Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es20 kr. 37-47
  • April

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • April
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • Wukuda, April 1
  • Yawda, April 2
  • Fida, April 3
  • Memeneda, April 4
  • Kwasida, April 5
  • Dwoda, April 6
  • Nkaedi Da
    Bere a Owia Akɔtɔ
    Benada, April 7
  • Wukuda, April 8
  • Yawda, April 9
  • Fida, April 10
  • Memeneda, April 11
  • Kwasida, April 12
  • Dwoda, April 13
  • Benada, April 14
  • Wukuda, April 15
  • Yawda, April 16
  • Fida, April 17
  • Memeneda, April 18
  • Kwasida, April 19
  • Dwoda, April 20
  • Benada, April 21
  • Wukuda, April 22
  • Yawda, April 23
  • Fida, April 24
  • Memeneda, April 25
  • Kwasida, April 26
  • Dwoda, April 27
  • Benada, April 28
  • Wukuda, April 29
  • Yawda, April 30
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2020
es20 kr. 37-47

April

Wukuda, April 1

[Yesu] ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Fi me so, Satan! . . . Wunnwen Onyankopɔn adwene, na mmom nnipa adwene.”​—Mat. 16:23.

Yɛn nso ɛ? Yɛwɔ Onyankopɔn adwene anaa wiase no adwene? Esiane sɛ yɛyɛ Kristofo nti, yɛyere yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani. Na sɛnea yesusuw nneɛma ho nso ɛ? Yɛrebɔ mmɔden sɛ yebenya Yehowa adwene, kyerɛ sɛ, sɛnea Yehowa susuw nneɛma ho no, saa ara na yɛn nso yɛreyɛ anaa? Sɛ yebetumi ayɛ saa a, gye sɛ yɛyere yɛn ho pa ara. Nanso, wiase no adwene de, ɛnyɛ den koraa sɛ yebenya. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wiase honhom no wɔ baabiara. (Efe. 2:2) Afei nso, esiane sɛ wiase no hyɛ pɛsɛmenkominya ho nkuran nti, wiase no adwene betumi atwetwe yɛn. Nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ den sɛ yebenya Yehowa adwene, nanso wiase no adwene de, ɛnyɛ den koraa sɛ yebenya. Sɛ yɛma wiase no kyerɛ yɛn nea yɛnyɛ a, ebetumi ama yɛayɛ pɛsɛmenkominya, na yebenya adwene sɛ yɛn ankasa betumi akyerɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. (Mar. 7:21, 22) Enti, ehia sɛ yenya “Onyankopɔn adwene,” na ɛnyɛ “nnipa adwene.” w18.11 18 ¶1; 19 ¶3-4

Yawda, April 2

Oyi ne me Ba, nea medɔ no na magye no atom.​—Mat. 3:17.

Bere a Yehowa fi soro kasaa tẽẽ mprɛnsa de kyerɛe sɛ ogye Yesu tom no, wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ Yesu nkuran. Bere a Yesu bɔɔ asu wɔ Yordan Asubɔnten no mu wiei pɛ, ɛnna Yehowa kaa ɛnnɛ asɛm no. Ɛbɛyɛ sɛ, Yohane Osuboni no nko ara ne onipa foforo a ɔtee saa asɛm no. Ɛno akyi no, aka bɛyɛ afe baako ama Yesu awu no, Yesu asomafo mmiɛnsa tee sɛ Yehowa reka afa Yesu ho sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no a migye no tom; muntie no.” (Mat. 17:5) Nea etwa to no, aka nna kakra ama Yesu awu no, Yehowa san fi soro kasa kyerɛɛ ne Ba no. (Yoh. 12:28) Ɛwom sɛ na Yesu nim sɛ wobedi atoro abɔ no sobo sɛ ɔyɛ mmusubɔfo na wawu animguase wu de, nanso ɔbɔɔ mpae sɛ Yehowa apɛde nyɛ hɔ; ɛnyɛ nea ɔno Yesu pɛ. (Mat. 26:39, 42) Yesu ‘huu asɛndua ho amane, buu n’ani guu aniwu so,’ efisɛ n’Agya nkutoo na na ɔpɛ sɛ ogye no tom, na ɛnyɛ wiase no.​—Heb. 12:2. w18.07 10-11 ¶15-16

Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii bere a owia akɔtɔ: Nisan 9) Marko 14:3-9

Fida, April 3

Agya, sɛ wopɛ a, yi kuruwa yi fi me so.​—Luka 22:42.

Bere a Yesu de Awurade Anwummeduan no sii hɔ akyi pɛɛ no, ɔdaa akokoduru kɛse adi. Dɛn na ɔyɛe? Yesu gye toom sɛ ɔbɛyɛ n’Agya apɛde. Ná onim pa ara sɛ ɔyɛ saa a, wɔbɛbɔ no sobo sɛ waka abususɛm de agu n’anim ase na wɔakum no. (Mat. 26:65, 66) Yesu kuraa ne mũdi mu kosii ase de hyɛɛ Yehowa anuonyam, na ogyinaa Onyankopɔn tumidi akyi. Wei nti nnipa a wɔanu wɔn ho betumi anya daa nkwa. Bere koro no ara, Yesu siesiee n’akyidifo no maa nea na wɔrebehyia. Afei nso, sɛ na Yesu wɔ dadwen bi mpo a, wamfa n’adwene ansi so, na mmom ɔde n’adwene sii n’asomafo anokwafo no ahiade so. Wei kyerɛ sɛ na Yesu wɔ akokoduru. Bere a Yesu maa Yuda fii adi no, ɔyɛɛ Awurade Anwummeduan no ho nhyehyɛe tiawa. Ná wei bɛkae wɔn a wɔbɛyɛ n’akyidifo a wɔasra wɔn no ama wɔahu mfaso a ɛwɔ Yesu mogya a ohwie gui no ne apam foforo no mufo a wɔbɛyɛ so.​—1 Kor. 10:16, 17. w19.01 22 ¶7-8

Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 9) Marko 11:1-11

Memeneda, April 4

Agya, hyɛ wo din anuonyam.​—Yoh. 12:28.

