March
Kwasida, March 1
Wo na wudi ade nyinaa so.—1 Be. 29:12.
Sɛ yɛkenkan Genesis ti 1 ne ti 2 a, yebehu sɛ ahofadi a na Adam ne Hawa wɔ no, ɛnnɛ nnipa nni bi. Ɛne sɛ na hwee nhia wɔn, na biribiara nyi wɔn hu, na na obiara nhyɛ wɔn so. Ná Adam ne Hawa nna nnwen aduan a wobedi, adwuma a wɔbɛyɛ, yare, ne owu ho. (Gen. 1:27-29; 2:8, 9, 15) Nanso, ade a ɛho hia sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem ne sɛ Yehowa Nyankopɔn nko ara na ɔde ne ho korakora; ɔnhyɛ obiara ase, na n’ahofadi nni ano. Adɛn ntia? Efisɛ ɔno na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa, na ɔno ne amansan Hene ne ade nyinaa so tumfoɔ. (1 Tim. 1:17; Adi. 4:11) Enti, ɛwom sɛ abɔde a wɔwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa wɔ ahofadi de, nanso wɔnne wɔn ho korakora; wɔn ahofadi no wɔ baabi a ekodu. Ɛsɛ sɛ wohu sɛ Yehowa Nyankopɔn nko ara na ɔwɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ mmara a ɛfata, nea ɛho hia, ne nea ɛtɔ asom. Saa pɛpɛɛpɛ na mfiase no, bere a Yehowa Nyankopɔn bɔɔ nnipa no, ɔma wohui. w18.04 4 ¶4, 6
Dwoda, March 2
Hwɛ, nea ɔde asɛmpa ba no nan ase yɛ fɛ . . . dɛn ara.—Yes. 52:7.
Yehowa nko ara na obetumi aboa yɛn ama yɛatena wiase yi mu. (2 Kor. 4:7, 8) Wo de, yɛnhwɛ wɔn a wɔne Yehowa nni abusuabɔ pa no. Esiane sɛ wonnya Yehowa mmoa nti, ɛbɛyɛ den ama wɔn pa ara wɔ wiase yi mu. Saa nkurɔfo no yɛ yɛn mmɔbɔ sɛnea nkurɔfo yɛɛ Yesu mmɔbɔ no, na yɛpɛ sɛ yɛka “adepa ho asɛmpa” kyerɛ wɔn. Enti, nya nkurɔfo a wokyerɛkyerɛ wɔn no ho abotare. Kae sɛ, nokware ahorow a ɛwɔ Bible mu a yenim no yiye no, ebi wɔ hɔ a ebia saa nkurɔfo no nnwenee ho da. Nea wɔn mu pii gye di no, ɛda wɔn koma so pa ara. Ebia wɔn adwene yɛ wɔn sɛ ɔsom a wɔwom no boa wɔn ma baakoyɛ tena wɔne wɔn abusuafo ne ɔmanfo a wɔne wɔn te ntam, na ɛma wokura wɔn amammerɛ mu. Sɛ yɛpɛ sɛ nkurɔfo gyae wɔn gyidi “dedaw” a ɛda wɔn koma so pa ara akyi di a, ebehia sɛ yedi kan boa wɔn ma wonya anisɔ kɛse ma nokware “foforo” a wɔahu no. Nokware “foforo” no, ɛno ne Bible nkyerɛkyerɛ a na wonnim ansa na yɛrefi ase ne wɔn asua ade. Sɛ yɛboa wɔn saa a, ɛno ansa na wobegyae wɔn gyidi dedaw no akyi di. Ebetumi aba sɛ ebegye bere ansa na yɛatumi aboa nkurɔfo ama wɔayɛ nsakrae a ɛte saa.—Rom. 12:2. w19.03 23 ¶10, 12; 24 ¶13
Benada, March 3
Magye wo atom.—Mar. 1:11.
Sɛnea Yehowa da ɔdɔ adi na ɔhyɛ nkuran no kae yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ahyɛ afoforo nkuran. (Yoh. 5:20) Sɛ obi a yɛpɛ n’asɛm da ɔdɔ adi kyerɛ yɛn na ɔkamfo yɛn wɔ nneɛma pa a yɛyɛ ho a, ɛma yenya nkɔso. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ yɛda ɔdɔ adi kyerɛ yɛn nuanom a yɛne wɔn wɔ asafo no mu ne yɛn abusuafo na yɛhyɛ wɔn nkuran. Sɛ yɛkamfo afoforo a, yɛhyɛ wɔn gyidi den na yɛboa wɔn ma wɔde nokwaredi som Yehowa. Awofo pa ara na ehia sɛ wɔhyɛ wɔn mma nkuran. Sɛ awofo yi wɔn yam kamfo wɔn mma na wɔma wohu sɛ wɔdɔ wɔn a, wɔboa wɔn mma ma wonya nkɔso. Saa asɛm “Magye wo atom” no ma yehu sɛ, na Yehowa wɔ Yesu mu awerɛhyem sɛ ɔbɛkɔ so ayɛ n’Agya apɛde. Yehowa wɔ ne Ba no mu awerɛhyem, enti yɛn nso yebetumi anya awerɛhyem koraa sɛ Yesu bɛma Yehowa bɔhyɛ nyinaa abam. (2 Kor. 1:20) Sɛ yesusuw nea Yesu yɛe ho a, yɛbɛhyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yebesua biribi afi ne hɔ no mu den, na yɛadi n’anammɔn akyi.—1 Pet. 2:21. w19.03 8 ¶3; 9 ¶5-6
Wukuda, March 4
Saa honhom no mmara a ɛma nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ama moade mo ho afi bɔne ne owu mmara ase.—Rom. 8:2.
Sɛ yehu sɛnea akyɛde bi a ne bo yɛ den som bo ankasa a, ɛma yɛyɛ biribi ma nea ɔkyɛɛ yɛn ade no hu sɛ yɛn ani asɔ. Bere a Yehowa gyee Israelfo no fii nkoasom mu wɔ Egypt no, wɔankyerɛ ahofadi a Yehowa ma wonyae no ho anisɔ. Yehowa gyee wɔn akyi abosome kakraa bi no, wɔn kɔn fii ase dɔɔ nnuan ne anonne a na wonya wɔ Egypt no. Wei nti wonwiinwii wɔ aduan a na Yehowa de ma wɔn no ho, na wɔyɛɛ wɔn adwene mpo sɛ wɔbɛsan akɔ Egypt. Wo de hwɛ, wɔmaa ‘nsunam, ɛfere, anamuna, nnuadewa, gyeene, ne galik’ ho hiaa wɔn sen ahofadi a na wɔanya sɛ wɔbɛsom Yehowa a ɔne nokware Nyankopɔn no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa bo fuw ne nkurɔfo denneennen. (Num. 11:5, 6, 10; 14:3, 4) Wei yɛ asuade pa ara ma yɛn! Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Kristofo nyinaa sɛ ɛnsɛ sɛ yebu ahofadi a Yehowa nam ne Ba Yesu Kristo so de ama yɛn no sɛ ade ketewaa bi.—2 Kor. 6:1. w18.04 9-10 ¶6-7
Yawda, March 5
Ɔdɔ trenee ne atɛntrenee. Yehowa adɔe ahyɛ asase so ma.—Dw. 33:5.
