɛ Habakuk nkuran sɛ ɔnkɔ so ntwɛn nkosi sɛ n’atirimpɔw bɛbam. Odiyifo no yɛ saa a, na ne nsa rensi fam da. Sɛ yenya abotare twɛn Yehowa na yɛwɛn yɛn aso tie nea ɔka kyerɛ yɛn a, ɛmfa ho amanehunu ne ɔhaw a yɛrefa mu no, ɛbɛma yɛanya ahotoso, na ɛbɛboa yɛn ama yɛn koma atɔ yɛn yam. Yesu sii so dua sɛ yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so sɛ nea waka sɛ ɔbɛyɛ no, ɔbɛyɛ no bere ano, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si “mmere anaa nna” a Onyankopɔn nka nkyerɛɛ yɛn so. (Aso. 1:7) Enti, mommma yɛmmpa abaw, na mmom momma yennya ahobrɛase, gyidi, ne abotare mfa ntwɛn Yehowa. Bere a yɛretwɛn no, momma yɛmfa bere a yɛwɔ no nsom Yehowa sɛnea yɛn ahoɔden betumi.—Mar. 13:35-37; Gal. 6:9. w18.11 16 ¶13-14
Yawda, February 20
Onyankopɔn akyerɛ me sɛ ɛnsɛ sɛ mefrɛ onipa biara sɛ ne ho agu fĩ anaa ne ho ntew.—Aso. 10:28.
Ná Petro te sɛ Yudafo a wɔaka no, efi ne mmofraase nyinaa na n’adwene ne sɛ Amanaman mufo ho ntew. Nanso, nsɛm bi sisii a ɛmaa Petro san susuw adwene a na okura no ho. Baako ne sɛ, Petro nyaa anisoadehu bi a ɛyɛ nwonwa. (Aso. 10:9-16) Ɛmfa ho asɛyɛde a ɛhyɛ yɛn nsa no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn mu yiye, na yɛma afoforo boa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ahu ɔtan hunu biara a ɛwɔ yɛn koma mu sɛnea Petro yɛe no. Dɛn bio na yebetumi ayɛ? Sɛ yebue yɛn koma mu a, yebeyi ɔtan hunu afi yɛn mu na yɛadɔ afoforo. (2 Kor. 6:11-13) Ɛyɛ a nkurɔfo a wo ne wɔn fi abusuakuw baako ne ɔman baako mu, anaa nkurɔfo a wo ne wɔn ka kasa baako nko ara na wo ne wɔn bɔ? Sɛ saa na wote a, ɛnde trɛw wo dɔ mu. Adɛn nti na wo ne nkurɔfo a ɛsono abusuakuw a wofi mu nkɔ asɛnka anaa wonto nsa mfrɛ wɔn mma wo fie mmedidi anaa wo ne wɔn mmom nyɛ ade. (Aso. 16:14, 15) Sɛ woyɛ saa a, ɔdɔ bɛhyɛ wo koma mã, na ɔtan hunu rennya baabi ntena wɔ wo komam. w18.08 9 ¶3, 6; 10 ¶7
Fida, February 21
Monhwɛ na moanto . . . hintidua.—1 Kor. 10:32.
Adansefo binom nso yɛ nneɛma bi a, ɛmma wunhu nsonsonoe a ɛda wɔne wiase no ntam pefee. Sɛnea wodi asaw na wɔyɛ wɔn ade wɔ apontow ahorow ase no mfata Kristofo. Ebinom nso de wɔn mfoni ne nsɛm a ɛmfata Kristofo gu sohyial media so. Enti, nea wɔyɛ no betumi ayɛ nhwɛso bɔne ama wɔn atipɛnfo a wɔpɛ sɛ wɔkɔ so bɔ bra pa wɔ Yehowa asafo no mu no. (1 Pet. 2:11, 12) Biribiara a wiase no yɛ no twetwe adwene kɔ “ɔhonam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetena mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho” so. (1 Yoh. 2:16) Nanso, esiane sɛ yɛyɛ Yehowa dea nti, Bible tu yɛn fo sɛ “yenkyi bɔne ne wiase akɔnnɔ, na yɛn adwenem nna hɔ na yɛmfa trenee ne onyamesom pa ntena wiase nhyehyɛe yi mu.” (Tito 2:12) Biribiara a yɛyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛma wɔn a wɔnyɛ Yehowa asomfo hu sɛ Yehowa nkutoo na yɛsom no. Ebi ne yɛn kasa, yɛn adidi ne yɛn asanom, yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie, ne suban a yɛda no adi wɔ yɛn adwumayɛ ho. w18.07 25 ¶13-14
Memeneda, February 22
Yɛn aniwa hwɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn kosi sɛ ɔbɛdom yɛn.—Dw. 123:2.