Yesu Agya fi soro kaa sɛ: “Mahyɛ no anuonyam na mɛsan ahyɛ no anuonyam bio.” Asɛyɛde kɛse a na ɛda Yesu so sɛ ɛsɛ sɛ odi Yehowa nokware no, ɛno na ɛmaa ne ho yeraw no. Ná Yesu nim sɛ wɔbɛbɔ no mmaa atirimɔden so, na wɔakum no yayaayaw. (Mat. 26:38) Nanso, nea na ehia Yesu pa ara ne sɛ ɔbɛhyɛ n’Agya anuonyam. Wɔbɔɔ Yesu sobo sɛ ɔka abususɛm, na na ɛhaw no sɛ ne wu no de animguase bɛba Onyankopɔn so. Yɛn nso, ebia ɛbɛhaw yɛn sɛ nkurɔfo bɛbɔ Onyankopɔn din ahohora te sɛ nea ɛhaw Yesu no. Sɛnea wobuu Yesu atɛnkyea no, ebia yɛn nso wobu yɛn atɛnkyea saa ara. Anaa ebia atosɛm a nkurɔfo a wɔsɔre tia yɛn keka fa yɛn ho no haw yɛn. Ahohorabɔ a saa nsɛm no de ba Yehowa din so no, ebia yedwen ho. Mmere a ɛte saa mu no, asɛm a Yehowa kae no kyekye yɛn werɛ kɛse. Yehowa bɛhyɛ ne din anuonyam bere nyinaa.​—Dw. 94:22, 23; Yes. 65:17. w19.03 11-12 ¶14-16

Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 10) Marko 11:12-19

Kwasida, April 5

‘Yesu fii ase kyerɛɛ n’asuafo no sɛ etwa sɛ ohu amane pii na wokum no.’​—Mat. 16:21.

Asɛm bi a Yesu kae maa n’asuafo no ho dwiriw wɔn pa ara! Ná asuafo no rehwɛ kwan sɛ Yesu na ɔbɛsan de Israel ahenni no asi hɔ. Nanso, afei de, na ɔreka sɛ ɛrenkyɛ obehu amane na wawu. Ɔsomafo Petro na odii kan kasae. Ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, ka asɛmpa ma wo ho; eyi remma wo so koraa.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Fi me so, Satan! Woyɛ hintidua ma me, efisɛ wunnwen Onyankopɔn adwene, na mmom nnipa adwene.” (Mat. 16:22, 23; Aso. 1:6) Yesu nam saa asɛm a ɔkae no so ma yehu nsonsonoe a ɛwɔ Onyankopɔn adwene ne wiase a Satan di so no adwene ntam. (1 Yoh. 5:19) Nnipa a wɔwɔ wiase no pii yɛ pɛsɛmenkominya, saa ara na na Petro rehyɛ Yesu nkuran sɛ ɔno nso nyɛ. Nanso, na Yesu nim sɛ adwene a n’Agya wɔ no yɛ soronko. Mmuae a Yesu de maa Petro no ma yehu pa ara sɛ Yesu gyee Yehowa adwene toom, na wanni wiase adwene akyi. w18.11 18 ¶1-2

Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 11) Marko 11:20–12:27, 41-44

Dwoda, April 6

‘Mompae mu nka Awurade wu no nkosi sɛ ɔbɛba.’​—1 Kor. 11:26.

Sɛ nnipa ɔpepem pii hyia wɔ Awurade Anwummeduan no ase wɔ wiase nyinaa a, wo de, hwɛ nea Yehowa hu. Onhu nnipa a wɔba no sɛ wɔyɛ nnipa bebree kɛkɛ, na mmom ohu obi biara a ɔba. Wɔn a wɔba afe biara no, ohu wɔn. Ebinom yɛ nkurɔfo a ebia wɔrehyia ɔtaa a emu yɛ den. Ebinom nso ntaa mma asafo nhyiam, nanso wobu Nkaedi no sɛ nhyiam a ehia sɛ wɔkɔ. Wɔn a wɔba Nkaedi no bi bere a edi kan no, wɔn nso Yehowa hu wɔn, ebia wɔpɛ sɛ wɔbɛhwɛ sɛnea yɛyɛ no. Yehowa hu sɛ nnipa pii ba Nkaedi no saa a, n’ani gye pa ara. (Luka 22:19) Nanso, nea ehia Yehowa pa ara ne nea enti a wɔba; botae a wɔde ba no hia no. Yɛpɛ sɛ Yehowa ne n’ahyehyɛde a ɔde reyɛ adwuma no kyerɛkyerɛ yɛn anaa?​—Yes. 30:20; Yoh. 6:45. w19.01 26 ¶1-3

Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 12) Marko 14:1, 2, 10, 11; Mateo 26:1-5, 14-16

Nkaedi Da
Bere a Owia Akɔtɔ
Benada, April 7

Kristo wu maa yɛn.​—Rom. 5:8.

Ná Yesu pɛ sɛ ɔde ne nkwa to hɔ ma n’asuafo no, na ɔsan nso bɔ ne bra da biara da de kyerɛ sɛ odwen n’asuafo ahiade ho sen ɔno ankasa de. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere mpo a na wabrɛ anaa ne ho yeraw no no, ɔne n’akyidifo no hyiae. (Luka 22:39-46) Ɔde n’adwene sii nea obetumi ayɛ ama nkurɔfo so, na ɛnyɛ nea obenya afi wɔn hɔ. (Mat. 20:28) Nokware Kristofo ahyehyɛde baako pɛ a ɛwɔ hɔ no, ɛno mu na yɛwɔ yi. Yɛn ani gye ho sɛ yɛde bere pii bɛto nsa afrɛ afoforo ama wɔabɛka yɛn ho. Nanso, nea ehia yɛn titiriw ne sɛ yɛbɛboa wɔn a “yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidi mu” a wɔagyae asɛnka anaa adesua kɔ no. (Gal. 6:10) Sɛ yɛhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmmra asafo nhyiam, titiriw, Nkaedi no a, yɛma wohu sɛ yɛdɔ wɔn. Sɛ obi a wagyae asɛnka anaa adesua kɔ san ba Yehowa nkyɛn a, Yehowa ne Yesu ani gye pa ara; yɛn nso yɛn ani gye saa ara.​—Mat. 18:14. w19.01 29 ¶12, 14; 30 ¶15

Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 13) Marko 14:12-16; Mateo 26:17-19 (Nsɛm a esisii bere a owia akɔtɔ: Nisan 14) Marko 14:17-72

Wukuda, April 8

Eyi gyina hɔ ma me nipadua. . . . Eyi gyina hɔ ma me “mogya a wɔde yɛ apam no.”​—Mat. 26:26-28.