Yɛn nyinaa pɛ sɛ nkurɔfo dɔ yɛn. Yɛn nyinaa pɛ sɛ nkurɔfo ne yɛn di no yiye. Mpɛn pii no, sɛ nkurɔfo anna ɔdɔ adi ankyerɛ yɛn na wɔne yɛn anni no atɛntrenee so a, yebetumi ate nka sɛ mfaso nni yɛn so, na yɛn anidaso asa. Yehowa nim sɛ yɛhwɛ kwan sɛ afoforo bɛda ɔdɔ adi akyerɛ yɛn, na yɛn yam a anka wɔne yɛn adi no atɛntrenee so. (Dw. 33:5) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn pa ara, na ɔpɛ sɛ afoforo ne yɛn di no yiye. Sɛ yɛhwɛ Mmara a Yehowa nam Mose so de maa Israel man no yiye a, yehu sɛ saa asɛm no yɛ nokware. Yesua Mose Mmara no a, yehu sɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no dɔ yɛn pa ara. (Rom. 13:8-10) Yebetumi ahu sɛ ɔdɔ na Yehowa gyinaa so hyehyɛɛ Mose Mmara no, efisɛ biribiara a Yehowa yɛ no, ɔdɔ na ɛma ɔyɛ. (1 Yoh. 4:8) Yehowa de mmara nsɛm no nyinaa gyinaa ahyɛde titiriw mmienu so. Ɛno ne, dɔ Onyankopɔn, ne dɔ wo yɔnko. (Lev. 19:18; Deut. 6:5; Mat. 22:36-40) Ahyɛde 600 ne akyi a ɛwɔ Mose Mmara no mu biara ma yehu biribi fa Yehowa dɔ ho. w19.02 20-21 ¶1-4
Fida, March 6
Baabi a w’ademude wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.—Mat. 6:21.
Hiob hwɛɛ ne ho yiye wɔ mmea ho. (Hiob 31:1) Ná onim sɛ ɛyɛ mfomso sɛ ɔbɛma ne koma akodi ɔbea foforo a ɔnyɛ ne yere akyi. Ɛnnɛ, wiase a yɛte mu no, nna ho sɔhwɛ abu so. Sɛnea Hiob yɛe no, yɛasi yɛn bo sɛ yɛremfa yɛn adwene nkɔ obiara a ɔnyɛ yɛn aware mu hokafo so anaa? Afei nso, yɛayɛ yɛn adwene sɛ yɛrenhwɛ mfoni biara a ɛyɛ ahuhude anaa aguamansɛm anaa? (Mat. 5:28) Sɛ yɛyere yɛn ho hyɛ yɛn ho so da biara da a, yɛbɛhyɛ yɛn ho den na ama yɛakura yɛn mũdi mu. Bio nso, Hiob tiee Yehowa, na onyaa adwempa wɔ ahonyade ho. Hiob hui sɛ, sɛ ɔde ne ho to n’agyapade so a, obedi mfomso kɛse a ɛfata asotwe. (Hiob 31:24, 25, 28) Ɛnnɛ, wiase a yɛte mu no, ahonyade agye nkurɔfo adwene pa ara. Sɛ yenya adwene a ɛfata wɔ sika ne ahonyade ho, sɛnea Bible ka no a, ɛbɛhyɛ yɛn den ama yɛasi yɛn bo pa ara sɛ yebekura yɛn mũdi mu.—Mmeb. 30:8, 9; Mat. 6:19, 20. w19.02 6 ¶13-14
Memeneda, March 7
Sɛnea Agya no dɔ me na me nso medɔ mo.—Yoh. 15:9.
Biribiara a Yesu yɛe no ma yehu sɛ osuasuaa ɔdɔ kɛse a Yehowa wɔ ma yɛn no pɛpɛɛpɛ. (1 Yoh. 4:8-10) Nea ɛsen biara no, Yesu yii ne yam de ne nkwa too hɔ maa yɛn. Sɛ yɛyɛ Kristofo a wɔasra yɛn oo, yɛyɛ “nguan foforo” oo, yenya ɔdɔ a Yehowa ne ne Ba no nam agyede afɔre no so ada no adi akyerɛ yɛn no so mfaso. (Yoh. 10:16; 1 Yoh. 2:2) Yɛnhwɛ nneɛma a yɛde yɛ Nkaedi no nso; ɛma yehu sɛ Yesu dɔ n’asuafo na odwen wɔn ho. Adɛn nti na yɛreka saa? Yesu anyɛ afahyɛ bi a ɛho nhyehyɛe yɛ kyenkyenenn amma n’asuafo, na mmom nea ɛho nhyehyɛe yɛ tiawa. Ɔyɛɛ wei de daa ɔdɔ adi kyerɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no. Akyiri yi, ɛho behiae sɛ saa asuafo a wɔasra wɔn no yɛ Nkaedi no afe biara. Wɔyɛɛ saa wɔ tebea ahorow mu, bere mpo a na wɔda afiase. (Adi. 2:10) Yemmisa sɛ, wotumi dii Yesu ahyɛde no so anaa? Yɛbɛka sɛ, wodii so pa ara! Nokware Kristofo akae Yesu wu no fi asomafo no bere so besi nnɛ. w19.01 24 ¶13-15
Kwasida, March 8
Mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.—Yoh. 8:32.