Sɛ yɛkɔ so hwɛ Yehowa a, yɛremma nea afoforo yɛ nyɛ yɛn ahometew anaa yɛremma ɛnsɛe yɛne Yehowa ntam. Sɛ yɛwɔ asɛyɛde bi wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu te sɛ Mose a, wei ho hia pa ara. Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ yɛn mu biara ‘kɔ so de osuro ne ahopopo yɛ n’ankasa nkwagye ho adwuma’ de, nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa nyɛ katee; ɛnyɛ gyinapɛn baako na ogyina so bu yɛn atɛn. (Filip. 2:12) Mmom, sɛ yɛwɔ asɛyɛde pii a, Yehowa hwehwɛ pii fi yɛn hɔ. (Luka 12:48) Nanso, sɛ yɛdɔ Yehowa pa ara a, biribiara rento yɛn hintidua anaa biribiara rentew yɛn mfi ne dɔ ho. (Dw. 119:165; Rom. 8:37-39) Yɛte mmere a emu yɛ den mu. Enti momma yɛnkɔ so nhwɛ Onii a ‘ɔte soro no,’ sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu n’apɛde. (Dw. 123:1) Ɛnsɛ sɛ yɛma nea afoforo yɛ sɛe yɛne Yehowa ntam da. w18.07 16 ¶19-20
Kwasida, February 23
‘Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahyɛ mo Agya anuonyam.’—Mat. 5:16.
Sɛ yɛte sɛ Yehowa nkurɔfo renya nkɔso a, yɛn ani gye pa ara! Afe 2017 no, yɛyɛɛ Bible adesua bɛboro 10,000,000. Wei ma yehu pa ara sɛ Onyankopɔn asomfo rema wɔn kanea ahyerɛn! Nnipa ɔpepem pii nso baa Nkaedi no. Ɛno nti, wɔtee ɔdɔ a Onyankopɔn daa no adi bere a ɔde agyede no mae no ho asɛm. (1 Yoh. 4:9) Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa ka kasa ahorow pii. Nanso, wei nsiw yɛn kwan sɛ yɛbɛbom ayi yɛn Agya Yehowa ayɛ. (Adi. 7:9) Ɛmfa ho kasa a yɛka anaa baabi a yɛte biara no, yebetumi ‘ahyerɛn sɛ akanea wɔ wiase.’ (Filip. 2:15) Nkɔso a yenya, baakoyɛ a ɛwɔ yɛn mu, ne mmɔden a yɛrebɔ sɛ yɛbɛwɛn no nyinaa boa ma yɛhyɛ Yehowa anuonyam. w18.06 21 ¶1-3
Dwoda, February 24
Rabi, didi.—Yoh. 4:31.
Mmuae a Yesu de maa wɔn no ma yehu sɛ na ɔde n’adwene asi Onyankopɔn asɛm a ɔreka akyerɛ ɔbea no so; enti na n’adwene nni ɔkɔm a ɛde no no so. Asɛmpa no a na Yesu bɛka no yɛ n’Agya apɛde, na na ɛte sɛ aduan ma no. (Yoh. 4:32-34) Yakobo ne Yohane ante nea na Yesu pɛ sɛ ɔkyerɛ wɔn no ase. Bere bi a Yesu ne n’asuafo no retwam wɔ Samariafo asase so no, asuafo no kɔɔ Samariafo akuraa bi ase kɔhwehwɛɛ baabi a wɔbɛda saa anadwo no. Samariafo no annye wɔn, enti Yakobo ne Yohane bo fuwii, na wɔka kyerɛɛ Yesu sɛ wɔpɛ sɛ wɔma ogya fi soro bɛhyew akuraa no pasaa. Yesu kaa wɔn anim denneennen. (Luka 9:51-56) Sɛ akuraa bi a ɛwɔ baabi a Yakobo ne Yohane fi wɔ Galilea mantam mu na emufo annye wɔn a, ebia anka wɔn bo remfuw saa. Ɛbɛyɛ sɛ ɔtan hunu na ɛmaa wɔn bo fuwii saa. Akyiri yi, ɔsomafo Yohane kɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ Samariafo ma pii tiei, na ɛbɛyɛ sɛ, sɛ ɔkae sɛnea ɔde abufuw yɛɛ ade bere bi a atwam no a, n’ani bewu.—Aso. 8:14, 25. w18.06 10-11 ¶12-13
Benada, February 25
Munnyina hɔ pintinn na momfa nokware mmɔ mo asen.—Efe. 6:14.