Bere a Yesu rekyerɛ nea yɛnyɛ mfa Nkae ne wu no, ɔde paanoo ne bobesa a na ɛwɔ hɔ dedaw no bi na ɛyɛɛ nhyehyɛe no. Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ, paanoo ne bobesa no gyina hɔ ma ne nipadua ne ne mogya a dɛm biara nni ho no, na na ɛrenkyɛ koraa na ɔde abɔ afɔre ama wɔn. Ebia anyɛ asomafo no nwonwa sɛ Yesu faa ɔkwantiaa so yɛɛ nhyiam foforo a ɛho hia yi ho nhyehyɛe. Adɛn ntia? Abosome kakra a na atwam no, Yesu kɔɔ ne nnamfo pa ara fie; wɔne Lasaro, Marta, ne Maria. Yesu fii ase kyerɛkyerɛe. Ná Marta wɔ hɔ, nanso na ɔreyɛ aduan pii ama onuonyamfo a wabɛsra wɔn no, na ɔmaa ɛno gyee n’adwene. Bere a Yesu hui no, ɔteɛɛ Marta adwene, na ɔboaa no ma ohui sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na ehia sɛ ɔyɛ aduan pii. (Luka 10:40-42) Akyiri yi, bere a na aka nnɔnhwerew kakraa bi ama Yesu de ne nkwa abɔ afɔre no, ɔde n’ankasa afotu no yɛɛ adwuma. Aduan a ɛho adwuma nyɛ den na ɔde yɛɛ Nkaedi no. w19.01 20-21 ¶3-4

Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 14) Marko 15:1-47

Yawda, April 9

‘Agya, fa anuonyam a na mewɔ wɔ wo nkyɛn no hyɛ me anuonyam.’​—Yoh. 17:5.

Yehowa hyɛɛ Yesu anuonyam maa no dibea a na ɔnhwɛ kwan. Yehowa nyanee Yesu maa no “gyinabea a ɛkorɔn” ma ɔbɛyɛɛ honhom abɔde a owu nni ne so tumi. Ɛde besi saa bere no, na obiara nnyaa biribi a ɛte saa da! (Filip. 2:9; 1 Tim. 6:16) Yesu de nokwaredi yɛɛ ne som adwuma. Hwɛ akatua a ɛso bi nni a onyae! Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛanhwehwɛ sɛ wiase yi begye yɛn atom? Kae sɛ, Yehowa gye n’asomfo anokwafo tom bere nyinaa, na otua wɔn ka. Mpɛn pii no, ɔma wɔn akatua a wɔnhwɛ kwan. Hena na onim nhyira a yɛnhwɛ kwan a yebenya daakye? Seesei de, yɛrefa ahokyere ne sɔhwɛ ahorow mu wɔ wiase bɔne yi mu. Nanso, momma yɛnkae bere nyinaa sɛ wiase yi retwam. (1 Yoh. 2:17) Yɛn Agya Yehowa a ɔwɔ ɔdɔ no ‘nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi yɛn adwuma ne ɔdɔ a yɛdaa no adi wɔ ne din ho.’​—Heb. 6:10. w18.07 11 ¶17-18

Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 15) Mateo 27:62-66 (Nsɛm a esisii bere a owia akɔtɔ: Nisan 16) Marko 16:1

Fida, April 10

Mesrɛ . . . sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ biako.​—Yoh. 17:20, 21.

Bere a Yesu ne n’asomafo no redi anwummeduan a etwa to no, na ɔredwen baakoyɛ a ɛbɛtena wɔn mu ho. Yesu ne wɔn rebɔ mpae no, ɔkaa sɛ ɔpɛ sɛ n’asuafo no nyinaa yɛ baako, sɛnea ɔne n’Agya yɛ baako no. Sɛ wɔyɛ baako a, na ɛbɛyɛ adanse a ɛbɛma obiara ahu sɛ Yehowa na ɔsomaa Yesu baa asase so sɛ ɔmmɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Ɔdɔ na na ɛbɛma baakoyɛ atena wɔn mu, na ama obiara ahu sɛ wɔyɛ Yesu asuafo ampa. (Yoh. 13:34, 35) Ná Yesu ahu sɛ baakoyɛ nni asomafo no mu. Ɛno nti, ntease wom sɛ bere a ɔne asomafo no redi anwummeduan a etwa to no, osii baakoyɛ so dua. Akasakasa bi sɔree wɔn ntam wɔ “wɔn mu nea ɔyɛ kɛse ho”; na wei nyɛ nea edi kan. (Luka 22:24-27; Mar. 9:33, 34) Bere foforo nso, Yakobo ne Yohane srɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn baabi papa ntena wɔ ne nkyɛn wɔ n’Ahenni mu.​—Mar. 10:35-40. w18.06 8 ¶1-2

Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 16) Marko 16:2-8

Memeneda, April 11

Ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔfam ne yere ho na wɔayɛ ɔhonam koro.​—Gen. 2:24.

Yehowa pɛ sɛ awarefo nya ɔdɔ a emu yɛ den pa ara ma wɔn ho wɔn ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn dɔ no bɛtena hɔ wɔn nkwa nna nyinaa. (Mat. 19:3-6) Bɔne a enye koraa a obi betumi ayɛ atia ne kunu anaa ne yere no, baako ne awaresɛe. Ntease wom pa ara sɛ Mmara Nsɛm Du no mu no, nea ɛto so nson no baraa awaresɛe. (Deut. 5:18) Ɛyɛ bɔne a ‘etia Onyankopɔn,’ na ɛyɛ atirimɔdensɛm a ɔwarefo bi betumi ayɛ atia ne kunu anaa ne yere. (Gen. 39:7-9) Sɛ obi kunu anaa ne yere sɛe aware a, ebetumi ama nea ne ho nni asɛm no adi yaw mfe pii. Afei nso, Yehowa pɛ sɛ mmofra ani gye na wɔn bo tɔ wɔn yam. Yehowa ka kyerɛɛ awofo sɛ wɔmma wɔn mma nsa nka wɔn honam fam ahiade, na wɔmmoa wɔn mma wɔne Onyankopɔn ntam nyɛ kama. Ná ɛsɛ sɛ awofo de hokwan biara a wobenya boa wɔn mma ma wɔte Yehowa Mmara no ase na wonya ho anisɔ na wɔdɔ Yehowa. (Deut. 6:6-9; 7:13) Ná ɛnsɛ sɛ awofo bu wɔn mma sɛ biribi a wobetumi ato no asaworam anaa wɔayɛ no basabasa, na mmom na ɛsɛ sɛ wobu wɔn sɛ agyapade anaa akyɛde a efi Yehowa hɔ a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ so yiye.​—Dw. 127:3. w19.02 21 ¶5, 7

Kwasida, April 12

Onyankopɔn na obehu sɛ me koma di mu.​—Hiob 31:6.