Yehowa adom nti, yɛade yɛn ho afi atoro som ne gyidihunu ho, na yɛanya nimdeɛ. Nanso pii ka ho. Yɛhwɛ kwan sɛ daakye yebenya “Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi.” (Rom. 8:21) Sɛ ‘wotena Kristo asɛm mu,’ anaa wutie ne nkyerɛkyerɛ a, ɛnnɛ mpo wubetumi anya saa ahofadi no bi. (Yoh. 8:31) Woyɛ saa a, “wubehu nokware no,” kyerɛ sɛ, ɛnyɛ sɛ wubesua ho ade kɛkɛ, na mmom, wode bɛbɔ wo bra nso. Wiase dedaw yi mu no, nea wɔfrɛ no asetena pa mpo no, yennim nea ɛbɛkɔ akowie, na ɛyɛ tia nso. Yennim nea ebesi ɔkyena. (Yak. 4:13, 14) Ɛnde, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛkɔ so anantew ɔkwan a ɛkɔ “nkwa ankasa,” anaa daa nkwa mu no so. (1 Tim. 6:19) Nanso, Onyankopɔn nhyɛ yɛn sɛ yɛnnantew saa kwan no so. Yɛwɔ hokwan sɛ yɛpaw nea yɛpɛ. Ma Yehowa nyɛ wo “kyɛfa.” (Dw. 16:5) Ma w’ani nsɔ ‘nneɛma pa’ pii a ɔde ama wo no. (Dw. 103:5) Nya gyidi sɛ obetumi ama woadi “ahurusi kɛse,” na woanya ‘anigye daa.’—Dw. 16:11. w18.12 28 ¶19, 21
Dwoda, March 9
‘Okunu mmfi ne yere ho.’—1 Kor. 7:11.
Sɛnea Yehowa ne Yesu di aware ni no, ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa bɔ mmɔden yɛ saa. Nanso, esiane sɛ nnipa nyɛ pɛ nti, ebinom nni aware ni. (Rom. 7:18-23) Ɛno nti, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ na nsɛnnennen wɔ Kristofo a wɔwɔ asomafo no bere so no bi aware mu. Paulo kaa sɛ “ɔyere ne ne kunu nntetew mu”; nanso ɛtɔ da a na ebinom tetew wɔn aware mu. (1 Kor. 7:10) Paulo ankyerɛ nea ɛkɔfaa saa ntetewmu no bae. Nanso yenim sɛ, ɛnyɛ sɛ na ɔbarima no abɔ aguaman nti na wɔtetew mu. Sɛ ɛyɛ saa a, anka ɔbea no benya biribi agyina so agyae aware na wasan akɔware bio. Paulo kaa sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔbea a ɔne ne kunu atetew wɔn aware mu no ‘ware, anyɛ saa a ɛsɛ sɛ ɔne ne kunu no kɔbom bio.’ Enti Onyankopɔn ani so no, na nnipa mmienu no da so ara yɛ awarefo. Paulo tuu awarefo fo sɛ, nea akɔfa ɔhaw no aba biara no, sɛ ɛnyɛ aguamammɔ a, ɛnde nea ɛsɛ sɛ awarefo no yɛ araa ne sɛ wɔbɛsan aka abom. Wɔn mmienu no betumi ahwehwɛ Bible mu afotu afi asafo mu mpanyimfo hɔ. w18.12 13 ¶14-15
Benada, March 10
Monkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan.—Mat. 6:33.
Ɛnnɛ, nea Onyankopɔn pɛ sɛ ne nkurɔfo yɛ ne sɛ wɔbɛfa no adamfo na wɔayɛ nea wobetumi biara aka asɛmpa no. (Mat. 28:19, 20; Yak. 4:8) Ebia nnipa bi a wɔwɔ adwempa bɛyɛ wɔn adwene sɛ wobebu yɛn abam. Ɛho nhwɛso bi ni. Sɛ w’adwumawura ka kyerɛ wo sɛ ɔbɛbɔ w’aba so na wato w’akatua mu, nanso dibea a ɔde rema wo no begye bere a wode kɔ asɛnka ne asafo nhyiam no bi nso ɛ? Anaa yɛmfa no sɛ wokɔ sukuu, ɛnna woanya hokwan sɛ wubefi wo kurom akɔtoa wo nhomasua so. Ɛba saa a, wubehu nea ɛsɛ sɛ woyɛ anaa? Enti, seesei a biribi a ɛte saa nnya nsii no, adɛn nti na wommɔ ho mpae, nyɛ ho nhwehwɛmu, na wo ne afoforo nsusuw ho? Woyɛ saa a, ɛbɛma woahu adwene a Yehowa wɔ wɔ nneɛma a ɛte saa ho, na ama woanya n’adwene no bi. Sɛ woyɛ saa na biribi a ɛte saa si a, ebia wubehu sɛ ɛrenyɛ sɔhwɛ mma wo koraa. Esiane sɛ woasi w’adwene pi dedaw sɛ wobɛkɔ so asom Yehowa nti, ɛba saa a, wubehu nea ɛsɛ sɛ woyɛ ankasa. w18.11 27 ¶18
Wukuda, March 11
Bɔ wo koma ho ban sen nea wode sie nyinaa.—Mmeb. 4:23.
Bere a Solomon bɛyɛɛ Israel hene no, na ɔyɛ aberante. N’ahenni no mfiase na Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ dae mu. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Bisa me nea menyɛ mma wo.” Solomon kaa sɛ: “Meyɛ abofra koraa. Minnim sɛnea mefi adi na maba mu. . . . Ma w’akoa ahobrɛase koma a ɔde bebu wo man atɛn.” (1 Ahe. 3:5-10) Solomon bisaa “ahobrɛase koma”; n’adesrɛ no kyerɛ sɛ na onim pa ara sɛ ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ! Wei nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ na Yehowa dɔ Solomon! (2 Sam. 12:24) Mmuae a ɔhene aberante no de mae no, yɛn Nyankopɔn ani sɔe araa ma ɔmaa Solomon “nyansa ne ntease koma.” (1 Ahe. 3:12) Bere a na Solomon di nokware no, onyaa nhyira pii. Onyaa hokwan sii asɔrefie ‘maa Yehowa, Israel Nyankopɔn din.’ (1 Ahe. 8:20) Nyansa a Onyankopɔn de maa no nti, ogyee din. Nsɛm a Onyankopɔn honhom ma ɔkae no, wɔakyerɛw wɔ Bible mu nhoma mmiɛnsa mu. Emu baako ne Mmebusɛm nhoma no. w19.01 14 ¶1-2
Yawda, March 12
Mommfa wiase nhyehyɛe yi su.—Rom. 12:2.