Sɛ yɛbɛka a, yɛde Bible mu nokware no kyekyere yɛn asen denneennen a, ɛbɛka yɛn ma yɛde abɔ yɛn bra, na yɛaka nokware bere nyinaa. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkwati atorodi? Efisɛ Satan akode a ɔde yɛ adwuma pa ara no, atorodi ka ho. Sɛ obi di atoro a epira ɔno ankasa ne nea ogye atosɛm no di no. (Yoh. 8:44) Ɛwom sɛ yɛtɔ sin de, nanso yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛrenni atoro. (Efe. 4:25) Nanso wei nna fam. Abigail adi mfe 18. Ɔka sɛ: “Ɛtɔ da a, woka nokware a ɛte sɛ nea mfaso nni so, titiriw bere a sɛ wudi atoro a ɛbɛma woafa wo ho adi afi asɛm bi a emu yɛ den mu.” Sɛ saa a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka nokware? Victoria adi mfe 23. Ɔka sɛ: “Sɛ woka nokware na wokyerɛkyerɛ wo gyidi mu kyerɛ afoforo a, ebia wobedwoodwoo wo. Nanso woyɛ saa a, bere nyinaa wunya nhyira pii: Wunya akokoduru, wuhu sɛ woabɛn Yehowa kɛse, na wɔn a wɔdɔ wo nya obu ma wo.” Wei ma yehu pa ara sɛ, mfaso wɔ so sɛ yɛde ‘nokware abɔso no bɔ yɛn asen’ bere nyinaa. w18.05 28 ¶3, 5
Wukuda, February 26
Monkɔ so nwɛn.—Mat. 24:42.
Mmere a yɛte mu yi, emu yɛ ara na ɛreyɛ den. Enti ehia sɛ yɛn nyinaa kɔ so wɛn. Yehowa bɛkeka ne ho wɔ bere a ɛsɛ mu. (Mat. 24:42-44) Ɛno nti, nya abotare, na kɔ so wɛn. Kenkan Onyankopɔn Asɛm da biara da, na wɛn ma mpaebɔ. (1 Pet. 4:7) Anuanom a wɔakɔ so awɛn na wɔama wɔn kanea ahyerɛn wɔ wɔn asetenam no wɔ anigye; wubetumi asua biribi afi wɔn nhwɛso pa no mu. Yere wo ho som Yehowa. Yi wo yam boa afoforo, na nya bere ne wo nuanom mmɔ. Woyɛ saa a, ɛbɛma w’ani agye pa ara, na ɛbɛyɛ wo sɛ bere rekɔ ntɛmntɛm. (Efe. 5:16) Ɛwom sɛ yɛnyɛ pɛ de, nanso Yehowa ma yɛsom no, na wei hyɛ yɛn gyidi den pa ara. Ɛno nti, ma w’ani nsɔ “nnipa” a Yehowa de wɔn ‘ama yɛn sɛ akyɛde’ a wɔne asafo mu mpanyimfo no. (Efe. 4:8, 11, 12) Bere foforo a asafo mu panyin bi bɛba abɛsra wo no, tie n’afotu na sua biribi fi ne hɔ. w18.06 24-25 ¶15-18
Yawda, February 27
Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtena me dɔ mu.—Yoh. 15:10.
Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ‘wɔntena ne dɔ mu.’ Adɛn nti na ɔkaa saa? Nea enti a ɔkaa saa ne sɛ, sɛ yebetumi abɔ yɛn bra sɛ Kristo asuafo anokwafo da biara da a, ebehia sɛ yenya boasetɔ. Sɛ yɛhwɛ Yohane 15:4-10 a, Yesu de asɛm ‘tena’ dii dwuma mpɛn pii wɔ akwan ahorow so. Ɔyɛɛ saa maa n’asuafo no hui sɛ ebehia sɛ wonya boasetɔ. Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛtena Kristo dɔ mu na yenya n’anim dom? Ɛne sɛ yebedi Yesu ahyɛde so. Ná nea Yesu reka ara ne sɛ ‘Muntie me.’ Nea Yesu pɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ, nea ɔyɛe no, yɛn nso yɛbɛyɛ bi, efisɛ ɔde kaa ho sɛ: “Sɛnea madi Agya no ahyɛde so na mete ne dɔ mu.” Yesu ayɛ nhwɛso ama yɛn. (Yoh. 13:15) Sɛ yedi Yesu ahyɛde a ɛne sɛ yɛnkɔka asɛmpa no so a, na ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn, efisɛ Yesu ahyɛde fi n’Agya hɔ. (Mat. 17:5; Yoh. 8:28) Sɛ yɛma Yehowa ne Yesu hu sɛ yɛdɔ wɔn a, wɔbɛma yɛatena wɔn dɔ mu. w18.05 18 ¶5-7
Fida, February 28
Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba.—Mmeb. 21:5.
Gyinae pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ mmabun sisi. Ebi fa nhomasua, adwuma, ne nneɛma foforo ho. Sɛ wunim botae a wode asisi w’ani so a, ɛrenyɛ den sɛ wubesisi gyinae pa. Sɛ wode botae pa sisi w’ani so wɔ wo mmofraase a, ɛrenkyɛ na woahu so mfaso. Ɛfata sɛ yeyi yɛn yam kamfo mmabun mpempem a wɔwɔ asafo ahorow mu wɔ wiase nyinaa. Wɔde wɔn ho ama Yehowa, na wɔreyɛ botae a ɛbɛma wɔabɛn Yehowa no ho adwuma. Mmabun a wɔte saa ani gye ankasa wɔ wɔn asetenam, na bere koro no ara wɔresua sɛ wɔde Yehowa akwankyerɛ bɛbɔ wɔn bra wɔ biribiara mu. Ebi ne abusua asetena. Solomon kaa sɛ: “Fa wo koma nyinaa to Yehowa so . . . Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛma w’akwan ateɛ.” (Mmeb. 3:5, 6) Mmabun a wɔwɔ Kristofo asafo no mu som bo ma Yehowa; wɔda ne koma so, ɔbɔ wɔn ho ban, ɔma wɔn akwankyerɛ, na ohyira wɔn. w18.04 26 ¶7; 27 ¶9
Memeneda, February 29
Monnodɔ mo ho; sɛnea medɔ mo no, mo nso monnodɔ mo ho saa ara.—Yoh. 13:34.
Ná ɔsomafo Yohane yɛ odum wɔ tete Kristofo asafo no mu. Asɛmpa a Yohane kyerɛwee a ɛfa Yesu som adwuma ho no ka koma pa ara. Ahyɛ Kristofo nkuran fi tete besi nnɛ, na ɛda so ara hyɛ yɛn nkuran. Asɛmpa a Yohane kyerɛwee no mu nkutoo na yehu asɛm a Yesu kae sɛ ɔdɔ na ɛbɛma obiara ahu wɔn a wɔyɛ n’asuafo ampa no. (Yoh. 13:35) Nokwasɛm ahorow a ɛsom bo nso wɔ nkrataa mmiɛnsa a Yohane kyerɛwee no mu. Sɛ bɔne bi a yɛayɛ ho dadwen hyɛ yɛn so, na sɛ yɛkan sɛ “Yesu mogya hohoro yɛn ho fi bɔne nyinaa ho” a, ɛnka yɛn koma ntɔ yɛn yam anaa? (1 Yoh. 1:7) Na sɛ yɛn koma kɔ so bu yɛn fɔ, na yɛkenkan sɛ “Onyankopɔn sõ sen yɛn koma” a, ɛnkyekye yɛn werɛ na ɛho anisɔ mma yɛntew nusu anaa? (1 Yoh. 3:20) Yohane nko ara na ɔkyerɛwee sɛ “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yoh. 4:8, 16) Ne nkrataa a ɛto so mmienu ne mmiɛnsa no kamfo Kristofo a wɔkɔ so “nantew nokware no mu” no.—2 Yoh. 4; 3 Yoh. 3, 4. w18.04 18 ¶14-15