Hiob de n’adwene sii akatua a na ɔhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn de bɛma no no so. Ná Hiob gye di sɛ ne mũdi mu a obekura no ho hia Onyankopɔn. Sɔhwɛ a ɛbaa Hiob so nyinaa akyi no, na ɔwɔ ahotoso sɛ awiei koraa no, Yehowa betua no ka. Saa ahotoso no boaa no pa ara ma okuraa ne mũdi mu. Sɛnea Hiob kuraa ne mũdi mu no maa Yehowa ani gyei pa ara. Ɛwom sɛ na Hiob da so ara yɛ onipa a ɔtɔ sin de, nanso Yehowa hyiraa no pii! (Hiob 42:12-17; Yak. 5:11) Akatua a ɛsen saa mpo da hɔ retwɛn Hiob. Yɛn Nyankopɔn no nsakrae. (Mal. 3:6) Sɛ yɛkae sɛ, sɛ yekura yɛn mũdi mu a Yehowa ani sɔ a, yɛbɛkɔ so akura daakye papa ho anidaso a yɛwɔ no mu. (1 Tes. 5:8, 9) Ɛtɔ da a, ebia wobɛte nka sɛ wo nko ara na wukura wo mũdi mu, nanso ɛrenka wo nko ara da. Wobɛka anokwafo ɔpepem pii a wokura wɔn mũdi mu wɔ wiase nyinaa no ho. Afei nso, wobɛka mmarima ne mmea a wɔwɔ gyidi a wokuraa wɔn mũdi mu tete no ho. Wohunahunaa wɔn mpo sɛ wobekum wɔn, nanso wokuraa wɔn mũdi mu.​—Heb. 11:36-38; 12:1. w19.02 7 ¶15-16

Dwoda, April 13

‘Monyɛ adwenkoro, na munnya tema, onuadɔ, ayamhyehye, ne ahobrɛase.’​—1 Pet. 3:8.

Nkaedi bere no reba n’awiei no, ɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho nsɛm a edidi so yi: ‘Mɛyɛ dɛn atumi asuasua Yesu yiye na mada ɔdɔ adi? Midwen me nuanom Kristofo ahiade ho sen m’ankasa me de? Mehwɛ kwan sɛ me nuanom bɛyɛ pii asen nea wobetumi, anaa minim nea wobetumi ayɛ ne nea wontumi nyɛ?’ Momma yensuasua Yesu bere nyinaa, na yennya “tema.” Ɛrenkyɛ na yɛagyae Kristo wu Nkaedi no. Sɛ Yesu ‘ba’ wɔ ahohiahia kɛse no mu a, ɔbɛboaboa wɔn a “wapaw wɔn” a wɔaka no ano akɔ soro, na yɛrenhyɛ Nkaedi no ho fã bio. (1 Kor. 11:26; Mat. 24:31) Sɛ yegyae Nkaedi no mpo a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa nkurɔfo werɛ remfi saa nhyiam tiawa no da. Wɔbɛkae sɛ egyina hɔ ma ahobrɛase, akokoduru, ne ɔdɔ a ɛsen biara a onipa bi ada no adi pɛn. w19.01 25 ¶17-19

Benada, April 14

Koma mu nokwaredi na w’ani gye ho, na nyansa na ma minhu me koma mu.​—Dw. 51:6.

Momma yɛmfa yɛn apɔwmuden nkyerɛkyerɛ sɛnea yɛte ankasa wɔ yɛn komam mu. Nea edi kan, sɛ yɛpɛ sɛ yɛte apɔw wɔ nipaduam a, ɛsɛ sɛ yedidi yiye, na yɛtaa teɛteɛ yɛn apɔw mu. Saa ara na sɛ yɛpɛ sɛ yɛne Yehowa ntam yɛ kama a, ɛsɛ sɛ yedi honhom fam aduan a ahoɔden wom, na yɛyɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu gyidi daa. Nea yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu gyidi ne sɛ yɛde nea yesua no bɛbɔ yɛn bra, na yɛaka nea yegye di no ho asɛm akyerɛ afoforo. (Rom. 10:8-10; Yak. 2:26) Nea ɛto so mmienu, sɛ yɛhwɛ yɛn nipadua a, anhwɛ a yebenya adwene sɛ yɛwɔ apɔwmuden, nanso ebia na yɛyare pa ara. Saa ara na sɛ yɛhwɛ nea yɛyɛ wɔ Yehowa som mu a, ebia yɛn adwene bɛyɛ yɛn sɛ yɛn gyidi yɛ den, nanso ebia na akɔnnɔ bɔne regye ntini wɔ yɛn mu. (1 Kor. 10:12; Yak. 1:14, 15) Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Satan pɛ sɛ yenya n’adwene no bi. w19.01 15 ¶4-5

Wukuda, April 15

Kɔ na wo nso kɔyɛ saa ara.​—Luka 10:37.

Enti, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Saa ara na meyɛ? Mema me yam hyehye me ma afoforo sɛnea Samariani no yɛe no?’ (Luka 10:30-35) ‘Sɛ mihu sɛ afoforo rehu amane a, miyi me yam yɛ biribi de boa wɔn? Sɛ meyɛ saa dedaw a, metumi ayɛ pii aka ho anaa? Sɛ nhwɛso no, metumi aboa me nuanom Kristofo a wɔn mfe akɔ anim, akunafo, ne wɔn a wɔn awofo nni asafo no mu? Metumi ayi me yam “akyekye akra a wɔahaw werɛ” anaa?’ (1 Tes. 5:14; Yak. 1:27) Sɛ yehu afoforo mmɔbɔ a, ɛkyerɛ sɛ yɛreyɛ adɔe, na Yesu kaa sɛ, yɛyɛ adɔe a yɛn ani begye. Ade foforo nti a sɛ yehu afoforo mmɔbɔ a ɛma yɛn ani gye ne sɛ, yenim sɛ yɛreyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. (Aso. 20:35; Heb. 13:16) Ɔhene Dawid kaa obi a ohu afoforo mmɔbɔ ho asɛm sɛ: “Yehowa bɛhwɛ no so na wama no nkwa. Wɔbɛfrɛ no anigye wɔ asase so.” (Dw. 41:1, 2) Sɛ yehu afoforo mmɔbɔ na yenya ayamhyehye ma wɔn a, yɛn nso Yehowa behu yɛn mmɔbɔ na wama yɛn ani agye daa.​—Yak. 2:13. w18.09 19 ¶11-12

Yawda, April 16

Nsuro efisɛ meka wo ho. Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den. Mɛboa wo.​—Yes. 41:10.