Ebinom mpɛ sɛ obiara bɛkyerɛ wɔn nea wɔnyɛ. Wɔka sɛ, “Ɛnyɛ obi na ɔkyerɛ me nea menyɛ.” Sɛ wɔka saa a, ebia nea wɔrepɛ akyerɛ ne sɛ, wɔpɛ sɛ wɔn ankasa sisi wɔn gyinae, na wɔwɔ hokwan sɛ wɔyɛ saa. Wɔmpɛ sɛ afoforo bɛkyerɛ wɔn nea wɔnyɛ, na saa ara nso na wɔmpɛ sɛ obi bɛhyɛ wɔn sɛ wonsuasua afoforo. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ yesusuw nneɛma ho sɛ Yehowa a, ɛnkyerɛ sɛ yɛn ankasa rentumi nkyerɛ yɛn adwene wɔ nneɛma ho. Bible ka wɔ 2 Korintofo 3:17 sɛ, “faako a Yehowa honhom wɔ no, ahofadi wɔ hɔ.” Yehowa ama yɛn ahofadi sɛ yebetumi akyerɛ nipa kõ a yɛpɛ sɛ yɛyɛ. Yebetumi apaw nea yɛpɛ ne nneɛma bi a yɛn ani gye ho. Saa na Yehowa bɔɔ yɛn. Nanso, wei nkyerɛ sɛ yɛn ahofadi no nni baabi a ekosi. (1 Pet. 2:16) Sɛ ehia sɛ yɛkyerɛ sɛ biribi yɛ papa anaa bɔne a, Yehowa pɛ sɛ yɛma n’adwene a ɛwɔ n’Asɛm mu no kyerɛ yɛn kwan. w18.11 19 ¶5-6
Fida, March 13
Mprempren wiase nhyehyɛe ho dɔ nti, Dema agyaw me hɔ.—2 Tim. 4:10.
Bere a yehuu nokware no, yɛamfa ahonyade a yɛbɛhwehwɛ anni Yehowa som adwuma anim. Ná yɛn ani gye ho sɛ yebegyae honam fam nneɛma bi akyi di sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so anantew nokware no mu. Nanso, bere bi akyi no, ebia yebehu sɛ afoforo retotɔ ɛlɛtrɔnik mfiri a aba so anaasɛ wɔwɔ honam fam nneɛma foforo a yenni bi. Yebetumi afi ase ate nka sɛ yɛrehwere biribi. Sɛ yɛamma yɛn ani ansɔ honam fam nneɛma a yɛwɔ a, ebia yɛde nneɛma a ɛfa Yehowa som ho begu nkyɛn na yɛakɔpɛ ahonyade. Wei ma yɛkae nea ɛtoo Dema. “Mprempren wiase nhyehyɛe” ho anigye a Dema nyae ma ogyaee ɔsom adwuma a na ɔne ɔsomafo Paulo reyɛ no. Adɛn nti na Dema gyaw Paulo hɔ? Sɛ ahonyade na n’ani begyee ho sen ɔsom adwuma no oo, sɛ na ɔmpɛ sɛ ɔde nneɛma bɔ afɔre bio na ama watumi ne Paulo ayɛ ɔsom adwuma no oo, ɛno de, Bible nka. Ebia bere bi a atwam no, na yɛn ani gye honam fam nneɛma ho. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yebetumi anya saa nneɛma no ho anigye bio na emu ayɛ den araa ma nokware no ho anigye a yɛwɔ no afi yɛn mu. w18.11 10 ¶9
Memeneda, March 14
Ɛnyɛ owu na mubewu.—Gen. 3:4.
Adwemmɔne na ɛmaa Satan dii atoro, efisɛ na onim yiye pa ara sɛ, sɛ Hawa gye no di na odi dua no aba a, obewu. Hawa ne Adam nyinaa buu Yehowa ahyɛde so, na ewiee ase no, wowui. (Gen. 3:6; 5:5) Nea ɛsen saa no, ɛnam saa bɔne no so na “owu trɛw kaa nnipa nyinaa.” Nokwarem no, ‘owu dii hene, na edii wɔn a wɔanyɛ bɔne te sɛ Adam mmarato no mpo so.’ (Rom. 5:12, 14) Ná anka Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa tena ase daa na wogye wɔn ani a wɔrenhyia ɔhaw biara. Nanso seesei ɛnte saa. Sɛ obi tena ase na nneɛma kɔ yiye ma no a, odi ‘mfe 70, na sɛ ɔwɔ ahoɔden pa ara a, ɛnna odi mfe 80.’ Ɛno mpo no, yɛhwɛ nnipa asetena a, “ɔhaw ne amanehunu nkutoo na ahyɛ mu mã.” (Dw. 90:10) Atoro a Satan dii na akɔfa awerɛhosɛm yi nyinaa aba! Yesu kaa nea Ɔbonsam yɛe no ho asɛm sɛ: “Wannyina nokware no mu, efisɛ nokware nni ne mu.” (Yoh. 8:44) Ɛde besi nnɛ nyinaa, nokware nni Satan mu, efisɛ ogu so de n’atosɛm no ‘redaadaa asase sofo nyinaa.’ (Adi. 12:9) Yɛmpɛ sɛ Ɔbonsam daadaa yɛn. w18.10 6-7 ¶1-4
Kwasida, March 15
Anigye ne wɔn a wɔpɛ asomdwoe, efisɛ wɔbɛfrɛ wɔn ‘Onyankopɔn mma.’—Mat. 5:9.
Wɔn a wodi kan tu anammɔn sɛ wɔbɛma asomdwoe atena wɔne afoforo ntam no ani betumi agye. Osuani Yakobo kaa sɛ: “Wodua trenee aba wɔ asomdwoe mu ma wɔn a wɔpɛ asomdwoe.” (Yak. 3:18) Sɛ yɛne obi ntam asɛe wɔ asafo no mu anaa yɛn abusua mu a, yebetumi asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛne no nsiesie yɛn ntam. Woyɛ saa a, Yehowa bɛma wo honhom kronkron, na ɛbɛboa wo ama woada Kristofo suban adi, na w’ani begye pa ara. Yesu sii so dua sɛ ehia sɛ yedi kan tu anammɔn ne yɛn nuanom kosiesie yɛn ntam. Ɔkaa sɛ: “Afei sɛ wode w’akyɛde reba afɔremuka ho na wokae wɔ hɔ sɛ wo nua wɔ biribi tia wo a, gyaw w’akyɛde no afɔremuka no anim na kɔ; di kan ne wo nua no nkosiesie mo ntam, na sɛ wosan ba a, woabɛbɔ w’afɔre.”—Mat. 5:23, 24. w18.09 21 ¶17
Dwoda, March 16
Mede ahyɛde foforo rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛnea medɔ mo no, mo nso monnodɔ mo ho saa ara.—Yoh. 13:34.