Kristoni bea nokwafo bi a ne din de Yoshiko ante asɛmpa. Yoshiko dɔkota ka kyerɛɛ no sɛ aka abosome kakraa bi na wawu. Dɛn na Yoshiko yɛe? Ɔkaee kyerɛwsɛm bi a ɛda ne koma so pa ara; ɛno ne ɛnnɛ asɛm no. Yoshiko koma antu, na mmom ɔka kyerɛɛ dɔkota no sɛ, onsuro efisɛ Yehowa kura ne nsa mu. Awerɛkyekyesɛm a ɛwɔ saa kyerɛwsɛm no mu boaa yɛn nuabea no ma ɔde ne ho too Yehowa so koraa. Yɛn nso, sɛ yehyia sɔhwɛ a emu yɛ den a, saa kyerɛwsɛm no betumi aboa yɛn na yɛn koma antu. Yehowa maa Yesaia dii kan kyerɛw saa asɛm no de kyekyee Yudafo a akyiri yi na wɔde wɔn bɛkɔ nkoasom mu wɔ Babilon no werɛ. Nanso, ɛnyɛ Yudafo a na wɔwɔ nkoasom mu no nko ara nti na Yehowa ma wɔkyerɛw saa asɛm no sɛ ɛmmoa wɔn, na mmom ne nkurɔfo a wɔatena ase fi saa bere no besi nnɛ nyinaa nso ka ho. (Yes. 40:8; Rom. 15:4) Ɛnnɛ, yɛte “mmere a emu yɛ den” mu, na saa bere yi pa ara na yehia nkuranhyɛ a ɛwɔ Yesaia nhoma no mu sen bere biara.​—2 Tim. 3:1. w19.01 2 ¶1-2

Fida, April 17

Sɛ nea onnye nni no ka sɛ ɔrekɔ a, ma ɔnkɔ.​—1 Kor. 7:15.

Sɛ nnipa mmienu no tetew mu a, ɛwom sɛ wɔnte faako de, nanso wɔda so ara yɛ awarefo. Sɛ wɔn mu biara tew ne ho kɔtena baabi a, wobehyia nsɛnnennen. Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ nea enti a ɛsɛ sɛ awarefo bom tena. Ɔkaa sɛ: “Okunu a onnye nni no ho atew ɔyere no mu, na ɔyere a onnye nni no ho atew onuabarima no mu; anyɛ saa a mo mma ho begu fĩ ankasa, na seesei de, wɔyɛ kronn.” (1 Kor. 7:14) Ɛmfa ho sɛ Kristofo anokwafo pii hyiaa nsɛnnennen wɔ wɔn aware mu no, wɔkɔɔ so ne wɔn ahokafo a wonnye nni no tenae. Bere a wɔn ahokafo no baa nokware no mu no, wɔn ani gyei pa ara sɛ wɔde nneɛma bɔɔ afɔre saa. (1 Kor. 7:16; 1 Pet. 3:1, 2) Ɛnnɛ, Kristofo a wɔn aware asɔ ahyɛ asafo no mu mã wɔ wiase nyinaa. Ebia wubetumi ahu awarefo pii a wɔwɔ anigye wɔ w’asafo mu. Wɔyɛ Kristofo mmarima anokwafo a wɔdɔ wɔn yerenom, ne Kristofo mmea anokwafo a wobu wɔn kununom. Wɔn nyinaa de wɔn nneyɛe kyerɛ sɛ yebetumi adi aware ni.​—Heb. 13:4. w18.12 14 ¶18-19

Memeneda, April 18

Yehowa Nyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden . . . na ɛhɔ na ɔde onipa a ɔnwenee no no kɔtenae.​—Gen. 2:8.

Eden kyerɛ “Anigye,” na nokwasɛm ne sɛ, na turo no mu yɛ anika. Ná aduan abu so wɔ hɔ, na ɛhɔ yɛ fɛ, na na asomdwoe wɔ nnipa ne mmoa pii a wɔwɔ hɔ no ntam. (Gen. 1:29-31) Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “turo” no, Hela mu no, wɔkyerɛ ase pa·raʹdei·sos; nea ɛkyerɛ ne paradise. M’Clintock ne Strong Cyclopaedia no ka sɛ, sɛ Helani te pa·raʹdei·sos a, nea ɛba n’adwenem ni: “Prama kɛse a ɛyɛ fɛ a wɔabɔ ho ban a biribiara a ebetumi apira obi nni hɔ. Ɛyɛ baabi a kwae mu nnua atenten akɛse sisi a emu pii sow aba, na sare pii wɔ nsuten a ani tew a ɛdeda hɔ no ano. Atwe ne nguan pii di nsuten no ho akɔneaba.” (Fa toto Genesis 2:15, 16 ho.) Paradise a ɛte saa na Onyankopɔn de Adam ne Hawa kɔtenaa mu, nanso wɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. Ɛno nti, na wɔmfata sɛ wɔkɔ so tena hɔ. Wei maa Paradise bɔɔ wɔne wɔn asefo. (Gen. 3:23, 24) Ɛwom sɛ onipa biara ankɔ so antena Eden turo no mu de, nanso ɛbɛyɛ sɛ bere a Nsuyiri no baa Noa bere so no, na ɛwɔ hɔ. w18.12 3-4 ¶3-5

Kwasida, April 19

Me Yehowa, mene . . . nea ɔkyerɛ wo ade a eye ma wo.​—Yes. 48:17.

Awofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn mma suban pa. Sɛ mmofra no de suban pa a wosua fii wɔn awofo hɔ no bɔ wɔn bra a, ɛbɛyɛ den sɛ wobesisi gyinae a ɛbɛma wɔanu wɔn ho daakye. Wei remma wɔnkɔfa ɔhaw ne dadwen pii mmegu wɔn ho so. Yehowa te sɛ ɔwofo a odwen ne mma ho; enti ɔpɛ sɛ esi ne mma yiye daakye. (Yes. 48:18) Wei nti, ɔkyerɛkyerɛ yɛn nnyinasosɛm a yɛde bɛbɔ yɛn bra ne sɛnea yɛne afoforo bɛtena yiye. Nneɛma a ɛte saa ho no, nea ɔpɛ ne sɛ yebesuasua sɛnea odwen nneɛma ho na yɛanya ne suban no bi. Wei nyɛ den koraa. Mmom, ɛboa yɛn ma yehu nyansa, na ɛma yetumi susuw nneɛma ho yiye. (Dw. 92:5; Mmeb. 2:1-5; Yes. 55:9) Ɛboa yɛn ma yetumi sisi gyinae a ɛma yenya anigye, na bere koro no ara nso yetumi yɛ nneɛma a yɛn ankasa pɛ. (Dw. 1:2, 3) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yenya Yehowa adwene a, eye, na mfaso wɔ so! w18.11 19-20 ¶7-8

Dwoda, April 20

Wɔkasa tia mo.​—1 Pet. 4:4.

Sɛ yɛbɛkɔ so anantew nokware no mu a, ɛnsɛ sɛ yɛma wɔn a wɔnsom Yehowa kyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Bere a yefii ase nantew nokware no mu no, nneɛma sesae wɔ yɛne yɛn nnamfo ne yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no ntam. Ná ebinom te yɛn ase; afoforo nso sɔre tiaa yɛn. Ebia yɛn abusuafo, yɛn mfɛfo adwumayɛfo, ne yɛn mfɛfo sukuufo bɛtwetwe yɛn sɛ yɛne wɔn nni wɔn afahyɛ ahorow. Sɛ wɔhyɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn ho nhyɛ amanne ne nnapɔnna a ɛnsɔ Yehowa ani mu a, dɛn na ɛbɛboa yɛn? Ehia sɛ yɛkae nea enti pa ara a Yehowa ani nnye nneyɛe a ɛte saa ho. Nea ɛyɛe a saa nnapɔnna no bae no, sɛ yɛyɛ ho nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma ahorow mu a, ɛbɛboa yɛn. Sɛ yɛma nea enti a Kyerɛwnsɛm no ka sɛ mma yenni nnapɔnna a ɛte saa no tena yɛn adwenem a, ɛma yehu pa ara sɛ yɛrebɔ yɛn bra sɛnea “ɛsɔ Awurade ani.” (Efe. 5:10) Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa ne n’Asɛm a ɛyɛ nokware no so a, ɛbɛboa yɛn na ɛremma ‘yensuro nnipa.’​—Mmeb. 29:25. w18.11 11 ¶10, 12

Benada, April 21

Na Yehowa di Yosef akyi, na nea ɔyɛe biara, Yehowa hwɛ ma ɛyɛɛ yiye.​—Gen. 39:23.

Sɛ nsakrae ba yɛn asetenam mpofirim a, ɛnyɛ den koraa sɛ yebetumi adwinnwen yɛn daakye ho ama yɛn abam abu. Ná anka Yosef abam betumi abu. Nanso, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara wɔ asɛm a ato no no ho, na ɔmaa Yehowa nyaa biribi gyinaa so hyiraa no. Ɛwom sɛ, na Yosef da afiase de, nanso ɔyeree ne ho yɛɛ adwuma biara a ɔpanyin a ɔhwɛ afiase hɔ kaa sɛ ɔnyɛ. Saa ara na ɔyɛe bere a na ɔyɛ adwuma ma Potifar no. (Gen. 39:21-22) Sɛnea ɛtoo Yosef no, yɛn nso yebetumi akɔ tebea bi a yɛrentumi nyɛ ho hwee mu. Nanso, sɛ yenya abotare na yɛyere yɛn ho yɛ nea yebetumi biara wɔ asetena biara a yɛwom mu a, yɛbɛma Yehowa anya biribi agyina so ahyira yɛn. (Dw. 37:5) Ɛwom, ɛtɔ da a, yɛn ‘ani so bɛtan’ yɛn de, nanso sɛnea ɔsomafo Paulo kae no, yɛn abam remmu anaa yɛn anidaso rensa. (2 Kor. 4:8) Ne titiriw no, sɛ yɛkɔ so yɛ yɛn som adwuma a, asɛm a Paulo kae no bɛbam wɔ yɛn so. w18.10 29 ¶11, 13

Wukuda, April 22

Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho.​—Heb. 6:10.

Sɛ obi a wunim no na wubu no werɛ fi wo din a, ɛyɛ a wote nka sɛn? Anaa nea ɛyɛ yaw koraa no, sɛ ɔnkae wo koraa nso ɛ? Sɛ obi yɛ wo saa a, ebetumi ahaw wo pa ara. Adɛn ntia? Efisɛ yɛn mu biara pɛ sɛ afoforo gye no tom. Ɛnyɛ nea yɛpɛ ara ne sɛ afoforo bɛkyerɛ sɛ wonim yɛn; yɛpɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ wonim yɛn nipaban ne nneɛma a yɛayɛ nso. (Num. 11:16; Hiob 31:6) Ɛwom sɛ yɛpɛ sɛ nkurɔfo gye yɛn tom de, nanso sintɔ nti, yɛanhwɛ yiye a, yɛbɛma yɛn nsusuwii akyea. Ebetumi ama yɛahwehwɛ sɛ afoforo begye yɛn atom sɛnea ɛnsɛ. Satan wiase no de, nea ɛpɛ ne sɛ ebepiapia yɛn ama yɛahwehwɛ sɛ yebegye din na yɛayɛ nnipa titiriw. Ɛba saa a, ɛremma yennye yɛn soro Agya Yehowa Nyankopɔn ntom sɛ ɔno pa ara na ɛfata sɛ yɛsom no.​—Adi. 4:11. w18.07 7 ¶1-2

Yawda, April 23

Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.​—1 Yoh. 5:19.