Anadwo a etwa to a Yesu ne n’asuafo no hyiae no, ɔkaa ɔdɔ ho asɛm bɛyɛ mpɛn 30. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo pefee sɛ, ɛsɛ sɛ ‘wɔdodɔ wɔn ho.’ (Yoh. 15:12, 17) Ɔdɔ a wɔbɛda no adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho no bɛyɛ soronko araa ma obiara behu sɛ wɔyɛ Yesu akyidifo ankasa. (Yoh. 13:35) Saa ɔdɔ yi nyɛ atenka ara kwa. Ná Yesu reka suban bi a ɛyɛ fɛ pa ara ho asɛm; ɛne sɛ yebeyi yɛn yam adɔ afoforo. Ɔkaa sɛ: “Obiara nni ɔdɔ a ɛsen eyi, sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo. Sɛ moyɛ nea merehyɛ mo no a, na moyɛ me nnamfo.” (Yoh. 15:13, 14) Ɛnnɛ, ɔdɔ amapa a Yehowa nkurɔfo yi wɔn yam da no adi ne baakoyɛ a emu yɛ den a ɛwɔ wɔn mu no ma nkurɔfo hu sɛ wɔyɛ Onyankopɔn asomfo. (1 Yoh. 3:10, 11) Ɛyɛ yɛn dɛ pa ara sɛ, ɛmfa ho ɔman anaa abusuakuw a Yehowa asomfo fi mu, kasa a wɔka, anaa baabi a wɔtetee wɔn no, wɔda ɔdɔ a ɛte sɛ Kristo de no bi adi! w18.09 12 ¶1-2
Benada, March 17
Sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa, ne ne titiriw no, ne fiefo a, wapa gyidi no, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni mpo.—1 Tim. 5:8.
Yehowa hwɛ kwan sɛ n’asomfo bɛhwɛ wɔn mmusua. Ade baako ne sɛ, ebia ɛsɛ sɛ woyɛ adwuma de hwɛ w’abusua. Mmaatan pii tena fie hwɛ wɔn mma nkumaa. Afei nso, ebia ebehia sɛ ebinom a onyin anaa yare ama wɔn awofo agugow tena wɔn ho hwɛ wɔn. Wei yɛ asɛyɛde a ɛho hia pa ara. Sɛ asɛyɛde a ɛte saa gu wo so a, ebia worentumi nnya bere pii mfa nyɛ Yehowa som adwuma sɛnea wopɛ. Nanso, ka wo koma to wo yam! Sɛ wohwɛ w’abusua a, Yehowa ani sɔ. (1 Kor. 10:31) Sɛ wunni abusua mu asɛyɛde a egye bere pii a, wubetumi aboa asafo no mufo a wɔrehwɛ wɔn a wɔyare, anaa wubetumi aboa wɔn a wɔyare, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, anaa afoforo a wohia mmoa foforo bi? Wubetumi de w’ani ato fam ahwehwɛ wɔn a wohia mmoa wɔ w’asafo mu anaa? Sɛ woyɛ saa a, ebia na Yehowa nam wo so rebua obi mpaebɔ.—1 Kor. 10:24. w18.08 24 ¶3, 5
Wukuda, March 18
Na Onyankopɔn ka ne ho, na ogyee no fii n’ahohia nyinaa mu.—Aso. 7:9, 10.
Bere a Yosef dii mfe 17 no, ahoɔyaw nti ɔno ara ne nuanom tɔn no ma ɔkɔyɛɛ akoa. Ansa na wɔretɔn Yosef no, na Yosef yɛ n’agya dɔba. (Gen. 37:2-4, 23-28) Yosef huu amane bɛyɛ mfe 13 wɔ Egypt; nea edi kan, ɔsomee sɛ akoa, na akyiri yi, wɔde no too afiase. Ná ɔmmɛn n’agya Yakob a ɔdɔ no no koraa. Dɛn na ɛboaa Yosef a amma n’abam ammu na abufuw anhyɛ no mã? Bere a na Yosef rehu amanne wɔ afiase no, ɛbɛyɛ sɛ ɔde n’adwene sii nneɛma a ɛkyerɛ sɛ Yehowa rehyira no no so. (Gen. 39:21; Dw. 105:17-19) Ɛbɛyɛ sɛ anisoadehu a Yosef nyae wɔ dae mu bere a na ɔyɛ abofra no nso ma onyaa ahotoso sɛ Yehowa ka ne ho. (Gen. 37:5-11) Ebia ɔkaa ɛyaw a na ɔrefa mu no ho asɛm kyerɛɛ Yehowa mpɛn pii. (Dw. 145:18) Yehowa buaa mpae a Yosef fi ne komam bɔe no, na ɔmaa Yosef nyaa ahotoso sɛ ‘ɔbɛka ne ho’ wɔ ne sɔhwɛ nyinaa mu. w18.10 28 ¶3-4
Yawda, March 19
Ohiani de, ne yɔnko mpo tan no, na ɔdefo nnamfo dɔɔso.—Mmeb. 14:20.
Ahonyade yɛ ade foforo a ebetumi aka sɛnea yebu afoforo. Nanso, adwene bɛn na sika a obi wɔ anaa ohia a obi di betumi ama yɛanya wɔ ne ho? Honhom kronkron maa Solomon kaa nokwasɛm bi faa nnipa a yɛnyɛ pɛ ho sɛnea ɛnnɛ asɛm no aka no. Dɛn na yesua fi saa bɛ yi mu? Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yɛn ani begye ho sɛ yɛbɛfa anuanom a wodi yiye nnamfo na yɛatwe yɛn ho afi wɔn a ahia wɔn ho. Sɛ sika a obi wɔ nko ara na yɛhwɛ de nidi ma no a, adɛn nti na enye koraa? Efisɛ, sɛ yɛyɛ saa a, ebetumi ama yɛde mpaapaemu aba asafo no mu. Asomafo no bere so no, na saa ɔhaw yi de mpaapaemu reba asafo ahorow no mu, enti osuani Yakobo bɔɔ wɔn kɔkɔ. (Yak. 2:1-4) Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛamma saa suban yi antena yɛn asafo mu, na ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ nea etua aniwa na yegyina so bu atɛn. w18.08 10 ¶8-10
Fida, March 20
Monnodɔ mo ho denneennen.—1 Pet. 4:8.