Ɛnyɛ yɛn nwonwa sɛ Satan ne n’adaemone no bepiapia nnipa a wɔwɔ dibea akɛse ama ‘wɔadi atoro.’ (1 Tim. 4:1, 2) Sɛ nyamesom akannifo di atoro a, enye koraa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, sɛ nkurɔfo gye wɔn atosɛm no di a, ebetumi ama nkwa a wobenya daakye no abɔ wɔn. Sɛ obi gye atoro nkyerɛkyerɛ di, na ɔyɛ biribi a Onyankopɔn kasa tia a, ebetumi ama daa nkwa abɔ saa nipa no. (Hos. 4:9) Ná Yesu nim sɛ nyamesom akannifo no di fɔ wɔ saa nnaadaa no ho. Ɔka sii wɔn anim sɛ: “Munnue, akyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo! efisɛ mufi adi kɔ po ne asase kesee so kɔsakra obi, na onya sakra a, moma ɔbɛfata ma Gehenna [daa ɔsɛe] mmɔho abien sen mo ankasa.” (Mat. 23:15) Yesu kasa tiaa saa nyamesom akannifo a wodi atoro no denneennen. Ná ‘wofi wɔn agya Ɔbonsam, owudifo no hɔ’ ampa.​—Yoh. 8:44. w18.10 7 ¶5-6

Fida, April 24

Anigye ne mo sɛ me nti nkurɔfo bɔ mo ahohora na wɔtaa mo.​—Mat. 5:11.

Dɛn na na Yesu rekyerɛ? Ɔtoaa so kaa sɛ: “Momma mo ani nnye na munni ahurusi, efisɛ mo akatua sõ wɔ soro; saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo anim no.” (Mat. 5:12) Bere a wɔhwee asomafo no na wɔhyɛɛ wɔn sɛ wonnyae asɛmpaka adwuma no, wɔde “anigye fii Sanhedrin no anim kɔe.” Ɛwom, ɛnyɛ hwe a wɔhwee wɔn no na ɛmaa wɔn ani gyei. Na mmom, wɔn ani gyei “efisɛ wɔabu wɔn sɛ [Yesu] din nti wɔfata sɛ wogu wɔn anim ase.” (Aso. 5:41) Ɛnnɛ nso, sɛ Yesu din nti Yehowa nkurɔfo hu amane anaa wohyia sɔhwɛ a emu yɛ den a, wɔde anigye gyina mu. (Yak. 1:2-4) Asomafo no ani annye ho sɛ wobehu amane, saa ara na yɛn nso yɛn ani nnye ho sɛ yebehu amane biara. Nanso, sɛ yehyia sɔhwɛ na yekura yɛn mũdi mu ma Onyankopɔn a, Yehowa bɛboa yɛn ama yɛanya akokoduru de agyina ano. Sɛ yenya “anigye Nyankopɔn no” anim dom, na sɛ yɛn som nti wɔtaa yɛn anaa yehyia ɔhaw wɔ abusua mu mpo a, yɛn ani betumi agye.​—1 Tim. 1:11. w18.09 21 ¶18-20

Memeneda, April 25

Ɔhaw ne amanehunu nkutoo na ahyɛ mu mã.​—Dw. 90:10.

Esiane sɛ nnipa pii reteetee wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu nti, nnipa bebree pɛ sɛ wokum wɔn ho. (2 Tim. 3:1-5) Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ afe biara nnipa bɛboro 800,000 kum wɔn ho. Wei kyerɛ sɛ, anibu 40 biara, onipa baako kum ne ho. Awerɛhosɛm ne sɛ, Kristofo binom mpo ama ɔhaw a ɛte saa ahyɛ wɔn so araa ma wɔakum wɔn ho. Sɛ yɛn nuanom nte nka sɛ wɔpɛ sɛ wowu mpo a, ɛnnɛ wɔn mu pii refa tebea ahorow a ɛhaw adwene mu, na ehia sɛ yɛhyɛ wɔn den wɔ ɔdɔ mu. Ebinom rehyia ɔtaa, na wodi ebinom nso ho fɛw. Nkurɔfo kasa tia ebinom anaa wɔkeka wɔn ho nsɛmmɔne wɔ adwuma mu. Afoforo nso brɛ, efisɛ bere a wɔde pɔn adwuma so a, wɔma wɔka mu yɛ adwuma, anaa da biara ɛsɛ sɛ wowie wɔn adwuma wɔ bere pɔtee bi mu. Afoforo nso hyia nsɛnnennen wɔ wɔn abusua mu. Ebia wɔn kunu anaa wɔn yere a onni asafo no mu kasa tia wɔn bere nyinaa. Saa ɔhaw yi ne ɔhaw afoforo nti, asafo no mufo pii te nka sɛ wɔabrɛ na wɔayɛ basaa. w18.09 13 ¶3, 5

Kwasida, April 26

Biribiara nni hɔ a ɛma minya anisɔ kɛse sen eyinom, sɛ mɛte sɛ me mma nam nokware no mu.​—3 Yoh. 4.

Sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo boa wɔn mma ma wɔde botae sisi wɔn ani so wɔ Yehowa som mu a, na wɔne Yehowa reyɛ adwuma. Awofo pii a wɔayɛ saa ahu sɛ akyiri yi wɔn mmabarima ne wɔn mmabea reyɛ bere nyinaa som adwuma no wɔ akyirikyiri. Ebi yɛ asɛmpatrɛwfo; ebi nso yɛ akwampaefo wɔ baabi a wohia adawurubɔfo pii; afoforo nso som wɔ Betel. Esiane sɛ wɔn ntam kwan ware nti, ebia abusua no ntaa nhyia sɛnea wɔpɛ. Nanso, awofo a wɔwɔ ahofama saa no hyɛ wɔn mma nkuran sɛ wɔnkɔ so nyɛ wɔn som adwuma no. Adɛn ntia? Sɛ wohu sɛ wɔn mma no de Ahenni no redi kan a, wɔn ani gye pa ara, na wɔn koma tɔ wɔn yam. Ebia saa awofo yi pii te nka te sɛ Hanah a ɔkaa sɛ ɔde ne ba Samuel “rema” Yehowa no. Hokwan a saa awofo yi anya ne Yehowa reyɛ adwuma no, wobu no sɛ ɛsom bo pa ara. Nea wɔpɛ pa ara ne no.​—1 Sam. 1:28. w18.08 24 ¶4

Dwoda, April 27

Ɛbɛyɛ den ama ɔdefo sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu.​—Mat. 19:23.