Sɛnea yɛne yɛn nuanom Kristofo di no nso kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ adamfofa soronko a yɛne Yehowa wɔ no. Wɔn nso, wɔyɛ Yehowa dea. Sɛ yɛamma yɛn werɛ amfi saa nokwasɛm yi a, bere nyinaa yɛbɛda ayamye ne ɔdɔ adi akyerɛ yɛn nuanom. (1 Tes. 5:15) Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.” (Yoh. 13:35) Yɛnhyɛ no nsow sɛ, Malaki kaa sɛ, bere a Yehowa nkurɔfo ne wɔn ho wɔn ho kasae no, Yehowa hui, na ‘ɔyɛɛ aso tiei.’ (Mal. 3:16) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa “nim wɔn a wɔyɛ ne de.” (2 Tim. 2:19) Ohu nea yɛyɛ biara, na nea yɛka biara nso, ɔte. (Heb. 4:13) Sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo anni no yiye a, Yehowa hu, na ‘ɔyɛ aso tie.’ Sɛ yɛtew yɛn anim ma afoforo, yeyi yɛn yam boa wɔn, yɛde wɔn bɔne kyɛ wɔn, na yɛne wɔn di no ayamye so a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɛno nso Yehowa hu.—Heb. 13:16. w18.07 26 ¶15, 17
Memeneda, March 21
Yehowa . . . na fa wo ho fam.—Deut. 10:20.
Nyansa wom sɛ yɛbɛfam Yehowa ho. Obiara nni tumi, nyansa, anaa ɔdɔ nsen yɛn Nyankopɔn! Yɛn mu hena na ɔmpɛ sɛ obegyina Yehowa afã? (Dw. 96:4-6) Nanso, bere a tebea bi sɔree a ɛho behiae sɛ Onyankopɔn asomfo bi gyina Yehowa afã no, wɔanyɛ saa. Yɛnhwɛ Kain. Wansom anyame foforo biara anka Yehowa ho. Nanso, Onyankopɔn ani ansɔ ɔsom a Kain de maa no no. Ná adwemmɔne bi regye ntini wɔ ne komam. (1 Yoh. 3:12) Yehowa ka kyerɛɛ Kain sɛ: “Sɛ wosakra yɛ papa a, w’anim remma nyam anaa? Na sɛ woansakra anyɛ papa a, ɛnde bɔne butuw w’abobow ano, na ɛrehwehwɛ wo; adɛn na wunni no so?” (Gen. 4:6, 7) Nea na Yehowa reka akyerɛ Kain ne sɛ: “Sɛ wosakra w’adwene na woba m’afã a, me nso mɛtaa w’akyi.” Nanso Kain antie Yehowa afotu. w18.07 17 ¶1, 3; 18 ¶4
Kwasida, March 22
Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim.—Mat. 5:16.
Ɔkwan baako a yɛbɛfa so ama yɛn kanea ahyerɛn ne sɛ yɛbɛka asɛmpa no na yɛayɛ asuafo. (Mat. 28:19, 20) Bio nso, yɛbɔ yɛn bra sɛ Kristofo a, yɛhyɛ Yehowa anuonyam. Afiewuranom ne nkurɔfo a wɔnam mmɔnten so hwɛ yɛn nneyɛe. Sɛ yɛtew yɛn anim serew kyerɛ nkurɔfo na yekyia wɔn nidi mu a, ɛma wohu yɛn nipaban ne Onyankopɔn a yɛsom no. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Sɛ morehyɛn ofie bi mu a munkyia ofie no mufo.” (Mat. 10:12) Baabi a na Yesu ne n’asuafo taa ka asɛm no, na ɛyɛ ɛhɔfo no amammerɛ sɛ wobegye ahɔho akɔ wɔn fie. Ɛnnɛ, ɛnyɛ saa na ɛte wɔ mmeae pii. Nanso, sɛ wotew w’anim serew, na wokyerɛ nea enti a woaba hɔ a, nea ɛtaa ba ne sɛ, ɛma ofiewura no koma tɔ ne yam. Mpɛn pii no, sɛ wopɛ sɛ wo ne obi bɔ nkɔmmɔ a, ɛyɛ papa pa ara sɛ wubedi kan aserew. Yɛahyɛ no nsow nso sɛ, sɛ anuanom hyehyɛ nhoma wɔ trɔk so de yɛ baguam adansedi na wɔserew a, ɛboa pa ara. Sɛ wode serew kyia nkurɔfo kama a, mpɛn pii no, wubehu sɛ ɛma wɔn koma tɔ wɔn yam. w18.06 22 ¶4-5
Dwoda, March 23
Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim.—Aso. 10:34.
Bere bi a atwam no, na Yudafo nko ara na ɔsomafo Petro taa ne wɔn bɔ. Nanso bere a Onyankopɔn maa emu daa hɔ sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo hwɛ nnipa anim no, Petro kaa asɛmpa no kyerɛɛ Roma sraani Kornelio. (Aso. 10:28, 35) Ɛno akyi no, Petro ne Kristofo a wɔnyɛ Yudafo no didii, na ɔne wɔn bɔɔ fekuw. Nanso mfe bi akyi no, Petro ne Kristofo a wɔnyɛ Yudafo a wɔwɔ Antiokia no annidi bio. (Gal. 2:11-14) Wei nti, Paulo de nteɛso a ɛfata maa Petro, na Petro gyee nteɛso no toom. Bere a Petro kyerɛw ne krataa a edi kan kɔmaa Kristofo a wɔyɛ Yudafo ne Kristofo a wɔnyɛ Yudafo a wɔwɔ Asia Kumaa no, ɔkaa sɛ ehia sɛ yɛdɔ yɛn nuanom nyinaa. (1 Pet. 1:1; 2:17) Ɛda adi pefee sɛ, nea Yesu yɛe no maa asomafo no suae sɛ wɔbɛdɔ “nnipa ahorow nyinaa.” (Yoh. 12:32; 1 Tim. 4:10) Ɛwom, egyee bere de, nanso wɔsesaa wɔn adwene. Esiane sɛ tete Kristofo no hyɛɛ “nipasu foforo” no nti, wobegye toom sɛ nnipa nyinaa yɛ pɛ wɔ Onyankopɔn ani so.—Kol. 3:10, 11. w18.06 11 ¶15-16
Benada, March 24
Munnyina hɔ pintinn . . . na monhyɛ trenee nkatabo.—Efe. 6:14.
Asomafo no bere so no, na Roma asraafo hyɛ nkatabo bi a ne fã bi yɛ nnade ntrantraa. Sɛ ɔsraani no hyɛ nkatabo no a, na ehia sɛ bere ne bere mu ɔhwɛ sɛ ɛhyɛ yiye anaa, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛbɔ ne koma ne n’akwaa foforo ho ban. Yehowa akwankyerɛ a ɛteɛ no bɔ yɛn koma ho ban, na yebetumi de atoto nkatabo ho. Wei fata pa ara! (Mmeb. 4:23) Ɔsraani biara remfa nkatabo a wɔamfa dade papa anyɛ nsesa nea wɔde dade papa ayɛ da, saa ara na yɛn nso yɛremfa nea yɛn adwene yɛ yɛn sɛ ɛteɛ nsesa nea Yehowa kyerɛ sɛ ɛteɛ da. Yentumi nsusuw nneɛma ho yiye, enti yɛrentumi mmɔ yɛn koma ho ban. (Mmeb. 3:5, 6) Ɛno nti, bere nyinaa ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ “nkatabo” a Yehowa de ama yɛn no kata yɛn koma so yiye anaa. Sɛ yɛma yɛn ani gye nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ho daa a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛhyɛ “nkatabo” no, anaa ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ yɛde Onyankopɔn akwankyerɛ bɛbɔ yɛn bra.—Dw. 111:7, 8; 1 Yoh. 5:3. w18.05 28 ¶3-4, 6-7
Wukuda, March 25
Ɔman no ne Mose hamee.—Num. 20:3.
Ɛmfa ho sɛ na Mose de koma pa adi ɔman no anim bere tenten nyinaa no, wonwiinwii. Ɛnyɛ nsu a na wonnya ho nko na wonwiinwii, na mmom wonwiinwii tiaa Mose nso. Wɔma ɛyɛe sɛ gyama Mose na wama sukɔm rede wɔn. (Num. 20:1-5, 9-11) Mose bo fuwii, na n’ahobrɛase no tu yerae. Sɛ́ anka Mose benya gyidi na wakasa akyerɛ ɔbotan no sɛnea na Yehowa aka akyerɛ no no, ɔde abufuw na ɛkasa kyerɛɛ nkurɔfo no, na ɔhyɛɛ ne ho anuonyam. Afei, ɔde ne poma no bɔɔ botan no mu mprenu, na nsu pii fii mu bae. Ahantan ne abufuw maa Mose dii mfomso kɛse. (Dw. 106:32, 33) Esiane sɛ Mose anna ahobrɛase adi bere tiaa bi mu nti, Yehowa amma wankɔ Bɔhyɛ Asase no so. (Num. 20:12) Yesua nneɛma pii fi saa asɛm yi mu. Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho da ahobrɛase adi bere nyinaa. Sɛ yɛn werɛ fi yɛn ho bere tiaa bi a, yɛbɛyɛ ahantan, akeka nsɛnhunu, na yɛadi nkwaseasɛm. Nea ɛto so mmienu, sɛ yɛwɔ ahoyeraw mu a, ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase, nanso ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden brɛ yɛn ho ase. w19.02 12-13 ¶19-21
Yawda, March 26
Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse.—Mat. 24:14.
Sɛ yetie Yesu ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka asɛmpa no a, ɛyɛ adesoa anaa? Dabida. Bere a Yesu maa bobe ho mfatoho no wiei no, ɔkaa sɛ yɛn a yɛka Ahenni no ho asɛmpa no benya anigye. (Yoh. 15:11) Ɔmaa yɛn awerɛhyem sɛ yebenya n’anigye no bi. Ɛbɛyɛ dɛn ayɛ yiye? Sɛnea yɛadi kan aka no, Yesu de ne ho totoo bobe ho, ɛnna ɔde n’asuafo no totoo baa ho. (Yoh. 15:5) Bobe no na ekurakura baa no. Bere tenten a baa no tuatua bobe no ho no, enya nsu ne nnuan a ɛnam bobe dua no mu no bi. Saa ara na yɛn nso, sɛ yɛtena Kristo mu na yedi n’anammɔn akyi a, yebenya anigye a Kristo yɛ n’Agya apɛde a onya no bi. (Yoh. 4:34; 17:13; 1 Pet. 2:21) Hanne ayɛ akwampae adwuma bɛboro mfe 40. Onuawa yi ka sɛ: “Mekɔ asɛnka a, anigye a minya bere nyinaa no na ɛkanyan me ma mekɔ so yɛ Yehowa som adwuma no.” Anokwa, sɛ anigye hyɛ yɛn mã a, ɛhyɛ yɛn den ma yɛkɔ so ka asɛmpa no wɔ mmeae a nkurɔfo ntaa ntie asɛm no.—Mat. 5:10-12. w18.05 17 ¶2; 20 ¶14
Fida, March 27
‘Wɔpaw me sɛ amanaman kyerɛkyerɛfo wɔ gyidi ne nokware ho.’—1 Tim. 2:7.
Asomafo no bere so no, sɛ yɛreka obi a ɔhyɛɛ ne nuanom nkuran pa ara a, ɛbɛyɛ ɔsomafo Paulo. Honhom kronkron ma ɔkɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ Helafo, Romafo, ne afoforo a na wɔsom anyame pii. (Gal. 2:7-9) Paulo tutuu akwan kɔɔ mmeae a ɛnnɛ yɛfrɛ hɔ Turkey, Greece, ne Italy. Ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn a wɔnyɛ Yudafo, na ɔhyehyɛɛ Kristofo asafo ahorow wɔ hɔ. Wɔn a na wɔabɛyɛ Kristofo yi ‘huu amane wɔ wɔn ankasa manfo nsam,’ enti na wohia nkuranhyɛ. (1 Tes. 2:14) Bɛyɛ afe 50 Y.B. no, Paulo kyerɛw Tesalonikafo asafo a na wɔahyehyɛ no foforo no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Yɛkae mo nyinaa wɔ yɛn mpaebɔ mu na yɛda Onyankopɔn ase daa, na daa yɛkae adwuma a mode gyidi yɛ, ne adwumaden a mufi ɔdɔ mu yɛ ne boasetɔ a moda no adi no.’ (1 Tes. 1:2, 3) Afei nso, otuu wɔn fo sɛ wɔnhyehyɛ wɔn ho den. Ɔkaa sɛ: “Monkɔ so nkyekye mo ho mo ho werɛ [anaa monhyehyɛ mo ho nkuran] na monhyehyɛ mo ho den.”—1 Tes. 5:11. w18.04 18-19 ¶16-17
Memeneda, March 28
Ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no . . . kan.—Mar. 13:10.
Ɔbabun a ɔma ehia no sɛ ɔbɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani no, ɔmfa asɛnka nni agorɔ. Esiane sɛ ehia sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no ntɛm pa ara nti, ɛsɛ sɛ yɛde ka nneɛma a ɛho hia yɛn pa ara no ho. Wubetumi de ayɛ wo botae sɛ wobɛkɔ asɛnka mpɛn pii asen sɛnea woyɛ no anaa? Wubetumi ayɛ akwampae adwuma? Na sɛ asɛnka adwuma no nyɛ wo dɛ nso ɛ? Wobɛyɛ dɛn adi adanse ama atu mpɔn? Nneɛma mmienu na ɛbɛboa wo: Sua ade yiye, na ka nea wunim kyerɛ afoforo. Woyɛ saa a, asɛnka adwuma no bɛyɛ wo dɛ ama ayɛ wo nwonwa. Wubetumi ahwehwɛ asɛm bi a wo mfɛfo sukuufo taa bisa ho mmuae. Ebi ni: “Wohwɛ a, yehu amane a, ɛhaw Onyankopɔn anaa?” Nsɛm bi wɔ jw.org wɛbsaet hɔ a ɛbɛboa mmabun ama wɔahu sɛnea wobebua saa asɛm no. Wubehu asɛmmisa bi wɔ hɔ a ɛka sɛ, “Sɛ yɛhu amane a, ɛha Onyankopɔn anaa?” Saa asɛm yi bɛboa wo ama woahu sɛnea wubebua saa asɛm no. w18.04 27 ¶10-11
Kwasida, March 29
Monwo na monnɔɔso.—Gen. 1:28.
Ɛwom sɛ mfiase no, na Adam ne Hawa wɔ ahofadi wɔ akwan pii so, nanso ɛnyɛ biribiara na na wobetumi ayɛ. Nneɛma bi wɔ hɔ a, wɔde bɔɔ wɔn, nanso na ɛwɔ baabi a wobetumi ayɛ saa nneɛma no akodu. Ɛho nhwɛso ni. Ná yɛn awofo a wodi kan no nim sɛ, sɛ wɔbɛkɔ so atena nkwa mu a, ɛsɛ sɛ wɔhome, wodidi, wɔda, na wɔyɛ nneɛma foforo. Yemmisa sɛ, sɛ wɔyɛ weinom a, na wɔbɛfa no sɛ wonni ahofadi anaa? Dabi, efisɛ sɛnea Yehowa bɔɔ wɔn no, sɛ wɔyɛ saa nneɛma no a, na ɛbɛma wɔn ani agye na ama wɔn koma atɔ wɔn yam. (Dw. 104:14, 15; Ɔsɛnk. 3:12, 13) Yehowa de ahyɛde pɔtee bi maa Adam ne Hawa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnwo nhyɛ asase so ma na wɔnhwɛ so. Saa ahyɛde yi maa ahofadi a wɔwɔ bɔɔ wɔn ɔkwan bi so anaa? Dabida! Ɔbɔadeɛ no de saa ahyɛde no maa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ama n’atirimpɔw abam. Ɛne sɛ wɔbɛma asase nyinaa ayɛ paradise ama nnipa a wɔyɛ pɛ atena so daa. (Dw. 127:3; Yes. 45:18) Sɛ Adam ne Hawa tiee Yehowa a, anka wɔn ani begye wɔ wɔn aware ne wɔn abusua mu afebɔɔ. w18.04 4-5 ¶ 7-8
Dwoda, March 30
Wɔn a wɔpɛ daa nkwa nyinaa dan gyidifo.—Aso. 13:48.
Sɛ yenya nkurɔfo ho abotare wɔ asɛnka mu a, ɛremma yennya adwene sɛ, ɛsɛ sɛ wɔte nokware a ɛwɔ Bible mu no ase anaa wogye tom ɛda a edi kan a yɛbɛka ho asɛm akyerɛ wɔn. Nhwɛso bi ni. Yɛnhwɛ sɛnea yebetumi aboa obi ama wate anidaso a yɛwɔ sɛ yebenya daa nkwa wɔ paradise wɔ asase so no ase. Nea nnipa pii gye di ne sɛ, sɛ onipa wu a ɔremma nkwa mu bio, anaa wɔn adwene ne sɛ nnipa pa nyinaa bɛkɔ soro. Ɔkwan bi a onua bi ahu sɛ etu mpɔn a ɔfa so boa nkurɔfo ni. Nea edi kan, ɔkenkan Genesis 1:28. Afei, obisa ofiewura no baabi a na Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa tena ne asetena a na ɔpɛ sɛ nnipa nya. Nkurɔfo dodow no ara bua sɛ, “Ná ɔpɛ sɛ nnipa nya asetena pa wɔ asase so.” Ɛno akyi no, onua no kenkan Yesaia 55:11, na obisa ofiewura no sɛ Onyankopɔn atirimpɔw asesa anaa. Mpɛn pii no, ofiewura no bua sɛ ɛnsesae. Nea etwa to no, onua no kenkan Dwom 37:10, 11, na obisa sɛnea nnipa asetena bɛyɛ daakye. Onua no nam saa kwan a ɔfa so ne nkurɔfo susuw Kyerɛwnsɛm ho no so aboa nnipa pii ama wɔahu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa pa tena ase daa wɔ Paradise wɔ asase so. w19.03 24 ¶14-15; 25 ¶19
Benada, March 31
Muntie no.—Mat. 17:5.
Yehowa kaa no pefee sɛ, ɔpɛ sɛ yetie ne Ba no asɛm na yedi so. Ná Yesu dɔ n’akyidifo no, na ɔkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔbɛka asɛmpa no. Afei nso, ɔka kyerɛɛ wɔn mpɛn pii sɛ wɔnwɛn. (Mat. 24:42; 28:19, 20) Ɔsan ka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnyere wɔn ho denneennen, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ mma wɔmpa abaw. (Luka 13:24) Yesu sii so dua sɛ ehia sɛ n’akyidifo dodɔ wɔn ho, wɔkɔ so yɛ baako, na wodi n’ahyɛde so. (Yoh. 15:10, 12, 13) Afotu a Yesu de mae saa bere no, na ɛho hia, na saa ara na nnɛ nso ɛho hia. Yesu kaa sɛ: “Obiara a ɔwɔ nokware no afã no tie me nne.” (Yoh. 18:37) Sɛ ‘yɛkɔ so nya yɛn ho abotare na yɛde firifiri yɛn ho korakora’ a, yɛda no adi sɛ yetie Yesu nne. (Kol. 3:13; Luka 17:3, 4) Afei nso, sɛ yɛde nsi ne ahokeka ka asɛmpa no wɔ “mmere pa ne mmere bɔne mu” a, yɛda no adi sɛ yetie Yesu.—2 Tim. 4:2. w19.03 10 ¶9-10