Yesu anka sɛ ɛrentumi nyɛ yiye. Ɔsan kaa sɛ: “Anigye ne mo ahiafo, efisɛ mo na Onyankopɔn ahenni no yɛ mo dea.” (Luka 6:20) Nanso, saa asɛm yi nkyerɛ sɛ ahiafo nyinaa tiee Yesu nkyerɛkyerɛ na wonyaa nhyira soronko bi. Ahiafo pii antie Yesu. Asɛm no ara ne sɛ, Yɛrentumi nnyina obi ahonyade so nkyerɛ sɛnea ɔne Yehowa ntam te. Yehowa ahyira yɛn, yɛwɔ anuanom pii, ebinom di yiye na ebinom nso di hia. Wɔn nyinaa dɔ Yehowa, na wɔde wɔn koma nyinaa som no. Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ wɔn a wɔyɛ adefo no sɛ ‘wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni nnyinaso so, na mmom wɔmfa nto Onyankopɔn so.’ (1 Tim. 6:17-19) Bere koro no ara, Onyankopɔn Asɛm no tu Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa, asikafo ne ahiafo, fo sɛ wɔnhwɛ yiye na wɔanyɛ sikanibere. (1 Tim. 6:9, 10) Sɛ yebue yɛn ani na yehu yɛn nuanom sɛnea Yehowa hu wɔn a, yɛrennyina nea wɔwɔ anaa nea wonni so ne wɔn nni. w18.08 10-11 ¶11-12

Benada, April 28

Mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn ase.​—Yak. 4:7.

Anokwa, yɛpɛ pa ara sɛ yɛma Yehowa hu sɛ yɛn ani sɔ sɛ wapaw yɛn sɛ ne nkurɔfo. Yehu sɛ, nyansa wom sɛ yɛafi yɛn komam ahyira yɛn ho so ama no de akyerɛ sɛ yɛyɛ ne dea. Yɛasi yɛn bo sɛ yɛrenyɛ biribiara a Yehowa kyi. Afei nso, yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo na yebu wɔn, na yegye tom sɛ wɔn nso yɛ Yehowa dea. (Rom. 12:10) Bible ahyɛ bɔ sɛ: “Yehowa rempo ne man.” (Dw. 94:14) Saa bɔhyɛ yi ma yenya awerɛhyem pa ara sɛ, asɛmmɔne biara a ebia ɛbɛto yɛn no, Yehowa rennyaw yɛn. Sɛ yewu mpo a, Yehowa dɔ yɛn nti, ɔbɛkae yɛn. (Rom. 8:38, 39) Bible ka sɛ: “Sɛ yɛte ase oo, yewu oo, yɛyɛ Yehowa dea.” (Rom. 14:8) Nokwarem no, yɛde anigye kɛse retwɛn da a Yehowa benyan n’asomfo anokwafo a wɔawuwu nyinaa aba nkwa mu bio no. (Mat. 22:32) Ɛnnɛ mpo yenya nhyira pii. Bible ka sɛ, “anigye ne ɔman a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa, ɔman a wapaw wɔn sɛ n’agyapade.”​—Dw. 33:12. w18.07 26 ¶18-19

Wukuda, April 29

Hokwan wɔ hɔ ma ade nyinaa; nanso ɛnyɛ ne nyinaa na mfaso wɔ so. Hokwan wɔ hɔ ma ade nyinaa; nanso ɛnyɛ ne nyinaa na ɛhyɛ den.​—1 Kor. 10:23.

Ebia ebinom adwene bɛyɛ wɔn sɛ gyinaesi bi te sɛ nhomasua, adwuma anaa nea wɔde wɔn asetena bɛyɛ yɛ biribi a ɛfa wɔn ankasa ho, enti wɔwɔ hokwan sɛ wosisi gyinae a wɔpɛ bere tenten a wɔn ahonim nhaw wɔn. Ebia aduan ho asɛm a Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Korinto no na ɛwɔ wɔn adwenem. Paulo kaa sɛ: “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ onipa foforo ahonim bu hokwan a mewɔ atɛn?” (1 Kor. 10:29) Ɛyɛ ampa sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yɛn ankasa sisi gyinae ahorow yi de, nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ahofadi a yɛwɔ no wɔ baabi a ekodu, na gyinae biara a yebesi wɔ ne nsunsuanso. Ɛno nti na Paulo kaa ɛnnɛ asɛm no ansa na ɔreka saa asɛm no. Enti wei boa yɛn ma yehu sɛ, yɛwɔ hokwan sɛ yesisi gyinae a ɛfa yɛn ankasa asetena ho de, nanso nneɛma bi wɔ hɔ a ɛho hia pa ara sɛ yedwen ho sen nea yɛn ankasa ani gye ho. w18.04 10 ¶10

Yawda, April 30

Monsan mmra me nkyɛn, na me nso mɛsan aba mo nkyɛn.​—Mal. 3:7.

Ɛnnɛ, Kristoni bi betumi aka sɛ ɔsom Yehowa, nanso na ɔreyɛ nneɛma a Yehowa kyi. (Yuda 11) Nhwɛso bi ni. Kristoni bi betumi adwinnwen ɔbrasɛe ho, anya pɛsɛmenkominya adwene, anaasɛ watan ne yɔnko Kristoni bi wɔ ne koma mu. (1 Yoh. 2:15-17; 3:15) Saa adwene yi betumi ama wayɛ bɔne. Nanso, bere a ɔreyɛ wei nyinaa no, wobɛhwɛ na wayere ne ho reyɛ asɛnka adwuma no, na asafo nhyiam ahorow nso mpa ne ti so da. Ebia onipa biara renhu nea ɛwɔ yɛn adwenem ne nea yɛreyɛ de, nanso sɛ ɛnyɛ yɛn koma nyinaa na yɛde gyina Yehowa afã a, Yehowa de onim, na ohu ade nyinaa. (Yer. 17:9, 10) Sɛ yedi mfomso mpo a, Yehowa mpere ne ho nnyae yɛn akyi di. Sɛ yɛretutu yɛn anammɔn akɔ baabi a ɛbɛma yɛatwe yɛn ho afi Onyankopɔn ho a, Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ: “Monsan mmra me nkyɛn.” Sɛ mmerɛwyɛ bi regyigye yɛn a, Yehowa pɛ sɛ yɛko tia bɔne. (Yes. 55:7) Sɛ yɛyɛ saa a, ɔno nso begyina yɛn akyi. Ɔbɛboa yɛn ama yɛanya ahoɔden a yɛde bɛko ‘adi’ akɔnnɔ bɔne a ɛwɔ yɛn mu so.​—Gen. 4:7. w18.07 18 ¶5-6

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena